Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 2

“Monsesa Mo Adwene Mfa Nyɛ Mo Ho Foforo”

“Monsesa Mo Adwene Mfa Nyɛ Mo Ho Foforo”

“Monsesa mo adwene mfa nyɛ mo ho foforo, sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu nea Onyankopɔn pɛ, a eye, na ɛsɔ ani, na edi mu no.”—ROM. 12:2.

DWOM 88 Kyerɛ Me W’akwan

NEA YƐREBESUA a

1-2. Yɛn asubɔ akyi no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ? Kyerɛkyerɛ mu.

 MPƐN ahe na wusiesie wo fie? Ebia ansa na woretu akɔtena hɔ no, wotoo wo bo ase twitwiw hɔ siesiee hɔ kama. Nanso ɛno akyi no, sɛ woansiesie hɔ bio a, wohwɛ a dɛn na ebesi? Wo ara wunim sɛ ɛrenkyɛ koraa na efi ne mfuturu agye baabiara afa. Enti nea ɛbɛyɛ na wo fie hɔ atew no, ɛsɛ sɛ wotaa siesie hɔ.

2 Yɛn adwene ne yɛn suban nso, saa ara na ehia sɛ yɛkɔ so teɛteɛ no. Ɛwom, ansa na yɛrebɔ asu no, yɛyeree yɛn ho yɛɛ nsakrae biara a ehia wɔ yɛn abrabɔ mu sɛnea ɛbɛyɛ a ‘yɛbɛhohoro yɛn ho afi ɔhonam ne honhom mu fĩ nyinaa ho.’ (2 Kor. 7:1) Nanso, seesei ɔsomafo Paul afotu a ɛne sɛ, “momma wɔnkɔ so nyɛ mo adwene foforo” no, ɛno na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma. (Efe. 4:23) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ yɛn ho adwuma? Efisɛ wiase yi mu mfuturu ne efi betumi awurawura yɛn mu ntɛm. Sɛ yɛmpɛ sɛ biribi a ɛte saa bɛto yɛn a, ɛsɛ sɛ bere biara yɛhwɛ sɛ nea yedwinnwen ho, yɛn suban, ne nea yɛn ani gye ho no sɔ Yehowa ani.

MONKƆ SO ‘NSESA MO ADWENE’

3. Sɛ Bible ka sɛ “monsesa mo adwene” a, ɛkyerɛ sɛn? (Romafo 12:2)

3 Dɛn na ehia sɛ yɛyɛ na yɛatumi asesa yɛn adwene? (Kenkan Romafo 12:2.) Greek asɛm a wɔakyerɛ ase, “monsesa mo adwene” no, wɔbetumi nso akyerɛ ase “monyɛ mo adwene foforo.” Enti ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛbɛyɛ nneɛma pa bi wɔ yɛn abrabɔ mu kɛkɛ. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn mu hu sɛnea yɛte ankasa, na yɛyɛ nsakrae biara a ehia sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi de Yehowa mmara abɔ yɛn bra sɛnea ɛsɛ. Ɛnyɛ da koro pɛ na yɛbɛyɛ wei, mmom ɛsɛ sɛ yɛyɛ no daa.

Gyinae a wusisi wɔ sukuu a wobɛkɔ ne adwuma a wopɛ sɛ woyɛ ho no kyerɛ sɛ wode Ahenni no di kan wɔ w’asetenam anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 4-5) c

4. Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛamma wiase no ankyerɛ yɛn kwan?

4 Sɛ bɔne ne sintɔ biara fi yɛn ho a, yebetumi ayɛ nea ɛsɔ Yehowa ani wɔ biribiara mu. Nanso seesei a yɛtɔ sin yi de, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yere yɛn ho yɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. Hyɛ no nsow sɛ, Paul kaa wɔ Romafo 12:2 sɛ ehia sɛ yɛsesa yɛn adwene sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu nea Onyankopɔn pɛ. Sɛ́ anka yebegyaagyaa yɛn ho ama wiase no akyerɛ yɛn kwan no, ɛsɛ sɛ yedi kan hwehwɛ yɛn mu hwɛ sɛ botae a yɛde sisi yɛn ani so ne gyinae a yesisi no, Onyankopɔn adwene na yɛde yɛ saa anaa.

5. Yehowa da a abɛn no, yɛbɛyɛ dɛn apɛɛpɛɛ yɛn mu ahu adwene a yekura wɔ ho? (Hwɛ mfoni no.)

5 Yɛnhwɛ nhwɛso bi. Yehowa pɛ sɛ ‘yɛma ne da a ɛreba no yɛ ntɛm wɔ yɛn adwenem.’ (2 Pet. 3:12) Bisa wo ho sɛ: ‘Sɛnea mebɔ me bra no kyerɛ sɛ mihu sɛ wiase bɔne yi awiei abɛn paa? Gyinae a misisi wɔ sukuu a mɛkɔ ne adwuma a mepɛ sɛ meyɛ ho no kyerɛ sɛ Yehowa a mɛsom no no ne ade a ehia me paa wɔ m’asetenam? Mewɔ Yehowa mu gyidi sɛ ɔbɛma me nsa aka nea me ne m’abusua hia, anaa daa midwinnwen ahonyade ho?’ Sɛ Yehowa hu sɛ yɛrebɔ yɛn ho mmɔden ayɛ nea ɔpɛ a, hwɛ sɛnea n’ani gye fa.—Mat. 6:25-27, 33; Filip. 4:12, 13.

6. Dɛn na ehia sɛ yɛkɔ so yɛ?

6 Ɛsɛ sɛ yɛtaa pɛɛpɛɛ yɛn mu hwɛ nneɛma a yedwen ho, na sɛ ehia sɛ yɛyɛ nsakrae bi a, yɛayɛ no ntɛm. Paul ka kyerɛɛ Korintofo no sɛ: “Monkɔ so nsɔ nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa; monkɔ so nhwehwɛ mo mu nhwɛ sɛnea mote ankasa.” (2 Kor. 13:5) Sɛ yɛka sɛ ‘yɛwɔ gyidi no mu’ a, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam ne asɛnka. Mmom, sɛnea yesusuw nneɛma ho, nea yɛn ani gye ho, ne adwene a yɛde yɛ biribi nso ka ho. Sɛ yebetumi akɔ so asesa yɛn adwene a, ehia sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm, yesua sɛ yebedwen te sɛ Onyankopɔn, na yɛyɛ nea ehia sɛ yɛyɛ biara na ama yɛatumi asɔ Yehowa ani.—1 Kor. 2:14-16.

“MONHYƐ SUBAN FOFORO” NO

7. Sɛnea Efesofo 4:31, 32 ka no, dɛn bio na ehia sɛ yɛyɛ, na adɛn nti na wei betumi ayɛ den?

7 Kenkan Efesofo 4:31, 32. Yɛn adwene a yɛbɛsesa no no da nkyɛn a, ehia sɛ ‘yɛhyɛ suban foforo’ no. (Efe. 4:24) Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho na yɛatumi ayɛ saa. Subammɔne a ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yi fi yɛn abrabɔ mu no bi ne ɔtan, abufuw, ne koko bɔne. Adɛn nti na wei betumi ayɛ den? Efisɛ subammɔne no bi wɔ hɔ a agye ntini. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Bible ka sɛ nnipa bi wɔ hɔ a wɔn “bo fuw ntɛm”; ebinom nso “koko haw” wɔn. (Mmeb. 29:22) Subammɔne a agye ntini saa no, sɛ yɛbɔ asu wie mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yere yɛn ho na yɛatumi adi so. Osuahu a edi so yi ma yehu saa.

8-9. Sɛn na Stephen suahu no ma yehu sɛ ehia sɛ yɛkɔ so yi suban dedaw no gu?

8 Ná onua bi a ne din de Stephen wɔ koko bɔne. Ɔka sɛ: “M’asubɔ akyi mpo no, na ɛsɛ sɛ mehwɛ yiye wɔ me koko bɔne no ho. Sɛ nhwɛso no, bere bi a mereyɛ afie afie asɛnka adwuma no, ɔkorɔmfo bi bewiaa me kar mu radio. Ohuu me ara pɛ na osoo mmirika mu; me nso mede guu no so. Bere a ohui sɛ mereyɛ abɛn no no, ogyaa mu too hɔ guanee. Mekaa nea ɛyɛe a me nsa kaa radio no kyerɛɛ wɔn a wɔka me ho no. Afei wɔn mu baako a ɔyɛ asafo mu panyin bisaa me sɛ, ‘Stephen, sɛ wokyeree ɔkorɔmfo no a, anka dɛn na wobɛyɛ no?’ Saa asɛmmisa no maa midwenee nneɛma ho, na ɛma mihui sɛ ɛsɛ sɛ mekɔ so yɛ nneɛma a ɛde asomdwoe ba.” b

9 Sɛnea Stephen suahu no ma yehu no, sɛ ɛyɛ yɛn sɛ yɛatumi adi subammɔne bi so mpo a, ebetumi ayi ne ti mpofirim. Sɛ biribi saa to wo a, mma w’abam mmmu nka sɛ wonyɛ Kristoni papa. Ɔsomafo Paul mpo gye toom sɛ: “Sɛ mepɛ sɛ meyɛ nea eye a, nea enye na ɛwɔ me mu.” (Rom. 7:21-23) Kristofo nyinaa tɔ sin, enti ɛwom ara a subammɔne bi tumi yi ne ti wɔ yɛn abrabɔ mu; ɛte sɛ mfuturu ne efi a etumi gye yɛn fie bɔ so no. Ɛsɛ sɛ daa yɛkɔ so yere yɛn ho sɛ yɛbɛma yɛn ho atew. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

10. Yɛbɛyɛ dɛn ayi subammɔne afi yɛn akwan mu? (1 Yohane 5:14, 15)

10 Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubegyae subammɔne bi a, bɔ ho mpae kyerɛ Yehowa, na nya awerɛhyem sɛ obetie wo na waboa wo. (Kenkan 1 Yohane 5:14, 15.) Ɛwom sɛ Yehowa remfa anwanwakwan so nyi saa subammɔne no mfi hɔ, nanso obetumi ama wo ahoɔden ma wode ayi afi w’akwan mu. (1 Pet. 5:10) Enti, bɔ mmɔden sɛ worenyɛ biribiara a ɛbɛkɔ akɔtwe suban dedaw no aba. Woyɛ saa a, na woreyɛ wo mpae no ho adwuma. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, sini, TV so dwumadi, anaa nhoma a ɛhyɛ suban a wopɛ sɛ wuyi fi w’akwan mu ho nkuran no, hwɛ yiye wɔ ho. Afei nso, mfa w’adwene nsi nneɛma a ɛbɛma woanya akɔnnɔ bɔne so.—Filip. 4:8; Kol. 3:2.

11. Dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛakɔ so ahyɛ suban foforo no?

11 Ɛwom sɛ woayi suban dedaw no agu, nanso ɛho hia sɛ wobɔ mmɔden hyɛ suban foforo no. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Fa si w’ani so sɛ wubesuasua Yehowa bere a woresua ne suban ho ade no. (Efe. 5:1, 2) Ɛho nhwɛso ni. Sɛ wokan Bible mu asɛm bi na wuhu sɛnea Yehowa de obi bɔne kyɛɛ no a, bisa wo ho sɛ, ‘Mede afoforo mfomso kyɛ wɔn?’ Sɛ wokan Bible na wuhu sɛ, wɔn a wɔnni bi no, Yehowa hu wɔn mmɔbɔ a, bisa wo ho sɛ, ‘Me nuanom Kristofo a ade ahia wɔn no, saa ara na mete nka ma wɔn, na mede me nneyɛe kyerɛ saa?’ Kɔ so sesa w’adwene fa kyerɛ sɛ woahyɛ suban foforo no, na bere a woreyɛ saa no, hu sɛ ɛnyɛ sɛ wotenaa mu ara na atu; ɛyɛ nkakrankakra.

12. Sɛn na Bible no tumi sesaa Stephen?

12 Stephen a yɛaka ne ho asɛm dedaw no hui sɛ nkakrankakra otumi hyɛɛ suban foforo no. Ɔka sɛ: “Efi bere a mebɔɔ asu no, mahyia tebea ahorow a ɛhyɛ abufuw paa. Nanso mihu sɛ obi rehyɛ me abufuw a, ntɛm ara na matwe me ho anaa mefa ɔkwan foforo so di ho dwuma. Me yere ne nnipa pii akamfo me wɔ ɔkwan a mefa so di nsɛm a ɛte saa ho dwuma no ho. M’ankasa mpo me ho tumi yɛ me nwonwa! Merentumi nnye nsakrae a mayɛ no ho anuonyam mfa. Mmom no, migye di sɛ, ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Bible no tumi sesa nnipa.”

KƆ SO KO TIA AKƆNNƆ BƆNE

13. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ adepa? (Galatifo 5:16)

13 Kenkan Galatifo 5:16. Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi ayɛ adepa no, Yehowa yi ne yam ma yɛn ne honhom kronkron. Sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm a, na yɛrema honhom kronkron no akyerɛ yɛn kwan. Yɛkɔ asafo nhyiam nso a, yenya honhom kronkron. Kristofo nhyiam a ɛte saa ase no, yɛne yɛn nuanom a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ adepa te sɛ yɛn ara no tumi bɔ, na ɛhyɛ yɛn nkuran. (Heb. 10:24, 25; 13:7) Sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yenni mmerɛwyɛ bi so a, ɔde ne honhom no bɛhyɛ yɛn den ama yɛakɔ so ako atia. Ɛwom sɛ yɛyɛ saa nneɛma yi a, ebia ɛremma akɔnnɔ bɔne no ntu nyera, nanso ɛbɛboa yɛn ma yɛako atia nneɛma a ɛtwetwe saa akɔnnɔ bɔne no ba no. Sɛnea Galatifo 5:16 ka no, wɔn a wɔnantew honhom mu no, ‘wɔrenni ɔhonam akɔnnɔ akyi da.’

14. Adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkɔ so yere yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ adepa?

14 Sɛ yɛde nhyehyɛe bi a ɛma yɛne Yehowa ayɔnkofa mu yɛ den gu akwan mu, na nhyehyɛe a ɛte saa no tim a, ɛnsɛ sɛ yegyae, mmom, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so kura mu na yɛyere yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ adepa. Adɛn ntia? Efisɛ yɛn tamfo baako bi de, ɔnna na yɛada bi. Saa ɔtamfo no ne nea ɛtwetwe yɛn sɛ yɛnkɔyɛ bɔne. Yɛn asubɔ akyi mpo, nneɛma a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ te sɛ, kyakyatow, asanom bebrebe, anaa ponografi sei, ebia wobɛhwɛ no na ɛretwetwe yɛn. (Efe. 5:3, 4) Kristoni aberantewa bi ka sɛ: “Ade baako a ɛyɛ den ma me paa sɛ meyi m’adwene afi so ne me yɔnko barima ho akɔnnɔ. Ná ɛyɛ me sɛ nkakrankakra ɛbɛkɔ, nanso saa akɔnnɔ no da so ara wɔ hɔ.” Sɛ akɔnnɔ bɔne a wunya no ano yɛ den paa a, dɛn na ebetumi aboa wo?

Sɛ akɔnnɔ bɔne bi sɔ wo hwɛ a, nnya adwene sɛ anidaso nyinaa asa; ebinom nso ahyia sɔhwɛ koro no ara bi, na wɔatumi adi so (Hwɛ nkyekyɛm 15-16)

15. Sɛ yehu sɛ “nnipa nyinaa” tumi nya akɔnnɔ bɔne a, adɛn nti na ɛkyekye yɛn werɛ? (Hwɛ mfoni no.)

15 Sɛ woreko tia akɔnnɔ bɔne a ano yɛ den paa a, kae sɛ ɛnyɛ wo nko ara. Bible ka sɛ: “Sɔhwɛ biara ntoo mo, gye nea ɛto nnipa nyinaa.” (1 Kor. 10:13a) Nkyerɛase foforo nso ka sɛ: “Sɔhwɛ bi ntoo mo a nnipa nhyiaa bi da, gye nea ɛyɛ nnipa de.” Wɔkyerɛw saa asɛm yi kɔmaa Kristofo mmarima ne mmea a na wɔwɔ Korinto. Kan no, na wɔn mu binom yɛ awaresɛefo, mmarima a wɔne mmarima da, ne akɔwensafo. (1 Kor. 6:9-11) Wohwɛ a, wɔbɔɔ asu akyi no, wɔannya akɔnnɔ bɔne biara da? Ɛrentumi mma saa. Ɛwom, na wɔn nyinaa yɛ Kristofo a wɔasra wɔn, nanso na wɔda so ara yɛ nnipa a wɔtɔ sin. Yebetumi aka sɛ ɛwom ara a na akɔnnɔ bɔne tumi teetee wɔn. Ɛsɛ sɛ wei kyekye yɛn werɛ. Adɛn ntia? Efisɛ ɛda adi sɛ akɔnnɔ bɔne biara a woreko tia no, obi nso ako atia pɛn. Nokwasɛm ne sɛ, wubetumi de ‘gyidi agyina hɔ pintinn, na woahu sɛ amanehunu koro no ara na wo nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa hyia.’—1 Pet. 5:9.

16. Adwene bɛn na ɛnsɛ sɛ yenya, na adɛn ntia?

16 Hwɛ na woannya adwene sɛ obiara ntumi nte ɔhaw a worefa mu no ase. Sɛ wunya saa adwene no a, ebetumi ama woate nka sɛ anidaso nyinaa asa, na worentumi nko ntia akɔnnɔ bɔne. Nanso ɛnyɛ saa na Bible ka. Ɛka sɛ: “Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo, na ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mubetumi, na mmom ɔbɛma kwan abɛda sɔhwɛ no ho a mode befi mu, sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi agyina ano.” (1 Kor. 10:13b) Enti, sɛ akɔnnɔ bɔne no ano yɛ den sɛ dɛn mpo a, yebetumi adi so. Yehowa mmoa so nti, yebetumi atwe yɛn ho afi adebɔne ho.

17. Ɛwom sɛ akɔnnɔ bɔne betumi aba yɛn mu, nanso dɛn na yebetumi ayɛ?

17 Da biara kae saa asɛm yi: Yɛtɔ sin no nko ara de, akɔnnɔ bɔne betumi aba yɛn mu. Nanso sɛ ɛba wo mu a, wubetumi ayɛ ho biribi ntɛm ara sɛnea Yosef yɛe no. Oguan fii Potifar yere anim. (Gen. 39:12) Ɛnsɛ sɛ wudi akɔnnɔ bɔne akyi kɔyɛ bɔne!

ƐNYƐ DA KORO ADEYƐ

18-19. Sɛ yɛreyere yɛn ho sɛ yɛbɛsesa yɛn adwene a, nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho?

18 Yɛn adwene a yɛbɛsesa no no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛn nsusuwii ne yɛn nneyɛe ne nea Yehowa pɛ hyia; wei nyɛ da koro adeyɛ. Ɛno nti, ɛyɛ a taa hwehwɛ wo mu, na bisa sɛ: ‘Sɛnea mebɔ me bra no kyerɛ sɛ migye tom sɛ awiei no abɛn paa? Merebɔ mmɔden sɛ mɛhyɛ suban foforo no daa? Mema Yehowa honhom kyerɛ me kwan sɛnea ɛbɛyɛ a mɛko atia honam akɔnnɔ na manyɛ bɔne?’

19 Sɛ wohwehwɛ wo mu a, nhwɛ kwan sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ w’ade te sɛ soro abɔfo, mmom ma w’ani nnye mmɔden biara a worebɔ no ho. Sɛ wuhu sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae bi a, mma w’abam mmu. Mmom, fa afotu a ɛwɔ Filipifo 3:16 no yɛ adwuma. Ɛhɔ ka sɛ: “Baabi a yɛanya nkɔso akodu no, momma yɛnkɔ so nnantew saa kwan yi so pɛpɛɛpɛ.” Sɛ woyɛ saa a, mmɔden a worebɔ sɛ wobɛsesa w’adwene no, nya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira so.

DWOM 36 Yɛbɔ Yɛn Koma Ho Ban

a Ɔsomafo Paul hyɛɛ ne nuanom Kristofo nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma wiase no kyerɛ wɔn kwan. Ɛnnɛ, yɛn nso yebetumi de saa asɛm no ayɛ adwuma efisɛ ɛyɛ afotu pa. Wiase no subammɔne no, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa na ɛho pampan mpo ammɔn yɛn ho. Ɛno nti, bere biara a yebehu sɛ sɛnea yesusuw nneɛma ho no, ɛne nea Onyankopɔn pɛ nhyia no, ɛsɛ sɛ yɛteɛ yɛn adwene. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea yebetumi ayɛ saa.

b Hwɛ asɛm a yɛato din, “Ná M’abrabɔ Sɛe Ara na Ɛresɛe” a ɛbaa July 1, 2015, Ɔwɛn-Aban mu no.

c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua aberante bi redwen ho ahwɛ sɛ ɔnkɔ suapɔn anaa ɔnyɛ bere nyinaa som adwuma.