Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 1

Nya Awerɛhyem Sɛ Onyankopɔn ‘Asɛm Yɛ Nokware’

Nya Awerɛhyem Sɛ Onyankopɔn ‘Asɛm Yɛ Nokware’

AFE 2023 AFE ASƐM: “W’asɛm nyinaa yɛ nokware.”—DW. 119:160.

DWOM 96 Onyankopɔn Asɛm Yɛ Akorade

NEA YƐREBESUA a

1. Adɛn nti na ɛnnɛ nnipa pii nnye Bible nni?

 ƐNNƐ, nnipa bebree nhu nea wɔnnye no nni. Ɛyɛ wɔn sɛ amanyɔfo, nyansahufo ne aguadifo a wɔde wɔn werɛ ahyɛ wɔn mu no, ɛnyɛ bere nyinaa na wɔdwen wɔn ho. Afei nso, wɔnni obu papa biara ma Kristoman asɔfo no. Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ wɔnnye Bible no nni; Bible a saa asɔfo no kyerɛ sɛ wɔde bɔ wɔn bra no.

2. Sɛnea Dwom 119:160 ka no, dɛn na ɛsɛ sɛ yegye di?

2 Yɛn Yehowa asomfo de, yegye di sɛ Yehowa ne “nokware Nyankopɔn” no, na bere nyinaa ɔpɛ sɛ esi yɛn yiye. (Dw. 31:5; Yes. 48:17) Yenim sɛ nea yɛkenkan wɔ Bible mu no, yebetumi agye adi, efisɛ “[Onyankopɔn asɛm] nyinaa yɛ nokware.” (Kenkan Dwom 119:160.) Bible ho ɔbenfo bi kaa sɛ: “Asɛm biara a Onyankopɔn aka no, atoro ketekete mpo nnim, na biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ebedi huammɔ. Onyankopɔn nkurɔfo betumi agye asɛm biara a ɔka adi, efisɛ wɔgye Onyankopɔn a ɔkaa saa asɛm no di.” Yɛne no yɛ adwene.

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Sɛnea yegye Onyankopɔn Asɛm di no, yɛbɛyɛ dɛn aboa afoforo ama wɔn nso agye adi? Momma yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi nti a yebetumi agye Bible no adi. Yɛbɛhwɛ sɛnea wɔakora Bible mu nsɛm so pɛpɛɛpɛ, sɛnea Bible mu nkɔmhyɛ aba mu, ne sɛnea Bible tumi sesa nnipa abrabɔ.

SƐNEA WƆAKORA BIBLE MU NSƐM SO PƐPƐƐPƐ

4. Adɛn nti na ebinom adwene yɛ wɔn sɛ Bible mu nsɛm asesa?

4 Yehowa Nyankopɔn maa mmarima anokwafo bɛyɛ 40 na ɛkyerɛw Bible no. Nanso, nea saa mmarima no ankasa de wɔn nsa kyerɛwee no de, emu biara nni hɔ nnɛ. Nea yɛwɔ biara no, afoforo hwɛɛ nea na ɛwɔ hɔ no so na ɛkyerɛw bi. Wei nti, ɛyɛ ebinom sɛ Bible a yɛwɔ no nnɛ no, emu nsɛm no nte sɛ nea wɔdii kan kyerɛw no tete no. Wohwɛ a, dɛn na ɛbɛma yɛagye adi sɛ Bible no mu nsɛm nsesae?

Akyerɛwfo a wɔn ho akokwaw a wɔhwɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no so kyerɛw bebree yɛɛ ahwɛyiye paa hwɛe sɛ Onyankopɔn Asɛm a wɔkyerɛwee no yɛ pɛpɛɛpɛ (Hwɛ nkyekyɛm 5)

5. Bere a na akyerɛwfo no rehwɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no so akyerɛw bi no, mmɔden bɛn na wɔbɔe? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

5 Nea ɛbɛyɛ na Yehowa akora n’Asɛm so no, ɔka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ, wɔnhwɛ nea ɔde ama wɔn no so nkyerɛw bi. Ɔka kyerɛɛ ahemfo a ɛwɔ Israel sɛ wɔnhwɛ Mmara no so na wɔnkyerɛw bi mfa, na ɔpaw Lewifo no sɛ wɔmfa Mmara no nkyerɛkyerɛ ɔman no. (Deut. 17:18; 31:24-26; Neh. 8:7) Bere a Yudafo no fi Babilon san baa wɔn kurom no, akyerɛwfo bi a wɔn ho akokwaw hwɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no so kyerɛw bebree. (Esra 7:6, ase hɔ nsɛm) Ná saa mmarima yi yɛ ahwɛyiye paa. Eduu baabi no, nea ɛbɛyɛ na akyerɛwfo no ahu sɛ nea wɔakyerɛw biara yɛ pɛpɛɛpɛ no, ɛnyɛ nsɛmfua no nko ara na na wɔkan, na mmom na wɔkan nkyerɛwde no nso. Ɛno mpo no, esiane sintɔ a ɛwɔ nnipa ho nti, mfomso nketenkete bi bewurawuraa nea wɔkyerɛwee no mu. Nanso, esiane sɛ asɛnkoro no ara na wɔhwɛɛ so kyerɛw pii nti, akyiri yi na wɔbetumi ahu mfomso no. Ná wɔbɛyɛ dɛn ahu?

6. Bible a wɔhwɛɛ so kyerɛw bi no, wɔyɛɛ dɛn huu mfomso a ɛbaa nea wɔkyerɛwee no mu?

6 Akyerɛwfo a wɔhwɛɛ Bible no so kyerɛw bi no, mfomso a wɔdii no, Bible ho abenfo a ɛwɔ hɔ nnɛ wɔ ɔkwan pa a wɔfa so hu. Momma yɛnhwɛ mfatoho yi: Yɛmfa no sɛ wɔde asɛm bi a ɛwɔ krataa so ama nnipa 100 sɛ wɔn mu biara nkyerɛw asɛnkoro no ara. Wɔn mu baako dii mfomso ketewaa bi wɔ nea ɔkyerɛwee no mu. Sɛ yɛpɛ sɛ yehu mfomso no a, yɛde nea ɔkyerɛwee no bɛtoto wɔn a aka no nyinaa de ho. Saa ara na Bible a wɔde nsa kyerɛwee no, sɛ abenfo no fa bi de toto afoforo ho a, ɛboa wɔn ma wɔhu mfomso a ebia ɔkyerɛwfo bi dii anaa biribi a ɛkaa mu.

7. Yɛyɛ dɛn hu sɛ akyerɛwfo a wɔhwɛɛ Bible no so kyerɛw bi no yɛɛ ahwɛyiye paa?

7 Akyerɛwfo a wɔhwɛɛ Bible no so kyerɛw bi no yɛɛ ahwɛyiye paa sɛ wɔbɛkyerɛw no pɛpɛɛpɛ. Momma yɛnhwɛ nhwɛso bi a ɛfoa nea yɛreka yi so. Hebri Kyerɛwnsɛm a wɔhwɛɛ so kyerɛw bi no, nea akyɛ paa a biribiara nyerae wom no, wɔyɛɛ no afe 1008 anaa 1009 Y.B. Wɔfrɛ no Leningrad Codex. Nanso nnansa yi ara, nhwehwɛmufo akohu Bible nsaano nkyerɛwee ne nsaano nkyerɛwee afoforo asinasin bi. Wei akyɛ sen Leningrad Codex no bɛyɛ mfe 1,000. Ebia obi bɛka sɛ saa teteete nsaano nkyerɛwee a wɔahwɛ so akyerɛw bi mpɛn pii wɔ mfe 1,000 ntam de, anhwɛ a nsonsonoe kɛse bɛwɔ ɛno ne Leningrad Codex no mu. Nanso ɛnte saa. Abenfo de tete nsaano nkyerɛwee no totoo nsaano nkyerɛwee a nnansa yi ara wɔhui no ho. Ɛwom sɛ wɔhuu nsonsonoe nketenkete bi wɔ nsɛmfua a wɔde dii dwuma no mu, nanso ntease a ɛwɔ Bible no mu no de, wɔakora so pɛpɛɛpɛ.

8. Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm a ebinom hwɛɛ so kyerɛw bi no, sɛ yɛde toto nhoma afoforo a na ɛwɔ hɔ tete a nkurɔfo hwɛɛ so kyerɛw bi no ho a, nsonsonoe bɛn na ɛwom?

8 Tete Kristofo no dii akyerɛwfo a wɔhwɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no so kyerɛw bi no anammɔn akyi. Greek Kyerɛwnsɛm no mu nhoma 27 no, wɔhwɛɛ so too wɔn bo ase kyerɛw bi; ɛno na na wɔde di dwuma wɔ wɔn nhyiam ase ne wɔn asɛnka adwuma no mu. Greek Kyerɛwnsɛm nsaano nkyerɛwee a ɛda so ara wɔ hɔ no, bere a ɔbenfo bi de totoo nhoma afoforo a wɔyɛɛ no saa bere no ara mu ho no, ɔkaa sɛ: “Nea ɛwom ne sɛ, [Greek Kyerɛwnsɛm nsaano nkyerɛwee] a ɛwɔ hɔ nnɛ no dɔɔso sen nhoma a aka no de, . . . na wuhu sɛ edi mu paa.” Nhoma bi a wɔato din Anatomy of the New Testament ka sɛ: “[Greek Kyerɛwnsɛm] a ɛwɔ hɔ nnɛ a wɔakyerɛ ase yiye no, sɛ yɛrekenkan a, yebetumi anya ahotoso sɛ emu nsɛm no te sɛ nea wɔkyerɛw no tete no ara.”

9. Dɛn na Yesaia 40:8 ka fa Bible mu asɛm ho?

9 Akyerɛwfo bebree hwɛɛ Bible no so too wɔn bo ase kyerɛw bi; wɔyɛɛ saa mfe pii. Ɛno nti na Bible a ɛwɔ hɔ nnɛ a yesua na yɛkenkan no, emu nsɛm nsesae no. b Nanso yɛbɛka paa a, ɛyɛ Yehowa na ɔhwɛ ma wɔkoraa n’Asɛm no so pɛpɛɛpɛ maa yɛn. (Kenkan Yesaia 40:8.) Ne nyinaa mu no, ebia ebinom bɛka sɛ kora a wɔakora Bible mu nsɛm so no nkyerɛ sɛ Bible no fi Onyankopɔn hɔ. Enti, momma yɛnhwɛ adanse ahorow bi a ɛkyerɛ sɛ Bible no fi Onyankopɔn hɔ.

BIBLE MU NKƆMHYƐ YƐ NOKWARE

Benkum: C. Sappa/​DeAgostini/​Getty Images; nifa: Image © Homo Cosmicos/​Shutterstock

Bible nkɔmhyɛ no bi abam, na ebi nso gu so reba mu (Hwɛ nkyekyɛm 10-11) d

10. Ka Bible mu nkɔmhyɛ bi a ɛbaam a esi so dua sɛ asɛm a ɛwɔ 2 Petro 1:21 no yɛ nokware. (Hwɛ mfoni no.)

10 Bible mu nkɔmhyɛ pii abam; ebi wɔ hɔ a wɔkyerɛwee no, mfe pii akyi ansa na ɛreba mu. Abakɔsɛm ma yehu sɛ saa nkɔmhyɛ yi baa mu ampa. Wei nyɛ yɛn nwanwa, efisɛ yenim sɛ Yehowa na ɔma wɔhyɛɛ nkɔm a ɛwɔ Bible mu no. (Kenkan 2 Petro 1:21.) Nkɔmhyɛ a ɛfa sɛnea na tete Babilon kurow no bɛsɛe ho no, wo de, ma yensusuw ho nhwɛ. Afe 778 kosi 732 A.Y.B. (Ansa Na Yesu Reba) mu hɔ baabi no, Yehowa maa odiyifo Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ Babilon kurow a ɛyɛ den no bɛhwe ase. Ɔbɔɔ Kores a na obedi kurow no so nkonim no mpo din, na ɔkyerɛɛ ɔkwan pɔtee a kurow no bɛfa so ahwe ase. (Yes. 44:27–45:2) Yesaia san hyɛɛ nkɔm sɛ awiei koraa Babilon bɛsɛe a obiara rentena hɔ bio. (Yes. 13:19, 20) Saa pɛpɛɛpɛ na esii. Mediafo ne Persiafo dii Babilon so nkonim afe 539 A.Y.B. (Ansa Na Yesu Reba), na seesei baabi a na saa kurow kɛse no da no ayɛ amamfo.—Hwɛ video a yɛato din, Bible Ka Too Hɔ Sɛ Wɔbɛsɛe Babilon. Ɛwɔ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma, ɛlɛtrɔnik de no adesua 03 nkyekyɛm 5 no mu.

11. Kyerɛ sɛnea Daniel 2:41-43 no reba mu nnɛ.

11 Ɛnyɛ tete no nko ara na Bible nkɔmhyɛ baa mu; ɛnnɛ koraa yehu sɛ ebi reba mu. Sɛ yɛhwɛ Daniel nkɔmhyɛ a ɛfa Anglo-Amerika Wiase Tumidi no ho sei a, yehu sɛ aba mu paa. (Kenkan Daniel 2:41-43.) Saa nkɔmhyɛ no ka too hɔ pɛpɛɛpɛ sɛ tumidi a ɛbɔ ho mmienu no, ne “fã bi bɛyɛ den” te sɛ dade, na “ɔfã bi nso ayɛ mmerɛw” te sɛ dɔte. Yetumi hu sɛ wei yɛ nokware paa. Britain ne Amerika akyerɛ sɛ wɔyɛ den te sɛ dade; wɔn a edii nkonim wɔ Wiase Ko mmienu no nyinaa mu no, na wɔdi mu akoten, na wɔda so ara wɔ asraafo a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den. Nanso, wɔn manfo ama wɔn tumi no ano abrɛ ase, efisɛ wɔtew wɔn ho gu mmɔnten so yɛ ɔyɛkyerɛ tia aban no de hwehwɛ nea wɔpɛ wɔ nnwuma ne nneɛma foforo mu. Nnansa yi ara, amanyɔsɛm ho ɔbenfo bi kaa sɛ: “Ɛnnɛ, aman a ka-bi-ma-menka-bi amammu na wɔde bu wɔn man no, emu biara nni hɔ a anya nkɔanim na amanyɔsɛm apaapae mu sen United States.” Britain nso a ɛyɛ saa wiase tumidi yi fa no, nnansa yi emu apaapae paa, efisɛ ayɔnkofa a ɛsɛ sɛ ɛda wɔne aman a ɛwɔ European Union no mu no, ɔmanfo no adwene nhyia wɔ ho. Saa mpaapaemu yi ama ayɛ den paa ama Anglo-Amerika Wiase Tumidi yi sɛ ɛbɛyɛ nea ɛpɛ.

12. Awerɛhyem bɛn na Bible nkɔmhyɛ ma yenya?

12 Bible nkɔmhyɛ pii a aba mu dedaw no ma yenya awerɛhyem paa sɛ, Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa daakye ho no nso bɛbam. Yɛne odwontofo a ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ: “M’ani agyina wo nkwagye; efisɛ m’ani da w’asɛm so” no yɛ adwene. (Dw. 119:81) Yehowa nam Bible no so ama yɛanya “daakye ne anidaso.” (Yer. 29:11) Yehowa bɔhyɛ na ama yɛanya daakye ho anidaso na ɛnyɛ nnipa mmɔdenbɔ. Momma yɛnkɔ so nyere yɛn ho nsua Bible nkɔmhyɛ mfa nkyerɛ sɛ yɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu ahotoso.

BIBLE MU AFOTU REBOA NNIPA ƆPEPEM PII

13. Sɛ yɛhwɛ Dwom 119:66, 138 a, adanse foforo bɛn nti na yebetumi de yɛn ho ato Bible no so?

13 Ade foforo nti a yebetumi de yɛn ho ato Bible no so ne sɛ, sɛ nkurɔfo de emu afotu yɛ adwuma a, ɛboa wɔn. (Kenkan Dwom 119:66, 138.) Ɛho nhwɛso ne sɛ, awarefo binom a anka wɔn aware reyɛ agu no, seesei wɔasan aka abom ama wɔn ani agye. Wɔn mma ani gye ho sɛ wɔn awofo a wɔyɛ Kristofo retete wɔn wɔ ɔdɔ mu na wɔrehwɛ wɔn.—Efe. 5:22-29.

14. Ka osuahu bi a ɛkyerɛ sɛ, sɛ obi de Bible mu afotu bɔ ne bra a, ɛma onya suban pa.

14 Nsɛmmɔnedifo a wɔn ho yɛ hu mpo, Bible mu afotu a wɔde bɔɔ wɔn bra nti, wɔn suban asesa koraa. Yɛnhwɛ sɛnea Bible mu afotu boaa ɔdeduani bi a ne din de Jack. c Ná ɔyɛ nsɛmmɔnedifo wudifo; wɔn a na wɔda afiase a wɔn ho yɛ hu paa a wɔabu wɔn kumfɔ no, na ɔka ho. Nanso, bere bi a na anuanom ne obi reyɛ Bible adesua no, Jack kɔtenaa mu bi. Ayamye a anuanom no daa no adi no kaa ne koma paa, na ɔno nso fii ase suaa Bible. Bere a ɔde Bible mu afotu bɔɔ ne bra no, ne suban fii ase sesae koraa. Eduu baabi no, Jack bɛyɛɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu, na akyiri yi ɔbɔɔ asu. Ɔde nsi ne ahokeka kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a na ɔne wɔn da afiase no, na anyɛ yiye koraa no, ɔboaa wɔn mu baanan ma wɔhuu nokware no. Ɛda a wɔahyɛ sɛ wɔbekum Jack no soe no, na wasesa koraa. Mmaranimfo a na wɔretwitwa agye no no baako kaa sɛ: “Jack a na minim no mfe 20 a atwam no, ɛnyɛ ɔno ni. Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ asesa n’abrabɔ.” Ɛwom sɛ wɔkum Jack de, nanso ne nhwɛso no ma yehu sɛ yebetumi de yɛn ho ato Onyankopɔn Asɛm so, efisɛ etumi sesa nnipa abrabɔ.—Yes. 11:6-9.

Bible mu afotu aboa nnipa bebree ma wɔn abrabɔ asesa ɛmfa ho ɔman anaa abusua a wɔfi mu (Hwɛ nkyekyɛm 15) e

15. Bible mu afotu a Yehowa nkurɔfo de bɔ wɔn bra nti, sɛn na ɛma wɔda nsow? (Hwɛ mfoni no.)

15 Bible mu afotu a Yehowa nkurɔfo de bɔ wɔn bra nti, baakoyɛ wɔ wɔn ntam. (Yoh. 13:35; 1 Kor. 1:10) Ɛnyɛ den sɛ wubehu sɛ asomdwoe ne baakoyɛ wɔ yɛn ntam, efisɛ ɛnnɛ nnipa a ɛwɔ wiase yi mu no, amanyɔsɛm, abusua a obi fi mu, ne dibea a obi wɔ apaapae wɔn mu. Bere a aberante bi a ne din de Jean huu baakoyɛ a ɛwɔ Yehowa asomfo ntam no, ɛkaa no paa. Wɔtetee no wɔ Afrika man bi mu. Bere a ɔman no mufo twaa wɔn ho koe no, ɔkɔkaa asraafo no ho, nanso akyiri yi oguan kɔɔ ɔman bi a ɛbɛn hɔ so, na okohyiaa Yehowa Adansefo wɔ hɔ. Jean ka sɛ: “Mibehui sɛ nokwaresom mufo mfa wɔn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu na baakoyɛ wɔ wɔn mu. Afei nso, wɔdodɔ wɔn ho.” Ɔtoa so sɛ: “Ná matu me ho asi hɔ sɛ mɛko ama me man. Nanso, bere a mihuu nokware no, ɛkanyan me ma mihyiraa me ho so maa Yehowa.” Jean sesae koraa. Sɛ́ anka ɔbɛko atia nnipa a ɛsono abusua a wɔfi mu no, seesei obiara a obehyia no no, ɔka Bible mu asɛm a ɛde nkabom ba no kyerɛ no. Ɛmfa ho abusua anaa ɔman a obi fi mu no, Bible mu afotu tumi boa no paa. Wei yɛ adanse a edi mu a ɛkyerɛ sɛ yebetumi de yɛn ho ato Onyankopɔn Asɛm so.

KƆ SO FA WO HO TO ONYANKOPƆN ASƐM A ƐYƐ NOKWARE NO SO

16. Ahotoso a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, adɛn nti na ɛho hia paa sɛ yɛhyɛ mu den?

16 Ade rekye a ade resa yi, wiase sɛe ara na ɛresɛe, enti ahotoso a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, yebehyia ho sɔhwɛ. Ebia ebinom bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma yɛn adwenem ayɛ yɛn naa wɔ Bible no ho. Ebi nso a wɔbɛka sɛ ɛnnɛ Yehowa mfa akoa nokwafo ne ɔbadwemma biara so mma n’asomfo akwankyerɛ. Nanso sɛ yegye di paa sɛ Yehowa Asɛm yɛ nokware a, ɛbɛboa yɛn ama yɛako atia nsɛnkeka biara a ebetumi asɛe yɛn gyidi. Ɛbɛma ‘yɛasi yɛn bo sɛ yebedi Yehowa ahyɛde so da biara akosi awiei.’ (Dw. 119:112) ‘Yɛremfɛre’ sɛ yɛbɛka Bible mu asɛm akyerɛ afoforo na yɛahyɛ wɔn nkuran ama wɔde abɔ wɔn bra. (Dw. 119:46) Afei nso, sɛ ɔhaw anaa ɔsɔretia bi ani soso sɛ dɛn mpo a, yebetumi de “abotare ne anigye” agyina ano.—Kol. 1:11; Dw. 119:143, 157.

17. Dɛn na afe asɛm no bɛkae yɛn?

17 Yɛda Yehowa ase paa sɛ wama yɛahu nokware no! Wiase a ayɛ bisibasaa na biribiara adan abutuw yi, nokware no ka yɛn koma to yɛn yam, na ɛma yenya akwankyerɛ a emu da hɔ a yɛde bɛbɔ yɛn bra. Ɛma yenya anidaso sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye bere a Onyankopɔn Ahenni redi yɛn so no. Ɛmmra sɛ afe 2023 afe asɛm no bɛma yɛanya awerɛhyem paa sɛ Onyankopɔn Asɛm nyinaa yɛ nokware!—Dw. 119:160.

DWOM 94 Yɛn Ani Sɔ Onyankopɔn Asɛm No

a Afe 2023 afe asɛm no hyɛ gyidi den paa. Ɛka sɛ: “W’asɛm nyinaa yɛ nokware.” (Dw. 119:160) Yegye di sɛ wugye saa asɛm no tom. Nanso nnipa bebree nnye nni sɛ Bible no yɛ nokware, na ebetumi ama yɛn afotu pa. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ adanse mmiɛnsa a yebetumi de aboa komapafo ama wɔagye Bible no adi, na wɔde emu afotu abɔ wɔn bra.

b Sɛ wopɛ sɛnea wɔakora Bible no so ho nsɛm pii a, kɔ jw.org na bɔ “Abakɔsɛm Ne Bible” hyɛ hwehwɛ afã hɔ.

c Wɔasesa edin no bi.

d MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onyankopɔn hyɛɛ nkɔm sɛ tete Babilon kurow a na agye din no bɛdan amamfo.

e MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Sɛ́ anka aberante bi ne afoforo bɛko no, Bible ama wahu sɛnea ɔne nkurɔfo bɛtena asomdwoe mu ne sɛnea ɔbɛboa afoforo nso ma wɔayɛ saa.