Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 4

DWOM 18 Agyede no Som Bo Ma Yɛn

Dɛn Na Yesua Fi Agyede No Mu?

Dɛn Na Yesua Fi Agyede No Mu?

“Eyi ne ɔkwan a wɔnam so yii Onyankopɔn dɔ kyerɛɛ yɛn.”1 YOH. 4:9.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Nea agyede no ma yehu fa Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo su ahorow a ɛyɛ fɛ no ho.

1. Kristo wu no a yehyiam kae no afe biara no, sɛ yɛkɔ bi a, ɛboa yɛn sɛn?

 AKYINNYE biara nni ho sɛ agyede no yɛ akyɛde a ɛsom bo! (2 Kor. 9:15) Yesu nkwa a ɔde bɔɔ afɔre nti, wubetumi abɛyɛ Yehowa adamfo. Wubetumi nso anya anidaso sɛ wubenya daa nkwa. Wei nti, ehia paa sɛ yɛkyerɛ agyede no ho anisɔ. Ɛno da nkyɛn a, Yehowa a ɔyɛɛ agyede no ho nhyehyɛe nso, ɛsɛ sɛ yɛda no ase. (Rom. 5:8) Anisɔ a yɛwɔ ma agyede no, esiane sɛ Yesu mpɛ sɛ yɛbɛtoto no ase nti, ɔmaa yɛn ahyɛde sɛ afe biara yenhyiam nkae ne wu no.—Luka 22:​19, 20.

2. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Afe yi, yɛbɛyɛ Nkaedi no Memeneda April 12, 2025. Yegye di sɛ yɛn mu biara reyɛ ahoboa sɛ ɔbɛkɔ bi. Nkaedi bere no, nea Yehowa ne ne Ba no ayɛ ama yɛn no, sɛ yɛpɛ bere de dwinnwen a ho a, ɛbɛboa yɛn paa. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea agyede no ma yehu fa Yehowa ne ne Ba no ho. Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ sɛnea agyede no betumi aboa yɛn, na yɛahwɛ sɛnea yebetumi akyerɛ ho anisɔ.

NEA AGYEDE NO MA YEHU FA YEHOWA HO

3. Adɛn nti na onipa baako wu betumi agye nnipa ɔpepem pii afi bɔne ne owu mu? (Hwɛ mfoni no nso.)

3 Agyede no ma yehu sɛ Yehowa bu atɛntrenee. (Deut. 32:4) Adɛn nti na yɛreka saa? Susuw wei ho hwɛ: Esiane sɛ Adam yɛɛ bɔne na yɛyɛ n’asefo nti, yɛn nso wɔde bɔne awo yɛn, na ɛno na ɛma yewu no. (Rom. 5:12) Sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ade yɛn ho afi bɔne ne owu ho no, Yehowa somaa Yesu sɛ ɔmfa ne nkwa mmɛyɛ agyede mma yɛn. Nanso, na ɛbɛyɛ dɛn na onipa baako a bɔne ne sintɔ biara nni ne ho atumi awu de agye nnipa ɔpepem pii afi bɔne ne owu mu? Ɔsomafo Paul kyerɛɛ mu sɛ: “Sɛnea onipa baako no [Adam] asoɔden maa nnipa bebree bɛyɛɛ abɔnefo no, saa ara na ɔbaakofo no [Yesu] setie bɛma nnipa bebree ayɛ atreneefo.” (Rom. 5:19; 1 Tim. 2:6) Yɛbɛka no wɔ kwan foforo so a, bɔne ne owu de yɛn nyinaa ayɛ nkoa, na ne nyinaa fi asoɔden a onipa baako a bɔne biara nni ne ho yɛe no. Enti, na ehia sɛ onipa baako a bɔne biara nni ne ho yɛ osetie ma Onyankopɔn sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ade yɛn ho.

Ɛnam onipa baako so, bɔne ne owu de yɛn ayɛ nkoa. Saa ara nso na ɛnam onipa baako so yebetumi ade yɛn ho (Hwɛ nkyekyɛm 3)


4. Adɛn nti na Yehowa amma Adam asefo a wɔwɔ koma pa no daa nkwa?

4 Wohwɛ a, na ɛho hia paa sɛ Yesu bewu ansa na yɛanya nkwagye? Ɛnyɛ ɛno ara ne sɛ anka Yehowa bɛma Adam asefo a wɔwɔ koma pa no daa nkwa kɛkɛ? Esiane sɛ yɛtɔ sin nti, anhwɛ a yɛn ani so de ɛbɛyɛ yɛn sɛ ɔyɛɛ saa a, anka ɛbɛkyerɛ sɛ odwen yɛn ho na ɔdɔ yɛn. Nanso Yehowa ani so no, anka ɛbɛkyerɛ sɛ wammu atɛntrenee. Yehowa bu atɛntrenee bere nyinaa, enti asoɔden a Adam hyɛɛ da yɛe no, ɛnyɛ ade a na obebu n’ani agu so da.

5. Adɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛyɛ nea ɛtene bere nyinaa?

5 Sɛ Yehowa antua agyede no, ɛnna obuu n’ani guu n’atɛntrenee so maa Adam ne Hawa asefo a wɔtɔ sin tenaa ase daa a, wohwɛ a, anka dɛn na ebesi? Ɛda adi sɛ, ebia anka nnipa rennya Yehowa mu ahotoso sɛ ɔbɛyɛ nea ɛtene bere nyinaa. Ebia anka yɛrennye nni sɛ obedi ne bɔhyɛ nyinaa so. Nanso seesei biribi a ɛte saa nyɛ yɛn dadwen. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Yehowa buu atɛntrenee ɛmfa ho mpo sɛ na ɛsɛ sɛ ɔde ɔno ara ne Dɔba bɔ afɔre no. Wei ma yenya awerɛhyem sɛ, bere nyinaa ɔbɛyɛ nea ɛtene.

6. Dɛn na ɛma yehu sɛ agyede no a Yehowa de mae no kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn? (1 Yoh. 4:​9, 10)

6 Ɛwom sɛ agyede no ma yehu sɛ Yehowa bu atɛntrenee, nanso ɛsan ma yehu paa sɛ ɔdɔ yɛn. (Yoh. 3:16; kenkan 1 Yohane 4:​9, 10.) Agyede no ma yehu sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛtena ase daa, na afei nso ɔpɛ sɛ yɛbɛka n’abusua no ho. Susuw wei ho hwɛ: Bere a Adam yɛɛ bɔne no, Yehowa pam no fii n’abusua mu. Ɛno nti, yɛn mu biara nni hɔ a wɔwoo no too Onyankopɔn abusua mu. Nanso agyede no nti, Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn, na obiara a onya ne mu gyidi na ɔyɛ osetie ma no no, awiei koraa no, ɔde no bɛba abɛka n’abusua no ho. Ɛnnɛ mpo, yebetumi ne Yehowa ne yɛn nuanom Kristofo anya ayɔnkofa a emu yɛ den. Momma yɛnka na Yehowa dɔ yɛn!—Rom. 5:​10, 11.

7. Amane a Yesu hui no, sɛn na ɛboa yɛn ma yɛte sɛnea Yehowa dɔ yɛn no ase yiye paa?

7 Sɛ yɛhwɛ nea Yehowa faa mu ansa na ɔde agyede no rema no a, sɛnea ɔdɔ yɛn no, ɛbɛma yɛate ase yiye paa. Satan kyerɛ sɛ Yehowa somfo biara nni hɔ a sɛ ɔrehu amane a, ɔbɛkɔ so adi no nokware. Nea ɛbɛyɛ na obiara ahu sɛ nea Satan reka no yɛ atoro no, Yehowa maa kwan maa Yesu huu amane ansa na ɔrewu. (Hiob 2:​1-5; 1 Pet. 2:21) Yesu atamfo dii ne ho fɛw, asraafo hwee no, na wɔbɔɔ no asɛndua mu. Afei Yehowa Dɔba no wui yayaayaw. Wei nyinaa na Yehowa ani tua. (Mat. 27:​28-31, 39) Ná anka Yehowa betumi atwa amanehunu yi nyinaa so. Bere a atamfo kaa sɛ: “Sɛ [Onyankopɔn pɛ] n’asɛm a, ma Onnye no” no, anka Yehowa betumi ayɛ saa. (Mat. 27:​42, 43) Nanso, sɛ Onyankopɔn de ne ho gyee mu a, anka yɛrennya agyede biara, na anka yɛrennya anidaso biara nso. Enti Yehowa maa kwan ma ne Ba no huu amane kosii sɛ oguu ahome a etwa to.

8. Bere a Yehowa hui sɛ ne Ba no rehu amane no, ɛyɛɛ no yaw anaa? Kyerɛkyerɛ mu. (Hwɛ mfoni no nso.)

8 Ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ, esiane sɛ Onyankopɔn yɛ ade nyinaa so tumfoɔ nti onni atenka biara. Yehowa de atenka bɔɔ yɛn. Bible nso ka sɛ ɔbɔɔ yɛn wɔ ne suban so; wei nti yebetumi aka sɛ ɔno nso wɔ atenka. Bible ka sɛ Yehowa ‘werɛ tumi how’ na ‘odi yaw.’ (Dw. 78:​40, 41, ase hɔ asɛm.) Momma yɛnhwɛ Abraham ne Isak nso asɛm no. Wobɛkae a, Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmfa ne ba baako pɛ no nkɔbɔ afɔre mma no. (Gen. 22:​9-12; Heb. 11:​17-19) Bere a na ɔrekokum ne ba no, awerɛhow ne komam yaw a odii de, ɛbɛyɛ den sɛ yɛde yɛn adwene bebu. Bere a abɔnefo teetee Yehowa Ba no na wɔkum no yayaayaw no, awerɛhow ne yaw a ɛbɛyɛ sɛ odii de, Abraham de no koraa mma!—Hwɛ video a ɛwɔ jw.org a yɛato din Suasua Wɔn Gyidi—Abraham, Ɔfã 2 no.

Bere a Yehowa hui sɛ ne Ba no rehu amane no, ɛyɛɛ no yaw paa (Hwɛ nkyekyɛm 8)


9. Ɔdɔ kɛse a Yehowa wɔ ma wo ne wo nuanom Kristofo no, sɛn na Romafo 8:​32, 38, 39 boa wo ma wote ase?

9 Agyede no ma yehu sɛ obiara nni hɔ a ɔdɔ yɛn sen Yehowa; ɔdɔ a yɛn busuani bi a yɛpɛ n’asɛm paa anaa yɛn yɔnko berɛbo bi wɔ ma yɛn mpo, ennu Yehowa de ho hwee. (Kenkan Romafo 8:​32, 38, 39.) Ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn no de, adutwam. Wopɛ sɛ wotena ase daa anaa? Yehowa pɛ sen wo koraa. Wopɛ sɛ wunya bɔnefakyɛ anaa? Yehowa pɛ sen wo koraa. Nea ɔpɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yɛbɛkyerɛ agyede no ho anisɔ, kyerɛ sɛ, yebenya gyidi na yɛayɛ osetie ama no. Agyede no ma yehu sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn papaapa. Wiase foforo no mu nso, yebesua ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn no ho ade pii aka ho.—Ɔsɛnk. 3:11.

NEA AGYEDE NO MA YEHU FA YESU HO

10. (a) Dɛn paa na na ɛhaw Yesu wɔ wu a na ɔrebewu no ho? (b) Akwan bɛn na Yesu faa so tew Yehowa din ho? (Adaka a yɛato din “ Nokware a Yesu Di Kosii Awiei No Tew Yehowa Din Ho” no, hwɛ ɛno nso.)

10 Yehowa din a ɛho bɛtew no ho hia Yesu paa. (Yoh. 14:31) Ná Yesu nim sɛ, bɔ a n’atamfo bɛbɔ no sobo sɛ waka abususɛm atia Onyankopɔn na ɔyɛ ɔmammɔfo no, na ebetumi agu n’Agya din ho fĩ. Ná ɛno ho asɛm haw no paa. Ɛno nti ɔbɔɔ mpae sɛ: “M’Agya, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, anka ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ.” (Mat. 26:39) Nokware a Yesu dii kosii owu mu no tew n’Agya din no ho.

11. Dɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ nnipa paa? (Yohane 13:1)

11 Bio nso, agyede no ma yehu sɛ Yesu dwen nnipa ho paa, ɛnkanka n’akyidifo. (Mmeb. 8:31; kenkan Yohane 13:1.) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, na Yesu nim sɛ ne som adwuma a ɔbɛyɛ wɔ asaase so no, n’afã bi wɔ hɔ a ɔremfa no ahogono. Emu baako paa ne wu a na obewu yayaayaw no. Ne nyinaa mu no, wanyɛ ne som adwuma no biarabiara; ɔyeree ne ho yɛe. Ofii ne koma nyinaa mu kaa asɛmpa no kyerɛkyerɛe, na ɔsom afoforo. Da a ɔrebewu no mpo, ɔhohoroo n’asomafo no nan ho. Afei nso, ɔkaa nsɛm pii de hyɛɛ wɔn nkuran na ɔkyekyee wɔn werɛ. (Yoh. 13:​12-15) Bio nso, bere a ɔsɛn dua no so a ɔrehu amane no, ɔkaa anidasosɛm kyerɛɛ ɔkorɔmfo-werɛmfo bi a na wɔabɔ ɔno nso asɛndua mu no. Bere koro no ara nso, ɔde ne maame hyɛɛ obi nsa sɛ ɔnhwɛ no. (Luka 23:​42, 43; Yoh. 19:​26, 27) Ɛnyɛ wu a Yesu bewu maa yɛn no nko ara na ɛma yehu sɛ ɔdɔ yɛn paa, mmom ɔde n’asetena nyinaa kyerɛe sɛ yɛda ne koma so.

12. Mprempren, dɛn na Yesu reyɛ ma yɛn?

12 Ɛyɛ nokware sɛ Yesu wui “prɛko” maa yɛn, nanso ɔda so ara reyɛ nneɛma pii ma yɛn. (Rom. 6:10) Ɔkwan bɛn so? Ɔda so ara reboa yɛn ama yɛanya agyede no so mfaso. Dɛn na n’ani abere reyɛ? Ɔyɛ yɛn Hene, Ɔsɔfo Panyin ne asafo no ti. (1 Kor. 15:25; Efe. 5:23; Heb. 2:17) Ɔno na ɔrehwɛ ma wɔaboaboa wɔn a wɔasra wɔn ne nnipakuw kɛse no ano; obewie saa adwuma no ansa na ahohiahia kɛse no aba awiei. (Mat. 25:32; Mar. 13:27) Afei nso, awiei mmere yi mu no, ɔhwɛ ma n’asomfo anokwafo didi yiye wɔ honhom fam. (Mat. 24:45) Ne Mfirihyia Apem Nniso no mu no, ɔbɛkɔ so ara ama yɛn nea yehia. Momma yɛnka na Yehowa de ne ba no maa yɛn ampa!

NNYAE ADESUA DA

13. Ɔdɔ a Onyankopɔn ne Kristo ayi no adi akyerɛ yɛn no, yɛbɛyɛ dɛn akɔ so adwinnwen ho?

13 Ɔdɔ a Yehowa Nyankopɔn ne Kristo Yesu ayi no adi akyerɛ yɛn no, sɛ yɛkɔ so dwinnwen ho a, ɛbɛma yɛanya ho anisɔ kɛse. Afe yi Nkaedi bere no, ebia wubetumi ato wo bo ase akenkan Nsɛmpa no baako anaa nea ɛboro saa. Sɛ wotena ase sɛ worekenkan a, nkenkan bebree. Mmom, nea enti a ehia sɛ yɛdɔ Yehowa ne Yesu no, to wo bo ase hwehwɛ bi ka ho. Afei nea wubehu no, ka ho asɛm kyerɛ afoforo.

14. Sɛnea Dwom 119:97 ne ɛhɔ ase hɔ asɛm no kyerɛ no, sɛn na nhwehwɛmu a yɛbɛyɛ no bɛboa yɛn ama yɛasua agyede no ne nkyerɛkyerɛ afoforo ho ade pii? (Hwɛ mfoni no nso.)

14 Sɛ woakyɛ wɔ nokware no mu a, nsɛm bi a yɛtaa ka ho asɛm te sɛ Onyankopɔn atɛntrenee, ne dɔ, ne agyede no, anhwɛ a ɛbɛyɛ wo sɛ ade foforo biara nni hɔ a wubetumi asua afa ho. Nanso nokwasɛm ne sɛ, nneɛma afoforo pii wɔ hɔ a yebetumi asua afa saa nneɛma yi ho. Enti dɛn na wubetumi ayɛ? Nkyerɛkyerɛmu bebree a ɛwɔ asafo nhoma mu no, bɔ mmɔden sua. Sɛ wokenkan biribi wɔ Bible mu na wonte ase papa a, bɔ mmɔden yɛ ho nhwehwɛmu. Afei, da mũ no nyinaa, bɔ mmɔden dwinnwen nea wubehu no ho. Ɛno da nkyɛn a, nea ɛno ma wuhu fa Yehowa, ne Ba no, ne ɔdɔ a wɔwɔ ma wo no ho no, dwinnwen ho.—Kenkan Dwom 119:97 ne ase hɔ asɛm.

Sɛ yɛbaa nokware no mu akyɛ mpo a, yebetumi asua agyede no ho ade akɔ akyiri, na ama ɛho anisɔ a yɛwɔ no ayɛ kɛse (Hwɛ nkyekyɛm 14)


15. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hwehwɛ Bible mu akorade?

15 Bere biara a wobɛkan ade anaa wobɛyɛ nhwehwɛmu no, sɛ woannya biribi foforo biara a, mma w’abam mmmu. Ɔkwan bi so no, wote sɛ obi a ɔhwehwɛ sika kɔkɔɔ. Wɔn a wɔhwehwɛ sika kɔkɔɔ no, ɛtɔ da a wɔde nnɔnhwerew anaa nna pii na ɛhwehwɛ ansa na wɔanya ketewaa bi mpo. Ne nyinaa mu no wɔnnyae, efisɛ ketewa biara a wɔbenya no som bo ma wɔn. Nanso Bible mu akorade no som bo koraa sen akorade foforo biara. (Dw. 119:127; Mmeb. 8:10) Enti nya abotare na di Bible akenkan nhyehyɛe a wobɛyɛ no akyi.—Dw. 1:2.

16. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa ne Yesu?

16 Sɛ woresua ade a, hwehwɛ akwan a wobɛfa so de nea woresua no ayɛ adwuma. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, nea wubetumi ayɛ de asuasua Yehowa atɛntrenee no bi ne sɛ worenyɛ animhwɛ. Suasua ɔdɔ a na Yesu wɔ ma n’Agya ne afoforo; sɛ Yehowa din nti ɛsɛ sɛ wuhu amane mpo a, fi wo pɛ mu yɛ saa, na yere wo ho boa wo nuanom Kristofo. Afei nso, suasua sɛnea Yesu dii afoforo adanse sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso benya hokwan abehu Yehowa, na wɔanya agyede no so mfaso.

17. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

17 Sɛ yɛkɔ so sua agyede no ho ade na yɛte ase yiye a, ɛbɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne ne Ba no ayɛ kɛse. Sɛ yɛyɛ saa a, ɔdɔ a wɔn nso wɔ ma yɛn no bɛyɛ kɛse. (Yoh. 14:21; Yak. 4:8) Enti nneɛma a Yehowa de ama yɛn a ɛboa yɛn ma yɛkɔ so sua agyede no ho ade no, momma yɛmfa ne nyinaa nni dwuma. Adesua a edi hɔ no, nhyira a agyede no ma yenya no, yebesusuw bi ho, na yɛahwɛ nea yɛbɛyɛ de akyerɛ ɔdɔ a Yehowa ada no adi akyerɛ yɛn no ho anisɔ.

DWOM 107 Ɔdɔ Ho Nhwɛso

a ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Nneɛma ho a yebedwinnwen no kyerɛ sɛ yɛde yɛn adwene besi biribi so na yɛato yɛn bo ase asusuw ho yiye.