Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 1

DWOM 2 Wo Din Ne Yehowa

Hyɛ Yehowa Anuonyam

Hyɛ Yehowa Anuonyam

AFE 2025 AFE ASƐM: “Momfa anuonyam a ɛfata Yehowa din mma no.”DW. 96:8.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Yɛbɛhwɛ sɛnea yebetumi de anuonyam a ɛfata Yehowa no ama no.

1. Ɛnnɛ, dɛn na nnipa bebree de wɔn adwene si so?

 EBIA woahyɛ no nsow sɛ ɛnnɛ, nnipa bebree nnwen afoforo ho; wɔn nko ara ho na wɔdwen. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebinom nte gyae koraa wɔ sohyia midia so; ebia wobɛhwɛ no, na nneɛma a wɔatumi ayɛ wɔ asetenam no, wɔde ho mfoni ne video akogu hɔ de rehoahoa wɔn ho. Nanso nnipa kakraa bi na wɔhyɛ Yehowa Nyankopɔn anuonyam. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛrehyɛ Yehowa anuonyam. Afei nso yɛbɛhwɛ nea ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛhyɛ no anuonyam. Bio nso, anuonyam a ɛfata Onyankopɔn no, yɛbɛhwɛ ɔkwan a yɛbɛfa so de ama no, na yɛahwɛ sɛnea ɔno ankasa nso bɛhyɛ ne din anuonyam nnansa yi ara.

DƐN NA YƐYƐ A ƐKYERƐ SƐ YƐREHYƐ YEHOWA ANUONYAM?

2. Dɛn na Yehowa yɛe de daa n’anuonyam adi wɔ Sinai Bepɔw so? (Hwɛ mfoni no nso.)

2 Bible ma yehu sɛ Yehowa sõ na ɔyɛ kɛse. Bere a Yehowa gyee Israelfo no fii Egypt nkoasom mu no, ankyɛ koraa na ɔyɛɛ anwanwade de daa n’anuonyam adi kyerɛɛ wɔn. Wo de, fa w’adwene bu sɛ Israelfo ɔpepem pii aboa wɔn ho ano wɔ Sinai Bepɔw no ase, a wɔrebetie nea Onyankopɔn pɛ sɛ ɔka kyerɛ wɔn. Omununkum tumm bi bɛkataa bepɔw no so. Prɛko pɛ, asaasewosow kɛse bi sii, anyinam tetewee na aprannaa boboom, na abɛn bi gyigyei denneennen; ɛbɛyɛ sɛ ogya mpo pae fii bepɔw no mu. (Ex. 19:​16-18; 24:17; Dw. 68:8) Bere a Yehowa daa n’anuonyam adi kyerɛɛ Israelfo no, ɛbɛyɛ sɛ wɔn ho dwiriw wɔn papaapa.

Yehowa yɛɛ anwanwade de daa n’anuonyam adi kyerɛɛ Israelfo no wɔ Sinai Bepɔw so (Hwɛ nkyekyɛm 2)


3. Dɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛrehyɛ Yehowa anuonyam?

3 Nnipa nso betumi ahyɛ Onyankopɔn anuonyam anaa? Yiw, yebetumi. Ade baako a yebetumi ayɛ de ahyɛ Yehowa anuonyam ne sɛ yɛbɛka ne tumi kɛse ne ne suban ahorow a ɛyɛ fɛ no ho asɛm akyerɛ afoforo. Afei nso, sɛ Yehowa boa yɛn ma yetumi yɛ biribi a, ɛsɛ sɛ yɛde ho ayeyi ma no. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛrehyɛ no anuonyam. (Yes. 26:12) Yɛreka wɔn a wɔhyɛɛ Yehowa anuonyam a, wɔn mu baako a wagye din paa ne Ɔhene Dawid. Bere bi, ɔbɔɔ mpae wɔ Israel asafo no anim, na ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “O Yehowa, wo na kɛseyɛ ne tumi ne anuonyam ne hyerɛn ne nidi wɔ wo; na nea ɛwɔ ɔsoro ne asaase so nyinaa yɛ wo dea.” Dawid bɔɔ mpae no wiei no, ‘bagua no nyinaa yii Yehowa ayɛ.’—1 Be. 29:​11, 20.

4. Ɔkwan bɛn so na Yesu hyɛɛ Yehowa anuonyam?

4 Yesu wɔ asaase so no, ɔhyɛɛ n’Agya anuonyam. Ade baako a ɔyɛe ne sɛ, anwanwade ahorow a ɔyɛe no, ɔmaa afoforo hui sɛ Onyankopɔn na ɔboaa no ma otumi yɛe. (Mar. 5:​18-20) Ade foforo nso a ɔyɛe de hyɛɛ Yehowa anuonyam ne sɛ, ɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo, na ɔne afoforo dii no yiye. Bere bi, na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan bi mu. Wɔn a na wɔretie no no, na ɔbea bi wom a honhommɔne bi ateetee no mfe 18. Ná honhommɔne no ama ɔbea no mu akuntun ara ma na ontumi ntene ne mu mpo. Ná ɛyɛ awerɛhow paa! Ɔbea no asɛm yɛɛ Yesu mmɔbɔ, enti ɔbɛn no na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbea, mayi wo afi w’ahoɔmmerɛw no mu.” Afei, Yesu de ne nsa guu no so, ɛhɔ ara na otumi tenee ne mu, na “ofii ase hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.” Ɛyɛɛ no dɛ paa sɛ Yehowa maa ne ho tɔɔ no! (Luka 13:​10-13) Ná saa ɔbea no betumi ahyɛ Yehowa anuonyam efisɛ na wayɛ bi ama no. Yɛn nso Yehowa ayɛ bi ama yɛn, enti ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no anuonyam.

DƐN NA ƐKANYAN YƐN MA YƐHYƐ YEHOWA ANUONYAM?

5. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde obu ma Yehowa?

5 Obu kɛse a yɛwɔ ma Yehowa nti, yɛhyɛ no anuonyam. Yebu Yehowa paa efisɛ ɔno ne ade nyinaa so tumfoɔ; ne tumi nni ano. (Dw. 96:​4-7) Nneɛma a wabɔ no ma yehu pefee sɛ ne nyansa mu dɔ. Ɔno na ɔmaa yɛn nkwa, na ɔno ara nso na ɔma yɛn biribiara a yehia na yɛatumi atena nkwa mu. (Adi. 4:11) Ɔyɛ ɔnokwafo. (Adi. 15:4) Odi ne bɔhyɛ so bere nyinaa, na baako mpo ntow mfom. (Yos. 23:14) Ɛnyɛ nwanwa sɛ odiyifo Yeremia kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Amanaman no anyansafo nyinaa mu ne wɔn ahenni nyinaa mu no, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo”! (Yer. 10:​6, 7) Nokwasɛm ne sɛ, nea enti a ɛsɛ sɛ yɛde obu ma yɛn soro Agya no dɔɔso paa. Obu a yɛde bɛma Yehowa no da nkyɛn a, ɛsɛ sɛ yɛdɔ no nso.

6. Adɛn nti na yɛdɔ Yehowa?

6 Ɔdɔ kɛse a yɛwɔ ma Yehowa nti, yɛhyɛ no anuonyam. Yɛdɔ Yehowa efisɛ ɔwɔ su ahorow bebree a ɛyɛ fɛ. Ɔwɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehye. (Dw. 103:13; Yes. 49:15) Ɔwɔ tema, kyerɛ sɛ, yɛn sũ yɛ ne sũ. (Sak. 2:8) Ɔboa yɛn ma yetumi fa no adamfo. (Dw. 25:14; Aso. 17:27) Ɔbrɛ ne ho ase; “ɔbɔ ne mu ase hwɛ ɔsoro ne asaase, na ɔma mmɔborɔwa so fi mfuturu mu.” (Dw. 113:​6, 7) Sɛ Yehowa wɔ su ahorow a ɛyɛ fɛ yi a, wohwɛ a ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ no anuonyam?—Dw. 86:12.

7. Akwannya soronko bɛn na yɛwɔ?

7 Yɛpɛ sɛ nkurɔfo hu Yehowa, enti yɛhyɛ no anuonyam. Nnipa bebree nnim Yehowa ho nokwasɛm. Adɛn ntia? Efisɛ Satan keka Yehowa ho atosɛm a ɛyɛ hu de fura wɔn adwene ani. (2 Kor. 4:4) Satan adaadaa nkurɔfo ama wɔagye adi sɛ Yehowa mfa bɔne nkyɛ, onnwen nnipa ho, na amanehunu a ɛrekɔ so wɔ wiase no, emu fã kɛse no ara fi no. Nanso yɛn de, yenim yɛn Nyankopɔn no ho nokwasɛm! Yɛanya hokwan a yɛde bɛma afoforo ahu sɛ, nea Satan rekeka no nyinaa nyɛ nokware. Yɛyɛ saa a, na yɛrehyɛ Yehowa anuonyam. (Yes. 43:10) Dwom 96 ka ayeyi a yɛde ma Yehowa ho asɛm. Adesua yi mu no, yebesusuw saa dwom no mu nsɛm no bi ho, na yɛahwɛ akwan a yebetumi afa so de ayeyi a ɛsɛ fata Yehowa no ama no.

YƐBƐYƐ DƐN DE AYEYI A ƐSƐ FATA YEHOWA NO AMA NO?

8. Akwan a yebetumi afa so ahyɛ Yehowa anuonyam no, baako ne sɛn? (Dwom 96:​1-3)

8 Kenkan Dwom 96:​1-3. Yebetumi de yɛn anom kasa ahyɛ Yehowa anuonyam. Dwom 96:​1-3 no mu no, Yehowa to nsa frɛ ne nkurɔfo sɛ ‘wɔnto dwom mma no,’ ‘wɔnyi ne din ayɛ,’ ‘wɔnka ne nkwagye ho asɛmpa,’ na ‘wɔnka n’anuonyam nkyerɛ amanaman.’ Yebetumi afa saa akwan yi nyinaa so ahyɛ yɛn soro Agya no anuonyam. Ná Yudafo anokwafo no ne tete Kristofo no ayɛ krado sɛ, nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama wɔn no, wɔbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo na wɔatew ne din ho. (Dan. 3:​16-18; Aso. 4:29) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua wɔn?

9-10. Dɛn na wusua fi Angelena suahu no mu? (Hwɛ mfoni no nso.)

9 Momma yɛnhwɛ suahu bi a Angelena a nyae; ɔyɛ onuawa bi a ɔte United States. Ɔde akokoduru dii Yehowa ho adanse wɔ n’adwumam. Bere a wɔfaa no adwumam no, ankyɛ koraa na wɔyɛɛ nhyiam bi; ná ɛbɛma wɔn a wɔfaa wɔn nkyɛe no aka wɔn ho asɛm kakra ama afoforo ahu wɔn yiye. Esiane sɛ na wɔfaa no nkyɛe nti, wɔtoo nsa frɛ ɔno nso sɛ ɔmmra saa nhyiam no bi. Ɔyɛe sɛ ɔde mfoni ahorow bi bɛkyerɛ wɔn ama wɔahu sɛ esiane sɛ ɔyɛ Yehowa Danseni nti, n’ani gye. Nanso aka kakraa bi ma adu no so ma wakasa no, ne yɔnko dwumayɛni bi kasae; ɔkaa sɛ wɔtetee no sɛ Yehowa Danseni. Ofii ase kasa tiaa yɛn gyidi. Angelena kaa sɛ: “Ná me yam hyehye me. Nanso mibisaa me ho sɛ: ‘Enti merebɛyɛ nhwɛhaa ama aberante yi akeka Yehowa ho atosɛm saa ara? Wei de, merentumi nka m’ano ntom.’”

10 Bere a ne yɔnko dwumayɛni no kasa wiei no, ɛhɔ ara na Angelena bɔɔ mpae tiawa wɔ ne tirim. Afei ɔde obu ka kyerɛɛ no sɛ: “W’asɛm no reyɛ akɔsɛ me de no. Me nso wɔtetee me sɛ Yehowa Danseni, nanso me de minnyaee.” Afei wutumi hu sɛ na apae, nanso Angelena amma ehu ankyekyere no. Ɔde mfoni ahorow a ɔne anuanom atwitwa a ɛma wuhu sɛ n’ani gye wɔ Yehowa som mu no kyerɛɛ wɔn, na ɔde anifere kyerɛkyerɛɛ ne gyidi mu. (1 Pet. 3:15) Ekosii sɛn? Bere a Angelena kasa wiei no, na aberante no aprɛ abubu. Ɔkaa mpo sɛ, bere a osua a na ɔne Yehowa Adansefo bɔ no, mmere bi wɔ hɔ a na n’ani gye paa. Angelena ka sɛ: “Ɛfata sɛ meka bi ma Yehowa. Ɛyɛ hokwan kɛse paa na manya sɛ mɛtew ne din ho.” Yɛn nso, sɛ afoforo kasa tia Yehowa a, ɛyɛ akwannya kɛse na yɛanya sɛ yebeyi no ayɛ na yɛahyɛ no anuonyam.

Yebetumi de yɛn anom kasa, yɛn ahonyade, ne yɛn suban ahyɛ Yehowa anuonyam (Hwɛ nkyekyɛm 9-10) b


11. Efi teteete nyinaa, ɔkwan bɛn so na Yehowa asomfo de nnyinasosɛm a ɛwɔ Dwom 96:8 no ayɛ adwuma?

11 Kenkan Dwom 96:8. Yebetumi de yɛn ahonyade ahyɛ Yehowa anuonyam. Efi teteete nyinaa, Yehowa asomfo de wɔn ahonyade ahyɛ Yehowa anuonyam. (Mmeb. 3:9) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a wɔresi asɔrefi no, Israelfo no yii ntoboa de boae. Afei nso, na wɔyi ntoboa ma wɔde siesie asɔrefie no. (2 Ahe. 12:​4, 5; 1 Be. 29:​3-9) Yesu akyidifo no bi ‘de wɔn ahode som’ Yesu ne asomafo no. (Luka 8:​1-3) Tete Kristofo no nso yii ntoboa kɔboaa anuanom a na wɔakɔ ahokyere mu no. (Aso. 11:​27-29) Ɛnnɛ, yɛn nso yebetumi afi yɛn pɛ mu ayi ntoboa de ahyɛ Yehowa anuonyam.

12. Ɔkwan bɛn so na ntoboa a yeyi no tumi hyɛ Yehowa anuonyam? (Hwɛ mfoni no nso.)

12 Sɛnea ntoboa a yeyi no tumi hyɛ Yehowa anuonyam no, ɛho nhwɛso baako pɛ na edi so yi. Afe 2020 mu no, wɔde too gua sɛ ɔpɛ kɛse bi asi wɔ Zimbabwe. Wei nti, ɔkɔm bi tew sii hɔ, na ɛkaa nnipa ɔpepem pii; ná onuawa bi a ne din de Prisca nso ka ho. Ná ɔwɔ nhyehyɛe a ɔde kɔ asɛnka Wukuda ne Fida biara. Ɔhaw a na wɔrehyia no nyinaa akyi no, wannyae asɛnka no kɔ. Bere a na wɔdua wɔn nnɔbae mpo, na ɔmfa bere a ɔde kɔ asɛnka no nni agorɔ. Sɛ wankɔ afuw mu na ɔkɔ asɛnka a, na wɔn a ɛte bɛn no no di ne ho fɛw ka sɛ, “Ɔkɔm rebekum wo.” Ɛba saa a, na ɔno nso de akokoduru aka sɛ, “Yehowa nnii n’asomfo huammɔ da.” Ɛno akyi no, ankyɛ koraa na Yehowa ahyehyɛde no de nnuan ne nneɛma afoforo a wɔhia kɔyɛɛ wɔn mmoa. Ntoboa a yeyi no, ɛno na ɛma wɔtumi de mmoa a ɛte saa kɔmaa wɔn. Wɔn a wɔte bɛn Prisca no huu saa no, ɛyɛɛ wɔn fɛ paa, na wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ampa Onyankopɔn anni wo huammɔ, enti yɛpɛ sɛ yesua ne ho ade.” Wei nti, wɔn a ɛte bɛn no no, wɔn mu nson fii ase kɔɔ adesua.

Yebetumi de yɛn ahonyade ahyɛ Yehowa anuonyam (Hwɛ nkyekyɛm 12) c


13. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛn suban ahyɛ Yehowa anuonyam? (Dwom 96:9)

13 Kenkan Dwom 96:9. Yebetumi de yɛn suban ahyɛ Yehowa anuonyam. Asɔfo a na wɔsom wɔ asɔrefie hɔ no, na ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ho tew. (Ex. 40:​30-32) Nanso, nea na ehia paa ne sɛ wɔbɛbɔ ɔbra pa. (Dw. 24:​3, 4; 1 Pet. 1:​15, 16) Yɛn nso, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yi “suban dedaw no” gu, na yɛhyɛ “suban foforo” no. Wei kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi nneyɛe biara a ɛho ntew ne abrabɔ fĩ ho, na yɛbɔ mmɔden sɛ yebedwen nneɛma ho te sɛ Yehowa, na yɛasuasua ne su a ɛyɛ fɛ no. (Kol. 3:​9, 10) Yehowa mmoa so nti, sɛ obi aporɔw atetew sɛ dɛn mpo a, obetumi asesa na wahyɛ suban foforo no.

14. Dɛn na wusua fi Jack suahu no mu? (Hwɛ mfoni no nso.)

14 Momma yɛnhwɛ Jack. Ná odi aturutrasɛm ma obi nni bi. Ná ne ho yɛ hu ara ma nkurɔfo too ne din Sasabonsam. Esiane ne nsɛmmɔnedi nti, wɔbuu no kumfɔ de no kɔtoo afiase. Nanso bere a ɔda afiase hɔ na ɔretwɛn sɛ ne bere bɛso ma wɔakum no no, onua bi a na ɔkɔ afiase hɔ ne afoforo kosua ade hyiaa no, na Jack penee so sɛ ɔne no besua Bible. Ɛwom sɛ na Jack adi bɔne paa, nanso oyii suban dedaw no gui, na eduu baabi no ɔbɔɔ asu. Jack suban sesae ara ma edui sɛ wɔrebekum no no, awɛmfo a ɛwɔ afiase hɔ no bi sui. Sogyani bi a na ɔyɛ adwuma wɔ afiase hɔ kaa sɛ: “Bere bi a abɛsen kɔ no, Jack na na ɔyɛ deduani a onye koraa wɔ ha. Nanso seesei ɔka wɔn a wɔye paa no ho.” Ná wɔyɛ adesua wɔ afiase hɔ nnawɔtwe biara, enti bere a wɔkum Jack no, nnawɔtwe a edi hɔ no, anuanom a wɔkɔyɛɛ adesua no hui sɛ ɔdeduani bi a ɔmmaa adesua no bi da aba bi. Dɛn na ɛkaa saa deduani no ma ɔkɔɔ bi? Sɛnea Jack sesaa ne suban no yɛɛ no fɛ paa, na na ɔpɛ sɛ ohu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ na ɔno nso atumi asom Yehowa. Ɛda adi pefee sɛ yɛn suban betumi ahyɛ yɛn soro Agya no anuonyam!—1 Pet. 2:12.

Yebetumi de yɛn suban ahyɛ Yehowa anuonyam (Hwɛ nkyekyɛm 14) d


SƐN NA YEHOWA BƐHYƐ NE DIN ANUONYAM NNANSA YI ARA?

15. Sɛn na Yehowa bɛhyɛ ne din anuonyam nnansa yi ara ma obiara ahu? (Dwom 96:​10-13)

15 Kenkan Dwom 96:​10-13. Dwom 96:​10-13 no mu nsɛm ma yehu sɛ Yehowa yɛ Ɔhene ne Ɔtemmufo a obu atɛntrenee. Sɛn na Yehowa bɛhyɛ ne din anuonyam nnansa yi ara? Ɛne sɛ, obebu atɛntrenee. Babilon Kɛse a agu ne din ho fĩ no, ɛrenkyɛ ɔbɛsɛe no. (Adi. 17:​5, 16; 19:​1, 2) Wɔn a wɔbehu Babilon Kɛse no sɛe no, ebia wɔn mu bi bɛba abɛka yɛn ho ma yɛasom Yehowa. Awiei koraa no, Yehowa bɛsɛe Satan wiase no nyinaa wɔ Armagedon. Wɔn a wɔsɔre tia no na wɔgu ne din ho fĩ nyinaa, obeyi wɔn afi hɔ. Nanso wɔn a wɔdɔ no, wɔtie no, na wɔhyɛ no anuonyam no, obegye wɔn nkwa. (Mar. 8:38; 2 Tes. 1:​6-10) Ebedu bere a sɔhwɛ a etwa to no bɛba awiei wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no akyi no, na Yehowa ahyɛ ne din anuonyam ama obiara ahu. (Adi. 20:​7-10) Saa bere no, “Yehowa anuonyam ho nimdeɛ bɛhyɛ asaase so ma sɛnea nsu kata po so no.”—Hab. 2:14.

16. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ? (Hwɛ mfoni no nso.)

16 Bere bi bɛba a, obiara a ɔte ase de anuonyam a ɛsɛ fata Yehowa din bɛma no. Saa bere no du a, ɛbɛyɛ anigye sɛ! Nanso enkosi saa bere no, yebetumi de hokwan biara a yebenya no ahyɛ yɛn Nyankopɔn no anuonyam. Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde yɛn adwene besi saa asɛntitiriw yi so nti, Akwankyerɛ Kuw no apaw Dwom 96:8 sɛ afe 2025 afe asɛm. Ɛhɔ ka sɛ: “Momfa anuonyam a ɛfata Yehowa din mma no.”

Awiei koraa no, obiara a ɔte ase no de anuonyam a ɛsɛ fata Yehowa din bɛma no! (Hwɛ nkyekyɛm 16)

DWOM 12 Otumfoɔ, Yehowa Nyankopɔn

a Wɔasesa edin no bi.

b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Angelena asɛm no ho ɔyɛkyerɛ.

c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Prisca asɛm no ho ɔyɛkyerɛ.

d MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Jack asɛm no ho ɔyɛkyerɛ.