Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 5

DWOM 108 Onyankopɔn Dɔ

Nhyira a Yehowa Dɔ Ma Yenya

Nhyira a Yehowa Dɔ Ma Yenya

“Kristo Yesu baa wiase sɛ ɔrebegye abɔnefo nkwa.”1 TIM. 1:15.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Nhyira a agyede no ma yenya ne nea yɛbɛyɛ ama Yehowa ahu sɛ yɛn ani sɔ.

1. Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma Yehowa ani agye?

 FA NO sɛ wode ade bi a ɛyɛ fɛ paa na mfaso wɔ so akyɛ obi a wopɛ n’asɛm. Sɛ wuhu sɛ wamfa akyɛde no anyɛ hwee na mmom ɔde ato baabi ato n’adwene mu a, anka ɛrenyɛ wo yaw anaa? Nanso akyɛde a wode maa no no, sɛ ɔkyerɛ ho anisɔ na ɔde di dwuma a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛma w’ani agye paa. Wei fa Yehowa ho sɛn? Yehowa nso akyɛ yɛn ade. Wama ne Ba no abewu ama yɛn. Enti akyɛde a ɛsom bo a Yehowa de ama yɛn, ne ɔdɔ a ɛkaa no ma ɔde maa yɛn no, sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ a, hwɛ sɛnea n’ani begye afa!—Yoh. 3:16; Rom. 5:​7, 8

2. Dɛn na yɛbɛka ho asɛm wɔ adesua yi mu?

2 Nanso sɛ yɛanhwɛ yiye a, bere rekɔ so no, anisɔ a yɛwɔ ma agyede afɔre no betumi abrɛ ase. Ɛba saa a, ɛbɛyɛ te sɛ nea akyɛde a Onyankopɔn de ama yɛn no, yɛde akɔto baabi ato yɛn adwene mu. Sɛ yɛmpɛ sɛ biribi saa bɛto yɛn a, ɛsɛ sɛ da biara yɛkae yɛn ho nea Onyankopɔn ne Kristo ayɛ ama yɛn no. Adesua yi bɛboa yɛn ama yɛayɛ saa. Nhyira a agyede no ma yenya no nnɛ ne nea yebenya daakye no, adesua yi bɛka ho asɛm. Afei nso, sɛnea yɛbɛkyerɛ Yehowa dɔ no ho anisɔ, ɛnkanka wɔ Nkaedi bere yi mu no, yebesusuw ho.

NHYIRA A YENYA NO NNƐ

3. Nhyira a agyede no ma yenya no nnɛ no, emu baako ne sɛn?

3 Seesei mpo, yɛrenya Kristo agyede afɔre no so mfaso. Sɛ nhwɛso no, esiane agyede no nti, Yehowa tumi de yɛn bɔne kyɛ yɛn. Ɛnyɛ nhyɛ sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn. Nanso ofi ne pɛ mu de kyɛ yɛn. Odwontofo no de anisɔ too dwom sɛ: “O Yehowa, wuye, na wuyi wo yam de bɔne kyɛ.”—Dw. 86:5; 103:​3, 10-13.

4. Henanom nti na Yehowa de agyede no mae? (Luka 5:32; 1 Timoteo 1:15)

4 Ebia ebinom bɛte nka sɛ wɔmfata sɛ Yehowa de wɔn bɔne kyɛ wɔn. Nokwasɛm ne sɛ, yɛn mu biara mfata Yehowa bɔnefakyɛ. Ná ɔsomafo Paul nim saa nokwasɛm yi yiye. Enti ɔkaa sɛ, “memfata sɛ wɔfrɛ me ɔsomafo.” Nanso ɔka kaa ho sɛ: “Onyankopɔn adom nti na mete sɛnea mete yi.” (1 Kor. 15:​9, 10) Sɛ yɛsakra fi yɛn bɔne ho a, Yehowa de kyɛ yɛn. Adɛn ntia? Ɛnyɛ sɛ yɛfata sɛ ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn nti na ɔyɛ saa, na mmom dɔ a ɔdɔ yɛn ntia. Enti ɛtɔ da na sɛ wote nka sɛ wo so nni mfaso a, kae sɛ ɛnyɛ nnipa a bɔne nni wɔn ho nti na Yehowa de agyede no mae, na mmom abɔnefo a wɔnu wɔn ho na wɔsakra fi wɔn bɔne ho no ntia.—Kenkan Luka 5:32; 1 Timoteo 1:15.

5. Wohwɛ a yɛn mu bi betumi aka sɛ ne mmɔdenbɔ nti, ɔfata sɛ Yehowa hu no mmɔbɔ anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

5 Sɛ yɛde mfe pii na asom Yehowa mpo a, ɛnsɛ sɛ yɛte nka da sɛ esiane yɛn mmɔdenbɔ nti, yɛfata sɛ Yehowa hu yɛn mmɔbɔ. Ɛwom, Yehowa ani sɔ nokware a yedi ma no no. (Heb. 6:10) Nanso ne Ba no a ɔde no maa yɛn no, na ɛnyɛ sɛ ɔde yɛn ka bi na ɔretua, na mmom ɔde no yɛɛ akyɛde maa yɛn. Enti sɛ yɛka sɛ yɛn mmɔdenbɔ nti ɛsɛ sɛ Yehowa hu yɛn mmɔbɔ a, na ɛte sɛ nea yɛreka sɛ mfaso biara nni so sɛ Kristo bewui.—Fa toto Galatifo 2:21 ho.

6. Adɛn nti na Paul yeree ne ho yɛɛ Yehowa adwuma?

6 Ná Paul nim sɛ ne mmɔdenbɔ nko ara ntumi mma onnya Onyankopɔn anim dom. Ɛnde adɛn nti na ɔyeree ne ho yɛɛ Yehowa adwuma? Ɛnyɛ sɛ na ɔreyɛ biribi ama Onyankopɔn ahu sɛ ɔfata, na mmom sɛnea na Yehowa adom no no, ɛno na na ɔrekyerɛ ho anisɔ. (Efe. 3:7) Yɛn nso yesuasua Paul, enti yɛyere yɛn ho yɛ yɛn som adwuma no de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama yɛn no, na ɛnyɛ sɛ yɛpɛ sɛ ohu yɛn mmɔbɔ nti na yɛbɔ yɛn ho mmɔden.

7. Nhyira foforo bɛn na agyede no ma yenya nnɛ? (Romafo 5:1; Yakobo 2:23)

7 Nhyira foforo a agyede no ma yenya nnɛ ne sɛ, yetumi ne Yehowa nya adamfofa a emu yɛ den. a Sɛnea adesua a edi wei anim no ma yehui no, bere a wɔwoo yɛn no, na yɛnka Onyankopɔn abusua ho. Nanso agyede no nti, yɛne ‘Onyankopɔn te asomdwoe mu,’ na yetumi bɛn no.—Kenkan Romafo 5:1; Yakobo 2:23.

8. Hokwan a Yehowa de ama yɛn sɛ yɛmmɔ no mpae no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ?

8 Yɛne Yehowa adamfofa no ma yenya hokwan ahorow bi. Ma yɛnhwɛ emu baako; ɛno ne mpaebɔ. Ɛnyɛ bere a yɛn nyinaa ahyiam no nko ara na yɛbɔ mpae a Yehowa tie, na mmom sɛ yɛn mu biara nso bɔ mpae a, otie. Sɛ yɛbɔ mpae a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam, na yɛn asom dwo yɛn, nanso ɛnyɛ ɛno nko. Ɛsan ma yɛne Onyankopɔn adamfofa mu yɛ den. (Dw. 65:2; Yak. 4:8; 1 Yoh. 5:14) Bere a Yesu wɔ asaase so no, na ɔtaa bɔ mpae paa, efisɛ na onim sɛ ɔbɔ mpae a, Yehowa tie, na ɛma ɔne n’Agya ntam yɛ kama. (Luka 5:16) Hwɛ hokwan kɛse a yɛanya sɛ Yesu afɔrebɔ no nti, yɛatumi ne Yehowa afa adamfo, na yetumi mpo ne no kasa wɔ mpaebɔ mu!

NHYIRA A YEBENYA NO DAAKYE

9. Nhyira a agyede no bɛma Yehowa asomfo anokwafo anya daakye no, ebi ne sɛn?

9 Nhyira bɛn na agyede no bɛma Yehowa asomfo anokwafo anya daakye? Wɔbenya daa nkwa. Nnipa pii te nka sɛ ɛrentumi nyɛ yiye, efisɛ efi tete na nnipa awu saa ara. Nanso adwene a Yehowa de bɔɔ nnipa ne sɛ wɔntena ase daa. Sɛ Adam anyɛ bɔne a, anka ɛremma obiara adwenem sɛ nnipa rentumi ntena ase daa. Ɛnnɛ, sɛ obi te daa nkwa ho asɛm a, anhwɛ a ɛbɛyɛ no sɛ dae. Nanso yɛhwɛ sɛnea Yehowa de ne Ba a ɔda ne koma so no mae na yɛatumi atena ase daa no a, ɛma yehu sɛ ɛyɛ asɛm paa ara.—Rom. 8:32.

10. Wɔn a wɔasra wɔn no ne nguan foforo no, dɛn na wɔn ani da so?

10 Ɛwom, daa nkwa a yebenya no yɛ daakye asɛm, nanso Yehowa pɛ sɛ yedwinnwen ho nnɛ. Wɔn a wɔasra wɔn no wɔ anidaso kama bi a ɛne sɛ wɔne Kristo bɛtena soro adi asaase so hene. (Adi. 20:6) Nguan foforo no nso bɛtena asaase a ɛbɛdan paradise so; saa bere no, ɛyaw ne awerɛhow befi hɔ. (Adi. 21:​3, 4) Nguan foforo a wɔn ani da so sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ asaase so no, woka wɔn ho anaa? Saa anidaso yi nso som bo paa! Asaase so ha yi ara na Yehowa bɔɔ nnipa sɛ wɔntena, enti sɛ obi tena ha daa a, obenya anigye a edi mu ankasa.

11-12. Nhyira a yɛde anigye rehwɛ kwan wɔ Paradise no, ebi ne sɛn? (Hwɛ mfoni no nso.)

11 Sɛ asaase dan Paradise a, sɛnea w’asetena bɛyɛ no, twa ho mfoni wɔ w’adwene mu. Saa bere no, worenyare na worenwu nso. (Yes. 25:8; 33:24) Nneɛma pa a ɛda wo koma so nyinaa, Yehowa bɛma wo nsa aka. Dɛn na wobɛpɛ sɛ wusua ho ade kɔ akyiri? Abɔde mu nyansahu? Nnwom? Anaa wobɛpɛ sɛ wusua sɛnea yɛdrɔdrɔ mfoni? Ɛnyɛ dɛn ara a yebehia ebinom a wɔbɛyɛ adan ho plan, ne wɔn a wɔwɔ adansi ne kuayɛ ho nimdeɛ. Afei nso, yebehia wɔn a wɔbɛyɛ aduan, wɔn a wɔbɛyɛ nnwinnade a yɛde bɛyɛ adwuma, ne wɔn a wɔbeduadua nhwiren ne afifide na wɔahwɛ ama asaase no so ayɛ kama, ne nea ɛkeka ho. (Yes. 35:1; 65:21) Saa bere no worenwu da, enti biribiara a wode besi w’ani so sɛ wubesua no, wubenya bere de asua.

12 Wɔn a wɔbenyan wɔn ama wɔasan abɛtena asaase so bio no, yɛde anigye bɛma wɔn akwaaba! (Aso. 24:15) Afei nso, nneɛma bebree a Yehowa abɔ no, sɛ wunya hokwan hwɛ na ɛma wuhu no yiye a, w’ani begye sɛ! (Dw. 104:24; Yes. 11:9) Nea ɛsen ne nyinaa no, wubenya hokwan asom Yehowa; worenyɛ bɔne na w’ahonim abu wo fɔ. Nhyira a daakye yebenya yi, wode bɛto nkyɛn na woakɔpɛ “bɔne mu anigye bere tiaa bi”? (Heb. 11:25) Yennye nni sɛ wobɛyɛ saa! Biribiara a yɛde bɛbɔ afɔre ama yɛn nsa aka saa nhyira yi, ɛsɛ sɛ yɛde bɔ afɔre. Kae sɛ, ɛnkyɛ-nkyɛ wɔ n’afe, enti ɔkwan biara so, bere bɛso ama asaase adan Paradise. Sɛ ɛnyɛ ɔdɔ a Yehowa dɔ yɛn paa a enti ɔde ne Ba no yɛɛ akyɛde maa yɛn no a, anka ɛbɛyɛ dɛn na wei nyinaa atumi ayɛ yiye?

Nhyira a yebenya no Paradise no, emu nea ɛwɔ he na worehwɛ kwan paa? (Hwɛ nkyekyɛm 11-12)


MA YEHOWA NHU SƐ W’ANI SƆ NE DƆ

13. Ɔdɔ a Yehowa dɔ yɛn no, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ? (2 Korintofo 6:1)

13 Nhyehyɛe a Yehowa yɛ maa ne ba no bewu gyee yɛn no, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ ho anisɔ? Ɛne sɛ yɛbɛma ne som ho ahia yɛn asen biribiara wɔ yɛn asetenam. (Mat. 6:33) Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Yesu bewui “sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔte ase no rentena ase mma wɔn ho bio, na mmom wɔbɛtena ase ama nea owu maa wɔn na wonyan no no.” (2 Kor. 5:15) Enti yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribiara ama adom a Yehowa de adom yɛn no ayɛ kwa.—Kenkan 2 Korintofo 6:1.

14. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yegye Yehowa akwankyerɛ tom?

14 Ade foforo nso a yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yehowa dɔ ne sɛ, yebegye n’akwankyerɛ atom. Yɛbɛyɛ no sɛn? Sɛ yɛpɛ sɛ yesi gyinae bi te sɛ baabi a yɛbɛkɔ sukuu akodu anaa adwuma a yɛbɛyɛ a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Yehowa adwene ansa. (1 Kor. 10:31; 2 Kor. 5:7) Sɛ yesisi gyinae a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu gyidi a, ɛma yɛn gyidi yɛ den, na ɛma yɛbɛn no paa. Afei nso ɛma awerɛhyem a yɛwɔ sɛ yɛn anidaso no bɛbam no yɛ kɛse.—Rom. 5:​3-5; Yak. 2:​21, 22.

15. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ Yehowa dɔ ho anisɔ wɔ Nkaedi bere yi mu?

15 Ɔkwan foforo bi nso wɔ hɔ a yebetumi afa so akyerɛ Yehowa dɔ ho anisɔ. Ɛne sɛ Nkaedi bere yi, yɛbɛyere yɛn ho ama Yehowa ahu sɛ yɛn ani sɔ agyede no paa. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma yɛatumi akɔ Nkaedi no bi. Ɛno da nkyɛn a, ɛsɛ sɛ yɛto nsa frɛ afoforo nso ma wɔba bi. (1 Tim. 2:4) Sɛ woto nsa frɛ obi sɛ ɔmmra Nkaedi no bi a, ma onhu nea ɛbɛkɔ so wɔ hɔ. Video a yɛato din Adɛn Nti Na Yesu Wui? ne Kae Yesu Wu No a ɛwɔ jw.org so no, sɛ wuyi kyerɛ wɔn a, ɛbɛboa paa. Wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no, ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo yɛ nhyehyɛe kɔto nsa frɛ wɔn. Sɛ Yehowa guan bi a wayera san bɛka ne nguankuw ho a, anigye a ɛba ɔsoro ne asaase so de, yɛnka! (Luka 15:​4-7) Sɛ yɛkɔ Nkaedi no a, yɛmmɔ mmɔden nkyia obiara, ɛnkanka wɔn a wɔyɛ foforo, ne wɔn a wɔbaa Nkaedi no bi akyɛ no. Yɛpɛ sɛ yɛma wɔn ani ka!—Rom. 12:13.

16. Edu Nkaedi bere a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii wɔ yɛn som adwuma mu?

16 Ɔkwan pa a yebetumi afa so akyerɛ Onyankopɔn ne Kristo sɛ yɛn ani sɔ nea wɔayɛ ama yɛn ne sɛ yɛbɛyɛ pii wɔ yɛn som adwuma mu. Edu Nkaedi bere a, wubetumi ayɛ pii wɔ wo som adwuma mu anaa? Sɛ yɛyere yɛn ho wɔ Yehowa som mu a, ɛbɛma yɛahu sɛ ɔtaa yɛn akyi, na ɛno bɛma ahotoso a yɛwɔ wɔ ne mu no ayɛ kɛse. (1 Kor. 3:9) Nkaedi Bible akenkan a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa nhomawa no mu no, bɔ mmɔden di akyi. Wopɛ nso a, nsɛm a wɔahyehyɛ a ɛwɔ Adesua Nhoma no mu no, fa ɛno yɛ adwuma. Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ hɔ no, wubetumi mpo ayɛ ebi mu nhwehwɛmu akɔ akyiri bere a woreyɛ wo kokoam adesua.

17. Dɛn na Yehowa hu a n’ani gye? (Adaka a yɛato din “ Sɛnea Yɛbɛkyerɛ Yehowa Dɔ No Ho Anisɔ” no, hwɛ ɛno nso.)

17 Ɛwom, ɛnyɛ nea yɛaka ho asɛm wɔ adesua yi mu nyinaa na ebia wubetumi de ayɛ adwuma. Nanso kae sɛ Yehowa mfa nea wutumi yɛ wɔ ne som mu no ntoto nea wo nuanom tumi yɛ ho. Mmom, ɔhwɛ komam. Enti sɛ ohu sɛ wufi wo koma nyinaa mu reyɛ biribi de akyerɛ sɛ, agyede a ɛsom bo no, w’ani sɔ a, ɛma n’ani gye paa.—1 Sam. 16:7; Mar. 12:​41-44.

18. Dɛn na Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ayɛ ama yɛn a yɛn ani sɔ?

18 Yɛn bɔne a Yehowa de kyɛ yɛn, adamfofa a yɛne no wɔ, ne daa nkwa anidaso a yɛwɔ no, ne nyinaa agyede no nti na atumi ayɛ yiye. Ɔdɔ a Yehowa dɔ yɛn nti na ɔde nhyira wei nyinaa ama yɛn, enti momma yɛnkɔ so nkyerɛ ho anisɔ bere nyinaa. (1 Yoh. 4:19) Yesu nso dɔ yɛn paa, ɛno nti na ɔbaa asaase so bewu maa yɛn. Ne saa nti, ɛfata paa sɛ ɔno nso, yɛkyerɛ nea ɔyɛe no ho anisɔ.—Yoh. 15:13.

DWOM 154 Nokware Dɔ

a Yehowa asomfo a wɔtenaa ase ansa na Yesu reba no mpo, Yehowa de wɔn bɔne kyɛɛ wɔn ansa na Kristo retua agyede no. Nea ɛmaa Yehowa yɛɛ saa ne sɛ, na ogye di sɛ ɔkwan biara so ne Ba no bedi nokware akosi owu mu. Enti Onyankopɔn ani so no, na ɛte sɛ nea watua agyede no ara ne sa.—Rom. 3:25.