Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 2

DWOM 132 Yɛayɛ Baako

Okununom, Munni Mo Yerenom Ni

Okununom, Munni Mo Yerenom Ni

“Okununom, . . . munni mmea no ni.”1 PET. 3:7.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Sɛnea okunu betumi de n’anom kasa ne ne nneyɛe akyerɛ sɛ odi ne yere ni.

1. Nea enti a Yehowa hyehyɛɛ aware no, baako ne sɛn?

 YEHOWA yɛ “anigye Nyankopɔn,” na ɔpɛ sɛ yɛn nso yɛn ani gye. (1 Tim. 1:11) Wakyɛ yɛn nneɛma pii a ɛma yɛn ani gye wɔ asetenam. (Yak. 1:17) Emu baako ne aware. Sɛ ɔbea ne ɔbarima reware a, wɔn mu biara hyɛ ne yɔnko bɔ sɛ, ɔbɛdɔ no, obebu no, na wama n’ani aku ne ho. Sɛ awarefo no bɔ mmɔden sɛ wɔremma mframa mfa wɔn ntam a, ɛma wɔn ani gye paa.—Mmeb. 5:18.

2. Ɛnnɛ, aware bebree te sɛn?

2 Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnnɛ, awarefo bebree wɔ hɔ a, ɛbɔ a wɔhyɛe bere a wɔreware no, wɔn werɛ afi. Wei nti, wɔnni anigye. Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no de amanneɛbɔ bi too gua nnansa yi ara. Wɔkaa sɛ, okununom bebree boro wɔn yerenom, wɔdidi wɔn atɛm anaa wɔteetee wɔn. Okununom a wɔyɛ saa no, wɔn mu bi wɔ hɔ a, sɛ wɔwɔ nnipa mu a, ebia sɛnea wɔyɛ wɔn ade no, anhwɛ a wobɛka sɛ wɔbu wɔn yerenom ara ma, nanso sɛ wɔwɔ fie a wɔdi wɔn yerenom ani paa. Okununom pii nso hwɛ ponografi, enti ama wɔn aware agyigya.

3. Dɛn na etumi ma okunu bi teetee ne yere?

3 Dɛn na etumi ma okunu bi teetee ne yere? Ebia na ne papa tumi boro ne maame, enti ɛyɛ no sɛ, sɛ ɔno nso boro ne yere a ɛnyɛ hwee. Ebinom nso wɔ hɔ a, wɔn amammerɛ adi wɔn ti. Ebia wɔn amammerɛ mu no, “barima” ne nea otumi kyerɛ ne yere sɛ ɔno ne “agyeman” wɔ fie hɔ. Mmarima binom nso wɔ hɔ a, sɛ wɔn bo fuw a, wɔnnim sɛnea wɔbɛhyɛ wɔn ho so, efisɛ wɔantete wɔn saa. Mmarima bi nso, esiane ponografi a daa wɔhwɛ nti, wɔanya mmea ne nna ho adwene a ɛntene. Afei nso, amanneɛbɔ kyerɛ sɛ COVID-19 nsanyare no ho nsunsuanso ama ɔhaw a ɛtete saa no ayɛ kɛse. Nanso, ɛnsɛ sɛ okunu gyina saa nneɛma yi bi so teetee ne yere.

4. Dɛn na ɛsɛ sɛ okununom yɛ ahwɛyiye wɔ ho, na adɛn ntia?

4 Ɛsɛ sɛ okununom hwɛ yiye na wɔannya mmea ho adwene a ɛmfata. a Adɛn ntia? Ade baako ne sɛ, mpɛn pii no, adwene a obi kura no, ɛno na ɛkyerɛ no nea ɔbɛyɛ. Kristofo a wɔasra wɔn a na wɔte Roma no, ɔsomafo Paul bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, ‘wɔnnyae sɛ wɔma wiase yi kyerɛ wɔn kwan.’ (Rom. 12:​1, 2) Bere a Paul kyerɛw saa krataa no kɔmaa Romafo no, ɛda adi sɛ na wɔtew asafo no akyɛ kakra. Nanso Paul nsɛm no ma yehu sɛ, na asafo no mufo bi ama amammerɛ ne wiase adwene anya wɔn so nkɛntɛnso. Ɛno nti, otuu wɔn fo sɛ wɔnsesa wɔn adwene ne wɔn suban. Ɛnnɛ nso, ɛsɛ sɛ okununom de saa afotu no yɛ adwuma. Awerɛhosɛm ne sɛ, okununom binom ama wiase adwene anya wɔn so tumi ma enti wɔdi wɔn yerenom ani paa. b Sɛn na Yehowa pɛ sɛ okununom ne wɔn yerenom tena? Kyerɛwsɛm a adesua yi gyina so no ma yenya mmuae no.

5. Sɛnea 1 Petro 3:7 kyerɛ no, sɛn na ɛsɛ sɛ okunu ne ne yere tena?

5 Kenkan 1 Petro 3:7. Yehowa ahyɛ sɛ okununom nni wɔn yerenom ni. Sɛ yebu obi a, yebedi no ni. Okunu a odi ne yere ni no, ɔne no bedi no ɔdɔ so na wayɛ no brɛbrɛ. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea okunu betumi ayɛ de akyerɛ sɛ odi ne yere ni. Nanso, momma yenni kan nhwɛ nea okunu yɛ a ɛkyerɛ sɛ onni ne yere ni.

NNEYƐE BIARA A EBEBU WO YERE ANIMTIAA NO, TWE WO HO FI HO

6. Sɛ ɔbarima bi boro ne yere a, sɛn na Yehowa te nka wɔ ho? (Kolosefo 3:19)

6 Ɛnsɛ sɛ okunu boro ne yere. Yehowa kyi obiara a ɔpɛ ntɔkwaw. (Dw. 11:5) Ɔmpɛ koraa sɛ okunu bi bɛboro ne yere. (Mal. 2:16; kenkan Kolosefo 3:19.) Sɛnea kyerɛwsɛm a adesua yi gyina so no kyerɛ no, sɛ okunu bi teetee ne yere a, ɔne Onyankopɔn ntam bɛsɛe. Ne mpaebɔ mpo, anhwɛ a Yehowa rentie.

7. Sɛnea Efesofo 4:​31, 32 kyerɛ no, sɛ okunu rekasa akyerɛ ne yere a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔkwati? (Hwɛ “Asɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu” no nso.)

7 Ɛnsɛ sɛ okunu kekaw mu gu ne yere so anaa odidi no atɛm. Okununom bi wɔ hɔ a, wɔkasa abufuw so kyerɛ wɔn yerenom, na wɔdidi wɔn atɛm. Nanso, Yehowa kyi ‘abufuw, koko bɔne, nkekawmu, ne abususɛm.’ c (Kenkan Efesofo 4:​31, 32.) Nea okunu bɛka akyerɛ ne yere biara, Yehowa te. Sɛnea okunu bɛkasa akyerɛ ne yere wɔ kokoam mpo, ɛho hia Yehowa. Sɛ okunu kasa abufuw so kyerɛ ne yere a, ɛsɛe n’aware. Nanso ɛnyɛ ɛno nko, ɛsan sɛe ɔne Onyankopɔn ntam.—Yak. 1:26.

8. Yehowa bu ponografi sɛn, na adɛn ntia?

8 Ɛnsɛ sɛ okunu hwɛ ponografi. Yehowa bu ponografi sɛn? Okyi. Enti sɛ okunu bi hwɛ ponografi a, ɛsɛe ɔne Yehowa ayɔnkofa. Afei ɔyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ɔmfa ne yere nyɛ hwee. d Yehowa mpɛ sɛ okununom befi wɔn yerenom akyi. Enti adwene mu oo, nneyɛe mu oo, ɛnsɛ sɛ wɔsosɔ biribi a ɛte saa so. Yesu kaa sɛ, sɛ ɔbarima kɔ so hwɛ ɔbea nya akɔnnɔ ma no a, na wasɛe aware dedaw wɔ “ne koma mu.” eMat. 5:​28, 29.

9. Sɛ okunu hyɛ ne yere ne no da wɔ ɔkwan bi a ɔbea no mpɛ so a, adɛn nti na Yehowa kyi?

9 Ɛnsɛ sɛ okunu hyɛ ne yere ne no da wɔ ɔkwan bi a ɔbea no mpɛ so. Mmarima binom hyɛ wɔn yerenom ne wɔn da wɔ ɔkwan bi so a wɔn yerenom ani nnye ho koraa. Ɛba saa a, ɛma wɔn yerenom ahonim tumi haw wɔn, anaa wɔte nka sɛ wɔn kununom nnɔ wɔn. Pɛsɛmenkominya ne subammɔne a ɛte saa no, Yehowa kyi. Yehowa pɛ sɛ okunu dɔ ne yere, na ɔkyerɛ sɛ ɔsom bo ma no. Afei nso, ɔmpɛ sɛ okunu de sɛnea ne yere te nka no di agorɔ. (Efe. 5:​28, 29) Yɛrekasa yi, suban ahorow a ɛmfata a yɛaka ho asɛm wɔ adesua yi mu no, sɛ okunu bi da bi adi a, ɔbɛyɛ dɛn asesa?

SƐNEA OKUNU BI BETUMI AGYAE SUBAN A ƐMFATA

10. Okununom bɛyɛ dɛn asuasua Yesu nhwɛso no?

10 Sɛ ɔbarima bi boro ne yere, odidi no atɛm anaa ɔyɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ ommu ne yere anaa ɔmfa no nyɛ hwee a, dɛn na ebetumi aboa no ama wagyae? Obetumi ayere ne ho asuasua Yesu. Ɛwom sɛ Yesu anware da, nanso sɛnea ɔne n’asuafo no dii no, ɛyɛ nhwɛso a okununom betumi asuasua. Wei bɛboa wɔn ama wɔahu sɛnea wɔne wɔn yerenom bɛtena. (Efe. 5:25) Wo de, sɛnea Yesu ne n’asomafo no dii ne sɛnea ɔne wɔn kasae no, yɛnhwɛ nea okununom betumi asua afi mu.

11. Sɛn na Yesu ne n’asomafo no dii?

11 Yesu yɛɛ n’asomafo no brɛbrɛ na odii wɔn ni. Wanteatea wɔn anaa wanhyɛ wɔn so da. Ɛwom sɛ na ɔwɔ tumi koraa sen wɔn, nanso wamfa saa tumi no anhyɛ wɔn so. Mmom, ɔbrɛɛ ne ho ase som wɔn. (Yoh. 13:​12-17) Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Munsua me, efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu, na mubenya ɔhome.” (Mat. 11:​28-30) Hyɛ no nsow sɛ na Yesu dwo. Sɛ obi dwo a, ɛnkyerɛ sɛ ɔyɛ mmerɛw. Mmom nea ɛkyerɛ ne sɛ, otumi hyɛ ne ho so. Sɛ obi gyigye no a, otumi hyɛ n’abufuw so.

12. Sɛn na Yesu ne afoforo kasae?

12 Yesu de n’anom nsɛm kyekyee afoforo werɛ, na ɛmaa wɔn ho dwoo wɔn. Wanteatea n’akyidifo no. (Luka 8:​47, 48) Bere a atamfo hyɛɛ no abufuw na wɔyeyaw no mpo, “wanyeyaw wɔn bi.” (1 Pet. 2:​21-23) Ɛtɔ da a, sɛ atamfo keka nsɛm gu no so a, sɛ anka ɔbɛteatea wɔn no, na ommua wɔn. (Mat. 27:​12-14) Wei yɛ nhwɛso pa paa a ɛsɛ sɛ okununom suasua!

13. Sɛnea Mateo 19:​4-6 kyerɛ no, dɛn na okunu betumi ayɛ de akyerɛ sɛ ‘ɔbata ne yere ho’? (Hwɛ mfoni no nso.)

13 Yesu ka kyerɛɛ okununom sɛ wɔnni wɔn yerenom nokware. Asɛm a n’Agya kaa sɛ, ɛsɛ sɛ okunu ‘bata ne yere ho’ no, ɔno nso fa kae. (Kenkan Mateo 19:​4-6.) Greek adeyɛ asɛm a wɔkyerɛɛ ase ‘bata ho’ wɔ saa kyerɛwsɛm no mu no, nea ɛkyerɛ paa ne sɛ, “wode gluu” bɛfa ade mmienu bi ntam na woaka abom. Wei ma yehu sɛ ayɔnkofa a ɛda okunu ne ɔyere ntam no, ɛsɛ sɛ emu yɛ den te sɛ nea wɔde gluu aka wɔn abom. Enti sɛ wɔn mu baako yɛ biribi a ebetumi asɛe aware no a, wɔn baanu nyinaa behu amane. Okunu a ɔbata ne yere ho denneennen no, ɔrenhwɛ ponografi da. Sɛ n’ani bɔ biribi saa so a, ntɛm ara obeyi n’ani; ‘ɔremfa n’aniwa nhwɛ ahuhude.’ (Dw. 119:37) Nokwasɛm ne sɛ, ɔne n’ani bɛyɛ apam sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenhwɛ ɔbea foforo biara hwɛ bɔne.—Hiob 31:1.

Okunu a odi ne yere nokware no renhwɛ ponografi (Hwɛ nkyekyɛm 13) g


14. Sɛ okunu bi boro ne yere, odidi no atɛm anaa ɔteetee no a, anammɔn ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ otu de siesie ɔne Yehowa ne ne yere ntam?

14 Sɛ okunu bi boro ne yere anaa odidi no atɛm a, ɛsɛ sɛ otu anammɔn ahorow bi de siesie ɔne Yehowa ne ne yere ntam. Anammɔn ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ otu? Nea edi kan, ɛsɛ sɛ ogye tom sɛ ne haw sõ paa, efisɛ nea ɔreyɛ biara Yehowa ani tua. (Dw. 44:21; Ɔsɛnk. 12:14; Heb. 4:13) Nea ɛtɔ so mmienu, ne yere a ɔboro no anaa ɔteetee no no, ɛsɛ sɛ ogyae na ɔsesa ne suban. (Mmeb. 28:13) Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, ɛsɛ sɛ ɔpa ne yere kyɛw na ɔsrɛ Yehowa nso sɛ ɔmfa ne bɔne nkyɛ no. (Aso. 3:19) Afei nso, ɛsɛ sɛ ɔsrɛ Yehowa sɛ ɔmma no ɔpɛ a ɔde bɛyɛ nsakrae. Bio nso, ɛsɛ sɛ ɔsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no mma ne nsusuwii, ne kasa ne ne nneyɛe nsɔ n’ani. (Dw. 51:​10-12; 2 Kor. 10:5; Filip. 2:13) Nea ɛtɔ so nnan, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne mpaebɔ no ho adwuma, kyerɛ sɛ, ntɔkwaw oo, atɛnnidi oo, ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho koraa fi ho. (Dw. 97:10) Nea ɛtɔ so nnum, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ mmoa fi asafo mu mpanyimfo hɔ ntɛm pa ara. (Yak. 5:​14-16) Nea ɛtɔ so nsia, ɛsɛ sɛ ɔyɛ nhyehyɛe a ɛbɛboa no na wansan ankɔ subammɔne a ɛte saa ho bio. Sɛ okunu bi hwɛ ponografi a, ɛsɛ sɛ otutu saa anammɔn koro yi ara. Sɛ ɔyɛ saa a, Yehowa bɛboa no ama wasesa. (Dw. 37:5) Nanso sɛ okunu bi gyae subammɔne a, na onwiei. Ehia sɛ osua sɛnea obedi ne yere ni. Ɔbɛyɛ no sɛn?

SƐNEA WUBEDI WO YERE NI

15. Dɛn na okunu betumi ayɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ ne yere?

15 Kyerɛ sɛ wodɔ wo yere. Okununom a anigye wɔ wɔn aware mu no, wɔn mu bi wɔ hɔ a, da biara wɔyɛ biribi de kyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn yerenom paa. (1 Yoh. 3:18) Okunu betumi ayɛ nneɛma nketenkete bi de akyerɛ sɛ ɔdɔ ne yere; ebi ne sɛ obeso ne nsa anaa ɔbɛbam no. Obetumi asɛnde no tɛs mɛsegye na waka akyerɛ no sɛ, “Mafe wo paa” anaa obetumi abisa no sɛ, “Ɛrekɔ sɛn?” Ɛwom ara a, obetumi akyerɛw nsɛmdɛ bi agu kaad so de ama no de akyerɛ sɛ ɔdɔ no paa. Sɛ okunu bi yɛ saa nneɛma yi a, ɛkyerɛ sɛ odi ne yere ni, na ɛma wɔn aware no sɔ.

16. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ okunu kamfo ne yere?

16 Kamfo wo yere. Okunu a odi ne yere ni no, ɔma ne yere hu sɛ ɔsom bo ma no, na ɔhyɛ no nkuran. Ɔkwan baako a ɔbɛfa so ayɛ saa ne sɛ, biribiara a ne yere yɛ de boa no no, ɔbɛkae na wakyerɛ ho anisɔ. (Kol. 3:15) Sɛ okunu fi ne komam kamfo ne yere a, ɛma ne yere ani gye. Ɛma ohu sɛ ne kunu dɔ no, odi no ni, na ɛma ne koma tɔ ne yam.—Mmeb. 31:28.

17. Dɛn na okunu betumi ayɛ de akyerɛ sɛ obu ne yere?

17 Yɛ wo yere brɛbrɛ na da obu adi kyerɛ no. Okunu a ɔdɔ ne yere no, onsi no fam, na ɔma ohu sɛ ɔyɛ ne koma mu hemmaa. Obu no sɛ aboɔdenbo bi a Yehowa de ama no. (Mmeb. 18:22; 31:10) Wei nti, ɔyɛ no brɛbrɛ na ɔda obu adi kyerɛ no; nna mu nkitahodi nso, ɔyɛ no brɛbrɛ saa ara, na ɔda obu adi kyerɛ no. Ɔrenhyɛ ne yere ne no nna wɔ ɔkwan bi so a ne yere ani nnye ho, ɛbɛhaw n’ahonim, anaa ɛbɛma wate nka sɛ wabu no animtiaa. f Ɛsɛ sɛ okunu no ara nso yere ne ho na wanyɛ biribiara a ɛbɛma n’ahonim ahaw no.—Aso. 24:16.

18. Dɛn na ɛsɛ sɛ okununom si wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ? (Adaka a yɛato din, “ Akwan Nnan a Okunu Bɛfa So Akyerɛ Sɛ Obu Ne Yere” no, hwɛ ɛno nso.)

18 Okununom, mmɔden a morebɔ sɛ mubedi mo yerenom ni wɔ biribiara mu no, munnya awerɛhyem sɛ Yehowa hu na n’ani sɔ. Munsi mo bo sɛ mobɛkwati subammɔne biara, mobɛyɛ mo yerenom brɛbrɛ, mobɛda obu adi akyerɛ wɔn, na moakyerɛ sɛ modɔ wɔn. Moyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ moredi wɔn ni. Ɛbɛma wɔahu sɛ, wɔsom bo ma mo. Munni mo yerenom ni, na ɛbɛma mo ne Yehowa ayɔnkofa mu ayɛ den paa.—Dw. 25:14.

DWOM 131 “Nea Onyankopɔn Aka Abom”

a Asɛm a yɛato din “Sɛnea Yehowa Bu Mmea No, Saa Ara Na Wo Nso Wubu Wɔn Anaa?” a ɛwɔ January 2024 Ɔwɛn-Aban mu no, sɛ okununom kenkan a, ɛbɛboa wɔn paa.

b Asɛm a yɛato din “Help for Victims of Domestic Abuse” a ɛwɔ nsɛm a ɛba toatoa so a yɛato din “More Topics” afã hɔ no, sɛ wɔn a wɔboro wɔn anaa wɔteetee wɔn no kenkan a, ebetumi aboa wɔn. Ɛwɔ jw.org ne JW Library®.

c ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Sɛ Bible ka “abususɛm” a, nea edidi so yi nyinaa ka ho: atɛnnidi, kasatia, ne animtwiw. Afei nso, asɛm biara a okunu bɛka akyerɛ ne yere a ɛbɛbrɛ no ase anaa ɛbɛkyerɛ sɛ ommu no, anaa ɔmfa no nyɛ hwee no, ɛno nso yɛ abususɛm.

d Hwɛ asɛm a ɛwɔ jw.org ne JW Library a yɛato din “Ponografi Betumi Ama W’aware Atetew Apansam” no.

e Asɛm a yɛato din “Sɛ Wo Kunu Anaa Wo Yere Hwɛ Ponografi a, Dɛn Na Wubetumi Ayɛ?” no, ebetumi aboa ɔbea bi a ne kunu hwɛ ponografi. Ɛwɔ August 2023 Ɔwɛn-Aban no mu.

f Nna mu nkitahodi a ɛkɔ so wɔ okunu ne ɔyere ntam no, Bible nkyerɛ nea ɛfata ne nea ɛmfata. Awarefo no ara na ɛsɛ sɛ esi wei ho gyinae, nanso ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛ nea wɔbɛyɛ no bɛhyɛ Yehowa anuonyam, ɛrenhaw wɔn ahonim, na wɔn mu biara ani gye ho. Mpɛn pii no, ɔkwan a awarefo fa so nya nna mu nkitahodi no, wɔne afoforo nni ho nkɔmmɔ.

g MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi adwumamfo rehwɛ ponografi wɔ nhoma bi mu, na wɔpɛ sɛ ɔhwɛ bi.