Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA HO NYANSAHYƐ

Sɛ Yɛdrɔdrɔ Nneɛma a Yesua a, Ɛboa Yɛn Ma Yɛkae

Sɛ Yɛdrɔdrɔ Nneɛma a Yesua a, Ɛboa Yɛn Ma Yɛkae

Yɛn mu pii wɔ hɔ a, yesua biribi a, ɛyɛ den sɛ yɛbɛkae. Nanso ebia woahyɛ no nsow sɛ mfatoho ahorow a Yesu mae no de, ɛnyɛ den sɛ yɛbɛkae. Yetumi twa ho mfoni wɔ yɛn adwenem, na ɛno boa yɛn ma yɛkae. Wo nso, sɛ wobɔ mmɔden twa nea wusua no ho mfoni wɔ w’adwene mu a, ɛbɛboa wo ma woakae. Wobɛyɛ dɛn ayɛ saa? Ɛne sɛ nea woretwa ho mfoni wɔ w’adwene mu no, wobɛdrɔdrɔ.

Wɔn a wɔdrɔdrɔ nneɛma foforo a wɔsua no, mpɛn pii no wɔtaa kae no yiye. Sɛ wɔdrɔdrɔ nneɛma a wɔasua no a, ɛnyɛ nsɛmfua no nko ara na ɛboa wɔn ma wɔkae, na mmom ɛboa ma wɔkae nsɛntitiriw a ɛwom no nso. Mfoni a wɔdrɔdrɔ no nyɛ nea ɛboro so biara. Ɛda adi sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no, wɔn na wɔdrɔdrɔ nneɛma saa a ɛboa wɔn paa.

Bere foforo a wubesua ade no, wubetumi adrɔ nea woasua no ho mfoni. Woyɛ saa a, nea wobɛkae no, wo koraa ɛbɛyɛ wo nwanwa!