Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 3

DWOM 35 “Monhwehwɛ Nneɛma a Ehia No”

Sisi Gyinae a Ɛbɛsɔ Yehowa Ani

Sisi Gyinae a Ɛbɛsɔ Yehowa Ani

“Yehowa suro ne nyansa mfiase, na Ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne ntease.”MMEB. 9:10.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Sɛnea nimdeɛ, ntease, ne nhumu bɛboa yɛn ama yɛasisi gyinae pa.

1. Dɛn na ɛyɛ den ma yɛn mu biara sɛ yɛbɛyɛ?

 DA BIARA ehia sɛ yesisi gyinae. Gyinae no bi wɔ hɔ a, ɛnyɛ den sɛ yebesi. Aduan a ebia yebedi no anɔpa anaa bere a ɛsɛ sɛ yɛda sei, ɛho gyinaesi nhyɛ da nyɛ den. Nanso gyinaesi no bi wɔ hɔ a, ɛnna fam. Ebetumi aka yɛn akwahosan, yɛn anigye, yɛn adɔfo, anaa yɛn som. Gyinae a yesisi no, yɛpɛ sɛ ɛboa yɛne yɛn abusua nyinaa. Nanso nea ɛsen ne nyinaa no, yɛpɛ sɛ gyinae a yesisi no sɔ Yehowa ani.—Rom. 12:​1, 2.

2. Dɛn na woyɛ a ɛbɛboa wo ama woasisi gyinae pa?

2 Sɛ wopɛ sɛ wusi gyinae pa a, (1) hu nea wopɛ sɛ woyɛ no nyinaa ani so, (2) hwehwɛ Yehowa adwene, (3) kari gyinae a wopɛ sɛ wusi no, na hwɛ nea wusi a ɛbɛboa wo paa. Adesua yi mu no, yebesusuw nneɛma mmiɛnsa yi ho. Afei nso, adesua yi bɛboa yɛn ama yɛahu sɛnea yebenya nhumu.—Mmeb. 2:11.

HU NEA WOPƐ SƐ WOYƐ NO NYINAA ANI SO

3. Sɛ woresi gyinae bi a, nea enti a ehia sɛ wuhu nea wopɛ sɛ woyɛ no nyinaa ani so no, fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu.

3 Sɛ wopɛ sɛ wusi gyinae pa a, anammɔn a edi kan a ehia sɛ wutu ne sɛ wubehu nea wopɛ sɛ woyɛ no nyinaa ani so. Adɛn nti na ɛho hia sɛ woyɛ saa? Fa no sɛ obi yare denneennen na wakohu dɔkta. Wohwɛ a dɔkta no renyɛ nhwehwɛmu kakra mmisabisa no nsɛm ansa na wama no aduru? Yegye di sɛ saa na ɔbɛyɛ. Wo nso, sɛ wopɛ sɛ wusi gyinae bi na wudi kan hu nea wopɛ sɛ woyɛ no nyinaa ani so a, ɛbɛma woasi gyinae pa. Wobɛyɛ dɛn ayɛ saa?

4. Sɛnea Mmebusɛm 18:13 kyerɛ no, wobɛyɛ dɛn ahu nea wopɛ sɛ woyɛ no nyinaa ani so? (Hwɛ mfoni no nso.)

4 Wubetumi abisabisa nsɛm bi de ahu nea wopɛ sɛ wusi ho gyinae no nyinaa ani so. Fa no sɛ obi ato nsa afrɛ wo sɛ bra apontow bi ase. Wobɛkɔ anaa worenkɔ? Sɛ wunnim nea ɔreto pon no anaa apontow no ho nhyehyɛe a, ɛsɛ sɛ wubisa nea ɔreto nsa afrɛ wo no nsɛm bi te sɛ nea edidi so yi: “Bere bɛn na wɔbefi apontow no ase, na wɔbɛyɛ wɔ he? Nnipa dodow sɛn na ɛbɛba bi? Hena na ɛbɛhwɛ so? Henanom saa na ɛbɛba bi? Dwumadi bɛn na ɛbɛkɔ so wɔ apontow no ase? Wɔde nsã a ɛbow bɛba ase anaa?” Saa nsɛmmisa yi ho mmuae bɛboa wo ma woasi gyinae pa.—Kenkan Mmebusɛm 18:13.

Bisa wo ho nsɛm fa hu nea wopɛ sɛ woyɛ no nyinaa ani so (Hwɛ nkyekyɛm 4) a


5. Sɛ wuhu asɛm no nyinaa ani so wie a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

5 Afei a woahu asɛm no nyinaa ani so no, to wo bo ase dwen nea wobɛyɛ no ho yiye. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, fa no sɛ woanya no ntee sɛ ebinom a wɔmfa Bible afotu mmɔ wɔn bra nso bɛba bi, anaa mmosã a ɛbɛba ase no, obiara betumi anom dodow a ɔpɛ. Wunhu sɛ apontow a ɛte saa betumi adan apontow a ase yɛ gyegyeegye? (1 Pet. 4:3) Na sɛ bere a wɔde bɛyɛ no ne bere a wode bɛkɔ adesua anaa asɛnka kɔbɔ so nso ɛ, dɛn na wobɛyɛ? Bere a woadwen wei nyinaa ho awie ahu tebea no ani so no, ɛbɛma woatumi asi gyinae pa. Nanso anammɔn foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wutu. Ɛwom sɛ wo de, woahu tebea no nyinaa ani so, na Yehowa nso ɛ, ohu no sɛn?—Mmeb. 2:6.

HWEHWƐ YEHOWA ADWENE

6. Sɛnea Yakobo 1:5 kyerɛ no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ Yehowa mmoa?

6 Srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na hu n’adwene wɔ asɛm no ho. Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ, sɛ yebisa no a, ɔbɛma yɛn nyansa a ɛbɛma yɛahu sɛ anammɔn bi a yɛpɛ sɛ yetu no bɛsɔ n’ani anaa ɛrensɔ n’ani. “Oyi ne yam” de saa nyansa no ma “nnipa nyinaa a animtiaabu biara nnim.”—Kenkan Yakobo 1:5.

7. Sɛnea wubenya Yehowa adwene no, fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu.

7 Sɛ wobɔ Yehowa mpae wie a, fa w’ani to fam hwɛ mmuae a ɔde bɛma wo. Yɛnhwɛ mfatoho yi: Sɛ worekɔ baabi na woyera a, ebia wubebisa obi a ɔte mpɔtam hɔ na wakyerɛ wo kwan. Nanso sɛ wubisa no wie a, wubetu atene a worentwɛn nnye mmuae biara? Yenim sɛ worenyɛ saa. Mmom wobɛto wo bo ase atie akwankyerɛ a ɔde bɛma wo no. Wo nso, sɛ wubisa Yehowa sɛ ɔmma wo nyansa a, bɔ mmɔden hwehwɛ Bible mmara ne nnyinasosɛm a ɛfa w’asɛm no ho. Woyɛ saa a, ɛbɛma woahu mmuae a Yehowa de rema wo. Apontow a yɛkaa ho asɛm no sei, sɛ woresi gyinae sɛ wobɛkɔ anaa worenkɔ a, wubetumi ahwɛ nea Bible ka fa nea edidi so yi ho: apontow a ase yɛ gyegyeegye, fekubɔne, ne Ahenni no a yɛde bedi kan.—Mat. 6:33; Rom. 13:13; 1 Kor. 15:33.

8. Sɛ wuhia mmoa na ama woahu nea worehwehwɛ no a, dɛn na wubetumi ayɛ? (Hwɛ mfoni no nso.)

8 Ne nyinaa mu no, ɛtɔ da a, ebia na wuhia mmoa na ama woahu nea worehwehwɛ no. Wubetumi ahwehwɛ afotu afi onua anaa onuawa bi a ne ho akokwaw hɔ. Nanso sɛ wo ara nso woyɛ wo nhwehwɛmu a, ɛbɛboa wo. Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu ne Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra no sei, afotusɛm ne nyansahyɛ pii wom a ɛbɛboa wo. Kae botae a esi w’ani so no: ɛne sɛ wubesi gyinae a ɛsɔ Yehowa ani.

Hwehwɛ Yehowa adwene (Hwɛ nkyekyɛm 8) b


9. Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ gyinae a yɛpɛ sɛ yesi no bɛsɔ Yehowa ani? (Efesofo 5:17)

9 Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ gyinae a yɛpɛ sɛ yesi no bɛsɔ Yehowa ani? Nea edi kan, ɛsɛ sɛ yehu Yehowa yiye. Bible ka sɛ, “Ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne ntease.” (Mmeb. 9:10) Sɛ yebenya ntease a ɛte saa a, gye sɛ yehu Yehowa su ahorow, n’atirimpɔw, ne nea ɔpɛ ne nea ɔmpɛ. Bisa wo ho sɛ, ‘Sɛnea minim Yehowa yi, gyinae bɛn na misi a ɛbɛsɔ n’ani?’—Kenkan Efesofo 5:17.

10. Bible nnyinasosɛm a yɛde bɛyɛ adwuma no, adɛn nti na ɛho hia koraa sen yɛn amammerɛ a yebedi so?

10 Nea ɛbɛyɛ na yɛasɔ Yehowa ani no, ɛtɔ da a, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nea yɛn abusuafo ne yɛn nnamfo pɛ ma wɔn. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, awofo binom a wɔpɛ sɛ esi wɔn mma yiye no, ebia wɔbɛhyɛ wɔn babea denneennen sɛ ɔnware ɔbarima a ɔwɔ sika anaa obetumi atua ti ade kɛse. Nanso wobɛhwɛ mpo na ɔbarima no mmɔ ne ho mmɔden wɔ asafo no mu. Ɛnyɛ bɔne sɛ wɔpɛ sɛ wɔn babea no nya ɔbarima a ɔbɛhwɛ no yiye, nanso hena na ɔbɛboa no ma wasom Yehowa yiye? Sɛn na Yehowa nso hu asɛm no? Ɛho mmuae no wɔ Mateo 6:33. Bible ka wɔ hɔ sɛ Kristofo nkɔ so “nhwehwɛ Ahenni no . . . kan.” Ɛwom, yebu yɛn awofo ne nnipa a ɛte yɛn mpɔtam, nanso nea ehia yɛn paa ne sɛ yɛbɛma Yehowa ani agye.

KARI GYINAE A WOPƐ SƐ WUSI NO, NA HWƐ NEA WUSI A ƐBƐBOA WO PAA

11. Sɛ yɛpɛ sɛ yehu gyinae a yesi a ɛbɛboa yɛn paa a, sɛnea Filipifo 1:​9, 10 ka no, dɛn na ɛsɛ sɛ yenya?

11 Afei a woasusuw Bible nnyinasosɛm a ɛfa w’asɛm no ho awie no, ɛsɛ sɛ wohwɛ gyinae a wusi a ɛbɛboa wo paa. (Kenkan Filipifo 1:​9, 10.) Sɛ wunya nhumu anaa ntease a ɛkɔ akyiri a, ɛbɛboa wo ama woahu nea ebetumi afi gyinae a wubesi no mu aba. Ɛtɔ da a gyinaesi no nyɛ den. Nanso ɛnyɛ gyinaesi biara na ɛyɛ mmerɛw saa. Sɛ asɛm bi ho gyinaesi yɛ nwonworann mpo a, nhumu bɛboa wo ma woasi gyinae pa.

12-13. Sɛ worepɛ adwuma a, sɛn na nhumu bɛboa wo ama woasi gyinae pa?

12 Fa no sɛ worepɛ adwuma ayɛ de ahwɛ w’abusua. Woanya adwuma mmienu a ɛsɛ sɛ wuyi mu baako. Woahwɛ ne mmienu nyinaa ani so ahwɛ adwuma no ho nhyehyɛe, bere a wode bɛyɛ adwuma no, bere a wode bedi akɔneaba, ne nea ɛkeka ho. Adwuma no mu biara ntia Bible mmara, nso baako de, ebia wunyae a anka wopɛ efisɛ w’ani gye adwuma a wɔyɛ no ho anaa akatua no sõ. Nanso ansa na wubesi gyinae no, ɛsɛ sɛ wususuw nneɛma afoforo nso ho.

13 Wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘Adwuma no mu biara betwitware m’adesuakɔ mu anaa? Bere a mede bɛboa m’abusua ma wɔn ani agye na wɔasom Yehowa no, adwuma no mu biara bedidi akɔ saa bere no mu anaa? Sɛ wubisa wo ho nsɛm a ɛtete saa a, ɛbɛboa wo na woamfa adwuma ne sika anni kan, mmom wode “nneɛma a ehia paa no” na ebedi kan. Ɛno ne wo som ne w’abusua ahiade. Ɛba saa a, wubesi gyinae a ɛbɛsɔ Yehowa ani.

14. Sɛ yɛde nhumu yɛ adwuma na yɛda ɔdɔ adi a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa yɛn na yɛanto afoforo hintidua?

14 Sɛ yɛwɔ nhumu a, ɛno nso bɛboa yɛn ma yɛadwen sɛnea yɛn gyinaesi bɛka nkurɔfo no ho, na yɛanto “afoforo hintidua.” (Filip. 1:10) Sɛ yɛresisi gyinae wɔ nneɛma bi te sɛ ntaadehyɛ ne ahosiesie ho a, nea yɛreka yi ho hia paa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia na yɛpɛ sɛ yesiesie yɛn ho wɔ ɔkwan pɔtee bi so. Nanso sɛ yehu sɛ ɛbɛhaw asafo no mufo anaa wɔn a wɔnni asafo no mu nso ɛ, dɛn na yɛbɛyɛ? Nhumu bɛboa yɛn ama yɛate wɔn ase. Ɔdɔ bɛboa yɛn ma yɛadwen nea eye ma ‘yɛn yɔnko’ ho, na yɛabrɛ yɛn ho ase. (1 Kor. 10:​23, 24, 32; 1 Tim. 2:​9, 10) Ɛba saa a, gyinae a yebesi no bɛkyerɛ sɛ yɛdɔ afoforo na yebu wɔn.

15. Sɛ woresi gyinae kɛse bi a, dɛn bio na ehia sɛ wususuw ho na ama gyinaesi no akɔ yiye?

15 Sɛ woresi gyinae kɛse bi a, dɛn na ehia sɛ wudwen ho na ama gyinaesi no akɔ yiye? Yesu kaa sɛ ansa na yɛbɛyɛ biribi no, ɛsɛ sɛ ‘yɛsese hwɛ.’ (Luka 14:28) Enti bere, sika, ne ahoɔden a ɛbɛkɔ mu na ama wo gyinaesi no atumi akɔ yiye no, ɛsɛ sɛ wudwen ho. Ɛtɔ mmere bi a, ebia ebehia sɛ wo ne w’abusua susuw wo gyinaesi no ho. Wei bɛma woahu nea wɔn mu biara betumi ayɛ de aboa. Adɛn nti na ehia sɛ woyɛ wei nyinaa? Ebia ɛbɛma woahu sɛ gyinae a worebesi no, ehia sɛ woyɛ mu nsakrae kakra, anaa ebehia sɛ wosesa wo gyinaesi no koraa. Afei nso, sɛ woka gyinae a wopɛ sɛ wusi no kyerɛ w’abusuafo na wutie wɔn adwenkyerɛ a, ebia ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛboa ama wo gyinaesi no akɔ yiye.—Mmeb. 15:22.

SI GYINAE PA

16. Dɛn na ɛbɛboa wo ama woasi gyinae pa? (Adaka a yɛato din “ Sɛnea Wubesisi Gyinae Pa” no, hwɛ ɛno nso.)

16 Nea yɛaka ho asɛm yi nyinaa, sɛ wode yɛ adwuma a, ɛbɛboa wo ma woasi gyinae pa. Sɛ wuhu asɛm no nyinaa ani so, na wohwehwɛ nnyinasosɛm a ɛfa w’asɛm no ho a, ɛbɛboa wo ma woasi gyinae a ɛsɔ Yehowa ani. Afei wubetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na wo gyinaesi no nkɔ yiye.

17. Ade titiriw bɛn na ɛbɛboa wo ma woasisi gyinae pa?

17 Ebia bere bi a atwam no, wusisii gyinae pa. Sɛ saa mpo a, kae sɛ, ade titiriw a ɛbɛboa wo ma woakɔ so asisi gyinae pa ne sɛ wobɛhwehwɛ Yehowa nyansa, na ɛnyɛ sɛ wode wo ho bɛto wo nimdeɛ anaa wo nyansa so. Nimdeɛ a edi mu, ntease, ne nhumu de, Yehowa nko ara na obetumi de ama yɛn, na ɛno na ɛbɛboa yɛn ama yɛahu nyansa. (Mmeb. 2:​1-5) Yehowa betumi aboa wo ma woasisi gyinae a ɛsɔ n’ani.—Dw. 23:​2, 3.

DWOM 28 Nea Yehowa Bɛfa No Adamfo

a MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Anuanom mmea ne mmarima bi rehwɛ wɔn fon so; obi ato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmmra apontow bi ase, na wɔredi ho nkɔmmɔ.

b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Anuanom mmarima no baako reyɛ nhwehwɛmu ansa na wasi gyinae sɛ ɔbɛkɔ apontow no anaa ɔrenkɔ.