ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM July 2019

Adesua nsɛm a yebesua September 2-29, 2019

Siesie Wo Ho Nnɛ Ma Ɔtaa

Dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛanya akokoduru kɛse, na yɛatumi agyina ɔsɔretia a nkurɔfo de ba yɛn so ano?

Wɔbara Yɛn a, Kɔ So Som Yehowa

Sɛ aban bara sɛ yennyae Yehowa som a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

‘Monkɔ Nkɔyɛ Asuafo’

Adɛn nti na asuafoyɛ adwuma no ho hia saa, na nyansahyɛ bɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ saa adwuma no?

Sɛnea Yɛbɛka Asɛmpa No Ama Aka Nkurɔfo a Wonni Ɔsom Biara Mu Koma

Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa nkurɔfo a wonni ɔsom biara mu ama wɔabɛdɔ Onyankopɔn na wɔabɛyɛ Kristo asuafo?

ASETENAM NSƐM

Yehowa Ahyira Me Asen Sɛnea Na Mehwɛ Kwan Koraa

Osuahu a Manfred Tonak anya wɔ Afrika bere a na ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo no aboa no ama wanya abotare ne abotɔyam ne suban pa foforo pii.

Ɛyɛ Ampa Sɛ Yesu Wu Maa Me?

Woate nka pɛn sɛ wo so nni mfaso? Dɛn na ɛbɛboa wo ama woako atia nsusuwii a ɛte saa?