Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 28

Mommma Yɛne Yɛn Ho Nnsi Akan—Momma Yɛnhwehwɛ Asomdwoe

Mommma Yɛne Yɛn Ho Nnsi Akan—Momma Yɛnhwehwɛ Asomdwoe

“Mommma yɛn mu biara mmma ne ho so, mommma yɛne yɛn ho nnsi akan, na mommma yɛn ani mmmere yɛn yɔnko.”​—GAL. 5:26.

DWOM 101 Yɛde Baakoyɛ Bom Yɛ Adwuma

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na akansi tumi de ba?

ƐNNƐ, pɛsɛmenkominya nti nnipa bebree ne wɔn ho si akan. Mfaso bɔne nti, aguadifo bebree fa ɔkwammɔne so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtɔ wɔn ade asen wɔn mfɛfo aguadifo. Sɛ nkurɔfo rebɔ bɔɔl a, obi tumi hyɛ da twa ne yɔnko pira no sɛnea ɛbɛyɛ a ne kuw mufo bedi nkonim. Sɛ obi repɛ suapɔn a agye din akɔ a, sɔhwɛ a wɔyɛ de fa nkurɔfo no, otumi wia mu. Kristofo de, yenim sɛ saa suban no nyinaa nye. Ɛka “ɔhonam nnwuma no” ho. (Gal. 5:19-21) Nanso, ebia ebetumi aba sɛ Yehowa asomfo binom ne wɔn ho si akan wɔ asafo no mu a wonnim mpo. Wei yɛ asɛm a ɛho hia, efisɛ sɛ yɛne yɛn ho si akan a, ebetumi de mpaapaemu aba asafo no mu.

2. Dɛn na yɛbɛka ho asɛm wɔ adesua yi mu?

2 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ suban ahorow bi a ebetumi ama yɛne yɛn ho asi akan. Afei nso, yɛbɛhwɛ mmea ne mmarima anokwafo bi a Bible ka wɔn ho asɛm a wɔne afoforo ansi akan. Momma yenni kan nhwɛ sɛnea yebetumi ahwehwɛ yɛn ho mu.

HWEHWƐ WO HO MU

3. Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

3 Ɛwom ara a, ɛyɛ papa sɛ yɛhwehwɛ yɛn ho mu hwɛ. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Ɛyɛ a mede me ho toto obi ansa na mahu me so mfaso? Nea enti a meyere me ho wɔ asafo no mu ne sɛ, mepɛ sɛ obiara hu sɛ me na meyɛ ade paa? Anaa mepɛ sɛ obiara hu sɛ meyɛ ade sen anuanom pɔtee bi? Anaa Yehowa a mɛsɔ n’ani nti na mereyɛ nea metumi biara no?’ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yebisa nsɛm a ɛtete saa? Momma yɛnhwɛ nea Onyankopɔn asɛm ka.

4. Sɛnea Galatifo 6:3, 4 ka no, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho toto afoforo?

4 Bible tu yɛn fo sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho toto afoforo. (Kenkan Galatifo 6:3, 4.) Adɛn ntia? Ade baako ne sɛ, sɛ ɛyɛ yɛn sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden sen yɛn nua bi a, ebetumi ama yɛayɛ ahantan. Afei nso, sɛ ɛyɛ yɛn sɛ yɛn nuanom bɔ mmɔden sen yɛn a, ebetumi ama yɛn abam abu. Saa adwene no mu biara nyɛ adwene pa. (Rom. 12:3) Onuawa bi a ne din de Katerina * a ɔte Greece ka sɛ: “Anuanom a na ɛyɛ me sɛ wɔn ho yɛ fɛ sen me, wɔbɔ mmɔden wɔ asɛnka mu paa, na ɛnyɛ den mma wɔn sɛ wɔbɛfa nnamfo no, ɛyɛ a na metaa de me ho toto wɔn. Enti metee nka sɛ mfaso nni me so.” Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛnyɛ yɛn ahoɔfɛ, yɛn ano a atew, anaa nim a nkurɔfo bebree nim yɛn nti na Yehowa twee yɛn baa ne nkyɛn. Mmom, esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛdɔ no na yetie ne Ba no nti na ɔtwee yɛn.—Yoh. 6:44; 1 Kor. 1:26-31.

5. Dɛn na wusua fi onua bi a ne din de Hyun suahu no mu?

5 Asɛm foforo a yebetumi abisa yɛn ho ne sɛ, ‘Nkurɔfo nim me sɛ mepɛ asomdwoe, anaa wonim me sɛ daa na me ne nkurɔfo reham?’ Momma yɛnhwɛ onua bi a ɔte South Korea a ne din de Hyun suahu no. Ɛwom sɛ na ɔyɛ ɔpanyin de, nanso sɛ ne mfɛfo mpanyimfo no bi nya hokwan bi wɔ asafo no mu a, na ɔte nka sɛ wɔpɛ sɛ wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ ade sen no. Ɔka sɛ, “Ná mekasa tia saa anuanom no. Sɛ wɔka asɛm bi a, mpɛn pii no na minnye ntom.” Dɛn na ne suban no kɔfa bae? Ɔka sɛ, “Me suban no kɔfaa mpaapaemu baa asafo no mu.” Hyun nnamfo bi boaa no maa n’ani baa ne ho so. Hyun sesaa ne suban, na seesei ɔyɛ asafo mu panyin a ɔbɔ ne ho mmɔden. Sɛ yehu sɛ yɛpɛ akansi na yɛmpɛ sɛ yɛne afoforo bɛtena asomdwoe mu a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho biribi ntɛm!

HWƐ YIYE NA WOAMMA WO HO SO ANAA W’ANI AMMERE ADE

6. Sɛnea Galatifo 5:26 ma yehu no, subammɔne bɛn na etumi de akansi ba?

6 Kenkan Galatifo 5:26. Subammɔne bɛn na ebetumi de akansi aba? Baako ne ahomaso. Sɛ obi yɛ ahomaso a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ahantan ne pɛsɛmenkominya. Subammɔne foforo nso ne anibere. Sɛ obi ani bere ade a, ɛnyɛ sɛ nneɛma a obi wɔ no, ɔpɛ kɛkɛ. Mmom, ɔpɛ sɛ ɔfa kwan bi so ma ebedi ne nsam. Wei kyerɛ sɛ, sɛ obi ani bere obi a, na ɔtan no. Subammɔne sɛɛ de, yɛmpɛ sɛ ɛbɛbɛn yɛn aboboano koraa!

7. Ɔhaw a ahomaso ne anibere de ba no, dɛn na yebetumi de atoto ho?

7 Ahomaso ne anibere yɛ subammɔne paa; yebetumi de saa suban yi atoto sɛnea mfɔte we nnua a wɔde akuru dan so ho. Sɛ dan no yɛ fɛ sɛ dɛn mpo na mfɔte no didi nnua a wɔde akuru so no mu a, ɛwom ara a ebebu agu mu. Saa pɛpɛɛpɛ na ɛte wɔ Onyankopɔn som mu. Sɛ obi resom Yehowa na ɔyɛ ahomaso anaa n’ani bere ade a, obetumi asom akodu baabi, nanso ɔbɛhwe ase. (Mmeb. 16:18) Obegyae Yehowa som, na obehu amane na aka afoforo nso. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn akwati ahomaso ne anibere?

8. Yɛbɛyɛ dɛn ako atia ahomaso?

8 Sɛ yɛde afotu a ɔsomafo Paul de maa Filipifo no yɛ adwuma a, yebetumi ako atia ahomaso. Ɔkaa sɛ: “Mommfa mansotwe anaa ahomaso nnyɛ biribiara; mmom mommrɛ mo ho ase na mummu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.” (Filip. 2:3) Sɛ yebu afoforo sɛ wɔkyɛn yɛn a, wɔn a wɔwɔ ɔdom akyɛde bi a yenni bi, anaasɛ wonim biribi yɛ sen yɛn no, yɛne wɔn rensi akan. Mmom, ɛbɛyɛ yɛn dɛ sɛ wɔbɔ wɔn ho mmɔden. Na sɛ yehu sɛ wɔde wɔn dom akyɛde no resom Yehowa de a, ɛma yɛn ani gye kɛse. Sɛ yɛn nuanom a ɛwɔ ɔdom akyɛde no nso de Paul afotu no yɛ adwuma a, wɔde wɔn adwene besi nea yɛbɔ mu mmɔden no so, na wɔakyerɛ ho anisɔ. Sɛ ɛba saa a, yɛn nyinaa bɛboa ma asomdwoe ne baakoyɛ adi hene wɔ asafo no mu.

9. Yɛbɛyɛ dɛn na yɛn ani ammere yɛn nua bi?

9 Sɛ yegye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na yebetumi ayɛ a, ɛkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Wei bɛboa yɛn na yɛn ani ammere yɛn nuanom. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛrenyɛ biribiara mfa nkyerɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sen obiara. Mmom, wɔn a wɔbɔ mmɔden sen yɛn no, yebesua biribi afi wɔn hɔ. Yɛmfa no sɛ onua bi wɔ asafo no mu a otumi ma ɔkasa ma ekanyan atiefo paa. Yebetumi abisa no ama wakyerɛ yɛn sɛnea osua ne kasa no. Sɛ onuawa bi nim aduan yɛ a, yebetumi abisa no ma wakyerɛ yɛn. Afei nso, sɛ ɛyɛ den ma Kristoni ababaawa anaa aberante bi sɛ ɔbɛfa nnamfo a, obetumi abisa obi a onim sɛnea yɛfa adamfo ma waboa no. Yɛyɛ saa a, yɛrenyɛ anibere, mmom yebehu sɛnea yɛyɛ nneɛma foforo.

SUA BIRIBI FI NNIPA BI A BIBLE KA WƆN HO ASƐM HƆ

Esiane sɛ na Gideon brɛ ne ho ase nti, ɔmaa asomdwoe tenaa ɔne Efraimfo no ntam (Hwɛ nkyekyɛm 10-12)

10. Ɔhaw bɛn na Gideon hyiae?

10 Gideon fi Manase abusua mu. Yɛnhwɛ asɛm bi a esii ɔne mmarima bi a na wofi Efraim abusua mu ntam no. Ná Yehowa aboa Gideon ne ne mmarima 300 no ma wɔadi nkonim kɛse bi a anka wobetumi de ahoahoa wɔn ho. Mmarima bi a wofi Efraim abusua mu kohyiaa Gideon. Ɛnyɛ sɛ na wɔrekɔkamfo no, mmom na wɔne no rekɔham. Esiane sɛ mfiase no, Gideon amfrɛ wɔn anka ne mmarima no ho sɛ wɔne Onyankopɔn atamfo nkɔko nti, wonyaa adwene sɛ wabu wɔn animtiaa. Anuonyam a na wɔn abusua no wɔ na na ehia wɔn paa. Enti wɔanhwɛ nea na Gideon ayɛ de ahyɛ Yehowa anuonyam, ne nea wayɛ de abɔ ne nkurɔfo ho ban no.—Atem. 8:1.

11. Mmuae bɛn na Gideon de maa mmarima a wofi Efraim no?

11 Gideon de ahobrɛase ka kyerɛɛ mmarima a wofi Efraim no sɛ: “Nea moayɛ no, ɛnsen nea mayɛ anaa?” Afei, ɔmaa Efraimfo no huu nneɛma pɔtee bi a Yehowa aboa wɔn ama wɔatumi ayɛ. Ɛno maa mmarima no “bo dwoe.” (Atem. 8:2, 3) Gideon brɛɛ ne ho ase sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe bɛkɔ so atena Onyankopɔn nkurɔfo mu.

12. Nea Efraimfo no yɛe, ne nea Gideon nso yɛe no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

12 Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu? Nea Efraimfo no yɛe no, nea yebetumi asua afi mu ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛma anuonyam a yebenya ho hia yɛn. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribiara de hyɛ Yehowa anuonyam. Mmusua ti ne asafo mu mpanyimfo nso betumi asua biribi afi nea Gideon yɛe no mu. Sɛ yɛyɛ biribi ma ɛhaw obi a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hu nea enti a nea yɛyɛe no ahaw onii ko no. Afei nso, yebetumi ahwɛ biribi a onii no atumi ayɛ no yiye na yɛagyina so akamfo no. Sɛ yebetumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ yenya ahobrɛase, nkanka bere a onii no asɛm nyɛ dɛ koraa no. Asomdwoe a ɛbɛtena yɛne yɛn nuanom ntam no ho hia koraa sen sɛ yɛbɛkyerɛ sɛ yɛn na yɛn asɛm yɛ dɛ.

Esiane sɛ Hanah nyaa ahotoso sɛ Yehowa bedi n’asɛm ama no nti, ne koma tɔɔ ne yam (Hwɛ nkyekyɛm 13-14)

13. Ɔhaw bɛn na Hanah hyiae, na sɛn na odii ho dwuma?

13 Ma yɛnhwɛ nea Hanah nso faa mu. Ná ɔware Lewini bi a ne din de Elkana, na na Elkana dɔ no paa. Nanso na Elkana wɔ yere foforo bi a ne din de Penina. Ná Elkana dɔ Hanah sen Penina, nanso “ná Penina wɔ mma, na Hanah de, na onni ba.” Ɛno nti, daa na Penina bɔ Hanah “akutia de teetee no.” Ɛkaa Hanah sɛn? Ɛhaw no paa! Ɛno nti na ‘osu, na na onnidi.’ (1 Sam. 1:2, 6, 7) Nanso biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Hanah pɛ sɛ ɔyɛ biribi de tua Penina ka. Mmom, ɔkaa ne komam asɛm kyerɛɛ Yehowa, na onyaa ahotoso sɛ Yehowa bedi n’asɛm ama no. So Penina gyaee nea na ɔde yɛ Hanah no anaa? Bible no nka. Nanso yenim sɛ Hanah werɛ kyekyee, na ne koma tɔɔ ne yam. Bible ka sɛ: “N’anim anyɛ mmɔbɔmmɔbɔ bio.”—1 Sam. 1:10, 18.

14. Dɛn na yesua fi Hanah asɛm no mu?

14 Dɛn na yebetumi asua afi Hanah asɛm no mu? Sɛ obi pɛ sɛ ɔne wo si akan wɔ biribi ho a, kae sɛ ne nyinaa gyina wo so. Sɛ woma kwan a na ɔne wo besi akan. Sɛ anka wode bɔne betua bɔne so ka no, bɔ mmɔden ma asomdwoe ntena wo ne no ntam. (Rom. 12:17-21) Sɛ wansesa ne suban mpo a, wo de wubenya akomatɔyam.

15. Nneɛma bɛn mu na na Apolo ne Paul sɛ?

15 Nea etwa to no, momma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi osuani Apolo ne ɔsomafo Paul hɔ. Ná wɔn mmienu nyinaa nim Kyerɛwnsɛm no mu paa. Bio nso, na wɔyɛ akyerɛkyerɛfo a wɔaben a nkurɔfo nim wɔn paa. Afei nso, na wɔn mmienu nyinaa aboa nkurɔfo bebree ma wɔabɛyɛ asuafo, nanso na obiara ani mmere ne yɔnko.

16. Ná hena ne Apolo?

16 Ná Apolo ‘fi Aleksandria.’ Asomafo no bere so no, na ɛyɛ baabi a nkurɔfo kosua nhoma a na agye din paa. Ná Apolo ano atew paa, “na na onim Kyerɛwnsɛm no mu yiye.” (Aso. 18:24) Bere a Apolo wɔ Korinto no, asafo no mufo bi kaa sɛ wɔpɛ n’asɛm sen anuanom no bi, a Paul nso ka ho. (1 Kor. 1:12, 13) Wohwɛ a, Apolo sosɔɔ suban a ɛde mpaapaemu ba yi so anaa? Yennye nni sɛ ɔyɛɛ saa. Nokwasɛm ne sɛ, bere a Apolo fii Korinto no, akyiri yi Paul hyɛɛ no nkuran sɛ ɔnsan nkɔ hɔ. (1 Kor. 16:12) Sɛ Paul nim sɛ Apolo na ɔde mpaapaemu baa asafo no mu a, anka wanka akyerɛ no sɛ ɔnsan nkɔ hɔ. Ɛda adi pefee sɛ, Apolo de ne dom akyɛde no dii dwuma yiye. Ɔde kaa asɛmpa no na ɔde hyɛɛ ne nuanom nso den. Yebetumi aka nso sɛ na Apolo brɛ ne ho ase. Nea enti a yebetumi aka saa ne sɛ, biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ bere a Akwila ne Priska ‘kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn akwan no mu pɛpɛɛpɛ kyerɛɛ no’ no, ne bo fuwii.—Aso. 18:24-28.

Esiane sɛ Apolo ne Paul hui sɛ Yehowa rehyira adwuma no so nti, obiara ani ammere ne yɔnko (Hwɛ nkyekyɛm 15-18)

17. Dɛn na Paul yɛ de kyerɛe sɛ ɔpɛ asomdwoe?

17 Adwuma pa a na Apolo ayɛ no, na ɔsomafo Paul nim. Nanso Paul ante nka sɛ ebinom benya adwene sɛ Apolo yɛ ade sen no. Sɛ yɛhwɛ afotu a ɔde kɔmaa asafo a ɛwɔ Korinto no a, ɛma yehu sɛ na Paul brɛ ne ho ase, na na ogye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na obetumi ayɛ. Bere a ebinom kaa sɛ “meyɛ Paul dea” no, wamma ne tirim anyɛ no dɛ. Mmom, ɔde nea otumi yɛe nyinaa ho anuonyam maa Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo.—1 Kor. 3:3-6.

18. Sɛ yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 4:6, 7 no a, dɛn na yebetumi asua afi Apolo ne Paul nhwɛso no mu?

18 Dɛn na yebetumi asua afi nhwɛso a Apolo ne Paul yɛe no mu? Ebia yɛbɔ yɛn ho mmɔden wɔ Yehowa som mu, na ebi mpo a yɛaboa nnipa bebree ama wɔatumi abɔ asu. Nanso yenim sɛ, Yehowa mmoa nti na yetumi yɛe. Yɛhwɛ nea Apolo ne Paul yɛe no a, yɛsan nya asuade foforo. Ɛne sɛ, sɛ yɛwɔ hokwan pii wɔ asafo no mu a, yebetumi aboa paa ma asomdwoe atena asafo no mu. Sɛ asafo mu mpanyimfo ne asomfo boa ma asomdwoe ne baakoyɛ tena asafo no mu a, ɛma yɛn ani gye paa. Sɛn na wɔbɛyɛ no? Sɛ wɔretu obi fo a, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ankasa adwene yɛ, mmom ɛsɛ sɛ wɔde gyina Onyankopɔn Asɛm so. Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔboa asafo no mufo nyinaa ma wotie Kristo na wodi ne nhwɛso akyi.—Kenkan 1 Korintofo 4:6, 7.

19. Dɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ? (Hwɛ adaka a yɛato din “ Mommma Yɛne Yɛn Ho Nnsi Akan” no.)

19 Yɛn mu biara wɔ ne dom akyɛde. Obiara betumi de ne dom akyɛde no ‘asom ne yɔnko.’ (1 Pet. 4:10) Yebetumi ate nka sɛ nea yɛyɛ no nyɛ ahe biara. Nanso kae sɛ, sɛ obi repam ade a, ɛyɛ nhama nketenkete yi ara na ɔde suso mu. Saa ara na biribi ketewaa bi a wutumi yɛ no nso boa ma baakoyɛ tena asafo no mu. Momma yɛnyere yɛn ho nyi akansi su biara mfi yɛn mu. Momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa, sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe ne baakoyɛ bɛtena asafo no mu.—Efe. 4:3.

DWOM 80 “Monka Nhwɛ Na Munhu Sɛ Yehowa Ye”

^ nky. 5 Sɛ akam bɛdeda ahina anaa kuku mu a, ɛnkyɛ na abɔ. Saa ara nso na sɛ asafo no mufo ne wɔn ho si akan a, ebetumi de mpaapaemu aba. Sɛ baakoyɛ nni asafo no mu a, anuanom rennya asomdwoe mfa nsom Onyankopɔn. Adesua yi bɛma yɛahu nea enti a ɛnsɛ sɛ yɛne yɛn ho si akan ne nea yebetumi ayɛ ama asomdwoe atena asafo no mu.

^ nky. 4 Wɔasesa din ahorow no.