Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Sɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo bu Intanɛt so a wɔfa hwehwɛ okunu anaa ɔyere?

Yehowa pɛ sɛ ɔbea ne ɔbarima ware a, wɔn ani gye, wɔn aware no sɔ, na ɛtena hɔ daa. (Mat. 19:4-6) Sɛ wopɛ sɛ woware a, wobɛyɛ dɛn anya okunu pa anaa ɔyere pa? Esiane sɛ Yehowa na ɔbɔɔ yɛn nti, onim nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛanya obi a ɔfata aware no ama yɛn aware asɔ. Ɛno nti, sɛ wode nnyinasosɛm a ɔde ama yɛn no yɛ adwuma a, ɛbɛkɔ yiye ama wo. Ma yɛnhwɛ saa nnyinasosɛm no bi.

Nea edi kan, ɛsɛ sɛ yɛte asɛm a wɔkyerɛw faa nnipa ho yi ase paa. Ɛne sɛ: “Koma yɛ ɔdaadaafo sen biribiara, na ne ho yɛ ahometew.” (Yer. 17:9) Sɛ ɔbea ne ɔbarima pɛ sɛ wɔware, na wɔpɛ sɛ wohu wɔn ho yiye nti wofi ase bɔ a, wobetumi anya akɔnnɔ ama wɔn ho bere a wɔn ani nna. Ɛkɔba saa a, wobetumi asisi gyinae a nyansa nnim. Sɛ ɔbea ne ɔbarima di wɔn akɔnnɔ nko ara akyi ware a, mpɛn pii no ɛma wɔn nsa si fam. (Mmeb. 28:26) Sɛ afei ara na ɔbea ne ɔbarima bi ahyia a wɔpɛ sɛ wohu wɔn ho yiye a, nyansa nnim sɛ wɔbɛbɔ ɔdɔ ho nkɔmmɔ akɔ akyiri. Afei nso, nyansa nnim sɛ wɔbɛhyehyɛ bɔ ansa na wɔahu wɔn ho yiye.

Mmebusɛm 22:3 ka sɛ: “Onyansafo hu asiane, na ɔde ne ho sie, na ogyimifo de, ɛno ara ne sɛ ɔrekɔ, na otwa so aba.” Sɛ obi pɛ sɛ ɔfa Intanɛt so hwehwɛ okunu anaa ɔyere a, asiane bɛn na ebetumi ato no? Awerɛhosɛm ne sɛ, ebinom hyiaa nkurɔfo wɔ Intanɛt so a na anka wɔpɛ sɛ wɔware wɔn, nanso ewiee ase no, wohui sɛ nsɛm a na saa nkurɔfo no akeka akyerɛ wɔn no nyinaa yɛ nnaadaa. Afei nso, ebinom ayɛ wɔn ho ohintaduakyi wɔ Intanɛt so, na wɔdaadaa nkurɔfo a wɔn ani nna hɔ wia wɔn sika. Ɛtɔ da a, nnipabɔnefo a ɛte saa no bi mpo ka sɛ wɔyɛ Adansefo.

Hwɛ asiane foforo nso. Intanɛt so mmeae bi nso wɔ hɔ a, wɔnam akontaabu soronko bi so na ɛkyerɛ ɔbea ne ɔbarima ko a wobetumi aware wɔn ho. Nanso adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ akontaabu a ɛte saa yɛ adwuma. Biribi a ɛho hia paa te sɛ ɔbarima anaa ɔbea a obi bɛware no no, wohwɛ a, nyansa wom sɛ yebegyina akontaabu bi a nnipa ahyehyɛ so asi ho gyinae anaa? Sɛnea Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma no, wobɛyɛ dɛn de akontaabu atoto ho ma ayɛ yiye?—Mmeb. 1:7; 3:5-7.

Nnyinasosɛm bi a ɛwɔ Mmebusɛm 14:15 ka sɛ: “Ogyimifo gye asɛm biara di, na onyansafo de, anammɔn biara a obetu no, ɔhwɛ no yiye.” Ansa na wubesi gyinae sɛ wobɛware obi no, ɛsɛ sɛ wuhu no yiye. Nanso sɛ wuhyia nipa no wɔ Intanɛt so a, ɛbɛyɛ den sɛ wubehu no yiye. Sɛ wode wo ho nsɛm sɛnde no, na ɔno nso de ne de sɛnde wo, na mode bere pii mpo bɔ nkɔmmɔ wɔ Intanɛt so a, wubetumi aka paa sɛ wunim onii no yiye? Ebinom a na ɛyɛ wɔn sɛ wɔahyia wɔn dɔfo no, bere a afei de wohyiae anim ne anim no, wɔn ho dwiriw wɔn papaapa.

Odwontofo no kaa sɛ: “Me ne nkontompofo mmɔ, na metwe me ho fi nyaatwomfo ho.” (Dw. 26:4) Nnipa bebree adwene yɛ wɔn sɛ, wɔn ho nsɛm a wɔde gu Intanɛt so de hwehwɛ okunu anaa ɔyere no, sɛ wodi atoro wom sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo ani begye wɔn ho a, ɛnyɛ hwee. Sɛ wɔne nkurɔfo rebɔ nkɔmmɔ wɔ Intanɛt so a, subammɔne a wɔwɔ no, wobetumi de asie anaa wɔremma obiara nhu. Sɛ obi ka sɛ ɔyɛ Yehowa Danseni mpo a, wobɛyɛ dɛn ahu sɛ ɛyɛ ampa sɛ wabɔ asu? Ɔyɛ Kristoni a ne ho akokwaw? Ɔne Yehowa adamfofa te sɛn? Anuanom bu no wɔ asafo no mu? Anaa ebetumi aba sɛ ɔyɛ nea ɛmfata anaa ɔbɔ “fekubɔne” mpo? (1 Kor. 15:33; 2 Tim. 2:20, 21) Bible nso ma no kwan sɛ obetumi aware anaa? Weinom yɛ biribi a ɛho hia sɛ wuhu. Nanso sɛ Adansefo a wonim nipa no yiye ammoa wo a, ɛbɛyɛ den sɛ wubehu. (Mmeb. 15:22) Afei nso, obi a ɔde nokwaredi resom Yehowa de, ɛremma n’adwene mu mpo sɛ ɔnkɔware obi a onnye nni na ɔne no “ntwe kɔndua koro.”—2 Kor. 6:14; 1 Kor. 7:39.

Yɛahu sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔfa Intanɛt so hwehwɛ okunu anaa ɔyere a, asiane a ɛwom no dɔɔso. Nanso anigyesɛm ne sɛ akwampa wɔ hɔ a obi betumi afa so anya okunu anaa ɔyere pa. Wobɛyɛ dɛn na woanya obi a ɔfata aware no? Sɛ yetumi hyiam wɔ Ahenni Asa so ne Nhyiam Asa so yɛ nhyiam anaa sɛ yehyia wɔ mmeae afoforo nso a, Yehowa Adansefo tumi hu wɔn ho anim ne anim.

Sɛ munya bere ma mo ho a, nkakrankakra mubehu sɛ botae a esisi mo ani so ne nea obiara ani gye ho no, ɛne ne yɔnko de hyia anaa

Nanso sɛ yentumi nhyiam anim ne anim sɛnea ɛrekɔ so wɔ COVID-19 nsanyare bere yi mu no a, yɛfa ɛlɛtrɔnik mfiri so yɛ asafo nhyiam. Ɛno ma Adansefo a wɔnwaree no nya kwan ne wɔn ho hyia. Ɛba saa a, onii a wɔn ani gye ne ho no, wotumi hu sɛnea ɔma mmuae ne sɛnea ɔne Onyankopɔn ntam te. (1 Tim. 6:11, 12) Yɛpɔn adesua nso a, wobetumi ahyiam wɔ breakout room abɔ nkɔmmɔ de ahu wɔn ho yiye. Afei nso, Adansefo no betumi ahyiam wɔ ɛlɛtrɔnik mfiri so agye wɔn ani. Saa bere no, sɛ obi wom a w’ani gye ne ho a, wubetumi de w’ani ato fam ahwɛ sɛnea ɔne afoforo bɔ, na ebetumi ama woahu ne suban ankasa nso. (1 Pet. 3:4) Nkakrankakra, sɛ muhu mo ho yiye a, mubetumi ahwɛ sɛ botae a esisi mo ani so ne nea obiara ani gye ho no, ɛne ne yɔnko de hyia anaa. Ɛno bɛma moahu sɛ ɛsɛ sɛ moware anaa ɛnsɛ sɛ moware.

Sɛ wɔn a wɔnwaree de Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma de hwehwɛ ɔyere anaa okunu a, ebetumi ama wɔn aware asɔ. Ɛbɛma wɔahu sɛ ɛbɛ yi yɛ nokware. Ɛka sɛ: “Nea wanya ɔyere pa (anaa okunu pa) no, wanya adepa. Na Yehowa begye no atom.”—Mmeb. 18:22.