Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 27

Suasua Sɛnea Yehowa Agyina Nneɛma Bɔne Ano No

Suasua Sɛnea Yehowa Agyina Nneɛma Bɔne Ano No

“Sɛ mumia mo ani gyina mu a, mubenya nkwa.”​—LUKA 21:19.

DWOM 114 Munnya Abotare

NEA YƐREBESUA *

1-2. Yehowa anom asɛm a ɛwɔ Yesaia 65:16, 17 no, sɛn na ebetumi aboa yɛn na yɛampa abaw?

AFE 2017 ɔmantam nhyiam asɛmti “Mpa Abaw!” no, na ɛhyɛ nkuran paa. Dwumadi no ma yehuu sɛnea yebetumi agyina sɔhwɛ a yehyia no ano. Yɛyɛɛ saa nhyiam no, mfe nnan abɛsen, nanso yɛda so ara rehyia ɔhaw wɔ wiase bɔne yi mu.

2 Ɔhaw bɛn na woahyia nnansa yi? Ɛyɛ wo busuani anaa wo yɔnko berɛbo bi wu? Ɛyɛ owuyare? Ɛyɛ nkwakoraabɔ anaa mmerewabɔ mu ateetee? Ɛyɛ atoyerɛnkyɛm, basabasayɛ anaa ɔtaa? Anaa ɛyɛ COVID-19 nsanyare kodiawu yi ho nsunsuanso? Yɛn yam a, anka da a saa ɔhaw yi nyinaa befi hɔ no aba ama yɛn ho atɔ yɛn! Saa bere no, yɛrenkae nea yɛafa mu no bio, na ɛrensi nso bio.​—Kenkan Yesaia 65:16, 17.

3. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ seesei, na adɛn ntia?

3 Wiase yi mu asetena yɛ den, na ebia nea yebehyia daakye mpo bɛkyɛn. (Mat. 24:21) Enti ehia paa sɛ yɛkɔ so hyɛ yɛn sapɔw mu nsu. Adɛn ntia? Efisɛ Yesu kaa sɛ: “Sɛ mumia mo ani gyina mu a, mubenya nkwa.” (Luka 21:19) Ɔhaw a yɛrefa mu no, ebinom nso refa mu bi. Enti sɛ yɛhwɛ sɛnea wɔatumi agyina mu no a, ɛbɛboa yɛn ma yɛn nso yɛatumi amia yɛn ani agyina mu.

4. Sɛ yɛreka obi a wafa ɔhaw mu paa a, adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛyɛ Yehowa?

4 Hena na wafa ɔhaw mu sen obiara? Ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn. Ɛyɛ wo nwonwa anaa? Ebetumi ayɛ wo nwonwa. Nanso sɛ wususuw ho kɔ akyiri a, wubehu sɛ ɛyɛ nokware. Wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma yi, Ɔbonsam na odi so. Yehowa betumi ayi ɔhaw no nyinaa afi hɔ seesei ara, nanso ɔretwɛn akosi sɛ bere a wahyɛ no bɛso. (Rom. 9:22) Enkosi sɛ bere a wahyɛ no bɛso no, yɛn Nyankopɔn no bɛkɔ so ara anya abotare agyina ano. Momma yɛnhwɛ nneɛma nkron a Yehowa asi gyinae sɛ obegyina ano.

DƐN NA YEHOWA ASI GYINAE SƐ OBEGYINA ANO?

5. Ɔkwan bɛn so na Satan ne afoforo agu Onyankopɔn din ho fĩ, na ɛma wote nka sɛn?

5 Ne din a wɔagu ho fi. Yehowa din ho hia no paa, na ɔmpɛ sɛ obiara di ho agorɔ. (Yes. 42:8) Nanso nkurɔfo abu ne din no animtiaa bɛyɛ mfe mpem nsia. (Dw. 74:10, 18, 23) Nea yɛreka yi fii ase wɔ Eden turo no mu. Saa bere no na Ɔbonsam, a ɛkyerɛ “Dinsɛefo” no, bɔɔ Onyankopɔn sobo sɛ ɔde biribi a ɛbɛma Adam ne Hawa ani agye asie wɔn. (Gen. 3:1-5) Efi saa bere no, nkurɔfo akɔ so adi atoro ato Yehowa so sɛ nea nnipa hia paa no, ɔmfa mma wɔn. Bere a Yesu hui sɛ nkurɔfo regu n’Agya din ho fi saa no, ɛhaw no. Ɛno nti, ɔkyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.”—Mat. 6:9.

6. Yehowa tumidi ho asɛm a ɛsɔree no, adɛn nti na bere tenteenten ni onsiesiei?

6 Ne tumidi a wɔasɔre atia. Yehowa nko ara na ɔfata paa sɛ odi hene wɔ soro ne asaase so. Ɔkwan a ɔfa so di ade nso, ɛno na ɛyɛ papa paa. (Adi. 4:11) Nanso Ɔbonsam abɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa abɔfo ne nnipa ama wɔanya adwene sɛ Onyankopɔn mfata sɛ odi hene. Ná wɔrentumi mfa da koro pɛ nhu sɛ Yehowa na ɔfata sɛ odi ade anaasɛ ɔmfata. Esiane sɛ Onyankopɔn nyansa mu dɔ nti, wama bere pii atwam sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa behu sɛ, sɛ wɔamma wɔn Bɔfo no ankyerɛ wɔn kwan, na wɔn ankasa di wɔn ho so a, ɛrenkosi hwee. (Yer. 10:23) Onyankopɔn abotare nti, sɛ wosiesie asɛm no wie a, ɛho asɛm rensan nsɔre bio. Ɛba saa a, obiara behu sɛ ɔkwan a ɔfa so di ade na ɛyɛ paa, na n’Ahenni no nko ara na ebetumi de asomdwoe a edi mu ne ahotɔ aba asaase so.

7. Henanom na atew Yehowa so atua, na dɛn na ɔbɛyɛ wɔn?

7 Ne mma no bi a wɔatew ne so atua. Yehowa bɔɔ abɔfo ne nnipa no, na sintɔ biara nni wɔn ho. Ná wodi mu. Nanso ɔbɔfo bi a wɔbɛfrɛɛ no Satan, a ɛkyerɛ “Ɔsɔretiafo” no, tew Yehowa so atua, na ɔmaa Adam ne Hawa a sintɔ biara nni wɔn ho no nso tew Yehowa so atua. Abɔfo binom ne nnipa afoforo nso kɔkaa atuatewfo yi ho. (Yuda 6) Akyiri yi, Israel man a na wɔyɛ Onyankopɔn nkurɔfo no mpo, wɔn mu bi poo no, na wɔkɔsom abosom. (Yes. 63:8, 10) Yehowa tee nka sɛ wɔadi no huammɔ. Nanso wagyina weinom nyinaa ano, na ɔbɛkɔ so agyina mu akosi sɛ bere bɛso ama wasɛe atuatewfo no nyinaa. Ɛba saa a, Yehowa ne wɔn a wɔsom no nokware mu nyinaa ani begye, efisɛ wɔremfa ateetee a ɛte saa mu bio!

8-9. Atosɛm bɛn na Satan ne nkurɔfo keka fa Yehowa ho, na dɛn na yebetumi ayɛ wɔ ho?

8 Atosɛm a Ɔbonsam keka. Satan bɔɔ Yehowa somfo nokwafo Hiob sobo sɛ, nea obenya afi Onyankopɔn hɔ ara nti na ɔsom no. Ɔnam ɛno so kyerɛe sɛ, Yehowa asomfo anokwafo nyinaa nso kura saa adwene no ara. (Hiob 1:8-11; 2:3-5) Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, Ɔbonsam da so ara bɔ nnipa sobo sɛ nea wobenya afi Onyankopɔn hɔ ara nti na wɔsom no. (Adi. 12:10) Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ sobo a Satan bɔ yɛn no nyɛ nokware? Sɛ yehyia sɔhwɛ na yemia yɛn ani gyina mu a, ɛbɛkyerɛ sɛ nea Ɔbonsam keka no nyɛ nokware. Mmom, ɔdɔ a yɛdɔ Yehowa nti na yɛsom no. Sɛnea Yehowa hyiraa Hiob no, saa ara na yɛn nso, sɛ yemia yɛn ani gyina mu a, obehyira yɛn.—Yak. 5:11.

9 Satan nam atoro som akannifo so ka sɛ Yehowa tirim yɛ den, na ɔno na wama nnipa rehu amane. Sɛ mmofra wu a, ebinom mpo ka sɛ Onyankopɔn hia abɔfo bebree wɔ soro nti na wabɛfa wɔn kɔ. Hwɛ abususɛm! Yenim sɛ Onyankopɔn nte saa koraa. Enti sɛ yare bi a emu yɛ den bɔ yɛn anaa yɛn dɔfo bi wu a, yɛmfa nhyɛ Onyankopɔn. Mmom yegye di sɛ daakye ɔbɛsa ayarefo yare, na wanyan awufo. Wɔn a wɔwɔ koma pa no, yebetumi akyerɛkyerɛ mu akyerɛ wɔn sɛ, Yehowa Nyankopɔn dɔ yɛn paa na ne tirim nyɛ den. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma wanya asɛm abua nea otwa no adapaa no.—Mmeb. 27:11.

10. Dɛn na Dwom 22:23, 24 ma yehu fa Yehowa ho?

10 N’asomfo a wɔda ne koma so no amanehunu. Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu. Sɛ ɔtaa, yare anaa yɛn sintɔ nti yɛrehu amane a, ɔmpɛ koraa. (Kenkan Dwom 22:23, 24.) Sɛ yɛrefa yaw mu a, Yehowa fa no sɛ ɛyɛ ɔno na ɔrefa mu. Ɔpɛ sɛ oyi fi hɔ, na obeyi afi hɔ nso. (Fa toto Exodus 3:7, 8; Yesaia 63:9 ho.) Ɛrenkyɛ, ‘ɔbɛpopa yɛn aniwa mu nisu nyinaa, na owu befi hɔ, na awerɛhow ne osu ne yaw nso befi hɔ.’—Adi. 21:4.

11. Yehowa asomfo anokwafo a wɔawuwu no, sɛn na Yehowa te nka wɔ wɔn ho?

11 Ne nnamfo a owu nti ɔne wɔn ntam atetew. Mmea ne mmarima anokwafo a wɔawuwu no, sɛn na Yehowa te nka wɔ wɔn ho? N’ani agyina wɔn paa! (Hiob 14:15) Wo de hwɛ sɛnea Yehowa afe n’adamfo Abraham. (Yak. 2:23) Anaa hwɛ sɛnea Yehowa nyae a, anka ɔne Mose a ɔne no kasae “anim ne anim” no bɛbɔ nkɔmmɔ. (Ex. 33:11) Afei nso, hwɛ sɛnea Yehowa nyae a anka Dawid ne nnwontofo afoforo reto nnwom dɛdɛ yi no ayɛ! (Dw. 104:33) Ɛwom sɛ Onyankopɔn nnamfo yi nyinaa awuwu, nanso Yehowa werɛ mfii wɔn. (Yes. 49:15) Ɔkae wɔn ho biribiara. Bible ka sɛ, “n’ani so de wɔn nyinaa te ase.” (Luka 20:38) Daakye ɔbɛsan de wɔn aba nkwa mu bio, na mpae a wofi wɔn komam bɔ nso, ɔbɛsan ate na wagye wɔn som atom. Enti sɛ wo dɔfo bi awu a, ma saa asɛm yi nkyekye wo werɛ, na ɛnhyɛ wo den.

12. Awiei mmere a bɔne ahyɛ mu ma yi, dɛn paa na ɛma Yehowa werɛ how?

12 Atirimɔdenfo a wɔhyɛ wɔn yɔnko nipa so. Bere a Adam ne Hawa tew atua wɔ Eden no, na Yehowa nim sɛ nneɛma bɛsɛe ansa na asan asi ne dedaw mu. Atirimɔdensɛm, ntɛnkyea ne basabasayɛ a ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ no, Yehowa kyi. Efi tete nyinaa, wɔn a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ na wonni kamafo te sɛ nnyanka ne akunafo no, Yehowa dwen wɔn ho paa. (Sak. 7:9, 10) Sɛ Yehowa hu sɛ wɔreteetee n’asomfo anokwafo anaa wɔde wɔn agu afiase a, ɛma ne werɛ how paa. Munnya awerɛhyem sɛ, mo a mo ne no refa amanehunu mu nyinaa, ɔdɔ mo.

13. Sɛn na nnipa abrabɔ asɛe wɔ Onyankopɔn ani so, na dɛn na ɔbɛyɛ wɔ ho?

13 Nnipa abrabɔ a asɛe. Nea Satan pɛ ne sɛ, nnipa a Onyankopɔn bɔɔ wɔn wɔ ne suban so no, ɔbɛsɛe wɔn abrabɔ. Bere a Onyankopɔn hui sɛ nnipa de abɔnefosɛm ahyɛ asaase so ma wɔ Noa bere so no, “ɛyɛɛ Yehowa yaw sɛ ɔyɛɛ nnipa wɔ asaase so, na odii awerɛhow wɔ ne komam.” (Gen. 6:5, 6, 11) Efi saa bere no, nneɛma ayɛ yiye anaa? Daabida! Sɛnea aguamammɔ abu so ma mmea ne mmea da, na mmarima ne mmarima da no, ɛbɛyɛ sɛ ɛma Ɔbonsam ani gye paa! (Efe. 4:18, 19) Sɛ Satan tumi ma wɔn a wɔsom Yehowa nokware mu no bi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɛma n’ani gye boro so. Sɛ bere a Yehowa de anya abotare no ba awiei a, ɔbɛma obiara ahu sɛ okyi saa abrabɔ bɔne yi nyinaa kɔkɔkɔkɔ.

14. Dɛn na nnipa de reyɛ asaase no ne nneɛma a ɛwɔ so?

14 Sɛe a nnipa resɛe asaase no ne nneɛma a ɛwɔ so. Onipa adi onipa so ma awie no bɔne, nanso ɛnyɛ ɛno nko. Asaase ne ɛso mmoa a Yehowa de ahyɛ nnipa nsa nso, sɛe ara na wɔresɛe no. (Ɔsɛnk. 8:9; Gen. 1:28) Nyansahufo bi kyerɛ sɛ nea nnipa de reyɛ asaase no nti, ɛbɛyɛ kakra no, mmoa ne afifide ahorow-ahorow bɛyɛ ɔpepem baako ase betumi ahyew. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nkurɔfo ka sɛ, ɛnnɛ de biribiara asɛe! Nanso anigyesɛm ne sɛ, Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔresɛe asaase no’ na wama asaase no nyinaa adan paradise.—Adi. 11:18; Yes. 35:1.

NNEƐMA A YEHOWA AGYINA ANO NO, DƐN NA YESUA FI MU?

15-16. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yegyina ɔhaw ano sɛnea Yehowa ayɛ no? Ma ho nhwɛso.

15 Ɔhaw ne ateetee a yɛn Agya a ɔwɔ soro no agyina ano mfe mpempem pii no, wo de susuw ho hwɛ. (Hwɛ adaka a yɛato din “ Nneɛma Bɔne a Yehowa Regyina Ano” no.) Bere biara a Yehowa pɛ no, obetumi asɛe wiase bɔne yi. Nanso abotare a wanya no aboa yɛn paa! Momma yɛmfa mfatoho yi nkyerɛkyerɛ mu. Adɔkotafo aka akyerɛ awarefo bi sɛ, wɔn ba a ɔhyɛ yafunu mu no adi dɛm kɛse, na sɛ wɔwo no a, ɔbɛfa ateetee mu, na ɔrenkyɛ na wawu. Awarefo no nim sɛ wɔwo abofra no a, wɔbɛbrɛ wɔ ne ho paa, nanso ne nyinaa akyi no, wɔpɛ sɛ wɔwo abofra no. Esiane sɛ wɔdɔ abofra no nti, sɛ ateetee a wɔbɛfa mu no te sɛn mpo a, wɔbɛyɛ nea wobetumi biara de ahwɛ abofra no yiye.

16 Saa ara na Adam ne Hawa asefo nyinaa nso te. Wɔbɛwo wɔn no, na sintɔ wɔ wɔn ho. Ne nyinaa akyi no, Yehowa dɔ wɔn na ɔhwɛ wɔn. (1 Yohane 4:19) Yehowa nte sɛ awofo a yɛaka wɔn ho asɛm no. Ɔno de, obetumi ayɛ ɔhaw a nnipa refa mu no ho biribi. Wahyɛ da a ɔde beyi ɔhaw a nnipa refa mu no nyinaa afi hɔ. (Mat. 24:36) Yehowa dɔ yɛn nti wagyina ɔhaw ano abesi saa bere yi. Wei nkanyan yɛn sɛ yɛn nso yensuasua no anaa?

17. Sɛnea wɔaka Yesu ho asɛm wɔ Hebrifo 12:2, 3 no, sɛn na ɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛkɔ so gyina ɔhaw ano?

17 Sɛ yɛreka obi a otumi gyina ɔhaw ano paa a, Yehowa da mu fua. Yesu suasuaa n’Agya. Yesu baa asaase so no, nkurɔfo kasa tiaa no, woguu n’anim ase, na yɛn nti ohuu amane wɔ asɛndua so. (Kenkan Hebrifo 12:2, 3.) Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa nhwɛso no na ɛhyɛɛ Yesu den ma otumi gyinaa mu. Yɛn nso, ebetumi ahyɛ yɛn den.

18. Sɛnea 2 Petro 3:9 ma yehu no, abotare a Yehowa anya no, dɛn na afi mu aba?

18 Kenkan 2 Petro 3:9. Yehowa nim bere a ɛfata paa sɛ ɔsɛe saa wiase bɔne yi. Abotare a wanya no ama nnipakuw kɛse bi a wɔn dodow yɛ ɔpepem pii abehu no, na wɔresom no. Ɛyɛ wɔn dɛ paa sɛ Yehowa akɔ so anya abotare ama wɔawo wɔn, wɔabesua ne ho ade adɔ no, na wɔahyira wɔn ho so ama no. Sɛ nnipa ɔpepem pii gyina mu ara kosi awiei a, ɛbɛma obiara ahu sɛ, eye paa sɛ Yehowa nyaa abotare twɛnee!

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ, na akatua bɛn na yebenya?

19 Sɛnea Yehowa de anigye gyina ɔhaw ano no, yɛn nso yebetumi asua. Ɛmfa ho awerɛhow ne amanehunu a Satan akɔfa aba no, Yehowa da so ara yɛ “anigye Nyankopɔn.” (1 Tim. 1:11) Yɛn nso yebetumi de anigye atwɛn akosi sɛ Yehowa bɛtew ne din ho, wama obiara ahu sɛ ne tumidi na ɛyɛ papa, na wayi abɔnefosɛm nyinaa ne ɔhaw biara a yɛrehyia nnɛ no afi hɔ. Esiane sɛ yenim sɛ yɛn Agya a ɔwɔ ɔsoro no refa ɔhaw mu nti, momma yensi yɛn bo sɛ yɛn nso yebemia yɛn ani afa mu bi. Yɛyɛ saa a, yebehu sɛ saa asɛm yi yɛ nokware: “Anigye ne nea omia n’ani gyina sɔhwɛ mu, efisɛ sɛ wogye no tom a, ne nsa bɛka nkwa abotiri a Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn a wɔkɔ so dɔ no no.”—Yak. 1:12.

DWOM 139 Fa W’ani Bu Wiase Foforo No

^ nky. 5 Yɛn mu biara nni hɔ a onni haw. Emu bebree wɔ hɔ a ano aduru nni hɔ. Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yebemia yɛn ani agyina ano. Nanso, ɛnyɛ yɛn nko ara na yɛrefa ɔhaw a ɛtete saa mu. Nea Yehowa nso refa mu nyɛ ade ketewa. Adesua yi mu no, yɛbɛka emu nkron ho asɛm. Afei nso, sɛnea Yehowa agyina ɔhaw a ɛtete saa ano no, yɛbɛhwɛ nea afi mu aba ne sɛnea yebesuasua no.