Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 26

Wubetumi Aboa Nkurɔfo Ama Wɔabɛyɛ Asuafo?

Wubetumi Aboa Nkurɔfo Ama Wɔabɛyɛ Asuafo?

“Onyankopɔn na . . . ama moanya ɔpɛ no ne ahoɔden a mode bɛyɛ n’apɛde.”​—FILIP. 2:13.

DWOM 64 Fa Anigye Yɛ Otwa Adwuma no Bi

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na Yehowa ayɛ ama wo?

ƐYƐƐ dɛn na wobɛyɛɛ Yehowa Danseni? Nea edi kan, wotee “asɛmpa no.” Ebia w’awofo, obi a wo ne no yɛ adwuma anaa obi a wo ne no kɔ sukuu na ɛka kyerɛɛ wo. Ebi nso a ɛnam afie afie asɛnka adwuma no so na wotee. (Mar. 13:10) Afei, obi nyaa wo ho adagyew paa ne wo suaa Bible no. Adesua no boaa wo ma wobɛdɔɔ Yehowa na wuhui sɛ ɔdɔ wo. Yehowa twee wo baa nokware no mu, na seesei a woabɛyɛ Yesu Kristo suani yi, woanya anidaso sɛ wubetumi atena ase daa. (Yoh. 6:44) Akyinnye biara nni ho sɛ w’ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama wo no, efisɛ ɔkanyan obi ma ɔbɛkyerɛkyerɛɛ wo nokware no, na wagye wo atom sɛ ne somfo.

2. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Seesei a yɛahu nokware no, yɛanya hokwan sɛ yɛbɛboa afoforo ma wɔabɛka yɛn ho wɔ nkwa kwan no so. Ebia ɛnyɛ den mma yɛn sɛ yɛbɛka asɛmpa no wɔ afie afie, nanso ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛka akyerɛ obi sɛ yɛpɛ sɛ yɛne no sua Bible anaa ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛne obi bɛyɛ Bible adesua. Ɛyɛ a saa na wote nka anaa? Sɛ saa a, ebia nyansahyɛ a yebesusuw ho wɔ adesua yi mu no bi betumi aboa wo. Yɛbɛhwɛ nea ɛkanyan yɛn ma yɛboa nkurɔfo ma wɔbɛyɛ asuafo. Afei nso, nneɛma a ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛyɛ Bible adesua no, yɛbɛhwɛ nea yebetumi ayɛ wɔ ho. Nanso nea edi kan no, momma yɛnhwɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo na yɛsan kyerɛkyerɛ wɔn.

YESU MAA YƐN AHYƐDE SƐ YƐNKA ASƐMPA NO NA YƐNKYERƐKYERƐ

3. Adɛn nti na yɛka asɛmpa no?

3 Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔmaa n’akyidifo no adwuma bi a ɛwɔ afã mmienu. Nea edi kan, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnka Ahenni no ho asɛmpa, na ɔkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔbɛyɛ no. (Mat. 10:7; Luka 8:1) Nea Yesu yɛ de boaa n’asuafo no ne sɛ, ɔma wohuu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ bere a nkurɔfo atie anaa wɔantie Ahenni ho asɛmpa no. (Luka 9:2-5) Afei nso, bere a ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wobedi “amanaman nyinaa adanse” no, na ɔrema wɔahu baabi a wɔbɛyɛ asɛnka adwuma no akodu. (Mat. 24:14; Aso. 1:8) Sɛ nkurɔfo tie oo, wɔantie oo, na ɛsɛ sɛ asuafo no ka Onyankopɔn Ahenni ne nea ɛbɛyɛ ho asɛm kyerɛ wɔn.

4. Sɛnea Mateo 28:18-20 kyerɛ no, Ahenni no ho asɛmpa a yɛka akyi no, dɛn bio na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

4 Dɛn ne ade a ɛto so mmienu a Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ? Ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ, wɔnkyerɛkyerɛ wɔn a wobetie asɛmpa no ma wonni nea wahyɛ nyinaa so. Nanso sɛnea ebinom kyerɛ no, so ɛyɛ ampa sɛ asomafo no bere so nko ara na na ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no na wɔkyerɛkyerɛ? Daabi. Yesu kyerɛe sɛ n’akyidifo no bɛyɛ adwuma a ɛho hia yi ‘akosi wiase yi awiei bere.’ (Kenkan Mateo 28:18-20.) Ɛbɛyɛ sɛ bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo bɛboro 500 no na ɔde saa ahyɛde no maa wɔn. (1 Kor. 15:6) Afei nso, adiyisɛm a Yesu de maa Yohane no mu no, ɔma ɛdaa adi pefee sɛ, ɛsɛ sɛ n’asuafo nyinaa boa nkurɔfo ma wosua Yehowa ho ade.—Adi. 22:17.

5. Sɛnea 1 Korintofo 3:6-9 kyerɛ no, mfatoho bɛn na Paul mae a ɛma yehu sɛ, sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo a, ɛsɛ sɛ yɛsan kyerɛkyerɛ wɔn?

5 Ɔsomafo Paul de asuafoyɛ adwuma no totoo sɛnea yɛyɛ afuw ho, na ɔkyerɛe sɛ, sɛ yedua aba no a na yenwiei. Ɔkaee Korintofo no sɛ: “Me de, miduae, Apolo guguu so nsu .  . . Moyɛ Onyankopɔn afuw.” (Kenkan 1 Korintofo 3:6-9.) Yɛyɛ adwumayɛfo wɔ Onyankopɔn afuw mu, enti ɛnyɛ sɛ yeduaa aba no ara na yɛawie. Mmom, yegugu so nsu na yɛtaa kɔhwɛ sɛ ɛrenyin anaa. (Yoh. 4: 35) Nanso yenim sɛ Onyankopɔn na ɔma aba no nyin.

6. Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ nkurɔfo a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn ma wɔyɛ?

6 Yɛrehwehwɛ wɔn a wɔwɔ “koma pa a ebetumi ama wɔanya daa nkwa.” (Aso. 13:48) Sɛ yebetumi aboa saa nkurɔfo yi ama wɔabɛyɛ asuafo a, nea wɔresua fi Bible mu no, ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn ma (1) wɔte ase, (2) wogye tom, na (3) wɔde bɔ wɔn bra. (Yoh. 17:3; Kol. 2:6, 7; 1 Tes. 2:13) Sɛ Bible asuafo ba adesua a, obiara a ɔwɔ asafo no mu betumi ayɛ biribi de akyerɛ sɛ ɔdɔ wɔn na ama wɔn ani aka. (Yoh. 13:35) Gyidi ne nneyɛe bi a “ase atim denneennen” wɔ osuani no mu no, ebia ɛsɛ sɛ nea ɔne no sua ade no nya bere pii de boa no ma otu ase. (2 Kor. 10:4, 5) Ebia ebegye abosome pii na woatumi aboa osuani no ama wasesa n’abrabɔ na watumi abɔ asu. Nanso wo brɛ renyɛ kwa da.

ƆDƆ NA ƐKANYAN YƐN MA YƐBOA NKURƆFO MA WƆBƐYƐ ASUAFO

7. Dɛn na ɛkanyan yɛn ma yɛka asɛmpa no na yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔbɛyɛ asuafo?

7 Adɛn nti na yɛka asɛmpa no, na yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔbɛyɛ asuafo? Nea edi kan, yɛdɔ Yehowa. Ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka asɛmpa no na yɛmmoa nkurɔfo ma wɔmmɛyɛ asuafo no, sɛ woyɛ nea wubetumi biara di so a, ɛkyerɛ sɛ wodɔ Onyankopɔn. (1 Yoh. 5:3) Wo de, dwen wei ho hwɛ: Ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no aboa wo ma woka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo. Ná ɛyɛ mmerɛw ma wo sɛ wubedi saa ahyɛde no so anaa? Ebia na ɛnna fam. Bere a wufii asɛnka adwuma no ase no, ɔpon a edi kan a wokɔbɔɔ mu no, wotee nka sɛn? Sɛ́ wo yam hyee wo? Nanso esiane sɛ na wunim sɛ ɛyɛ adwuma a Yesu pɛ sɛ woyɛ nti, wudii ahyɛde no so. Seesei, nkakrankakra ebia asɛmpaka adwuma no akokwaw wo. Ɛnde, Bible adesua a wobɛyɛ nso ɛ? Ebesi wo tirim a, ɛma wo yam hye wo anaa? Ebia saa na ɛyɛ wo. Nanso wubetumi abɔ Yehowa mpae na woaka akyerɛ no sɛ ɔmmoa wo na nya akokoduru, na yi ehu fi wo mu sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi aka akyerɛ obi sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible. Woyɛ saa a, Yehowa betumi aboa wo ama woanya ɔpɛ no de aboa nkurɔfo ma wɔabɛyɛ asuafo.

8. Sɛnea Marko 6:34 kyerɛ no, dɛn bio na ebetumi akanyan yɛn ama yɛakyerɛkyerɛ nkurɔfo?

8 Nea ɛto so mmienu, ɔdɔ a yɛwɔ ma nnipa na ɛkanyan yɛn ma yɛkyerɛkyerɛ wɔn nokware no. Bere bi, Yesu ne n’asuafo no kyɛe wɔ asɛnka mu enti na wɔabrɛ paa. Ná ehia sɛ wɔkɔ baabi kɔhome kakra. Nanso nnipadɔm bi toaa wɔn. Nkurɔfo no yɛɛ Yesu mmɔbɔ, enti ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn “nneɛma pii.” (Kenkan Marko 6:34.) Ná Yesu abrɛ, nanso okum ne ho yɛɛ adwuma. Adɛn nti na ɔyɛɛ saa? Nea na nkurɔfo no refa mu no, Yesu faa no sɛ ɔno na ɔrefa mu. Ohui sɛ na wɔrehu amane paa, na na wonni anidaso biara, enti na ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn. Ɛnnɛ nso saa tebea no ara na nkurɔfo wom. Mma sɛnea wuhu wɔn no nnaadaa wo. Wɔte sɛ nguan a wɔayera a wɔn ani so atan wɔn na wonni ɔhwɛfo biara. Ɔsomafo Paul kaa nnipa a wɔte saa no ho asɛm sɛ wonnim Onyankopɔn na wonni anidaso biara. (Efe. 2:12) Wɔnam ‘ɔkwan a ɛkɔ ɔsɛe mu’ no so! (Mat. 7:13) Nnipa a wɔwɔ yɛn asaasesin mu no, sɛ yɛhwɛ sɛnea wonni Onyankopɔn ho nimdeɛ biara no a, ɔdɔ ne ayamhyehye a yɛwɔ ma wɔn no bɛkanyan yɛn ma yɛaboa wɔn. Ade a yebetumi ayɛ de aboa wɔn paa ne sɛ yɛbɛka akyerɛ wɔn sɛ yɛne wɔn besua Bible.

9. Sɛnea Filipifo 2:13 kyerɛ no, dɛn na Yehowa betumi ayɛ de aboa wo?

9 Sɛ woka kyerɛ obi sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible a, wunim sɛ ebegye bere paa na woatumi asiesie wo ho akɔyɛ adesua no, enti ebia wobɛtwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛka ho asɛm akyerɛ no. Sɛ saa na wote nka a, ka ho asɛm kyerɛ Yehowa. Ka kyerɛ no sɛ ɔmmoa wo na nya ɔpɛ a wode bɛhwehwɛ obi a wo ne no besua Bible. (Kenkan Filipifo 2:13.) Ɔsomafo Yohane ma yɛn awerɛhyem sɛ, mpae a ɛne Onyankopɔn apɛde hyia no, otie. (1 Yoh. 5: 14, 15) Enti wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa wo ama woanya ɔpɛ no de akyerɛkyerɛ nkurɔfo ama wɔabɛyɛ asuafo.

SƐNEA YEBEDI NSƐNNENNEN AFOFORO SO

10-11. Dɛn na ebetumi ama yɛatwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛyɛ Bible adesua?

10 Ahyɛde a wɔde ama yɛn sɛ yɛnkyerɛkyerɛ afoforo ma wɔmmɛyɛ asuafo no, yɛntoto no ase koraa. Nanso ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛyɛ nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ nyinaa. Momma yɛnhwɛ saa nsɛnnennen no bi, na yɛnhwɛ nea yebetumi ayɛ wɔ ho.

11 Yɛn tebea nti, ebia yɛrentumi nyɛ nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ nyinaa. Ɛho nhwɛso ne sɛ, adawurubɔfo binom abɔ nkwakoraa ne mmerewa, na ebinom nso, yare reteetee wɔn. Yɛabɔ w’asɛm so anaa? Sɛ saa a, hwɛ ade baako a yɛasua bere a COVID-19 nsanyare kodiawu yi bae yi. Yɛahu sɛ yebetumi afa fon anaa ɛlɛtrɔnik mfiri afoforo so ne nkurɔfo asua Bible ama atu mpɔn! Enti sɛ wote wo fie mpo a, wubetumi ne obi afi ase asua Bible. Ade foforo nso a eye wɔ ho ne sɛ, ebinom wɔ hɔ a, bere a anuanom ayi asi hɔ a wɔde kɔ asɛnka no, wɔnkɔto wɔn wɔ fie, nanso wɔn ani gye ho sɛ wobesua Bible no. Ebia wɔn de, anɔpatutuutu anaasɛ anadwo na wobenya adagyew. Wubetumi ayɛ wo nhyehyɛe yiye na wo ne nkurɔfo a ɛte saa asua Bible no. Anadwo na Yesu kyerɛkyerɛɛ Nikodemo, efisɛ saa bere no na na eye ma Nikodemo.—Yoh. 3:1, 2.

12. Dɛn na ɛma yenya ahotoso sɛ yebetumi akyerɛkyerɛ yiye?

12 Ebia yennye yɛn ho nni sɛ yebetumi ne obi ayɛ Bible adesua. Ebia yɛn adwene yɛ yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ yenya nimdeɛ pii anaa yɛn ho kokwaw ansa na yɛatumi ne obi asua Bible. Sɛ saa na wote nka a, yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a ebetumi ama woanya ahotoso. Nea edi kan, Yehowa bu wo sɛ wofata sɛ wokyerɛkyerɛ afoforo. (2 Kor. 3:5) Nea ɛto so mmienu, Yesu a wɔde ɔsoro ne asaase so tumi nyinaa ama no no na ahyɛ wo sɛ kɔkyerɛkyerɛ. (Mat. 28:18) Nea ɛto so mmiɛnsa, wubetumi ama afoforo nso aboa wo. Yesu nso, nea n’Agya kyerɛkyerɛɛ no no, ɛno ara na ɔno nso de kyerɛkyerɛɛ afoforo, enti wo nso wubetumi ayɛ saa. (Yoh. 8:28; 12:49) Bio nso, wubetumi ama w’asɛnka kuw sohwɛfo, ɔkwampaefo a onim nkyerɛkyerɛ, anaa ɔdawurubɔfo bi a ne ho akokwaw aboa wo ama wo ne obi afi ase asua Bible. Ɔkwan baako a wubetumi afa so anya ahotoso ne sɛ, wo ne anuanom a wɔn ho akokwaw yi mu bi bɛkɔ akɔyɛ wɔn Bible adesua.

13. Sɛnea yɛkyerɛkyerɛ no, adɛn nti na ehia sɛ yɛsakra mu?

13 Akwan foforo a ɛsɛ sɛ yɛfa so kyerɛkyerɛ ne nnwinnade foforo a ɛsɛ sɛ yɛde kyerɛkyerɛ no, ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛde bɛyɛ adwuma. Ɔkwan a yɛfa so yɛ Bible adesua no asesa. Seesei, nhoma titiriw a yɛde yɛ Bible adesua ne Wubetumi Anya Anigye Daa! no. Saa nhoma yi de, yɛne nkurɔfo rekosua a, ɛsɛ sɛ yedi kan sua no yiye. Afei nso, ɔkwan a yɛbɛfa so ne wɔn asua no, yɛrenyɛ no sɛ kan no. Seesei nkyekyɛm a yɛkenkan no nnɔɔso, na mmom yɛne osuani no bɔ nkɔmmɔ kɔ akyiri. Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ a, nneɛma a edi akoten wom paa ne video ne nneɛma a yɛde agu ɛlɛtrɔnik mfiri so te sɛ JW Library® no. Sɛ wunnim sɛnea yɛde saa nnwinnade yi yɛ adwuma a, ma obi a onim mu nkyerɛ wo. Nnipa de, sɛ yɛyɛ biribi ma ɛka yɛn hɔ a, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛsesa akɔfa ɔkwan foforo so. Nanso Yehowa ne anuanom afoforo betumi aboa wo ma ayɛ mmerɛw ama wo sɛ wubesua ɔkwan foforo a yɛfa so kyerɛkyerɛ no. Wei bɛma w’ani abegye ho paa sɛ wo ne afoforo besua ade. Ɔkwampaefo bi kaa sɛ, ɔkwan foforo a yɛfa so ne nkurɔfo sua ade yi, ɛma “osuani no ne ɔkyerɛkyerɛfo no nyinaa ani gye.”

14. Sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no wɔ asaasesin a nkurɔfo pii ntaa ntie asɛm no mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae, na sɛn na 1 Korintofo 3:6, 7 hyɛ yɛn nkuran?

14 Ebia baabi a yɛte no, ɛyɛ den sɛ yebenya nkurɔfo ne wɔn asua Bible. Ebia ebinom ani nnye asɛm a yɛka no ho anaa mpo wɔsɔre tia yɛn. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛakɔ so anya gyidi sɛ wobetie? Kae sɛ, wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma yi, nneɛma tumi sesa wɔ nnipa asetena mu prɛko pɛ. Enti wobɛhwɛ no, na wɔn a bere bi na wɔn ani nnye asɛm no ho no abehu sɛ afei de wohia Onyankopɔn akwankyerɛ. (Mat. 5:3) Ebinom nso wɔ hɔ a, kan no na wɔmpɛ yɛn nhoma no koraa, nanso akyiri yi wɔmaa kwan ma yɛne wɔn suaa Bible. Afei nso, yenim sɛ Yehowa ne afuw Wura no. (Mat. 9:38) Ɔpɛ sɛ yɛkɔ so dua na yegugu so nsu, nanso Ɔno na ɔma enyin. (1 Kor. 3:6, 7) Sɛ seesei yentumi ne obi nyɛ Bible adesua mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛnyɛ Bible adesua dodow a yɛbɛyɛ na Yehowa bɛhwɛ ho atua yɛn ka na mmom yɛn mmɔdenbɔ. Wei nhyɛ yɛn nkuran anaa? *

WOBOA OBI MA ƆBƐYƐ OSUANI A W’ANI BEGYE

Hwɛ sɛnea asɛmpa a yɛka no ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no tumi boa nkurɔfo (Hwɛ nkyekyɛm 15-17) *

15. Sɛ obi pene so ma yɛne no sua Bible na ɔde nea ɔresua no yɛ adwuma a, Yehowa te nka sɛn?

15 Sɛ obi sua nokware a ɛwɔ Bible no mu na ɔno nso de kyerɛkyerɛ afoforo a, ɛma Yehowa ani gye paa. (Mmeb. 23:15, 16) Sɛ Yehowa hu sɛnea n’asomfo ayere wɔn ho reka asɛmpa no na wɔrekyerɛkyerɛ a, wode hwɛ sɛnea n’ani begye afa! Yɛhwɛ afe 2020 ɔsom afe no sɛɛ a, ɛmfa ho nsanyare kodiawu a ɛbaa wiase baabiara no, yetumi yɛɛ Bible adesua 7,705,765. Ɛno maa nnipa 241,994 hyiraa wɔn ho so maa Yehowa bɔɔ asu. Saa asuafo foforo yi nso ne afoforo besua Bible, na wɔaboa wɔn mu pii ama wɔn nso abɛyɛ asuafo. (Luka 6:40) Biribiara kyerɛ sɛ, sɛ yɛyɛ asuafoyɛ adwuma no bi a, yɛma Yehowa ani gye.

16. Botae pa bɛn na wubetumi de asi w’ani so?

16 Ɛnna fam sɛ yɛbɛboa nkurɔfo ma wɔabɛyɛ asuafo, nanso Yehowa betumi aboa yɛn ma yɛakyerɛkyerɛ afoforo ama wɔabɛdɔ yɛn Agya a ɔwɔ soro no. Yebetumi de asi yɛn ani so sɛ, anyɛ yiye koraa no, yɛbɛpɛ nipa baako ne no asua Bible. Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, sɛ yɛbɔ mmɔden ka Bible adesua ho asɛm kyerɛ nnipa a yehyia wɔn nyinaa a, ebia nea ebefi mu aba no bɛyɛ yɛn nwonwa. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛyere yɛn ho a, Yehowa behyira yɛn, na yɛn brɛ renyɛ kwa.

17. Sɛ yetumi ne obi sua Bible a, yɛbɛte nka sɛn?

17 Ɛyɛ hokwan paa na yɛanya sɛ yɛbɛka asɛmpa no na yɛakyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔabehu nokware no! Saa adwuma yi ma yɛn ani gye ankasa. Ɔsomafo Paul a ɔboaa Tesalonikafo pii ma wɔbɛyɛɛ asuafo no ma yehu sɛnea ɔtee nka. Ɔkaa sɛ: “Dɛn ne yɛn anidaso, anaa yɛn anigye, anaa yɛn abotiri a yɛde bɛhoahoa yɛn ho yɛn Awurade Yesu anim wɔ ne mmae mu? Ɛnyɛ mo? Nokwasɛm ni, mone yɛn anuonyam ne yɛn anigye.” (1 Tes. 2:19, 20; Aso. 17:1-4) Ɛnnɛ nso, saa ara na anuanom bebree te nka. Onuawa bi a ne din de Stéphanie a ɔne ne kunu aboa nkurɔfo bebree ama wɔabɔ asu no ka sɛ, “Sɛ yɛboa nkurɔfo ma wohyira wɔn ho so ma Yehowa a, anigye a yenya de yɛnka.”

DWOM 57 Yɛka Asɛmpa no Kyerɛ Nnipa Nyinaa

^ nky. 5 Yehowa ama yɛn hokwan sɛ yɛnka asɛmpa no nkyerɛ nkurɔfo, nanso ɛnyɛ ɛno nko. Ɔpɛ sɛ yɛsan kyerɛkyerɛ wɔn ma wodi nea Yesu ahyɛ nyinaa so. Dɛn na ɛkanyan yɛn ma yɛkyerɛkyerɛ afoforo? Nsɛnnennen bɛn na yehyia wɔ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu, na yɛbɛyɛ dɛn adi saa nsɛnnennen no so? Adesua yi bɛma yɛanya saa nsɛmmisa no ho mmuae.

^ nky. 14 Nea yɛyɛ de boa nkurɔfo ma wɔbɛyɛ asuafo no, sɛ wopɛ ɛho nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ adesua asɛm a yɛato din “Asafo No Nyinaa, Mommoa Bible Asuafo Mma Wontumi Nnya Nkɔso Mmɔ Asu” no. Ɛwɔ March afe 2021 Ɔwɛn Aban no mu.

^ nky. 53 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Hwɛ nsakrae a obi sua Bible a otumi yɛ wɔ n’asetena mu: Wohwɛ ɔbarima no a, ayɛ sɛ asetena afono no, na onnim Yehowa. Akyiri yi, Adansefo bi hyiaa no dii no adanse, na ɔpenee so sɛ wɔne no nsua Bible. Nea osuae no apusuw no ama wahyira ne ho so abɔ asu. Afei de, ɔno nso reboa nkurɔfo ama wɔabɛyɛ asuafo. Awiei koraa no, wɔn nyinaa regye wɔn ani wɔ Paradise.