Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 28

Ahenni No Redi Tumi!

Ahenni No Redi Tumi!

“Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no Ahenni.”—ADI. 11:15.

DWOM 22 Ahenni no Redi Tumi—Ma Ɛmmra!

NEA YƐREBESUA a

1. Dɛn na yenim, na adɛn ntia?

 SƐ WOHWƐ ɔhaw a ɛrekɔ so wɔ wiase a, ɛyɛ den ma wo sɛ wubegye adi sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye anaa? Ɔdɔ a ɛwɔ abusuafo ntam ano redwo. Ɛnnɛ nnipa bebree ani so ayɛ krakra, wɔyɛ pɛsɛmenkominya, na aturutrasɛm yɛ wɔn dɛ. Ɛyɛ den ma nkurɔfo pii sɛ wobegye wɔn a wɔwɔ tumi no adi. Nanso nea ɛrekɔ so no betumi ama woanya ahotoso sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye. Adɛn ntia? Efisɛ sɛnea Bible ka too hɔ sɛ nnipa bɛyɛ wɔn ade wɔ “awiei mmere” yi mu no, saa pɛpɛɛpɛ na ɛrekɔ so nnɛ. (2 Tim. 3:1-5) Obiara a n’ani da fam no begye atom sɛ nkɔmhyɛ yi abam. Wei yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Kristo Yesu afi ase redi Onyankopɔn Ahenni no so Hene. Nanso nkɔmhyɛ pii a ɛfa Ahenni no ho no, wei yɛ emu baako pɛ. Nkɔmhyɛ afoforo a aba mu nnansa yi no, sɛ yesusuw ho a, ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den.

Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel ne Adiyisɛm nhoma no mu nyinaa keka si anim pɛpɛɛpɛ te sɛ mfoni bi a wɔatwitwa agu hɔ ahyehyɛ. Wei ma yehu sɛ ɛrenkyɛ koraa wiase yi bɛba n’awiei sɛnea Yehowa aka no (Hwɛ nkyekyɛm 2).

2. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu, na adɛn ntia? (Ka mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no ho asɛm.)

2 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ (1) nkɔmhyɛ bi a ɛboa yɛn ma yehu bere a Ahenni no fii ase dii tumi, (2) nkɔmhyɛ ahorow a ɛboa yɛn ma yehu sɛ Yesu redi Onyankopɔn Ahenni no so Hene wɔ soro, ne (3) nkɔmhyɛ ahorow a ɛma yehu sɛnea wɔbɛsɛe Onyankopɔn Ahenni no atamfo. Yebehu sɛ saa nkɔmhyɛ yi nyinaa keka si anim pɛpɛɛpɛ te sɛ mfoni bi a wɔatwitwa agu hɔ ahyehyɛ. Wei ma yehu sɛ ɛrenkyɛ koraa wiase yi bɛba n’awiei sɛnea Yehowa aka no.

NEA ƐMA YEHU BERE A AHENNI NO FII ASE DII TUMI

3. Onyankopɔn Ahenni no so Hene no, awerɛhyem bɛn na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 7:13, 14 no ma yenya wɔ ne mu?

3 Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 7:13, 14 no ma yenya awerɛhyem sɛ Kristo Yesu ne obi a ɔfata paa sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene. Nnipa a wofi aman nyinaa mu de anigye ‘bɛsom no,’ na obiara remmetu no ade so da. Nkɔmhyɛ foforo bi a ɛwɔ Daniel nhoma no mu no ka too hɔ sɛ, sɛ mmere nson a wɔahyɛ ho nkɔm no ba awiei a, Yesu nsa bɛka n’Ahenni no. Wohwɛ a, yebetumi ahu bere a saa anigyesɛm no sii anaa?

4. Daniel 4:10-17 ma yehu afe a na Kristo befi ase adi Hene. Kyerɛkyerɛ mu. (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

4 Kenkan Daniel 4:10-17. “Mmere nson” no gyina hɔ ma mfe 2,520. Saa bere no hyɛɛ ase afe 607 A.Y.B. (Ansa Na Yesu Reba). Ɔhene a otwa to a na ɔte Yehowa ahengua so wɔ Yerusalem no, saa bere no na Babilonfo tuu no ade so. “Mmere nson” no baa awiei afe 1914 bere a Yehowa de Yesu sii agua so sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene no; ɔno na Ahenni no ‘yɛ ne dea.’ bHes. 21:25-27.

5. Nkɔmhyɛ a ɛfa “mmere nson” no ho no, sɛn na ebetumi aboa yɛn?

5 Sɛn na saa nkɔmhyɛ yi betumi aboa yɛn? Sɛ yɛte “mmere nson” ho nkɔmhyɛ no ase a, ɛbɛma yɛanya awerɛhyem sɛ Yehowa ma ne bɔhyɛ ba mu bere a wahyɛ no pɛpɛɛpɛ. Sɛnea Yehowa hyɛɛ bere pɔtee a Ahenni no befi ase adi tumi too hɔ no, saa ara na ɔbɛhwɛ ama nkɔmhyɛ a aka no nyinaa nso aba mu bere a wahyɛ no pɛpɛɛpɛ. Yehowa da no ‘renka akyi.’—Hab. 2:3.

NEA ƐMA YEHU SƐ KRISTO ABƐYƐ ONYANKOPƆN AHENNI NO SO HENE

6. (a) Adanse bɛn na ɛma yehu sɛ Kristo redi ade wɔ soro? (b) Sɛn na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm 6:2-8 foa saa adanse yi so?

6 Aka kakra ama Yesu awie ne som adwuma wɔ asaase so no, ɔkaa nsɛm bi a ebesisi wɔ wiase a ɛbɛboa n’akyidifo ama wɔahu sɛ wafi ase redi ade wɔ soro. Nea ɔkaa sɛ ebesisi no bi ne ɔko, ɔkɔm, ne asaasewosow. Ɔsan nso kaa sɛ nsanyare a edi awu “bɛba mmeaemmeae.” Ɛho nhwɛso ne COVID-19 nsanyare kodiawu a aba nnansa yi no. Nea Bible frɛ no Kristo mmae ho “sɛnkyerɛnne” no, saa nneɛma yi ka ho. (Mat. 24:3, 7; Luka 21:7, 10, 11) Yesu wui na ɔkɔɔ soro no, bɛboro mfe 60 akyi no, ɔmaa ɔsomafo Yohane hui sɛ nea ɛte biara saa nsɛm yi besisi. (Kenkan Adiyisɛm 6:2-8.) Efi bere a Yesu bɛyɛɛ Ɔhene afe 1914 no, saa nsɛm yi nyinaa aba mu.

7. Adɛn nti na efi bere a Yesu bɛyɛɛ Ɔhene no, nneɛma bɔne akɔ so wɔ asaase so saa?

7 Adɛn nti na efi bere a Yesu bɛyɛɛ Ɔhene no, nneɛma asɛe wɔ wiase saa? Adiyisɛm 6:2 ma yehu biribi titiriw bi. Ɛne sɛ, Yesu bɛyɛɛ Ɔhene no, ade a edi kan a ɔyɛe ne sɛ ɔne ebinom koe. Ɔne henanom na ɛkoe? Ɔne Ɔbonsam ne n’ahonhommɔne no. Sɛnea Adiyisɛm ti 12 ma yehu no, Satan dii nkogu wɔ ɔko no mu, na wɔtow ɔne ahonhommɔne no beguu asaase so. Wei ama Satan bo afuw, na ɔde n’anibere abɛsoɛ adasamma so. Ɛno nti na Bible ka sɛ ‘asaase nnue’ no.—Adi. 12:7-12.

Sɛ nneɛma bɔne rekɔ so a, ɛnyɛ yɛn dɛ, nanso Bible nkɔmhyɛ a yehu sɛ ɛreba mu no ma yenya ahotoso sɛ Onyankopɔn Ahenni no redi tumi (Hwɛ nkyekyɛm 8)

8. Sɛ yehu sɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Ahenni no ho reba mu a, sɛn na ebetumi aboa yɛn?

8 Sɛn na saa nkɔmhyɛ yi betumi aboa yɛn? Nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase ne nnipa suban a asesa no boa yɛn ma yehu sɛ Yesu abɛyɛ Ɔhene. Enti sɛ yehu sɛ nkurɔfo yɛ pɛsɛmenkominya, na wodi atirimɔdensɛm a, ɛnsɛ sɛ yɛn bo fuw, mmom ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ wɔn nneyɛe no kyerɛ sɛ Bible nkɔmhyɛ reba mu. Ampa, Ahenni no redi tumi! (Dw. 37:1) Afei nso, yebetumi ahwɛ kwan sɛ, bere a Armagedon rebɛn no, ɔhaw a ɛwɔ wiase no bɛkɔ so ara ayɛ kɛse. (Mar. 13:8; 2 Tim. 3:13) Ɛnyɛ wo dɛ sɛ yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no aboa yɛn ama yɛahu nea enti a ɔhaw adɔɔso wɔ wiase saa?

SƐNEA WƆBƐSƐE ONYANKOPƆN AHENNI NO ATAMFO

9. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 2:28, 31-35 no, sɛn na ɛka wiase tumidi a etwa to no ho asɛm, na bere bɛn na saa tumidi no bae?

9 Kenkan Daniel 2:28, 31-35. Ɛnnɛ, yehu sɛ saa nkɔmhyɛ yi reba mu. Dae a Nebukadnesar soe no ma yehu nea ebesi wɔ “awiei nna no mu,” bere a Kristo afi ase redi hene no akyi. Yesu atamfo a ɛwɔ asaase so no, wiase tumidi a etwa to a Bible hyɛɛ ho nkɔm no ka ho. Ohoni no “nan ase a ɛyɛ dade ne dɔte no” na egyina hɔ ma saa wiase tumidi yi. Wiase tumidi yi aba dedaw. Bere a Britain ne United States kaa wɔn ntama bɔɔ ano wɔ Wiase Ko I no mu no, saa bere no na Anglo-Amerika tumidi no bae. Ohoni a Nebukadnesar soo ho dae no, anyɛ yiye koraa no, ɛkaa nneɛma mmienu bi nso a na ɛbɛma saa wiase tumidi yi ayɛ soronko wɔ tumidi ahorow a na abɛsen kɔ no ho.

10. (a) Dɛn na Daniel nkɔmhyɛ no ka faa Anglo-Amerika tumidi no ho a ɛnnɛ yehu sɛ abam pɛpɛɛpɛ? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ho? (Hwɛ adaka a yɛato din “ Hwɛ Yiye Wɔ Dɔte No Ho!” no.)

10 Nea edi kan, wiase tumidi ahorow a ɛbae ansa na Anglo-Amerika tumidi no reba no, dae no mu no, wɔde dade a ɛyɛ den te sɛ sika kɔkɔɔ anaa dwetɛ na egyinaa hɔ mae. Nanso, Anglo-Amerika tumidi no de, wɔde dade ne dɔte a adi afra na egyina hɔ ma no. Dɔte no gyina hɔ ma “nnipa mma,” anaa ɔmanfo no. (Dan. 2:43, ase hɔ asɛm) Ɛnnɛ, yehu pefee sɛ tumi a ɔmanfo no wɔ wɔ abatow mu, ne ɔyɛkyerɛ a wɔtew wɔn ho gu mmɔnten so yɛ de hwehwɛ nea wɔpɛ wɔ nnwuma ne nneɛma foforo mu nti, saa wiase tumidi yi ntumi nni ne koko so asɛm nyɛ nea ɛpɛ sɛ ɛyɛ.

11. Anglo-Amerika Wiase Tumidi a ɛwɔ so seesei no, sɛn na ɛma yenya ahotoso kɛse sɛ yɛte awiei bere no mu?

11 Nea ɛtɔ so mmienu, sɛnea Bible hyɛɛ ho nkɔm no, ohoni no nan ase a egyina hɔ ma Anglo-Amerika no, ɛno ne wiase tumidi a etwa to. Wiase tumidi foforo biara remmetu no ngu. Mmom, n’awiei bɛba prɛko pɛ efisɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛsɛe ɛne nnipa aban a aka nyinaa wɔ Armagedon. cAdi. 16:13, 14, 16; 19:19, 20.

12. Adanse foforo bɛn na ɛwɔ Daniel nkɔmhyɛ no mu a ɛma yenya awerɛkyekye ne anidaso?

12 Sɛn na saa nkɔmhyɛ yi betumi aboa yɛn? Daniel nkɔmhyɛ no ma yenya adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ yɛte awiei bere no mu. Bɛboro mfe 2,500 a atwam no, Daniel ka too hɔ sɛ Babilon akyi no, wiase tumidi foforo nnan benya tumi kɛse wɔ Onyankopɔn nkurɔfo so. Afei nso, ɔde kaa ho sɛ, Anglo-Amerika Wiase Tumidi no na ɛbɛyɛ tumidi a etwa to. Wei ma yenya awerɛkyekye ne anidaso sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni bɛpra wiase aban biara afi hɔ, na adi asaase nyinaa so.—Dan. 2:44.

13. “Ɔhene a ɔto so awotwe” ne “ahemfo du” a Adiyisɛm 17:9-12 ka ho asɛm no gyina hɔ ma dɛn, na sɛn na nkɔmhyɛ yi abam?

13 Kenkan Adiyisɛm 17:9-12. Wiase Ko I no sɛee ade paa; wei maa Bible nkɔmhyɛ foforo bi a ɛfa awiei mmere no ho baa mu. Ná wiase atumfoɔ no pɛ sɛ wɔma asomdwoe ba wiase baabiara. Ɛno nti, January 1920 no, wɔyɛɛ Amanaman Apam no, nanso October 1945 no, wɔde Amanaman Nkabom no besii anan. Bible frɛ saa ahyehyɛde yi “ɔhene a ɔto so awotwe.” Nanso ɛnyɛ wiase tumidi. Aban ahorow a ɛtaa n’akyi no na ɛma onya tumi ne ahoɔden. Bible ka saa aban ahorow no ho asɛm sɛ egyina hɔ ma “Ahemfo du.”

14-15. (a) Dɛn na Adiyisɛm 17:3-5 ma yehu fa “Babilon Kɛse” no ho? (b) Dɛn na wɔn a wɔtaa atoro som akyi reyɛ?

14 Kenkan Adiyisɛm 17:3-5. Onyankopɔn maa ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu bi; ohuu tuutuuni bi a ne din de “Babilon Kɛse.” Saa “Babilon Kɛse” yi gyina hɔ ma atorosom a ɛwɔ wiase nyinaa. Dɛn na anisoadehu yi ma yehu? Atorosom ahyehyɛde ahorow no ne wiase atumfoɔ no adi hwebom akyɛ, na wɔataa wɔn akyi. Nanso, ɛrenkyɛ Yehowa de bɛhyɛ aban ahorow no komam “sɛ wɔmma ne nsusuwii mmra mu.” Ɛbɛkɔ akowie sɛn? Aban ahorow anaa “ahemfo du” no bɛtow ahyɛ atorosom ahyehyɛde ahorow no so na wɔasɛe no.—Adi. 17:1, 2, 16, 17.

15 Yɛyɛ dɛn hu sɛ Babilon Kɛse no awiei abɛn? Nea ɛbɛma yɛanya asɛmmisa yi ho mmuae no, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ tete Babilon kurow no, nneɛma a na ɛbɔ ho ban no, baako ne asubɔnten kɛse a wɔfrɛ no Eufrate no. Adiyisɛm nhoma no de nnipa ɔpepem pii a wɔtaa Babilon Kɛse no akyi no toto “nsu” a ɛbɔ biribi ho ban ho. (Adi. 17:15) Nanso, ɛsan ma yehu sɛ nsu no ‘bɛyow.’ Wei kyerɛ sɛ, nnipa a wɔtaa atorosom akyi no mu pii bɛtwe wɔn ho afi atorosom ho. (Adi. 16:12) Ɛnnɛ, yehu sɛ saa nkɔmhyɛ no reba mu, efisɛ nnipa pii atwe wɔn ho afi atorosom ho de wɔn ani akyerɛ baabi foforo.

16. Nkɔmhyɛ a ɛfa sɛnea Amanaman Nkabom no bae ne sɛnea Babilon Kɛse no bɛba awiei ho no, sɛ yɛte ase a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

16 Sɛn na saa nkɔmhyɛ yi betumi aboa yɛn? Sɛnea Amanaman Nkabom no bae, ne sɛnea nnipa retwe wɔn ho fi atorosom ho no ma yenya adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ yɛte awiei mmere no mu. Ɛwom sɛ nnipa a ɛtaa Babilon Kɛse no akyi no, wɔn mu pii retwe wɔn ho de, nanso ɛnyɛ ɛno na ɛde atorosom ahyehyɛde ahorow no awiei bɛba. Sɛnea yɛadi kan aka no, “ahemfo du” a egyina hɔ ma aban ahorow a ɛtaa Amanaman Nkabom no akyi no, wɔn na Yehowa de bɛhyɛ wɔn komam “sɛ wɔmma ne nsusuwii mmra mu.” Sɛnea amanaman no bɛsɛe atorosom no bɛba prɛko pɛ, na ɛbɛyɛ wiase no nwanwa. d (Adi. 18:8-10) Sɛ wɔsɛe Babilon Kɛse no a, ɛbɛwosow wiase no paa, na ebetumi de ahokyere aba. Nanso anyɛ yiye koraa no, nneɛma mmienu bi nti Onyankopɔn nkurɔfo bedi ahurusi. Babilon Kɛse no a ɔyɛ Yehowa tamfo fi teteete no akyi bɛyera korakora. Afei nso, yebehu sɛ gye a wobegye yɛn afi saa wiase bɔne yi mu no abɛn!—Luka 21:28.

NYA AHOTOSO SƐ YEHOWA BƐBƆ NE NKURƆFO HO BAN

17-18. (a) Yɛbɛyɛ dɛn akɔ so ahyɛ yɛn gyidi den? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

17 Daniel hyɛɛ nkɔm sɛ “nimdeɛ a edi mu bɛdɔɔso.” Adɔɔso ampa nso! Nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa yɛn bere yi ho no, yɛate ase. (Dan. 12:4, 9, 10) Sɛnea nkɔmhyɛ yi nyinaa aba mu pɛpɛɛpɛ no ama yɛanya obu kɛse ama Yehowa ne n’Asɛm a ɔnam ne honhom so ma wɔkyerɛwee no. (Yes. 46:10; 55:11) Enti yere wo ho sua Kyerɛwnsɛm no, na boa afoforo ma wɔne Yehowa mfa adamfo. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma woakɔ so ahyɛ wo gyidi den. Wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so koraa no, ɔbɛma wɔanya “asomdwoe daa.”—Yes. 26:3.

18 Adesua a edi hɔ no, nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Kristofo asafo no ho wɔ awiei bere yi mu no, ɛno na yɛde yɛn adwene besi so. Sɛnea yebehu no, saa nkɔmhyɛ yi nyinaa keka si anim pɛpɛɛpɛ, na ɛma yehu sɛ yɛwɔ awiei mmere no mu. Yebehu adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ Yesu, yɛn Hene a ɔredi ade no rekyerɛ n’akyidifo anokwafo kwan.

DWOM 61 Adansefo, Monkɔ Mo Anim!

a Yɛhwɛ abakɔsɛm mu a, nsɛm akɛseakɛse asisi paa, na yɛn bere yi so nso, saa ara na ɛte. Onyankopɔn Ahenni redi tumi sɛnea Bible nkɔmhyɛ pii ka too hɔ no. Adesua yi mu no, yebesusuw saa nkɔmhyɛ no bi ho. Wei bɛma gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no ayɛ den, ɛbɛka yɛn koma ato yɛn yam, na ama yɛde yɛn ho ato no so ɛnnɛ ne daakye.

b Hwɛ adesua 32 nkyekyɛm 4Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no mu. Afei nso hwɛ video a yɛato din, Onyankopɔn Ahenni Fii Ase Dii Tumi Afe 1914 no wɔ jw.org.

c Sɛ wopɛ Daniel nkɔmhyɛ no ho nsɛm pii a, hwɛ June 15, 2012, Ɔwɛn-Aban, kr. 14-19.

d Sɛ wopɛ nea ebesisi nnansa yi ara no ho nsɛm pii a, hwɛ Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi! nhoma no ti 21.