Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 31

Hokwan a Woanya De Bɔ Mpae No, Ma Ɛnsom Bo Mma Wo

Hokwan a Woanya De Bɔ Mpae No, Ma Ɛnsom Bo Mma Wo

“Ma me mpaebɔ nyɛ sɛ aduhuam a wɔafra no yiye de aba w’anim.”—DW. 141:2.

DWOM 47 Bɔ Yehowa Mpae Daa

NEA YƐREBESUA a

1. Hokwan a yɛanya de bɔ Yehowa mpae no, ɛsɛ sɛ yebu no sɛn?

 YƐANYA hokwan kɛse bi. Ɛne sɛ, yebetumi abɔ ɔsoro ne asaase Bɔfo no mpae. Wo de hwɛ oo, yebetumi aka yɛn komam asɛm akyerɛ Yehowa bere biara wɔ kasa biara mu, a yenni kan nhyɛ no ase. Sɛ yɛda yare mpa so wɔ ayaresabea oo, yɛda afiase oo, yebetumi abɔ yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no mpae, a yɛwɔ awerɛhyem sɛ obetie yɛn. Yemmu saa hokwan yi adewa.

2. Hokwan a Ɔhene Dawid nya de bɔɔ mpae no, dɛn na ɔyɛ de kyerɛe sɛ ɛsom bo ma no?

2 Ɔhene Dawid ani sɔɔ hokwan a onya de bɔɔ mpae no. Ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Ma me mpaebɔ nyɛ sɛ aduhuam a wɔafra no yiye de aba w’anim.” (Dw. 141:1, 2) Dawid bere so no, aduhuam kronkron a na asɔfo no de di dwuma no, na wɔto wɔn bo ase fra no yiye paa. (Ex. 30:34, 35) Ka a Dawid kaa aduhuam ho asɛm no kyerɛ sɛ, nsɛm a na ɔpɛ sɛ ɔka kyerɛ ne soro Agya no, na ɔpɛ sɛ osusuw ho kɔ akyiri. Yɛn nso, nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ paa no no. Yɛpɛ sɛ yɛn mpaebɔ sɔ Yehowa ani.

3. Sɛ yɛrekɔ Yehowa anim a, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade, na adɛn ntia?

3 Sɛ yɛrebɔ Yehowa mpae a, ɛnsɛ sɛ yɛfa no sɛ yɛanya yɛn tipɛn bi na yɛne no rekasa. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛde obu kɛse paa na ɛkɔ n’anim. Wo de, anisoadehu a ɛyɛ nwanwa a Yesaia, Hesekiel, Daniel ne Yohane nyae no, momma yensusuw ho nhwɛ. Ɛwom sɛ ɛsono anisoadehu no mu biara, nanso biribi wom a edi nsɛ. Anisoadehu no mu biara ma yehu sɛ, Yehowa yɛ Ɔhenkɛse. Yesaia ‘huu Yehowa sɛ ɔte ahengua kokuroo a wɔama so bi so.’ (Yes. 6:1-3) Hesekiel nso huu Yehowa sɛ ɔte ne soro teaseɛnam so, na na hann bi a ‘ɛhyerɛn te sɛ nyankontɔn’ atwa ne ho ahyia. (Hes. 1:26-28) Daniel nso huu “Nea Ne Nna Akyɛ” no sɛ ɔhyɛ ataade fitaa, na na ogyaframa fi n’ahengua no mu reba. (Dan. 7:9, 10) Yohane nso huu Yehowa sɛ ɔte ahengua bi so. Ná nyankontɔn fɛfɛɛfɛ bi a ɛte sɛ ahabammonobo atwa ahengua no ho ahyia. (Adi. 4:2-4) Yehowa anuonyam de, adutwam, na sɛ yedwinnwen ho a, ɛkae yɛn sɛ, ɛyɛ akwannya kɛse sɛ yetumi bɔ no mpae. Enti sɛ yɛrekɔ n’anim a, etwa sɛ yɛde obu kɛse paa ma no. Ɛnde, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae?

“ENTI MOMMƆ MPAE SƐ”

4. Awurade mpaebɔ a ɛwɔ Mateo 6:9, 10 no, dɛn na yesua fi nsɛm a ɔde hyɛɛ ase no mu?

4 Kenkan Mateo 6:9, 10. Yesu Bepɔw So Asɛnka no mu no, ɔkyerɛɛ n’asuafo no sɛnea wɔbɛbɔ mpae ama asɔ Onyankopɔn ani. Bere a Yesu kaa sɛ “enti mommɔ mpae sɛ” wiei no, odii kan kaa nsɛm a ɛho hia a ɛfa Yehowa atirimpɔw ho tee. Ɛno ne Onyankopɔn din no a ɛho bɛtew, Ahenni no a ɛbɛba abɛsɛe Onyankopɔn atamfo nyinaa, ɛne nhyira a Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔde bɛbrɛ nnipa wɔ asaase so. Sɛ yɛrebɔ mpae na yɛka saa nneɛma yi ho asɛm a, ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn apɛde ho hia yɛn.

5. Sɛ yɛrebɔ mpae a, ɛfata sɛ yɛka nneɛma a ɛho hia yɛn ho asɛm anaa?

5 Mpaebɔ no fã a edi hɔ no, nsɛm a Yesu kae no ma yehu sɛ ɛfata sɛ yɛka nneɛma a ehia yɛn ho asɛm wɔ yɛn mpaebɔ mu. Yebetumi de ato Yehowa anim sɛ ɔmma yɛn nea yebedi saa da no, ɔmfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn, onyi yɛn mfi sɔhwɛ mu, na onnye yɛn mfi ɔbɔnefo no nsam. (Mat. 6:11-13) Sɛ yɛka kyerɛ Yehowa sɛ ɔnyɛ saa nneɛma yi mma yɛn a, ɛkyerɛ sɛ yɛdan no, na yɛpɛ sɛ yɛsɔ n’ani.

Sɛ ɔbarima ne ne yere rebɔ mpae a, dɛn na obetumi aka? (Hwɛ nkyekyɛm 6) b

6. Nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae no, ne nyinaa na ɛwɔ Awurade mpaebɔ no mu anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

6 Ɛnyɛ sɛ na Yesu pɛ sɛ nsɛm a ɛwɔ Awurade mpaebɔ no mu no, kyenkyen ara a, ɛno ara na ɛsɛ sɛ n’akyidifo de bɔ mpae. Sɛ yɛhwɛ mpae afoforo a Yesu bɔe a, yehu sɛ nneɛma a na ehia no saa bere no, ɛno ho asɛm na ɔkae. (Mat. 26:39, 42; Yoh. 17:1-26) Ɛno nti, yɛn nso, biribiara a ehia yɛn no, yebetumi abɔ ho mpae. Sɛ yɛpɛ sɛ yesi gyinae bi a, yebetumi abɔ mpae asrɛ nyansa ne ntease. (Dw. 119:33, 34) Sɛ yɛrebefi dwumadi kɛse bi ase a, yebetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn nyansa ne nhumu. (Mmeb. 2:6) Awofo betumi abɔ mpae ama wɔn mma, na mmofra nso betumi abɔ mpae ama wɔn awofo. Afei nso, yɛn nyinaa betumi abɔ mpae ama yɛn Bible asuafo ne wɔn a yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛn mpaebɔ yɛ abisade nko ara.

Yɛrebɔ mpae a, dɛn na yebetumi ayi Yehowa ayɛ na yɛada no ase wɔ ho? (Hwɛ nkyekyɛm 7-9) c

7. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yeyi Yehowa ayɛ wɔ yɛn mpaebɔ mu?

7 Ɛsɛ sɛ yɛkae na yeyi Yehowa ayɛ wɔ yɛn mpaebɔ mu. Obiara nni hɔ a ɔfata ayeyi sen Onyankopɔn. ‘Oyi ne yam de bɔne kyɛ.’ Ɔsan ‘wɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehye, ne bo mfuw ntɛm, ne dɔ a enni huammɔ nni ano, na ne nokwaredi dɔɔso.’ (Dw. 86:5, 15) Sɛnea Yehowa te, ne nneɛma a ɔyɛ nti, ɛfata paa sɛ yeyi no ayɛ.

8. Nneɛma a yebetumi ada Yehowa ase wɔ ho no, ebi ne sɛn? (Dwom 104:12-15, 24)

8 Yi a yebeyi Yehowa ayɛ wɔ yɛn mpaebɔ mu akyi no, nneɛma a ɛyɛ nwanwa a wayɛ no nso, ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛda no ase. Wo de, yɛnhwɛ nhwiren ahorow-ahorow a ɛyɛ fɛ, nnuan ahorow-ahorow a ɛyɛ dɛ bebree, ne nnamfo pa a yɛne wɔn bɔ ma yɛn ani gye no. So wei nka yɛn sɛ yɛnna no ase anaa? Yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no ma yɛn saa nneɛma yi ne pii a ɛkeka ho sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn ani begye. (Kenkan Dwom 104:12-15, 24.) Biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛho hia paa sɛ yɛda Yehowa ase wɔ ho. Ɛno ne honhom fam aduan pii a yɛn nsa ka, ne daakye papa bi ho anidaso a wama yɛanya no.

9. Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛakae ada Yehowa ase? (1 Tesalonikafo 5:17, 18)

9 Nea Yehowa ayɛ ama yɛn nyinaa, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛn werɛ befi sɛ yɛbɛda no ase. Ɛnde, dɛn na ɛbɛboa wo na woakae ada no ase? W’abisade ahorow pɔtee bi a wode ato Yehowa anim no, wubetumi akyerɛw ato hɔ. Ɛwom ara a, wubetumi afa ahwɛ na ama woahu sɛnea Yehowa ayɛ w’abisade no ama wo. Wuhu no saa a, na woabɔ mpae ada no ase sɛ waboa wo. (Kenkan 1 Tesalonikafo 5:17, 18.) Wo de susuw wei ho hwɛ: Sɛ yɛyɛ ade ma nkurɔfo na wɔkyerɛ ho anisɔ a, ɛmma yɛn ani nnye anaa? Saa ara nso na sɛ Yehowa bua yɛn mpaebɔ na yɛkae da no ase a, ɛma n’ani gye. (Kol. 3:15) Ade foforo bɛn bio na ehia paa sɛ yɛda Onyankopɔn ase wɔ ho?

DA YEHOWA ASE SƐ ƆDE NE DƆBA NO AMA YƐN

10. Sɛnea 1 Petro 2:21 kyerɛ no, adɛn nti na yɛda Yehowa ase sɛ ɔsomaa Yesu baa asaase so?

10 Kenkan 1 Petro 2:21. Ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase sɛ ɔsomaa ne Dɔba no ma ɔbɛkyerɛkyerɛɛ yɛn. Sɛ yesua sɛnea Yesu bɛbɔɔ ne bra ho ade a, ɛma yesua Yehowa ho ade pii, na ɛma yehu nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛasɔ n’ani. Sɛ yenya Kristo afɔrebɔ no mu gyidi a, ɛbɛma yɛabɛn Yehowa paa na asomdwoe bɛba yɛne ne ntam.—Rom. 5:1.

11. Adɛn nti na yɛrebɔ Yehowa mpae a, yɛde fa Yesu so?

11 Yɛda Yehowa ase sɛ yebetumi afa ne Ba no so abɔ no mpae. Yesu na Yehowa nam ne so yɛ yɛn abisade ma yɛn. Mpae a yɛbɔ no Yesu din mu no, Yehowa tie na obua. Yesu kyerɛɛ mu sɛ: “Biribiara a mubebisa wɔ me din mu no, mɛyɛ, na Ɔba no nti, wɔahyɛ Agya no anuonyam.”—Yoh. 14:13, 14.

12. Ade foforo bɛn bio nti na ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase sɛ ɔde ne Ba no ama yɛn?

12 Yesu agyede afɔre no nti, Yehowa tumi de yɛn bɔne kyɛ yɛn. Kyerɛwnsɛm no ka Yesu ho asɛm sɛ ɔyɛ yɛn ‘sɔfo panyin a ɔte Otumfo no ahengua nifa so wɔ soro.’ (Heb. 8:1) Yesu ne yɛn ‘boafo wɔ Agya no nkyɛn.’ (1 Yoh. 2:1) Yɛda Yehowa ase paa sɛ wama yɛn Ɔsɔfo Panyin a ɔte yɛn mmerɛwyɛ ase, na “ɔsrɛ ma yɛn”! (Rom. 8:34; Heb. 4:15) Yɛyɛ nnipa a bɔne wɔ yɛn ho. Enti sɛ ɛnyɛ Yesu afɔrebɔ no a, anka yɛrentumi nkɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. Yehowa Dɔba no a ɔde no ama yɛn no yɛ akyɛde a ɛsom bo paa. Sɛ yɛkɔ soro ba fam sɛ dɛn ara mpo a, yɛrentumi nna no ase nwie da!

BƆ MPAE MA ANUANOM

13. Anadwo ansa na Yesu rebewu no, dɛn na ɔyɛ de kyerɛe sɛ ɔdɔ n’asuafo no?

13 Anadwo ansa na Yesu rebewu no, ɔbɔɔ mpae kɔɔ akyiri paa maa n’asuafo no, na ɔsrɛɛ n’Agya sɛ ‘ɔnhwɛ wɔn so esiane ɔbɔnefo no nti.’ (Yoh. 17:15) Wei kyerɛ sɛ na Yesu dɔ wɔn paa! Ɛwom sɛ na ɔrebehyia sɔhwɛ kɛse bi, nanso na ɔredwen nea ɛbɛto n’asomafo no ho.

Yɛrebɔ mpae a, dɛn na yebetumi aka sɛ Yehowa nyɛ mma anuanom? (Hwɛ nkyekyɛm 14-16) d

14. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom?

14 Yesuasua Yesu, enti ɛnyɛ nea ehia yɛn nko ara na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so. Mmom, ɛsɛ sɛ yedwen yɛn nuanom nso ho, na yɛtaa bɔ mpae ma wɔn. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ Yesu ahyɛde a ɛne sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no, na yɛredi so. Afei nso, ɛma Yehowa hu sɛ yɛdɔ yɛn mfɛfo gyidifo paa. (Yoh. 13:34) Sɛ yɛbɔ mpae ma yɛn nuanom a, ɛnyɛ beresɛe, efisɛ Onyankopɔn Asɛm ka sɛ “ɔtreneeni nkotosrɛ wɔ tumi kɛse.”—Yak. 5:16.

15. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma yɛn nuanom Kristofo?

15 Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma yɛn nuanom Kristofo efisɛ nea wɔrefa mu no, ani yɛ nyan paa. Yare ne atoyerɛnkyɛm reteetee ebinom, ɔko rekɔ so wɔ ebinom man mu, afoforo nso rehyia ɔsɔretia ne ɔhaw afoforo. Wei nti, yebetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn mma wontumi nnyina mu. Yɛn nuanom a woyi wɔn yam boa anuanom a ade ahia wɔn no nso, yebetumi abɔ mpae ama wɔn. Ebia yɛreka yi mpo, wunim anuanom bi a wɔrefa ɔhaw a ɛtete saa mu. Sɛ saa a, wubetumi abɔ wɔn din wɔ wo mpaebɔ mu. Sɛ yɛbɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa yɛn nuanom mma wontumi nnyina ɔhaw a wɔrehyia no ano a, na yɛreda ɔdɔ kann adi akyerɛ wɔn.

16. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma wɔn a wodi yɛn anim no?

16 Anuanom a wodi yɛn anim no, sɛ yɛbɔ mpae ma wɔn a, wɔn ani sɔ paa, efisɛ yɛn mpaebɔ no boa wɔn. Ná ɔsomafo Paul nim sɛ, sɛ afoforo bɔ mpae ma no a, ɛboa no. Wei nti ɔkyerɛwee sɛ: “Me nso mommɔ mpae mma me, na sɛ mibue m’ano a, matumi aka nsɛm a ɛfata, na mede ahotoso aka ahintasɛm kronkron a ɛfa asɛmpa no ho akyerɛ nkurɔfo.” (Efe. 6:19) Ɛnnɛ nso, anuanom a wodi yɛn anim no yɛ adwumaden paa. Ɛno nti, sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ onhyira adwuma a wɔreyɛ no so a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn.

BERE A YƐREDI ANIM ABƆ MPAE

17-18. Bere bɛn ne bere bɛn saa na ebia wɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ yenni anim mmɔ mpae, na sɛ yɛreyɛ saa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem?

17 Ɛtɔ da a, wotumi ka kyerɛ yɛn sɛ yenni anim mmɔ mpae. Ebia onuawa bi a ɔreyɛ Bible adesua bɛka akyerɛ onuawa a ɔka ne ho sɛ onni anim mma wɔmmɔ mpae. Ebia onuawa a ɔka ne ho no nnim Bible suani no yiye, enti ebia n’ani begye ho sɛ ɔbɛbɔ mpae a wɔde bewie adesua no mmom. Ɛno betumi ama ayɛ mmerɛw sɛ ɔbɛbɔ mpae no ama afa osuani no ho.

18 Ebia wɔbɛka akyerɛ onua bi sɛ ɔmmɔ mpae wɔ asɛnka nhyiam ase anaa adesua ase. Anuanom a wonya saa hokwan no, ɛsɛ sɛ wɔma botae nti a yɛahyiam no tena wɔn adwenem. Ɛnsɛ sɛ yɛde mpaebɔ tu asafo no fo anaa yɛma ɛdan nkaebɔ. Asafo nhyiam dodow no ara simma nnum na wɔatwa ama dwom ne mpaebɔ. Enti onua a ɔrebɔ mpae no, ɛnsɛ sɛ ne kasa yɛ tenten, ɛnkanka bere a ɔrebɔ mpae ama yɛde afi adesua ase no.—Mat. 6:7.

MA MPAEBƆ HO NHIA WO PAA WƆ W’ASETENA MU

19. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho ama Yehowa atemmu da no?

19 Yehowa atemmu da no abɛn, enti saa bere yi paa na ɛsɛ sɛ yɛma mpaebɔ ho hia yɛn wɔ yɛn asetenam. Yesu kaa sɛ: “Enti, monkɔ so nwɛn, na monsrɛ bere nyinaa na ama moatumi aguan nneɛma a ɛsɛ sɛ esisi yi nyinaa.” (Luka 21:36) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛtaa bɔ mpae a, ɛbɛma yɛn gyidi ayɛ den, na Yehowa da no ammefu yɛn mu.

20. Yɛbɛyɛ dɛn na yɛn mpaebɔ ayɛ sɛ aduhuam?

20 Dɛn na yɛasua? Hokwan a yɛanya de bɔ mpae no som bo ma yɛn paa. Nneɛma a ɛfa Yehowa atirimpɔw ho tee no, ɛno na ɛsɛ sɛ edi akoten paa wɔ yɛn mpaebɔ mu. Onyankopɔn Ba no abɛyɛ bi ama yɛn, na n’Ahenni no nso de nhyira pii bɛbrɛ yɛn. Enti ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma yɛn nuanom Kristofo. Bio nso, yebetumi abɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma yɛn nea yehia, na ɔmmoa yɛn mma yɛn gyidi nyɛ den. Nsɛm a yɛbɛka wɔ yɛn mpaebɔ mu no, sɛ yesusuw ho kɔ akyiri a, ɛkyerɛ sɛ hokwan a yɛanya de bɔ mpae no, ɛsom bo ma yɛn. Yɛyɛ saa a, yɛn mpaebɔ bɛyɛ sɛ aduhuam, na ‘Yehowa ani begye ho.’—Mmeb. 15:8.

DWOM 45 Me Komam Nsusuwii

a Hokwan a yɛanya de bɔ Yehowa mpae no, ɛsom bo ma yɛn paa. Yɛpɛ sɛ yɛn mpaebɔ yɛ sɛ aduhuam na ɛsɔ Yehowa ani. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma a ɛfata a yebetumi abɔ ho mpae no bi. Afei nso, sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ yedi anim bɔ mpae a, yɛbɛhwɛ nneɛma bi a ɛsɛ sɛ yɛkae.

b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi ne ne yere rebɔ mpae sɛ Yehowa mmɔ wɔn ba ho ban wɔ sukuu, ɔmmoa ɔbarima no papa a ɔyare, na ɔmmoa ne yere Bible suani mma onnya nkɔso.

c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yesu agyede afɔre no, yɛn asaase fɛfɛɛfɛ yi ne nnuan a ɛyɛ dɛ a Yehowa de ama yɛn no, onua aberante bi reda Yehowa ase wɔ ho.

d MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi rebɔ mpae sɛ Yehowa mfa ne honhom mmoa Akwankyerɛ Kuw no, na ɔmmoa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn ne wɔn a wɔrehyia ɔsɔretia.