Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 30

DWOM 36 Yɛbɔ Yɛn Koma Ho Ban

Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Israel Ahemfo No Hɔ?

Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Israel Ahemfo No Hɔ?

“Mobɛsan ahu nsonsonoe a ɛda onipa trenee ne onipabɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.”MAL. 3:18.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Nea ɛmaa Yehowa tumi kaa sɛ Israel hene wei yɛ ɔhempa na wei nyɛ ɔhempa no, adesua yi bɛma yɛahu. Wei bɛma yɛahu nea Yehowa pɛ sɛ n’asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no yɛ.

1-2. Dɛn na Bible ma yehu fa Israel ahemfo no bi ho?

 BIBLE no ma yehu mmarima bɛboro 40 a wɔbɛyɛɛ Israel ahemfo. a Afei nso, ɛka nneɛma pɔtee bi a wɔn mu binom yɛe ho asɛm. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ahemfo pa no mpo yɛɛ nneɛma bi a na enye. Yɛnhwɛ ɔhempa Dawid. Yehowa kaa ne ho asɛm sɛ: ‘M’akoa Dawid de ne koma nyinaa dii m’akyi, na nea ɛteɛ nkutoo na ɔyɛe wɔ m’anim.’ (1 Ahe. 14:8) Nanso Dawid ne obi yere sɛee aware na ɔma wɔkum ne kunu no wɔ ɔko mu.—2 Sam. 11:​4, 14, 15.

2 Bible san ma yehu sɛ, ahemfo bɔne no, wɔn mu bebree nso yɛɛ nneɛma pa bi. Momma yɛnhwɛ Rehoboam. Yehowa kaa ne ho asɛm sɛ ‘wanyɛ adepa.’ (2 Be. 12:14) Nanso bere a Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ mma ɔne Israel mmusuakuw du no nnko, na mmom ɔmma wɔn kwan mma wɔntew wɔn ho no, otiei. Afei nso, ɔkyekyee nkurow a ɛyɛ den, na ɛbɔɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho ban fii atamfo ho.—1 Ahe. 12:​21-24; 2 Be. 11:​5-12.

3. Asɛm a ɛho hia bɛn na yebetumi abisa, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Asɛmmisa bi a ɛho hia ni: Sɛ Israel ahemfo no yɛɛ nneɛma pa ne nneɛma bɔne a, ɛnde ɛdɛn na ɛmaa Yehowa tumi kaa sɛ ɔhene wei yɛ ɔhempa na wei yɛ ɔhemmɔne? Saa asɛmmisa no ho mmuae bɛboa yɛn ma yɛahu nea yɛyɛ a, ɛbɛma yɛasɔ Yehowa ani. Yɛbɛhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa Yehowa kaa sɛ Israel hene wei yɛ ɔhempa, na wei nyɛ ɔhempa. Ɛno ne sɛnea na wɔn koma te, wɔn ahonu, ne sɛnea na wɔyi wɔn yam som Yehowa.

WƆDE WƆN KOMA NYINAA HWEHWƐƐ YEHOWA

4. Ahemfo pa ne ahemfo bɔne no, nsonsonoe a na ɛda wɔn ntam no, emu baako ne sɛn?

4 Ahemfo a wɔyɛɛ nea ɛsɔ Yehowa ani no, wɔde wɔn koma b nyinaa na ɛsom no. Ɔhempa Yehosafat ‘de ne koma nyinaa hwehwɛɛ Yehowa.’ (2 Be. 22:9) Bible ka Yosia ho asɛm sɛ: “N’anim no, ɔhene biara amma sɛ ɔno a ɔde ne koma nyinaa ne ne kra nyinaa ne n’ahoɔden nyinaa dan baa Yehowa nkyɛn.” (2 Ahe. 23:25) Solomon a akyiri yi ɔyɛɛ bɔne no nso ɛ? “Wamfa koma a edi mu ansom Yehowa.” (1 Ahe. 11:4) Ɔhemmɔne Abiam nso, Bible kaa ne ho asɛm sɛ: “Ne koma anni mu wɔ Yehowa ne Nyankopɔn ho.”—1 Ahe. 15:3.

5. Yɛn koma nyinaa a yɛde bɛsom Yehowa no kyerɛ sɛn?

5 Yɛn koma nyinaa a yɛde bɛsom Yehowa no kyerɛ sɛn? Obi a ɔde ne koma nyinaa som Yehowa no, ɛnyɛ sɛ obiara resom Yehowa nti na ɔno nso resom no bi. Mmom, ɔdɔ ne ahofama na ɛkanyan no ma ɔsom Yehowa, na ɔkɔ so yɛ saa ne nkwa nna nyinaa.

6. Yɛbɛyɛ dɛn akɔ so de yɛn koma nyinaa asom Yehowa? (Mmebusɛm 4:23; Mateo 5:​29, 30)

6 Yɛbɛyɛ dɛn asuasua ahemfo pa no na yɛakɔ so de yɛn koma nyinaa asom Yehowa? Ɛne sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi nneɛma bɔne ho. Anigyede a ɛmfata sei, ebetumi asɛe yɛn koma. Fekubɔne ne ahonyade a yebedi akyi nso betumi asɛe yɛn koma. Sɛ yehu sɛ biribi reyɛ ama ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ano abrɛ ase a, ɛsɛ sɛ yetu ase ntɛm.—Kenkan Mmebusɛm 4:23; Mateo 5:​29, 30.

7. Adɛn nti na ehia sɛ yɛtwe yɛn ho fi nneɛma bɔne ho?

7 Ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara sɛe yɛn koma. Yɛanhwɛ yiye a, yebenya adwene sɛ esiane sɛ yɛreyere yɛn ho wɔ Yehowa som mu nti, enhia sɛ yɛtwe yɛn ho fi nneɛma bɔne ho. Nanso yɛnhwɛ mfatoho yi. Fa no sɛ woaprapra wo fie asiesie hɔ, ɛnna wuwiei no woabuebue apon ne mpoma no ato hɔ. Wohwɛ a dɛn na ebesi? Mframa bɛbɔ mfuturu asan aba dan no mu. Yebetumi de wei atoto yɛne Yehowa ayɔnkofa ho. Ɛnyɛ nneɛma a ɛbɛma yɛne Yehowa ayɔnkofa mu ayɛ den nko ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Mmom sɛnea yɛremmuebue apon ne mpoma no mma mfuturu nsan mma dan no mu no, nneɛma bɔne a ɛwɔ wiase a ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam no nso, ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma ewura yɛn koma mu na ɛsɛe no.—Efe. 2:2.

WƆNUU WƆN HO WƆ WƆN BƆNE HO

8-9. Bere a Yehowa adiyifo kaa Ɔhene Dawid ne Ɔhene Hesekia anim no, dɛn na wɔyɛe? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ no.)

8 Sɛnea yɛadi kan ahu no, Ɔhene Dawid yɛɛ bɔne kɛse paa. Nanso bere a odiyifo Natan kaa n’anim no, ɔbrɛɛ ne ho ase gye toom, na onuu ne ho. (2 Sam. 12:13) Dawid nsɛm a ɛwɔ Dwom 51 no ma yehu sɛ, na n’ahonu no nyɛ daadaakra. Wanyɛ ne ho sɛ wanu ne ho amfa antu mfuturu angu Natan ani, anaa wanyɛ sɛ wanu ne ho sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa de ne ho bɛkyɛ no.—Dw. 51:​3, 4, 17, atifi asɛm.

9 Ɔhene Hesekia nso yɛɛ Yehowa bɔne. Bible ka sɛ: “Ne koma maa ne ho so; eyi maa Onyankopɔn bo fuw ɔne Yuda ne Yerusalem.” (2 Be. 32:25) Adɛn nti na Hesekia maa ne ho so? Ebia n’ahonyade, Asiriafo a odii wɔn so nkonim, anaa sɛnea Yehowa saa no yare anwanwakwan so no ntia. Ɛbɛyɛ sɛ saa ahomaso no na ɛmaa ɔde n’ahonyade kyerɛɛ Babilonfo no; wei maa odiyifo Yesaia kaa n’anim. (2 Ahe. 20:​12-18) Nanso sɛnea Dawid yɛe no, Hesekia nso brɛɛ ne ho ase na onuu ne ho. (2 Be. 32:26) Enti Yehowa buu no sɛ ɔyɛ ɔhempa, na ɔkaa ne ho asɛm sɛ “ɔyɛɛ nea ɛteɛ.”—2 Ahe. 18:3.

Bere a Yehowa adiyifo kaa Ɔhene Dawid ne Ɔhene Hesekia anim no, wɔbrɛɛ wɔn ho ase gye toom, na wɔnuu wɔn ho (Hwɛ nkyekyɛm 8-⁠9)


10. Bere a Yehowa diyifo teɛɛ Ɔhene Amasia so no, dɛn na ɔyɛe?

10 Yɛnhwɛ Yuda hene Amasia nso; ɔyɛɛ nea ɛtene, “nanso na ne koma nni mu.” (2 Be. 25:2) Dɛn na ɔyɛe? Bere a Yehowa boaa no ma odii Edomfo so nkonim no, ɔkɔsom wɔn anyame. c Ɛno akyi no, Yehowa somaa ne diyifo bi sɛ ɔnkɔteɛ no so, nanso wantie no koraa.—2 Be. 25:​14-16.

11. Sɛnea 2 Korintofo 7:​9, 11 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya bɔnefakyɛ? (Hwɛ mfoni no nso.)

11 Nea saa ahemfo yi yɛe no, dɛn na yesua fi mu? Sɛ yɛyɛ bɔne a, ɛsɛ sɛ yenu yɛn ho, na yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛrensan nkɔyɛ bio. Sɛ asafo mu mpanyimfo tu yɛn fo wɔ biribi a ɛyɛ yɛn sɛ ɛho nhyɛ da nhia ho a, dɛn na yɛbɛyɛ? Ɛnsɛ sɛ yɛte nka sɛ Yehowa apo yɛn anaa asafo mu mpanyimfo no ani sa yɛn. Ahemfo pa a na wɔwɔ Israel no mpo, wɔn mu biara nni hɔ a na watra afotu anaa nteɛso. (Heb. 12:6) Sɛ obi teɛ yɛn so a, ɛsɛ sɛ (1) yɛbrɛ yɛn ho ase gye tom, (2) yɛyɛ nsakrae biara a ehia, na (3) yɛkɔ so de yɛn koma nyinaa som Yehowa. Sɛ yɛyɛ bɔne na yenu yɛn ho a, Yehowa de bɛkyɛ yɛn.—Kenkan 2 Korintofo 7:​9, 11.

Sɛ obi teɛ yɛn so a, ɛsɛ sɛ (1) yɛbrɛ yɛn ho ase gye tom, (2) yɛyɛ nsakrae biara a ehia, na (3) yɛkɔ so de yɛn koma nyinaa som Yehowa (Hwɛ nkyekyɛm 11) f


WƆYII WƆN YAM SOM YEHOWA

12. Dɛn paa na ɛmaa ahemfo pa no daa nsow?

12 Ahemfo a na Yehowa bu wɔn sɛ wɔyɛ ahemfo pa no, wɔyii wɔn yam som no. Wɔhyɛɛ wɔn manfo nso nkuran sɛ wɔnyɛ saa. Sɛnea yɛahu no, na wɔtɔ sin. Nanso wɔyii wɔn yam som Yehowa nko ara, na wɔyeree wɔn ho sɛ wɔbetu abosonsom ase afi ɔman no mu. d

13. Adɛn nti na Yehowa kaa sɛ Ahab yɛ ɔhemmɔne?

13 Ɛnde, adɛn nti na Yehowa kaa sɛ ahemfo no bi yɛ ahemfo bɔne? Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ bɔne nko ara na wɔyɛe. Ɔhene Ahab ɔhemmɔne no mpo, bere a ohui sɛ ɛnam no so na wɔkum Nabot no, ɔyɛɛ biribi de kyerɛe sɛ ɔbrɛ ne ho ase na wanu ne ho. (1 Ahe. 21:​27-29) Afei nso, ɔkyekyee nkurow na odii Israelfo anim ma wɔdii wɔn atamfo so nkonim. (1 Ahe. 20:​21, 29; 22:39) Nanso Ahab gyee dimmɔne paa; ne yere piapiaa no ma ɔde ne ho hyɛɛ abosonsom mu fee, na ɛtrɛw kaa ɔman no nyinaa. Wannyae abosonsom no da.—1 Ahe. 21:​25, 26.

14. (a) Adɛn nti na Yehowa kaa sɛ Ɔhene Rehoboam yɛ ɔhemmɔne? (b) Ahemfo bɔne no, dɛn na na wɔn nyinaa di fɔ wom?

14 Momma yɛnhwɛ ɔhemmɔne foforo nso; ne din de Rehoboam. Yɛadi kan ahu sɛ ɔyɛɛ nneɛma pa bi. Nanso bere a n’ahenni no timii no, ɔde Yehowa Mmara too nkyɛn kɔsom abosom. (2 Be. 12:1) Efi saa bere no rekɔ no, sɛ ɔsom Yehowa kakra a na wakɔsom abosom nso kakra. (1 Ahe. 14:​21-24) Ɛnyɛ Rehoboam ne Ahab nko ara na wɔman fii nokware som ho. Nea ɛwom ne sɛ, ahemfo bɔne no, wɔn mu dodow no ara som abosom, na wɔpiapiaa afoforo nso ma wɔyɛɛ saa. Wei ma yehu pefee sɛ, sɛ ɔhene bi yi ne yam som Yehowa a, na obu no sɛ ɔhempa, nanso sɛ wanyɛ saa a, na obu no sɛ ɔhemmɔne.

15. Adɛn nti na Yehowa pɛ paa sɛ yeyi yɛn yam som no?

15 Som a na ahemfo no bɛsom Yehowa no, adɛn nti na na ɛho hia no saa? Ade baako ne sɛ, na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔboa ɔman no ma wɔsom Yehowa wɔ ɔkwan pa so. Abosonsom de, sɛ obi de ne ho hyem a, ɛma ɔyɛ bɔne akɛseakɛse, na ɔne afoforo nni no yiye. (Hos. 4:​1, 2) Ade foforo nso ne sɛ, ahemfo no ne wɔn manfo no nyinaa, na wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa. Ɛno nti, sɛ wɔkɔsom abosom a, na Bible no ka sɛ wɔasɛe aware. (Yer. 3:​8, 9) Sɛ obi fi ne kunu anaa ne yere akyi a, na wayɛ ne hokafo no bɔne paa. Obi a wahyira ne ho so ama Yehowa nso, sɛ ɔkɔsom abosom a, na wayɛ bɔne kɛse atia Yehowa. eDeut. 4:​23, 24.

16. Dɛn paa na Yehowa gyina so ka sɛ asomasi yɛ ɔtreneeni na ɔbenten yɛ ɔbɔnefo?

16 Dɛn na yebetumi asua afi mu? Ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛremfa yɛn ho nhyɛ atorosom mu. Nanso, sɛ yɛyɛ saa a na yenwiei; ɛsɛ sɛ yeyi yɛn yam nso som Yehowa yɛn nkwa nna nyinaa. Nea Yehowa gyina so kyerɛ sɛ asomasi yɛ onipa pa anaa onipa bɔne no, odiyifo Malaki kyerɛkyerɛɛ mu pefee. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mobɛsan ahu nsonsonoe a ɛda onipa trenee ne onipabɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.” (Mal. 3:18) Enti, ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma biribiara bu yɛn abam ma yegyae Yehowa som; yɛn sintɔ anaa mfomso a yedi mpo, ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma ɛtwe yɛn san wɔ Yehowa som mu. Sɛ yegyae Yehowa som a, ɛno nso koraa yɛ bɔne kɛse.

17. Sɛ yɛrepɛ obi aware no a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye?

17 Sɛ worepɛ obi aware no a, asɛm a Malaki kyerɛwee yi betumi aboa wo ama woahwehwɛ obi a ɔfata. Susuw wei ho hwɛ: Ebia obi wɔ suban pa bi, nanso sɛ onii no nsom nokware Nyankopɔn no a, yebetumi aka sɛ Yehowa bu no sɛ ɔtreneeni anaa? (2 Kor. 6:14) Sɛ woware no a, ɔbɛboa wo ama woatumi asom Yehowa? Yɛnhwɛ Ɔhene Solomon. Ne yerenom abosonsomfo no sei, ebetumi aba sɛ na wɔwɔ suban pa bi. Nanso na wɔnsom Yehowa, enti nkakrankakra wɔdan Solomon koma kodii anyame foforo akyi.—1 Ahe. 11:​1, 4.

18. Dɛn na ɛsɛ sɛ awofo kyerɛ wɔn mma?

18 Awofo, mubetumi de ahemfo no ho nsɛm a ɛwɔ Bible mu no akyerɛkyerɛ mo mma ama wɔahu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔfi wɔn koma nyinaa mu som Yehowa. Mommoa wɔn mma wɔnhu sɛ, tete Israel no, sɛ ɔhene bi som Yehowa na ɔboa ne manfo nso ma wɔyɛ saa a, ɛno paa na na Yehowa gyina so bu no sɛ ɔhempa. Nanso sɛ wanyɛ saa a, na obu no sɛ ɔhemmɔne. Momfa mo kasa ne mo nneyɛe nkyerɛ mo mma sɛ nneɛma a yɛyɛ a ɛma yɛbɛn Yehowa no, ɛno na ɛsɛ sɛ ɛho hia yɛn paa wɔ yɛn asetena mu. Ebi ne Bible a yebesua, adesua ne asɛnka a yɛbɛkɔ. (Mat. 6:33) Moanyɛ saa a, anhwɛ a mo mma no benya adwene sɛ mo na moyɛ Yehowa Adansefo, na wɔn de, wɔdi mo akyi kɛkɛ. Ɛba saa a, anhwɛ a wɔremfa Yehowa som nni kan wɔ wɔn asetenam anaa ebia wɔbegyae koraa.

19. Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔagyae Yehowa som? (Adaka a yɛato din “ Wubetumi Asan Aba Yehowa Nkyɛn!” no, hwɛ ɛno nso.)

19 Sɛ obi gyae Yehowa som a, ɛkyerɛ sɛ ɔrentumi nsan mma ne nkyɛn anaa? Ɛnte saa, efisɛ obetumi asakra n’adwene na wasan abɛsom Yehowa. Sɛ obetumi ayɛ saa a, ehia sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔma asafo mu mpanyimfo boa no. (Yak. 5:14) Mmɔden biara a ɔbɛbɔ ama Yehowa asan agye no atom no, ɛnyɛ ɔbrɛgu!

20. Sɛ yesuasua ahemfo pa no a, sɛn na Yehowa bebu yɛn?

20 Dɛn na yɛasua afi Israel ahemfo no hɔ? Ɛne sɛ, sɛ yɛde yɛn koma nyinaa som Yehowa a, na yɛresuasua ahemfo pa no. Sɛ yedi mfomso a, momma yensua biribi mfi mu, yennu yɛn ho, na yɛnyɛ nsakrae biara a ehia sɛ yɛyɛ. Afei nso, momma yɛnkae sɛ, nokware Nyankopɔn koro pɛ no a yebeyi yɛn yam asom no no, ɛno ne ade a ɛho hia paa. Sɛ wokɔ so bata Yehowa ho denneennen a, obebu wo sɛ woyɛ ɔtreneeni.

DWOM 45 Me Komam Nsusuwii

a Adesua yi mu no, sɛ yɛka “Israel ahemfo” a, ɛkyerɛ ahemfo a wɔdii Yehowa nkurɔfo so no nyinaa. Ebinom dii Yuda mmusuakuw mmienu ahemman no so, ebinom nso dii Israel mmusuakuw du ahemman no so, ɛnna ebinom nso dii mmusuakuw 12 no nyinaa so.

b ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Sɛ Bible ka “koma” ho asɛm a, ɛtaa kyerɛ sɛnea obi te ankasa wɔ ne mu; kyerɛ sɛ, nea n’ani gye ho, ne nsusuwii, ne nneyɛe, ne suban, nea otumi yɛ, nea ɛka no ma ɔyɛ biribi, ne botae a ɔde sisi n’ani so.

c Ɛda adi sɛ ahemfo a na wɔnsom Yehowa no, sɛ wɔdi ɔman bi so nkonim a, na wɔtaa fa wɔn abosom no kɔsom wɔn.

d Ɔhene Asa yɛɛ bɔne akɛseakɛse. (2 Be. 16:​7, 10) Nanso, Bible ka ne ho asɛmpa. Ɛwom, mfiase no bere a Yehowa diyifo tuu no fo no, wantie, nanso ebetumi aba sɛ akyiri yi onuu ne ho. Yɛka ne nyinaa bom a, nneɛma pa a ɔyɛe no dɔɔso sen mfomso a odii. Bible ka sɛ Asa som Yehowa nko ara, na ɔyeree ne ho sɛ obetu abosonsom ase afi ɔman no mu.—1 Ahe. 15:​11-13; 2 Be. 14:​2-5.

e Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Mmara Nsɛm Du no, nea edi kan ne nea ɛtɔ so mmienu no kaa sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛsom obi anaa biribi foforo biara ka Yehowa ho.—Ex. 20:​1-6.

f MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Asafo mu panyin bi a ɔyɛ aberante retu onua bi fo wɔ n’asanom ho. Onua no abrɛ ne ho ase agye afotu no atom, wayɛ nsakrae biara a ehia, na ogu so resom Yehowa.