Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 29

DWOM 121 Yehia Ahosodi

Hwɛ Yiye Na Woanyɛ Bɔne!

Hwɛ Yiye Na Woanyɛ Bɔne!

“Monkɔ so nwɛn na mommɔ mpae daa, na moankɔ sɔhwɛ mu.”MAT. 26:41.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa na yɛanyɛ bɔne. Afei nso, nneɛma nketenkete bi a yɛyɛ a ebetumi akowie bɔne mu no, ɛbɛma yɛahu sɛnea yɛbɛkwati.

1-2. (a) Kɔkɔbɔ bɛn na Yesu de maa n’asuafo no? (b) Adɛn nti na Yesu asuafo no guan gyaw no? (Hwɛ mfoni no nso.)

 “HONHOM no de, ɛpɛ, nanso honam no yɛ mmerɛw.” a (Mat. 26:41b) Saa asɛm a Yesu kae yi ma yehu sɛ onim sɛ yɛtɔ sin. Nanso n’asɛm no san yɛ kɔkɔbɔ: Ɛne sɛ, ɛnsɛ sɛ yegye yɛn ho di. Anadwo a Yesu kaa saa asɛm no ara, na n’asuafo no ahyɛ no bɔ sɛ, nsu mu oo, awia mu oo, wɔbɛbata ne ho. (Mat. 26:35) Ná wɔwɔ adwempa. Ne nyinaa mu no, na wɔnnim sɛ, sɛ sɔhwɛ ba a, ɛrenni gyina na wɔn gyidi ayɛ mmerɛw. Enti Yesu bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ: “Monkɔ so nwɛn na mommɔ mpae daa, na moankɔ sɔhwɛ mu.”—Mat. 26:41a.

2 Awerɛhosɛm ne sɛ, n’asuafo no antumi anwɛn. Bere a atamfo bɛkyeree Yesu no, wohwɛ a wɔbataa ne ho, anaa wɔguan gyaw no? Esiane sɛ wɔanwɛn nti, nea wɔkaa sɛ wɔrenyɛ no, ɛno pɛpɛɛpɛ na wɔyɛe; wɔguan gyaw no.—Mat. 26:56.

Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmma wɔn ani nna hɔ na wɔankɔ sɔhwɛ mu, nanso wɔguan gyaw no (Hwɛ nkyekyɛm 1-2)


3. (a) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔ so bata Yehowa ho a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yegye yɛn ho di? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Ɛnsɛ sɛ yegye yɛn ho di da. Nokwasɛm ne sɛ, yɛasi yɛn bo sɛ yɛrenyɛ biribiara a ɛbɛtwe yɛn afi Yehowa ho. Nanso sintɔ a ɛwɔ yɛn ho nti, ɛnyɛ den sɛ yɛbɛyɛ bɔne. (Rom. 5:12; 7:​21-23) Sɛ yɛanhwɛ yiye a, prɛko pɛ, wobɛhwɛ na yɛreyɛ biribi a Yehowa mpɛ. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔ so bata Yehowa ne Yesu ho a, Yesu afotu a ɛne sɛ yɛnhwɛ yiye na yɛankɔ sɔhwɛ mu no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma. Adesua yi betumi aboa yɛn ma yɛayɛ saa. Nea edi kan, yɛbɛhwɛ nneɛma bi a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye paa wɔ ho. Afei nso, sɛnea yɛbɛhwɛ yɛn ho yiye na yɛankɔ sɔhwɛ mu no, yebesusuw ɛno nso ho. Nea etwa to no, yɛbɛhwɛ nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛakɔ so ahwɛ yɛn ho so yiye.

NNEƐMA BƐN NA ƐSƐ SƐ YƐYƐ AHWƐYIYE WƆ HO?

4-5. Bɔne nketenkete mpo, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ho?

4 Bɔne nketenkete mpo betumi asɛe yɛne Yehowa ntam. Afei nso, bɔne a ɛtete saa betumi ama yɛayɛ bɔne akɛse.

5 Obiara nni hɔ a bɔne nsɔ no nhwɛ. Nanso ɛsono obiara ne ne mmerɛwyɛ. Ebinom wɔ hɔ a bɔne akɛse na ɛsɔ wɔn hwɛ, ebinom nso de yɛ ɔbrafĩ, na afoforo nso de yɛ wiase adwene. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, obi wɔ hɔ a, bɔne a ɛsɔ no hwɛ paa ne aguamammɔ. Obi nso wɔ hɔ a ɔbrafĩ te sɛ boasipem anaa ponografi na ɛsɔ no hwɛ. Afoforo nso, nnipa ho suro, ahantan, koko bɔne anaa biribi foforo na ɛregyigye wɔn. Sɛnea Yakobo kae no, “nea ɛsɔ obi hwɛ ne n’ankasa akɔnnɔ a ɛtwetwe no na ɛto no brada.”—Yak. 1:14.

6. Dɛn na ɛsɛ sɛ yegye tom?

6 Wunim nneɛma a etumi sɔ wo hwɛ paa no? Sɛ yɛka sɛ yenni mmerɛwyɛ anaa yɛka sɛ yɛn de, biribiara rentumi mma yɛnyɛ bɔne a, na yɛredaadaa yɛn ho. (1 Yoh. 1:8) Ade yi, Paul kaa sɛ ‘wɔn a wɔyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw no’ mpo, wɔanhwɛ yiye a wɔbɛyɛ bɔne. (Gal. 6:1) Enti ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ yɛwɔ mmerɛwyɛ; ɛnsɛ sɛ yɛdaadaa yɛn ho.—2 Kor. 13:5.

7. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani kɔ ho paa? Ma ho mfatoho.

7 Sɛ yehu nneɛma a ɛsɔ yɛn hwɛ paa no a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa ko tia saa nneɛma no! Yɛbɛyɛ nhwɛso a, tete no, na wɔtow fasu twa nkurow ho hyia. Baabi a na ɛyɛ mmerɛw sɛ atamfo bɛfa awura mu ne mmeae a na apon deda no. Enti ɛhɔ paa na na awɛmfo wɔ. Yɛn nso, nneɛma a yenim sɛ etumi sɔ yɛn hwɛ no, ɛno paa na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani kɔ ho.—1 Kor. 9:27.

SƐNEA YƐBƐHWƐ YIYE NA YƐANYƐ BƆNE

8-9. Aberante a Mmebusɛm ti 7 ka ne ho asɛm no, dɛn na anka ɛsɛ sɛ ɔyɛ na wankɔyɛ bɔne kɛse a ɛte saa? (Mmebusɛm 7:​8, 9, 13, 14, 21)

8 Yɛbɛyɛ dɛn ahwɛ yɛn ho yiye na yɛanyɛ bɔne? Aberante a Mmebusɛm ti 7 ka ne ho asɛm no, momma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi ne hɔ. Ɔne ɔbea bi a ne bra asɛe bɔɔ aguaman. Nkyekyɛm 22 ka sɛ aberante no tu dii ɔbea no akyi “prɛko pɛ.” Nanso nkyekyɛm ahorow a edi wei anim no ma yehu sɛ, otuu anammɔn ahorow bi a ɛde no nkakrankakra kowiee bɔne mu.

9 Dɛn na ɛma ɔyɛɛ bɔne? Nea edi kan, anwummere a anim rebiribiri no, “ɔkɔfaa baabi a ɛbɛn ɔbea no nkwanta so.” Afei, ɔfaa ɔbea no fie kwan so. (Kenkan Mmebusɛm 7:​8, 9.) Bere a ohuu ɔbea no, wampɛ baabi amfa. Mmom, ɔmaa ɔbea no few n’ano, na bere a ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ ‘wabɔ asomdwoe afɔre’ no, otiei. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔbea no pɛ sɛ aberante no nya adwene sɛ ɔnyɛ nipa bɔne. (Kenkan Mmebusɛm 7:​13, 14, 21.) Sɛ aberante no maa n’ani daa hɔ, ɛnna wantu anammɔn a ɛtete saa a, anka wankɔyɛ bɔne.

10. Mfomso a aberante no dii no, ɛnnɛ nso, sɛn na obi betumi adi saa mfomso no bi?

10 Asɛm a Solomon kae yi, ɛma yehu nea ebetumi ato Yehowa somfo biara. Ebia obi betumi ayɛ bɔne kɛse, na akyiri yi, wate nka sɛ esii “prɛko pɛ,” anaa ebia ɔbɛka sɛ, wanhu nea ɛyɛe. Nanso sɛ odwen nea esii no ho a, ebia obehu sɛ otutuu anammɔn bi a ɛmfa kwan mu, na ɛno na ɛma ɔyɛɛ bɔne. Ebia ɔfaa nnamfo bɔne, ɔde nneɛma a ɛmfata gyigyee n’ani, ɔhwɛɛ nneɛma a ɛmfata wɔ Intanɛt so, anaa na ɔtaa kɔ mmeae a ɛmfata Kristoni. Ebi nso a, na wagyae mpaebɔ, Bible akenkan, adesuakɔ anaa asɛnkakɔ. Enti sɛ wohwɛ mu paa a, na ne tebea no akɔsɛ aberante a Mmebusɛm nhoma no ka ne ho asɛm no; ebia wanyɛ bɔne no “prɛko pɛ” saa.

11. Sɛ yɛmpɛ sɛ yɛyɛ bɔne a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?

11 Dɛn na yesua fi mu? Ɛnyɛ bɔne nko na ɛsɛ sɛ yɛkwati, na mmom, anammɔn a ɛbɛkɔ akowie bɔne mu no nso, ɛsɛ sɛ yɛkwati. Bere a Solomon kaa aberante ne ɔbea a ne bra asɛe no ho asɛm wiei no, osii saa nokwasɛm yi so dua. Otuu yɛn fo sɛ, ɔbea a ne bra asɛe no: “Mfom nkɔfa n’anammɔnkwan so.” (Mmeb. 7:25) Afei nso ɔkaa sɛ: “Twe wo ho fi ne ho koraa; mmɛn ne fi kwan ano.” (Mmeb. 5:​3, 8) Enti nneɛma a ɛtwetwe yɛn kɔ bɔne mu no, ɛnsɛ sɛ yɛbɛn ho koraa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenkɔyɛ bɔne. b Wei kyerɛ sɛ, nneɛma bi wɔ hɔ a ɛnyɛ bɔne sɛ Kristofo bɛyɛ, anaa mmeae bi wɔ hɔ a ɛnyɛ bɔne sɛ yɛbɛkɔ. Nanso sɛ yenim sɛ ɛbɛsɔ yɛn ahwɛ a, ɛnsɛ sɛ yɛkɔ ho koraa.—Mat. 5:​29, 30.

12. Dɛn na Hiob sii n’adwene pi sɛ ɔbɛyɛ, na sɛn na na ɛbɛboa no na wankɔyɛ bɔne? (Hiob 31:1)

12 Sɛ yebetumi akwati nneɛma a ɛtwetwe yɛn kɔ bɔne mu no a, ehia sɛ yesi yɛn adwene pi sɛ yɛbɛyɛ nea ɛtene. Saa ara na Hiob yɛe. ‘Ɔne n’ani yɛɛ apam’ sɛ ɔrenhwɛ ɔbea biara hwɛ bɔne da. (Kenkan Hiob 31:1.) Nea na wasi n’adwene pi sɛ ɔbɛyɛ no, na ɛbɛboa no ama watwe ne ho afi awaresɛe ho koraa. Yɛn nso, biribiara a ebetumi atwetwe yɛn ama yɛakɔyɛ bɔne no, yebetumi asi yɛn adwene pi sɛ yɛrenkɔ ho koraa.

13. Nneɛma a yedwinnwen ho no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ho? (Hwɛ mfoni no nso.)

13 Nneɛma a yedwinnwen ho no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ho. (Ex. 20:17) Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ wɔdwinnwen nneɛma a ɛmfata ho na wɔmfaa wɔn ho nhyɛɛ saa nneɛma no mu a, ɛnde ɛnyɛ bɔne. Obi nya saa adwene no a, enye koraa. Sɛ obi taa dwinnwen nneɛma bɔne ho a, akɔnnɔ bɔne a ɛwɔ ne mu no, ɛma emu yɛ den. Ɛba saa a, ɛbɛyɛ den paa sɛ ɔbɛko atia sɔhwɛ. Ɛwom, ɛtɔ da a, adwene a ɛmfata bɛba yɛn tirim. Nanso ade a ehia sɛ yɛyɛ ne sɛ yebeyi afi yɛn adwene mu ntɛm ara, na yɛadwen nneɛma pa ho. Yɛyɛ saa a, yɛremma akɔnnɔ bɔne nnidi yɛn mu na yɛankɔyɛ bɔne kɛse.—Filip. 4:8; Kol. 3:2; Yak. 1:​13-15.

Biribiara a ebetumi atwetwe yɛn akɔ bɔne mu no, ɛsɛ sɛ yɛkwati (Hwɛ nkyekyɛm 13)


14. Dɛn bio na ɛbɛboa yɛn na yɛankɔyɛ bɔne?

14 Dɛn bio na yebetumi ayɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenkɔyɛ bɔne? Ɛsɛ sɛ yenya awerɛhyem paa sɛ, sɛ yedi Yehowa mmara so a, yebenya so mfaso bere nyinaa. Ɛtɔ da a, ebetumi ayɛ den sɛ yebedwinnwen nea Onyankopɔn pɛ ho na yɛayɛ nea ɛsɔ n’ani, nanso sɛ yɛbɔ mmɔden yɛ saa a yɛn asom bedwo yɛn paa.

15. Sɛ yenya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛyɛ nea ɛtene a, sɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛankɔyɛ bɔne?

15 Ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛyɛ nea ɛtene. Sɛ yesua sɛ ‘yebekyi bɔne na yɛadɔ papa a,’ ɛbɛma yɛayere yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ nea ɛtene na yɛakwati nneɛma a ɛtwetwe yɛn kɔ bɔne mu no. (Amos 5:15) Afei nso, sɛ yehyia sɔhwɛ bi prɛko pɛ a, ɔpɛ a emu yɛ den a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ nea ɛtene no, ɛbɛhyɛ yɛn den ma yɛako atia sɔhwɛ a ɛte saa.

16. Nneɛma a yɛyɛ wɔ Yehowa som mu no, sɛn na ɛboa yɛn ma yɛkɔ so hwɛ yɛn ho so yiye? (Hwɛ mfoni no nso.)

16 Yɛbɛyɛ dɛn anya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛyɛ nea ɛtene? Nneɛma a yɛyɛ wɔ Yehowa som mu no, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ no pii. Sɛ yɛwɔ adesua ase anaa asɛnka mu a, ɛyɛ den sɛ biribi bɛtwetwe yɛn ama yɛakɔyɛ bɔne. Efisɛ saa bere no, na yɛrehyɛ yɛne Yehowa ayɔnkofa mu den. (Mat. 28:​19, 20; Heb. 10:​24, 25) Sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm na yedwinnwen ho a, ɛbɛhyɛ yɛn den ma yɛayere yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ nea ɛtene, na ɛbɛboa yɛn ama yɛakyi bɔne. (Yos. 1:8; Dw. 1:​2, 3; 119:​97, 101) Kae sɛ Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mommɔ mpae daa, na moankɔ sɔhwɛ mu.” (Mat. 26:41) Sɛ yɛbɔ yɛn soro Agya no mpae a, na yɛreka akyerɛ no sɛ ɔmmoa yɛn ma yɛnyɛ nea ɛsɔ n’ani.—Yak. 4:8.

Nneɛma a ɛma yɛbɛn Yehowa no, sɛ yɛtaa yɛ a, ɛbɛboa yɛn ama yɛako atia sɔhwɛ (Hwɛ nkyekyɛm 16) c


KƆ SO HWƐ WO HO SO YIYE

17. Mmerɛwyɛ bɛn na na ɛyɛ den ma Petro sɛ obedi so?

17 Ɛda adi sɛ, yɛn mmerɛwyɛ no bi wɔ hɔ a, yebetumi adi so korakora. Ebi nso tumi teetee yɛn kyɛ paa. Yɛmfa ɔsomafo Petro asɛm no nyɛ nhwɛso. Nnipa ho suro nti, ɔkaa no mprɛnsa sɛ onnim Yesu. (Mat. 26:​69-75) Bere a Petro de akokoduru dii adanse wɔ Sanhedrin no anim no, ɛte sɛ nea na wadi saa ehu no so. (Aso. 5:​27-29) Nanso mfe bi akyi no, “esiane sɛ na osuro wɔn a wɔatwa twetia no nti,” ɔne amanaman mufo no annidi. (Gal. 2:​11, 12) Ná Petro mmerɛwyɛ no asan ayi ne ti; ɛbɛyɛ sɛ ase antu.

18. Sɛ yetumi di mmerɛwyɛ bi so mpo a, dɛn na ebetumi asi?

18 Nea ɛtoo Petro no, ebi betumi ato yɛn. Adɛn nti na yɛreka saa? Mmerɛwyɛ bi wɔ hɔ a ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ yɛatumi adi so, nanso wobɛhwɛ no na asan ayi ne ti. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, onua baako kaa sɛ: “Mitumi gyaee ponografi hwɛ mfe du, enti na migye di sɛ me haw to atwa. Nanso na me mmerɛwyɛ no ayɛ sɛ akekaboa bi a wakɔtɛw baabi dinn retwɛn bere pa de akeka ne ho.” Anigyesɛm ne sɛ, onua no ampa abaw. Ohui sɛ ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho ko tia saa mmerɛwyɛ no da biara, ebi mpo a ebehia sɛ ɔyɛ saa ne nkwa nna nyinaa. Ne yere ne asafo mu mpanyimfo no mmoa so nti, wayere ne ho paa reko tia ponografi no.

19. Sɛ yɛwɔ mmerɛwyɛ bi a yentumi ntu ase a, dɛn na yebetumi ayɛ?

19 Sɛ yɛwɔ mmerɛwyɛ bi a yentumi ntu ase a, dɛn na yɛbɛyɛ na ampiapia yɛn amma yɛankɔyɛ bɔne? Yesu afotu a ɛne sɛ: “Monkɔ so nwɛn” no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma na yɛankɔ sɔhwɛ mu. Sɛ yɛte nka sɛ yɛatumi adi mmerɛwyɛ bi so mpo a, nneɛma a ebetumi atwetwe yɛn ama yɛasan akɔyɛ saa bɔne no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara hwɛ yɛn ho yiye wɔ ho. (1 Kor. 10:12) Nneɛma a woyɛe a ɛboaa wo ma wudii wo mmerɛwyɛ no so no, kɔ so ara yɛ. Mmebusɛm 28:14 ka sɛ: “Anigye ne onipa a daa ɔhwɛ ne ho yiye.”—2 Pet. 3:14.

SƐ YƐHWƐ YƐN HO SO YIYE A NHYIRA BƐN NA YEBENYA?

20-21. (a) Sɛ yɛhwɛ yɛn ho so yiye na yɛankɔyɛ bɔne a, nhyira bɛn na yebenya? (b) Sɛ yɛyere yɛn ho ko tia sɔhwɛ a, dɛn na Yehowa bɛyɛ ama yɛn? (2 Korintofo 4:7)

20 Yegye di paa sɛ, sɛ yɛhwɛ yɛn ho so yiye na yɛankɔyɛ bɔne a, na yɛmmrɛ ngui. Sɛ yɛyɛ bɔne a, ebia “anigye” a yebenya no rentena hɔ nkyɛ. Nanso sɛ yɛde Yehowa akwankyerɛ bɔ yɛn bra a, ɛbɛma yɛn ani agye paa. (Heb. 11:25; Dw. 19:8) Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɔbɔɔ yɛn wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma yɛatumi adi ne mmara so. (Gen. 1:27) Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya ahonim pa, na ɛbɛma yɛanya anidaso sɛ yebetumi atena ase daa.—1 Tim. 6:12; 2 Tim. 1:3; Yuda 20, 21.

21 Nokwasɛm ne sɛ, “honam no yɛ mmerɛw.” Nanso wei nkyerɛ sɛ yɛrentumi nyɛ yɛn mmerɛwyɛ ho hwee. Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde tumi a yehia no bɛma yɛn. (Kenkan 2 Korintofo 4:7.) Hyɛ no nsow sɛ, tumi a ɛboro nnipa de so no, ɛno na Onyankopɔn de ma yɛn. Nanso nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ de ko tia sɔhwɛ da biara no de, yɛn ara yɛn tumi na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ. Sɛ yɛyɛ yɛn fam de a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bebua yɛn mpaebɔ na ɔde tumi foforo biara a yehia no ama yɛn. (1 Kor. 10:13) Yehowa mmoa so nti, yebetumi ayɛ ahwɛyiye na yɛanyɛ bɔne.

DWOM 47 Bɔ Yehowa Mpae Daa

a NSƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: “Honhom no” a Mateo 26:41 ka ho asɛm no, ɛyɛ tumi bi a ɛwɔ yɛn mu a ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ biribi. Tebea a bɔne ne sintɔ ama nnipa akɔ mu no, ɛno ne “honam no.” Enti ebia yɛpɛ paa sɛ yɛyɛ nea ɛtene, nanso sɛ yɛanhwɛ yiye a, nea Bible kasa tia no, ɛno na yɛbɛyɛ.

b Sɛ obi ayɛ bɔne kɛse a, Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no, adesua 57 nkyekyɛm 1-3 no betumi aboa no. Afei nso, November 2020 Ɔwɛn-Aban no, adesua asɛm a yɛato din “Ma W’aniwa Nhwɛ Tee” Na Fa Si Wiase Foforo No So, a ɛwɔ kr. 27-29, nky. 12-17 no, ɛno nso betumi aboa.

c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi reyɛ daa asɛm anɔpa, awiabere a ɔredidi nso, ɔrekenkan Bible, na eduu anwummere no, wakɔ nnawɔtwe mfinimfini adesua no bi.