Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 27

DWOM 73 Ma Yɛn Akokoduru

Nya Akokoduru Te Sɛ Sadok

Nya Akokoduru Te Sɛ Sadok

‘Ná Sadok yɛ aberante kokodurufo.’1 BE. 12:28.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Sɛnea Sadok nhwɛso no betumi aboa yɛn ma yɛanya akokoduru.

1-2. Hena ne Sadok? (1 Beresosɛm 12:​22, 26-28)

 TWA ho mfoni wɔ w’adwene mu hwɛ: Mmarima bɛboro 340,000 ahyia wɔ mmepɔw bi a ɛbɛn Hebron so sɛ wɔrebesi Dawid hene wɔ Israel nyinaa so. Wɔdii nnansa wɔ hɔ, na wɔde anigye bɔɔ nkɔmmɔ, wɔtoo ayeyi nnwom, na wɔbɔɔ nserehehe. (1 Be. 12:39) Saa nnipadɔm yi, ebia na ɛbɛyɛ den sɛ obi behu sɛ aberante bi a ne din de Sadok ka ho. Nanso Yehowa de, ohuu no, na wama yɛahu sɛ na Sadok wɔ hɔ bi. (Kenkan 1 Beresosɛm 12:​22, 26-28.) Hena ne Sadok?

2 Ná Sadok yɛ ɔsɔfo; ɔne Ɔsɔfo Panyin Abiatar boom yɛɛ adwuma. Ná Sadok yɛ ɔdehwɛfo nso, kyerɛ sɛ, Onyankopɔn maa no nyansa ne nhumu soronko a na otumi de hu nea Onyankopɔn pɛ sɛ ne nkoa yɛ. (2 Sam. 15:27) Nkurɔfo repɛ afotu a, na wɔkɔ Sadok hɔ. Ná ɔwɔ akokoduru nso. N’akokoduru no na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu.

3. (a) Adɛn nti na ehia sɛ Yehowa asomfo nya akokoduru? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Awiei mmere yi mu no, ɔhaw a Satan de ba Onyankopɔn nkurɔfo so no, wamia mu paa. (1 Pet. 5:8) Bere a yɛretwɛn sɛ Yehowa bɛsɛe Satan ne ne wiase bɔne no, ehia sɛ yenya akokoduru. (Dw. 31:24) Momma yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa a yebetumi ayɛ de asuasua Sadok akokoduru no.

GYINA ONYANKOPƆN AHENNI NO AKYI

4. Adɛn nti na Yehowa asomfo hia akokoduru na wɔatumi agyina n’Ahenni no akyi? (Hwɛ mfoni no nso.)

4 Yehowa nkurɔfo de, ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu gyina n’Ahenni no akyi, nanso mpɛn pii no, egye akokoduru na yɛatumi ayɛ saa. (Mat. 6:33) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, wiase bɔne yi mu no, ehia sɛ yenya akokoduru na yɛatumi de Yehowa akwankyerɛ abɔ yɛn bra, na yɛaka Ahenni ho asɛmpa no. (1 Tes. 2:2) Afei nso, amanyɔsɛm pae ara na ɛrepaapae nnipa mu, enti mpɛn pii no, egye akokoduru na yɛankogyina obiara afa. (Yoh. 18:36) Esiane sɛ Yehowa nkurɔfo mfa wɔn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu anaa wɔnkɔ sogya nti, ama wɔn mu bebree sikasɛm ayɛ basaa. Afei nso, wɔaboro ebinom anaa wɔde wɔn agu afiase.

Sɛ nkurɔfo rekyerɛ ɔfa a wɔgyina wɔ amanyɔsɛm mu a, dɛn na wobɛyɛ? (Hwɛ nkyekyɛm 4)


5. Adɛn nti na na Sadok hia akokoduru na watumi ataa Dawid akyi?

5 Bere a wɔresi Dawid hene wɔ Hebron no, Sadok ankɔ hɔ sɛ ɔrekɔbɔ no kyidɔm kɛkɛ. Ɔfaa n’akode kaa ne ho kɔe. (1 Be. 12:38) Ná wayɛ krado sɛ, sɛ ɛsɛ sɛ ɔka Dawid ho ma wɔko gye Israelfo fi wɔn atamfo nsam a, ɔbɛyɛ saa. Ná saa aberante yi wɔ akokoduru paa.

6. Akokoduru ho nhwɛso bɛn na Dawid yɛ maa Sadok? (Dwom 138:3)

6 Saa akokoduru a na ɔsɔfo Sadok wɔ no, onya fii he? Nea ɛte ne sɛ, mmarima a wɔwɔ ahoɔden ne akokoduru na na ɔne wɔn bɔ. Ɛnyɛ dɛn ara a, osuaa biribi fii wɔn hɔ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛnea Dawid de akokoduru ‘dii Israel anim de wɔn kɔɔ ɔko’ no, ɛmaa Israelfo nyinaa de wɔn koma taa n’akyi. (1 Be. 11:​1, 2) Bere nyinaa na Dawid de ne ho to Yehowa so sɛ ɔmmoa no na onni n’atamfo so nkonim. (Dw. 28:7; kenkan Dwom 138:3.) Sadok suasuaa mmarima afoforo nso a wɔwɔ akokoduru. Wɔn mu bi ne Yehoiada ne ne babarima Benaia ɔkatakyi no; ebi nso ne abusua mpanyimfo 22 a wɔtaa Dawid akyi no. (1 Be. 11:​22-25; 12:​26-28) Saa mmarima yi nyinaa sii wɔn bo sɛ wɔbɛtaa wɔn hene Dawid akyi.

7. (a) Ɛnnɛ nso, henanom na yebetumi asuasua wɔn akokoduru? (b) Sɛnea video no ma yehu no, dɛn na wusua fi Onua Nsilu asɛm no mu?

7 Wɔn a wɔde akokoduru agyina Yehowa Ahenni no akyi no, sɛ yedwinnwen wɔn nhwɛso no ho a, ɛbɛhyɛ yɛn den ma yɛanya akokoduru. Yɛn Hene Yesu Kristo amma nkurɔfo ampiapia no amma wamfa ne ho amfɔrefɔre Satan wiase no amanyɔsɛm mu. (Mat. 4:​8-11; Yoh. 6:​14, 15) Bere nyinaa na ɔde ne ho to Yehowa so sɛ ɔbɛma no akokoduru. Ɛnnɛ nso, yɛwɔ mmerante bebree a wɔasi wɔn bo sɛ wɔrenkɔ sogya anaa wɔremfa wɔn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu. Wubetumi akenkan wɔn mu bi suahu wɔ jw.org. a

BOA WO NUANOM

8. Bere bɛn na ebia ebehia sɛ asafo mu mpanyimfo nya akokoduru na wɔatumi aboa wɔn nuanom?

8 Yehowa nkurɔfo ani gye ho paa sɛ wɔbɛboa wɔn ho wɔn ho. (2 Kor. 8:4) Nanso ɛtɔ da a, egye akokoduru paa na yɛatumi ayɛ saa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ ɔko si baabi a, asafo mu mpanyimfo nim sɛ wɔn nuanom behia nkuranhyɛ. Ebi nso a wɔbehia Bible, asafo nhoma, aduan, ntaade ne nea ɛkeka ho. Anuanom ho dɔ nti, mpanyimfo no de wɔn nkwa to asiane mu de nea wɔhia kɔma wɔn. (Yoh. 15:​12, 13) Wɔyɛ saa de kyerɛ sɛ wɔresuasua Sadok akokoduru no.

9. Sɛnea 2 Samuel 15:​27-29 ma yehu no, dɛn na Dawid ka kyerɛɛ Sadok sɛ ɔnyɛ? (Hwɛ mfoni no nso.)

9 Ná Dawid nkwa da asiane mu. Ne ba Absalom sii nketekrakye sɛ obegye ahenni no afi ne nsam. (2 Sam. 15:​12, 13) Ná ɛsɛ sɛ Dawid guan fi Yerusalem ntɛmpa ara! Ɔka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: “Monsɔre mma yenguan, anyɛ saa na Absalom bɛto yɛn a, obiara remfa ne ho nni!” (2 Sam. 15:14) Bere a Dawid nkoa no yɛe sɛ wɔrekɔ no, ohui sɛ ɛsɛ sɛ ɔma obi hwɛ akyi sɛnea ɛbɛyɛ a obehu pɔw a Absalom rebɔ, na wama n’aso ate. Enti ɔsomaa Sadok ne asɔfo afoforo sɛ wɔnsan nkɔ kurow no mu na wɔmfa wɔn ani nkodi nea Absalom ne ne dɔm reyɛ akyi. (Kenkan 2 Samuel 15:​27-29.) Ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahwɛyiye paa. Nea Dawid ka kyerɛɛ saa asɔfo no sɛ wɔnyɛ no, na ɛyɛ hu paa; na ebetumi mpo de wɔn nkwa ato asiane mu. Absalom tirimɔdenfo, wudifo, kontomponi no, sɛ ohui sɛ Sadok ne asɔfo a aka no retietie ne ho nsɛm akɔka akyerɛ Dawid a, wohwɛ a anka ɔbɛma wɔafa wɔn ho adi?

Dawid de adwuma bi a ɛyɛ hu hyɛɛ Sadok nsa (Hwɛ nkyekyɛm 9)


10. Sɛn na Sadok ne wɔn a na ɛka ne ho no bɔɔ Dawid ho ban?

10 Dawid ka kyerɛɛ Sadok ne n’adamfo nokwafo Husai sɛ wɔmmoa no ma ɔmfa adwene foforo bi. (2 Sam. 15:​32-37) Bere a Husai yɛɛ nea Dawid kae no, ɛmaa Absalom gyee no dii. Enti Husai kyerɛɛ no ɔkwan a n’asraafo no bɛfa so atow ahyɛ Dawid so. Ná wei nso bɛma Dawid anya kwan aboa ne ho. Ɛno akyi no, Husai kaa pɔw a na Absalom ne ne dɔm abɔ no kyerɛɛ Sadok ne Abiatar. (2 Sam. 17:​8-16) Saa mmarima mmienu yi nso somae ma wɔde nkra kɔmaa Dawid. (2 Sam. 17:17) Yehowa mmoa so nti, Sadok ne asɔfo a na wɔka ne ho no boae paa ma wɔbɔɔ Dawid ho ban.—2 Sam. 17:​21, 22.

11. Sɛ yɛreboa yɛn nuanom a, sɛn na yebetumi asuasua Sadok akokoduru no?

11 Sɛ yɛn nuanom nkwa da asiane mu na wɔde hyɛ yɛn nsa sɛ yɛnkɔboa wɔn a, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛwɔ akokoduru te sɛ Sadok? (1) Di akwankyerɛ so. Mmere a ɛte saa mu no, ɛho hia sɛ yɛyɛ baako. Sɛ Betel a ɛwɔ yɛn man mu de akwankyerɛ ma yɛn a, ɛsɛ sɛ yedi so pɛpɛɛpɛ. (Heb. 13:17) Nea ɛsɛ sɛ anuanom yɛ ansa na atoyerɛnkyɛm bi asi ne nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ bere a atoyerɛnkyɛm bi asi no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no taa susuw ho. (1 Kor. 14:​33, 40) (2) Nya akokoduru, nanso yɛ ahwɛyiye. (Mmeb. 22:3) Ansa na wobɛyɛ biribi no, dwen ho yiye. Nyɛ biribiara a ɛde wo nkwa bɛto asiane mu. (3) Fa wo ho to Yehowa so. Kae sɛ, wo ne wo nuanom nyinaa, mo ahobammɔ ho hia Yehowa paa. Bere a woreboa wo nuanom no, obetumi ahwɛ wo so na wabɔ wo ho ban.

12-13. Dɛn na wusua fi Viktor ne Vitalii asɛm no mu? (Hwɛ mfoni no nso.)

12 Yɛnhwɛ asafo mu mpanyimfo mmienu bi a wɔn din de Viktor ne Vitalii. Bere a na ɔko no gyina mu wɔ Ukraine no, wɔde nnuan ne nsu kɔmaa wɔn nuanom Kristofo. Viktor ka sɛ, “Yekyin hwehwɛɛ aduan wɔ baabiara. Mpɛn pii no, na yɛte sɛ nkurɔfo retotow tuo wɔ baabi a yɛwɔ no. Ná onua bi akora nnuan pii so wɔ dan bi mu, enti ɔkyɛɛ yɛn bi. Wei maa adawurubɔfo pii nyaa aduan a na ebetumi de wɔn atwa nna kakra. Bere bi a na yɛrehyehyɛ nneɛma agu yɛn kar mu no, topae a na nkurɔfo retotow no bi bɛtɔɔ baabi a ɛbɛn yɛn pɛɛ; efi baabi a na yegyina kɔ baabi a topae no bɛtɔe no yɛ bɛyɛ mita 20 (anammɔn 66). Da mu no nyinaa, mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me mma minnya akokoduru na matumi akɔ so aboa anuanom.”

13 Vitalii ka sɛ, “Ná ehia sɛ yenya akokoduru paa. Bere a edi kan a mede aduan kɔmaa anuanom no, mitwaa kwan nnɔnhwerew 12. Merekɔ nyinaa na merebɔ Yehowa mpae.” Vitalii nyaa akokoduru, nanso ɔyɛɛ ahwɛyiye nso. Ɔde kaa ho sɛ: “Mekɔɔ so srɛɛ Yehowa sɛ ɔmma me nyansa ne ahobrɛase. Akwan a na aban no akyerɛ sɛ yɛmfa so no, ɛhɔ nko ara na mefae. Bere a mihuu sɛnea anuanom boom yɛɛ adwuma de boaa yɛn no, ɛhyɛɛ me gyidi den paa. Nneɛma a na egugu akwan mu no, anuanom yiyi fii hɔ, na wɔboaboaa nnuan, ntaade ne nea ɛkeka ho ano hyehyɛ guu yɛn kar no mu. Afei nso, wɔmaa yɛn aduan dii, na wɔmaa yɛn baabi nso dae.”

Sɛ ɛba sɛ yɛn nuanom nkwa da asiane mu a, nya akokoduru boa wɔn, nanso yɛ ahwɛyiye (Hwɛ nkyekyɛm 12-13)


KƆ SO DI YEHOWA NOKWARE

14. Sɛ obi a wodɔ no gyae Yehowa som a, sɛn na ebetumi aka wo?

14 Ade baako a ɛyɛ yaw paa ne sɛ wo busuani anaa wo yɔnko berɛbo bi begyae Yehowa som. Ɛba saa a, ebetumi abubu wo. (Dw. 78:40; Mmeb. 24:10) Sɛ wobɛn nipa no paa a, ɛnde na asɛm no asɛe koraa. Sɛ asɛm a ɛyɛ yaw saa ato wo pɛn a, ɛnde sɛnea Sadok dii Yehowa nokware no betumi ahyɛ wo den.

15. Adɛn nti na na Sadok hia akokoduru na watumi akɔ so adi Yehowa nokware? (1 Ahene 1:​5-8)

15 Bere a Sadok yɔnko berɛbo Abiatar anni Yehowa nokware no, Sadok de, ɔkɔɔ so dii Yehowa nokware. Saa asɛm yi sii bere a Dawid ahenni no reba awiei no. Dawid da owu mpa so no, ne ba Adoniya yɛe ara sɛ obesi ne ho hene, nanso Solomon na na Yehowa ahyɛ no bɔ sɛ obedi hene. (1 Be. 22:​9, 10) Abiatar kɔtaa Adoniya akyi. (Kenkan 1 Ahene 1:​5-8.) Nea Abiatar yɛe no kyerɛ sɛ wanni Dawid ne Yehowa nokware. Ɛbɛyɛ sɛ wei maa Sadok werɛ howee, na ɛyɛɛ no yaw papaapa. Ná ɔne Abiatar abom ayɛ asɔfodwuma no bɛboro mfe 40. (2 Sam. 8:17) Wɔn baanu no hwɛ maa wɔde “nokware Nyankopɔn no Adaka no” san kɔɔ Yerusalem. (2 Sam. 15:29) Mfiase no, na mmarima mmienu yi taa Dawid ahenni no akyi, na wɔyɛɛ nneɛma bebree nso wɔ Yehowa som mu.—2 Sam. 19:​11-14.

16. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛboaa Sadok ma ɔkɔɔ so dii Yehowa nokware?

16 Ɛmfa ho nea Abiatar yɛe no, Sadok de, ɔkɔɔ so dii Yehowa nokware. Ná Dawid nim sɛ Sadok renni no huammɔ da. Bere a Dawid tee pɔw a na Adoniya abɔ no, ɔka kyerɛɛ Sadok, Natan, ne Benaia sɛ wɔnkɔsra Solomon nsi no hene. (1 Ahe. 1:32-34) Yehowa asomfo anokwafo te sɛ Natan ne Ɔhene Dawid akyitaafo a Sadok ne wɔn bɔe no, ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛɛ ne gyidi den. (1 Ahe. 1:​38, 39) Bere a Solomon bɛyɛɛ ɔhene no, ɔde ‘ɔsɔfo Sadok sii Abiatar ananmu.’—1 Ahe. 2:35.

17. Sɛ obi a wopɛ n’asɛm gyae Yehowa som a, wobɛyɛ dɛn asuasua Sadok?

17 Wobɛyɛ dɛn asuasua Sadok? Sɛ obi a wopɛ n’asɛm gyae Yehowa som a, ma Yehowa nhu sɛ, wo de, wobɛkɔ so adi no nokware. (Yos. 24:15) Akokoduru ne ahoɔden a wuhia na wode ayɛ nea ɛtene no, ɔde bɛma wo. Bɔ Yehowa mpae daa, na wo ne n’asomfo anokwafo mmɔ. Wo nokwaredi no som bo ma Yehowa, na obetua wo ka.—2 Sam. 22:26.

18. Dɛn na wusua fi Marco ne Sidse asɛm no mu?

18 Momma yɛnhwɛ Marco ne ne yere Sidse asɛm no. Ná wɔwɔ mma mmea mmienu pɛ; wɔnyinyinii no, wɔn nyinaa fii nokware no mu. Marco kaa sɛ: “Efi da a wobɛwo wo mma no, woyɛ nea wubetumi biara de bɔ wɔn ho ban, efisɛ wɔda wo koma so paa. Enti sɛ wɔgyae Yehowa som a, etumi twa wo nsono mu.” Ɔtoaa so sɛ: “Nanso Yehowa aboa yɛn paa. Wei nti bere biara a me werɛ bɛhow no, me yere hyɛ me den, sɛ ɔno nso werɛ how a, me nso mekyekye ne werɛ.” Sidse kaa sɛ: “Sɛ Yehowa anhyɛ yɛn den a, anka yɛrentumi nnyina saa asɛm yi ano. Ɛwɔ hɔ ara a, na me werɛ ahow, efisɛ na ɛyɛ me sɛ me na mama me mma no agyae Yehowa som. Enti mekaa sɛnea mete nka no kyerɛɛ no. Nna kakraa bi akyi no, onuawa bi a na mihuu no akyɛ baa me nkyɛn de ne nsa bɛtoo m’abeti, na ɔhwɛɛ m’anim ka kyerɛɛ me sɛ: ‘Sidse, kae sɛ ɛnyɛ wo na woyɛe!’ Yehowa mmoa so nti, migu so de anigye resom no.”

19. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

19 Yehowa pɛ sɛ n’asomfo nyinaa nya akokoduru te sɛ Sadok. (2 Tim. 1:7) Nanso, ɔmpɛ sɛ yɛde yɛn ho bɛto yɛn ahoɔden so. Ɔpɛ sɛ yɛde yɛn ho to no so. Enti, sɛ wokɔ tebea bi mu na wuhu sɛ wuhia akokoduru a, bɔ Yehowa mpae. Nya awerɛhyem sɛ, ɔbɛma woanya akokoduru te sɛ Sadok!—1 Pet. 5:10.

DWOM 126 Kɔ So Wɛn, Gyina Hɔ Pintinn