Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛnnɛ, ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no gyina hɔ ma hena? Ɔne Yesu Kristo. Enti, wɔn a wobenya nkwa no, Yesu ankasa na ɔbɛhyɛ wɔn agyirae

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Hesekiel nyaa anisoadehu bi. Ohuu ɔbarima bi a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen ne mmarima nsia a obiara kura dade a ɔde bɛsɛe ade. Saafo yi gyina hɔ ma henanom?

Wogyina hɔ ma ɔsoro asafodɔm a wɔsɛee Yerusalem no. Wɔka ho bi na wɔbɛsɛe Satan wiase bɔne yi wɔ Harmagedon. Wei yɛ ntease foforo a yɛanya. Adɛn nti na ɛtɔ asom?

Aka kakra ma wɔasɛe Yerusalem wɔ afe 607 ansa na Yesu reba no, Hesekiel hui sɛ Yerusalemfo a wɔawae no reyɛ abofonode. Ɛno akyi, onyaa anisoadehu bi a ɛkyerɛɛ nea ebesi ansa na wɔasɛe Yerusalem kurow no. Ohuu mmarima nsia a wokurakura nnade a wɔde sɛe ade. Ɔsan huu ɔbarima bi a ɔka wɔn ho. Ɔno de, ná “ɔhyɛ nwera a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen.” (Hes. 8:6-12; 9:2, 3) Wɔka kyerɛɛ saa ɔbarima no sɛ: “Sen fa kurow no mu, . . . na hyɛ wɔn a wɔresi apini na wɔredi akyide a wɔyɛ wɔ hɔ nyinaa ho abooboo no moma so agyirae.” Afei wɔka kyerɛɛ mmarima a wokura nnade a wɔde sɛe ade no sɛ, wonni n’akyi mfa kurow no mu na wonkunkum obiara a wɔanhyɛ no agyirae no. (Hes. 9:4-7) Dɛn na yesua fi saa anisoadehu yi mu? Ná ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no gyina hɔ ma hena?

Hesekiel nyaa saa anisoadehu no wɔ afe 612 ansa na Yesu reba. Mfe nnum akyi no, anisoadehu no nyaa mmamu a edi kan bere a Babilon asraafo sɛee Yerusalem no. Ɛwom, Babilonfo a wɔsɛee Yerusalem no, na wɔyɛ abosonsomfo. Nanso, Yehowa de wɔn dii dwuma sɛ n’abrafo. (Yer. 25:9, 15-18) Nea enti a yɛka saa ne sɛ, wɔn na Yehowa de wɔn sɛee ne nkurɔfo a wɔawae no. Nanso, Yehowa amma wɔansɛe obiara kɛkɛ. Wamma wɔansɛe apapafo amfra abɔnefo. Yudafo a na wɔn ani nnye abofonode a ɛrekɔ so wɔ Yerusalem ho no, Yehowa ma wohui sɛ ɔdɔ wɔn. Ɔyɛɛ nhyehyɛe de gyee wɔn nkwa.

Wɔn a wɔhyɛɛ Yudafo no agyirae no, na Hesekiel nka ho. Saa ara nso na wɔn a wɔsɛee kurow no, na ɔnka ho. Mmom, abɔfo na wɔhwɛ ma wɔsɛee kurow no. Enti yɛbɛka a, anisoadehu a Hesekiel nyae no abue yɛn ani ama yɛahu nea ɛkɔɔ so wɔ soro. Yehowa maa n’abɔfo no dii kan hyɛɛ apapafo no agyirae, kyerɛ sɛ, ɔpaapaee abɔnefo ne apapafo no mu. Afei, ɔma wɔsɛee abɔnefo no, na wogyee apapafo no nkwa. *

Kan no, yɛkyerɛɛ mu sɛ yɛn bere mu de, ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen wɔ anisoadehu no mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo. Ná yɛka nso sɛ, ɛnnɛ yi ara sɛ obi tie asɛmpa a yɛreka no a, na yɛahyɛ no agyirae ama nkwagye. Nanso, nnansa yi yɛabehu sɛ ehia sɛ yɛsakra nkyerɛkyerɛmu a yɛde mae no mu. Asɛm a ɛwɔ Mateo 25:31-33 no ma yehu sɛ Yesu na obebu atɛn. Obebu nnipa atɛn korakora wɔ ahohiahia kɛse no mu. Saa bere no na ɔbɛpaapae nnipa mu. Wɔn a wɔte sɛ nguan no benya nkwa, na wɔn a wɔte sɛ mmirekyi no, wɔasɛe wɔn.

Esiane ntease foforo a yɛanya yi nti, dɛn na yesua fi Hesekiel anisoadehu no mu? Yebetumi asua nneɛma bɛyɛ nnum:

  1.  Aka kakra ama wɔasɛe Yerusalem no, Hesekiel ne Yeremia yɛɛ ɔwɛmfo adwuma, sɛnea bere bi Yesaia yɛe no. Ɛnnɛ, Yehowa nam n’asomfo kakraa bi a wɔasra wɔn so rema ne nkurɔfo aduan. Ɛnyɛ ɛno nko. Wɔrebɔ nkurɔfo kɔkɔ ansa na ahohiahia kɛse no apae agu. Kristo asomfo nyinaa nso reboa ama wɔabɔ nkurɔfo kɔkɔ.​—Mat. 24:45-47.

  2.  Hesekiel anhyɛ nkurɔfo agyirae amma nkwagye. Ɛnnɛ nso, ɛnyɛ Yehowa asomfo na wɔhyɛ nkurɔfo agyirae ma nkwagye. Mmom, nea wɔyɛ ara ne sɛ, abɔfo kyerɛ wɔn kwan ma wɔka Yehowa asɛm kyerɛ nkurɔfo.​—Adi. 14:6.

  3.  Hesekiel bere so no, wɔn a wogyee wɔn nkwa no, ná agyiraehyɛde biara nni wɔn moma so. Saa ara na ɛte nnɛ. Dɛn na nkurɔfo yɛ a ɛbɛma wɔahyɛ wɔn agyirae wɔ sɛnkyerɛnne kwan so ama nkwagye? Ɛsɛ sɛ wotie asɛmpa a yɛka no, wɔhyɛ Kristo nipasu no, wohyira wɔn ho so ma Yehowa, na woyi wɔn yam boa Kristo nuanom. (Mat. 25:35-40) Wɔn a wɔyɛ wei na wobenya nkwagye agyiraehyɛde no bi wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu.

  4.  Ɛnnɛ, ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no gyina hɔ ma hena? Ɔne Yesu Kristo. Enti, wɔn a wobenya nkwa no, Yesu ankasa na ɔbɛhyɛ wɔn agyirae. Nnipakuw kɛse no mufo benya wɔn agyiraehyɛde wɔ ahohiahia kɛse no mu bere a wɔabu wɔn atɛn sɛ nguan no. Ɛno bɛma wɔanya daa nkwa wɔ asase so.​—Mat. 25:34, 46. *

  5.  Ɛnnɛ, mmarima nsia a wokurakura nnade a wɔde sɛe ade no gyina hɔ ma henanom? Wɔne Yesu soro asafodɔm a Yesu ankasa di wɔn anim. Ɛrenkyɛ, wɔbɛsɛe amanaman no na wɔayi abɔnefosɛm biara afi hɔ.​—Hes. 9:2, 6, 7; Adi. 19:11-21.

Nneɛma a yɛasua afi anisoadehu yi mu ma yenya awerɛhyem paa sɛ Yehowa nsɛe apapafo mfra abɔnefo. (2 Pet. 2:9; 3:9) Ɛsan kae yɛn sɛ, ehia paa sɛ yɛka asɛmpa no nnɛ. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ obiara kɔkɔ ansa na awiei no aba!​—Mat. 24:14.

^ nky. 6 Nnipa a wogyee wɔn nkwa te sɛ Baruk (Yeremia kyerɛwfo no), Etiopiani Ebed-Melek, ne Rekabfo no, ná agyiraehyɛde biara nni wɔn moma so. Nanso, wogyee wɔn nkwa. (Yer. 35:1-19; 39:15-18; 45:1-5) Wei kyerɛ sɛ, agyiraehyɛde a wonyae no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so de.

^ nky. 12 Wɔn a wɔasra wɔn no nhia nkwagye agyiraehyɛde yi bi. Wɔn de, wobenya wɔn nsɔano a etwa to ansa na wɔawu anaasɛ ansa na ahohiahia kɛse no apae agu.​—Adi. 7:1, 3.