Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wobɛma Ɔnwemfo Kɛse no Anwene Wo Anaa?

Wobɛma Ɔnwemfo Kɛse no Anwene Wo Anaa?

“Hwɛ! Sɛnea dɔte te wɔ ɔnwemfo nsam no, saa ara na mo nso mote wɔ me nsam.”​—YER. 18:6.

NNWOM: 60, 22

1, 2. Adɛn nti na na Onyankopɔn ‘pɛ Daniel asɛm paa,’ na yɛbɛyɛ dɛn ayɛ osetie te sɛ Daniel?

YUDAFO a wɔde wɔn kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon no, woduu hɔ ara pɛ na wohui sɛ ahoni ahyɛ kurow no mu ma. Wohui sɛ ahonhommɔne de Babilonfo no ayɛ nkoa. Nanso Yudafo anokwafo te sɛ Daniel ne ne nnamfo baasa no de, wɔanyɛ nea Babilonfo kae sɛ wɔnyɛ no. (Dan. 1:6, 8, 12; 3:16-18) Ná Daniel ne ne nnamfo baasa no awe ahinam so sɛ Yehowa, wɔn Nwemfo no, nkutoo na wɔbɛsom no. Wotumi yɛɛ saa nso! Ɛkame ayɛ sɛ Daniel tenaa Babilon ne nkwa nna nyinaa; nanso Onyankopɔn bɔfo bi kae sɛ Daniel yɛ ‘ɔbarima a wɔpɛ n’asɛm paa.’​—Dan. 10:11, 19.

2 Tete no, sɛ ɔnwemfo pɛ sɛ ɔde dɔte nwene biribi te sɛ ayowa a, na ɔbobɔ adaka de dɔte gu. Afei, omiamia so araa kosi sɛ ayowa no bɛyɛ te sɛ adaka no sɛso pɛpɛɛpɛ. Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ gye tom sɛ Yehowa ne Amansan Hene. Ɔno na ɔwɔ tumi sɛ ɔnwene nnipa ne aman nyinaa. (Kenkan Yeremia 18:6.) Onyankopɔn wɔ tumi nso sɛ ɔnwene yɛn mu biara. Nanso, ogye tom sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yɛyɛ nea yɛpɛ, na ɔpɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu tie no. Momma yɛnhwɛ sɛnea yebetumi akɔ so ayɛ sɛ dɔte a ɛyɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn nsam. Momma yensusuw nneɛma mmiɛnsa ho: (1) Sɛ Onyankopɔn tu yɛn fo a, yɛbɛyɛ dɛn akwati suban ahorow a ɛbɛma yɛapirim yɛn koma? (2) Suban ahorow a ɛbɛma yɛakɔ so abrɛ yɛn ho ase no, yɛbɛyɛ dɛn anya? (3) Sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo retete wɔn mma a, dɛn na wɔbɛyɛ de akyerɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase ma Onyankopɔn?

KWATI SUBAN A EBETUMI AMA WOAPIRIM WO KOMA

3. Suban bɛn na ebetumi ama yɛapirim yɛn koma? Ma ɛho nhwɛso.

3 Mmebusɛm 4:23 ka sɛ: “Bɔ wo koma ho ban sen nea wode sie nyinaa, efisɛ emu na nkwa nsuti wɔ.” Suban a ebetumi ama yɛapirim yɛn koma bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ho? Gyidi a obi nni, ahantan, ne bɔne mu a obi bɛtena ka ho. Saa suban yi betumi ama yɛayɛ asoɔden na yɛatew atua. (Dan. 5:1, 20; Heb. 3:13, 18, 19) Nokwasɛm ne sɛ, Yuda hene Usia bɛyɛɛ ahantan. (Kenkan 2 Beresosɛm 26:3-5, 16-21.) Mfiase no, Usia yɛɛ “nea ɛteɛ Yehowa ani so,” na “ɔkɔɔ so hwehwɛɛ Onyankopɔn.” Ɛwom sɛ Onyankopɔn na ɔmaa Usia tumi de, nanso “ɔyɛɛ den ara pɛ, ne koma maa ne ho so.” Ɔyɛɛ n’adwene mpo sɛ ɔbɛhyew aduhuam wɔ asɔrefie hɔ. Nanso, asɔfo a wofi Aaron abusua mu nkutoo na na wɔwɔ hokwan sɛ wɔhyew aduhuam. Bere a asɔfo no kae sɛ nea Usia reyɛ no mfa kwan mu no, ne bo fuwii paa! Dɛn na ɛtoo no? Onyankopɔn guu n’anim ase pɔtɔɔ; ɔyaree kwata kosii ne wuda.​—Mmeb. 16:18.

4, 5. Sɛ yɛanhwɛ yiye wɔ ahantan ho a, asɛm bɛn na ebetumi ato yɛn? Ma ɛho nhwɛso.

4 Sɛ yɛanhwɛ yiye wɔ ahantan ho a, yɛn nso yebetumi afi ase ‘abu yɛn ho atra nea ɛsɛ,’ ebia yɛbɛbɔ Kyerɛwnsɛm mu afotu a wɔde ma yɛn mpo agu. (Rom. 12:3; Mmeb. 29:1) Ma yɛnhwɛ Kristoni bi a ɔyɛ asafo mu panyin a ne din de Jim asɛm no. Asɛm bi sii wɔ asafo a na Jim wom no mu, na ɔne mpanyimfo a aka no anyɛ adwene. Jim kae sɛ: “Meka kyerɛɛ mpanyimfo no sɛ nea wɔreyɛ no nkyerɛ ɔdɔ, na mifii nhyiam a na yɛreyɛ no ase.” Abosome nsia akyi, Jim fii asafo a na ɔwom no mu. Ɔkɔɔ asafo bi a ɛbɛn hɔ mu, nanso wɔampaw no asafo mu panyin wɔ hɔ. Jim kae sɛ: “Asɛm no bubuu me. Ná mibu me ho araa ma enti migyaee Yehowa som.” Jim gyaee Yehowa som mfe du. Ɔkae sɛ: “Me bo fuwii paa, na mede asɛm no ho sobo nyinaa bɔɔ Yehowa. Anuanom baa me nkyɛn mfe pii ne me besusuw nsɛm ho, nanso nea wɔkae biara nni hɔ a mede yɛɛ asɛm.”

5 Jim asɛm no ma yehu sɛnea ahantan betumi ama yɛabu yɛn ho bem wɔ yɛn nneyɛe ho. Sɛ ɛba saa a, ɛbɛma yɛn asɛm ayɛ twann. (Yer. 17:9) Jim kae sɛ: “Ná m’adwene ara ne sɛ afoforo mmom na wɔn asɛm nyɛ dɛ.” Wo nua Kristoni bi ayɛ ade ma ahaw wo pɛn anaa ɔsom hokwan bi afi wo nsa da? Sɛ saa a, dɛn na woyɛe? Womaa wo mmati so? Anaa nea na ehia wo paa ne sɛ wubesiesie wo ne wo nua ntam, na woakɔ so abata Yehowa ho?​—Kenkan Dwom 119:165; Kolosefo 3:13.

6. Sɛ yɛkɔ so tena yɛn bɔne mu a, asɛm bɛn na ɛbɛto yɛn?

6 Sɛ obi kɔ so tena ne bɔne mu, anaa ɔyɛ bɔne sie a, ɛno nso betumi ama wabu n’ani agu Onyankopɔn akwankyerɛ so. Ɛba saa a, afei de, ɔde bɔne beguare. Onua bi kae sɛ bere rekɔ so no, na ne suban bɔne no ho asɛm nhaw no bio. (Ɔsɛnk. 8:11) Ná onua foforo nso hwɛ aguamansɛm. Akyiri yi, ɔkae sɛ: “Mibehui sɛ nea mpanyimfo no bɛyɛ biara, minya ho asɛm ka.” Ne suban bɔne maa ɔne Yehowa ntam sɛee. Akyiri yi, bere a ne bɔne no ho bɛdaa hɔ no, asafo mu mpanyimfo boaa no. Nokwasɛm ne sɛ, bɔne wɔ yɛn nyinaa ho. Enti sɛ yɛyɛ bɔne a, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa nkyɛ yɛn, na ɔmmoa yɛn. Sɛ yɛanyɛ saa na yɛkasa tia afoforo, anaa yɛde nsɛm yiyi yɛn ho ano a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛrepirim yɛn koma.

7, 8. (a) Dɛn na tete Israelfo yɛ de kyerɛe sɛ gyidi a wonni ama wɔn koma apirim? (b) Dɛn na yebetumi asua afi mu?

7 Sɛ obi nni gyidi a, ebetumi ama wapirim ne koma. Nea ɛma yehu wei ne nea Israelfo a Yehowa gyee wɔn fii Egypt yɛe no. Israelfo no huu anwonwade a Onyankopɔn yɛe no. Ná ebi yɛ hu paa! Nanso aka kakra ma ɔman no adu Bɔhyɛ Asase no so no, nneɛma a wɔyɛe no kyerɛe sɛ wonni gyidi. Sɛ́ anka wɔde wɔn ho bɛto Yehowa so no, ehu kaa wɔn na wonwiinwii tiaa Mose. Ná wɔpɛ sɛ wɔsan wɔn akyi mpo kɔ Egypt, baabi a na wɔyɛ nkoa no! Nea wɔyɛe no maa Yehowa werɛ howee paa. Yehowa kae sɛ: “Da bɛn koraa na ɔman yi de obu bɛma me?” (Num. 14:1-4, 11; Dw. 78:40, 41) Esiane wɔn komaden ne gyidi a wonni nti, wowuwui wɔ sare no so.

8 Seesei yɛabɛn wiase foforo no, enti wɔresɔ yɛn gyidi ahwɛ. Ɛyɛ papa sɛ yɛhwehwɛ yɛn gyidi mu. Sɛ nhwɛso no, asɛm a Yesu kae wɔ Mateo 6:33 no, yebetumi ahwɛ sɛnea yɛte ase fa. Afei bisa wo ho sɛ: ‘Nneɛma a ɛho hia me paa wɔ asetena mu ne gyinae a misisi kyerɛ sɛ migye Yesu asɛm no di ankasa? Sikapɛ nti, mema asafo nhyiam anaa asɛnka pa me ti so? Sɛ adwuma a meyɛ gye me bere pii na ɛma me brɛ dodo a, dɛn na mɛyɛ? Mɛma wiase yi akyerɛ me nea menyɛ, na ebia ɛno nti magyae Yehowa som mpo?’

9. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛkɔ so ara sɔ hwɛ’ sɛ yɛwɔ gyidi no mu anaa, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

9 Nhwɛso foforo nso ni. Yɛnhwɛ Yehowa somfo bi a ɔmfa Bible afotu nyɛ adwuma. Ebia ɔnhwɛ ne fekubɔ yiye, ɔne wɔn a wɔatu wɔn afi asafo no mu na ɛbɔ, na nneɛma a ɛmfata na ɔde gyigye n’ani. Bisa wo ho sɛ, ‘Saa na mete anaa?’ Sɛ yehu sɛ yɛn koma repirim a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm hwɛ sɛ yɛn gyidi te sɛn anaa? Bible tu yɛn fo sɛ: “Monkɔ so ara nsɔ nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa, monkɔ so mpɛɛpɛɛ mo mu nhwɛ.” (2 Kor. 13:5) Kɔ so ara fa Onyankopɔn Asɛm no siesie w’adwene, na nnaadaa wo ho.

KƆ SO ARA YƐ SƐ DƆTE A ƐYƐ MMERƐW

10. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ sɛ dɔte a ɛyɛ mmerɛw wɔ Yehowa nsam?

10 Onyankopɔn ayɛ nhyehyɛe a ɛboa yɛn ma yɛkɔ so yɛ sɛ dɔte a ɛyɛ mmerɛw. Emu bi ne n’Asɛm, Kristofo asafo no ne asɛnka adwuma no. Sɛnea nsu ma dɔte yɛ mmerɛw no, saa ara nso na sɛ yɛkenkan Bible da biara da dwinnwen ho a, ɛboa yɛn ma yɛyɛ mmerɛw wɔ Yehowa nsam. Ná Yehowa hwehwɛ sɛ Israel ahemfo no ankasa kyerɛw ne mmara no bi fa, na wɔkenkan no da biara da. (Deut. 17:18, 19) Asomafo no nso behui sɛ, sɛ wɔkenkan Kyerɛwnsɛm no na wodwinnwen ho a, ɛbɛboa wɔn paa ma wɔayɛ asɛnka adwuma no. Asomafo no nhoma a wɔkyerɛwee mu no, wɔfaa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm pii kae, na wɔtwee adwene sii emu nsɛm no bi so. Nkurɔfo a wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no, wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔn nso nyɛ saa ara. (Aso. 17:11) Ɛnnɛ, sɛ yɛbɔ mpae na yɛkenkan Bible da biara dwinnwen ho a, yehu sɛ mfaso wɔ so paa. (1 Tim. 4:15) Yɛyɛ saa a, ɛma yɛkɔ so brɛ yɛn ho ase ma Yehowa, na yɛyɛ mmerɛw wɔ ne nsam.

Nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ ama yɛn no, di akyi na ama woakɔ so ayɛ sɛ dɔte a ɛyɛ mmerɛw (Hwɛ nkyekyɛm 10-13)

11, 12. Sɛnea yɛn mu biara te no, sɛn na Yehowa fa Kristofo asafo no so nwene yɛn? Ma ɛho nhwɛso.

11 Sɛnea yɛn mu biara te no, Yehowa betumi afa Kristofo asafo no so anwene yɛn. Asafo mu panyin bi maa n’ani kɔɔ Jim a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ho. Enti Jim fii ase sesaa ne suban. Ɔkae sɛ: “Asafo mu panyin no ammu me fɔ anaa wankasa antia me wɔ asɛm a esii no ho da. Mmom no, ɔkɔɔ so hyɛɛ me nkuran na ɔma mihui sɛ ɔpɛ sɛ ɔboa me.” Bɛyɛ abosome mmiɛnsa akyi no, asafo mu panyin no too nsa frɛɛ Jim ne no kɔɔ Kristofo nhyiam. Jim kae sɛ: “Asafo no mufo nyinaa yɛɛ me awaawaa atuu, na ɔdɔ a wɔdaa no adi kyerɛɛ me no na ɛma mesesaa m’adwene. Mibehui sɛ, sɛnea mete nka no, ɛnyɛ ɛno ne ade a ɛho hia paa. Me yere a ɔda me koma so ne anuanom boaa me, na nkakrankakra me gyidi san yɛɛ den. Me yere de, ne gyidi anhinhim da. Minyaa nkuranhyɛ nsɛm pii fii November 15, 1992 Ɔwɛn Aban mu. Nsɛmti mmienu a ɛboaa me no ni: ‘Mfomso No Mfi Yehowa’ ne ‘Som Yehowa Nokwaredi Mu.’”

12 Bere bi akyi no, wɔsan paw Jim sɛ asafo mu panyin. Efi saa bere no, waboa anuanom binom a wɔahyia sɔhwɛ a ɛte saa ma wɔasan agyina wɔn nan so bio. Ɔde n’asɛm no baa awiei sɛ: “M’adwene mu de, na misusuw sɛ me ne Yehowa ntam yɛ paa, nanso sɛɛ na meredaadaa me ho! Manu me ho sɛ memaa ahantan furaa m’ani ma mibuu m’ani guu nneɛma a ɛho hia paa no so. Ɛyɛ me yaw sɛ metwee m’ano sii nkurɔfo mfomso ho.”​—1 Kor. 10:12.

13. Suban bɛn na asɛnka adwuma betumi ama yɛanya, na ɛbɛboa yɛn sɛn?

13 Ɔkwan bɛn so na asɛnka adwuma betumi aboa yɛn paa? Sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ afoforo a, ebetumi aboa yɛn ma yɛabrɛ yɛn ho ase. Afei nso, ebetumi ama yɛanya Onyankopɔn honhom aba no bi. (Gal. 5:22, 23) Suban pa a asɛnka adwuma no aboa wo ma woanya no, susuw ho hwɛ. Bio nso, sɛ yɛda Kristo suban no bi adi a, ɛma asɛm a yɛka no twetwe afiewuranom, na etumi ma ebinom sesa adwemmɔne a wɔwɔ wɔ yɛn ho. Nhwɛso bi ni. Ofiewura bi didii Adansefo baanu bi a wɔwɔ Australia atɛm. Adansefo no yɛɛ komm tiee no. Nanso akyiri yi, ɔbea no nuu ne ho, na ɔkyerɛw krataa kɔɔ baa dwumadibea a ɛwɔ ɔman no mu no. Ne krataa no fã bi kae sɛ: “Mmea baanu bi a na wɔreka Onyankopɔn Asɛm baa me nkyɛn. Ná wɔwɔ abotare ne ahobrɛase, nanso meyɛɛ aniammɔnho. Mahu sɛ manyɛ no yiye koraa, ɛyɛ me yaw paa sɛ mepam wɔn.” Wususuw sɛ saa adawurubɔfo no bo fuwii ketewaa bi mpo a, anka ofiewura no bɛkyerɛw saa krataa yi? Dabida. Wei kyerɛ sɛ, sɛ yɛkɔ asɛnka a, ɛboa yɛne yɛn afipamfo nyinaa!

SƐ WORETETE WO MMA A, TIE ONYANKOPƆN

14. Sɛ awofo pɛ sɛ wɔtete wɔn mma yiye paa a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

14 Mmofra dodow no ara ani gye adesua ho, na wɔtaa brɛ wɔn ho ase. (Mat. 18:1-4) Enti ɛsɛ sɛ awofo a wɔn ani da hɔ bɔ mmɔden de nokware no dua wɔn mma adwene ne wɔn koma mu. Ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn mma ma wɔn ani gye nokware no ho fi wɔn mmofraase. (2 Tim. 3:14, 15) Nanso sɛ awofo betumi ayɛ saa a, gye sɛ wodi kan de nokware no dua wɔn ankasa koma mu na wɔde bɔ wɔn bra. Sɛ awofo yɛ saa a, wɔn mma hu sɛ nokware no a wɔn awofo de kyerɛkyerɛ wɔn no, ɛno ara na awofo no nso de bɔ wɔn bra. Bio nso, sɛ awofo teɛ wɔn mma so a, mmofra no hu sɛ ɔdɔ a awofo no ne Yehowa dɔ wɔn nti na wɔreteɛ wɔn so.

15, 16. Sɛ wotu awofo bi ba fi asafo no mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ awofo no yɛ de kyerɛ sɛ wɔde wɔn ho to Onyankopɔn so?

15 Kristo nkyerɛkyerɛ a awofo de tete wɔn mma nyinaa akyi no, sɛ mmofra no nyinyin a, wɔn mu bi tumi fi nokware no mu anaa wotu wɔn fi asafo no mu. Sɛ ɛba saa a, abusua no nyinaa di yaw paa. Kristoni bea bi a ɔwɔ South Africa kae sɛ: “Bere a wotuu me nuabarima fii asafo no mu no, ɛyɛɛ me sɛnea wawu no. Ebubuu me paa!” Dɛn na onuawa no ne n’awofo yɛe? Wotiee akwankyerɛ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no. (Kenkan 1 Korintofo 5:11, 13.) Awofo no kae sɛ: “Yesii gyinae sɛ yebetie nea Bible ka no, na yehui sɛ, sɛ yetie Onyankopɔn asɛm a, biribi pa befi mu aba. Yɛtee ase sɛ, sɛ wotu obi fi asafo no mu a, na Onyankopɔn na ɔreteɛ no so. Yegye toom sɛ ɔdɔ na ɛma Yehowa teɛ yɛn so, na ɔteɛ yɛn so sɛnea ɛsɛ. Enti sɛ ɛnyɛ abusuasɛm bi a ɛho hia paa a, na yɛne yɛn babarima no mmom nyɛ hwee.”

16 Ɛkaa wɔn babarima no sɛn? Akyiri yi ɔkae sɛ: “Mihui sɛ, ɛnyɛ sɛ na m’abusuafo tan me, mmom na wɔredi Yehowa ne n’ahyehyɛde no akwankyerɛ akyi.” Ɔsan kae sɛ: “Sɛ biribi ka w’ani ma wosrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo a, ɛma wuhu sɛ Yehowa nnim a, ɛrenyɛ yiye koraa.” Bere a wɔsan gyee aberante no, wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ n’abusuafo no ani gyei! Sɛ yetie Onyankopɔn wɔ yɛn akwan nyinaa mu a, ebesi yɛn yiye.​—Mmeb. 3:5, 6; 28:26.

17. Adɛn nti na ehia sɛ yɛde yɛn akwan hyɛ Yehowa nsa, na yɛyɛ saa a, mfaso bɛn na yebenya?

17 Odiyifo Yesaia kae sɛ Yudafo a wɔde wɔn kɔɔ nkoasom mu no bɛsan aba wɔn asase so. Ɔde too gua sɛ, wɔn a wɔanu wɔn ho no bɛka sɛ: “O Yehowa, wone yɛn Agya. Yɛyɛ dɔte, na wone yɛn Nwemfo; na yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma.” Na wɔbɛsrɛ sɛ: “Yehowa, yɛsrɛ wo, mma wo bo mmfuw denneennen, na nkae yɛn mfomso daa. Yɛsrɛ wo, hwɛ: yɛn nyinaa yɛ wo man.” (Yes. 64:8, 9) Sɛnea na Yehowa pɛ Daniel asɛm no, yɛn nso sɛ yɛde ahobrɛase tie Yehowa asɛm na yɛde bɔ yɛn bra a, Yehowa rensi yɛn fam koraa. Afei nso, Yehowa bɛkɔ so afa n’Asɛm, ne honhom, ne n’ahyehyɛde no so anwene yɛn. Sɛ ɔyɛ yɛn saa a, da bi bɛba a, yebetumi agyina n’anim sɛ “Onyankopɔn mma” a yɛyɛ pɛ.​—Rom. 8:21.