Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mma Afoforo Mfomso Nto Wo Hintidua

Mma Afoforo Mfomso Nto Wo Hintidua

‘Monkɔ so mfa mfirifiri mo ho korakora.’​—KOL. 3:13.

NNWOM: 121, 75

1, 2. Asɛm bɛn na Bible kae de kyerɛe sɛ Yehowa nkurɔfo bɛdɔɔso?

WIASE nyinaa, ahyehyɛde bi wɔ hɔ a ɛyɛ soronko koraa, na emufo di nokware. Saa ahyehyɛde no ne Yehowa Adansefo. Ɛwom sɛ wɔtɔ sin na wodi mfomso de, nanso Onyankopɔn de ne honhom kronkron reboa wɔn. Wei ama wɔredɔɔso na wɔrenya nkɔso. Yehowa nkurɔfo tɔ sin, nanso wɔwɔ koma pa. Ɛno nti Yehowa nam wɔn so reyɛ nneɛma pii. Momma yensusuw emu kakra ho nhwɛ.

2 Bere a wiase yi nna a edi akyiri fii ase afe 1914 no, na Onyankopɔn asomfo nnɔɔso koraa. Nanso Yehowa hyiraa asɛmpaka adwuma a na wɔreyɛ no so. Mfe pii a atwam no, nnipa ɔpepem pii asua Bible mu nokware no abɛyɛ Yehowa Adansefo. Yehowa kaa saa nkɔso yi ho asɛm too hɔ sɛ: “Nea ɔyɛ ketewa koraa no bɛdan apem na nea osua adan ɔman kɛse. Me Yehowa, mɛyɛ no ntɛm wɔ ne bere mu.” (Yes. 60:22) Saa nkɔmhyɛ no abam wɔ nna a edi akyiri yi mu. Ɛno nti, Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ asase so nnɛ adɔɔso. Nokwasɛm ne sɛ, aman bebree wɔ wiase a, yɛkan emu nnipa a, wɔn dodow nnu Yehowa Adansefo.

3. Dɛn na Onyankopɔn asomfo ayɛ de akyerɛ sɛ wɔwɔ ɔdɔ?

3 Nna a edi akyiri yi mu nso, Yehowa aboa ne nkurɔfo ama wɔanya ne suban titiriw no bi. Ɛno ne ɔdɔ. (1 Yoh. 4:8) Yesu a osuasuaa Onyankopɔn dɔ no ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Mede ahyɛde foforo rema mo, sɛ monnodɔ mo ho . . . Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.” (Yoh. 13:34, 35) Mfe kakra a atwam no, amanaman no de wɔn ho hyɛɛ akodi a ɛyɛ hu mu. Saa bere no, Yehowa nkurɔfo kyerɛe sɛ wɔdɔ wɔn yɔnko nipa. Sɛ nhwɛso no, Wiase Ko II nkutoo mu no, wokunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 55. Nanso Yehowa Adansefo amfa wɔn ho anhyɛ mogyahwiegu kɛse a ɛkɔɔ so wɔ wiase nyinaa no mu. (Kenkan Mika 4:1, 3.) Wei aboa wɔn ama wɔn ho “afi wɔ nnipa nyinaa mogya ho.”​—Aso. 20:26.

4. Adɛn nti na ɛyɛ nwonwa sɛ Yehowa nkurɔfo adɔɔso?

4 Bible ka sɛ Satan yɛ “wiase yi nyame,” na ɔno na odi wiase yi so. Nanso nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, Onyankopɔn nkurɔfo renya nkɔso wɔ wiase a nitan ahyɛ mu ma yi mu. (2 Kor. 4:4) Satan na ɔkyerɛ wiase yi amanyɔfo ne nsɛm ho amanneɛbɔfo kwan. Nanso ɔrentumi mma yennyae asɛmpaka adwuma no. Esiane sɛ Satan nim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa nti, wayere ne ho sɛ ɔbɛma nkurɔfo atwe wɔn ho afi nokware som ho. Akwan pii na ɔfa so yɛ saa.​—Adi. 12:12.

SƐ AFOFORO DI MFOMSO A, WOBƐKƆ SO ABATA YEHOWA HO?

5. Ɛtɔ da a, afoforo yɛ ade ma ɛyɛ yɛn yaw. Adɛn ntia? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

5 Kristofo asafo no si so dua sɛ, ehia sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nipa. Saa na Yesu kae sɛ yɛbɛyɛ. Obi bisaa ahyɛde a ɛyɛ kɛse ho asɛm. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “‘Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.’ Eyi ne ahyɛde a ɛyɛ kɛse sen ne nyinaa ne nea edi kan. Nea ɛto so abien a ɛte sɛ ɛno ne sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’” (Mat. 22:35-39) Nanso Bible ka pefee sɛ, bɔne a Adam yɛe nti, wɔawo yɛn nyinaa wɔ bɔne mu. (Kenkan Romafo 5:12, 19.) Enti ɛtɔ da a, asafo no mufo bi betumi aka asɛm anaa wɔayɛ biribi ama ayɛ yɛn yaw. Sɛ ɛba saa a, dɛn na yɛbɛyɛ? Yɛbɛkɔ so adɔ Yehowa na yɛabata ɔne ne nkurɔfo ho? Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔtenaa ase tete no mpo, wɔkaa nsɛm anaa wɔyɛɛ nneɛma bi ma ɛhaw afoforo. Nea Bible aka afa nsɛm a ɛte saa ho no, yebetumi asua biribi afi mu.

Sɛ na wote Israel wɔ Eli ne ne mmabarima no bere so a, anka wobɛyɛ w’ade sɛn? (Hwɛ nkyekyɛm 6)

6. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Eli anteɛ ne mma so?

6 Ná Ɔsɔfo Panyin Eli wɔ mmabarima baanu a na wɔmfa Yehowa mmara nyɛ hwee. Bible ka sɛ: “Ná Eli mma no yɛ mmarima ahuhufo; ná wommu Yehowa.” (1 Sam. 2:12) Ɛwom sɛ Eli hyɛɛ nokware som ho nkuran paa de, nanso ne mma baanu no yɛɛ bɔne a emu yɛ duru. Ná Eli nim nea ne mma no reyɛ. Enti anka ɛsɛ sɛ ɔteɛ wɔn so, na ɔkasa kyerɛ wɔn anibere so. Esiane sɛ Eli anyɛ saa nti, Onyankopɔn buu ɔne ne fiefo atɛn. (1 Sam. 3:10-14) Ɛno akyi no, Yehowa amma Eli asefo mu biara ansom sɛ ɔsɔfo panyin bio. Sɛnea Eli tenatenaa hɔ maa ne mma kɔɔ so yɛɛ bɔne no, sɛ na wowɔ hɔ a, anka wobɛyɛ dɛn? Anka wobɛma ato wo hintidua na woagyae Onyankopɔn som anaa?

7. Bɔne a emu yɛ duru bɛn na Dawid yɛe, na dɛn na Onyankopɔn yɛe wɔ ho?

7 Ná Yehowa dɔ Dawid, efisɛ na ɔyɛ ɔbarima a ‘ɔda ne koma so.’ (1 Sam. 13:13, 14; Aso. 13:22) Nanso akyiri yi, Dawid ne Bat-Seba sɛee aware maa Bat-Seba faa yafunu. Asɛm yi sii bere a na Bat-Seba kunu Uria wɔ akono. Dawid maa Uria baa fie, na ɔfaa kwan biara so sɛ ɔbɛma Uria ne Bat-Seba akɔda. Ɔyɛɛ saa na ama ayɛ sɛ Uria na ɔyɛ abofra no papa. Nanso Uria anyɛ nea Dawid kae no, enti Dawid bɔɔ pɔw maa wokum Uria wɔ akono. Dawid nyaa bɔne a ɔyɛe no ho asotwe kɛse. Ɔne ne fiefo huu amane. (2 Sam. 12:9-12) Nanso, Onyankopɔn huu no mmɔbɔ, na ɔde ne bɔne kyɛɛ no. Akyiri yi, Bible kaa Dawid ho asɛm sɛ ɔde “koma a edi mũ” nantew Yehowa anim. (1 Ahe. 9:4) Sɛ na woka Onyankopɔn nkurɔfo ho saa bere no a, anka wobɛyɛ dɛn? Anka wobɛma bɔne a Dawid yɛe no ato wo hintidua anaa?

8. (a) Dɛn na ɔsomafo Petro yɛe a ɛkyerɛ sɛ wantumi anni n’asɛm so? (b) Petro dii mfomso akyi no, adɛn nti na Yehowa kɔɔ so de no yɛɛ adwuma?

8 Onipa foforo a odii mfomso a ne ho asɛm wɔ Bible mu ne ɔsomafo Petro. Yesu na ɔpaw Petro sɛ ɔsomafo; nanso ɛtɔ da a, na Petro keka nsɛm bi anaa ɔyɛ nneɛma bi a akyiri yi, wobɛhwɛ na wanu ne ho. Nhwɛso bi ni. Bere a ɛtoo nea ɛyɛ den no, Yesu asomafo no guan gyaw no. Ná Petro adi kan aka sɛ, sɛ wɔn a aka nyinaa guan gyaw Yesu mpo a, ɔno de, ɔbɛkɔ so abata ne ho. (Mar. 14:27-31, 50) Nanso bere a wɔkyeree Yesu no, asomafo no nyinaa guan gyaw no, ná Petro ka ho. Petro kae mpɛn pii sɛ onnim Yesu. (Mar. 14:53, 54, 66-72) Akyiri yi, Petro nuu ne ho, na Yehowa kɔɔ so de no yɛɛ adwuma. Sɛ na woyɛ Yesu suani saa bere no, ɛnna wuhuu nea Petro yɛe no a, anka wobɛkɔ so abata Yehowa ho?

9. Adɛn nti na wugye di sɛ Onyankopɔn bu atɛntrenee bere nyinaa?

9 Wɔn a wɔyɛɛ nneɛma bi ma ɛhaw afoforo no, wɔn mu kakraa bi na yɛaka wɔn ho asɛm no. Sɛ yɛse yɛreka Yehowa asomfo a wɔayɛ nneɛma bi ama ahaw afoforo ho asɛm a, anka adagyew bɛbɔ yɛn. Saa nsɛm no bi sisii akyɛ, na ebi nso, nnansa yi ara na ɛresisi. Asɛm no ne sɛ, sɛ ebi si nnɛ a, dɛn na wobɛyɛ? Wobɛma afoforo mfomso ato wo hintidua, na woatwe wo ho afi Yehowa, ne nkurɔfo, ne w’asafo mufo ho? Anaa wugye tom sɛ Yehowa betumi ama wɔn a wɔayɛ bɔne no bere ama wɔde asakra wɔn adwene? Bio nso, wugye di sɛ, sɛnea ɛte biara, Yehowa besiesie mfomso no na wateɛ nea akyea no? Afei nso, ɛtɔ da a, wɔn a wɔayɛ bɔne a emu yɛ duru no, Yehowa tumi da mmɔborɔhunu adi kyerɛ wɔn, nanso wɔsen wɔn kɔn. Sɛ ɛba saa a, ebia wobetu nnebɔneyɛfo a wɔte saa no afi asafo no mu. Wubetumi anya awerɛhyem sɛ, ɔkwan biara so, Yehowa bebu nnebɔneyɛfo atɛn?

KƆ SO BATA YEHOWA HO

10. Mfomso a Yuda Iskariot ne Petro dii no, adwene bɛn na Yesu nyae wɔ ho?

10 Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn asomfo bi kɔɔ so bataa Yehowa ne ne nkurɔfo ho. Wɔyɛɛ saa ɛmfa ho sɛ na nnipa a atwa wɔn ho ahyia redi mfomso akɛse no. Sɛ nhwɛso no, Yesu bɔɔ n’Agya mpae anadwo mũ nyinaa ansa na ɔrepaw asomafo 12 no. Ná Yuda Iskariot ka asomafo 12 no ho. Bere a Yuda yii Kristo mae no, wamma nea Yuda yɛe no ansɛe ɔne n’Agya Yehowa ntam. Petro nso kae sɛ onnim Kristo, nanso Kristo kɔɔ so bataa n’Agya ho. (Luka 6:12-16; 22:2-6, 31, 32) Yesu hui sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔmaa asomafo baanu no dii mfomso, na saa ara nso na ɛnyɛ Yehowa asomfo nyinaa na woyii no mae. Ɛmfa ho sɛ Yesu akyidifo no bi dii no huammɔ no, ɔkɔɔ so yɛɛ ne som adwuma. Yehowa hyiraa Yesu. Onyanee no fii awufo mu ma ɔbɛyɛɛ ɔsoro Ahenni no so Hene.​—Mat. 28:7, 18-20.

11. Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no, Bible hyɛɛ wɔn ho nkɔm sɛn?

11 Yesu nyaa Yehowa ne ne nkurɔfo a wɔtenaa ase tete ne nnɛ no mu ahotoso. Saa ahotoso no fata. Nokwasɛm ne sɛ, nneɛma a Yehowa nam n’asomfo so reyɛ wɔ nna a edi akyiri yi mu no, yɛhwɛ a, ɛyɛ nwonwa paa. Ɛnnɛ, n’asafo a baakoyɛ wom no nko ara na ɛrekyerɛkyerɛ nokware no wɔ wiase nyinaa. Nkurɔfo a wɔn nso kyerɛ sɛ wɔreka asɛmpa no bi no, ɛnyɛ Yehowa na ɔrekyerɛ wɔn kwan. Nkyerɛkyerɛ pa a Onyankopɔn de rema ne nkurɔfo no, Yesaia 65:14 ka ho asɛm kyerɛ yɛn. Ɛka sɛ: “Hwɛ, me nkoa bedi ahurusi, koma pa nti.”

12. Ɛsɛ sɛ yebu mfomso sɛn?

12 Esiane sɛ Yehowa kyerɛ n’asomfo kwan nti, nneɛma pa a wotumi yɛ no ma wɔn ani gye. Nanso, nnipa asetena a ɛresɛe no ama wɔn a wɔwɔ Satan wiase no mu redi awerɛhow. Mfomso a Onyankopɔn asomfo kakraa bi di no, ɛbɛyɛ nea ntease nnim koraa sɛ yɛde ho sobo bɛbɔ Yehowa anaa n’asafo no. Ehia sɛ yɛkɔ so bata Yehowa ho na yedi n’akwankyerɛ so. Afei nso, sɛ afoforo di mfomso a, ɛsɛ sɛ yehu sɛnea yebebu no anaa sɛnea yɛbɛyɛ yɛn ade.

NEA ƐSƐ SƐ YƐYƐ WƆ AFOFORO MFOMSO HO

13, 14. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya yɛn ho yɛn ho abotare? (b) Bɔhyɛ bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi?

13 Ɛtɔ da a, Onyankopɔn somfo bi bɛka asɛm anaa ɔbɛyɛ biribi ama ayɛ yɛn yaw. Ɛba saa a, dɛn na yɛbɛyɛ? Bible mu afotu pa bi ni: “Mpere wo ho mfa abufuw, efisɛ nkwasea kokom na abufuw te.” (Ɔsɛnk. 7:9) Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ bɛyɛ mfe 6,000 ni na yɛn nyinaa bɛyɛɛ abɔnefo. Saa asɛm no sii wɔ Eden turom. Nnipa a yɛnyɛ pɛ de, mfomso mpa yɛn ho. Enti, ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛhwehwɛ pii afi yɛn nuanom Kristofo hɔ. Ɛyɛ anigye paa sɛ yɛka Onyankopɔn nkurɔfo ho wɔ awiei bere yi mu. Enti ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn nuanom mfomso sɛe saa anigye no. Nea enye koraa ne sɛ yɛbɛma afoforo mfomso ato yɛn hintidua na yɛafi Yehowa ahyehyɛde no mu. Ɛba saa a, yentumi nyɛ Onyankopɔn apɛde. Afei, nkwa a yebenya wɔ Onyankopɔn wiase foforo mu no nso bɛbɔ yɛn.

14 Nea ɛbɛyɛ na yɛakɔ so anya anigye na yɛakura yɛn anidaso mu pintinn no, ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi Yehowa bɔhyɛ a ɛma awerɛkyekye yi da. Ɔka sɛ: “Merebɔ ɔsoro foforo ne asase foforo; na wɔrenkae kan nneɛma no bio, na ɛremma komam bio.” (Yes. 65:17; 2 Pet. 3:13) Ɛno nti, ɛnsɛ sɛ wudi afoforo mfomso akyi ma nhyira a ɛte saa bɔ wo.

15. Dɛn na Yesu kae sɛ yɛnyɛ wɔ afoforo mfomso ho?

15 Nanso, esiane sɛ yennya nkɔɔ wiase foforo no mu nti, sɛ afoforo ka asɛm bi anaa wɔyɛ biribi ma ɛyɛ yɛn yaw a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ no, ɛne Onyankopɔn adwene hyia anaa. Sɛ nhwɛso no, nnyinasosɛm baako a ehia sɛ yɛkae ne asɛm bi a Yesu kae no. Ɔkae sɛ: “Sɛ mode nkurɔfo mfomso firi wɔn a, mo soro Agya nso de mo de befiri mo; sɛ moamfa nkurɔfo mfomso amfiri wɔn a, mo Agya nso remfa mo mfomso mfiri mo.” Kae sɛ, Petro bisaa Yesu sɛ, sɛ ne nua fom no a, ɔmfa nkyɛ no ‘nkosi mpɛn ason’ anaa? Yesu buae sɛ: “Meka kyerɛ wo sɛ, ɛnyɛ mpɛn ason, na mmom enkosi mpɛn aduɔson ason.” Nea na Yesu rekyerɛ ara ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛde afoforo mfomso befiri wɔn bere nyinaa; ɛno ne adwene a ɛsɛ sɛ yedi kan nya bere a obi afom yɛn.​—Mat. 6:14, 15; 18:21, 22.

16. Nhwɛso pa bɛn na Yosef yɛe?

16 Rahel woo mma baanu maa Yakob; Yosef na na ɔyɛ panyin. Yosef ma yehu nea sɛ obi fom yɛn a, ɛfata sɛ yɛyɛ. Esiane sɛ na Yosef papa Yakob pɛ n’asɛm nti, na ne nuanom du a aka no ani bere no. Ɛno nti, wɔtɔn no kɔɔ nkoasom mu. Mfe pii akyi no, adwuma pa a Yosef yɛe wɔ Egypt nti, ɔbɛyɛɛ ɔman no sodifo abadiakyiri. Ɔkɔm bi sii ɔmantam no mu, na Yosef nuanom kɔɔ Egypt kɔtɔɔ aduan. Bere a wɔkɔtoo Yosef no, wɔanhu sɛ ɛyɛ ɔno. Esiane sɛ Yosef nuanom ne no anni no yiye nti, sɛ ɔpɛ a, anka ɔno nso betumi de ne tumi ayɛ wɔn bɔne. Mmom, Yosef sɔɔ ne nuanom no hwɛe sɛ wɔasakra wɔn suban anaa. Bere a ohui sɛ ne nuanom asakra no, ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ wɔn. Akyiri yi, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnsuro. Mɛkɔ so ara ama mo ne mo mma nkumaa nyinaa aduan.” Bible no toaa so sɛ: “Ɔkyekyee wɔn werɛ kaa wɔn koma too wɔn yam.”​—Gen. 50:21.

17. Sɛ afoforo di mfomso a, dɛn na wobɛyɛ?

17 Esiane sɛ yɛn nyinaa tumi di mfomso nti, yɛreka yi, ebia yɛn nso yɛreyɛ nneɛma bi a ɛhaw afoforo. Sɛ yehu sɛ yɛayɛ biribi ma ahaw obi a, Bible ka sɛ yɛnkɔ ne nkyɛn na yɛne no nkosiesie yɛn ntam. (Kenkan Mateo 5:23, 24.) Afoforo de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, yɛn ani gye. Enti ɛsɛ sɛ yɛn nso de afoforo bɔne kyɛ wɔn. Kolosefo 3:13 ka sɛ: “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora. Sɛnea Yehowa de afiri mo no, mo nso monyɛ saa ara.” Bible ka kyerɛ Kristofo wɔ 1 Korintofo 13:5 sɛ, ɔdɔ ‘mfa bɔne nhyɛ ne mu.’ Sɛ yɛde afoforo mfomso firi wɔn a, Yehowa nso de yɛn de befiri yɛn. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yedi mfomso a, yɛn Agya a ɔyɛ mmɔborɔhunufo no ne yɛn di no yiye. Enti ɛsɛ sɛ Kristofo suasua Yehowa bere a afoforo afom wɔn.​—Kenkan Dwom 103:12-14.