Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Suban Pa a Ɛsom Bo Sen Dɛnkyɛmmo

Suban Pa a Ɛsom Bo Sen Dɛnkyɛmmo

Dɛnkyɛmmo som bo paa. Efi tete besi nnɛ nyinaa, nnipa sɔ no soro. Ebi wɔ hɔ a, gye sɛ wote dɔla ɔpepem pii ansa na woatumi atɔ. Nanso, wohwɛ a, biribi wɔ hɔ a ɛsom bo ma Onyankopɔn sen dɛnkyɛmmo ne nea ɛkeka ho?

Ɔbea bi ne ne kunu te Armenia. Wɔn nyinaa yɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu. Ɔbea no din de Haykanush. Da koro, ohuu paspɔt bi wɔ wɔn mfikyiri. Ɔhwɛɛ mu no, ohuu sika pii ne kaad a wɔde yi sika. Enti ɔbɔɔ ne kunu amanneɛ.

Wɔhwɛɛ paspɔt no mu no, wohuu ne wura. Yɛreka yi, na Haykanush ne ne kunu sikasɛm nkɔ yiye koraa; ná wɔde ka mpo. Nanso, wɔde sika no kɔmaa ne wura. Bere a wɔde kɔe no, sika no wura ne n’abusua ho dwiriw wɔn paa. Haykanush ne ne kunu kyerɛɛ mu sɛ, Bible a wɔresua nti na wɔde sika no brɛɛ no. Wɔka kaa ho sɛ, ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wodi nokware daa. Wei maa Haykanush ne ne kunu nyaa kwan kaa Yehowa Adansefo ho asɛm kyerɛɛ owura no ne n’abusua, na wɔmaa wɔn nhoma mpo.

Ná abusua no pɛ sɛ wɔkyɛ Haykanush sika de da no ase, nanso wannye. Ade kyee no, owura no yere kɔɔ Haykanush ne ne kunu nkyɛn kɔdaa wɔn ase. Ɔkyɛɛ Haykanush kawa a wɔde dɛnkyɛmmo ayɛ.

Sɛnea Haykanush ne ne kunu nokwaredi no yɛɛ abusua no nwonwa no, saa ara na nnipa pii nso te a, ɛbɛyɛ wɔn nwonwa. Yehowa nso ɛ? Wohwɛ a, ɛyɛɛ no nwonwa? Haykanush ne ne kunu nokwaredi no, ohuu no sɛn? Nokware a wodii no, na mfaso wɔ so?

SUBAN A ƐKYƐN AHONYADE

Nsɛm a yɛabisa no, ɛho mmuae nyɛ den. Adɛn ntia? Efisɛ Onyankopɔn asomfo nim sɛ, sɛ wosuasua Yehowa suban na wɔda no adi a, ɛno som bo ma no kyɛn dɛnkyɛmmo, sika kɔkɔɔ, anaa ahonyade biara. Nneɛma a ɛsom bo ma Yehowa no, ɛnsom bo mma nnipa dodow no ara. (Yes. 55:8, 9) Nanso Yehowa asomfo nim sɛ, sɛ wosuasua Yehowa suban wɔ biribiara mu a, mfaso wɔ so sen ademude biara.

Nea ɛma yehu wei ne asɛm bi a Bible ka fa nhumu ne nyansa ho. Mmebusɛm 3:13-15 ka sɛ: “Anigye ne onipa a ohu nyansa, ne onipa a onya nhumu, efisɛ ɛyɛ ahonyade sen dwetɛ, na n’aba sen sika. Ɛsom bo sen mmota, na afɛfɛde foforo biara a wowɔ ne no nsɛ.” Wei kyerɛ pefee sɛ Yehowa ani so no, su ahorow yi som bo sen ahonyade biara.

Nokwaredi nso ɛ?

Yehowa ankasa yɛ ɔnokwafo. Bible ka sɛ, “ontumi nni atoro.” (Tito 1:2) Asomafo no bere so no, Yehowa maa ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Hebri Kristofo no sɛ: “Monkɔ so mmɔ mpae mma yɛn, na yegye di sɛ yɛwɔ ahonim pa, efisɛ yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.”—Heb. 13:18.

Yesu Kristo nso, na odi nokware paa. Wobɛkae a, bere bi Ɔsɔfo Panyin Kaiafa teɛɛm guu no so sɛ: “Mise wo sɛ ka nokware wɔ Onyankopɔn teasefo no anim; sɛ wone Kristo, Onyankopɔn Ba no a, ka kyerɛ yɛn!” Sɛ Yesu ka nokware a, na ebetumi ama Sanhedrin no abɔ no sobo sɛ ɔka abususɛm anaa ɛbɛma wɔakum no mpo. Nanso Yesu kaa nokware. Ɔkaa no pen sɛ ɔno ne Mesia no.—Mat. 26:63-67.

Yɛn nso ɛ? Sɛ ɛkɔba sɛ yedi atoro kakra na ɛbɛma yɛanya yɛn ho a, yebenya akokoduru aka nokware?

ADƐN NTI NA ƐYƐ DEN SƐ YEBEDI NOKWARE?

Nna a edi akyiri yi mu no, nnipa pii abɛyɛ ‘ahopɛ ne sikanibere.’ Enti ɛma ɛyɛ den paa sɛ obi bedi nokware. (2 Tim. 3:2) Sikasɛm ho yɛ den, na adwuma nso ho ayɛ nã. Enti ama nokwaredi ho ayɛ den. Nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ wɔbɔ korɔn, wobu nkurɔfo fa so, anaa wɔfa ɔkwammɔne bi so nya wɔn ho a, ɛnyɛ bɔne. Saa adwene yi agye ntini paa. Enti sɛ wode sika ne nokwaredi to hɔ a, nnipa dodow no ara beyi sika. Kristofo binom mpo anya saa adwene yi bi ama wɔabɛyɛ “adifudepɛfo apoobɔfo.” Enti ɔsom hokwan a wɔwɔ wɔ asafo no mu afi wɔn nsa.—1 Tim. 3:8; Tito 1:7.

Nanso, Kristofo dodow no ara suasua Yesu. Wonim sɛ, sɛ wosuasua Onyankopɔn suban no a, wobenya so mfaso asen ahonyade anaa hokwan biara. Enti Kristofo mmofra a wɔkɔ sukuu nwia sɔhwɛ mu. (Mmeb. 20:23) Ɛnyɛ obiara na odi nokware a, obenya akyɛde te sɛ Haykanush. Nanso, sɛ yedi nokware a, ɛma Onyankopɔn ani gye, na ɛma yenya ahonim pa. Ɛno na ɛsom bo paa.

Asɛm bi a ɛtoo Gagik ma yehu saa. Gagik ka sɛ: “Ansa na merebɛyɛ Kristoni no, na meyɛ adwuma wɔ adwumakuw kɛse bi mu. Ná adwumawura no yɛ kata-so-mua-mua-so sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrentua tow kɛse. Me na na meda adwuma no ano. Enti na adwumawura no ma mehyɛ nnipa a wogye tow no afono mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛka wɔn ano atom. Ná obiara nim sɛ me ne nokware abɔ nsianho. Akatua a migye no, na ɛyɛ paa, nanso bere a mibehuu nokware no, migyaee adwuma no kobuee me ara m’adwuma. Ahyɛase pɛɛ na mede adwuma no hyɛɛ mmara ase. Me tow nso, mitua no pɛpɛɛpɛ.”—2 Kor. 8:21.

Gagik toaa so sɛ: “Ná sika a minya no nnu kan de no ho hwee. Enti sɛnea mɛhwɛ m’abusua mpo, na ayɛ asɛm. Nanso, seesei m’ani gye paa. Mewɔ ahonim pa wɔ Yehowa anim. Mewɔ mmarimaa mmienu, na mayɛ nhwɛso pa ama wɔn. Manya ɔsom hokwan wɔ asafo no mu nso. Seesei, wɔn a wogye tow ne wɔn a me ne wɔn yɛ adwuma nyinaa nim me sɛ ɔbarima a odi nokware.”

YEHOWA BƐBOA WO

Yehowa suban a ɛkyɛn so te sɛ nokwaredi no, sɛ obi suasua na ɔda no adi a, ɛma Yehowa nkyerɛkyerɛ ho ba nyam. Obi a ɔte saa no, Yehowa dɔ no. (Tito 2:10) Yehowa de ne honhom kaa Ɔhene Dawid maa ɔkyerɛw asɛm bi a ɛma akomatɔyam paa. Asɛm no ni: “Mayɛ abofra, na afei mabɔ akwakoraa, nanso minhuu onipa trenee a wɔagyaw no, anaasɛ n’asefo srɛ aduan.”—Dw. 37:25.

Nea ɛtoo ɔnokwafo Rut no ma yehu sɛ, asɛm a Dawid kyerɛwee yi yɛ nokware. Bere a Rut asew Naomi bɔɔ aberewa mpo, ɔkɔɔ so ara bataa ne ho. Ɔne Naomi tu kɔɔ Israel, na ɔsom nokware Nyankopɔn no wɔ hɔ. (Rut 1:16, 17) Bere a Rut koduu Israel no, ɔkɔɔ so dii nokware, na ɔyɛɛ adwumaden. Nkurɔfo retwa wɔn nnɔbae nyinaa, na odi akyi resesaw ase sɛnea Mose Mmara no kyerɛe no. Enti Yehowa nso amma Rut ne Naomi ammua anna da. Saa ara na akyiri yi ɔyɛ maa Dawid. (Rut 2:2-18) Ɛnyɛ aduan nko ara na Yehowa de maa Rut. Ɔsan ma ɔbɛyɛɛ Ɔhene Dawid nanabea. Enti, Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no, ɔbɛyɛɛ Rut aseni prɛko pɛ!—Rut 4:13-17; Mat. 1:5, 16.

Yehowa asomfo bi wɔ hɔ a, sɛ́ ɛbɛyɛ na wɔn nsa akɔ wɔn ano mpo yɛ asɛm. Nanso, wɔmfa kwatikwan so mpɛ wɔn ano aduan. Mmom, wɔde nsi yɛ adwumaden de hwɛ wɔn ho. Saa a wɔyɛ no kyerɛ sɛ, Onyankopɔn suban a ɛkyɛn so te sɛ nokwaredi no, ɛho hia wɔn sen aduan ne ahonyade biara.—Mmeb. 12:24; Efe. 4:28.

Sɛnea Rut nyaa gyidi sɛ Yehowa bɛboa no no, saa ara na Kristofo a wɔwɔ wiase baabiara nso yɛ. Onii a ɔma wɔkyerɛw wɔ n’Asɛm mu sɛ, “Merennyaw wo na merempa wo nso da” no, wɔde wɔn werɛ nyinaa ahyɛ ne mu. (Heb. 13:5) Wɔn a nneɛma nkɔ yiye mma wɔn nanso wodi nokware daa no, Yehowa boa wɔn paa. Wayɛ bi da, na ɔbɛsan ayɛ bio. Ɛbɔ a wahyɛ sɛ ɔbɛma saafo no nea wohia no, odi so bere nyinaa.—Mat. 6:33.

Nnipa ntoto dɛnkyɛmmo ne sika kɔkɔɔ ase koraa. Nanso, momma yennya awerɛhyem sɛ yɛn soro Agya no ani so de, sɛ yedi nokware, na yesuasua ne suban a aka no a, ɛsom bo ma no kyɛn biribiara!

Sɛ yedi nokware a, ɛma yenya ahonim pa, na yetumi de ahotoso di adanse