Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

Woatɔ wo bo ase akenkan Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

Adɛn nti na Yehowa maa tete Israelfo no dii ako?

Yehowa ne dɔ. Nanso, sɛ ɔman bi yɛ Israelfo no ayakayakade teetee wɔn a, na Onyankopɔn ma Israelfo no ne saa ɔman no ko. Onyankopɔn nkutoo na na ɔma obi kwan ansa na watumi akɔ ɔko. Ɔno ara nso na na ɔkyerɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔkɔ ɔko.—w15 11/1, kr. 4-5.

Nneɛma a ɛho hia bɛn na awofo betumi ayɛ de atete wɔn mma a wɔyɛ mmabun ma wɔasom Yehowa?

Ehia paa sɛ awofo dɔ wɔn mma a wɔyɛ mmabun, na wɔde wɔn nneyɛe kyerɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase. Ehia sɛ awofo da nhumu nso adi na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛte wɔn mma no ase.—w15 11/15, kr. 10-12.

Ɛnsɛ sɛ yebu pope sɛ odi Petro ade. Adɛn ntia?

Mateo 16:17, 18 nka sɛ ɔsomafo Petro na na ɔbɛyɛ Kristofo asafo no ti. Bible ma yehu sɛ, Yesu mmom na na ɔbɛyɛ asafo no tweatibo, na ɛnyɛ Petro. (1 Pet. 2:4-8)—w15 12/1, kr. 12-14.

Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho ansa na yɛakasa?

Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn anom kasa hyɛ afoforo nkuran a, ɛsɛ sɛ yehu (1) bere a ɛsɛ sɛ yɛkasa (Ɔsɛnk. 3:7), (2) nea ɛsɛ sɛ yɛka (Mmeb. 12:18), ne (3) sɛnea ɛsɛ sɛ yɛne nnipa kasa (Mmeb. 25:15).—w15 12/15, kr. 18-21.

Nneɛma a ɛnkyerɛ nokwaredi a ɛsɛ sɛ Kristofo twe wɔn ho fi ho no, ebi ne dɛn?

Nokware Kristofo ntwa atoro, na wontwa asɛm nto nkurɔfo so. Wɔnhyɛ da nkeka nkurɔfo ho nsɛm mfa nsɛe wɔn din. Saa ara nso na wonni nkurɔfo amim anaa wɔmmɔ korɔn.—wp16.1, kr. 5.

Henanom na na wɔfrɛ wɔn “asɔfo mpanyin” wɔ Bible mu no?

Ɛbɛyɛ sɛ na wɔyɛ nnipa atitiriw a wɔwɔ asɔfodi no mu. Ná wɔn mu binom yɛ “asɔfo mpanyin” a wɔadi ade pɛn nanso wɔatu wɔn ade so.—wp16.1, kr. 10.

Ɛsɛ sɛ yebu wɔn a wodi paanoo no na wɔnom bobesa no bi wɔ Nkaedi ase dɛn?

Kristofo nhoahoa wɔn a wodi paanoo na wɔnom bobesa no bi no. Obi a wɔasra no ampa nhwɛ kwan sɛ afoforo bɛhoahoa no; saa ara nso na ɔmmɔ no dawuru sɛ wɔasra no. (Mat. 23:8-12)—w16.01, kr. 22-23.

Wobɛyɛ dɛn asuasua Abraham na wo ne Onyankopɔn afa adamfo?

Abraham suaa Onyankopɔn ho ade. Ɛbɛyɛ sɛ osua fii Sem hɔ. Sɛnea Onyankopɔn ne Abraham ne n’abusua dii nsɛm no nso, Abraham suaa biribi fii mu. Yebetumi asuasua Abraham.—w16.02, kr. 4-6.

Ɛyɛɛ dɛn na yenyaa eti ne nkyekyɛm wɔ Bible Mu?

Ɔsɔfo bi a wɔfrɛ no Stephen Langton na ɔde ti ahorow hyehyɛɛ Bible no mu. Afeha a ɛto so 13 Y.B. mfiase na ɔyɛɛ saa. Yudafo akyerɛwfo dii kan kyekyɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu yɛɛ no nkyekyɛm ahorow, na afeha a ɛto so 16 Y.B. mu no, nhomanimfo Robert Estienne nso yɛɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no saa ara.—wp16.2, kr. 14-15.

Bere a na Satan pɛ sɛ ɔsɔ Yesu hwɛ no, ɔde no kɔɔ asɔrefie hɔ ankasa?

Yɛrentumi nsi no pi. Nsɛm a ɛwɔ Mateo 4:5 ne Luka 4:9 no betumi akyerɛ sɛ Satan de Yesu kɔɔ hɔ wɔ anisoadehu mu. Ebetumi nso akyerɛ sɛ ɔde no kɔɔ asɔrefie hɔ kogyinaa n’atifi.—w16.03, kr. 31-32.

Yɛbɛyɛ dɛn na yɛn asɛnka adwuma no ayɛ sɛ obosu?

Obosu gu brɛoo, ɛma ahotɔ, na egye nkwa. Obosu yɛ Yehowa nhyira. (Deut. 33:13) Saa ara na asɛnka adwuma a Onyankopɔn asomfo nyinaa bom yɛ no te.—w16.04, kr. 32.