Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma W’ani Nnye sɛ Yehowa Ne Yɛn Nwemfo

Ma W’ani Nnye sɛ Yehowa Ne Yɛn Nwemfo

“O Yehowa, . . . wone yɛn Nwemfo; na yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma.”​—YES. 64:8.

NNWOM: 89, 26

1. Adɛn nti na Yehowa ne Ɔnwemfo kɛse no?

NOVEMBER, afe 2010 no, wɔde too gua wɔ London, England, sɛ wɔretɔn kuku bi a wɔnwenee wɔ China bɛyɛ mfe 300 ni. Wɔkae sɛ wɔde begye bɛyɛ dɔla ɔpepem 70. Ɛda adi pefee sɛ, ɔnwemfo bi betumi de biribi a ɛnyɛ na, na ne bo nso nyɛ den te sɛ dɔte ayɛ ade a ɛyɛ fɛ na ne bo yɛ den. Nanso, ɔnwemfo biara nni hɔ a yebetumi de no atoto Yehowa ho. Adebɔ da a ɛto so nsia awiei no, Onyankopɔn de “fam dɔte” nwenee onipa a ɔyɛ pɛ, na ɔbɔɔ no kwan bi so a ɛbɛma watumi ada ne Bɔfo suban pa no bi adi. (Gen. 2:7) Adam, onipa a ɔyɛ pɛ a Yehowa de dɔte nwenee no no, ɛfata sɛ wɔfrɛɛ no “Onyankopɔn ba.”—Luka 3:38.

2, 3. Israelfo a wonuu wɔn ho no, dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua wɔn?

2 Nanso, bere a Adam tew ne Bɔfo no so atua no, wankɔ so anyɛ Onyankopɔn ba bio. Ne nyinaa mu no, Adam asefo a wɔte sɛ “mununkum kɛse” agyina Onyankopɔn tumidi akyi wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu. (Heb. 12:1) Wɔabrɛ wɔn ho ase ama wɔn Bɔfo no. Wei kyerɛ sɛ, wɔpɛ sɛ wɔde wɔn Bɔfo no mmom yɛ wɔn Agya ne wɔn Nwemfo, na ɛnyɛ Satan. (Yoh. 8:44) Adam asefo a wodii Onyankopɔn nokware no ma yɛkae Israelfo a wonuu wɔn ho no. Yesaia ka faa wɔn ho sɛ: “O Yehowa, wone yɛn Agya. Yɛyɛ dɔte, na wone yɛn Nwemfo; na yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma.”—Yes. 64:8.

3 Ɛnnɛ, wɔn a wɔsom Yehowa honhom ne nokware mu nyinaa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛda ahobrɛase a ɛte saa adi. Wɔn ani gye sɛ wɔbɛfrɛ Yehowa sɛ wɔn Agya na wɔabrɛ wɔn ho ase ama no sɛ ɔnnwene wɔn. Na wo nso ɛ? Wuhu sɛ wote sɛ dɔte a ɛsɔ wɔ Onyankopɔn nsam, na wopɛ sɛ ɔnwene wo sɛ anwenne a ɛsom bo wɔ n’ani so? Saa ara na wuhu wo nuanom Kristofo sɛ wɔyɛ nkurɔfo a Onyankopɔn renwene wɔn? Yenim sɛ Yehowa yɛ Ɔnwemfo. Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛahu yɛn nuanom sɛnea yehu yɛn ho no, momma yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi: Sɛn na Yehowa paw nnipa a ɔnwene wɔn? Adɛn nti na ɔnwene ne nkurɔfo? Sɛn na ɔnwene wɔn a wotie no?

YEHOWA NA ƆPAW NNIPA A ƆNWENE WƆN

4. Nnipa a Yehowa twe wɔn ba ne nkyɛn no, sɛn na ɔpaw wɔn? Ma ɛho nhwɛso.

4 Sɛ Yehowa hwɛ nnipa a, ɔmfa n’adwene nsi nea aniwa hu so. Mmom, ɔhwɛ nea ɛwɔ onipa no koma mu. (Kenkan 1 Samuel 16:7b.) Bere a Onyankopɔn hyehyɛɛ Kristofo asafo no, saa asɛm yi daa adi kɛse. Ɔtwee nnipa pii baa ɔne ne Ba no nkyɛn. Nnipa ani so no, ɛbɛyɛ sɛ na saa nkurɔfo no mfata. (Yoh. 6:44) Saa nkurɔfo no mu baako ne Farisini bi a ne din de Saul. Ná ɔyɛ ‘mmusubɔfo, ɔtaa nkurɔfo, na na ɔyɛ aniammɔho.’ (1 Tim. 1:13) Nanso, nea “ɔhwehwɛ koma mu” no anhu Saul sɛ ɔyɛ dɔte a mfaso nni so. (Mmeb. 17:3) Mmom no, Onyankopɔn hui sɛ ɔyɛ dɔte a obetumi de no ayɛ anwenne a ɛsom bo. Nokwasɛm ne sɛ, na ɔyɛ “anwenne a wɔapaw” no a obedi “amanaman ne ahene ne Israel mma” adanse. (Aso. 9:15) Onyankopɔn hui sɛ afoforo nso fata sɛ ɔde wɔn yɛ anwenne a “ɛho wɔ nyam.” Ná wɔn mu bi yɛ asabofo, nnipa a wɔn bra asɛe, ne akorɔmfo. (Rom. 9:21; 1 Kor. 6:9-11) Bere a wɔtee Onyankopɔn Asɛm ase yiye no, gyidi a wɔanya wɔ Yehowa mu no, wɔhyɛɛ mu den. Wɔmaa Yehowa boaa wɔn ma wɔsakraa wɔn abrabɔ.

5, 6. Sɛ yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa ne yɛn Nwemfo a, sɛn na ɛsɛ sɛ yebu (a) nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu? (b) yɛn nuanom?

5 Ɔkwan bɛn so na asɛm a yɛresusuw ho yi betumi aboa yɛn? Yegye di sɛ Yehowa tumi hu nea ɛwɔ nnipa koma mu, na ɔtwe wɔn ba ne nkyɛn. Enti ɛnsɛ sɛ yebu afoforo atɛn; wɔn a wɔwɔ yɛn asasesin mu ne yɛn asafo mu nyinaa. Ma yɛnhwɛ ɔbarima bi a ne din de Michael asɛm no. Ɔka sɛ: “Sɛ Yehowa Adansefo ba me fie a, mihuu wɔn ara pɛ, na matwiw afa wɔn so te sɛ nea wɔnyɛ nnipa. Ná memfa wɔn nyɛ hwee! Akyiri yi, mihyiaa abusua bi, na suban pa a wɔdaa no adi no maa m’ani gyee wɔn ho. Afei da koro, me ho dwiriw me, sɛɛ na wɔyɛ Yehowa Adansefo! Suban pa a wɔdaa no adi nti, adwene a na mewɔ wɔ Adansefo no ho no, mesan susuw ho bio. Ankyɛ na mihui sɛ ɛyɛ ɔtan hunu ara kwa. Wubisa me a, nea metumi aka ara ne sɛ, sɛɛ na mitietie nkurɔfo ano.” Nea ɛbɛyɛ na Michael ahu Adansefo no yiye no, ɔmaa wɔne no suaa Bible no. Akyiri yi, ɔbaa nokware no mu, na ɔbɛyɛɛ bere nyinaa som adwuma no bi.

6 Sɛ yegye Yehowa tom sɛ yɛn Nwemfo a, ebetumi aka su a yɛda no adi kyerɛ yɛn nuanom Kristofo nso. Wuhu wo nuanom Kristofo sɛnea Onyankopɔn hu wɔn no? Wuhu wɔn sɛ wɔyɛ anwenne a Yehowa gu so renwene wɔn? Yehowa tumi hu nea ɛwɔ wɔn komam, na onim nso sɛ adepa bi wɔ wɔn mu. Enti Yehowa nya nkurɔfo ho adwempa na ɔmfa n’adwene nsi yɛn sintɔ so, efisɛ onim sɛ ɛrenkyɛ yɛn sintɔ nyinaa befi hɔ. (Dw. 130:3) Yebetumi asuasua Yehowa na yɛanya n’asomfo ho adwempa. Nokwasɛm ne sɛ, yebetumi aboa yɛn nuanom bere a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobenya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu no. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛne yɛn Nwemfo no abom reyɛ adwuma. (1 Tes. 5:14, 15) Esiane sɛ asafo mu mpanyimfo yɛ ‘nnipa mu akyɛde’ nti, ehia sɛ wonya anuanom ho adwempa. Sɛ wotwa sa pa yi a, ɛnna asafo no mufo bedi wɔn akyi.—Efe. 4:8, 11-13.

ADƐN NTI NA YEHOWA NWENE YƐN?

7. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wugye tom sɛ Yehowa pɛ w’asɛm nti na ɔteɛ wo so?

7 Ebia woate pɛn sɛ obi reka sɛ: ‘Manhu sɛ m’awofo pɛ m’asɛm nti na na wɔteɛ me so kosii sɛ m’ankasa mewoo me mma.’ Sɛ yenya osuahu pii wɔ asetenam a, ebia yebenya nteɛso ho adwene foforo koraa, na ɛbɛma yɛahu nteɛso sɛnea Yehowa hu no no. Yebehu sɛ ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn nti na ɔteɛ yɛn so. (Kenkan Hebrifo 12:5, 6, 11.) Nokwasɛm ne sɛ, ɔdɔ a Yehowa wɔ ma ne mma nti na ɔtɔ ne bo ase teɛteɛ yɛn. Ɔpɛ sɛ yɛyɛ anyansafo na yɛn ani gye, na yɛn nso yɛdɔ no bi. (Mmeb. 23:15) Ɔmpɛ sɛ yehu amane; na saa ara nso na ɔmpɛ sɛ yewu wɔ yɛn bɔne mu sɛ Adam asefo a wɔyɛ “abufuw mma.”—Efe. 2:2, 3.

8, 9. Sɛn na Yehowa rekyerɛkyerɛ yɛn nnɛ, na ɔkwan bɛn so na saa ntetee yi bɛkɔ so daakye?

8 Esiane sɛ yɛyɛ “abufuw mma” nti, bere bi na yɛyɛ nneɛma pii a Onyankopɔn ani nnye ho, ɛbɛyɛ sɛ ɛtɔ da a, na yɛyɛ yɛn ade mpo sɛ mmoa! Nanso Yehowa anwene yɛn ama yɛasesa; yɛabɛyɛ sɛ nguammaa. (Yes. 11:6-8; Kol. 3:9, 10) Enti, baabi a Yehowa renwene yɛn seesei no, yebu no sɛ honhom fam paradise; Yehowa gu so reyɛ ho adwuma. Ɛwom sɛ yɛte wiase bɔne mu de, nanso yɛwɔ ahotɔ ne asomdwoe. Bio nso, yɛn mu bi wɔ hɔ a, wɔtetee yɛn wɔ mmusua a baakoyɛ ne ɔdɔ nnim mu. Nanso seesei yɛabenya abusua a ɔdɔ wom. (Yoh. 13:35) Yɛasua sɛ yɛn nso yɛbɛda ɔdɔ adi akyerɛ afoforo. Nea ɛsen ne nyinaa no, seesei yɛabehu sɛ Yehowa yɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ.—Yak. 4:8.

9 Sɛnea honhom fam paradise asetena bɛyɛ no, wiase foforo no mu na yɛbɛte ne dɛ paa. Saa bere no, honhom fam ne honam fam paradise no nyinaa bedi mũ wɔ Onyankopɔn Ahenni mu. Bere bi bɛba a, Yehowa bɛyɛ nneɛma nyinaa foforo ma asase asi ne dedaw mu. Sɛnea Yehowa bɛkɔ so anwene nnipa a ɛwɔ asase so na wakyerɛkyerɛ wɔn no de, ɛsɛ w’ani. (Yes. 11:9) Afei nso, Onyankopɔn bɛma yɛn adwene ne yɛn nipadua adi mũ sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ate ne nkyerɛkyerɛ ase na yɛayɛ n’apɛde a yɛmmrɛ koraa. Enti momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so abrɛ yɛn ho ase ama Yehowa. Afei nso, ehia sɛ yɛma ohu sɛ yegye tom sɛ, ɔdɔ a ɔdɔ yɛn nti na ɔrenwene yɛn.—Mmeb. 3:11, 12.

SƐNEA YEHOWA NWENE YƐN

10. Yehowa yɛ Ɔnwemfo Kɛse a ɔwɔ abotare na ne ho akokwaw. Dɛn na Yesu yɛe de suasuaa no?

10 Yehowa yɛ ɔnwemfo a ne ho akokwaw, na onim “dɔte” a ɛfata sɛ ɔde yɛ n’adwuma. Bio nso, onim nea ɛsɛ sɛ ɔde dɔte biara yɛ. (Kenkan Dwom 103:10-14.) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa mfa yɛn ntoto obiara ho, efisɛ onim yɛn mu biara mmerɛwyɛ, yɛn sintɔ, ne sɛnea yɛanya nkɔso wɔ ne som mu. Yesu ma yehuu adwene a Yehowa wɔ wɔ n’asomfo a wɔtɔ sin ho. Ná Yesu asomafo no wɔ sintɔ pii. Ná wɔtaa gye akyinnye wɔ nea ɔyɛ wɔn mu kɛse ho. Ne nyinaa mu no, hwɛ sɛnea Yesu yɛɛ n’ade wɔ asomafo no sintɔ ahorow ho. Sɛ na wowɔ hɔ na asomafo no regye akyinnye denneennen a, anka wubebu wɔn sɛ wɔyɛ mmarima a wodwo na wɔbrɛ wɔn ho ase? Nanso Yesu annya wɔn ho adwene a ɛmfata. Ná onim sɛ, sɛ ɔtɔ ne bo ase kasa kyerɛ wɔn na ɔbrɛ ne ho ase ma wɔn a, wɔbɛhwɛ no asuasua no. (Mar. 9:33-37; 10:37, 41-45; Luka 22:24-27) Yesu sɔre fii awufo mu no, wohwiee honhom kronkron guu asomafo no so. Efi saa bere no, asomafo no amfa wɔn adwene ansi dibea anaa din a wobegye so, mmom wɔde wɔn adwene sii adwuma a na Yesu de ama wɔn sɛ wɔnyɛ no so.—Aso. 5:42.

11. Dɛn na Dawid yɛe de kyerɛe sɛ ɔte sɛ dɔte a ɛyɛ mmerɛw, na dɛn na yɛbɛyɛ de asuasua no?

11 Ɛnnɛ, Yehowa nam n’Asɛm, ne honhom kronkron, ne Kristofo asafo no so titiriw na ɛrenwene yɛn. Dɛn na yebetumi ayɛ ama Onyankopɔn Asɛm no anwene yɛn? Ɛne sɛ yɛbɛtɔ yɛn bo ase akenkan adwinnwen ho, na yɛasrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛmfa nyɛ adwuma. Dawid kae sɛ: “Sɛ mekae wo me kɛtɛ so anadwo dasum a, midwinnwen wo ho.” (Dw. 63:6) Ɔsan kae sɛ: “Mehyira Yehowa a wama me afotu no. Anadwo na m’asaabo teɛ me so.” (Dw. 16:7) Sɛ Onyankopɔn tu Dawid fo, na afotu no ano yɛ hyew mpo a, na Dawid ma esian kɔ ne koma mu tɔnn ma esiesie n’adwene. (2 Sam. 12:1-13) Hwɛ sɛnea Dawid ayɛ ahobrɛase ne osetie ho nhwɛso pa ama yɛn! So wudwinnwen Onyankopɔn Asɛm ho ma esian kɔ wo komam tɔnn? Wohwɛ a, ehia sɛ woyɛ bi ka ho?—Dw. 1:2, 3.

12, 13. Ɔkwan bɛn so na Yehowa fa honhom kronkron ne Kristofo asafo no so nwene yɛn?

12 Honhom kronkron tumi fa akwan pii so nwene yɛn. Sɛ nhwɛso no, ebetumi ama yɛanya Kristo suban no bi. Kristo suban no bi ne honhom aba no. (Gal. 5:22, 23) Ɔdɔ ka honhom aba no ho. Yɛdɔ Onyankopɔn, na yɛpɛ sɛ yetie no na yɛma ɔnwene yɛn, efisɛ yenim sɛ n’ahyɛde nyɛ den. Afei nso, honhom kronkron betumi ahyɛ yɛn den sɛnea ɛbɛyɛ a wiase ne ne suban bɔne no rennya yɛn so tumi. (Efe. 2:2) Bere a ɔsomafo Paulo yɛ aberante no, osuasuaa Yudafo nyamesom akannifo a na wɔyɛ ahantan no paa. Akyiri yi, ɔkae sɛ: “Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden, nea ɔhyɛ me den no nti.” (Filip. 4:13) Enti sɛnea Paulo yɛe no, momma yɛnkɔ so nsrɛ honhom kronkron. Sɛ ahobrɛasefo fi wɔn komam bɔ mpae saa a, Yehowa betie.—Dw. 10:17.

Yehowa nam asafo mu mpanyimfo so nwene yɛn, nanso ehia sɛ yɛn mu biara yɛ ne fam de (Hwɛ nkyekyɛm 12, 13)

13 Yehowa nam Kristofo asafo no ne emu mpanyimfo so na ɛnwene yɛn mu biara. Nhwɛso bi ni. Sɛ asafo mu mpanyimfo hu sɛ yɛwɔ mmerɛwyɛ bi a, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa yɛn. Nanso wɔmfa wɔn ankasa nyansa na ɛyɛ saa. (Gal. 6:1) Mmom, wɔbɔ Onyankopɔn mpae hwehwɛ nhumu ne nyansa. Bere a yɛn ho asɛm wɔ wɔn tirim no, wɔntew ntena; wɔyɛ nhwehwɛmu wɔ Bible ne Bible ho nhoma mu. Wei ma wonya nsɛm a wɔde bɛboa yɛn. Asafo mu mpanyimfo betumi ayi wɔn yam aba wo nkyɛn sɛ wɔrebɛboa wo. Ebia wɔbɛka biribi afa w’ahosiesie ho. Sɛ ɛba saa a, wubegye wɔn afotu atom sɛ Onyankopɔn nam wɔn so rema woahu sɛ ɔdɔ wo anaa? Sɛ wugye wɔn afotu no tom a, wobɛyɛ sɛ dɔte a ɛyɛ mmerɛw wɔ Yehowa nsam. Wei bɛkyerɛ sɛ woayɛ krado sɛ ɔnnwene wo, na sɛ woyɛ saa a, wubenya nhyira pii.

14. Ɛwom sɛ Yehowa wɔ yɛn so tumi de, nanso dɛn na ɔyɛ de kyerɛ sɛ ɔmpɛ sɛ ɔhyɛ yɛn?

14 Ɔkwan a Onyankopɔn fa so nwene yɛn no, sɛ yɛte ase a, ebetumi aboa yɛn ma yɛne yɛn nuanom Kristofo atena yiye. Saa ara nso na ɛbɛboa yɛn ma yɛada suban pa adi akyerɛ nkurɔfo a wɔte yɛn asasesin mu ne yɛn Bible asuafo. Ɛnyɛ sɛ ɔnwemfo tutuu dɔte ara pɛ, na wafi ase de renwene ade. Odi kan yiyi abo ne nwura fi dɔte no mu. Onyankopɔn som mu nso, ɔboa nnipa a wɔpɛ sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ wɔn abrabɔ mu na ama watumi anwene wɔn. Ɔnhyɛ nkurɔfo sɛ wɔnsakra, na mmom, ɔma wohu abrabɔ ne nneyɛe a n’ani gye ho. Ɔhwɛ kwan sɛ wɔn ankasa bɛsesa wɔn abrabɔ anaasɛ wobefi wɔn pɛ mu ayɛ nsakrae.

15, 16. Dɛn na yɛn Bible asuafo yɛ de kyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ Yehowa nwene wɔn? Ma ɛho nhwɛso.

15 Yɛnhwɛ Tessie, onuawa bi a ɔwɔ Australia. Onuawa a ɔne Tessie suaa ade no kae sɛ: “Sɛ wo ne Tessie resua ade a, ɛnkyɛ koraa na wate Bible mu nokware no ase. Nanso na otim nea otim. Wankɔ asafo nhyiam mpo da! Enti mebɔɔ Yehowa mpae, na misii gyinae sɛ me ne no rensua ade bio. Ɛda bi a na me ne Tessie resua ade a na mayɛ m’adwene sɛ ɛno na ɛbɛyɛ adesua a etwa to no, anwonwasɛm bi sii. Ɔkaa ne komam asɛm kyerɛɛ me. Ɔkae sɛ, n’ani gye kyakyatow ho paa ma enti ɔte nka sɛ ɔyɛ nyaatwom. Nanso afei de, sɛ ɔne kyakya to nkwanta a, wɔapae.”

16 Ɛno akyi bere tiaa bi, Tessie fii ase kɔɔ Kristofo nhyiam, na ofii ase bɔɔ ne bra sɛ Kristoni. Ɔyɛɛ weinom nyinaa bere mpo a na nkurɔfo redi ne ho fɛw. Onuawa no de kaa ho sɛ: “Bere bi akyi no, Tessie bɔɔ asu. Akyiri yi, bere a na ɔwɔ mma nkumaa mpo no, ɔbɛyɛɛ daa kwampaefo.” Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛn Bible asuafo fi ase yɛ nsakrae sɛnea wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɔno nso bɛn wɔn, na ɔboa wɔn ma wɔbɛyɛ anwenne a ɛsom bo.

17. (a) Adɛn nti na w’ani gye ho paa sɛ Yehowa na ɔrenwene wo? (b) Ɔnwemfo adwuma no fã bɛn na yebesusuw ho?

17 Ɛnnɛ nyinaa, anwenne bi wɔ hɔ a, anwemfo da so ara de wɔn nsa na ɛyɛ. Ɔnwemfo de n’adwene si ade a ɔreyɛ no so yiye. Saa ara na yɛn Nwemfo no de n’adwene si yɛn so yiye, na ɔyɛ yɛn brɛbrɛ. Bere a ɔrenwene yɛn nyinaa, na ɔretu yɛn fo. Afei nso, ɔde n’ani di yɛn akyi na ɔhwɛ nea yɛbɛyɛ. (Kenkan Dwom 32:8.) Wuhu sɛ Yehowa ani wɔ wo so? Wuhu sɛ Yehowa renwene wo? Sɛ saa a, suban foforo bɛn na ɛbɛboa wo ma woakɔ so ayɛ sɛ dɔte a ɛyɛ mmerɛw wɔ Yehowa nsam? Suban bɛn na ɛsɛ sɛ wokwati na amma w’asɛm anyɛ den anaa twann? Awofo bɛyɛ dɛn na wɔatie Yehowa asɛm de atete wɔn mma? Yebenya saa nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu.