Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa ‘Dwen Wo Ho’

Yehowa ‘Dwen Wo Ho’

ADƐN nti na wubetumi anya ahotoso paa sɛ Yehowa dwen wo ho? Ade baako ne sɛ, Bible ankasa si no pi sɛ odwen wo ho. Bible ka wɔ 1 Petro 5:7 sɛ: ‘Tow wo dadwen nyinaa gu no so, efisɛ odwen wo ho.’ Biribi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn dwen wo ho ampa?

ONYANKOPƆN MA NNIPA NYA NNEƐMA A WOHIA

Yehowa atwa sa pa, obue ne nsam na ne yam ye

Onyankopɔn wɔ su ahorow a ɛyɛ fɛ. Sɛ wo yɔnko berɛbo wɔ saa su no bi a, w’ani begye paa. Obi wɔ adamfo bi na sɛ obue ne nsam ma no, anaa ɔyɛ no papa a, n’adamfo no hu sɛ odwen ne ho yiye. Saa na Yehowa nso te. Sɛ wotow w’ani a, wubehu sɛ Yehowa bue ne nsam ma nnipa daa. Ɛho nhwɛso baako ni: “Ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so na ɔma osu tɔ gu treneefo ne abɔnefo so.” (Mat. 5:45) Awia a ɛbɔ ne osu a ɛtɔ no, dwuma bɛn na edi? Ɛno na Onyankopɔn nam so ‘de aduan ne abotɔyam hyɛ nnipa koma mã.’ (Aso. 14:17) Ampa, Yehowa ma asase so nnɔbae sow dɔsɔɔ. Na yɛreka nneɛma a ɛma yɛn ani gye paa a, yɛrenka nnyaw aduan a ɛyɛ dɛ.

Sɛ saa na asɛm no te a, ɛnde, adɛn nti na nnipa pii da kɔm? Nea ɛwom ne sɛ, atumfoɔ a wɔwɔ wiase no, nea ehia wɔn ara ne sɛ wɔn nsa bɛka tumi na wɔapɛ sika agu wɔn bɔtɔ mu. Ɔmanfo yiyedi de, wɔnhwɛ hɔ koraa. Ɛrenkyɛ biara, amammui nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ nnɛ a adifudepɛ adonnɔn no no, Yehowa beyi afi hɔ. Afei ɔde ɔsoro Ahenni a ne Ba no di so Hene no besi anan. Saa bere no, ɔkɔm a ɛde kɔm de, sɛ yɛne no too nkwanta a, yɛapae. Nanso seesei de, Onyankopɔn hwɛ ma n’asomfo anokwafo nsa ka nea wohia. (Dw. 37:25) Sɛ wei nkyerɛ sɛ odwen yɛn ho a, ɛnde dɛn bio?

YEHOWA WƆ YƐN HO ADAGYEW

Yehowa atwa sa pa, ɔwɔ yɛn ho adagyew

Sɛ wowɔ yɔnko berɛbo a, onya wo ho adagyew. Obetumi ne wo atena ase abɔ nkɔmmɔ fi anɔpa akosi anwummere. Ɔyɔnko a ɔte saa no, sɛ ɔhaw anaa kɔdaanna bi da wo so na woreka ho asɛm akyerɛ no a, ɔyɛ komm tie wo. Yehowa nso ɛ, ɔyɛ aso tie yɛn anaa? Otie yɛn. Yɛbɔ mpae a, otie paa! Ɛno nti, Bible tu yɛn fo sɛ ‘yenkura mpaebɔ mu denneennen.’ Ɛka mpo sɛ mma ‘yennyae mpaebɔ da.’​—Rom. 12:12; 1 Tes. 5:17.

Wohwɛ a, Yehowa tie wo mpaebɔ kosi baabi a, na wagyae anaa? Bible mu asɛm bi ma yenya ho mmuae. Bere a Yesu pɛ sɛ ɔpaw n’asomafo no, “ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae anadwo mũ no nyinaa.” (Luka 6:12) Bere a Yesu rebɔ mpae no, ɛbɛyɛ sɛ ɔbobɔɔ n’asuafo no pii din sesẽẽ wɔn hwɛɛ wɔn suban ne wɔn mmerɛwyɛ. Afei, ɔsrɛɛ ne Papa sɛ ɔmmoa no mma ɔmpaw wɔn a wɔfata. Ade kyee no, na Yesu anya wɔn a wɔfata paa sɛ wɔyɛ n’asomafo. Yehowa yɛ “mpaebɔ Tiefo.” Enti sɛ obi fi ne komam bɔ mpae a, otie no. (Dw. 65:2) Sɛ asɛm bi hyɛ obi so paa na ɔbɔ ho mpae nnɔnhwerew pii mpo a, Yehowa benya ne ho adagyew.

ONYANKOPƆN AYƐ KRADO SƐ ƆDE BƆNE BƐKYƐ

Yehowa atwa sa pa, wayɛ krado sɛ ɔde bɔne bɛkyɛ

Nnipa pii wɔ hɔ a, ɛyɛ den paa ma wɔn sɛ wɔde bɔne bɛkyɛ. Sɛ wɔn yɔnko berɛbo mpo fom wɔn a, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔde bɛkyɛ no. Wobɛhwɛ no, na wɔne no atwa wɔn adamfofa no mu mpo. Nanso Yehowa de ɔnte saa. Bible ka kyerɛ komapafo nyinaa sɛ, sɛ wɔfom Yehowa a, wɔnsrɛ no na ‘ɔde befiri wɔn aboro so.’ (Yes. 55:6, 7) Dɛn na ɛma Onyankopɔn de yɛn bɔne kyɛ yɛn korakora?

Nea ɛma Onyankopɔn yɛ saa ne sɛ, ɔwɔ ɔdɔ a ɛkyɛn so ma yɛn. Ɔdɔ a ɔdɔ wiase nti, ɔde ne Ba Yesu mae sɛ agyede, na ɔnam so agye nnipa afi bɔne ne ɛho nsunsuanso nyinaa mu. (Yoh. 3:16) Agyede no so mfaso dɔɔso. Kristo afɔrebɔ no nti, obiara a Onyankopɔn dɔ no no, sɛ ɔfom Onyankopɔn a, otumi de kyɛ no korakora. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Sɛ yɛka yɛn bɔne a, ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni sɛ ɔde yɛn bɔne befiri yɛn na wahohoro yɛn ho afi nea ɛnteɛ nyinaa ho.” (1 Yoh. 1:9) Esiane sɛ Yehowa de bɔne kyɛ nti, yetumi kɔ so ara yɛ ne nnamfo. Wei a yɛahu no ka yɛn koma paa.

NSU MU OO, AWIA MU OO, WOFRƐ NO A OBEGYE WO SO

Yehowa atwa sa pa, nsu mu oo, awia mu oo, wofrɛ no a obegye wo so

Adamfo pa de, wofrɛ no nsu mu oo, awia mu oo, obegye wo so. Na Yehowa nso ɛ? N’Asɛm ka sɛ, “Sɛ [Onyankopɔn somfo bi hwe] ase a, ɔremmea hɔ, efisɛ Yehowa kura ne nsa.” (Dw. 37:24) Yehowa ‘kura n’asomfo nsa’ wɔ akwannuasa nyinaa so. Wo de, hwɛ asɛm bi a esii Caribbean supɔw bi so. Wɔfrɛ hɔ St. Croix.

Ná abaayewa bi sukuufo reteetee no. Ne nyinaa ne sɛ, ne gyidi nti onkyia frankaa. Abaayewa no bɔɔ Yehowa mpae, na ɔmaa no akokoduru. Enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ ne gyidi mu. Ná ɔwɔ dwumadi bi wɔ sukuu, enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔde bɛka frankaakyia ho asɛm. Oyii n’asɛm no fii Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no mu. Ɔkyerɛɛ mu sɛ, nea Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego yɛe no nti na ɔno nso nkyia frankaa no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Hebrifo mmiɛnsa no ansom ohoni. Enti Yehowa bɔɔ wɔn ho ban.” Afei, ɔkyekyɛɛ nhoma no bi maa sukuufo no, na wɔn mu dubaako gyee bi. Ná asɛm no ka yɛ ka na. Enti abaayewa no hui sɛ, ɛnyɛ Yehowa na ɔmaa no akokoduru ne nyansa a, anka wantumi ankyerɛkyerɛ ne gyidi mu. N’ani gyei paa.

Sɛ ɛyɛ wo sɛ Yehowa nnwen wo ho a, gye bere susuw Bible mu nsɛm yi ho: Dwom 34:17-19; 55:22; ne 145:18, 19. Yehowa Adansefo a wɔasom akyɛ no, ɛyɛ a bisa wɔn nea Yehowa ayɛ de ahwɛ wɔn. Sɛ biribi haw wo a, srɛ Nyankopɔn sɛ ɔmmoa wo. Sɛ woyɛ weinom nyinaa a, ɛrenkyɛ wubehu paa sɛ Yehowa ‘dwen wo ho.’