Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Yehowa Yɛn Nyankopɔn Yɛ Yehowa Koro”

“Yehowa Yɛn Nyankopɔn Yɛ Yehowa Koro”

“Israel, tie: Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro.”​—DEUT. 6:4.

NNWOM: 138, 112

1, 2. (a) Adɛn nti na nnipa pii nim asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 6:4 no? (b) Adɛn nti na Mose kaa saa asɛm no?

YUDAFO de asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 6:4 no abɔ mpae mfe pii ni. Wɔbɔ saa mpae no anɔpa ne anwummere biara. Wɔfrɛ saa mpae no Shema, efisɛ wɔ Hebri mu no, ɛno ne asɛmfua a edi kan wɔ Deuteronomium 6:4. Yudafo a wɔmfa wɔn som nni agorɔ bɔ mpae yi de kyerɛ sɛ Onyankopɔn nkutoo na wɔsom no.

2 Israelfo hyiaam wɔ Moab sare so afe 1473 ansa na Yesu reba. Saa bere no, na wɔrebetwa Yordan asubɔnten no akɔko afa Bɔhyɛ Asase no. (Deut. 6:1) Ɛhɔ na Mose ne wɔn dii nkra. Nkradi no mu na ɔkaa asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 6:4 no. Ná Mose adi ɔman no anim mfe 40, na na ɔpɛ sɛ ɔman no nya akokoduru de gyina nsɛnnennen a wɔrebehyia no ano. Ná ehia sɛ wonya Yehowa mu awerɛhyem na wodi no nokware sɛ wɔn Nyankopɔn. Ɛda adi sɛ asɛm a etwa to a Mose kae no kaa wɔn koma paa. Mmara Nsɛm Du no ne ahyɛde afoforo a na Yehowa de ama ɔman no, Mose tĩĩ mu kyerɛɛ wɔn. Ɛno akyi na ɔkaa asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 6:4, 5 no. (Kenkan.)

3. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Israelfo a na wɔne Mose ahyiam wɔ hɔ no, wohwɛ a, na wonnim sɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn yɛ “Yehowa koro” anaa? Na wonim. Ná Israelfo a wodi nokware no nim sɛ Onyankopɔn yɛ baako; ɔno nkutoo na na wɔsom no. Saa Nyankopɔn no na wɔn agyanom Abraham, Isak, ne Yakob som no. Sɛ saa a, ɛnde adɛn nti na Mose kaee wɔn sɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn no yɛ “Yehowa koro”? Deuteronomium 6:5 ka sɛ yɛmfa yɛn koma nyinaa, yɛn kra nyinaa, ne yɛn ahoɔden nyinaa nnɔ Yehowa. Saa asɛm no ne ka a Mose kae sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro no wɔ biribi yɛ anaa? Ɛnde, ɛnnɛ, dɛn na yebetumi asua afi asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 6:4, 5 no mu?

ONYANKOPƆN YƐ YEHOWA KORO

4, 5. (a) Onyankopɔn yɛ “Yehowa koro.” Dɛn na saa asɛm no betumi akyerɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛ soronko wɔ amanaman no anyame ho?

4 Soronko. Hebri ne kasa foforo pii mu no, ɛnyɛ bere nyinaa na asɛmfua “koro” kyerɛ akontaabude anaa nɔma. Ebetumi akyerɛ sɛ biribi yɛ soronko, anaa ɛda mu fua. Bere a Mose kae sɛ Onyankopɔn yɛ Yehowa koro no, ɛnyɛ sɛ atoro som nkyerɛkyerɛ a ɛne baasakoro no na na ɔrebɔ agu. Mmom, na ɔpɛ sɛ Israelfo no hu sɛ Yehowa ne amansan Sodifo, ɔsoro ne asase Bɔfo no. Ɔno nkutoo ne nokware Nyankopɔn no; onyame foforo biara ne no nsɛ. (2 Sam. 7:22) Enti, na Mose rekae Israelfo no sɛ, Yehowa nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔsom no. Ná ɛnsɛ sɛ Israelfo kodi amanaman a atwa wɔn ho ahyia no akyi. Saa ara nso na na ɛnsɛ sɛ wɔsom wɔn anyame ne wɔn anyamewa no bi. Ná amanaman no gye di sɛ wɔn atoro nyame no wɔ abɔde ahorow bi so tumi. Anyame no bi wɔ hɔ a, na wogye di sɛ wɔwɔ nneɛma pii so tumi.

5 Nhwɛso bi ni. Ná Egyptfo wɔ owia nyame Ra, ewim nyame Nut, asase nyame Geb, Nil nyame Hapi, ne mmoa pii a wɔsom wɔn sɛ anyame. Bere a Yehowa de Ɔhaw Du no bae no, eguu saa atoro anyame no pii anim ase pɔtɔɔ. Ná Kanaanfo nyame titiriw ne Baal. Ɔno na na wogye di sɛ ɔbɔɔ nkwa. Afei nso na wogye di sɛ ɔno ne ewim, osu, ne ahum nyame. Mmeae pii wɔ hɔ a na wogye di sɛ Baal ne nyame a ɔbɔ wɔn ho ban. (Num. 25:3) Enti na ɛsɛ sɛ Israelfo kae sɛ wɔn Nyankopɔn a ɔne “nokware Nyankopɔn” no yɛ “Yehowa koro.”—Deut. 4:35, 39.

6, 7. Asɛmfua “koro” nkyerɛase foforo ne sɛn, na dɛn na Onyankopɔn yɛ de kyerɛe sɛ ɔyɛ Yehowa “koro”?

6 Ɔyɛ Ɔnokwafo, Ɔnsakra. Asɛmfua “koro” kyerɛ nso sɛ Onyankopɔn atirimpɔw bam bere nyinaa. Yehowa Nyankopɔn adwene si no pi, na ɔyɛ Onyankopɔn a yebetumi de yɛn ho ato no so. Odi n’asɛm so bere nyinaa, ɔnsakra, na ɔyɛ ɔnokwafo. Yehowa hyɛɛ Abraham bɔ sɛ ɔde Bɔhyɛ Asase no bɛma n’asefo, na Yehowa yɛɛ anwonwade akɛse maa saa bɔhyɛ no baa mu. Mfe 430 twaam ansa na bɔhyɛ no reba mu de, nanso Yehowa atirimpɔw ansesa.​—Gen. 12:1, 2, 7; Ex. 12:40, 41.

7 Mfe pii akyi, bere a Yehowa reka sɛ Israelfo yɛ n’adansefo no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me ara mene no. Wɔnnwenee Onyankopɔn bi m’anim, na m’akyi nso, obi nni hɔ.” Yehowa sii so dua sɛ ɔnsakra. Ɔkae sɛ: “Mete sɛnea mete bere nyinaa.” (Yes. 43:10, 13; 44:6; 48:12) Onyankopɔn nsakra, na ɔyɛ ɔnokwafo. Ɛyɛ hokwan kɛse paa na Israelfo nyae de som Onyankopɔn a ɔte sei! Ɛnnɛ, yɛn nso yɛanya hokwan a ɛte saa.​—Mal. 3:6; Yak. 1:17.

8, 9. (a) Dɛn na Yehowa hwehwɛ sɛ n’asomfo yɛ? (b) Asɛm bɛn na Yesu kae a ɛma yehu nea Mose asɛm no kyerɛ ankasa?

8 Nokwarem no, Mose kaee ɔman no sɛ Yehowa dwen wɔn ho, na ɔbɛkɔ so adɔ wɔn. Ne saa nti, na ɛfata sɛ wɔsom Yehowa nkutoo. Ná ɛsɛ sɛ Israelfo no fi wɔn koma nyinaa, wɔn kra nyinaa, ne wɔn ahoɔden nyinaa mu dɔ no. Ɛfata sɛ hokwan biara a na awofo benya no, wɔde kyerɛkyerɛ wɔn mma. Sɛ wɔyɛ saa a, na ɛbɛma mmofra no nso asom Yehowa nkutoo.​—Deut. 6:6-9.

9 Esiane sɛ Yehowa apɛde ne n’atirimpɔw nsakra nti, n’asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso, ɔrensakra nneɛma atitiriw a ɔhwehwɛ fi wɔn hɔ no. Yɛn nso, ɛsɛ sɛ yɛsom Yehowa nkutoo, na yɛde yɛn koma nyinaa, yɛn adwene nyinaa, ne yɛn ahoɔden nyinaa dɔ no. Wei bɛma yɛn som asɔ n’ani. Saa pɛpɛɛpɛ na Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima bi a okobisaa no asɛm. (Kenkan Marko 12:28-31.) Enti, momma yɛmfa yɛn nneyɛe nkyerɛ sɛ yɛte ase paa sɛ “Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro.”

MOMMA YƐNSOM YEHOWA NKUTOO

10, 11. (a) Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ Yehowa nkutoo na yɛsom no? (b) Hebrifo mmerante a na wɔwɔ Babilon no, dɛn na wɔyɛ de kyerɛe sɛ Yehowa nkutoo na wɔsom no?

10 Sɛ yebetumi aka sɛ Yehowa nko ara ne yɛn Nyankopɔn a, ɛsɛ sɛ yɛsom ɔno nkutoo. Yɛrentumi nsom anyame foforo nka ne ho. Saa ara na ɛnsɛ sɛ yɛde atosɛm anaa ɔsom foforo mu nneyɛe bi frafra ɔsom a yɛde ma no no mu. Ɛsɛ sɛ yehu sɛ Yehowa nyɛ anyame mu nyame kɛkɛ, anaa onyame a ɔkorɔn na ɔwɔ tumi sen anyame a aka nyinaa. Mmom, Yehowa nkutoo na ɔfata sɛ yɛsom no.​—Kenkan Adiyisɛm 4:11.

11 Sɛ yɛkenkan Daniel nhoma no a, Hebrifo mmerante a wɔne Daniel, Hanania, Misael, ne Asaria no, yebehu wɔn ho asɛm. Wɔanni aduan a ɛho ntew, na sika honi a Nebukadnesar yɛe no nso, wɔankotow. Wɔyɛɛ wei nyinaa de kyerɛe sɛ Yehowa nkutoo na wɔsom no. Wɔmaa nea ɛho hia wɔn paa daa adi pefee; wɔamma biribiara ansɛe ɔsom kronn a wɔde ma Yehowa no.​—Dan. 1:1–3:30.

12. Bere a yɛresom Yehowa nkutoo no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ho?

12 Yehowa nko ara na ɔfata sɛ yɛsom no. Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannan yɛn akyi ankyerɛ Yehowa ankɔsom biribi foforo biara. Nneɛma bɛn saa ho asɛm na yɛreka yi? Mmara Nsɛm Du no mu no, Yehowa kaa no pefee sɛ ɛnsɛ sɛ ne nkurɔfo nya anyame foforo ka ne ho. Afei nso, na ɛnsɛ sɛ wɔsom ahoni biara. (Deut. 5:6-10) Ɛnnɛ, abosonsom ayɛ sɛ ɔbosomaketew; edi adannan. Abosonsom no bi wɔ hɔ a, ebetumi ayɛ den sɛ yebehu. Nanso nea Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ no nsesae. Onyankopɔn da so ara yɛ “Yehowa koro.” Momma yɛnhwɛ sɛnea yebetumi akwati abosonsom.

13. Dɛn na yɛn ani betumi agye ho asen Yehowa?

13 Nneyɛe a ebetumi asɛe Kristofo ne Yehowa ntam no, wɔaka bi ho asɛm denneennen wɔ Kolosefo 3:5. (Kenkan.) Hyɛ no nsow sɛ, wɔaka wɔ hɔ sɛ anibere te sɛ abosonsom. Adɛn nti na ɛte saa? Efisɛ, sɛ obi ma ahonyade anaa afɛfɛde gye n’adwene a, ebetumi abɛyɛ ne nyame, na akyerɛ no nea ɔnyɛ. Yɛhwɛ saa kyerɛwsɛm no mu nsɛm nyinaa yiye a, yebehu sɛ bɔne a wɔabobɔ din wɔ hɔ no fa anibere ho; anibere nso yɛ abosonsom. Sɛ yɛde yɛn koma di ahonyade anaa afɛfɛde akyi denneennen a, ɛbɛma yɛn ani agye ho asen Onyankopɔn. Ɛba saa a, wugye di sɛ yebetumi aka sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ “Yehowa koro,” anaa ɔno nkutoo na yɛresom no? Dabi, yɛrentumi nka saa.

14. Kɔkɔbɔ bɛn na ɔsomafo Yohane de mae?

14 Ɔsomafo Yohane kaa asɛm a ɛte saa ara. Ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ, sɛ obi dɔ nneɛma a ɛwɔ wiase a, ɛnde na “Agya no dɔ nni ne mu.” Nneɛma a ɛwɔ wiase nyinaa a na ɔreka ho asɛm no ne “ɔhonam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetena mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho.” (1 Yoh. 2:15, 16) Wei kyerɛ sɛ, ehia sɛ yɛhwehwɛ yɛn koma mu bere nyinaa. Ehia sɛ yɛyɛ saa de hwɛ sɛ wiase anigyede, fekubɔ, anaa ntadehyɛ ne ahosiesie a ɛmfata retwetwe yɛn anaa. Sɛ obi kɔ sukuu kɔ akyiri de hwehwɛ “nneɛma akɛse” a, ɛno nso betumi akyerɛ sɛ ɔdɔ wiase no. (Yer. 45:4, 5) Yegyina wiase foforo no aboboano pɛɛ. Enti hwɛ sɛnea ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi asɛm a ɛka koma a Mose kae no! Sɛ yɛte ase sɛ “Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro,” na yegye di paa a, yɛbɛyɛ nea yebetumi biara asom ɔno nkutoo. Na yɛbɛsom no wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so.​—Heb. 12:28, 29.

MOMMA YƐNKƆ SO NYƐ BAAKO SƐ KRISTOFO

15. Adɛn nti na Paulo kaee Kristofo sɛ Onyankopɔn yɛ “Yehowa koro”?

15 Onyankopɔn yɛ Yehowa koro. Saa asɛm no kyerɛ sɛ, ehia sɛ Onyankopɔn asomfo yɛ baako na wonya botae koro. Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ Yehowa asomfo no da saa suban yi adi wɔ yɛn som mu. Asomafo no bere so no, na Yudafo, Helafo, Romafo, ne aman foforo sofo na ɛwɔ Kristofo asafo no mu. Ná ɛsono obiara ne n’amammerɛ, ne som, ne nea ɔpɛ. Ɛno nti, ɛyɛɛ den maa wɔn mu binom sɛ wobegye ɔsom foforo a wɔabam no atom. Saa ara nso na na ɛyɛ den ma ebinom sɛ, wɔn nneyɛe dedaw no, wobegyae akyi di koraa. Ɔsomafo Paulo hui sɛ ɛfata sɛ ɔkae Kristofo no sɛ wɔn Nyankopɔn yɛ baako, na ɔne Yehowa.​—Kenkan 1 Korintofo 8:5, 6.

16, 17. (a) Nkɔmhyɛ bɛn na ɛrenya mmamu nnɛ, na dɛn na ɛde aba? (b) Dɛn na ebetumi asɛe baakoyɛ a ɛwɔ yɛn mu no?

16 Ɛnnɛ, dɛn na ɛrekɔ so wɔ Kristofo asafo no mu? Odiyifo Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ “nna a edi akyiri no mu no,” nnipa a wofi aman nyinaa mu bɛba Yehowa nokware som mu. Wɔbɛka sɛ: ‘Yehowa bɛkyerɛ yɛn n’akwan na yɛanantew n’atempɔn so.’ (Yes. 2:2, 3) Yɛn ani agye paa sɛ yɛahu sɛ saa nkɔmhyɛ no rebam! Nea ɛde aba ne sɛ, asafo pii mu no, yɛwɔ anuanom a ɛsono mmusua a wofi mu, wɔn amammerɛ, ne wɔn kasa. Nanso wɔn nyinaa abom de baakoyɛ reyi Yehowa ayɛ. Saa nsonsonoe yi tumi de ɔhaw ba, na ehia sɛ yɛhwɛ no yiye.

Woreboa ama koroyɛ atena Kristofo asafo no mu? (Hwɛ nkyekyɛm 16-19)

17 Sɛ yehu sɛ ɛsono yɛn nuanom Kristofo bi amammerɛ a, ɛyɛ a yɛyɛ yɛn ade sɛn? Ebia ɛsono kasa a wɔka, aduan a wɔpɛ, ntade a wɔhyɛ, anaa wɔn nipaban. Ɛba saa a, ɛyɛ wo den sɛ wo ne wɔn bɛbɔ? Anaa wo kuromfo nkutoo na wopɛ sɛ wo ne wɔn bɔ? Anuanom a wɔapaw wɔn sɛ mpanyimfo wɔ w’asafo mu, ɔmansin mu, anaa wo man mu no, sɛ woanyin sen wɔn nso ɛ? Sɛ ɛsono mpanyimfo no amammerɛ anaa abusua a wofi mu nso ɛ? Wobɛma saa nneɛma yi asɛe baakoyɛ a ɛwɔ Yehowa nkurɔfo mu no?

18, 19. (a) Afotu bɛn na wɔde ama yɛn wɔ Efesofo 4:1-3? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ ama baakoyɛ atena asafo no mu?

18 Dɛn na ebetumi aboa yɛn na ɔhaw a ɛte saa anto yɛn? Kristofo a ɛwɔ Efeso na Paulo de afotu pa a ɛte saa maa wɔn. Ná Efeso yɛ firamanfiramanfo kurow, na na wodi yiye. (Kenkan Efesofo 4:1-3.) Hyɛ no nsow sɛ Paulo dii kan kaa suban ahorow bi ho asɛm. Ebi ne ahobrɛase, odwo, abodwokyɛre, ne ɔdɔ. Yebetumi de saa suban ahorow yi atoto ofie bi nnyinaso ho. Sɛ ofie no nnyinaso yɛ den koraa a, ehia sɛ wosiesie bere nyinaa. Anyɛ saa a, ebefi ase asɛe. Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a ɛwɔ Efeso no sɛ, wɔnyere wɔn ho denneennen “ntena ase honhom biakoyɛ mu.”

19 Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara gye tom sɛ ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔboa ma koroyɛ kɔ so tena asafo no mu. Dɛn na yebetumi ayɛ? Nea edi kan, ehia sɛ yenya suban ahorow a Paulo kaa ho asɛm no bi. Saa suban no ne ahobrɛase, odwo, abodwokyɛre, ne ɔdɔ. Afei ehia sɛ yɛbɔ ‘asomdwoe ne koroyɛ’ ho mmɔden. Bio nso, ɛsɛ sɛ yesiesie nsɛmnsɛm biara a ɛbɛba yɛne afoforo ntam. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛboa ma asomdwoe ne baakoyɛ tena yɛn mu.

20. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛte ase sɛ “Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro”?

20 “Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro.” Hwɛ sɛnea saa asɛm yi ka koma! Bere a Israelfo duu Bɔhyɛ Asase no so no, asɛm a Mose kae no hyɛɛ wɔn den ma wogyinaa ɔhaw a wohyiae ano. Ɛrenkyɛ na ahohiahia kɛse no aba. Enti sɛ yɛma saa asɛm no da yɛn koma so a, ɛbɛhyɛ yɛn den ama yɛafa mu. Ɛno akyi, yebenya hokwan aboa ama wɔasiesie asase ma ayɛ Paradise. Momma yɛnkɔ so nsom Yehowa nkutoo, na yemfi yɛn kra nyinaa mu nnɔ no, na yɛnyere yɛn ho mma koroyɛ ntena Kristofo asafo no mu. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi de ahotoso ahwɛ kwan sɛ Yesu bebu yɛn sɛ ne nguan. Yesu bɛka akyerɛ yɛn sɛ: “Mommra, mo a m’Agya ahyira mo, momfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase nhyɛase no nni.”​—Mat. 25:34.