Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“M’ahenni Mfi Wiase”

“M’ahenni Mfi Wiase”

“Eyi nti na mebaa wiase, sɛ merebedi nokware no ho adanse.”​—YOH. 18:37.

NNWOM: 15, 74

1, 2. (a) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ mpaapaemu a ɛrekɔ so wɔ wiase no reyɛ kɛse? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae wɔ adesua yi mu?

ONUAWA bi a ɔwɔ Europa anafo fam a na ɔresusuw ne kan abrabɔ ho kaa sɛ: “Efi me mmofraase no, atɛnkyea nko ara na na mihu. Enti amanyɔsɛm a na ɛrekɔ so wɔ me man mu no, mamfa me werɛ anhyɛ mu. Mmom, migyee adwene a na nnipa pii bu no sɛ ɛmfa kwan mu koraa no toom. Nokwasɛm ne sɛ, me ne ɔmammɔfo bi twee mpena mfe pii.” Onua bi a ɔwɔ Afrika anafo fam nso, bere bi a atwam no, na ɔte nka sɛ mfomso biara nni basabasayɛ ho. Ɔka sɛ: “Ná misusuw sɛ abusuakuw a mifi mu no kyɛn mmusuakuw a aka nyinaa, na mekɔdɔm amanyɔkuw bi. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmfa mpeaw nkunkum yɛn atamfo; yɛn abusuakuw mufo a na wɔdɔm amanyɔkuw afoforo mpo, wɔkaa sɛ yenkunkum wɔn.” Onuawa bi a ɔte Europa mfinimfini fam ka sɛ: “Ɔtan hunu nti, onipa biara a omfi me man mu anaa ɛsono ne som no, na mempɛ n’asɛm.”

2 Suban a nnipa mmiɛnsa a yɛaka wɔn ho asɛm daa no adi no, ɛno ara bi na nnipa pii a wɔwɔ wiase reda no adi nnɛ. Akuw a wɔnam basabasayɛ so hwehwɛ fahodi abu so; amanyɔsɛm gu so repaapae nnipa mu. Wokɔ aman pii so nso a, ade rekye a ade resa yi, tan ara na wɔretan nnipa a wofi aman foforo so ani. Sɛnea Bible ka too hɔ no, nnipa ahorow nyinaa a “wontumi ne wɔn nyɛ apam” aba wɔ nna a edi akyiri yi mu. (2 Tim. 3:1, 3) Bere a wiase mu rekɔ so repaapae no, dɛn na Kristofo bɛyɛ na ama baakoyɛ akɔ so atena wɔn mu? Yesu bere so no, na basabasayɛ a ɛrekɔ so wɔ amanyɔsɛm mu ama nkurɔfo ani so atan wɔn. Enti sɛ yɛhwɛ sɛnea Yesu dii asɛm bi ho dwuma saa bere no a, yebetumi asua nneɛma pii afi mu. Momma yɛnhwɛ nsɛntitiriw mmiɛnsa bi: Adɛn nti na Yesu amfa ne ho ammɔ matew-me-ho kuw biara? Dɛn na Yesu de kyerɛe sɛ, ɛnsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo de wɔn ho gyigye amanyɔsɛm mu? Dɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ mfomso sɛ obi bɛyɛ afoforo basabasa?

SƐNEA YESU YƐƐ N’ADE WƆ AKUW A NA WƆREPERE FAHODI HO

3, 4. (a) Yesu bere so no, nsakrae bɛn na na Yudafo no rehwɛ kwan sɛ amanyɔsɛm de bɛba? (b) Saa adwene no kaa Yesu asuafo no sɛn?

3 Yudafo a Yesu kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no, na wɔn mu pii pɛ sɛ wonya fahodi fi Romafo nsam. Yudafo Anuɔdenfo, anaa Yudafo a na ɔmampɛ adi wɔn ti no na wɔkanyan nkurɔfo ma wonyaa saa adwene no. Ná saa Anuɔdenfo no mu pii yɛ Galileani bi a ne din de Yuda no akyidifo. Asomafo no bere so no, na saa Yuda yi kyerɛ sɛ ɔyɛ mesia, na ɔdaadaa nnipa pii. Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus ka sɛ, saa Yuda yi “piapiaa ne manfo ma wɔtew atua, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔapene so sɛ wobetua tow ama Romafo no sɛ wɔyɛ ahufo.” Ewiee ase no, Romafo no ma wokum Yuda. (Aso. 5:37) Anuɔdenfo no bi mpo yɛɛ basabasa sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nea wɔpɛ.

4 Ɛnyɛ saa Anuɔdenfo no nko ara na na wɔrehwɛ Mesia a ɔyɛ ɔmanyɔfo kwan denneennen, na mmom na Yudafo a aka no nso rehwɛ kwan saa ara. Wei kyerɛ sɛ, na wɔhwɛ kwan sɛ, sɛ Mesia no ba a, ɔbɛma Israel asan afa ne ntama pa afura, na wɔade wɔn ho afi Romafo nhyɛso ase. (Luka 2:38; 3:15) Ná nnipa pii gye di sɛ Mesia no de ahenni bi besi hɔ wɔ asase so wɔ Israel. Sɛ ɛbaa saa a, anka Yudafo a na wɔabɔ ahwete aman ahorow so no bɛsan aba wɔn man mu. Kae sɛ, bere bi Yohane Suboni bisaa Yesu sɛ: “So wone Nea Ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ obi foforo kwan?” (Mat. 11:2, 3) Ɛbɛyɛ sɛ na Yohane pɛ sɛ ohu sɛ obi foforo a ɔbɛba na ɔbɛma Yudafo no anidaso abam anaa. Yesu a na wɔanyan no afi awufo mu no kɔtoo asuafo mmienu a na wɔnam kwan so rekɔ Emaus. Wɔn nso fam no, nea na wɔhwɛ kwan sɛ Mesia no ba a ɔbɛyɛ no, na ɛmmaa mu. (Kenkan Luka 24:21.) Ɛno akyi pɛɛ no, Yesu asomafo no bisaa no sɛ: “Awurade, saa bere yi na wode ahenni no resan asi hɔ ama Israel anaa?”—Aso. 1:6.

5. (a) Adɛn nti na na Galileafo no pɛ sɛ Yesu yɛ wɔn hene? (b) Ɔkwan bɛn na Yesu faa so teɛteɛɛ wɔn adwene?

5 Ná Yudafo no hwɛ kwan sɛ Mesia no ba a, obeyi wɔn haw nyinaa afi hɔ ama wɔn. Ebia ɛno nti na na Galileafo no pɛ sɛ Yesu yɛ wɔn hene no. Ɛbɛyɛ sɛ wonyaa adwene sɛ Yesu bɛyɛ ɔkannifo pa. Ná onim kasa; na otumi sa yare; na otumi ma wɔn a ɔkɔm de wɔn mpo aduan. Bere a Yesu maa mmarima bɛyɛ 5,000 aduan dii no, ohuu nkurɔfo no adwene. Bible ka sɛ: “Bere a Yesu hui sɛ wɔpɛ sɛ wɔkyere no yɛ no ɔhene no, ɔtwee ne ho, na ɔno nko ara kɔhyɛɛ bepɔw no so bio.” (Yoh. 6:10-15) Ade kyee no, bere a na wɔwɔ Galilea Po no agya no, ɛbɛyɛ sɛ sɛnea na nkurɔfo no ani abere no, na ano abrɛ ase. Afei Yesu kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ ɛnyɛ wɔn honam fam ahiade nti na ɔbae, na mmom ɔbae sɛ ɔrebɛkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn Ahenni ho ade. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monnyɛ aduan a ɛsɛe ho adwuma, na mmom monyɛ aduan a ɛtena hɔ de kɔ daa nkwa mu no ho adwuma.’—Yoh. 6:25-27.

6. Dɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔmpɛ wiase tumi biara? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

6 Aka kakra ama Yesu awu no, ohui sɛ na n’akyidifo no bi rehwɛ kwan sɛ ɔde ahenni bi besi hɔ wɔ asase so wɔ Yerusalem. Ɔmaa wɔn mmɛnnaa ho mfatoho no de teɛteɛɛ wɔn adwene. Mfatoho no fa “ɔdehye” bi a ogyina hɔ ma Yesu ho. Ná obetu kwan, na ɔkɔ a na ɔbɛkyɛ. (Luka 19:11-13, 15) Afei nso, Yesu maa Roma atumfoɔ no hui sɛ na onnyina wiase ahenni biara akyi. Pontio Pilato bisaa Yesu sɛ: “Wone Yudafo hene no anaa?” (Yoh. 18:33) Ɛbɛyɛ sɛ na amrado no suro sɛ Yesu betumi ama nkurɔfo asɔre atia Roma tumidi no. Bere a na Pilato di ade nyinaa no, na wei yɛ ne dadwen pa ara. Yesu buaa Pilato sɛ: “M’ahenni mfi wiase.” (Yoh. 18:36) Ná Yesu mpɛ sɛ ɔde ne ho gyigye amanyɔsɛm mu, efisɛ na n’Ahenni no yɛ ɔsoro de. Yesu ka kyerɛɛ Pilato sɛ adwuma a ɔbɛyɛe wɔ asase so ne sɛ ‘obedii nokware no ho adanse.’—Kenkan Yohane 18:37.

Wode w’adwene si wiase haw so anaa wode si Onyankopɔn Ahenni so? (Hwɛ nkyekyɛm 7)

7. Adɛn nti na ebetumi ayɛ den sɛ yɛrentaa amanyɔkuw biara akyi wɔ yɛn komam?

7 Ná Yesu nim adwuma a n’Agya de ahyɛ ne nsa no yiye. Sɛ yɛn nso yenim adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no yiye a, yɛrentaa amanyɔkuw biara akyi wɔ yɛn komam mpo. Ɛnyɛ bere nyinaa na wei yɛ mmerɛw. Ɔmansin sohwɛfo bi ka sɛ, “Ade rekye a ade resa no, pere ara na nnipa a wɔwɔ yɛn mpɔtam repere sɛ nsakrae bɛba prɛko pɛ. Ɔmampɛ adi wɔn ti, na pii anya adwene sɛ, sɛ wɔn ankasa nkurɔfo di wɔn so a, nneɛma bɛkɔ yiye ama wɔn.” Anigyesɛm ne sɛ, anuanom de wɔn adwene asi Ahenni no ho asɛmpaka adwuma no so, na wei ama baakoyɛ akɔ so atena wɔn mu. Wɔhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn na obeyi ntɛnkyea ne ɔhaw afoforo a yehyia no afi hɔ.”

DƐN NA YESU YƐE A ƐKYERƐ SƐ WAMFA NE HO ANNYIGYE AMANYƆSƐM MU?

8. Yesu bere so no, adesoa bɛn na na ɛda Yudafo no so?

8 Sɛ nkurɔfo hu sɛ ntɛnkyea rekɔ so a, ɛma wɔtaa de wɔn ho hyɛ amanyɔsɛm mu pa ara. Yesu bere so no, na wɔde towtua yɛ amanyɔsɛm pa ara. Nokwasɛm ne sɛ, nea ɛmaa Galileani a ne din de Yuda a yɛaka ne ho asɛm no tew atua tiaa Romafo ne sɛ, na Romafo no rekyerɛkyerɛw nkurɔfo din sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma obiara atua tow. Nkurɔfo a na wɔhyɛ Roma tumidi ase a na wɔn a wɔretie Yesu no ka ho no, na wɔma wotua tow bebree; ná wotua wɔn ahode, wɔn nsase, ne wɔn afie ho tow. Ná towgyefo no bɔ nyansakorɔn, enti ɛno nso maa ɔmanfo no adesoa mu yɛɛ duru. Ɛtɔ da a, na towgyefo no tɔ dibea bi fi aban mpanyimfo hɔ, na afei wɔde tumi a wɔanya no apɛ mfaso pii. Ná Sakeo yɛ towgyeni panyin wɔ Yeriko, na na wabɔ nkurɔfo apoo anya ne ho. (Luka 19:2, 8) Nea Sakeo yɛe no, ɛbɛyɛ sɛ saa ara na na towgyefo no pii nso yɛ.

9, 10. (a) Ɔkwan bɛn na na Yesu atamfo pɛ sɛ wɔfa so twetwe no kɔ amanyɔsɛm mu? (b) Dɛn na yesua fi mmuae a Yesu de mae no mu? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

9 Ná Yesu atamfo pɛ sɛ wosum no afiri, enti wɔyɛe sɛ wɔbɛma Yesu akyerɛ baabi a ogyina wɔ towtua bi ho. Tow a yɛreka ho asɛm yi yɛ denare baako “tow” a na wɔma nkurɔfo a wɔhyɛ Roma tumidi ase nyinaa tua. (Kenkan Mateo 22:16-18.) Ná Yudafo no ani nnye ho koraa sɛ wobetua saa tow no, efisɛ na ɛkae wɔn sɛ wɔyɛ Romafo no nkoa. Ná “Herode akyidifo” a wɔkɔfaa saa asɛm yi bae no hwɛ kwan sɛ, sɛ Yesu ka sɛ ɛnsɛ sɛ wotua a, na wobetumi abɔ no sobo sɛ otutu ɔman ase. Sɛ na Yesu ka sɛ ɛsɛ sɛ wotua saa tow no nso a, anhwɛ a na n’akyidifo no agyae n’akyi di.

10 Yesu hwɛɛ yiye sɛ ɔrennyina ɔfã biara wɔ towtua ho asɛm no ho. Ɔkaa sɛ: “Muntua Kaesare de mma Kaesare, na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.” (Mat. 22:21) Nokwasɛm ne sɛ, na Yesu nim sɛ towgyefo no pii bɔ nyansakorɔn. Ná Yesu mpɛ sɛ biribiara twetwe n’adwene fi ade a ɛho hia pa ara a ɛne Onyankopɔn Ahenni no so. Ɛno na ebeyi nnipa haw nyinaa afi hɔ. Ɔnam nea ɔyɛe no so yɛɛ nhwɛso maa n’akyidifo nyinaa. Wei kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ Yesu akyidifo de wɔn ho gyigye amanyɔsɛm mu, sɛ ɛte sɛ nea amanyɔfo no asɛm yɛ dɛ anaa ɛteɛ mpo a, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ saa. Kristofo hwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee. Ɛno nti, sɛ nneɛma bi nkɔ yiye a, wɔnkasa ntia anaa wonnye ho asɛm nnyina mu denneennen.—Mat. 6:33.

11. Yɛpɛ atɛntrenee, nanso yɛbɛyɛ dɛn aka ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛfata so?

11 Ansa na nnipa pii rebɛyɛ Yehowa Adansefo no, na anka amanyɔsɛm adi wɔn ti, nanso wɔatumi ayi wɔn adwene afi so. Onuawa bi a ɔwɔ Great Britain ka sɛ: “Bere a misuaa nnipa asetena ho nsɛm wɔ sukuupɔn mu no, minyaa adwene sɛ ɛsɛ sɛ nneɛma sesa prɛko pɛ. Ná mepɛ sɛ meko ma abibifo na ɔmanfo ne yɛn di no yiye, efisɛ na wɔasisi yɛn akyɛ. Ɛwom sɛ, sɛ asɛm bi sɔre na obiara rekyerɛ n’adwene a, nea mɛka no na obiara hu sɛ ntease wom, nanso ne nyinaa akyi no, na m’ani nnye. Manhu sɛ ade a ɛde nnipa mu nyiyim ba no, sɛɛ na ɛsɛ sɛ yetu ase fi nnipa komam. Nanso, bere a mifii ase suaa Bible no, mihui sɛ ɛsɛ sɛ mifi ase tu nea ɛwɔ me ara me komam. Onuawa bi a ɔyɛ oburoni na ɔtɔɔ ne bo ase boaa me ma meyɛɛ nsakrae. Seesei, meyɛ daa kwampaefo wɔ asafo bi a wɔka mum kasa mu, na merebɔ mmɔden sɛ mɛka asɛmpa no akyerɛ nnipa ahorow nyinaa.”

“SAN FA WO NKRANTE NO HYƐ NEA ƐHYƐ”

12. “Mmɔkaw” bɛn na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔntwe wɔn ho mfi ho?

12 Yesu bere so no, na nyamesom akannifo taa de wɔn ho gyigye amanyɔsɛm mu. Nhoma bi ka sɛ, “nyamesom akuwakuw a na ɛwɔ Yudafo no mu no, na ɛte sɛ amanyɔkuw.” (Daily Life in Palestine at the Time of Christ) Enti Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Momma mo ani nna hɔ, monhwɛ mo ho yiye Farisifo ne Herode mmɔkaw ho.” (Mar. 8:15) Ɛbɛyɛ sɛ Herode din a epuei wɔ asɛm yi mu no gyina hɔ ma Herode akyidifo. Ɛba amanyɔsɛm mu a, na Farisifo no gyina Yudafo a wɔrepere fahodi no akyi. Mateo nhoma no ma yehu sɛ Yesu bɔɔ Sadukifo no nso din wɔ asɛm a ɔkae no mu. Sadukifo no de, na wɔmpɛ sɛ nsakrae biara ba. Ná wɔn kuw no mufo pii wɔ dibea wɔ Roma aban no mu. Yesu hyɛɛ da bɔɔ n’asuafo no kɔkɔ sɛ wɔntwe wɔn ho mfi saa akuw mmiɛnsa yi nkyerɛkyerɛ, anaa wɔn mmɔkaw ho. (Mat. 16:6, 12) Ɛyɛ nwonwa sɛ, bere a nkurɔfo yɛe sɛ wɔpɛ sɛ wosi Yesu hene no, ankyɛ na Yesu kaa saa asɛm yi.

13, 14. (a) Ɛyɛɛ dɛn na amanyɔsɛm ne nyamesom ho nsɛmnsɛm kowiee basabasayɛ ne ntɛnkyea mu? (b) Sɛ wɔne yɛn anni no yiye mpo a, adɛn nti na ɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛyɛ basabasa? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

13 Sɛ nkurɔfo de nyamesom frafra amanyɔsɛm a, ɛnyɛ den koraa sɛ ɛbɛkɔ akowie basabasayɛ mu. Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo sɛ ɛnsɛ sɛ wogyina ɔfã biara wɔ nsɛm a ɛte saa mu. Ɛno ka ho bi nti na asɔfo mpanyin ne Farisifo no bɔɔ pɔw sɛ wobekum Yesu. Ná wosuro sɛ nkurɔfo betie Yesu na wɔagyae wɔn akyi di. Ɛba saa a, dibea a wɔwɔ wɔ nyamesom ne amanyɔsɛm mu bɛbɔ wɔn. Wɔkaa sɛ: “Sɛ yegyaa no saa a, wɔn nyinaa begye no adi, na Romafo no bɛba abɛfa yɛn ha ne yɛn man nyinaa.” (Yoh. 11:48) Enti, Ɔsɔfo Panyin Kaiafa na odii anim ma wɔbɔɔ pɔw sɛ wobekum Yesu.—Yoh. 11:49-53; 18:14.

14 Anadwo dasum na Kaiafa somaa asraafo sɛ wɔnkɔkyere Yesu. Ná Yesu nim pɔw bɔne a ɛyɛ aniwu yi, enti bere a etwa to a ɔne n’asomafo no didii no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmpɛ nkrante. Ná Yesu betumi de nkrante mmienu aboa wɔn ama wɔasua biribi titiriw bi. (Luka 22:36-38) Saa anadwo no ara, Petro de nkrante kɔɔ basabasayɛfo a na wɔrebɛkyere Yesu no baako so. Akyinnye biara nni ho sɛ, Petro bo fuwii sɛ wɔkɔkyeree Yesu anadwo, efisɛ na ɛyɛ atɛnkyea. (Yoh. 18:10) Nanso Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ: “San fa wo nkrante no hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa bewu nkrante ano.” (Mat. 26:52, 53) Asuade titiriw bɛn na Yesu maa n’asuafo no nyae? Ɔma wohui sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ wiase no fã. Wei na na Yesu adi kan abɔ ho mpae saa anadwo no. (Kenkan Yohane 17:16.) Ntɛnkyea ho asɛm de, ɛsɛ sɛ yegyae ma Onyankopɔn.

15, 16. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm aboa Kristofo ama wɔatwe wɔn ho afi basabasayɛ ho? (b) Sɛ Yehowa hwɛ nea ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ a, nsonsonoe bɛn na ohu?

15 Onuawa a ɔwɔ Europa anafo fam a yɛadi kan aka ne ho asɛm no nyaa asuade a ɛte saa. Ɔka sɛ: “Mahu sɛ basabasayɛ mfa atɛntrenee mma. Mihui sɛ wɔn a wɔyɛ basabasa no, wɔtaa fa mu wu. Wɔn mu pii nso di yaw. Bere a misuaa Bible hui sɛ Onyankopɔn nko ara na obetumi ama yɛanya atɛntrenee wɔ asase so no, m’ani gyei pa ara. Ɛno ne asɛm a maka akyerɛ nkurɔfo mfe 25 a atwam ni.” Onua a ɔwɔ Afrika anafo fam no de “honhom no nkrante” a ɛne Onyankopɔn Asɛm no asi ne peaw no ananmu. Seesei ɔka asomdwoe asɛm kyerɛ obi biara, ɛmfa ho abusuakuw a ofi mu. (Efe. 6:17) Onuawa a ɔwɔ Europa mfinimfini fam no nso, bere a ɔbɛyɛɛ Yehowa Dansefo no, onua bi a ofi abusuakuw bi a bere bi na ɔtan wɔn mu na ɔwaree no. Nnipa mmiɛnsa yi nyinaa yɛɛ saa nsakrae yi, efisɛ na wɔpɛ sɛ wɔyɛ sɛ Kristo.

16 Ehia pa ara sɛ yɛyɛ nsakrae a ɛte saa! Bible de nnipa toto ɛpo a ɛrebu fa so ho; ɛpo a entumi nyɛ komm. (Yes. 17:12; 57:20, 21; Adi. 13:1) Amanyɔsɛm hwanyan nnipa, ɛpaapae wɔn mu, na ɛde basabasayɛ a ntease biara nnim ba, nanso yɛn de, yɛwɔ asomdwoe, na baakoyɛ wɔ yɛn mu. Sɛ Yehowa hwɛ sɛnea wiase no mu apaapae, na ohu baakoyɛ a ɛwɔ ne nkurɔfo mu a, n’ani gye pa ara.—Kenkan Sefania 3:17.

17. (a) Nneɛma mmiɛnsa bɛn na yebetumi ayɛ ama baakoyɛ atena yɛn mu? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

17 Yɛahu sɛ nneɛma mmiɛnsa na yebetumi ayɛ ama baakoyɛ atena Kristofo mu: (1) Yɛde yɛn werɛ hyɛ Onyankopɔn Ahenni a ɛwɔ soro no mu sɛ ɛno na ebeyi ntɛnkyea afi hɔ, (2) yennyina ɔfã biara wɔ amanyɔsɛm mu, (3) yɛnyɛ basabasa. Nanso ɛtɔ da a, ɔtan hunu betumi asɛe yɛn asomdwoe. Adesua a edi hɔ no bɛma yɛahu sɛnea yebetumi adi saa ɔhaw yi so sɛnea tete Kristofo no yɛe no.