Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma Onyankopɔn Mmara Ne Ne Nnyinasosɛm Ntete W’ahonim

Ma Onyankopɔn Mmara Ne Ne Nnyinasosɛm Ntete W’ahonim

“Wo nkaesɛm na midwen ho.”​—DW. 119:99.

NNWOM: 127, 88

1. Dɛn ne ade baako a ɛma nnipa kyɛn mmoa?

ADE baako a ɛma nnipa kyɛn mmoa ne sɛ, nnipa wɔ ahonim. Ɛte saa fi bere a wɔbɔɔ onipa too asase so. Bere a Adam ne Hawa buu Yehowa mmara so no, wokohintawee. Wei ma yehu sɛ na wɔn ahonim bu wɔn fɔ.

2. Adɛn nti na yebetumi de yɛn ahonim atoto stia ho? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

2 Yebetumi de wɔn a wɔntetee wɔn ahonim yiye atoto po so hyɛn a ne stia a wɔde dannan no asɛe ho. Sɛ po so hyɛn retu kwan na ne stia nyɛ adwuma yiye a, ebetumi ayɛ hu pa ara. Ɛnyɛ den koraa sɛ mframa ne po asorɔkye betumi ama hyɛn no afom kwan. Stia a ɛyɛ adwuma yiye betumi aboa nea ɔreka po so hyɛn no, na wanyera kwan. Yebetumi de yɛn ahonim atoto stia a wɔde dannan po so hyɛn de kyerɛ ne kwan ho. Ahonim yɛ biribi a ɛwɔ yɛn mu a ɛma yehu sɛ biribi yɛ papa anaa bɔne, na ɛma yetumi fa ɔkwan pa so. Nanso, nea ɛbɛyɛ na yɛn ahonim akyerɛ yɛn kwan yiye no, ɛsɛ sɛ yɛteɛteɛ no yiye.

3. Sɛ yɛantete yɛn ahonim yiye a, dɛn na ebetumi asi?

3 Sɛ obi antete n’ahonim yiye a, ɛremmɔ no kɔkɔ wɔ bɔne ho. (1 Tim. 4:1, 2) Sɛ yɛn ahonim te saa a, ebetumi ama yɛanya adwene mpo sɛ “bɔne yɛ papa.” (Yes. 5:20) Yesu bɔɔ n’akyidifo kɔkɔ sɛ: “Dɔn no reba a obiara a obekum mo no besusuw sɛ ɔde resom Onyankopɔn.” (Yoh. 16:2) Wɔn a wokum Stefano no, saa na na wɔn adwene yɛ wɔn. Afoforo nso anya adwene a ɛte saa. (Aso. 6:8, 12; 7:54-60) Abakɔsɛm nyinaa mu no, nyamesomfo pii ayɛ bɔne a ani yɛ nyan te sɛ awudi, na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ maa Onyankopɔn. Nanso nokwasɛm ne sɛ, nea wɔyɛe no tia Onyankopɔn mmara! (Ex. 20:13) Ɛda adi pefee sɛ, wɔn ahonim ankyerɛ wɔn kwan yiye!

4. Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛn ahonim atumi ayɛ adwuma yiye?

4 Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛn ahonim atumi ayɛ adwuma yiye? Mmara ne nnyinasosɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, “eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, trenee mu nteɛso.” (2 Tim. 3:16) Enti, sɛ yɛde nsi sua Bible dwinnwen nea ɛka ho, na yɛde bɔ yɛn bra a, yebetumi atete yɛn ahonim ama yɛanya Onyankopɔn adwene pa ara, na atumi akyerɛ yɛn kwan yiye. Momma yɛnhwɛ sɛnea Yehowa mmara ne ne nnyinasosɛm betumi aboa yɛn ama yɛatete yɛn ahonim.

MA ONYANKOPƆN MMARA NTETE WO

5, 6. Sɛ yɛde Onyankopɔn mmara yɛ adwuma a, ɛboa yɛn sɛn?

5 Sɛ Onyankopɔn mmara bɛboa yɛn a, ɛnyɛ sɛ yɛbɛkenkan kɛkɛ, na mmom ɛsɛ sɛ yehu mmara no yiye. Ɛsɛ sɛ yebu mmara no na yɛn ani gye ho. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Montan bɔne na monnɔ papa.” (Amos 5:15) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Ɛne sɛ yebesua sɛ yebehu nneɛma sɛnea Yehowa hu no no. Mfatoho bi ni: Fa no sɛ woda a, wuntumi nna. Ɛnna wo dɔkota ka kyerɛɛ wo sɛ di nnuan a ahoɔden wom, teɛteɛ w’apɔw mu, na yɛ nsakrae bi wɔ w’asetena mu. Bere a wosɔ hwɛe no, wuhui sɛ aboa wo pa ara! Ebia w’ani bɛsɔ pa ara sɛ wo dɔkota no aboa wo ama nneɛma rekɔ yiye wɔ w’asetena mu.

6 Saa ara na yɛn Bɔfo no ama yɛn mmara a ebetumi abɔ yɛn ho ban afi ɔhaw a bɔne de ba ho, na ɛboa ma nneɛma kɔ yiye wɔ yɛn asetena mu. Bible ahyɛ mmara sɛ ɛnsɛ sɛ yedi atoro, ɛnsɛ sɛ yesisi afoforo, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ korɔn, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ aguaman, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ basabasa, na ɛnsɛ sɛ yedi ahonhonsɛm. Sɛ yedi so a, wo de, hwɛ mfaso a yenya. (Kenkan Mmebusɛm 6:16-19; Adi. 21:8) Sɛ yɛyɛ Yehowa apɛde na yenya nhyira a, ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma no no yɛ kɛse, na yɛn ani gye ne mmara ho pa ara.

7. Sɛ yɛkenkan nsɛm a esisii ankasa a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu dwinnwen ho a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ?

7 Enhia sɛ yebu Onyankopɔn mmara so na yehu amane ansa na yɛasua biribi afi mu. Ebinom dii mfomso ma wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu; yebetumi asua biribi afi mu. Mmebusɛm 1:5 ka sɛ: “Onyansafo betie na ne nimdeɛ adɔɔso.” Ampa, sɛ yɛkenkan nsɛm a esisii ankasa a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu dwinnwen ho a, yenya akwankyerɛ a eye sen biara fi Onyankopɔn hɔ. Yɛmfa Ɔhene Dawid sɛ nhwɛso. Bere a obuu n’ani guu Yehowa ahyɛde so na ɔne Bat-Seba sɛee aware no, wo de, hwɛ ɛyaw a ɔfaa mu. (2 Sam. 12:7-14) Sɛ yɛkenkan saa asɛm yi na yedwinnwen ho a, ebia yebebisa yɛn ho sɛ: ‘Dɛn na na anka Ɔhene Dawid betumi ayɛ na ɔne Bat-Seba ansɛe aware amma wamfa ɛyaw pii mu? Sɛ biribi a ɛte saa resɔ me ahwɛ a, menya akokoduru atwe me ho afi ho? Meguan sɛnea Yosef guanee no, anaa megyaagyaa me ho sɛnea Dawid yɛe no?’ (Gen. 39:11-15) Sɛ yedwinnwen ɔhaw ne amanehunu a bɔne de ba ho a, yebetumi ahyɛ yɛn koma den na ‘yɛakyi bɔne.’

8, 9. (a) Dɛn na yɛn ahonim boa yɛn ma yɛyɛ? (b) Sɛn na Yehowa nnyinasosɛm boa yɛn ma yɛde yɛn ahonim yɛ adwuma?

8 Ebia yɛbɛtwe yɛn ho koraa afi nneyɛe a Onyankopɔn kyi ho. Nanso, nneɛma bi anaa tebea ahorow bi wɔ hɔ a Kyerɛwnsɛm no nhyɛɛ ho mmara pɔtee biara. Yɛbɛyɛ dɛn ahu nea Onyankopɔn pɛ na ɛsɔ n’ani wɔ tebea ahorow a ɛte saa mu? Ɛha na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ahonim a yɛde Bible atete no no yɛ adwuma.

9 Esiane sɛ Yehowa dɔ yɛn nti, wama yɛn nnyinasosɛm a ebetumi aboa yɛn ama yɛde yɛn ahonim a yɛde Bible atete no no ayɛ adwuma yiye. Yehowa ankasa ka sɛ: “Me Yehowa, mene wo Nyankopɔn, nea ɔkyerɛ wo ade a eye ma wo, nea ogya wo fa ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so no so.” (Yes. 48:17, 18) Sɛ yedwinnwen Bible nnyinasosɛm ho yiye, na yɛma ɛka yɛn adwene ne yɛn koma a, yebetumi ateɛteɛ yɛn ahonim, akyerɛ no kwan, na yɛanwen no yiye. Wei bɛboa yɛn ama yɛatumi asisi gyinae pa.

MA ONYANKOPƆN NNYINASOSƐM NKYERƐ WO KWAN

10. Dɛn ne nnyinasosɛm, na sɛn na Yesu de dii dwuma yiye?

10 Nnyinasosɛm yɛ nokwasɛm titiriw a ɛboa yɛn ma yesusuw nneɛma ho, na ɛboa yɛn ma yetumi sisi gyinae pa. Sɛ yenim Yehowa nnyinasosɛm a, ɛboa yɛn ma yehu ne nsusuwii ne nea enti a ɔhyehyɛɛ mmara bi maa yɛn. Ɔsom adwuma a Yesu yɛe nyinaa mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ nokwasɛm atitiriw a ɛbɛboa n’asuafo ama wɔahu sɛ suban anaa nneyɛe bi a wɔbɛda no adi wɔ ne nsunsuanso. Sɛ nhwɛso no, ɔkyerɛkyerɛe sɛ, abufuw betumi ama obi ayɛ basabasa, na akɔnnɔ bɔne betumi ama obi asɛe aware. (Mat. 5:21, 22, 27, 28) Sɛ yɛma Onyankopɔn nnyinasosɛm kyerɛ yɛn kwan a, yebetumi anya ahonim a yɛatete no yiye, na yebesisi gyinae a ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam.—1 Kor. 10:31.

Kristoni a ne ho akokwaw susuw afoforo ahonim ho (Hwɛ nkyekyɛm 11, 12)

11. Adɛn nti na etumi ba sɛ yɛn nyinaa ahonim nyɛ adwuma pɛ?

11 Sɛ Kristofo mmienu a wɔde Bible atete wɔn ahonim resi gyinae wɔ nneɛma bi ho a, ebetumi aba sɛ wɔn mmienu nyinaa rensi gyinae baako. Yɛmfa asanom nyɛ nhwɛso. Bible nkasa ntia nsã kakra a obi bɛnom. Nanso, ɛbɔ kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛnom nsa bebree anaa yɛbow nsã. (Mmeb. 20:1; 1 Tim. 3:8) Wei kyerɛ sɛ, sɛ Kristoni annom nsã bebree a, ɛnde biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ osusuw ho anaa? Dabi, biribi wɔ hɔ. Sɛ Kristoni ahonim ma no kwan sɛ otumi nom nsã mpo a, ehia sɛ osusuw afoforo ahonim ho.

12. Sɛn na asɛm a ɛwɔ Romafo 14:21 no betumi aboa yɛn ama yɛasusuw afoforo ahonim ho?

12 Paulo ama yɛahu sɛ ehia sɛ Kristofo susuw afoforo ahonim ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Eye sɛ wunni nam, anaasɛ wonnom nsa anaasɛ wonyɛ biribiara a ɛbɛto wo nua hintidua.” (Rom. 14:21) Sɛ wuhu sɛ, sɛ woyɛ nneɛma bi a wowɔ hokwan sɛ woyɛ na ebetumi ato onua bi a ɛsono n’ahonim hintidua a, wo koma bɛka wo ama woagyae anaa? Akyinnye biara nni ho sɛ wubegyae. Yɛn nuanom binom wɔ hɔ a, ansa na wɔrehu nokware no, na wɔwe nsã. Nanso, seesei wɔasi gyinae sɛ wɔrennom nsã bio. Yɛn mu biara nni hɔ a n’ani begye ho sɛ ɔbɛyɛ biribi ama apiapia onua bi ama wasan akɔyɛ biribi a ebedi no awu! (1 Kor. 6:9, 10) Enti, sɛ onua bi a wabɛsra yɛn ka sɛ ɔrennom nsã a, ɛrenkyerɛ ɔdɔ sɛ yebepiapia no ama wanom.

13. Dɛn na Timoteo yɛe a ɛboaa afoforo ma wotiee asɛmpa no?

13 Bere a aberante Timoteo nnya nnii mfe 20 anaa odii mfe 20 ne kakra no, nea ɛbɛyɛ na ɔrento Yudafo a na ɔrekɔka asɛmpa no akyerɛ wɔn hintidua nti, ɔpenee so ma wotwaa no twetia ɛmfa ho sɛ na ɛyɛ yaw. Ná Timoteo suban te sɛ ɔsomafo Paulo. (Aso. 16:3; 1 Kor. 9:19-23) Sɛnea Timoteo yɛe no, wo nso wopɛ sɛ wode nneɛma bi bɔ afɔre na ɛboa afoforo anaa?

‘PERE KƆ AHOKOKWAW MU’

14, 15. (a) Dɛn na ehia sɛ obi yɛ na ama ne ho ahokokwaw? (b) Kristoni a ne ho akokwaw ne afoforo di no sɛn?

14 Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa ‘gyaw Kristo ho mfitiasesɛm no,’ na ‘wɔpere kɔ ahokokwaw mu.’ (Heb. 6:1) Wei mma kwa. Ehia sɛ ‘yɛpere kɔ,’ anaa yɛkɔ so yɛ ho adwuma. Sɛ yɛn ho bɛkokwaw a, ehia sɛ yɛkɔ so nya nimdeɛ ne nhumu pii. Ɛno nti na wɔahyɛ yɛn nkuran mpɛn pii sɛ yɛnkenkan Bible no fã bi da biara da. (Dw. 1:1-3) Wode ayɛ wo botae sɛ wobɛyɛ saa anaa? Wokenkan Bible daa a, ebetumi ama woahu Yehowa mmara ne ne nnyinasosɛm yiye, na woate Onyankopɔn Asɛm no ase pa ara.

15 Kristofo mmara titiriw pa ara ne ɔdɔ. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.” (Yoh. 13:35) Yesu nua Yakobo ka sɛ ɔdɔ yɛ “mmara titiriw.” (Yak. 2:8) Paulo kaa sɛ: “Ɔdɔ ne mmara no awiei.” (Rom. 13:10) Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔasi ɔdɔ so dua saa, efisɛ Bible ka sɛ “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yoh. 4:8) Onyankopɔn fam no, ɔdɔ nyɛ atenka bi kɛkɛ; ɔde ne nneyɛe kyerɛ ne dɔ. Yohane kyerɛwee sɛ: “Eyi mu na woyii Onyankopɔn dɔ adi wɔ yɛn ho, efisɛ Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa ne so nnya nkwa.” (1 Yoh. 4:9) Nokwasɛm ne sɛ, ɔdɔ na ɛmaa Onyankopɔn yɛɛ biribiara a ɔyɛe. Sɛ yɛda ɔdɔ adi kyerɛ Yehowa ne Yesu, yɛn nuanom Kristofo, ne nnipa nyinaa a, yɛda no adi sɛ yɛyɛ Kristofo a yɛn ho akokwaw.​—Mat. 22:37-39.

Sɛ yɛde Onyankopɔn nnyinasosɛm susuw nneɛma ho a, yɛn ahonim tumi kyerɛ yɛn kwan yiye (Hwɛ nkyekyɛm 16)

16. Sɛ yenya nkɔso bɛyɛ Kristofo a yɛn ho akokwaw a, yebehu sɛ nnyinasosɛm ho hia pa ara. Adɛn ntia?

16 Sɛ wunya nkɔso bɛyɛ Kristoni a wo ho akokwaw a, wubehu sɛ nnyinasosɛm ho hia pa ara. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, mmara de, ɛfa tebea pɔtee bi ho, nanso nnyinasosɛm de, yebetumi de ayɛ adwuma wɔ nneɛma pii mu. Nhwɛso bi ni. Abofra kumaa nnim asiane a ɛwɔ fekubɔne mu, enti awofo a wɔn ani da fam bɛhyehyɛ mmara de abɔ ne ho ban. (1 Kor. 15:33) Nanso bere a abofra no renyin no, otumi susuw nneɛma ho yiye, na ɛma ohu sɛnea ɔde Bible nnyinasosɛm bɛyɛ adwuma. Wei boa no ma otumi fa nnamfo pa. (Kenkan 1 Korintofo 13:11; 14:20.) Sɛ yɛde Onyankopɔn nnyinasosɛm susuw nneɛma ho a, yenya Onyankopɔn adwene, na yɛn ahonim tumi kyerɛ yɛn kwan yiye.

17. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ yɛwɔ nea ɛbɛma yɛatumi asisi gyinae pa?

17 Yemmisa sɛ, yɛwɔ biribiara a ɛbɛma yɛatumi asisi gyinae a ɛsɔ Yehowa ani anaa? Yiw, yɛwɔ bi. Sɛ yɛde mmara ne nnyinasosɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu di dwuma yiye a, ɛbɛma ‘yɛafata koraa a wɔasiesie yɛn yiye ama adwuma pa biara.’ (2 Tim. 3:16, 17) Enti, hwehwɛ nnyinasosɛm a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu na ama ‘woahu Yehowa apɛde.’ (Efe. 5:17) Fa nneɛma a yɛde sua ade a wɔnam Kristofo asafo no so de ama yɛn no di dwuma yiye. Ebi ne Watch Tower Publications Index, Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu, Watchtower Library, Watchtower ONLINE LIBRARY, ne JW Library app. Wɔayɛ saa nneɛma yi na aboa yɛn ama yɛanya yɛn ankasa adesua ne abusua adesua so mfaso pa ara.

YƐDE BIBLE TETE YƐN AHONIM A, YENYA NHYIRA

18. Sɛ yɛde Yehowa mmara ne ne nnyinasosɛm yɛ adwuma a, nhyira bɛn na yenya?

18 Sɛ yɛde Yehowa mmara ne ne nnyinasosɛm yɛ adwuma a, yenya nhyira. Saa na Dwom 119:97-100 ka. Ɛka sɛ: “Hwɛ sɛnea medɔ wo mmara! Ɛno na midwen ho da mu nyinaa. Wo mmara nsɛm ama mahu nyansa asen m’atamfo, efisɛ ɛyɛ me dea daa. Manya nhumu asen m’akyerɛkyerɛfo nyinaa, efisɛ wo nkaesɛm na midwen ho. Ntease a ɛboro mpanyimfo de so na mede yɛ m’ade, efisɛ w’ahyɛde so na madi.” Sɛ yegye bere ‘dwinnwen’ Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm ho a, yebetumi anya nyansa, nhumu, ne ntease pii de abɔ yɛn bra. Sɛ yɛyere yɛn ho de Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm tete yɛn ahonim a, yebetumi adu “sɛnea Kristo a ɔne susude a ɛyɛ pɛ no te” ho.​—Efe. 4:13.