Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Manya Awerɛkyekye Wɔ Me Dadwen Nyinaa Mu

Manya Awerɛkyekye Wɔ Me Dadwen Nyinaa Mu

Sukkur yɛ tete kurow a ɛwɔ ɔman a seesei yɛfrɛ no Pakistan mu. Kurow no da Indus Asubɔnten no agya wɔ atɔe fam. Ɛhɔ na wɔwoo me November 9, 1929. Saa bere no, ɔsɛmpatrɛwfo bi a ofi England de nhoma bi a ne nnuraho fɛfɛɛfɛ maa m’awofo. Saa Bible ho nhoma yi ka ho bi na mebɛyɛɛ Yehowa Dansefo.

NÁ WƆFRƐ saa nhoma no nyankontɔn nhoma. Bere a mitumi kenkanee no, m’ani gyee mfoni a ɛwom no ho pa ara. Ɛno nti, efi me mmofraase pɛɛ no, na mepɛ sɛ minya Bible mu nimdeɛ te sɛ nea ɛwɔ saa nhoma soronko no mu no.

Bere a Wiase Ko II rebobɔ ba India no, nneɛma fii ase yɛɛ basaa wɔ m’asetena mu. M’awofo tetew mu, na afei wogyaee aware. Ná minhu nea enti a nnipa mmienu a medɔ wɔn bɛtetew mu. Meyɛɛ basaa, na metee nka sɛ wɔapo me. Ná m’awofo di me bakoro, na awerɛkyekye ne mmoa a na mihia pa ara saa bere no nso, mannya.

Saa bere no, na me ne me maame te Karachi; ɛyɛ ɔmantam no ahenkurow. Da koro, Yehowa Dansefo bi a n’ani afi a ne din de Fred Hardaker baa yɛn fie. Ná ɔyɛ dɔkota. Ná ɔne ɔsɛmpatrɛwfo a ɔmaa yɛn abusua saa nhoma no wɔ ɔsom baako mu. Ɔkaa sɛ ɔpɛ sɛ ɔne me maame sua Bible. Maame ampene, nanso ɔkaa sɛ ebia me mmom m’ani begye ho. Nnawɔtwe a edi hɔ pɛɛ na me ne Onua Hardaker fii ase suaa ade.

Nnawɔtwe kakra akyi no, mifii ase kɔɔ Kristofo nhyiam a na wɔyɛ wɔ Onua Hardaker ayaresabea hɔ. Adansefo a wɔn ani afi bɛyɛ 12 na na wohyiam som wɔ hɔ. Wɔkyekyee me werɛ, na wɔhwɛɛ me sɛ wɔn babarima. Sɛ mekae sɛnea na wɔtena me nkyɛn, wɔkotow hwɛ m’anim, na wɔne me bɔ nkɔmmɔ sɛ adamfo pa no a, ɛma m’ani gye. Wei pa ara na na mihia saa bere no.

Ankyɛ koraa na Onua Hardaker kaa sɛ me ne no nkɔ asɛnka. Ɔkyerɛɛ me sɛnea yɛbɔ gramafon na ama yɛatumi abɔ apaawa a Bible mu ɔkasa ntiantiaa wɔ so. Ná ɔkasa no bi mu nsɛm yɛ penpen, enti afiewuranom bi ani annye ho. Nanso sɛ midi nkurɔfo adanse a, na m’ani gye pa ara. Ná mede nsi ne ahokeka na esua nokware a ɛwɔ Bible mu, na na m’ani gye sɛ mɛka akyerɛ nkurɔfo.

Bere a Japan asraafo rebɛtow ahyɛ India so no, Britain atumfoɔ no de nhyɛso a emu yɛ den baa Yehowa Adansefo so. Awiei koraa, July 1943 no, saa nhyɛso no kaa me. Ɔpanyin a ɔhwɛ yɛn sukuu so a na ɔyɛ Anglikan sɔfo no yii me adi sɛ me “suban nye.” Ɔka kyerɛɛ me maame sɛ, mede me ho abɔ Yehowa Adansefo, na ɛyɛ nhwɛso bɔne ma sukuufo a aka no. Ehu kaa me maame, na ɔkaa sɛ mma me ne Adansefo no mmɔ bio. Akyiri yi, ɔde me kɔmaa me papa wɔ Peshawar; ɛyɛ kurow a ɛwɔ ɔman no atifi fam. Efi Karachi rekɔ hɔ bɛyɛ akwansin 850 (kilomita 1,370). Esiane sɛ na mintumi nsua Yehowa ho ade, na minnya anuanom a me ne wɔn bɛbɔ wɔ hɔ nti, me ne Yehowa ntam yɛɛ basaa.

ME NE YEHOWA NTAM SAN YƐƐ KAMA

Afe 1947 no, mesan kɔɔ Karachi kɔpɛɛ adwuma. Mewɔ hɔ no, mekɔɔ Dɔkota Hardaker ayaresabea hɔ. Dɔkota Hardaker gyee me fɛw so.

Ná Dɔkota Hardaker adwene yɛ no sɛ meyare nti na maba hɔ. Enti obisaa me sɛ: “Seesei, dɛn na ɛreyɛ wo?”

Meka kyerɛɛ no sɛ: “Dɔkota, honam mu de, mete apɔw, na mmom meyare honhom fam. Mihia obi a ɔne me besua Bible.”

Obisaa me sɛ: “Bere bɛn na wopɛ sɛ yefi ase?”

Mekaa sɛ, “Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yemfi ase seesei ara.”

Saa anwummere no, yesuaa Bible ma yɛn ani gyei. Metee nka sɛ masan aba Yehowa nkurɔfo mu. Me maame yɛe araa sɛ ɔremma me ne Adansefo no mmɔ, nanso saa bere yi de na mayɛ m’adwene sɛ meso nokware no mu den. August 31, 1947 no, mebɔɔ asu de kyerɛe sɛ mahyira me ho so ama Yehowa. Ankyɛ na mifii akwampae adwuma ase bere a na madi mfe 17.

AKWAMPAE ADWUMA MAA M’ANI GYEI

Midii kan kɔyɛɛ akwampae adwuma wɔ Quetta, na na Britain asraafo asoɛe ketewa bi wɔ hɔ. Afe 1947 no, wɔkyɛɛ India man no mu mmienu ma ɛbɛyɛɛ India ne Pakistan. * Wei maa ɔsom ahorow twaa wɔn ho koe. Ɛmaa nnipadɔm tu fii wɔn man mu kɔɔ aman foforo so. Nnipadɔm a wɔatu akɔtena mmeae ahorow wɔ abakɔsɛm mu no, wei yɛ emu kɛse pa ara baako. Atubrafo bɛyɛ ɔpepem 14 na wɔbɔ hwetee. Nkramofo a wɔwɔ India no kɔtenaa Pakistan, na Hindufo ne Sikhfo a wɔwɔ Pakistan nso kɔtenaa India. Bere a saa basabasayɛ yi rekɔ so no, meforoo keteke a nnipa akyere so wom wɔ Karachi kɔɔ Quetta. Dade bi a ɛwɔ keteke no ho na misoo mu twaa kwan no fã kɛse no ara; na ɛyɛ hu yiye.

Mekɔɔ ɔmansin nhyiam wɔ India, afe 1948

Mihyiaa George Singh wɔ Quetta. Ná ɔyɛ ɔkwampaefo titiriw a wadi bɛyɛ mfe 25. George maa me sakre dedaw bi a na mitumi tena so (anaa mipia) wɔ asasesin a ɛyɛ mmepɔwmmepɔw so. Mpɛn pii no, na me nko ara na mekɔ asɛnka. Abosome nsia ntam no, na manya Bible adesua 17; wɔn mu bi baa nokware no mu. Wɔn mu baako ne Sadiq Masih. Ná ɔyɛ ɔsraani, na ɔboaa me ne George ma yɛkyerɛɛ Bible ho nhoma ase kɔɔ Urdu kasa mu. Urdu yɛ kasa titiriw a wɔka wɔ Pakistan. Bere bi akyi no, Sadiq bɛyɛɛ ɔdawurubɔfo a ɔde nsi ne ahokeka ka asɛmpa no.

Mede po so hyɛn Queen Elizabeth rekɔ Gilead Sukuu

Akyiri yi, mesan kɔɔ Karachi ne Henry Finch ne Harry Forrest kɔyɛɛ asɛnka adwuma. Ná wɔyɛ asɛmpatrɛwfo a wofi Gilead Sukuu aba foforo. Teokrase ntetee a wɔde maa me no boaa me pa ara! Bere bi, me ne Onua Finch tuu kwan kɔɔ Pakistan atifi fam kɔyɛɛ asɛnka adwuma. Yehuu nnipa pii a wɔbrɛ wɔn ho ase a wɔka Urdu kasa wɔ nkuraase bi a egu mmepɔw atenten bi ase. Ná wɔpɛ sɛ wohu nokware a ɛwɔ Bible mu. Mfe mmienu akyi no, me nso mitumi kɔɔ Gilead Sukuu; mesan baa Pakistan, na ɛtɔ da a na mekɔsom sɛ ɔmansin sohwɛfo. Ná me ne anuanom mmarima mmiɛnsa a wɔyɛ asɛmpatrɛwfo te asɛmpatrɛwfo fie wɔ Lahore.

MINYAA AHOTƆ WƆ ƆHAW A ƐTOO ME HO

Awerɛhosɛm ne sɛ, afe 1954 no, wontwiwontwi bi sɔree asɛmpatrɛwfo a na wɔwɔ Lahore no ntam, na ɛmaa baa dwumadibea no sesaa wɔn dwumadi. Esiane sɛ midii mfomso kogyinaa ɔfã bi akyi wɔ akasakasa no mu nti, wɔmaa me nteɛso a emu yɛ den. Ɛhaw me pa ara; ɛyɛɛ me sɛ mahwe ase wɔ Yehowa som mu. Mesan kɔɔ Karachi, na ɛno akyi no mekɔɔ London, England, sɛ meresan akofi ase asom Yehowa.

Ná London Betel abusua no mufo pii wɔ asafo a na mewom wɔ London no mu. Pryce Hughes na na ɔyɛ Britain baa dwumadibea somfo. Ná ne yam ye, na ɔtɔɔ ne bo ase tetee me. Da bi, ɔka kyerɛɛ me sɛ Joseph F. Rutherford a na ɔhwɛ wiase nyinaa asɛnka adwuma no so no maa no afotu a emu yɛ den. Bere a Onua Hughes yɛe sɛ obebu ne ho bem no, Onua Rutherford kaa n’anim denneennen. Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ mihui sɛ bere a Onua Hughes reka asɛm no na ɔreserew. Ɔkaa sɛ, mfiase no, asɛm no haw no pa ara. Nanso akyiri yi, ohui sɛ na ohia afotu a emu yɛ den saa, na ɔfaa no sɛ Yehowa na ɔreda ɔdɔ adi akyerɛ no. (Heb. 12:6) N’asɛm no kaa me koma pa ara, na ɛboaa me ma mede anigye som Yehowa bio.

Saa bere no mu hɔ baabi na me maame tu baa London, na ɔmaa John E. Barr ne no suaa Bible. Akyiri yi, Onua Barr bɛyɛɛ akwankyerɛ kuw no muni. Me maame nyaa nkɔso wɔ Yehowa som mu, na ɔbɔɔ asu afe 1957. Akyiri yi, metee sɛ ansa na me papa rewu no, ɔno nso ne Yehowa Adansefo suaa ade.

Afe 1958 no, mewaree Lene. Ɔyɛ onuawa bi a ofi Denmark a na wabɛtena London. Afe a edi hɔ no, yɛwoo yɛn babea Jane. Yɛn mma nnum no, ɔno na ɔyɛ panyin. Minyaa ɔsom hokwan ahorow nso wɔ Fulham Asafo no mu. Nanso bere bi akyi no, esiane sɛ na Lene taa yareyare nti, ɛho behiae sɛ yetu kɔ baabi a ewim yɛ hyew. Enti afe 1967 no, yetu kɔɔ Adelaide, Australia.

AWERƐHOSƐM BI BUBUU YƐN

Ná Kristofo a wɔasra wɔn 12 a wɔn mfe akɔ anim wɔ Adelaide asafo a na yɛwom no mu. Wɔde nsi ne ahokeka dii asɛnka adwuma no anim. Ankyɛ koraa na yɛde yɛn ho hyɛɛ ɔsom adwuma no afã nyinaa mu.

Afe 1979 no, me ne Lene ani gyei sɛ yɛwoo yɛn ba a ɔto so nnum, Daniel. Yare bi a wɔfrɛ no Down syndrome * (yare bi a ɛma abofra nyin tɔ sin) bɔɔ no, na dɔkotafo kaa sɛ ɔrentena ase nkyɛ. Ɛde besi nnɛ mpo, ɛyɛ den ma me sɛ mɛkyerɛkyerɛ ɛyaw a yedii saa bere no mu. Yɛyɛɛ nea yebetumi biara hwɛɛ no, na yɛammu yɛn ani angu yɛn mma nnan a wɔaka no so. Esiane sɛ na ntokuru mmienu wɔ Daniel koma mu nti, na ɛmma onnya mframa pa pii wɔ ne nipadua mu. Ɛba saa a, na ne honam ani ayɛ bruu, enti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm de no kɔ ayaresabea. Ɛwom sɛ na Daniel taa yareyare de, nanso na n’adwene mu abue pa ara, na na ɔpɛ nnipa. Afei nso, na ɔdɔ Yehowa pa ara. Sɛ yɛn abusua no rebedidi na yɛrebɔ mpae a, na ɔde ne nsayam to ne nsayam. Ɛyɛ a ɔbɔ ne ti nko, na wagye so kɛse sɛ “Amen!” Gye sɛ ɔyɛ saa ansa na wadidi.

Bere a Daniel dii mfe nnan no, mogya mu kokoram bɔɔ no. Ná me ne Lene brɛ, na na yɛn werɛ how. Metee nka sɛ mereyɛ abubu. Nanso, bere a na yegye yɛn ho a ennye no, yɛn mansin sohwɛfo Neville Bromwich baa yɛn fie. Saa anadwo no, ɔde ne nsa too yɛn kɔn mu, na bere a ɔreyɛ saa nyinaa na ɔretew nusu. Yɛn nyinaa sui. Ayamhyehye a ɔdaa no adi, ne ne nsɛm a ɛka koma no kyekyee yɛn werɛ pa ara. Ofii yɛn nkyɛn no, na abɔ bɛyɛ ahemadakye dɔnkoro. Ɛno akyi no, ankyɛ na Daniel wui. Ne wu no ne asɛm a ɛyɛ yaw sen biara a ato yɛn pɛn wɔ yɛn asetena mu. Nanso, yetumi kyekyee yɛn ho werɛ, na yenyaa ahotoso sɛ biribiara ntumi ntetew Daniel mfi Yehowa dɔ ho; owu mpo ntumi nyɛ saa. (Rom. 8:38, 39) Yɛn ani agyina pa ara sɛ yebehu Daniel, bere a Yehowa anyan no aba wiase foforo mu no!​—Yoh. 5:28, 29.

MEBOAA AFOFORO MA M’ANI GYEI

Yare a ɛma obi fã dwudwo abɔ me mprenu, nanso ɛnnɛ, meda so ara som sɛ asafo mu panyin. Nea mafa mu nti, ama minya tema ne ayamhyehye ma afoforo, titiriw wɔn a wɔrefa ɔhaw mu. Mebɔ mmɔden sɛ meremmu nkurɔfo fɔ. Mmom, ɛyɛ a mibisa me ho sɛ: ‘Nea wɔafa mu wɔ asetena mu na aka wɔn nsusuwii ne wɔn nneyɛe anaa? Mɛyɛ dɛn ama wɔahu sɛ midwen wɔn ho? Mɛyɛ dɛn aboa wɔn ama wɔayɛ nea Yehowa pɛ?’ M’ani gye ho pa ara sɛ me ne mpanyimfo foforo bɛkɔ akɔsra anuanom a wɔwɔ asafo no mu! Nokwasɛm ne sɛ, sɛ meka Bible mu asɛm de kyekye afoforo werɛ ma wɔn bo tɔ wɔn yam a, mihu sɛ m’ankasa nso manya awerɛkyekye, na me bo atɔ me yam.

Meda so ara ne mpanyimfo foforo kɔsra anuanom ma me bo tɔ me yam

Mete nka sɛ odwontofo no. Ɔkaa sɛ: “Sɛ me mu dadwen yɛ bebree a, [Yehowa awerɛkyekye] na ɛma me kra ani gye.” (Dw. 94:19) Yehowa akurakura me wɔ nsɛnnennen a mahyia wɔ abusua mu, ɔsɔretia a ɔsom nti mahyia, nneɛma a ankɔ yiye wɔ m’asetena mu, ne adwinnwen nyinaa mu. Mɛka pa ara a, Yehowa ahwɛ me sɛ Agya ankasa!

^ nky. 19 Mfiase no, na Pakistan yɛ West Pakistan (seesei wɔfrɛ hɔ Pakistan) ne East Pakistan (seesei wɔfrɛ hɔ Bangladesh).

^ nky. 29 Hwɛ asɛm bi a epuee June 2011, Nyan! Borɔfo de mu. Wɔtoo din “Raising a Child With Down Syndrome​—The Challenge and the Reward” (Sɛnea Wobɛtete Wo Ba a Ɔyare Down Syndrome​—Emu Haw Ne Nhyira).