Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Momma Mo Kanea Nhyerɛn” Na Ɛnhyɛ Yehowa Anuonyam

“Momma Mo Kanea Nhyerɛn” Na Ɛnhyɛ Yehowa Anuonyam

‘Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahyɛ mo Agya anuonyam.’​—MAT. 5:16.

NNWOM: 77, 59

1. Dɛn pa ara na ɛma yɛn ani gye?

SƐ YƐTE sɛ Yehowa nkurɔfo renya nkɔso a, yɛn ani gye pa ara! Afe a etwaam no, yɛyɛɛ Bible adesua bɛboro 10,000,000. Wei ma yehu pa ara sɛ Onyankopɔn asomfo rema wɔn kanea ahyerɛn! Nnipa ɔpepem pii nso baa Nkaedi no. Ɛno nti, wɔtee ɔdɔ a Onyankopɔn daa no adi bere a ɔde agyede no mae no ho asɛm.​—1 Yoh. 4:9.

2, 3. (a) Dɛn na ensiw yɛn kwan sɛ ‘yɛbɛhyerɛn sɛ akanea’? (b) Asɛm a Yesu kaa wɔ Mateo 5:14-16 no nti, dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa ka kasa ahorow pii. Nanso, wei nsiw yɛn kwan sɛ yɛbɛbom ayi yɛn Agya Yehowa ayɛ. (Adi. 7:9) Ɛmfa ho kasa a yɛka anaa baabi a yɛte biara no, yebetumi ‘ahyerɛn sɛ akanea wɔ wiase.’​—Filip. 2:15.

3 Nkɔso a yenya, baakoyɛ a ɛwɔ yɛn mu, ne mmɔden a yɛrebɔ sɛ yɛbɛwɛn no nyinaa boa ma yɛhyɛ Yehowa anuonyam. Adesua yi mu no, yebehu sɛnea yɛbɛma yɛn kanea ahyerɛn.​—Kenkan Mateo 5:14-16.

BOA AFOFORO MA WƆMMƐSOM YEHOWA

4, 5. (a) Asɛnka adwuma a yɛyɛ akyi no, dɛn bio na yebetumi ayɛ ama yɛn kanea ahyerɛn? (b) Sɛ yɛtew yɛn anim a, adepa bɛn na ebetumi de aba? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

4 June 1, 1925 Ɔwɛn-Aban mu no, asɛm bi a ɛne sɛ “Light in the Darkness” (Hann Ahyerɛn Wɔ Esum Mu) puee wom. Ɛkaa sɛ: “Obiara nni hɔ a obetumi adi nokware ama Awurade wɔ nna a aka yi mu . . . gye sɛ hokwan biara a obenya no, ɔma ne kanea hyerɛn.” Afei ɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ni. Ɛsɛ sɛ ɔka asɛmpa no kyerɛ nnipa a wɔwɔ asase so, na ɔde hann no bɔ ne bra.” Ɛda adi pefee sɛ, ɔkwan baako a yɛbɛfa so ama yɛn kanea ahyerɛn ne sɛ yɛbɛka asɛmpa no na yɛayɛ asuafo. (Mat. 28:19, 20) Bio nso, yɛbɔ yɛn bra sɛ Kristofo a, yɛhyɛ Yehowa anuonyam. Afiewuranom ne nkurɔfo a wɔnam mmɔnten so hwɛ yɛn nneyɛe. Sɛ yɛtew yɛn anim serew kyerɛ nkurɔfo na yekyia wɔn nidi mu a, ɛma wohu yɛn nipaban ne Onyankopɔn a yɛsom no.

5 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Sɛ morehyɛn ofie bi mu a munkyia ofie no mufo.” (Mat. 10:12) Baabi a na Yesu ne n’asuafo taa ka asɛm no, na ɛyɛ ɛhɔfo no amammerɛ sɛ wobegye ahɔho akɔ wɔn fie. Ɛnnɛ, ɛnyɛ saa na ɛte wɔ mmeae pii. Nanso, sɛ wotew w’anim serew, na wokyerɛ nea enti a woaba hɔ a, nea ɛtaa ba ne sɛ, ɛma ofiewura no koma tɔ ne yam. Mpɛn pii no, sɛ wopɛ sɛ wo ne obi bɔ nkɔmmɔ a, ɛyɛ papa pa ara sɛ wubedi kan aserew. Yɛahyɛ no nsow nso sɛ, sɛ anuanom hyehyɛ nhoma wɔ trɔk so de yɛ baguam adansedi na wɔserew a, ɛboa pa ara. Woreyɛ baguam adansedi, na wode serew kyia nkurɔfo kama a, mpɛn pii no, wubehu sɛ ɛma wɔn koma tɔ wɔn yam. Ebetumi ahyɛ wɔn nkuran ama wɔaba yɛn nkyɛn na wɔabeyi yɛn nhoma no bi. Wotew w’anim a, ɛno nso betumi aboa ma wo ne obi afi ase abɔ nkɔmmɔ.

6. Dɛn na ɛmaa awarefo bi a wɔn mfe akɔ anim tumi kɔɔ so yɛɛ asɛnka adwuma no?

6 Yare nti, awarefo bi a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ England ntumi nyɛ afie afie asɛnka sɛnea na anka wɔyɛ no. Wɔyɛe sɛ wɔbɛma wɔn kanea ahyerɛn wɔ wɔn fie anim pɛɛ. Ná sukuu bi bɛn hɔ, enti sɛ edu bere a awofo rebɛfa wɔn mma a, na awarefo no hyehyɛ Bible ho nhoma wɔ pon bi so. Awofo no pii a wɔrepɛ biribi ahu agye Questions Young People Ask​—Answers That Work, Po 1 ne 2, ne nhomawa pii. Onuawa bi a ɔyɛ ɔkwampaefo wɔ wɔn asafo mu bɛkaa wɔn ho ma wɔfaa saa kwan yi so dii adanse. Sɛnea ɔkwampaefo no tew n’anim serew, na awarefo no nso ayi wɔn yam pɛ sɛ wɔboa afoforo nti, awofo no baako penee so sɛ wɔne no nsua Bible.

7. Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa nkurɔfo a wɔabɛtena wo mpɔtam foforo?

7 Nnansa yi, nkurɔfo pii aguan afi wɔn man mu akɔ aman pii so akɔyɛ atubrafo. Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa nnipa a wɔte saa ama wɔabehu Yehowa ne n’atirimpɔw? Nea edi kan, nkurɔfo a wɔabɛtena wo mpɔtam foforo no, wubetumi asua sɛnea wokyia wɔ wɔn kurom kasa mu. JW Language app no betumi aboa wo ama woayɛ saa. Bio nso, wubetumi asua nsɛm kakra a ebetumi ama wɔn ani agye asɛm a woreka no ho. Afei, wubetumi atwe wɔn adwene akɔ jw.org na woakyerɛ wɔn video ne nhoma ahorow a ɛwɔ wɔn kasa mu.​—Deut. 10:19.

8, 9. (a) Asafo nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe no mu no boa yɛn sɛn? (b) Dɛn na awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma ama wɔama mmuae wɔ asafo nhyiam ase?

8 Yehowa dɔ yɛn, enti wama yɛn Abrabɔ ne Asɛnka Adesua no sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayɛ asɛnka adwuma no yiye. Nkyerɛkyerɛ a yenya wɔ saa nhyiam yi ase no boa yɛn mu pii ma yenya ahotoso kɛse de yɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua.

9 Ahɔho a wɔba yɛn nhyiam ahorow no pii ahu sɛ yɛn mma ma mmuae. Awofo, mommoa mo mma ma wonhu sɛnea wɔde wɔn ankasa nsɛm bɛma mmuae, na ama wɔn kanea ahyerɛn. Ɛtɔ da a, mmuae ntiantiaa a mmofra fi wɔn komam ma kanyan wɔn a wɔakyerɛ asɛm no ho anigye foforo ma wohu sɛ nokware no ni.​—1 Kor. 14:25.

BOA MA BAAKOYƐ NTENA MO MU

10. Sɛn na abusua som betumi aboa ama baakoyɛ atena yɛn abusua mu?

10 Ade foforo a wubetumi ayɛ ama wo kanea ahyerɛn ne sɛ wobɛboa ama baakoyɛ atena w’abusua ne w’asafo mu. Ɔkwan baako a awofo betumi afa so ayɛ wei ne sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe ayɛ Abusua Som daa. Mmusua pii hwɛ JW Broadcasting nso wɔ bosome no mu. Sɛ mohwɛ dwumadi no wie a, mubetumi agye bere asusuw sɛnea mode nsɛntitiriw a ɛwom no bɛyɛ adwuma ho. Sɛ ɔwofo rehwɛ abusua som so a, ɛsɛ sɛ ohu sɛ, akwankyerɛ a abofra kumaa behia no, ɛnyɛ ɛno ara na ɔbabun nso behia. Enti ma abusua no muni biara nhu sɛnea ɔde nea moasua no bɛyɛ adwuma na ama watumi anya so mfaso.​—Dw. 148:12, 13.

Yenya bere ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim a, ɛhyɛ nkuran pa ara (Hwɛ nkyekyɛm 11)

11-13. Dɛn na yɛn nyinaa betumi ayɛ ama baakoyɛ atena asafo no mu na yɛaboa afoforo ama wɔn kanea ahyerɛn?

11 Dɛn na mmabun betumi ayɛ ama baakoyɛ atena asafo no mu na ahyɛ afoforo nkuran ama wɔn kanea ahyerɛn? Sɛ woyɛ Kristoni a woyɛ ɔbabun a, adɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ wobɛfa wɔn a wɔn mfe akɔ anim nnamfo? Wubetumi abisa wɔn nidi mu ama wɔaka osuahu bi a wɔanya wɔ mfe a wɔde asom Yehowa no mu akyerɛ wo. Woyɛ saa a, ɛbɛhyɛ wo den pa ara, na ɛbɛhyɛ wo ne wɔn nyinaa nkuran kɛse na moama nokware hann no ahyerɛn. Yɛn nyinaa nso betumi de ayɛ yɛn botae sɛ yebegye wɔn a wɔba nhyiam wɔ yɛn Ahenni Asa so no fɛw so. Woyɛ saa a, ɛbɛboa ama baakoyɛ atena yɛn mu, na ebetumi aka ahɔho no koma ama wɔn nso anya ɔpɛ sɛ wɔbɛma wɔn kanea ahyerɛn. Nea wubetumi ayɛ no bi ne sɛ wobɛserew akyia ahɔho no, na ebi mpo a woahwehwɛ baabi ama wɔn atena. Bɔ mmɔden fa ahɔho no kyia afoforo, na ɛbɛma wɔn ani aka.

12 Sɛ wunya hokwan hwɛ asɛnka nhyiam so a, wubetumi aboa wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ama wɔayɛ asɛnka adwuma no bi. Hwɛ ma wonnya asasesin a ɛnyɛ den sɛ wobetumi ayɛ mu adwuma. Ɛtɔ da a, wubetumi ama aberante anaa ababaa bi ne obi a ne mfe akɔ anim anantew wɔ asɛnka mu na waso no mu. Afei nso, wɔn a wɔyare ne wɔn a tebea bi nti wontumi nyɛ pii no, wubetumi ama wɔahu sɛ wote wɔn ase. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wode ntease ne nhumu yɛ adwuma a, ebetumi aboa mpanyin ne mmofra, wɔn a wɔn ho akokwaw ne wɔn a wɔn ho nkokwawee ma wɔde nsi ne ahokeka aka asɛmpa no.​—Lev. 19:32.

13 Odwontofo no de anigye kaa sɛ: “Hwɛ! Oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tena biakoyɛ mu!” (Kenkan Dwom 133:1, 2.) Esiane sɛ Israelfo no boom tenae nti, wonyaa wɔn a wɔne wɔn som Yehowa no suban pa so mfaso kɛse. Baakoyɛ a ɛwɔ wɔn mu no, na ɛte sɛ ɔsrango a ɛyɛ huam a ɛma obi ho dwo no. Adɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ wobɛda suban pa adi, na ɛmmoa mma baakoyɛ ntena anuanom mu? Sɛ woreyɛ saa a, ɛnde wofata nkamfo. Wubetumi ‘atrɛw wo komam,’ kyerɛ sɛ, wubetumi ayɛ pii aka ho na woayɛ saa bere nyinaa anaa?​—2 Kor. 6:11-13.

14. Dɛn na wubetumi ayɛ ama wo kanea ahyerɛn wɔ wo mpɔtam?

14 Dɛn na wobɛyɛ na woama nokware hann a ɛwɔ Bible mu no ahyerɛn kɛse wɔ wo mpɔtam? Wo kasa ne wo nneyɛe pa betumi atwetwe nnipa a wɔte wo mpɔtam no aba nokware no mu. Bisa wo ho sɛ: ‘Sɛn na nkurɔfo a wɔte me mpɔtam bu me? Midi me fie ni, na ɛma mpɔtam hɔ tew anaa? Miyi me yam boa afoforo?’ Sɛ wo ne Adansefo foforo rebɔ nkɔmmɔ a, adɛn na womma wɔnka sɛnea ayamye ne suban pa a wɔada no adi no aboa wɔn abusuafo, wɔn mpɔtamfo, wɔn a wɔne wɔn yɛ adwuma, anaa wɔn sukuufo? Akyinnye biara nni ho sɛ, wɔbɛka osuahu a ɛhyɛ nkuran akyerɛ wo.​—Efe. 5:9.

KƆ SO WƐN

15. Adɛn nti na ehia sɛ yɛkɔ so wɛn?

15 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn kanea kɔ so hyerɛn a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛnea yɛyɛ yɛn ade yiye. Yesu kɔɔ so tuu n’asuafo fo sɛ: “Monkɔ so nwɛn.” (Mat. 24:42; 25:13; 26:41) Sɛ yenya adwene sɛ “ahohiahia kɛse” no nnya mmae koraa, kyerɛ sɛ, ɛbɛba daakye na mmom ɛnyɛ yɛn bere yi so a, yɛremfa nsi ne ahokeka nyɛ asɛnka adwuma no. (Mat. 24:21) Ɛba saa a, sɛ́ anka yɛbɛhyerɛn pa ara wɔ mpɔtam a yɛte no, yɛn kanea ani bɛyɛ wusiwusi, na ebetumi adum mpo.

16, 17. Dɛn na wubetumi ayɛ na ama woakɔ so awɛn?

16 Mmere a yɛte mu yi, emu yɛ ara na ɛreyɛ den. Enti ehia sɛ yɛn nyinaa kɔ so wɛn. Yehowa bɛkeka ne ho wɔ bere a ɛsɛ mu. Ɔkwan biara so ɔbɛyɛ saa. (Mat. 24:42-44) Ɛno nti, nya abotare, na kɔ so wɛn. Kenkan Onyankopɔn Asɛm da biara da, na wɛn ma mpaebɔ. (1 Pet. 4:7) Anuanom a wɔakɔ so awɛn na wɔama wɔn kanea ahyerɛn wɔ wɔn asetenam no wɔ anigye; wubetumi asua biribi afi wɔn nhwɛso pa no mu. Ɛho nhwɛso baako ne osuahu bi a ɛbaa April 15, 2012, Ɔwɛn-Aban kratafa 18-21 mu no. N’asɛmti ne “Mede Mfe Aduɔson Aso Yudani Atade Mu.”

17 Yere wo ho som Yehowa. Yi wo yam boa afoforo, na nya bere ne wo nuanom mmɔ. Woyɛ saa a, ɛbɛma w’ani agye pa ara, na ɛbɛyɛ wo sɛ bere rekɔ ntɛmntɛm. (Efe. 5:16) Mfe ɔha a atwam no, yɛn nuanom de nsi ne ahokeka yɛɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Nanso Yehowa mmoa nti, ɛnnɛ yɛreyɛ pii sen bere biara. Sɛnea yɛama yɛn kanea rehyerɛn nnɛ no, yɛanna annwen ho saa da.

Sɛ asafo mu mpanyimfo bɛsra yɛn a, yenya hokwan hwehwɛ nyansa fi Onyankopɔn Asɛm mu (Hwɛ nkyekyɛm 18, 19)

18, 19. Dɛn na asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de aboa yɛn ama yɛn ani ada hɔ na yɛayɛ nsi? Ma ɛho nhwɛso.

18 Ɛwom sɛ yɛnyɛ pɛ de, nanso Yehowa ma yɛsom no, na wei hyɛ yɛn gyidi den pa ara. Ɛno nti, ma w’ani nsɔ “nnipa” a Yehowa de wɔn ‘ama yɛn sɛ akyɛde’ a wɔne asafo mu mpanyimfo no. (Kenkan Efesofo 4:8, 11, 12.) Bere foforo a asafo mu panyin bi bɛba abɛsra wo no, tie n’afotu na sua biribi fi ne hɔ.

19 Awarefo bi a wɔwɔ England a na wɔrehyia ɔhaw wɔ wɔn aware mu frɛɛ asafo mu mpanyimfo mmienu sɛ wɔmmɛboa wɔn. Ná ɔbea no te nka sɛ ne kunu nni abusua no anim yiye mma wɔnsom Yehowa. Ne kunu gye toom sɛ onnim nkyerɛkyerɛ papa, na ɔnyɛ nhyehyɛe mma wɔnyɛ abusua som daa. Mpanyimfo no twee awarefo no adwene sii Yesu nhwɛso so. Ná Yesu hwɛ n’asuafo no yiye, na na odwen wɔn ahiade ho. Mpanyimfo no hyɛɛ ɔbarima no nkuran sɛ onsuasua Yesu. Wɔhyɛɛ ɔbea no nso nkuran sɛ onnya abotare. Mpanyimfo no maa awarefo no nyansahyɛ nso a ɛbɛma wɔahu sɛnea wɔbɛyɛ baako, na wɔne wɔn mma mmienu no ayɛ abusua som. (Efe. 5:21-29) Akyiri yi, mpanyimfo no kamfoo okunu no wɔ mmɔden a ɔrebɔ ho. Wɔhyɛɛ okunu no nkuran sɛ ɔnkɔ so nyɛ nea ɔreyɛ no, na ɔnsrɛ honhom kronkron ma ɛmmoa no ma onni n’abusua anim yiye na wɔnsom Yehowa. Ɔdɔ ne ayamye a mpanyimfo no daa no adi kyerɛɛ saa abusua no boaa wɔn ma wɔn kanea hyerɛnee.

20. Sɛ woma wo kanea hyerɛn a, dɛn na ebetumi afi mu aba?

20 Odwontofo no too dwom sɛ: “Anigye ne obiara a osuro Yehowa, na ɔnantew n’akwan so.” (Dw. 128:1) Sɛ woboa afoforo ma wɔbɛsom Onyankopɔn, woboa ma baakoyɛ tena w’abusua ne w’asafo mu, na wokɔ so wɛn a, na worema wo kanea ahyerɛn. Wei bɛma woanya anigye pii. Afoforo behu wo nnwuma pa, na ɛbɛma nnipa pii ahyɛ yɛn Agya anuonyam.​—Mat. 5:16.