Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yɛn Nyinaa Nyɛ Baako Sɛnea Yehowa Ne Yesu Yɛ Baako No

Momma Yɛn Nyinaa Nyɛ Baako Sɛnea Yehowa Ne Yesu Yɛ Baako No

‘Mesrɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛyɛ biako, sɛnea wo, Agya no, wɔ me mu no.’​—YOH. 17:20, 21.

NNWOM: 24, 99

1, 2. (a) Mpae a etwa to a Yesu ne n’asomafo no bɔe no, dɛn na ɔsrɛ maa wɔn? (b) Adɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ na baakoyɛ ho hia Yesu?

BERE a Yesu ne n’asomafo no redi anwummeduan a etwa to no, na ɔredwen baakoyɛ a ɛbɛtena wɔn mu ho. Yesu ne wɔn rebɔ mpae no, ɔkaa sɛ ɔpɛ sɛ n’asuafo no nyinaa yɛ baako, sɛnea ɔne n’Agya yɛ baako no. (Kenkan Yohane 17:20, 21.) Sɛ wɔyɛ baako a, na ɛbɛyɛ adanse a ɛbɛma obiara ahu sɛ Yehowa na ɔsomaa Yesu baa asase so sɛ ɔmmɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Ɔdɔ na na ɛbɛma baakoyɛ atena wɔn mu, na ama obiara ahu sɛ wɔyɛ Yesu asuafo ampa.​—Yoh. 13:34, 35.

2 Ná Yesu ahu sɛ baakoyɛ nni asomafo no mu. Ɛno nti, ntease wom sɛ bere a ɔne asomafo no redi anwummeduan a etwa to no, osii baakoyɛ so dua. Akasakasa bi sɔree wɔn ntam wɔ “wɔn mu nea ɔyɛ kɛse ho”; na wei nyɛ nea edi kan. (Luka 22:24-27; Mar. 9:33, 34) Bere foforo nso, Yakobo ne Yohane srɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn baabi papa ntena wɔ ne nkyɛn wɔ n’Ahenni mu.​—Mar. 10:35-40.

3. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na na baakoyɛ nni Kristo asuafo no mu, na nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

3 Ná Kristo asuafo no pɛ dibea de, nanso na ɛnyɛ ɛno nko ara ne ade a ebetumi de mpaapaemu aba wɔn mu. Nnipa a wɔwɔ ɔman no mu no, na nitan ne ɔtan hunu ama wɔn mu apaapae. Ná ɛho behia sɛ Yesu asuafo no di saa subammɔne no so. Adesua yi mu no, yebesusuw nsɛmmisa yi ho: Dɛn na Yesu yɛe wɔ ɔtan hunu ho? Dɛn na ɔyɛ de boaa n’asuafo no ma wohuu sɛnea wɔne obiara bedi no yiye na baakoyɛ ankasa atena wɔn mu? Sɛn na Yesu nkyerɛkyerɛ bɛboa yɛn ama baakoyɛ akɔ so atena yɛn mu?

ƆTAN HUNU A YESU NE N’AKYIDIFO HYIAE

4. Nneɛma bɛn na nkurɔfo yɛ tiaa Yesu a na ɛkyerɛ sɛ wɔtan no kwa?

4 Yesu mpo na nkurɔfo tan no kwa. Bere a Filipo ka kyerɛɛ Natanael sɛ wahu Mesia no, Natanael kaa sɛ: “Biribi pa bi betumi afi Nasaret aba?” (Yoh. 1:46) Ɛbɛyɛ sɛ na Natanael nim nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mika 5:2 no. Enti n’adwene yɛɛ no sɛ Nasaret nyɛ kurow titiriw biara a ebetumi ayɛ Mesia no kurom. Yudafo a na wɔwɔ dibea no nso, esiane sɛ Yesu yɛ Galileani nti, na wobu no animtiaa. (Yoh. 7:52) Ná Yudafo pii bu Galileafo sɛ wɔnyɛ nnipa titiriw biara. Afei nso, na Yudafo binom pɛ sɛ wodidi Yesu atɛm, enti na wɔfrɛ no Samariani. (Yoh. 8:48) Ná Samariafo ne Yudafo mfi ɔman baako mu, na na ɛsono Samariafo no som nso. Ná Yudafo ne Galileafo nyinaa mmu Samariafo koraa, na na wɔne wɔn mmɔ.—Yoh. 4:9.

5. Ɔtan hunu bɛn na Yesu akyidifo no hyiae?

5 Yudafo akannifo nso dii Yesu akyidifo no ho fɛw pa ara. Farisifo no frɛɛ wɔn nkurɔfo a “wɔadome wɔn.” (Yoh. 7:47-49) Ná Farisifo no bu obiara a ɔnkɔɔ rabifo sukuu na onni wɔn atetesɛm so no sɛ ɔyɛ onipa hunu ne ɔpapahwekwa. (Aso. 4:13) Nea enti a na nkurɔfo tan Yesu ne n’asuafo ne sɛ, na nkurɔfo de wɔn som, dibea a wɔwɔ, ne abusuakuw a wofi mu hoahoa wɔn ho. Ná Yesu asuafo no nso tan afoforo. Enti sɛ na baakoyɛ bɛtena asuafo no mu a, na ɛsɛ sɛ wɔsesa wɔn adwene.

6. Ma nhwɛso ahorow fa kyerɛ sɛnea yɛn nso yebetumi atan nkurɔfo kwa.

6 Ɛnnɛ, baabi a yɛn mu dodow no ara wɔ no, nnipa a wɔtan nkurɔfo kwa atwa yɛn ho ahyia. Nkurɔfo betumi ayɛ nyiyim atia yɛn, anaa anhwɛ a yɛn nso yebetumi ayɛ bi atia afoforo. Onuawa bi a ɔyɛ ɔkwampaefo a seesei ɔwɔ Australia kaa sɛ: “Bere a mede m’adwene sii atɛnkyea a na aborɔfo abu Aboriginefo ne nea wogu so de reyɛ wɔn so no, ɛmaa ɔtan a na metan aborɔfo no mu yɛɛ den pa ara. Afei nso, mehwɛ sɛnea nnipa bi ne me anni no yiye a, ɛmaa ɔtan a ɛwɔ me mu no mu yɛɛ den kɛse.” Onua bi a ofi Canada kaa sɛ, bere bi, kasa a ebinom ka nti na ɔtan wɔn. Ɔka sɛ: “Ná ɛyɛ me sɛ nnipa a wɔka France kasa kyɛn nnipa nyinaa. Ɛno nti, na mempɛ nkurɔfo a wɔka Borɔfo kasa asɛm koraa.”

7. Dɛn na Yesu yɛe wɔ ɔtan hunu ho?

7 Sɛnea na ɛte wɔ Yesu bere so no, ɛnnɛ nso, ɔtan hunu betumi agye ntini wɔ nkurɔfo mu. Dɛn na Yesu yɛe wɔ ho? Nea edi kan, wantan obiara, saa ara nso na wanyɛ nyiyim antia obiara. Ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ asikafo ne ahiafo, Farisifo ne Samariafo, towgyefo ne abɔnefo mpo. Nea ɛto so mmienu, Yesu nam ne nkyerɛkyerɛ ne nea ɔyɛe so maa n’asuafo hui sɛ, ɛnsɛ sɛ wonya nkurɔfo ho adwemmɔne anaa wɔtan afoforo.

FA ƆDƆ NE AHOBRƐASE DI ƆTAN HUNU SO

8. Nnyinasosɛm titiriw bɛn na ɛma Kristofo yɛ baako? Kyerɛkyerɛ mu.

8 Yesu maa n’akyidifo huu nnyinasosɛm titiriw a ɛma yɛyɛ baako. Ɔkaa sɛ: “Mo nyinaa yɛ anuanom.” (Kenkan Mateo 23:8, 9.) Ade baako nti a yɛn nyinaa yɛ “anuanom” ne sɛ, yɛn nyinaa fi Adam mu. (Aso. 17:26) Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, n’asuafo yɛ anuanom efisɛ na wɔn nyinaa gye tom sɛ wɔn soro Agya ne Yehowa. (Mat. 12:50) Afei nso, na wɔabɛka abusua kɛse a emufo som Yehowa ho, na na ɔdɔ ne gyidi ama wɔayɛ baako. Wei nti, wɔ nkrataa a asomafo no kyerɛw kɔmaa asafo ahorow no mu no, na wɔtaa frɛ wɔn mfɛfo asuafo “anuanom.”—Rom. 1:13; 1 Pet. 2:17; 1 Yoh. 3:13.

9, 10. (a) Adɛn nti na na ɛnsɛ sɛ Yudafo no nya adwene sɛ abusuakuw a wofi mu nti wɔkyɛn afoforo? (b) Dɛn na Yesu de kyerɛe sɛ ɛyɛ mfomso sɛ abusuakuw a obi fi mu nti obebu afoforo animtiaa? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

9 Bere a Yesu kaa sɛ ɛsɛ sɛ yebu yɛn ho sɛ anuanom no, osii so dua sɛ ehia sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. (Kenkan Mateo 23:11, 12.) Sɛnea yɛadi kan ahu no, ɛtɔ da a, na ahantan de mpaapaemu ba asomafo no mu. Afei nso, Yesu bere so no, na nkurɔfo de abusuakuw a wofi mu hoahoa wɔn ho pa ara. Esiane sɛ na Yudafo no yɛ Abraham asefo nti, na ɛsɛ sɛ wobu wɔn ho sɛ wɔkyɛn afoforo anaa? Ná Yudafo no pii adwene yɛ wɔn saa. Nanso Yohane Osuboni no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Onyankopɔn betumi ama Abraham anya mma afi abo yi mu.”—Luka 3:8.

10 Yesu kaa sɛ ɛyɛ mfomso sɛ obi de abusuakuw a ofi mu bɛhoahoa ne ho. Ɔyɛɛ saa bere a ɔkyerɛwfo bi bisaa no sɛ: “Hena paa ne me yɔnko?” Yesu maa mfatoho bi de buaa n’asɛm no. Ná mfatoho no fa Samariani bi a oyii ne yam hwɛɛ Yudani kwantufo bi a akorɔmfo boroo no ho. Yudafo a na wɔretwam no anhwɛ ɔbarima a na asɛm ato no no, nanso Samariani no de, ohuu no mmɔbɔ. Bere a Yesu de n’asɛm no reba awiei no, ɔka kyerɛɛ ɔkyerɛwfo no sɛ onsuasua Samariani no. (Luka 10:25-37) Yesu daa no adi sɛ Samariani betumi akyerɛ Yudafo no sɛnea ɛsɛ sɛ wɔdɔ nnipa nyinaa.

11. Adɛn nti na na ɛnsɛ sɛ Kristo asuafo no yɛ nyiyim tia nnipa a wofi aman foforo so, na sɛn na Yesu boaa wɔn ma wɔtee saa asɛm no ase?

11 Ná ɛsɛ sɛ Yesu asuafo no yi ahantan ne ɔtan hunu fi wɔn mu ansa na wɔatumi ayɛ adwuma a Yesu de hyɛɛ wɔn nsa no. Ansa na Yesu rekɔ soro no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wonni adanse wɔ ‘Yudea ne Samaria nyinaa mfa nkɔ asase ano nohoa.’ (Aso. 1:8) Ná Yesu taa ka suban pa a nkurɔfo a wofi aman foforo so wɔ ho asɛm kyerɛ n’asuafo. Enti wei boaa asuafo no ma wohuu sɛnea wɔbɛyɛ adwuma kɛse a na ɔde ahyɛ wɔn nsa no. Ɛho nhwɛso ni. Ɔkamfoo ɔsraani panyin bi a ofi ɔman foforo so wɔ gyidi soronko a ɔdaa no adi ho. (Mat. 8:5-10) Bere a Yesu wɔ ne kurom Nasaret no, ɔkaa sɛnea Yehowa hyiraa nkurɔfo a wofi aman foforo so ho asɛm. Saa nkurɔfo no bi ne okunafo a ofi Foinike kurow Sarefat ne ɔkwatani Naaman a ofi Siria. (Luka 4:25-27) Afei nso, Yesu kaa asɛmpa no kyerɛɛ Samariani bea bi. Ɛnyɛ wei nko ara. Yesu dii nnanu wɔ Samaria kurow bi mu efisɛ nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no ani gyee n’asɛm no ho.—Yoh. 4:21-24, 40.

TETE KRISTOFO NO YEREE WƆN HO YII ƆTAN HUNU FII WƆN MU

12, 13. (a) Bere a na Yesu rekyerɛkyerɛ Samariani bea bi no, dɛn na asomafo no yɛe? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yakobo ne Yohane ante nea na Yesu pɛ sɛ ɔkyerɛ wɔn no ase yiye?

12 Ná ɛyɛ den sɛ asomafo no beyi ɔtan hunu afi wɔn mu. Ná ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ Yesu pɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ Samariani bea bi. (Yoh. 4:9, 27) Ná Yudafo nyamesom akannifo ne mmea nkasa wɔ baguam, na kampɛsɛ wɔne Samariani bea a wagye dimmɔne akasa. Asomafo no ka kyerɛɛ Yesu sɛ ommedidi. Nanso mmuae a Yesu de maa wɔn no ma yehu sɛ na ɔde n’adwene asi Onyankopɔn asɛm a ɔreka akyerɛ ɔbea no so; enti na n’adwene nni ɔkɔm a ɛde no no so. Asɛmpa no a na Yesu bɛka no yɛ n’Agya apɛde, na na ɛte sɛ aduan ma no. Ná Samariani bea no ka wɔn a ɛsɛ sɛ ɔka asɛm no kyerɛ wɔn no ho.—Yoh. 4:31-34.

13 Yakobo ne Yohane ante nea na Yesu pɛ sɛ ɔkyerɛ wɔn no ase. Bere bi a Yesu ne n’asuafo no retwam wɔ Samariafo asase so no, asuafo no kɔɔ Samariafo akuraa bi ase kɔhwehwɛɛ baabi a wɔbɛda saa anadwo no. Samariafo no annye wɔn, enti Yakobo ne Yohane bo fuwii, na wɔka kyerɛɛ Yesu sɛ wɔpɛ sɛ wɔma ogya fi soro bɛhyew akuraa no pasaa. Yesu kaa wɔn anim denneennen. (Luka 9:51-56) Sɛ akuraa bi a ɛwɔ baabi a Yakobo ne Yohane fi wɔ Galilea mantam mu na emufo annye wɔn a, ebia anka wɔn bo remfuw saa. Ɛbɛyɛ sɛ ɔtan hunu na ɛmaa wɔn bo fuwii saa. Akyiri yi, ɔsomafo Yohane kɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ Samariafo ma pii tiei, na ɛbɛyɛ sɛ, sɛ ɔkae sɛnea ɔde abufuw yɛɛ ade bere bi a atwam no a, n’ani bewu.—Aso. 8:14, 25.

14. Dɛn na wɔyɛe de siesiee asɛm a ɛsɔree a ɛbɛyɛ sɛ na ɛfa kasa ho no?

14 Pentekoste afe 33 Y.B. akyi bere tiaa bi no, nnipa mu nyiyim ho asɛm bi sɔree. Bere a anuanom rekyekyɛ aduan ama akunafo a na ahia wɔn no, wobuu wɔn ani guu akunafo a wɔka Hela kasa no so. (Aso. 6:1) Ɛbɛyɛ sɛ ɔtan a na wɔtan nkurɔfo a ɛsono kasa a wɔka na ɛkɔfaa wei bae. Asomafo no yɛɛ ntɛm siesiee asɛm no. Wɔpaw anuanom a wɔfata ma wɔkyekyɛɛ aduan no. Ná saa mmarima a wɔfata yi nyinaa kura Helafo din. Ɛbɛyɛ sɛ wei maa akunafo a na wɔn bo afuw no koma tɔɔ wɔn yam.

15. Dɛn na ɛmaa Petro suae sɛ ɔrenyɛ nyiyim ntia  obiara? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

15 Afe 36 Y.B. no, asuafo no fii ase kaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipa a wofi aman nyinaa mu. Bere bi a atwam no, na Yudafo nko ara na ɔsomafo Petro taa ne wɔn bɔ. Nanso bere a Onyankopɔn maa emu daa hɔ sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo hwɛ nnipa anim no, Petro kaa asɛmpa no kyerɛɛ Roma sraani Kornelio. (Kenkan Asomafo Nnwuma 10:28, 34, 35.) Ɛno akyi no, Petro ne Kristofo a wɔnyɛ Yudafo no didii, na ɔne wɔn bɔɔ fekuw. Nanso mfe bi akyi no, Petro ne Kristofo a wɔnyɛ Yudafo a wɔwɔ Antiokia no annidi bio. (Gal. 2:11-14) Wei nti, Paulo de nteɛso a ɛfata maa Petro, na Petro gyee nteɛso no toom. Bere a Petro kyerɛw ne krataa a edi kan kɔmaa Kristofo a wɔyɛ Yudafo ne Kristofo a wɔnyɛ Yudafo a wɔwɔ Asia Kumaa no, ɔkaa sɛ ehia sɛ yɛdɔ yɛn nuanom nyinaa.1 Pet. 1:1; 2:17.

16. Dɛn na na wɔde nim tete Kristofo no?

16 Ɛda adi pefee sɛ, nea Yesu yɛe no maa asomafo no suae sɛ wɔbɛdɔ “nnipa ahorow nyinaa.” (Yoh. 12:32; 1 Tim. 4:10) Ɛwom, egyee bere de, nanso wɔsesaa wɔn adwene. Ná wonim tete Kristofo no sɛ wɔdodɔ wɔn ho. Tertullian yɛ ɔkyerɛwfo. Bɛyɛ afe 200 Y.B. no, ɔkaa asɛm bi a nkurɔfo aka afa Kristofo ho sɛ: “Wɔdodɔ wɔn ho . . . Wɔayɛ krado sɛ wobewu ama wɔn ho mpo.” Esiane sɛ tete Kristofo no hyɛɛ “nipasu foforo” no nti, wobegye toom sɛ nnipa nyinaa yɛ pɛ wɔ Onyankopɔn ani so.—Kol. 3:10, 11.

17. Yɛbɛyɛ dɛn ayi ɔtan hunu afi yɛn koma mu? Ma ɛho nhwɛso.

17 Ɛnnɛ, ebia yɛn nso ebegye bere na yɛde ayi ɔtan hunu afi yɛn koma mu. Onuawa bi a ɔwɔ France aka sɛnea ɛyɛ den ma no sɛ obedi ɔtan hunu so. Ɔkaa sɛ: “Yehowa ama mahu nea ɔdɔ kyerɛ, sɛnea yɛkyɛ ade, ne nea ɛkyerɛ sɛ obi dɔ nnipa ahorow nyinaa. Nanso migu so ara rebɔ me ho mmɔden sɛ meyi afoforo ho tan afi me mu, na ɛtɔ da a, ɛyɛ den. Ɛno nti, adekyee ne adesae nyinaa mebɔ ho mpae.” Onuawa bi a ɔwɔ Spain nso wɔ ɔhaw koro no ara. Ɔka sɛ: “Ɛtɔ da a, ɛyɛ den ma me sɛ meyi ɔtan a mewɔ wɔ abusuakuw bi ho afi me mu, nanso mpɛn pii no, mitumi di so. Minim nso sɛ ehia sɛ mekɔ so ara yɛ ho adwuma. Yehowa adom nti, m’ani agye sɛ meda abusua a baakoyɛ wom mu.” Yɛn mu biara betumi de nokwaredi ahwehwɛ ne mu. Yɛn nso, ɔtan hunu bi wɔ yɛn mu a ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yi fi yɛn mu sɛnea anuanom mmea mmienu no reyɛ no anaa?

YENYA ƆDƆ KƐSE A, ƆTAN HUNU YERA

18, 19. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye obiara? (b) Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ wei?

18 Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, bere bi na yɛn nyinaa yɛ “ananafo,” anaa ahɔho, na na yɛmmɛn Onyankopɔn. (Efe. 2:12) Nanso Yehowa de “ɔdɔ hama” twee yɛn baa ne nkyɛn. (Hos. 11:4; Yoh. 6:44) Kristo nso gyee yɛn. Sɛ yɛbɛka a, Kristo buee ɔpon maa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi abɛka Onyankopɔn abusua ho. (Kenkan Romafo 15:7.) Yɛn sintɔ nyinaa akyi no, Yesu ayi ne yam agye yɛn, enti ɛmpare yɛn sɛ yɛbɛka sɛ yɛrennye obi!

Yehowa asomfo hwehwɛ nyansa a efi soro, na ɔdɔ ama wɔayɛ baako (Hwɛ nkyekyɛm 19)

19 Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a wiase bɔne yi awiei rebɛn no, mpaapaemu, ɔtan hunu, ne nitan bɛkɔ anim. (Gal. 5:19-21; 2 Tim. 3:13) Nanso Yehowa asomfo de, yɛhwehwɛ nyansa a efi soro. Ɛno de, ɛnyɛ nyiyim, na ɛpɛ asomdwoe. (Yak. 3:17, 18) Sɛ yɛne nnipa a wofi aman foforo so fa nnamfo, yegye sɛnea wɔyɛ wɔn ade tom, na mpo yesua wɔn kasa a, ɛma yɛn ani gye. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na yɛn trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.—Yes. 48:17, 18.

20. Sɛ yɛma ɔdɔ sakra sɛnea yedwen ne yɛn koma a, dɛn na ɛba?

20 Onuawa a ɔwɔ Australia a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Minyaa nokware nimdeɛ pii.” Ɔka sɛ Bible a osuae no aboa no. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Minyaa koma ne adwene foforo. Ɔtan hunu ne nitan a na agye ntini wɔ me mu no fii me mu koraa.” Onua a ofi Canada no nso ka sɛ, seesei wahu sɛ “mpɛn pii no nimdeɛ a obi nni na ɛma ɔyɛ nnipa mu nyiyim, na ɛnyɛ baabi a wɔwoo obi na ɛkyerɛ ne suban.” Onua no waree onuawa bi a ɔka Borɔfo kasa! Obi sesa ne suban saa a, ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ a Kristofo wɔ no tumi yi ɔtan hunu fi hɔ. Ɔdɔ ma yɛyɛ baako, na ɛma ɛyɛ den sɛ biribi bɛtetew yɛn ntam.—Kol. 3:14.