Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ná Anka Obetumi Anya Onyankopɔn Anim Dom

Ná Anka Obetumi Anya Onyankopɔn Anim Dom

YƐSOM Yehowa na yɛpɛ sɛ yenya n’anim dom, ɛnte saa anaa? Nanso, hena na Onyankopɔn bɛma wanya n’anim dom ne ne nhyira? Bere a wɔrekyerɛw Bible no, ɛwom sɛ nnipa bi a wɔtenaa ase saa bere no yɛɛ bɔne a emu yɛ duru de, nanso akyiri yi wonyaa Onyankopɔn anim dom. Ná ebinom nso suban yɛ fɛ, nanso wɔannya Onyankopɔn anim dom. Enti yebetumi abisa sɛ, “Dɛn pa ara na Yehowa hwehwɛ fi yɛn mu biara hɔ?” Yuda hene Rehoboam asɛm no betumi aboa yɛn ama yɛanya mmuae.

WAMFI ASE YIYE

Rehoboam papa ne Solomon. Solomon dii Israel so mfe 40. (1 Ahe. 11:42) Solomon wui afe 997 A.Y.B. Ɛno akyi no, Rehoboam fii Yerusalem kɔɔ Sekem a ɛwɔ atifi fam no ma wɔsraa no sɛ ɔhene. (2 Be. 10:1) Ná nkurɔfo nim Solomon sɛ obi a onim nyansa pa ara. Enti wohwɛ a na Rehoboam suro sɛ obedi ne papa ade anaa? Ná ɛrenkyɛ na ɛho abehia sɛ Rehoboam kyerɛ sɛ ɔwɔ nyansa a ɔde besiesie nsɛm a emu yɛ den.

Ɛbɛyɛ sɛ Rehoboam hui sɛ ɔhaw wɔ Israel man no mu pa ara. Bere bi akyi no, ɔman no ananmusifo kɔɔ ne nkyɛn de wɔn haw kɔtoo n’anim pefee sɛ: “Wo papa maa yɛn kɔndua yɛɛ duru; wo de, ma adwuma dennen a wo papa ma yɛyɛe ne kɔndua duruduru a ɔde too yɛn so no mu nyɛ hare, na yɛbɛsom wo.”—2 Be. 10:3, 4.

Ɛbɛyɛ sɛ Rehoboam hui sɛ asɛm no asum no afiri! Sɛ ɔyɛ nea nkurɔfo no rebisa a, na ebehia sɛ ɔne n’abusua ne wɔn a wɔwɔ n’ahemfie hɔ tew nneɛma a ɛma wɔn ho tɔ wɔn so na wɔtew ɔmanfo no adesoa so. Sɛ wampene ɔmanfo no abisade so nso a, na wobetumi atew atua. Afei, na Rehoboam bɛyɛ dɛn? Nea edi kan, Rehoboam ne mpanyimfo a na wotu Solomon fo kosusuw asɛm no ho. Nanso ɛno akyi no, Rehoboam kɔhwehwɛɛ afotu fii mmerante a wɔne no bɔ tipɛn hɔ. Rehoboam tiee mmerante no afotu, na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛma ne nsa ayɛ den wɔ ɔmanfo no so. Ɔkaa sɛ: “Mo kɔndua no, me de, mede bi bɛka ho ama emu ayɛ duru asen kan no. Sɛ me papa de mpire na ɛhwee mo a, me de, mede nsɔe mpire na ɛbɛhwe mo.”—2 Be. 10:6-14.

Wuhu biribi a yebetumi asua afi asɛm yi mu? Ɛda adi pefee sɛ, mpɛn pii no, nyansa wom sɛ yebetie wɔn a wɔsom Yehowa a wɔn mfe akɔ anim a wɔn ho akokwaw no. Esiane sɛ saa mpanyimfo no wɔ osuahu nti, wobetumi ahu nea ebefi gyinae bi a yebesi mu aba ma enti wɔbɛma yɛn afotu pa.—Hiob 12:12.

“WOTIEE YEHOWA ASƐM”

Rehoboam boaboaa n’asraafo ano sɛ ɔne wɔn a wɔatew atua no rekɔko. Nanso, Yehowa de ne ho gyee asɛm no mu. Ɔnam odiyifo Semaia so kaa sɛ: “Mo ne mo nuanom Israelfo no nnkɔko. Obiara nsan nkɔ ne fie, na me na mama asɛm yi aba saa.”—1 Ahe. 12:21-24. *

Enti, na Rehoboam bɛtena hɔ saa a ɔne nkurɔfo a wɔatew atua no renkɔko? Wo de, hwɛ sɛnea na asɛm no bɛhaw Rehoboam afa! Ɔhene a ɔkaa sɛ ɔde “nsɔe mpire” bɛtwe ne manfo aso no, ɔno na bere tiaa bi akyi ontumi nyɛ ne manfo a wɔayi wɔn anim atew atua hwee yi. Wohwɛ a, adwene bɛn na na ɔmanfo no benya wɔ ne ho? (Fa toto 2 Beresosɛm 13:7 ho.) Nanso, ɔhene no ne n’asraafo no ‘tiee Yehowa asɛm, na wɔsan kɔɔ wɔn afie, sɛnea Yehowa kae no.’

Dɛn na yebetumi asua afi asɛm yi mu? Sɛ yetie Onyankopɔn na ebia nkurɔfo di yɛn ho fɛw mpo a, nyansa wom sɛ yetie no. Yetie Onyankopɔn a, yebenya n’anim dom ne ne nhyira.—Deut. 28:2.

Dɛn na Rehoboam nyae? Bere a otiee Onyankopɔn na ɔne atifi fam ahemman no ankɔko no, ofii ase kyekyee nkurow wɔ Yuda ne Benyamin mmusuakuw a na ɔda so di so no nsase so. Ɔhyehyɛɛ nkurow bi den ma ‘ɛyɛɛ den pa ara.’ (2 Be. 11:5-12) Nea ehia pa ara no, odii Yehowa mmara so kosii bere bi. Bere a Israel mmusuakuw du a Yeroboam di so no kɔsom abosom no, nkurɔfo pii twaa kwan kɔɔ Yerusalem ‘kogyinaa Rehoboam akyi’ de wɔn ho hyɛɛ nokware som mu. (2 Be. 11:16, 17) Enti, osetie a Rehoboam yɛe no maa n’ahenni yɛɛ den.

REHOBOAM BƆNE NE N’ADWENSAKRA

Bere a Rehoboam ahenni timii no, ɔyɛɛ biribi a ɛyɛ nwonwa. Ogyaw Yehowa mmara kɔsom abosom! Adɛn nti na ɔyɛɛ saa? Ɛyɛ ne maame a na ɔyɛ Ammonni no na opiapiaa no ma ɔyɛɛ saa? (1 Ahe. 14:21) Nea ɛma ɔyɛɛ saa biara no, ɔman no nyinaa dii n’akyi. Enti, ɛwom sɛ na Rehoboam ahyehyɛ Yuda nkurow no den de, nanso Yehowa maa kwan maa Egypt hene Sisak faa nkurow no pii!—1 Ahe. 14:22-24; 2 Be. 12:1-4.

Bere a Sisak duu Yerusalem, baabi a na Rehoboam di hene no, nneɛma mu yɛɛ den. Saa bere yi na odiyifo Semaia kɔkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ Rehoboam ne ne mpanyimfo sɛ: “Mo de, moagyaw me, na me nso, magyaw mo ahyɛ Sisak nsa.” Dɛn na Rehoboam yɛe wɔ nteɛso a wɔde mae yi ho? Nea ɔyɛe no fata pa ara! Bible ka sɛ: “Israel mpanyimfo ne ɔhene no brɛɛ wɔn ho ase, na wɔkae sɛ: ‘Yehowa teɛ.’” Enti, Yehowa gyee Rehoboam na wamma wɔansɛe Yerusalem.—2 Be. 12:5-7, 12.

Ɛno akyi no, Rehoboam kɔɔ so dii ahemman a ɛwɔ anafo fam no so. Ná Rehoboam wɔ mmabarima pii, na ansa na ɔrebewu no, ɔkyɛɛ wɔn nneɛma bebree. Ɛbɛyɛ sɛ ɔyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a ne mma no rensɔre ntia wɔn nua barima Abia a na obedi n’ade no. (2 Be. 11:21-23) Nea Rehoboam yɛe yi, yɛbɛka sɛ ɔyɛɛ n’ade nyansam saa bere yi sen bere bi a atwam.

NÁ ƆYƐ ONIPA PA ANAA ONIPA BƆNE?

Ɛwom sɛ Rehoboam bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nneɛma pa de, nanso wannya Onyankopɔn anim dom. Bible ka ne ho asɛm sɛ, bere a na ɔyɛ ɔhene no, ‘Ɔyɛɛ bɔne.’ Adɛn ntia? Efisɛ “wanyɛ n’adwene sɛ ɔde ne koma nyinaa bɛhwehwɛ Yehowa.”—2 Be. 12:14.

Rehoboam ne Yehowa annya abusuabɔ a emu yɛ den te sɛ Ɔhene Dawid

Wo de, susuw nea ne nneyɛe no de bae ho hwɛ: Ɛtɔ da a, na Rehoboam tie Onyankopɔn. Ɔyɛɛ nneɛma pa bi maa Yehowa man no. Nanso, ɔne Yehowa annya abusuabɔ a emu yɛ den anaa na enni ne komam sɛ ɔbɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. Enti, ɔyɛɛ nneɛma bɔne, na ɔsom abosom. Ebia wubebisa sɛ: ‘Bere a Rehoboam gyee Onyankopɔn nteɛso toom no, ofi ne komam na ɔyɛɛ saa, na na ɔpɛ pa ara sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani? Anaasɛ afoforo na wopiapiaa no sɛ ɔnyɛ saa nti na ɔyɛe?’ (2 Be. 11:3, 4; 12:6) Akyiri yi, ɔsan kɔyɛɛ bɔne. Ná Rehoboam nte sɛ ne nanabarima Ɔhene Dawid koraa! Nokwasɛm ne sɛ, Dawid dii mfomso, nanso onuu ne ho pa ara wɔ bɔne a ɔyɛe ho. Ná Dawid dɔ Yehowa, na ɔsom no ne nkwa nna nyinaa.—1 Ahe. 14:8; Dw. 51:1, 17; 63:1.

Yebetumi asua pii afi Rehoboam asɛm no mu. Sɛ nkurɔfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwɛ wɔn mmusua na wɔayɛ biribi a mfaso wɔ so a, wɔfata nkamfo. Nanso, sɛ yebenya Onyankopɔn anim dom a, nea ehia pa ara no, ɛsɛ sɛ yɛsom no wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so, na yɛne no nya abusuabɔ a emu yɛ den.

Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho nya Yehowa ho dɔ a emu yɛ den na ama yɛatumi ayɛ saa. Sɛnea ɛsɛ sɛ yɛde nnyina hyɛ gya mu na ama ogya no akɔ so adɛw no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn ho dɔ a yɛwɔ no mu kɔ so yɛ den. Sɛ yebetumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ yesua n’Asɛm no daa, yedwinnwen nea yɛkenkan no ho, na yekura mpaebɔ mu denneennen. (Dw. 1:2; Rom. 12:12) Yehowa ho dɔ a yɛwɔ no bɛkanyan yɛn ama yɛayɛ nea ɛsɔ n’ani wɔ biribiara mu. Sɛ yedi mfomso na ehia sɛ yenu yɛn ho pa ara a, ɛbɛka yɛn ama yɛayɛ saa. Ɛba saa a, yɛrenyɛ sɛ Rehoboam, na yebeso nokware som mu denneennen.—Yuda 20, 21.

^ nky. 9 Esiane sɛ Solomon anni nokware nti, na Onyankopɔn aka dedaw sɛ ahemman no mu bɛkyɛ mmienu.—1 Ahe. 11:31.