Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkyia Wɔ Tumi

Nkyia Wɔ Tumi

“MAAKYE! Wo ho te sɛn nnɛ?”

Migye di sɛ wotaa kyia nkurɔfo saa. Ebi mpo a, wukyia wɔn nsam anaa wobam wɔn. Ɔkwan a yɛfa so kyia ne nsɛm a yɛka de kyia de, ɛsono sɛnea ɛte wɔ baabiara, nanso nea enti a yekyia de, ɛyɛ ade koro. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wuhu obi na woankyia no anaa obi kyia wo na woannye so a, ɔbɛfa no sɛ wompɛ nnipa anaa w’ani mmuei.

Nanso, ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔpɛ nkyia. Ebinom wɔ hɔ a, fɛre nti na wɔmpɛ nkyia anaa wobu wɔn ho sɛ wɔnsɛ hwee. Ebinom nso wɔ hɔ a, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobekyia nkurɔfo a ɛsono wɔn kɔla, wɔn amammerɛ, anaa wɔn dibea. Nanso nkyia, sɛ ɛyɛ tia mpo a, etumi yɛ ade yiye pa ara.

Bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na nkyia betumi ayɛ? Dɛn na metumi asua afa nkyia ho afi Onyankopɔn Asɛm mu?’

KYIA “NNIPA NYINAA”

Amanaman muni a odii kan bɛyɛɛ Kristoni ne Kornelio. Bere a ɔsomafo Petro gyee no baa Kristofo asafo no mu no, Petro kaa sɛ: “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim.” (Aso. 10:34) Akyiri yi, Petro kyerɛwee sɛ Onyankopɔn ‘pɛ sɛ obiara nya adwensakra.’ (2 Pet. 3:9) Sɛ yɛkan saa kyerɛwnsɛm no a, mfiase no, ebia yɛn adwene bɛyɛ yɛn sɛ ɛfa obi a afei na ɔresua nokware no ho. Nanso, Petro san hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ: “Munni nnipa nyinaa ni, monnɔ anuanom nyinaa.” (1 Pet. 2:17) Sɛ saa a, ɛnde wunhu sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ yekyia obiara ɛmfa ho ne kɔla, n’amammerɛ, anaa ne dibea? Sɛ yekyia wɔn a, ɛbɛkyerɛ sɛ yedi wɔn ni na yɛdɔ wɔn.

Ɔsomafo Paulo hyɛɛ asafo no mufo nkuran sɛ: “Munnye mo ho mo ho, sɛnea Kristo nso gyee yɛn no.” (Rom. 15:7) Paulo hyɛɛ da bobɔɔ anuanom a na ‘wɔahyɛ no den’ no din. Ɛnnɛ ne bere a ehia pa ara sɛ anuanom hyehyɛ wɔn ho den sen Paulo bere so, efisɛ Satan atu n’ani asi Onyankopɔn nkurɔfo so denneennen.—Kol. 4:11; Adi. 12:12, 17.

Nhwɛso pii wɔ Kyerɛwnsɛm mu a ɛma yehu sɛ, sɛ yekyia obi fɛw so a, ɛma ne koma tɔ ne yam, na mfaso pii nso wɔ so.

AWERƐHYEM, NKURANHYƐ, ƆDƆ

Bere soe sɛ Onyankopɔn rebeyi ne Ba no nkwa akɔhyɛ Maria awotwaa mu no, Yehowa somaa ɔbɔfo bi ma ɔkɔbɔɔ Maria amanneɛ. Ɔbɔfo no fii ase sɛ: “Asomdwoe nka wo, wo a wɔadom wo, Yehowa ka wo ho.” Asɛm no ‘haw Maria yiye,’ efisɛ na onhu nea enti a ɔbɔfo ne no rekasa. Bere a ɔbɔfo no huu saa no, ɔkaa sɛ: “Nsuro Maria, na woanya Onyankopɔn anim dom.” Ɔbɔfo no kyerɛɛ mu kyerɛɛ Maria sɛ Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔno na ɔbɛwo Mesia no. Enti Maria amma asɛm no anhaw no bio, na mmom ogye toom ahobrɛase mu sɛ: “Hwɛ! meyɛ Yehowa afenaa! Ɛnyɛ hɔ mma me sɛnea w’asɛm te.”—Luka 1:26-38.

Ná ɛyɛ hokwan ma ɔbɔfo no sɛ Yehowa asoma no, nanso wammu no sɛ ɛmfata no sɛ ɔne onipa a ɔtɔ sin bɛkasa. Ɔkɔe no, odii kan kyiae. Yebetumi asua nea ɔyɛe no anaa? Ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu kyia afoforo na yɛhyɛ wɔn nkuran. Sɛ yehyia anuanom na yɛka asɛm tiawa bi kyerɛ wɔn a, ebetumi aboa wɔn na ama wɔanya awerɛhyem sɛ wɔka Yehowa nkurɔfo ho pa ara.

Asafo ahorow a ɛwɔ Asia Kumaa ne Europa no, na Paulo nim anuanom a wɔwom no bebree. Ɔbobɔɔ bebree din kyiaa wɔn wɔ ne nkrataa a ɔkyerɛwee no mu. Yehu wei wɔ Romafo ti 16. Paulo kyiaa ne mfɛfo Kristofo pii. Ɔbɔɔ yɛn “nuabea” Foibe din, na ɔka kyerɛɛ anuanom sɛ ‘wonnye no Awurade mu sɛnea ɛsɛ akronkronfo no, na wɔmmoa no biribiara mu bere a obehia.’ Paulo kyiaa Priska ne Akwila, na ɔkaa sɛ, “ɛnyɛ me nko na meda wɔn ase, na mmom asafo a ɛwɔ amanaman mu nyinaa nso.” Ebinom a okyiaa wɔn no, ɛnnɛ nkurɔfo nnim wɔn mpo. Ɔkaa sɛ, “me dɔfo Epaineto” ne “Trifaina ne Trifosa, mmea a wɔreyɛ adwumaden wɔ Awurade mu.” Anokwa, Paulo yii ne yam kyiaa ne nuanom mmarima ne mmea.—Rom. 16:1-16.

Bere a anuanom hui sɛ Paulo kae wɔn pa ara no, wo de, hwɛ sɛnea wɔn ani begye afa. Wo de, hwɛ sɛnea wei bɛma ɔdɔ a wɔwɔ ma Paulo ne wɔn ho wɔn ho mu ayɛ den kɛse! Afei nso, bere a Kristofo a aka tee nkyia a Paulo yii ne yam de kɔmaa anuanom no, akyinnye biara nni ho sɛ ɛhyɛɛ wɔn nso nkuran, na ɛboaa wɔn ma wɔn ase timii wɔ gyidi no mu. Anokwa, sɛ yekyia afoforo na yɛkamfo wɔn na yɛma wohu sɛ yedwen wɔn ho a, ɛma yɛne wɔn adamfofa mu yɛ den, na ɛma baakoyɛ nso tena Onyankopɔn asomfo anokwafo mu.

Bere a Paulo si fii po so hyɛn mu wɔ Puteoli na ɔde n’ani kyerɛɛ Roma no, Kristofo a wɔwɔ hɔ no baa anafo fam behyiaa no. Bere a Paulo hui sɛ wofi akyirikyiri reba no, “ɔdaa Onyankopɔn ase na otwaa ne koma too ne yam.” (Aso. 28:13-15) Ɛtɔ da a, ebia nea yebetumi ayɛ ara ne sɛ yɛbɛserew anaa yebenyam yɛn nsa akyia obi. Nanso, ɛno mpo betumi ahyɛ obi a ebia wabotow anaa ne werɛ ahow den.

ADWENKORO

Ɛho behiae sɛ Yakobo de afotu a emu yɛ den ma ne nuanom Kristofo. Ná Kristofo no bi ne wiase no afa adamfo, enti na wɔreyɛ ayɛ awaresɛefo wɔ honhom fam. (Yak. 4:4) Nanso hwɛ sɛnea Yakobo fii ne krataa no ase.

Ɔkaa sɛ: “Yakobo, Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, de kɔma mmusuakuw dumien a wɔabɔ apete no. Mikyia mo!” (Yak. 1:1) Bere a anuanom kenkanee Yakobo krataa no na ne nkyia no ma wohui sɛ wɔne no nyinaa yɛ pɛ wɔ Onyankopɔn anim no, ɛma ɛyɛɛ mmerɛw maa wɔn sɛ wobetie n’afotu no. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛne obi rekosusuw aniberesɛm bi ho mpo, na sɛ yekyia no ahobrɛase mu a, ebetumi ayɛ mmerɛw ama yɛne no abɔ nkɔmmɔ no.

Sɛ obi fi ne komam kyia ne yɔnko na ɔma ohu sɛ ɔdɔ no pa ara, na sɛ nkyia no yɛ tia mpo a, ɛso wɔ mfaso pa ara. Sɛ wukyia obi na ɛyɛ sɛ nea wante mpo a, ɛso betumi aba mfaso. (Mat. 22:39) Da bi a onuawa bi a ɔwɔ Ireland koduu Ahenni Asa so no, na wɔreyɛ afi asafo nhyiam ase ara ne sa. Bere a onuawa no de ahoɔhare wuraa hɔ no, onua bi danee ne ho serew kyerɛɛ no, na ɔkaa sɛ: “Akwaaba. M’ani agye pa ara sɛ mahu wo.” Onuawa no anka hwee na ɔkɔtenaa ase.

Nnawɔtwe kakra akyi no, onuawa no kɔɔ onua no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ nnansa yi ɔrefa ɔhaw bi mu pa ara wɔ ne fie. Onuawa no kaa sɛ: “Saa anwummere no, na mayɛ basaa pa ara, enti ɛkaa kakraa bi anka mamma Ahenni Asa so. Menkae nea ɛkɔɔ so wɔ asafo nhyiam ase no papa, gye wo nkyia no. Ɛmaa me koma tɔɔ me yam pa ara. Meda wo ase.”

Onua no anhu sɛ ne nkyia tiawa no kaa onuawa no koma saa. Onua no kaa sɛ: “Bere a onuawa no kaa sɛnea asɛm tiawa a mekae no kaa ne koma no, ɛyɛɛ me dɛ pa ara sɛ mikyiaa no. Ɛmaa me nso m’ani gyei pa ara.”

Solomon kyerɛwee sɛ: “Tow wo paanoo pete nsu ani, na nna pii akyi no, wo nsa bɛka bio.” (Ɔsɛnk. 11:1) Sɛ yehu mfaso a ɛwɔ so sɛ yekyia afoforo, ɛnkanka yɛn mfɛfo Kristofo a, ɛhyɛ yɛne wɔn nyinaa nkuran. Enti, mommma yemmmu tumi a nkyia wɔ no adewa da.