Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

Woatɔ wo bo ase akenkan Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

Nneɛma nnan bɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛatumi ato nnwom yiye?

Yebetumi agyina hɔ yiye na yɛama yɛn nnwom nhoma no so akɔ soro. Ɛsɛ sɛ yɛhome yiye. Sɛ yebue yɛn anom pa ara na yɛto nnwom ma epue yiye a, yebetumi ato no den.​—w17.11, kr. 5

Mmeae a na guankɔbea nkurow a ɛwɔ Israel no deda ne akwan a na ɛkɔ hɔ no, dɛn na yɛn ani gye ho wɔ ho?

Guankɔbea nkurow nsia na na ɛwɔ ɔman no mu, na na akwan a ɛkɔ hɔ no ye. Enti, na ɛrenyɛ den sɛ obi betumi aguan akɔ hɔ ntɛm.​—w17.11, kr. 14

Onyankopɔn akyɛde a ɛne agyede no a ɔnam Yesu so de mae no yɛ akyɛde a ne sɛso nni hɔ a yebetumi anya. Adɛn ntia?

Ɛma yenya anidaso sɛ daakye yɛbɛtena ase daa, na ɛma yenya anidaso sɛ wobegye yɛn afi bɔne ne owu mu. Esiane sɛ Onyankopɔn dɔ Adam asefo nti, bere a yɛda so yɛ abɔnefo no, ɔde Yesu maa yɛn.​—wp17.6, kr. 6-7

Yɛyɛ dɛn hu sɛ Dwom 118:22 fa Yesu wusɔre ho?

Wɔannye Yesu antom sɛ ɔno ne Mesia no, na wokum no. Nea ɛbɛyɛ na wabɛyɛ “tweatibo no,” na ɛsɛ sɛ wonyan no fi awufo mu.​—w17.12, kr. 9-10

Obiara a na Mesia no bɛfa no so aba no, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ abakan anaa?

Ɛtɔ da a, na onipa a Yesu bɛfa no so aba no yɛ abakan, nanso ɛnyɛ bere nyinaa na ɛkɔɔ saa. Ná Dawid nyɛ Yese abakan; nanso Mesia no fi Dawid abusua mu.​—w17.12, kr. 14-15

Nnuruyɛ ho nnyinasosɛm bɛn na ɛwɔ Bible mu?

Mose Mmara no ase no, na woyi nnipa a yare ahorow bi ayɛ wɔn fi nnipa mu. Sɛ nkurɔfo so funu mu a, na ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn nsa. Ná Mose Mmara no hwehwɛ sɛ wɔkata agyanan so yiye. Ná ɛsɛ sɛ wotwa mmarimaa a wɔawo wɔn foforo twetia da a ɛto so nwɔtwe; sɛ wotwa no saa bere no a, ɛboa efisɛ saa bere no na mogya a etu abofra no betumi atwa ntɛm.​—wp18.1, kr. 7

Adɛn nti na ɛnyɛ mfomso sɛ Kristoni bɛdɔ ne ho sɛnea ɛfata?

Ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko sɛ yɛn ho. (Mar. 12:31) Ɛsɛ sɛ okununom “dɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua.” (Efe. 5:28) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ obi dɔ ne ho a ebetumi abɛyɛ pɛsɛmenkominya dɔ.​—w18.01, kr. 23

Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛanya nkɔso wɔ Yehowa som mu?

Ehia sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm dwinnwen ho, na afei yɛde nea yesua no bɔ yɛn bra. Ɛsɛ sɛ yebue yɛn adwene ne yɛn koma mu ma honhom kronkron kyerɛ yɛn kwan, na yegye afoforo mmoa tom na yɛkyerɛ ho anisɔ.​—w18.02, kr. 26

Ɛnyɛ nsoromma mu hwɛ ne adebisa na ɛbɛma yɛahu nea ɛbɛba daakye. Adɛn ntia?

Nneɛma pii ntia. Nanso ade titiriw ne sɛ, Bible kasa tia ne mmienu nyinaa.​—wp18.2, kr. 4-5

Sɛ obi to nsa frɛ yɛn sɛ yemmedidi na yɛpene so a, ɛsɛ sɛ yebu no sɛn?

Sɛ obi to nsa frɛ yɛn na yɛpene so a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden di yɛn asɛm so. (Dw. 15:4) Ɛnsɛ sɛ yegyina asɛnhunu biara so twam. Ebia na nea wato nsa afrɛ yɛn no abrɛ ne ho ayɛ aduan.​—w18.03, kr. 18

Dɛn na mpanyimfo betumi asua afi Timoteo hɔ?

Ná Timoteo dwen nnipa ho pa ara, na na ɔde asɛnka adwuma di kan wɔ n’asetena mu. Ɔyeree ne ho yɛɛ ɔsom adwuma no, na ɔde nea osuae yɛɛ adwuma. Ɔkɔɔ so tetee ne ho, na ɔmaa Yehowa honhom kyerɛɛ no kwan. Mpanyimfo ne afoforo nyinaa betumi asuasua nea ɔyɛe no.​—w18.04, kr. 13-14