ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM June 2020

Adesua nsɛm a yebesua August 3-30, 2020.

“Wo Din Ho Ntew”

Adesua asɛm 23: August 3-9, 2020. Asɛm bɛn na ɛho hia nnipa ne abɔfo nyinaa? Dɛn na ɛma saa asɛm no ho hia saa, na ɛfa yɛn ho sɛn? Sɛ yehu nsɛmmisa yi ne nsɛmmisa foforo a ɛfa saa asɛm yi ho mmuae a, ɛbɛboa yɛn ama yɛahyɛ yɛne Yehowa adamfofa mu den.

“Ma Me Koma Koro Ma Ensuro Wo Din”

Adesua asɛm 24: August 10-16, 2020. Adesua yi mu no, yɛde yɛn adwene besi Ɔhene Dawid mpae a ɛwɔ Dwom 86:11, 12 no so. Sɛ Bible ka sɛ yensuro Yehowa din a, ɛkyerɛ sɛn? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya obu kɛse ma Yehowa din no? Sɛ yesuro Onyankopɔn a, sɛn na ɛbɛbɔ yɛn ho ban bere a biribi resɔ yɛn ahwɛ sɛ yɛnyɛ bɔne no?

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

“Honhom no aba” no fã ahorow no, ne nyinaa na wɔabobɔ din wɔ Galatifo 5:22, 23 no anaa?

“M’ankasa Mɛhwehwɛ Me Nguan”

Adesua asɛm 25: August 17-23, 2020. Wɔn a wɔde nokwaredi asom Yehowa mfe pii no, adɛn nti na wɔn mu binom twe wɔn ho fi asafo no ho? Yehowa te nka sɛn wɔ wɔn ho? Yebesusuw saa nsɛmmisa yi ho wɔ adesua yi mu. Tete no, ebinom twee wɔn ho fii Yehowa ho bere tiaa bi mu, nanso Yehowa boaa wɔn. Yɛbɛhwɛ nea yebetumi asua afi mu.

“Monsan Mmra Me Nkyɛn”

Adesua asɛm 26: August 24-30, 2020. Yehowa pɛ sɛ wɔn a wɔne asafo no mmɔ bio no san ba ne nkyɛn. Yehowa reka akyerɛ wɔn sɛ: “Monsan mmra me nkyɛn.” Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsan ba no, yebetumi ayɛ nneɛma pii de ahyɛ wɔn nkuran. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea yebetumi aboa wɔn ama wɔasan aba Yehowa nkyɛn.