Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛnnɛ Wɔhyɛn Torobɛnto No a, Dɛn Na Ɛsɛ Sɛ Yɛyɛ?

Ɛnnɛ Wɔhyɛn Torobɛnto No a, Dɛn Na Ɛsɛ Sɛ Yɛyɛ?

YƐN nyinaa gye di sɛ Yehowa rekyerɛ ne nkurɔfo kwan na ɔreboa wɔn ama wɔne ne ntam ayɛ kama wɔ “nna a edi akyiri” yi mu. (2 Tim. 3:1) Enti ɛyɛ yɛn mu biara asɛde sɛ otie Yehowa. Yebetumi de tebea a yɛwom no atoto bere a na Israelfo no wɔ sare so no ho. Sɛ wɔte sɛ wɔahyɛn torobɛnto no a, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi.

Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmmoro dwetɛ mfa nyɛ ntorobɛnto mmienu na bere biara a ɛsɛ sɛ “nnipa no bɔ gua anaa wotu kɔ baabi foforo no,” wɔnhyɛn ntorobɛnto no. (Num. 10:2) Asɔfo no na na ɛsɛ sɛ wɔhyɛn ntorobɛnto no, nanso na wɔnyɛ saa wɔ ɔkwan baako so. Torobɛnto biara a wɔbɛhyɛn no, na ɛkyerɛ ɔman no nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. (Num. 10:3-8) Ɛnnɛ nso, wɔnam akwan horow so de akwankyerɛ ma Onyankopɔn nkurɔfo. Yɛbɛhwɛ akwan a yɛfa so nya akwankyerɛ no mu mmiɛnsa, na yɛde bɛtoto sɛnea tete no na wɔhyɛn ntorobɛnto wɔ Israel ho. Akwan mmiɛnsa no ni: Ɛnnɛ, wɔfrɛ Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa ma wohyiam, wɔde ntetee ma asafo mu mpanyimfo, na afei akwankyerɛ a asafo ahorow no nyinaa nya no, ɛyɛ a wɔyɛ mu nsakrae.

BERE A WƆAFRƐ YƐN SƐ YƐN NYINAA NHYIA MU

Sɛ na Yehowa pɛ sɛ “asafo no nyinaa” hyiam wɔ ntamadan no ano wɔ baabi a ɛkyerɛ apuei a, na asɔfo no hyɛn ntorobɛnto mmienu no nyinaa. (Num. 10:3) Ná mmusuakuw no nyinaa te ntorobɛnto no nnyigyei. Ná Israelfo no atwa ntamadan no ho ahyia, na na wɔakyɛ wɔn mu akuw nnan. Enti, wɔn a na wɔn atenae bɛn ntamadan no ano no, na wobetumi abedu hɔ ntɛm. Ná afoforo nso atenae wɔ akyiri, enti ebia na ebegye bere kakra ansa na wɔabedu hɔ. Ɛmfa ho baabi a na obiara te no, na Yehowa pɛ sɛ wɔn nyinaa behyiam na wotie n’akwankyerɛ.

Ɛnnɛ, yenhyiam wɔ ntamadan bi ano, na mmom Onyankopɔn nkurɔfo yɛ nhyiam ahorow. Ebi ne ɔmantam nhyiam ahorow ne nhyiam titiriw a yɛyɛ; wɔkyerɛkyerɛ yɛn wɔ hɔ na wɔma yɛn akwankyerɛ a ɛbɛboa yɛn. Wokɔ wiase baabiara a Yehowa nkurɔfo sua ade koro. Ɛno nti, obi biara a wɔbɛto nsa afrɛ no a ɔbɛkɔ yɛn nhyiam yi bi no, ɔne Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa ani gye. Ɛyɛ a ebinom twa kwan kyɛn afoforo. Nanso ɛmfa ho mmɔden a ɛsɛ sɛ obi bɔ na watumi akɔ no, ɔkɔ a ohu sɛ mfaso wɔ so paa.

Na anuanom a wɔwɔ akuw a atew ne ho a ɛmmɛn mmeae a wɔyɛ nhyiam akɛse no nso ɛ? Abɛɛfo mfiri nti, saa anuanom yi mu pii tumi tie dwumadi koro no ara a wɔyɛ wɔ nhyiam akɛse ase no, na wɔte nka mpo sɛ wɔwɔ nhyiam no ase. Ɛho nhwɛso ne bere a asafo ti no nanmusini bi kɔɔ baa dwumadibea a ɛwɔ Benin no. Baa dwumadibea no faa abɛɛfo mfiri so maa anuanom a wɔwɔ Arlit, Niger no tumi tiee dwumadi no bi. Arlit yɛ kurow bi a ɛwɔ Sahara anweatam so, na wotu fagude wɔ hɔ. Anuanom ne anigyefo aduonu baako na wohyiaam. Ɛwom sɛ na baabi a wɔwɔ no atew ne ho de, nanso wɔtee nka sɛ wɔne nnipadɔm a wɔn dodow yɛ 44,131 a wɔahyiam no yɛ baako. Onua baako kyerɛwee sɛ: “Yɛda mo ase pii sɛ moafa abɛɛfo mfiri so ama yɛatie dwumadi yi bi. Afei nso, ɛma yehui sɛ yɛda mo koma so paa.”

BERE A WƆAFRƐ ASAFO MU MPANYIMFO

Sɛ asɔfo a wɔwɔ Israel no hyɛn torobɛnto baako pɛ a, “Israel atitiriw a wɔdeda mpempem ano no” na na ɛsɛ sɛ wɔba ahyiae ntamadan hɔ. (Num. 10:4) Wɔba hɔ a, na Mose bɛma wɔn akwankyerɛ na watete wɔn. Ná ɛno bɛboa wɔn na asɛyɛde a wɔwɔ wɔ wɔn mmusuakuw mu no, wɔatumi adi ho dwuma. Sɛ na woka saa atitiriw no ho a, anka worenyɛ nea wubetumi biara nkɔ na woanya so mfaso?

Ɛnnɛ, asafo mu mpanyimfo nyɛ “atitiriw”; na saa ara nso na wonni Onyankopɔn nguankuw a wɔhwɛ wɔn so no so bakoma. (1 Pet. 5:1-3) Na mmom wɔyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛhwɛ nguankuw no so yiye. Enti sɛ wɔfrɛ wɔn sɛ wommegye ntetee a, wɔmpopo wɔn ti koraa. Ɛtɔ da a wonya ntetee wɔ Ahenni Som Sukuu. Mpanyimfo no kɔ sukuu a ɛte saa a, wosua sɛnea wobetumi ahwɛ asafo no so yiye. Ntetee a mpanyimfo yi nya nti, ɛma wɔne asafo no mufo nyinaa tumi bɛn Yehowa paa. Sɛ wonkɔɔ sukuu yi bi mpo a, ebia wɔn a wɔakɔ bi no de nea wɔasua no reboa wo.

BERE A EHIA SƐ YƐYƐ NSAKRAE

Ɛtɔ da a na asɔfo a wɔwɔ Israel hyɛn torobɛnto no ma ne nnyigyei kɔ soro ba fam. Ná wei bɔ wɔn nkae sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔman no nyinaa tu. (Num. 10:5, 6) Sɛ ɔman no retu a, sɛnea na obiara di ne kwan mu na wɔahyehyɛ wɔn no, na ɛyɛ nwonwa paa, nanso na ɛho adwuma nna fam. Ɛtɔ da a, na ebetumi ayɛ den ama Israelfo binom sɛ wobetu akɔ baabi foforo. Adɛn ntia?

Ebia na ebinom susuw sɛ wɔtaa hyɛn abɛn no dodo na wɔhyɛn no bere a wɔn ani nna nso. “Ɛtɔ da bi a, omununkum no kata [ntamadan no] so fi anwummere kosi anɔpa.” Ɛtɔ da nso a, na edi “nnanu anaa ɔsram anaa nea ɛboro saa” ansa na Israelfo no atu. (Num. 9:21, 22) Mpɛn dodow ahe na ɔman no tui? Numeri ti 33 ka mmeae 40 a Israelfo no tu kɔe.

Ɛtɔ da a, ebia na ebinom nya baabi a nwini wɔ soɛ. Sɛ obi nya baabi a ɛte saa wɔ “sare kɛse a ɛso yɛ hu” no so a, na ɛbɛma ne ho adwo no. (Deut. 1:19) Enti, na ebinom betumi anya adwene sɛ, sɛ wotu fi hɔ a, wɔrenya baabi a ɛhɔ dwo saa.

Sɛ mmusuakuw no fi ase sɛ wɔretu a, ebia na ɛbɛyɛ den ama ebinom sɛ wobenya abotare atwɛn ama adu wɔn so. Sɛ wɔhyɛn torobɛnto no ma ne nnyigyei kɔ soro ba fam a, na wɔn nyinaa te, nanso na wɔn nyinaa rentumi mmɔ mu ntu prɛko. Sɛ wɔhyɛn torobɛnto no ma ne nnyigyei kɔ soro ba fam a, ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ Yuda, Isakar, ne Sebulon mmusuakuw a wɔwɔ apuei no tu. (Num. 2:3-7; 10:5, 6) Sɛ saa mmusuakuw yi kɔ a, na asɔfo no san hyɛn torobɛnto no ma ne nnyigyei kɔ soro ba fam ma mmusuakuw mmiɛnsa a ɛwɔ anafo no nso tu. Ná asɔfo no yɛ saa ara kosi sɛ ɔman no nyinaa betu.

Ebetumi aba sɛ asafo no de nsakrae bi bae nanso na ɛyɛ den sɛ wubegye atom. Ebia sɛnea nsakrae no bae no, na ɛyɛ wo sɛ ɛdɔɔso dodo. Anaa ebia sɛnea na nneɛma te no na wopɛ no saa, enti wo yam a anka nsakrae biara amma. Ebia na ɛyɛ den sɛ wubenya ho abotare, na ɛkyɛe ansa na woregye atom. Nanso sɛ w’ani ba wo ho so na wugye tom a, ebia wubehu sɛ Onyankopɔn rehyira wo.

Mmarima, mmea, ne mmofra mpempem pii a na Mose ne wɔn nam sare so no, Yehowa kyerɛɛ wɔn kwan. Ɛnyɛ ɔno na ɔhwɛɛ wɔn so kyerɛɛ wɔn kwan a, anka ɛrenka baako koraa. Ɛnnɛ nso, sɛ Yehowa ankyerɛ yɛn kwan a, yɛne ne ntam rentumi nyɛ papa. Ɛno na ɛma yetumi kɔ so som no. Enti sɛnea na Israelfo anokwafo no te ntorobɛnto no nnyigyei a wɔyɛ ho biribi no, momma yɛn nyinaa nsi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ saa!