Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 25

“M’ankasa Mɛhwehwɛ Me Nguan”

“M’ankasa Mɛhwehwɛ Me Nguan”

“M’ankasa mɛhwehwɛ me nguan na mayɛn wɔn.”—HES. 34:11.

DWOM 105 “Onyankopɔn Ne Dɔ”

NEA YƐREBESUA *

1. Adɛn nti na Yehowa de ne ho totoo ɔbaatan ho?

“SO ƆBEA werɛ befi ne nufu ano ba?” Odiyifo Yesaia bere so na Yehowa bisaa saa asɛm yi. Onyankopɔn ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ: “Mmea yi werɛ betumi afi, nanso me de, me werɛ remfi wo.” (Yes. 49:15) Yehowa ntaa mfa ne ho ntoto ɔbaatan ho. Nanso asɛm yi mu de, ɔyɛɛ saa. Esiane sɛ na Yehowa pɛ sɛ n’asomfo hu sɛ ɔdɔ wɔn paa nti, ɔde sɛnea ɔdɔ wɔn no totoo ɔdɔ a emu yɛ den a ɔbaatan wɔ ma ne mma ho. Onuawa bi a ne din de Jasmin kaa sɛ: “Sɛ woma wo ba nufu a, ɛma wo ne no nya abusuabɔ soronko bi a ɛtena hɔ mo nkwa nna nyinaa.” Abaatan dodow no ara ne Jasmin bɛyɛ adwene.

2. Sɛ Yehowa ba bi twe ne ho fi ne ho a, ɛyɛ a ɔte nka sɛn?

2 Sɛ Yehowa ba baako pɛ mpo gyae Kristofo nhyiam ne asɛnka kɔ a, ohu. Afe biara, Yehowa asomfo mpempem gyae asɛnka kɔ. * Sɛ Yehowa hu saa a, wunhu sɛ ɛbɛyɛ no yaw paa?

3. Dɛn na Yehowa pɛ?

3 Saa anuanom a wɔagyae asɛnka kɔ yi mu pii san ba asafo no mu, na sɛ wɔba a yegye wɔn fɛw so! Yehowa pɛ sɛ wɔsan ba, na yɛn nso yɛpɛ no saa. (1 Pet. 2:25) Yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn? Ansa na yebebua saa asɛm yi, ɛbɛyɛ papa sɛ yehu nea enti a ebinom gyae asafo nhyiam ne asɛnka kɔ.

ADƐN NTI NA EBINOM GYAE YEHOWA SOM?

4. Adwuma nti, dɛn na ɛto ebinom?

4 Ebinom de wɔn ho ahyɛ wɔn adwuma mu fee. Hung * yɛ onua bi a ɔwɔ Asia anafo. Ɔka sɛ: “Memaa m’adwuma gyee me bere ne m’ahoɔden nyinaa. Manyɛ m’ade nyansam. Ná ɛyɛ me sɛ, sɛ minya sika pii a na metumi asom Yehowa yiye. Enti mede me bere pii yɛɛ adwuma. Mifii ase totoo asafo nhyiam mu, na ewiee ase no migyaee asafo nhyiam kɔ koraa. Wohwɛ sɛnea wiase no te a, wobɛka sɛ wɔahyɛ da ayɛ no sɛ ɛntwe nnipa mfi Onyankopɔn ho nkakrankakra.”

5. Onuawa bi hyiaa ɔhaw toatoaa so. Ɛkaa no sɛn?

5 Anuanom binom hyia ɔhaw pii, na ɛyɛ a ɛhyɛ wɔn so. Anne yɛ onuawa a ofi Britain; ɔwɔ mma nnum. Anne ka sɛ, “Mewoo me kaakyire no, na ɔyare paa. Akyiri yi, wotuu me babea baako fii asafo no mu, na me babarima baako nso nyaa adwenem yare bi. Adwinnwen hyɛɛ me so ara ma migyaee asafo nhyiam kɔ, na ewiee ase no, migyaee asɛnka kɔ koraa.” Anne ne n’abusua ne afoforo a wohyia nsɛnnennen a ɛte saa no, wɔn asɛm haw yɛn paa na yedwen wɔn ho!

6. Sɛ obi amfa asɛm a ɛwɔ Kolosefo 3:13 no anyɛ adwuma a, adɛn nti na ebetumi ama watwe ne ho afi Yehowa asomfo ho?

6 Kenkan Kolosefo 3:13. Yehowa asomfo bi wɔ hɔ a, wɔn nuanom Kristofo ayɛ ade ama ahye wɔn paa. Ɔsomafo Paul kaa sɛ ɛtɔ da a, yɛn nua Kristoni bi bɛyɛ biribi ama yɛanya ‘asɛm atia’ no. Ebi mpo a na yɛn nua bi ne yɛn anni no yiye. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, ebia yɛde abufuw bɛhyɛ yɛn mu. Sɛ obi de abufuw hyɛ ne mu a, nkakrankakra ebetumi ama watwe ne ho afi Yehowa asomfo ho. Yɛnhwɛ nea ɛtoo onua bi a wɔfrɛ no Pablo; ɔwɔ South Amerika. Obi de asɛm too ne so, na ɛno nti, hokwan bi a na ɔwɔ wɔ asafo no mu fii ne nsa. Ɔyɛɛ n’ade sɛn? Pablo ka sɛ: “Me bo fuwii, na nkakrankakra metwee me ho fii asafo no ho.”

7. Sɛ obi ahonim bu no fɔ a, sɛn na ebetumi aka no?

7 Sɛ obi buu Onyankopɔn mmara so bere bi a atwam a, ebetumi ama n’ahonim ateetee no, na wanya adwene sɛ ɔmfata sɛ Onyankopɔn dɔ no bio. Sɛ mpo onuu ne ho ma wohuu no mmɔbɔ a, ebia obenya adwene sɛ ɔmfata sɛ Onyankopɔn bu no sɛ ne somfo bio. Onua bi a ɔde Francisco nyaa saa adwene no. Ɔka sɛ: “Mebɔɔ aguaman ma wɔkaa m’anim. Mfiase no, na mekɔ asafo nhyiam, nanso akyiri yi adwinnwen hyɛɛ me so na ɛmaa metee nka sɛ memfata sɛ me ne Yehowa nkurɔfo bɔ. M’ahonim haw me saa, na na migye di sɛ Yehowa mfaa me bɔne nkyɛɛ me. Ewiee ase no, migyaee asafo no.” Anuanom a wohyia tebea ahorow a yɛaka ho asɛm yi, sɛn na wote nka wɔ wɔn ho? Wowɔ tema ma wɔn anaa? Na Yehowa nso ɛ, ɔte nka sɛn wɔ wɔn ho?

YEHOWA DƆ NE NGUAN

Ná oguanhwɛfo a ɔwɔ Israel dwen ne guan a wayera ho paa (Hwɛ nkyekyɛm 8-9) *

8. Ɛyɛ a Yehowa werɛ fi wɔn a bere bi na wɔsom no no anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

8 Wɔn a bere bi na wɔsom Yehowa nanso seesei wɔne Onyankopɔn nkurɔfo mmɔ no, Yehowa werɛ mfii wɔn. Saa ara nso na ne werɛ mfii adwuma a wɔyɛe wɔ ne som mu no. (Heb. 6:10) Sɛnea Yehowa dwen ne nkurɔfo ho no, odiyifo Yesaia de mfatoho bi kyerɛkyerɛɛ mu kama. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɔbɛhwɛ ne nguan sɛ oguanhwɛfo. Ɔbɛma ne nguammaa so wɔ ne basa so na waturu wɔn ne kokom.” (Yes. 40:11) Sɛ Oguanhwɛfo Kɛse Yehowa hu sɛ ne guan baako ayera a, ɔte nka sɛn? Yesu bisaa n’asuafo no asɛm bi, na ɛma yehu sɛnea Yehowa te nka wɔ n’asomfo ho. Obisaa wɔn sɛ: “Mudwen ho dɛn? Sɛ obi wɔ nguan ɔha na emu biako yera a, so ɔrennyaw aduɔkron akron no wɔ bepɔw so nkɔhwehwɛ nea wayera no? Na sɛ ohu no a, nokwarem mise mo sɛ odi ne ho ahurusi sen aduɔkron akron a wɔnyerae no.”—Mat. 18:12, 13.

9. Tete mmere mu no, sɛn na na oguanhwɛfo pa yɛ ne nguan? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

9 Adɛn nti na yebetumi de Yehowa atoto oguanhwɛfo ho? Efisɛ tete no, na oguanhwɛfo pa hwɛ ne nguan yiye. Ɛho nhwɛso ni. Bere bi esiane sɛ na Dawid pɛ sɛ ɔbɔ ne nguan ho ban nti, okum gyata ne osisi. (1 Sam. 17:34, 35) Obi a ɔyɛ oguanhwɛfo pa no, sɛ ne guan baako pɛ mpo yera a, ohu. (Yoh. 10:3, 14) Saa oguanhwɛfo no begyaw nguan 99 no wɔ buw mu anaa ɔde wɔn bɛhyɛ oguanhwɛfo foforo nsa na wakɔhwehwɛ ne guan a wayera no. Yesu maa saa mfatoho yi sɛnea ɛbɛyɛ a yebesua biribi titiriw bi. Ɔkaa sɛ: “M’Agya a ɔwɔ soro no ani nnye ho sɛ nkumaa yi mu biako bɛyera.”—Mat. 18:14.

Oguanhwɛfo bi a na ɔwɔ tete Israel rehwɛ ne guan a ɔyerae (Hwɛ nkyekyɛm 9)

YEHOWA HWEHWƐ NE NGUAN

10. Sɛnea Hesekiel 34:11-16 kyerɛ no, dɛn na Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ ama ne nguan a wɔayera no?

10 Yehowa dɔ yɛn mu biara, na “nkumaa” a wɔatwe wɔn ho afi ne nguankuw ho no nso ka ho. Onyankopɔn nam odiyifo Hesekiel so hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛhwehwɛ ne nguan a wɔayera no na waboa wɔn ama wɔne ne ntam asan ayɛ kama. Onyankopɔn kyerɛɛ nneɛma pɔtee a ɔbɛyɛ de agye ne nguan. Sɛnea na oguanhwɛfo a ɔwɔ Israel guan yera a ɔyɛ no, saa ara na Onyankopɔn nso bɛyɛ. (Kenkan Hesekiel 34:11-16.) Nea edi kan, oguanhwɛfo no hwehwɛ ne guan no. Ɛtɔ da a, na ɛnna fam efisɛ na ebetumi akyɛ paa ansa na wahu oguan no. Afei, sɛ oguanhwɛfo no hu ne guan a wayera no a, ɔsan de no bɛka nguankuw no ho. Afei nso, sɛ oguan no apira anaa ɔkɔm de no a, oguanhwɛfo no bɛhwɛ no kama, akyekyere ne kuru, ama no so, na wama no aduan. Asafo mu mpanyimfo na wɔhwɛ “Onyankopɔn nguankuw” no so, enti sɛ nguan no bi twe wɔn ho fi asafo no ho a, ɛsɛ sɛ wɔfa saa kwan yi so boa wɔn. (1 Pet. 5:2, 3) Mpanyimfo no hwehwɛ wɔn, wɔboa wɔn ma wɔsan ba asafo no mu, na wɔboa wɔn ma wɔne Yehowa ntam san yɛ papa. Wɔyɛ saa de kyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn. *

11. Dɛn na na oguanhwɛfo pa biara nim fa ne nguan ho?

11 Ná oguanhwɛfo pa biara nim sɛ ne guan betumi ayera. Enti sɛ ɛkɔba sɛ oguan bi yera a, na ɔnyɛ no basabasa. Tete no, Yehowa asomfo binom gyidi hinhimii kakra. Momma yɛnhwɛ nea Onyankopɔn yɛ de boaa wɔn.

12. Yehowa ne Yona dii no sɛn?

12 Bere a Yehowa somaa odiyifo Yona no, oguanee. Nanso, Yehowa annyae Yona akyi di. Sɛnea oguanhwɛfo pa yɛ no, Yehowa gyee no na ɔboaa no ma onyaa ahoɔden a ɔde bɛyɛ adwuma a ɔde hyɛɛ ne nsa no. (Yona 2:7; 3:1, 2) Akyiri yi, Onyankopɔn nam kɔntoa dua so boaa Yona ma ohui sɛ onipa biara nkwa som bo. (Yona 4:10, 11) Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu? Sɛ obi gyae asɛnka kɔ a, ɛnsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo gyae n’akyi di. Mmom, asafo mu mpanyimfo bɔ mmɔden sɛ wobehu nea ɛmaa onii no twee ne ho fii asafo no ho. Sɛ saa onua no san ba Yehowa nkyɛn a, mpanyimfo no yɛ nneɛma bi ma ohu sɛ wɔdɔ no na wodwen ne ho.

13. Yɛhwɛ sɛnea Yehowa ne nea ɔkyerɛw Dwom 73 no dii a, dɛn na yesua fi mu?

13 Bere a nea ɔkyerɛw Dwom 73 no hui sɛ ɛte sɛ nea abɔnefo di yiye no, n’abam bui. Ná ɛyɛ no sɛ mfaso nni so sɛ obi bɛyɛ Onyankopɔn apɛde. (Dw. 73:12, 13, 16) Dɛn na Yehowa yɛe? Wammu odwontofo no fɔ. Nea ɛwom ne sɛ, Onyankopɔn ma wɔkyerɛw odwontofo no asɛm no wɔ Bible mu. Ewiee ase no odwontofo no hui sɛ, sɛ obi ne Yehowa ntam yɛ kama a, ɛso wɔ mfaso sen biribi foforo biara, na ɛmaa ne koma tɔɔ ne yam. (Dw. 73:23, 24, 26, 28) Dɛn na yesua fi mu? Sɛ obi fi ase nya adwene sɛ mfaso biara nni so sɛ obi bɛsom Yehowa a, ɛnsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo pere wɔn ho bu no atɛn. Sɛnea onii no kasa ne sɛnea ɔyɛ n’ade no, ɛnsɛ sɛ ɛno nti mpanyimfo no bu no fɔ, na mmom ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden hu nea enti a ɔreyɛ saa. Ɛno ansa na mpanyimfo no betumi de Bible atu no fo ama aboa no.

14. Adɛn nti na na Elia hia mmoa, na sɛn na Yehowa boaa no?

14 Odiyifo Elia guan fii Ɔhemmaa Yesebel anim. (1 Ahe. 19:1-3) Na osusuw sɛ ɔno nko ara ne Yehowa diyifo a waka, na na ɔte nka sɛ n’adwuma no so nni mfaso biara. Adwinnwen hyɛɛ Elia so ara ma na ɔpɛ sɛ owu. (1 Ahe. 19:4, 10) Sɛ́ anka Yehowa bebu Elia atɛn no, ɔma onyaa awerɛhyem sɛ ɛnkaa ɔno nko ara, na ɔma ohui sɛ ɔde ne tumi bɛtaa n’akyi. Afei nso, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ adwuma pii wɔ hɔ a ɔpɛ sɛ ɔyɛ. Yehowa nyaa abotare tiee nea na ɛhaw Elia nyinaa na ɔmaa no dwumadi foforo. (1 Ahe. 19:11-16, 18) Dɛn na yesua fi mu? Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ Yehowa nguan no brɛbrɛ, nanso asafo mu mpanyimfo titiriw na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa. Sɛ obi ka sɛ ne bo afuw anaa ɔka sɛ ɔte nka sɛ Yehowa mfaa ne bɔne nkyɛɛ no na sɛ ɔreka ne koma mu asɛm akyerɛ mpanyimfo no a, wobetie no. Afei, wɔbɛyɛ nea wobetumi biara ama oguan a wayera no awerɛhyem sɛ Yehowa bu no sɛ ɔsom bo.

ONYANKOPƆN NGUAN A WƆAYERA NO, SƐN NA ƐSƐ SƐ YƐTE NKA WƆ WƆN HO?

15. Sɛnea Yohane 6:39 kyerɛ no, sɛn na na Yesu bu n’Agya nguan no?

15 Sɛn na Yehowa pɛ sɛ yebu ne nguan a wɔayera no? Yesu atwa ɛsa ato hɔ ama yɛn. Ná Yesu nim sɛ Yehowa nguan nyinaa som bo ma no, enti ɔyɛɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛboa “Israel fie nguan a wɔayera no” ama wɔasan aba Yehowa nkyɛn. (Mat. 15:24; Luka 19:9, 10) Afei nso, Yesu ne oguanhwɛfo pa no, enti ɔyɛɛ nea obetumi nyinaa sɛ ɔremma Yehowa nguan no mu biara nyera.—Kenkan Yohane 6:39.

16-17. Sɛ asafo mu mpanyimfo reboa wɔn a wɔayera no a, adwene bɛn na ɛsɛ sɛ wonya? (Hwɛ adaka a wɔato din “ Tebea a Oguan a Wayera Betumi Afa Mu.”)

16 Ɔsomafo Paul hyɛɛ asafo mu mpanyimfo a na wɔwɔ Efeso no nkuran sɛ wonsuasua Yesu. Ɔkaa sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ moboa wɔn a wɔyɛ mmerɛw no, na ɛsɛ sɛ mokae asɛm a Awurade Yesu ankasa kae no sɛ, “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”’ (Aso. 20:17, 35) Wei ma yehu sɛ, ɛnnɛ asafo mu mpanyimfo wɔ asɛyɛde soronko sɛ wɔhwɛ Yehowa nkurɔfo. Salvador yɛ asafo mu panyin wɔ Spain. Ɔka sɛ, “Mihu sɛ Yehowa dwen ne nguan a wɔayera no ho paa, na wei ka me koma sɛ menyɛ nea metumi biara mfa mmoa wɔn. Migye di sɛ Yehowa pɛ sɛ mehwɛ ne nguan no.”

17 Wɔn a na wɔatwe wɔn ho afi asafo no ho a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ adesua yi mu nyinaa no, wɔboaa wɔn ma wɔsan baa Yehowa nkyɛn. Seesei a yɛrekasa yi, anuanom a wɔatwe wɔn ho afi asafo no ho pii pɛ sɛ wɔsan ba Yehowa nkyɛn. Adesua a edi hɔ no bɛma yɛahu nea yebetumi ayɛ de aboa wɔn ama wɔasan aba Yehowa nkyɛn.

DWOM 139 Fa W’ani Bu Wiase Foforo No

^ nky. 5 Wɔn a wɔde nokwaredi asom Yehowa mfe pii no, adɛn nti na wɔn mu bi twe wɔn ho fi asafo no ho? Yehowa te nka sɛn wɔ wɔn ho? Yebesusuw saa nsɛmmisa yi ho wɔ adesua yi mu. Tete no, ebinom twee wɔn ho fii Yehowa ho bere tiaa bi, nanso Yehowa boaa wɔn. Yɛbɛhwɛ nea yebetumi asua afi mu.

^ nky. 2 ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Sɛ yɛka sɛ ɔdawurubɔfo bi agyae asɛnka kɔ a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, abosome nsia anaa nea ɛboro saa no, ɔnyɛɛ asɛnka adwuma no bi. Nanso, wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no da so ara yɛ yɛn nuanom, na yɛdɔ wɔn.

^ nky. 4 Wɔasesa edin ahorow no bi.

^ nky. 10 Adesua a edi hɔ no, yebehu akwan pɔtee a asafo mu mpanyimfo betumi afa so de akwankyerɛ yi ayɛ adwuma.

^ nky. 60 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Esiane sɛ na oguanhwɛfo a ɔwɔ Israel dwen ne guan a wayera ho nti, na ɔhwehwɛ oguan no, na ɔboa no ma ɔsan bɛka nguankuw no ho. Asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso yɛ saa ara.

^ nky. 64 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi a wagyae asɛnka kɔ te bɔs mu retwɛn sɛ ebetu; ɔrehwɛ Adansefo mmienu bi a wɔde anigye reyɛ baguam adansedi.