Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 26

“Monsan Mmra Me Nkyɛn”

“Monsan Mmra Me Nkyɛn”

“Monsan mmra me nkyɛn, na me nso mɛsan aba mo nkyɛn.”—MAL. 3:7.

DWOM 102 “Boa Wɔn a Wɔyɛ Mmerɛw No”

NEA YƐREBESUA *

1. Sɛ Yehowa guan bi san ba ne nkyɛn a, Yehowa te nka sɛn?

SƐNEA yesusuw ho wɔ adesua a edi wei anim mu no, Yehowa ka sɛ ɔte sɛ oguanhwɛfo pa a oyi ne yam hwɛ ne guan biara. Sɛ wɔn mu bi yera a, ɔhwehwɛ no. Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo a wɔtwee wɔn ho fii ne ho no sɛ: “Monsan mmra me nkyɛn, na me nso mɛsan aba mo nkyɛn.” Yenim sɛ nnɛ nyinaa saa na ɔte nka efisɛ ɔka sɛ: “Mensakrae.” (Mal. 3:6, 7) Yesu kaa sɛ, sɛ Yehowa asomfo a wɔayera no baako mpo san ba Yehowa nkyɛn a, Yehowa ne abɔfo no ani gye paa.—Luka 15:10, 32.

2. Dɛn na yɛbɛhwɛ wɔ adesua yi mu?

2 Momma yɛnhwɛ mfatoho mmiɛnsa bi a Yesu mae a ɛbɛma yɛahu sɛnea yɛbɛboa wɔn a wɔatwe wɔn ho afi Yehowa ho no. Yɛbɛhwɛ suban ahorow bi a yehia na ama yɛatumi aboa nguan a wɔayera no ama wɔasan aba Yehowa nkyɛn. Afei nso, yebehu nea enti a mfaso wɔ so sɛ yɛboa wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no.

HWEHWƐ SIKA A AYERA NO

3-4. Adɛn nti na ɔbea a wɔkaa ne ho asɛm wɔ Luka 15:8-10 no tɔɔ ne bo ase hwehwɛɛ ne drakma a na ayera no?

3 Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa hwehwɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔba Yehowa nkyɛn no. Yesu maa mfatoho bi wɔ Luka Asɛmpa no mu, na ɔkaa ɔbea bi a ɔhwehwɛɛ ne drakma a ɛyerae ho asɛm. Ná drakma no som bo ma ɔbea no paa. Mfatoho yi twe adwene si sɛnea ɔbea no yeree ne ho hwehwɛɛ sika a ɛyerae no so.—Kenkan Luka 15:8-10.

4 Yesu kaa sɛ ɔbea bi drakma a ɛsom bo yerae ma ohui, na ɔsan kaa sɛnea ɔbea no tee nka bere a ohuu sika no ho asɛm. Yesu bere so no, sɛ ɔbea bi reware wɔ Israel a, ɛtɔ da a na ne maame ma no drakma du. Ɔbea no drakma a ɛyerae no, ɛbɛyɛ sɛ na ɛka drakma du a ne maame de maa no no ho. Ná ɔbea no susuw sɛ drakma no atɔ fam. Enti ɔsɔɔ kanea hwehwɛe, nanso wanhu. Ɛbɛyɛ sɛ na kanea no ano nyɛ den nti na wanhu sika ketewaa no. Awiei koraa no, ɔtɔɔ ne bo ase praa fie hɔ nyinaa. Afei ɔnkɔhwɛ a, ne drakma a ɛsom bo no na ɛretew gya wɔ nwura a ɔboaa ano no mu yi. Wo de, hwɛ sɛnea n’ani begye afa! Ɔfrɛfrɛɛ ne nnamfo ne n’afipamfo, na ɔkaa anigyesɛm yi kyerɛɛ wɔn.

5. Adɛn nti na ebetumi ayɛ den sɛ yebehu wɔn a wɔagyae asafo no?

5 Sɛnea yehu wɔ Yesu mfatoho no mu no, sɛ biribi yera a, egye mmɔdenbɔ paa ansa na yɛahu. Saa ara na ɛte bere a yɛrehwehwɛ wɔn a wɔagyae asafo no; ɛtɔ da a egye mmɔdenbɔ paa ansa na yɛahu wɔn. Ebetumi aba sɛ wogyaee asafo no, mfe pii atwam. Ebi mpo a na wɔatu akɔtena baabi a anuanom a wɔwɔ hɔ no nnim wɔn. Nanso yɛreka yi, yegye di paa sɛ wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no mu bi yam a anka wɔasan aba Yehowa nkyɛn. Wɔpɛ sɛ wɔne Yehowa asomfo anokwafo bom som no, nanso wohia yɛn mmoa.

6. Dɛn na asafo no mufo nyinaa betumi ayɛ de aboa ama yɛahwehwɛ wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no?

6 Henanom na wobetumi aboa ama yɛahwehwɛ wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no? Yɛn nyinaa, kyerɛ sɛ, asafo mu mpanyimfo, akwampaefo, abusuafo, ne adawurubɔfo. Wo busuani anaa w’adamfo bi agyae asɛnka kɔ anaa? Woahyia obi a wagyae asɛnka kɔ bere a woreyɛ afie afie asɛnka anaa woreyɛ baguam adansedi? Ka kyerɛ onii no sɛ, sɛ n’ani begye ho sɛ obi bɛsra no a, wo de ne telefon nɔma ne n’address bɛma asafo mu mpanyimfo no.

7. Dɛn na wusua fi asɛm a asafo mu panyin bi a wɔfrɛ no Thomas kae no mu?

7 Asafo mu mpanyimfo paa na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔhwehwɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsan ba Yehowa nkyɛn no. Wɔbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Thomas * yɛ asafo mu panyin a ɔwɔ Spain. Waboa Adansefo bɛboro 40 ama wɔasan aba asafo no mu. Momma yɛnhwɛ asɛm a ɔkae: “Ade a midi kan yɛ ne sɛ, mibisa anuanom sɛ wonim baabi a wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no bi te seesei anaa. Anaa ɛyɛ a mibisa adawurubɔfo no sɛ wonim obi a wagyae asafo nhyiam ba anaa. Asafo no mufo dodow no ara ani gye ho sɛ wɔbɛboa, efisɛ wɔte nka sɛ wɔn nso ka ho bi na yɛrehwehwɛ anuanom a wɔagyae asɛnka kɔ no. Akyiri yi, sɛ mekɔsra anuanom a wɔagyae asɛnka kɔ no a, ɛyɛ a mibisa wɔn mma ne wɔn abusuafo ase. Wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no bi wɔ hɔ a, na wɔne wɔn mma ba asafo nhyiam, na ebia bere bi na saa mmofra no yɛ adawurubɔfo. Yebetumi aboa wɔn nso ama wɔasan aba Yehowa nkyɛn.”

BOA YEHOWA MMA A WƆAYERA NO MMA WƆNSAN MMRA ASAFO NO MU

8. Mfatoho a ɛfa ɔba a ɔyerae ho a ɛwɔ Luka 15:17-24 no, sɛn na agya no ne ne ba a ɔsakrae no dii?

8 Sɛ yebetumi aboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsan ba Yehowa nkyɛn no a, suban bɛn na ɛsɛ sɛ yenya? Yesu mfatoho a ɛfa ɔba a ɔyerae no ho no, momma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi mu. (Kenkan Luka 15:17-24.) Yesu ma yehu sɛnea ɔba a ɔyerae no ani baa ne ho so na osii gyinae sɛ ɔbɛsan akɔ fie. Papa no de mmirika kohyiaa ne ba no yɛɛ no atuu, na ɔma ohui paa sɛ ɔdɔ no. Ná ne ba no ahonim haw no, na na ɔte nka sɛ ɔmfata sɛ ne papa frɛ no ne ba bio. Ɔba no kaa ne koma mu asɛm kyerɛɛ ne papa, na papa no nyaa tema maa no. Afei, papa no yɛɛ nneɛma bi a ɛmaa ne ba no hui sɛ wagye no atom sɛ ne ba a ɔda ne koma so, na ɛnyɛ n’apaafo no bi. Enti papa no too pon maa ne ba a wasakra no, na ɔmaa no ntaade papa hyɛe.

9. Sɛ yebetumi aboa wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no ama wɔasan aba Yehowa nkyɛn a, suban bɛn na ɛsɛ sɛ yenya? (Hwɛ adakaa wɔato din “ Sɛnea Yɛbɛboa Wɔn a Wɔpɛ Sɛ Wɔsan Ba Yehowa Nkyɛn” no.)

9 Yehowa te sɛ agya a ɔwɔ mfatoho no mu no. Ɔdɔ yɛn nuanom a wɔagyae asɛnka kɔ no, na ɔpɛ sɛ wɔsan ba ne nkyɛn. Sɛ yesuasua Yehowa a, yebetumi aboa wɔn ama wɔasan aba ne nkyɛn. Nanso, sɛ yebetumi ayɛ saa a, ehia sɛ yenya abotare, tema, ne ɔdɔ ma wɔn. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda saa suban yi adi, na yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

10. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛboa obi ma ɔne Yehowa ntam san yɛ papa a, adɛn nti na ehia sɛ yenya abotare?

10 Nea enti a ehia sɛ yenya abotare ne sɛ, egye bere ansa na obi atumi asan aba Yehowa nkyɛn. Anuanom a na wɔagyae asɛnka kɔ no pii ka sɛ, mpanyimfo no ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu baa wɔn nkyɛn mpɛn pii ansa na wɔresan aba Yehowa nkyɛn. Onuawa bi a wɔfrɛ no Nancy a ofi Asia anafo ka sɛ: “Me yɔnko berɛbo bi a ɔwɔ asafo no mu boaa me paa. Ɔfaa me sɛ ne nua panyin, na na ɔdɔ me paa. Ɔkaee me sɛnea na yɛbom yɛ ade ma yɛn ani gye no. Sɛ meka me komam asɛm kyerɛ no a, na ɔyɛ aso tie me, na na ɛnyɛ den sɛ obetu me fo. Ɔma mihui sɛ ɔyɛ adamfo pa a ɔbɛboa me bere biara.”

11. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛboa obi a asɛm bi ahaw no a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya tema?

11 Sɛ wunya tema ma obi a, ɛte sɛ aduru tatahwe; ebetumi aboa obi a asɛm bi ahaw no ama ne ho adwo no. Wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no bi wɔ hɔ a, obi yɛɛ wɔn ade ma ɛyɛɛ wɔn yaw na wɔde ho abufuw ahyɛ wɔn mu besi nnɛ. Wei nti, ayɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛsan aba Yehowa nkyɛn. Ebinom nso adwene yɛ wɔn sɛ wɔne wɔn anni no yiye. Ebia ebehia sɛ wonya obi a wɔka wɔn asɛm kyerɛ no a, obetie wɔn na wate wɔn ase. (Yak. 1:19) Bere bi, María gyaee asɛnka kɔ. Ɔka sɛ: “Ná mihia obi a ɔbɛyɛ aso atie me, obi a ɔbɛkyekye me werɛ, na wama me afotu a ɛbɛboa me.”

12. Ma mfatoho fa kyerɛ sɛnea Yehowa nam ɔdɔ so twe wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no ma wɔsan ba asafo no mu.

12 Bible ka sɛ ɔdɔ a Yehowa wɔ ma ne nkurɔfo no te sɛ ahama. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Onyankopɔn dɔ te sɛ ahama? Momma yɛnhwɛ mfatoho yi: Yɛmfa no sɛ ɛpo refa wo, ɛnna obi ato atade bi a wohyɛ a ɛremma wo mmem ama wo. Anka wobɛte nka sɛn? Wunhu sɛ anka w’ani begye paa? Efisɛ ɛbɛboa wo na nsu no amfa wo. Nanso saa atade no nko ara rentumi nnye wo. Nsu no yɛ nwini, enti ɛsɛ sɛ wufi mu anyɛ saa a, wubewu. Wuhia obi a ɔbɛtow ahama ama woaso mu, na watwe wo aba hyɛmma mu. Yehowa kaa Israelfo a na wɔatwe wɔn ho no ho asɛm sɛ: ‘Mede ɔdɔ hama na ɛtwee wɔn.’ (Hos. 11:4) Ɛnnɛ, wɔn a wɔagyae Yehowa som na ɔhaw ne dadwen remene wɔn no, saa ara na Onyankopɔn te nka wɔ wɔn ho. Ɔpɛ sɛ wohu sɛ ɔdɔ wɔn, na ɔpɛ sɛ ɔtwe wɔn ma wɔsan ba ne nkyɛn. Yehowa betumi afa wo so ada ne dɔ adi akyerɛ wɔn.

13. Ka osuahu bi a ɛkyerɛ sɛnea ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nuanom betumi ama wɔasan aba Yehowa nkyɛn.

13 Ehia sɛ yɛma yɛn nuanom a wɔagyae asɛnka kɔ no hu sɛ Yehowa dɔ wɔn na yɛn nso yɛdɔ wɔn. Pablo a yɛkaa ne ho asɛm wɔ adesua a edi wei anim mu no gyaee asɛnka kɔ bɛboro mfe 30. Ɔka sɛ: “Anɔpa bi, bere a merefi fie no, onuawa bi a ne mfe akɔ anim ne me kasae ma mihui sɛ ɔdɔ me. Mifii ase sui sɛ abofra. Meka kyerɛɛ no sɛ, ɛyɛ me sɛ Yehowa na asoma no sɛ ɔne me mmɛkasa. Ɛyɛ saa bere no na misii gyinae sɛ mɛsan aba Yehowa nkyɛn.”

YI WO YAM BOA WƆN A WƆAGYAE ASƐNKA KƆ NO

14. Sɛnea mfatoho a ɛwɔ Luka 15:4, 5 kyerɛ no, bere a oguanhwɛfo no huu ne guan a wayera no, dɛn na ɔyɛe?

14 Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so boa wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no. Ebia na wɔrefa yaw ne ateetee mu te sɛ ɔba a ɔyerae a Yesu kaa ne ho asɛm wɔ ne mfatoho no mu no. Afei nso, esiane nea wɔfaa mu wɔ Satan wiase no mu nti, sɛnea na wɔne Yehowa ntam yɛ kama no, ebia ɛnte saa seesei. Ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn ma wɔsan hyɛ gyidi a wɔwɔ wɔ Yehowa mu no den. Mfatoho a ɛfa oguan a ɔyerae ho no, Yesu kaa sɛnea oguanhwɛfo no de oguan no bɔɔ ne kɔn ho de no san kɔkaa nguankuw no ho. Oguanhwɛfo no hwehwɛɛ oguan a ɔyerae no brɛe ansa na ɔrehu no. Nanso, ohui sɛ oguan no ankasa nni ahoɔden a ɔde bɛnantew asan akɔ, enti gye sɛ ɔde no bɔ ne kɔn ho de no kɔka nguankuw no ho.—Kenkan Luka 15:4, 5.

15. Yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ a wɔpɛ sɛ wɔsan ba Yehowa nkyɛn no? (Hwɛ adaka a wɔato din “ Nhoma a Mfaso Wɔ So.”)

15 Ebia ebehia sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden pii boa wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no ma wodi ɔhaw bi a wɔrehyia so. Nanso, Yehowa honhom, n’Asɛm, ne nhoma ahorow a n’ahyehyɛde no ma yenya nti, yebetumi aboa wɔn ama wɔne Yehowa ntam asan ayɛ kama. (Rom. 15:1) Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Asafo mu panyin bi a wasom akyɛ ka sɛ, “Sɛ wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no dodow no ara yɛ wɔn adwene sɛ wɔpɛ sɛ wɔsan ba Yehowa nkyɛn a, ehia sɛ obi ne wɔn yɛ Bible adesua.” * Sɛ mpanyimfo no ka kyerɛ wo sɛ wo ne obi a wagyae asɛnka kɔ nsua ade a, ɛsɛ sɛ woma w’ani gye na woso mu. Asafo mu panyin no san ka sɛ, “Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo a ɔbɛyɛ adesua no fa nea wagyae asɛnka kɔ no adamfo, na ama watumi aka ne koma mu asɛm akyerɛ no.”

ANIGYE BA ƆSORO NE ASASE SO

16. Yɛyɛ dɛn hu sɛ abɔfo no bɛboa yɛn?

16 Osuahu pii ma yehu sɛ abɔfo no boa yɛn ma yɛhwehwɛ wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ a wɔpɛ sɛ wɔsan ba Yehowa nkyɛn no. (Adi. 14:6) Ɛho nhwɛso bi ni. Silvio wɔ Ecuador, na ɔbɔɔ mpae denneennen srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no mma ɔnsan mmra asafo no mu. Bere a ogu so rebɔ mpae no, ɔtee sɛ obi rebɔ ne pon mu. Ná ɛyɛ asafo mu mpanyimfo mmienu. Mpanyimfo a wɔkɔsraa no no ani gyee ho paa sɛ wɔbɛboa no.

17. Sɛ yɛboa wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no a, nhyira bɛn na yenya?

17 Sɛ yɛboa wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no ma wɔsan ba Yehowa nkyɛn a, yɛn ani begye paa. Salvador yɛ ɔkwampaefo a n’ani ku wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no ho. Momma yɛnhwɛ nea ɔkae: “Ɛtɔ da a, m’ani tumi gye ara ma metew nisu. Ɛyɛ me dɛ paa sɛ Yehowa nam me so agye ne guan a ɔda ne koma so afi Satan wiase no mu ama wasan aba ne nkyɛn.”—Aso. 20:35.

18. Sɛ woagyae asɛnka kɔ a, awerɛhyem bɛn na wubetumi anya?

18 Sɛ wo ne Yehowa nkurɔfo agyae bɔ a, nya awerɛhyem sɛ Yehowa da so dɔ wo. Ɔpɛ sɛ wosan ba ne nkyɛn. Ɛsɛ sɛ wobɔ wo ho mmɔden na ama woatumi asan aba Yehowa nkyɛn. Sɛnea agya a ɔwɔ mfatoho a Yesu mae no mu yɛe no, Yehowa retwɛn sɛ wobɛsan aba, na ɔde anigye bɛma wo akwaaba aba fie.

DWOM 103 Ahwɛfo—Wɔyɛ Akyɛde

^ nky. 5 Yehowa pɛ sɛ wɔn a wɔne asafo no mmɔ bio no san ba ne nkyɛn. Yehowa reka akyerɛ wɔn sɛ: “Monsan mmra me nkyɛn.” Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsan ba no, yebetumi ayɛ nneɛma pii de ahyɛ wɔn nkuran. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea yebetumi aboa wɔn ama wɔasan aba Yehowa nkyɛn.

^ nky. 7 Wɔasesa edin ahorow no bi.

^ nky. 15 Ebia adawurubɔfo betumi ne wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no bi asua Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Munhoma no ti ahorow bi ma aboa wɔn. Afoforo nso asua Bɛn Yehowa nhoma no ti ahorow bi ama wɔanya so mfaso. Asafo Ɔsom Boayikuw no na wɔbɛhwɛ ɔdawurubɔfo a ɔfata paa sɛ ɔyɛ saa adesua no.

^ nky. 68 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Anuanom mmiɛnsa reboa onua bi a ɔpɛ sɛ ɔsan ba Yehowa nkyɛn. Onua baako ne no redi nkitaho wɔ fon so, baako nso reyɛ biribi ama wahu sɛ ɔdɔ no, ɛnna ɔfoforo nso ayɛ aso retie no.