Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 28

Kɔ So Ara Suro Onyankopɔn Na Ɛbɛboa Wo

Kɔ So Ara Suro Onyankopɔn Na Ɛbɛboa Wo

“Nea ɔnantew trenee mu no suro Yehowa.”—MMEB. 14:2.

DWOM 122 Muntintim, Munnhinhim!

NEA YƐREBESUA a

1-2. Ɔhaw bɛn na Kristofo hyia nnɛ a ɛte sɛ nea Lot hyiae no?

 YƐHWƐ sɛnea nkurɔfo abrabɔ asɛe nnɛ a, yɛte nka te sɛ ɔtreneeni Lot. “Mmaratofo no ahohwibra maa ne ho hiahiaa” no, efisɛ na onim sɛ yɛn soro Agya no kyi ɔbrabɔne. (2 Pet. 2:7, 8) Esiane sɛ na Lot suro Onyankopɔn na ɔdɔ no nti, ɔbrabɔne a na nnipa a atwa ne ho ahyia rebu no, wamfa ne ho anhyɛ mu. Yɛn nso, nnipa a atwa yɛn ho ahyia no mfa Onyankopɔn mmara nyɛ hwee. Ne nyinaa mu no, sɛ yɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no mu yɛ den na yesuro no a, yɛn abrabɔ ho bɛtew.—Mmeb. 14:2.

2 Ɛno nti, Yehowa ama yɛn nkuranhyɛsɛm wɔ Mmebusɛm nhoma no mu a ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ saa. Kristofo nyinaa, sɛ yɛyɛ mmarima oo, mmea oo, mpanyin oo, mmofra oo, sɛ yetie afotu pa yi a, ɛbɛboa yɛn paa.

SƐ YESURO ONYANKOPƆN A, ƐBƆ YƐN HO BAN

Sɛ yɛwɔ adwumam a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa wɔn a wɔnsom Yehowa nnamfo. Afei nso, sɛ wɔto nsa frɛ yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛankɔka wɔn ho ne wɔn ankɔyɛ nneɛma a Yehowa mpɛ (Hwɛ nkyekyɛm 3)

3. Sɛnea Mmebusɛm 17:3 kyerɛ no, dɛn ne ade baako nti a ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn koma ho ban? (Hwɛ mfoni no nso.)

3 Ade titiriw nti a ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn koma ho ban ne sɛ, Yehowa hwehwɛ yɛn komam. Wei kyerɛ sɛ, ɔhwɛ tra sɛnea afoforo hu yɛn no, na ohu sɛnea yɛte ankasa. (Kenkan Mmebusɛm 17:3.) Onyankopɔn nyansa a ɛbɛma yɛanya daa nkwa no, sɛ yedwinnwen ho a, ɛbɛma wadɔ yɛn. (Yoh. 4:14) Yɛyɛ saa a, yɛbɛkwati ɔbrafĩ ne atoro nkyerɛkyerɛ a Satan ne ne wiase no ama abu so no. (1 Yoh. 5:18, 19) Bere a yɛne Yehowa ayɔnkofa no mu reyɛ den no, na ɔdɔ ne obu a yɛwɔ ma no no nso reyɛ kɛse. Esiane sɛ yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribi ma ahaw yɛn Agya nti, sɛ ebesi yɛn tirim kɛkɛ mpo sɛ yɛnyɛ bɔne a, ɛbɛyɛ yɛn tan. Sɛ biribi retwetwe yɛn sɛ yɛnkɔyɛ bɔne a, yebebisa yɛn ho sɛ, ‘Obi a wakyerɛ sɛ ɔdɔ me sei, adɛn nti na mɛhyɛ da ayɛ biribi ma ahaw no?’—1 Yoh. 4:9, 10.

4. Bere a na biribi resɔ onuawa bi ahwɛ no, Yehowa ho suro boaa no sɛn?

4 Yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Marta a ɔwɔ Croatia. Bere bi, na biribi retwetwe no sɛ ɔnkobu brabɔne. Ɔkaa sɛ: “Ná mintumi nnwen nneɛma ho yiye, na na ayɛ den ama me sɛ mɛhyɛ me ho so na mankɔyɛ bɔne. Nanso esiane sɛ misuro Yehowa nti, ɛboaa me.” b Onyankopɔn ho suro boaa no sɛn? Marta kaa sɛ, sɛ osi gyinae bɔne a, nsunsuanso a ɛde bɛba no, odwinnwenee ho. Yɛn nso yebetumi ayɛ saa. Nea ɛyɛ yaw koraa ne sɛ, yɛbɛma Yehowa werɛ ahow, na yɛrennya hokwan nsom no afebɔɔ.—Gen. 6:5, 6.

5. Dɛn na wubetumi asua afi Leo asɛm no mu?

5 Sɛ yesuro Yehowa a, yɛbɛhwɛ yiye na yɛamfa nnamfo bɔne ansusuw sɛ ɛnyɛ hwee. Leo a ɔte Congo no hui sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Ɔbɔɔ asu mfe nnan akyi no, ɔfaa nnamfo bɔne. Onyaa adwene sɛ onnya nkɔyɛɛ adebɔne biara de, ɔnyɛɛ bɔne ntiaa Yehowa. Nanso ankyɛ, nnamfo bɔne no piapiaa no ma ɔwee nsã, na ɔbɔɔ aguaman. Ɛno akyi no, nneɛma pa a n’awofo a wɔyɛ Kristofo kyerɛkyerɛɛ no ne sɛnea na kan no n’ani gye no, ofii ase dwinnwen ho. Ekosii sɛn? N’ani baa ne ho so. Mpanyimfo no boaa no ma ɔsan baa Yehowa nkyɛn. Ɛnnɛ, ɔde anigye resom sɛ asafo mu panyin ne ɔkwampaefo titiriw.

6. Mmea baanu bɛn na afei yɛrebesusuw wɔn ho?

6 Momma yensusuw Mmebusɛm ti 9 ho. Ɛhɔ no, ɛka mmea baanu bi ho asɛm. Baako gyina hɔ ma nyansa, ɛnna baako gyina hɔ ma nkwaseasɛm. (Fa toto Romafo 5:14; Galatifo 4:24 ho.) Bere a yɛresusuw ho no, mma wo werɛ mmfi sɛ aguamammɔ ne ponografi adi nkurɔfo ti wɔ Satan wiase bɔne yi mu. (Efe. 4:19) Enti, ɛho hia paa sɛ yɛkɔ so suro Onyankopɔn na yɛtwe yɛn ho fi bɔne ho. (Mmeb. 16:6) Ɛno nti, yɛn nyinaa, sɛ yɛyɛ mmarima oo, sɛ yɛyɛ mmea oo, Mmebusɛm ti 9 no mu nsɛm betumi aboa yɛn. Ɛka mmea baanu no nyinaa ho asɛm sɛ wɔreto nsa afrɛ wɔn a wɔagyimi, kyerɛ sɛ, “wɔn a wonnim nyansa.” Ɛte sɛ nea wɔn mu biara reka sɛ, ‘Bra me fie bedidi.’ (Mmeb. 9:1, 5, 6, 13, 16, 17) Nanso, ofie a agyimifo no mu biara bɛkɔ mu no, nea ebefi mu aba no yɛ soronko koraa.

NKƆ ƆBEA GYIMIFO NO FIE

“Ɔbea kwasea” no reto nsa afrɛ obi, na sɛ ɔkɔ a ebewie no bɔne (Hwɛ nkyekyɛm 7)

7. Sɛnea Mmebusɛm 9:13-18 kyerɛ no, dɛn na ɛto wɔn a wɔkɔ ɔbea kwasea no fie? (Hwɛ mfoni no nso.)

7 Momma yɛnhwɛ nea “ɔbea kwasea” no reka. (Kenkan Mmebusɛm 9:13-18.) Ɔde akokoduru teɛm frɛ wɔn a wɔnnim nyansa sɛ ‘wɔmmra ne nkyɛn’ mmedidi. Sɛ wɔkɔ a, henanom na wɔbɛkɔ akɔto wɔn wɔ hɔ? “Awufo wɔ hɔ, wɔn a wontumi nyɛ hwee no.” Ebia wobɛkae sɛ, Mmebusɛm nhoma no mu no, ti ahorow bi a edi ti 9 no anim mu no, kasakoa bi a ɛtete saa nso wom. Ɛbɔ yɛn kɔkɔ wɔ “ɔbea a waman” ne “ɔbea a ne bra asɛe” ho. Mmebusɛm nhoma no ka sɛ: “Ne fi sian kɔ owu mu.” (Mmeb. 2:11-19) “Ɔbea a waman” bi nso ho asɛm wɔ Mmebusɛm 5:3-10. Ɛhɔ no, wɔbɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛnhwɛ yiye wɔ ne ho, efisɛ “ne nan sian kɔ owu mu.”

8. Gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara si?

8 Obiara a “ɔbea kwasea” no bɛto nsa afrɛ no no wɔ gyinae bi a ɛsɛ sɛ osi: Ɛne sɛ, ɔbɛkɔ anaa ɔrenkɔ? Ebia yɛn nso yebetumi ahyia tebea bi a ebehia sɛ yesi gyinae bi a ɛte saa. Sɛ yehyia aguamammɔ ho sɔhwɛ anaa yekopue ponografi so wɔ TV anaa Intanɛt so a, dɛn na yɛbɛyɛ?

9-10. Nea enti a ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi aguamammɔ ho no, emu bi ne nea ɛwɔ he?

9 Nea enti a ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi aguamammɔ ho no, ntease wom paa. “Ɔbea kwasea” no ka sɛ: “Nsu a wɔawia yɛ dɛ.” Dɛn ne “nsu a wɔawia” no? Bible no de nna mu nkitahodi a ɛkɔ so wɔ awarefo ntam no toto nsu a ɛyɛ dɛ ho. (Mmeb. 5:15-18) Awarefo betumi anya nna mu nkitahodi ama wɔn ani agye. Nanso “nsu a wɔawia” de, ɛyɛ soronko koraa. Ebetumi akyerɛ aguamammɔ anaa awaresɛe. Mpɛn pii no, nkurɔfo yɛ bɔne a ɛte saa wɔ sum ase, sɛnea akorɔmfo nso taa wia ade wɔ sum mu no. Sɛ wɔn a wɔrebu brabɔne a ɛte saa no nya adwene sɛ obiara renhu akyi a, ebia “nsu a wɔawia” no bɛyɛ wɔn dɛ. Hwɛ sɛnea wɔredaadaa wɔn ho! Yehowa ani tua biribiara. Biribiara nni hɔ a ɛyɛ yaw sen sɛ obi ne Yehowa ntam bɛsɛe. Sɛ obi ne Yehowa ntam sɛe a, dɛn na ɛyɛ “dɛ” wɔ ho? (1 Kor. 6:9, 10) Nanso ɛnyɛ sɛe a obi ne Yehowa ntam bɛsɛe nko ara ne asɛm no; pii ka ho.

10 Aguamammɔ anaa awaresɛe betumi akɔfa animguase aba, na ebetumi ama obi ate nka sɛ ɔnsɛ hwee. Nyinsɛn a wɔmpɛ ne awaregyae nso betumi afi mu aba. Enti, eye paa sɛ yɛrenkɔ ɔbea kwasea no ‘fie’ mpo na yɛakodi n’aduan. Nnipa a wɔbu brabɔne no ne Yehowa ntam sɛe. Ɛno da nkyɛn a, wɔn mu bebree nya nyarewa a etumi twa wɔn nkwa nna so. (Mmeb. 7:23, 26) Mmebusɛm ti 9, nkyekyɛm 18 de asɛm no ba awiei sɛ: “Ɔdamoa mu tɔnn na wɔn a wɔkɔ ne nkyɛn no wɔ.” Baabi a amanehunu wɔ sei de, adɛn nti na nnipa pii kɔ hɔ?—Mmeb. 9:13-18.

11. Adɛn nti na ɛyɛ hu paa sɛ obi bɛhwɛ ponografi?

11 Ade baako a ehia sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ho paa ne ponografi. Ebinom dwen sɛ wɔhwɛ ponografi a ɛnyɛ hwee. Nanso, sɛ obi hwɛ ponografi a ɛyɛ hu, etumi ma obu a obi wɔ ma ne ho ne afoforo so tew koraa, na etumi yɛ den paa sɛ obegyae hwɛ. Sɛ obi hwɛ ponografi anaa aguamansɛm ho mfoni a, ebetumi ayɛ den paa sɛ ɛbɛpopa afi n’adwenem. Afei nso, ponografi nkum akɔnnɔ bɔne; ɛma emu yɛ den mmom. (Kol. 3:5; Yak. 1:14, 15) Nokwasɛm ne sɛ, wɔn a wɔhwɛ ponografi no, wɔn mu bebree bu brabɔne.

12. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛmpɛ sɛ ɔbrafĩ ho akɔnnɔ ba yɛn adwenem?

12 Sɛ aguamansɛm ho mfoni anaa ponografi ba yɛn ɛlɛtrɔnik afiri so a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yeyi yɛn ani ntɛm ara. Sɛ yɛkae sɛ yɛne Yehowa ayɔnkofa no, ɛno ne ade a ɛsom bo paa a, ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ saa. Nea ɛwom ne sɛ, mfoni ahorow bi a ɛnhyɛ da nyɛ ponografi mpo, ebetumi akanyan nna ho akɔnnɔ. Wohwɛ a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ? Efisɛ yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribi ketekete mpo a ebetumi ama yɛasɛe aware wɔ yɛn koma mu. (Mat. 5:28, 29) Asafo mu panyin bi a ɔwɔ Thailand a ne din de David ka sɛ: “Ɛyɛ a mibisa me ho sɛ: ‘Ɛwom sɛ mfoni yi nhyɛ da nyɛ ponografi, nanso sɛ mekɔ so hwɛ a, Yehowa ani begye anaa?’ Midwinnwen nneɛma ho sei a, ɛmma menhwɛ mfoni a ɛtete saa.”

13. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ yɛn ade nyansam?

13 Sɛ yesuro sɛ yɛbɛyɛ biribi a ɛbɛma Yehowa werɛ ahow a, ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ yɛn ade nyansam. Onyankopɔn suro ne “nyansa mfiase.” (Mmeb. 9:10) Yɛhwɛ Mmebusɛm ti 9 no mfiase a, ɛde “nyansa” toto ɔbea foforo bi nso ho.

KƆ ƆBEA NYANSAFO NO FIE

14. Nsato foforo bɛn na Mmebusɛm 9:1-6 ka ho asɛm?

14 Kenkan Mmebusɛm 9:1-6. Ɛha de, Yehowa a ɔyɛ yɛn Bɔfo ne nyansa nyinaa Wura no na ɔreto nsa afrɛ yɛn. (Mmeb. 2:6; Rom. 16:27) Ɛka ɔdan kɛse bi a n’adum yɛ nson ho asɛm. Saa ntotoho yi ma yehu sɛ Yehowa yam ye, na obiara a ɔpɛ sɛ ɔde ne nyansa bɔ ne bra no, ogye no awaawaa atuu.

15. Onyankopɔn to nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ dɛn?

15 Yehowa yam ye; ɔma yɛn nneɛma ma ebu so. Ɔte sɛ ɔbea a wɔde no toto “nyansa” ho wɔ Mmebusɛm ti 9 no. c Mmebusɛm nhoma no ka saa ɔbea yi ho asɛm sɛ wayɛ ne nam ho adwuma nyinaa awie, wafra ne nsã na wahyehyɛ ne pon so awie. (Mmeb. 9:2) Afei nso, nkyekyɛm 4 ne 5 no, ɔbea a wɔde no toto “nyansa” ho no ka “kyerɛ nea onnim nyansa sɛ: ‘Bra, bedi m’aduan.’” Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ nyansa fie kodidi? Yehowa pɛ sɛ ne mma hu nyansa na wɔnya ahobammɔ. Ɔmpɛ sɛ yɛfa ateetee mu na ɛka yɛn ani ansa na yɛahu sɛ n’akwan na eye. Ɛno nti na “ɔkora nyansa so ma atreneefo” no. (Mmeb. 2:7) Sɛ yesuro Yehowa a, yɛbɛyɛ nea ɛsɔ n’ani. Yetie n’afotu a nyansa wom no, na yɛn ani gye ho sɛ yɛde bɛyɛ adwuma.—Yak. 1:25.

16. Sɛn na Onyankopɔn ho suro boaa Alain ma osii gyinae pa, na dɛn na efii mu bae?

16 Momma yɛnhwɛ sɛnea Onyankopɔn ho suro boaa Alain ma osii gyinae pa. Alain yɛ asafo mu panyin a ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo nso. Ɔkaa sɛ, “Ná me mfɛfo akyerɛkyerɛfo pii bu ponografi sɛ biribi a ɛkyerɛkyerɛ yɛn nna ho asɛm.” Nanso na Alain nim sɛ ɛnyɛ nokware. “Esiane sɛ medɔ Yehowa na misuro no nti, meka kyerɛɛ wɔn pen sɛ, ‘Ɛnyɛ ade a mɛhwɛ sini a ɛte saa.’ Afei nso, nea enti a na menhwɛ no, mekyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn.” Ná Alain de “nyansa” afotu na ɛreyɛ adwuma. Ɛka sɛ: “Monnantew ntease kwan no so nkɔ mo anim.” (Mmeb. 9:6) Sɛnea Alain de ne nan sii fam no, ɛyɛɛ ne mfɛfo akyerɛkyerɛfo no bi fɛ, enti seesei wɔn mu bi sua Bible na wɔkɔ adesua.

Yɛkɔ “nyansa” fie a, yebetumi anya nkwa (Hwɛ nkyekyɛm 17-18)

17-18. Wɔn a wɔtie “nyansa” afotu no, nhyira bɛn na wɔnya, na dɛn na wɔbetumi ahwɛ kwan sɛ wɔbenya? (Hwɛ mfoni no nso.)

17 Mmea baanu a baako gyina hɔ ma nyansa, na baako nso gyina hɔ ma nkwaseasɛm no, Yehowa nam wɔn so ama yɛahu nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛn ani agye daakye. Wɔn a wɔtie “ɔbea kwasea” a n’ano denneennen no, ɛyɛ wɔn sɛ wɔwia wɔn ho bu brabɔne a, ɛyɛ “dɛ” na ɛbɛma wɔn ani agye. Nanso nea ɛwom paa ne sɛ, ɛnnɛ na asɛ wɔregye wɔn ani; daakye ne asɛm no. Ɛbɛkɔ akowie wɔn “ɔdamoa mu tɔnn.”—Mmeb. 9:13, 17, 18.

18 Wɔn a wɔtie “nyansa” afotu no de, nhyira a wɔbenya nyɛ asɛm ketewa! Wɔn a wɔtie n’afotu no, wɔnya nnuan pa a ɛte apɔw bebree di, kyerɛ sɛ biribiara a ɛbɛma wɔne Yehowa ayɔnkofa mu ayɛ den no, wɔn nsa ka. (Yes. 65:13) Yehowa nam odiyifo Yesaia so kaa sɛ: “Monyɛ aso ntie me, na munni adepa, na mubedi aduan pa ama mo ani agye paa.” (Yes. 55:1, 2) Yɛresua sɛ nneɛma a Yehowa ani gye ho no, yɛn nso yɛn ani begye ho, na nea okyi no, yɛn nso yebekyi. (Dw. 97:10) Afei nso, sɛ yɛto nsa frɛ nkurɔfo sɛ wɔmmetie “nyansa” afotu a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam. Ɛte sɛ nea ‘yɛakogyina baabi a ɛwɔ soro wɔ kurow no mu, na yɛreteɛm sɛ: “Nea wagyimi biara, ma ɔmmra ha. “’ Nhyira a yɛne wɔn a wɔtie no benya no, ɛnyɛ ɛnnɛ nko ara. Saa nhyira no remma awiei da; ɛbɛma yɛatena ase daa ‘anantew ntease kwan no so akɔ yɛn anim.’—Mmeb. 9:3, 4, 6.

19. Sɛnea Ɔsɛnkafo 12:13, 14 ka no, dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ? (Hwɛ adaka a yɛato din “ Sɛ Yesuro Onyankopɔn a, Ɛboa Yɛn” no nso.)

19 Kenkan Ɔsɛnkafo 12:13, 14. Awiei bere yi a bɔne atu atese yi, momma yɛnkɔ so nsuro Yehowa. Yɛyɛ saa a, ɛbɛbɔ yɛn koma ho ban na aboa yɛn ama yɛabɔ bra pa. Afei nso, ɛbɛma yɛne Yehowa ayɔnkofa mu ayɛ den. Bio nso, sɛ yesuro Yehowa a, ɛbɛkanyan yɛn ama yɛakɔ so ato nsa afrɛ nnipa dodow biara a yebetumi sɛ wɔmmetie “nyansa” afotu, na ɛmmoa wɔn.

DWOM 127 Onipa Kõ a Ɛsɛ sɛ Meyɛ

a Ɛsɛ sɛ yesuro Onyankopɔn. Yɛyɛ saa a, ɛbɛbɔ yɛn koma ho ban na ama yɛatwe yɛn ho afi aguamammɔ ne ponografi ho. Adesua yi mu no, yebesusuw Mmebusɛm ti 9 ho, na ɛbɛma yɛahu nsonsonoe kɛse a ɛda nyansa ne nkwaseasɛm ntam. Ɛhɔ no, ɛde ɔbea baako toto nyansa ho, na ɛde ɔbea foforo nso toto nkwaseasɛm ho. Afotusɛm a ɛwɔ Mmebusɛm ti 9 mu no, ebetumi aboa yɛn bere nyinaa.

b Wɔasesa edin no bi.

c Hebri kasa mu no, wɔka “nyansa” ho asɛm te sɛ nea ɔyɛ ɔbea.