Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Yesu awo akyi no, adɛn nti na Yosef ne Maria ansan ankɔ Nasaret, na mmom wɔtenaa Betlehem?

Bible no nka. Nanso nsɛm bi wɔ Bible mu a ɛma yehu nea enti a ɛbɛyɛ sɛ wɔyɛɛ saa.

Ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ Maria sɛ obenyinsɛn na wawo. Bere a ɔbɔfo no de nkra no kɔe no, na Maria ne Yosef te Yosef kurom Nasaret a ɛwɔ Galilea. (Luka 1:26-31; 2:4) Akyiri yi, bere a wɔfi Egypt bae no, wɔsan kɔɔ Nasaret. Ɛhɔ na Yesu nyinii, na ɔbɛyɛɛ Nasaretni. (Mat. 2:19-23) Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ, sɛ yɛte Nasaret a, nnipa mmiɛnsa a wɔn din taa ba yɛn tirim ne Yesu, Yosef ne Maria.

Ná Maria wɔ obusuani bi a ne din de Elisabet a ɔte Yuda. Ná Elisabet yɛ ɔsɔfo Sakaria yere, na ɔno na ɔwoo Yohane Suboni. (Luka 1:5, 9, 13, 36) Maria kɔsraa Elisabet wɔ Yuda, na ɔtenaa ne nkyɛn abosome mmiɛnsa. Ɛno akyi no, Maria san kɔɔ Nasaret. (Luka 1:39, 40, 56) Enti, na Maria nim Yuda mpɔtam hɔ kakra.

Eduu bere bi no, Kaesare hyɛɛ mmara sɛ ‘wɔnkyerɛw obiara din,’ na Yosef nso dii saa mmara no so. Ɛno nti, Yosef twaa kwan fii Nasaret kɔɔ Betlehem a na ɛyɛ “Dawid kurow” mu no. Ɛhɔ ara nso na na wɔahyɛ nkɔm sɛ wɔbɛwo Mesia no. (Luka 2:3, 4; 1 Sam. 17:15; 20:6; Mika 5:2) Bere a Maria woo Yesu no, na Yosef mpɛ sɛ Maria de abofra a wawo no foforo no betwa kwantenten asan akɔ Nasaret. Enti wɔtenaa Betlehem; efi hɔ rekɔ Yerusalem yɛ bɛyɛ kilomita nkron (bɛyɛ akwansin 6). Ná wei bɛma ayɛ mmerɛw sɛ wɔde abofra no bɛkɔ asɔrefie hɔ akɔbɔ afɔre a ɛfata.—Lev. 12:2, 6-8; Luka 2:22-24.

Ná Onyankopɔn bɔfo adi kan aka akyerɛ Maria sɛ wɔde “Dawid ahengua” bɛma ne ba no, na ‘obedi hene.’ Ebia Yosef ne Maria tee nka sɛ ɛfata sɛ wɔwo Yesu wɔ Dawid kurow mu. (Luka 1:32, 33; 2:11, 17) Ebia wɔnyaa adwene sɛ nyansa wom sɛ wɔkɔ so tena hɔ, na wɔtwɛn hu anammɔn foforo a Onyankopɔn pɛ sɛ wɔtu.

Yennim bere tenten a na wɔde atena Betlehem ansa na nsoromma mu ahwɛfo no reba. Nanso saa bere no, na abusua no te ofie bi mu, na na wɔn ba no yɛ “abofra kumaa”; ná ɔnyɛ akokoaa. (Mat. 2:11) Wohwɛ mu a, asɛ wɔansan ankɔ Nasaret, mmom wɔtenaa Betlehem kyɛe kakra.

Herode hyɛɛ mmara sɛ wɔnkunkum “mmarimaa a wɔwɔ Betlehem . . . nyinaa, efi wɔn a wɔawo wɔn foforo so kosi wɔn a wɔadi mfe abien so.” (Mat. 2:16) Bere a ɔbɔfo bi kaa nea na Herode abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no kyerɛɛ Yosef no, ɔne Maria de Yesu guan kɔɔ Egypt, na wɔtenaa hɔ kosii sɛ Herode wui. Akyiri yi, Yosef de n’abusua no kɔɔ Nasaret. Adɛn nti na wɔansan ankɔ Betlehem? Efisɛ Herode ba Arkelao tirimɔdenfo no na na odi Yudea so. Afei nso, na ɛsɛ sɛ otie Onyankopɔn kɔkɔbɔ no. Nasaret hɔ de, na Yosef betumi atete Yesu ma wasom Onyankopɔn nokware mu.—Mat. 2:19-22; 13:55; Luka 2:39, 52.

Ɛda adi sɛ, Yosef wui ansa na Yesu wu no rebue kwan ama ebinom atumi akɔ soro. Enti wɔbenyan Yosef aba asaase so. Nnipa bebree betumi ahyia no, na wɔabisabisa no nea enti a Yesu awo akyi no, ɔne Maria tenaa Betlehem.