Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Me ne Anyansafo Anantew Ama Aboa Me

Me ne Anyansafo Anantew Ama Aboa Me

ANƆPA bi, na ewim ayɛ fɔmm wɔ Brookings, South Dakota, U.S.A., na na awɔw wom. Ɛma mihui sɛ ɛrenkyɛ na awɔw no mu ayɛ den wɔ mpɔtam hɔ. Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wobɛte sɛ saa da no ara, na me ne nnipa kakraa bi wɔ adekoradan bi mu. Ná ogya a ɛma ɔdan mu yɛ hyew nni hɔ ma enti na yɛn ho repopo. Ná yegyinagyina adaka kɛse bi a wɔde kyɛnsee ayɛ a nsuonwini gu mu anim! Ma menka m’asetenam nsɛm kakra nkyerɛ wo na ama woate nea enti a na yegyina hɔ saa bere no ase.

SƐNEA NA YƐN ABUSUA ASETENA TE

Me wɔfa Alfred ne me papa

Wɔwoo me March 7, 1936. M’awofo mma baanan no, me na na meyɛ kaakyire. Ná yɛte afuw ketewa bi mu wɔ South Dakota apuei fam. Ná yɛn abusua no ani kũ kuayɛ ho paa, nanso na ɛnyɛ ɛno ne ade a yɛn ani kũ ho titiriw wɔ yɛn asetenam. M’awofo bɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Adansefo afe 1934. Esiane sɛ na wɔahyira wɔn ho so ama yɛn soro Agya Yehowa nti, na Onyankopɔn apɛde a wɔbɛyɛ no ne ade a ɛho hia wɔn paa wɔ wɔn asetena mu. Me papa Clarence bɛyɛɛ asafo somfo (nea seesei wɔfrɛ no mpanyimfo ntam nkitahodifo no) wɔ yɛn asafo ketewa a na ɛwɔ Conde, South Dakota no mu. Akyiri yi, me wɔfa Alfred nso bɛyɛɛ asafo somfo wɔ asafo koro no ara mu.

Ná yɛn abusua no kɔ Kristofo nhyiam daa. Afei, na yɛkɔ afie afie kɔka daakye ho anidaso a ɛka koma a ɛwɔ Bible mu no kyerɛ afoforo bere nyinaa. Nhwɛso pa a m’awofo yɛe ne ntetee a wɔde maa yɛn no boaa yɛn paa. Me nuabea Dorothy bɛyɛɛ Ahenni dawurubɔfo bere a na wadi mfe nsia. Saa ara na me nso midii mfe nsia na mebɛyɛɛ Ahenni dawurubɔfo. Afe 1943 na mede me ho hyɛɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu. Saa bere no, ná wɔde Sukuu no bɛkaa yɛn asafo nhyiam ho nkyɛe koraa.

Mereyɛ akwampae adwuma, afe 1952

Ná yɛn abusua no ani gye amantam ne amansin nhyiam ho paa. Afe 1949 no, yɛyɛɛ nhyiam bi wɔ Sioux Falls, South Dakota, na Onua Grant Suiter na na ɔyɛ ɔkasafo a Betel apaw no wɔ nhyiam no ase. Meda so ara kae ne kasa a ɔmae no asɛmti. Asɛmti no ne, “Abɛn Sen Sɛnea Wususuw!” Ɔma yehui sɛ ehia sɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so de wɔn bere nyinaa ka Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ wɔ soro no ho asɛmpa kyerɛ afoforo. Ɔkasa no kanyan me ma mihyiraa me ho so maa Yehowa. Enti mebɔɔ asu wɔ ɔmansin nhyiam a edi hɔ a yɛyɛe wɔ Brookings no ase. Ɛno ho asɛm na mekae wɔ asɛm yi mfiase sɛ na migyina adekoradan a emu nwininwiniinwini no mu retwɛn ama wɔabɔ me asu no. Wɔbɔɔ me asu November 12, 1949. Adaka kɛse a wɔde kyɛnsee ayɛ no na na ɛyɛ “abura” a wɔbɔɔ yɛn a na yɛyɛ nnipa baanan no asu wom.

Efi saa bere no, mede sii m’ani so sɛ mɛyɛ akwampae adwuma. Mifii akwampae adwuma ase January 1, 1952, bere a na madi mfe 15. Bible ka sɛ: “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo.” Ná anyansafo bebree wɔ m’abusua mu a wɔboaa me wɔ gyinae a misii sɛ mɛyɛ ɔkwampaefo no mu. (Mmeb. 13:20) Me wɔfa Julius a na wadi mfe 60 no na me ne no bɔɔ mu yɛɛ akwampae adwuma no. Ɛwom sɛ na wanyin sen me paa de, nanso yɛn ani gyei wɔ asɛnka adwuma no mu ankasa. Misuaa nneɛma pa pii fii osuahu a na wanya wɔ asetenam no mu ma ɛboaa me paa. Ankyɛ na Dorothy nso bɛyɛɛ ɔkwampaefo.

AMANSIN SO AHWƐFO MAA WƆN ANI KŨŨ ME HO

Me mmofraberem nyinaa, na m’awofo to nsa frɛ amansin so ahwɛfo ne wɔn yerenom ma wɔbɛtena yɛn fie. Ɔmansin sohwɛfo baako ne ne yere boaa me paa. Ná wɔfrɛ wɔn Jesse ne Lynn Cantwell. Wɔn nkuranhyɛ ka ho bi na misii gyinae sɛ mɛyɛ ɔkwampaefo. Sɛnea wɔmaa wɔn ani kũũ me ho no, ɛno na ɛkanyan me ma minyaa ɔpɛ paa sɛ mede botae besisi m’ani so wɔ Onyankopɔn som mu. Sɛ wɔresom asafo ahorow a ɛbɛn yɛn no a, ɛtɔ mmere bi a na wɔto nsa frɛ me ma me ne wɔn kɔyɛ asɛnka adwuma no. Ɛmaa m’ani gyei paa, na ɛhyɛɛ me den nso!

Ɔmansin sohwɛfo a odi hɔ a ɔbɛsom yɛn ne Bud Miller ne ne yere Joan. Saa bere no, na madi mfe 18, na na bere adu sɛ wɔma mekɔ sraadi. Mfiase no, abaguafo a wɔwɔ yɛn mpɔtam hɔ a na wɔma obi kɔ sraadi no maa me adwuma bi. Nanso, mihui sɛ adwuma a wɔde ama me no ne akwankyerɛ a Yesu de maa n’asuafo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho hyehyɛ amanyɔsɛm mu no nhyia. Adwuma a na mepɛ sɛ meyɛ paa ne sɛ mɛka Ahenni ho asɛmpa no. (Yoh. 15:19) Ɛno nti, mede too abaguafo no anim sɛ wonnye me ntom wɔ mmara mu sɛ obi a ɔka Onyankopɔn asɛm.

Bere a merekohyia abaguafo no aka m’asɛm akyerɛ wɔn no, Onua Miller kae sɛ ɔne me bɛkɔ, na m’ani gyei paa. Ná ɔyɛ obi a ɔpɛ nnipa paa, na na ɔwɔ akokoduru ankasa nso. Bere a mihui sɛ obi a ɔyɛ den wɔ Onyankopɔn som mu ka me ho no, ɛhyɛɛ me den paa! M’asɛm a mede kɔtoo abaguafo no anim nti, afe 1954 ahohuru bere awiei no, abaguafo no gye toom sɛ meyɛ obi a ɔka Onyankopɔn asɛm ampa. Wei ma minyaa hokwan duu botae foforo bi a mede sii m’ani so wɔ Onyankopɔn som mu ho.

Bere a mekɔɔ Betel foforo. Migyina kar a na yɛde yɛ adwuma wɔ afuw mu ho

Saa bere no araa na wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmɛsom wɔ Betel, baabi a na wɔfrɛ hɔ Watchtower Farm, wɔ Staten Island, New York. Minyaa hokwan somee wɔ hɔ bɛyɛ mfe mmiɛnsa. Wei ma minyaa osuahu a ɛka koma bebree, efisɛ me ne anyansafo pii yɛɛ adwuma wɔ hɔ.

BETEL SOM ADWUMA

Me ne Onua Franz wɔ WBBR

Ná WBBR radio adwumayɛbea no wɔ afuw a na ɛwɔ Staten Island no mu. Yehowa Adansefo de saa radio adwumayɛbea no yɛɛ adwuma fii afe 1924 kosii afe 1957. Betel abusua no mufo bɛyɛ 15 kosi 20 pɛ na wɔma wɔkɔyɛɛ adwuma wɔ afuw no mu. Ná yɛn mu dodow no ara yɛ mmabun, na na yenni osuahu pii. Nanso, na Eldon Woodworth a wɔasra no a na ne mfe akɔ anim no ka yɛn ho. Ɔdaa ne ho adi sɛ ɔyɛ onyansafo ankasa. Sɛnea na n’ani kũ yɛn ho te sɛ agya bi ne ne mma no boaa yɛn ma yɛn ase timii wɔ Onyankopɔn som mu. Ɛwom ara a, nnipa sintɔ nti na yehyia nsɛnnennen. Ɛba saa a, na Onua Woodworth ka sɛ: “Wohwɛ nea Awurade atumi de nnipa a wɔtɔ sin ayɛ no a, ɛyɛ nwonwa paa.”

Ná Harry Peterson de nsi ne ahokeka ankasa na ɛyɛ asɛnka adwuma no

Ná Onua Frederick W. Franz nso ka yɛn ho, na na ɛyɛ hokwan kɛse paa. Ne nyansa ne Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ pii a na ɔwɔ no boaa yɛn nyinaa ma yenyaa nkɔso. Saa ara nso na na n’ani kũ yɛn mu biara ho. Ná onua a ɔnoa yɛn aduan no abusua din ankasa ne Papargyropoulos. Nanso, esiane sɛ na saa din no bɔ yɛ yɛn den nti, na yɛtaa frɛ no Harry Peterson. Ɔno nso, na ɔka wɔn a wɔasra wɔn no ho, na na ɔde nsi ne ahokeka ankasa na ɛyɛ asɛnka adwuma no. Adwuma a na Onua Peterson yɛ wɔ Betel no, na ɔyɛ no yiye paa, nanso wammu n’ani angu asɛnka adwuma no so da. Bosome biara, na ɔde yɛn nsɛmma nhoma no ɔhaha pii ma nkurɔfo. Afei nso, na ɔwɔ Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ a emu dɔ, na na oyi yɛn nsɛmmisa pii ano.

MISUAA NNEƐMA PII FII ANUANOM MMEA A WONIM NYANSA HƆ

Ná yɛkora afuw no mu nnɔbae so wɔ nkyɛnsee anaa ntoa mu wɔ afuw mu hɔ. Afe biara, na yɛde nnuaba ne atosode bɛyɛ susukora 45,000 (lita 42,600) na egu nkyɛnsee anaa ntoa mu kora so ma Betel abusua mũ no nyinaa. Minyaa hokwan ne Etta Huth, onuawa bi a na onim nyansa paa yɛɛ adwuma saa bere no. Ɔkwan a na yɛfa so kora nnuan no so wɔ nkyɛnsee anaa ntoa mu no, ɔno na na ɔwɔ ho nimdeɛ. Edu mmere a yɛrekora nnuan so wɔ nkyɛnsee anaa ntoa mu no a, na anuanom mmea a wɔwɔ asafo ahorow a ɛbɛn mpɔtam hɔ no ba bɛboa yɛn. Ná Etta boa ma wɔyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ. Ɛwom sɛ na Etta wɔ nnuan a wɔde gu nkyɛnsee anaa ntoa mu kora so no ho nimdeɛ paa de, nanso ɔyɛɛ ahwɛyiye sɛ ɔbɛda obu adi akyerɛ anuanom mmarima a wɔhwɛ adwuma no so wɔ afuw no mu no. Mihui sɛ ɔyɛ obi a ɔbrɛ ne ho ase hyɛ teokrase tiyɛ ho nhyehyɛe ase paa. Ɔyɛɛ nhwɛso pa maa yɛn nyinaa.

Me ne Angela ne Etta Huth

Anuanom mmabaa a na wɔbɛboa yɛn ma yɛkora nnuan so no mu baako ne Angela Romano. Bere a Angela Romano baa nokware no mu no, Etta boaa no. Enti mihyiaa onyansafo foforo, Angela Romano, bere a na meresom wɔ Betel no. Me ne no anantew mfe 58 ni. Me ne Angie waree April 1958, na yɛanya ɔsom hokwan bebree. Wɔ mfe dodow a yɛde asom Yehowa mu no, Angie abata Yehowa ho denneennen, na wei ahyɛ yɛn aware no mu den paa. Sɛ yehyia nsɛnnennen sɛ dɛn mpo a, minim sɛ metumi de me ho ato Angie so koraa.

ASƐMPATRƐW ADWUMA NE AHWƐFO AKWANTUFO ADWUMA

Bere a asafo tɔn WBBR adan a ɛwɔ Staten Island afe 1957 no, mekɔsomee wɔ Brooklyn Betel bere tiaa bi. Emu hɔ ara na me ne Angie waree no. Mifii Betel, na yɛde bɛyɛ mfe mmiɛnsa kɔyɛɛ akwampae adwuma wɔ Staten Island. Mekɔyɛɛ adwuma bere tiaa bi maa wɔn a wɔbɛtɔɔ yɛn radio adwumayɛbea no mpo. Wɔtoo radio adwumayɛbea no din WPOW.

Ná me ne Angie asi yɛn bo sɛ yɛrenhwehwɛ asetena mu nneɛma pii sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayɛ krado sɛ yɛbɛkɔ akɔsom baabiara a wɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ yɛnkɔsom. Ɛno nti, afe 1961 mfiase, bere a wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔyɛ akwampaefo atitiriw wɔ Falls City, Nebraska no, anyɛ den amma yɛn koraa. Bere a ɛyɛe sɛ yɛn ani reka hɔ no ara na wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔ Ahenni Som Sukuu. Saa bere no, na wɔyɛ sukuu no wɔ South Lansing, New York, na na yɛde bosome baako na ɛkɔ. Yɛn ani gyee ntetee a yenyae wɔ sukuu no mu no ho, na na yɛhwɛ kwan sɛ yɛde ntetee no bɛsan akɔyɛ adwuma wɔ Nebraska. Enti bere a wɔmaa yɛn dwumadi foforo sɛ yɛnkɔyɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Cambodia no, ɛyɛɛ yɛn nwonwa! Cambodia yɛ ɔman a ɛwɔ Asia Anafo fam apuei, na ɛhɔ yɛ fɛ paa. Nea yehui, nea yɛtee, ne ɛhɔ hua nyinaa yɛɛ yɛn foforo koraa. Ná yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛka asɛmpa no wɔ hɔ.

Nanso, ɔman no amanyɔsɛm sesae. Ɛno nti yetu kɔɔ South Vietnam. Awerɛhosɛm ne sɛ, mfe mmienu ntam no, yare bi a emu yɛ den bɔɔ me. Enti wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnsan nkɔ yɛn kurom. Ná ehia sɛ minya bere de gye m’ahome na ama manya ahoɔden. Nanso, bere a me ho yɛɛ me den ara pɛ na yɛsan fii bere nyinaa som adwuma no ase.

Me ne Angela, afe 1975. Ná wɔrekobisabisa yɛn nsɛm wɔ television so

March 1965 no, me ne me yere nyaa hokwan fii ahwɛfo akwantufo adwuma ase. Ná yɛsrasra asafo ahorow. Me ne Angie de anigye yɛɛ ɔmansin ne ɔmantam adwuma no mfe 33. Ná yɛyɛ nnwuma a wɔyɛ ansa na yɛafi ɔmantam nhyiam ase ne nnwuma a wɔyɛ wɔ nhyiam ase no bi. Ɔmantam nhyiam yɛ dwumadi a ɛda me koma so bere nyinaa. Enti na m’ani gye ho paa sɛ mɛboa ma yɛayɛ ho ntotoe. Yɛde mfe dodow bi som asafo ahorow a ɛwɔ New York City no, na yɛyɛɛ nhyiam pii wɔ Yankee Stadium.

YƐSAN KƆƆ BETEL, NA YƐBOA MA WƆYƐƐ TEOKRASE SUKUU AHOROW

Wɔn a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma titiriw no mu pii taa nya dwumadi ahorow a ɛyɛ anigye nanso egye animia, na na adwuma a ɛte saa da hɔ retwɛn me ne Angie. Sɛ nhwɛso no, afe 1995 no, asafo ma mekɔkyerɛɛ ade wɔ Asomfo Ntetee Sukuu no mu. Mfe mmiɛnsa akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛsom wɔ Betel. M’ani gyei paa sɛ mesan kɔɔ baabi a mifii bere nyinaa som adwuma titiriw ase bɛboro mfe 40 a na atwam no. Meyɛɛ adwuma wɔ Ɔsom Dwumadibea kakra. Afei mekyerɛɛ ade wɔ teokrase sukuu ahorow mu. Afe 2007 no, Akwankyerɛ Kuw no de sukuu ahorow a wɔyɛ wɔ Betel no nyinaa bɛhyɛɛ Teokrase Sukuu Ahorow Dwumadibea no ase, na minyaa hokwan hwɛɛ so mfe dodow bi.

Nnansa yi, yɛahu nsakrae ahorow a mfaso wɔ so a wɔayɛ wɔ teokrase nkyerɛkyerɛ mu. Wofii Sukuu a Wɔyɛ ma Asafo mu Mpanyimfo no ase afe 2008. Mfe mmienu a edi hɔ mu no, asafo mu mpanyimfo bɛboro 12,000 na wɔbaa sukuu yi a wɔyɛe wɔ Patterson ne Brooklyn Betel no bi. Wɔreyɛ sukuu yi bi wɔ mmeae foforo nso. Anuanom a wɔatete wɔn na wɔkyerɛ ade wɔ hɔ. Afe 2010 no, wɔsesaa Asomfo Ntetee Sukuu no bɛfrɛɛ no Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Anuanom Mmarima Asigyafo. Wɔsan tew sukuu foforo a wɔfrɛɛ no Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Kristofo Awarefo.

Afe 2015 ɔsom afe no mfiase no, wɔkaa sukuu mmienu yi bɔɔ mu bɛfrɛɛ no Ahenni Asɛmpakafo Sukuu. Anuanom awarefo ne anuanom mmarima ne mmea a wɔyɛ asigyafo nyinaa betumi akɔ sukuu yi bi. Bere a wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔbɛyɛ sukuu yi bi wɔ mmeae ahorow nso no, ɛyɛɛ anuanom bebree a wɔwɔ wiase nyinaa dɛ paa. Ɛyɛ me anigye paa sɛ seesei hokwan abue sɛ anuanom pii betumi akɔ teokrase sukuu ahorow yi bi. Na ɛyɛ me anigye paa nso sɛ mahyia nnipa pii a wobegyee ntetee yi bi.

Sɛ mitwa m’ani hwɛ m’akyi, fi bere a wɔbɔɔ me asu wɔ adaka a wɔde kyɛnsee yɛe no mu no a, meda Yehowa ase sɛ wɔama mahyia anyansafo bebree a wɔaboa me wɔ nokware no mu. Ná wɔn mu bi anyinyin sen me, na na ɛsono baabi a wofi nso. Nanso, wɔn koma mu paa de, na wɔyɛ nnipa a wɔdɔ Yehowa yiye. Wɔn suban ne sɛnea na wɔyɛ wɔn ade ma ɛdaa adi sɛ wɔdɔ Yehowa paa. Anyansafo pii wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu a yebetumi ne wɔn anantew. Me ne anyansafo anantew ama aboa me paa.

Sɛ mihyia anuanom a wofi wiase afã ahorow nyinaa reba teokrase sukuu ahorow no bi a, m’ani gye