ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM March 2018

Adesua nsɛm a yebesua April 30 kosi June 3, 2018.

Ehia Sɛ Kristofo Bɔ Asu

Dɛn na Bible ka fa asubɔ ho? Anammɔn bɛn na ɛsɛ sɛ obi tu ansa na wabɔ asu? Sɛ Kristoni ne ne ba anaa Bible suani resua ade a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɔma ne werɛ fi sɛ ɔbɛma wɔahu nea enti a asubɔ ho hia?

Awofo, Moreboa Mo Ba Ama Wanya Nkɔso Abɔ Asu?

Dɛn na Kristofo a wɔyɛ awofo pɛ sɛ wohu ansa na wɔn mma abɔ asu?

NSƐMMISA A EFI AKENKANFO HƆ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Sɛ Yehowa Adansefo yɛ ɔsomafo Paulo mfonini a, ɛyɛ a na n’apampam apa anaa ne ti ho atutu. Adɛn ntia?

Ahɔhoyɛ Yɛ Su a Ɛyɛ Fɛ, Na Ɛho Hia Pa Ara!

Adɛn nti na Kyerɛwnsɛm no hyɛ Kristofo nkuran sɛ wonnyigye wɔn ho hɔho? Hokwan ahorow bɛn na yɛwɔ a yɛde bɛyɛ ‘yɛn ho yɛn ho’ hɔho? Nneɛma a ɛbɛma ayɛ den sɛ yebegye afoforo hɔho no, yɛbɛyɛ dɛn adi so?

ASETENAM NSƐM

Yehowa Nnii Me Huammɔ Da!

Erika Nöhrer Bright asom sɛ daa kwampaefo, ɔkwampaefo titiriw, ne ɔsɛmpatrɛwfo. Waka sɛnea Onyankopɔn akurakura no, ahyɛ no den, na waso no mu mfe pii a ɔde asom nokwaredi mu no.

Nteɛso—Ɛkyerɛ Onyankopɔn Dɔ

Wɔn a Onyankopɔn teɛɛ wɔn so tete no, dɛn na yebetumi asua afi wɔn hɔ? Sɛ ɛba sɛ yɛde nteɛso rema a, yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa?

“Tie Nteɛso Na Hu Nyansa”

Ɔkwan bɛn so na Yehowa boa yɛn ma yehu sɛnea yɛbɛhyɛ yɛn ho so? Sɛ ɛba sɛ wɔde nteɛso bi ma yɛn wɔ Kristofo asafo no mu a, yɛbɛyɛ dɛn anya so mfaso?