Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awofo, Moreboa Mo Ba Ama Wanya Nkɔso Abɔ Asu?

Awofo, Moreboa Mo Ba Ama Wanya Nkɔso Abɔ Asu?

“Dɛn nti na woretwentwɛn wo nan ase? Sɔre ma wɔmmɔ wo asu.”—ASO. 22:16.

NNWOM: 51, 135

1. Dɛn na Kristofo a wɔyɛ awofo pɛ sɛ wohu ansa na wɔn mma abɔ asu?

“BERE nyinaa na meka kyerɛ Paapa ne Maame sɛ mepɛ sɛ mebɔ asu; meyɛɛ saa abosome bebree. Wɔn nso ne me bɔɔ ho nkɔmmɔ mpɛn pii. Ná wɔpɛ sɛ wohu sɛ minim aniberesɛm a ɛwɔ gyinae a mepɛ sɛ misi no mu anaa. December 31, 1934 no, bere soe sɛ meyɛ ade a ɛho hia pa ara wɔ m’asetena mu.” Wei na Blossom Brandt kaa sɛ ɛkɔɔ so bere a osii gyinae sɛ ɔbɛbɔ asu no. Ɛnnɛ, Kristofo a wɔyɛ awofo nso pɛ sɛ wɔboa wɔn mma ma wosisi gyinae nyansam. Sɛ obi tu n’asubɔ hyɛ da anaa ɔtwentwɛn ne nan ase sɛnea ɛnsɛ a, ebetumi asɛe ɔne Yehowa ntam. (Yak. 4:17) Nanso, awofo a wɔn ani da hɔ pɛ sɛ wohu sɛ, ansa na wɔn mma bɛbɔ asu abɛyɛ Kristo asuafo no, na wɔayɛ krado sɛ wobedi asɛyɛde a ɛbata ho no so.

2. (a) Ɔhaw bɛn na amansin so ahwɛfo binom ahu? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Amansin so ahwɛfo binom ahu sɛ mmabun pii a wonnya nnii mfe 20 ne wɔn a wɔadi mfe 20 ne kakra wɔ asafo no mu a wonnya mmɔɔ asu, nanso awofo a wɔtetee wɔn yɛ Kristofo. Saa mmabun yi mu dodow no ara kɔ Kristofo nhyiam ne asɛnka. Wobu wɔn ho sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo. Nanso, biribi nti wɔtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobehyira wɔn ho so ama Yehowa na wɔabɔ asu. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛma wɔyɛ saa? Ebinom wɔ hɔ a wɔn awofo na wɔaka akyerɛ wɔn sɛ wɔntwe wɔn asubɔ nkɔ akyiri kakra. Nneɛma nnan bi wɔ hɔ a ɛma ɛyɛ den ma awofo binom a wɔyɛ Kristofo sɛ wɔbɛhyɛ wɔn mma nkuran ama wɔabɔ asu. Yebesusuw saa nneɛma nnan no ho wɔ adesua yi mu.

ME BA ANYIN SƐNEA ƐSƐ?

3. Dɛn na na ɛyɛ Blossom awofo dadwen?

3 Blossom awofo a yɛkaa wɔn ho asɛm wɔ nkyekyɛm a edi kan no, na wɔpɛ sɛ wohu sɛ wɔn babea no anyin sɛnea ɛsɛ ma enti ɔte asubɔ ase, na onim aniberesɛm a ɛwom. Ntease wom sɛ wonyaa saa adwene no. Awofo bɛyɛ dɛn ahu sɛ wɔn ba ayɛ krado sɛ obehyira ne ho so ama Yehowa?

4. Sɛ awofo rekyerɛkyerɛ wɔn mma a, Yesu ahyɛde a ɛwɔ Mateo 28:19, 20 no bɛboa wɔn sɛn?

4 Kenkan Mateo 28:19, 20. Adesua a edi wei anim no, yehui sɛ Bible nka mfe pɔtee a ɛsɛ sɛ obi di ansa na wabɔ asu. Nanso, sɛ awofo susuw nea osuani a obi bɛyɛ kyerɛ ho a, ɛbɛboa wɔn. Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘yɛ asuafo’ a ɛwɔ Mateo 28:19 no, nea ɛkyerɛ ne sɛ wode bɛyɛ wo botae sɛ wobɛkyerɛkyerɛ obi ama wabɛyɛ osuani. Osuani yɛ obi a osua Yesu nkyerɛkyerɛ te ase na ɔyɛ n’adwene sɛ ɔde bɛyɛ adwuma. Ne saa nti, sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo nyinaa rekyerɛkyerɛ wɔn mma fi wɔn mmofraase pɛɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde yɛ wɔn botae sɛ wɔbɛboa wɔn ama wɔabɔ asu abɛyɛ Kristo asuafo. Ɛwom, ɛmfata sɛ wɔbɔ akokoaa asu. Nanso, Bible da no adi sɛ mmofra nkumaa mpo betumi ate nokware a ɛwɔ Bible mu ase na wɔn ani agye ho.

5, 6. (a) Yɛhwɛ nea Bible ka fa Timoteo ho a, dɛn na yebetumi aka afa n’asubɔ ho? (b) Ɔkwampa bɛn na awofo a wɔn ani da fam betumi afa so aboa wɔn mma yiye?

5 Timoteo yɛ osuani a ogyee nokware no bere a na ɔyɛ abofra. Ɔsomafo Paulo kaa sɛ, Timoteo suaa nokware a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu fi ne mmofraase. Ɛwom sɛ na Timoteo papa nyɛ Yehowa somfo deɛ, nanso ne maame ne ne nanabea a wɔyɛ Yudafo no de sɛnea na Yudafo no te Kyerɛwnsɛm no ase no kyerɛkyerɛɛ no maa n’ani gyee ho. Ɛno nti, ne gyidi yɛɛ den pa ara. (2 Tim. 1:5; 3:14, 15) Eduu bere a Timoteo reyɛ adi mfe 20 anaa mfe 20 ne kakra no, na ɔyɛ Kristo suani a wobetumi asusuw ne ho de asɛyɛde titiriw ahyɛ ne nsa wɔ asafo no mu.—Aso. 16:1-3.

6 Ɛwom, ɛsono sɛnea abofra biara te; ɛnyɛ mmofra nyinaa na wɔte nneɛma ase ntɛm; ebinom mfe kɔ anim ansa na wɔate nneɛma ase. Mmofra binom te nokware no ase, wotumi sisi gyinae pa, na wɔpɛ sɛ wɔbɔ asu bere mpo a wɔda so yɛ mmofra. Mmofra no bi nso wɔ hɔ a, gye sɛ wonyin kakra ansa na wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛbɔ asu. Ɛno nti, awofo a wɔn ani da fam mpiapia wɔn mma sɛ wɔmmɔ asu. Mmom, wɔhwɛ sɛnea abofra biara adwene kyere nneɛma na wɔagyina so akyerɛkyerɛ no ma wanya nkɔso wɔ Yehowa som mu. Sɛ abofra bi de asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 27:11 no yɛ adwuma a, n’awofo koma bɛtɔ wɔn yam. (Kenkan Mmebusɛm 27:11.) Nanso, ɛnsɛ sɛ awofo ma wɔn werɛ fi wɔn botae a esi wɔn ani so da; ɛne sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn mma ama wɔabɛyɛ Kristo asuafo. Bere a wei wɔ awofo adwenem no, ɛsɛ sɛ wobisa wɔn ho sɛ: ‘Me ba no wɔ nimdeɛ a ɛsɛ a ɛbɛma wahyira ne ho so ama Onyankopɔn na wabɔ asu anaa?’

ME BA WƆ NIMDEƐ A ƐSƐ?

7. Sɛ obi pɛ sɛ ɔbɔ asu a, ehia sɛ ɔte biribiara a ɛwɔ Bible mu ase ansa na wayɛ saa? Kyerɛkyerɛ mu.

7 Ɛyɛ awofo asɛyɛde sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma. Enti sɛ awofo rekyerɛkyerɛ wɔn mma a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔte nokware no ase yiye na ama wɔatumi ahyira wɔn ho so. Wei nkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ abofra no te biribiara a ɛwɔ Bible mu ase ansa na watumi ahyira ne ho so na wabɔ asu. Osuani biara bɔ asu wie a, ɛsɛ sɛ ɔkɔ so nya nokware nimdeɛ. (Kenkan Kolosefo 1:9, 10.) Enti nimdeɛ bɛn na ɛsɛ sɛ obi nya ansa na wabɔ asu?

8, 9. Dɛn na yebetumi asua afi Paulo ne afiasehwɛfo no asɛm no mu?

8 Asɛm bi a esii abusua bi mu wɔ asomafo no bere so betumi aboa awofo ama wɔahu nneɛma ani so yiye. (Aso. 16:25-33) Paulo kɔɔ Filipi bɛyɛ afe 50 Y.B. wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so mmienu no mu. Bere a ɔwɔ hɔ no, wotwaa atoro too ɔne Silas so, na wɔde wɔn guu afiase. Saa da no anadwo no, asasewosow bi sii ma afiase no nnyinaso wosowee, na apon no nyinaa buebuei. Ná afiasehwɛfo no suro sɛ nneduafo no aguan, enti anka ɔrekum ne ho, nanso Paulo amma wanyɛ saa. Paulo ne Silas tumi dii afiasehwɛfo no ne n’abusua adanse kama. Yesu ho nokwasɛm a wɔtee no ho anisɔ a wonyae no kaa wɔn ma wotuu anammɔn bi. Ɛyɛ anammɔn bɛn? Wɔbɔɔ asu ntɛm ara; wɔantwentwɛn wɔn nan ase koraa. Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu?

9 Sɛnea abakɔsɛm kyerɛ no, ɛbɛyɛ sɛ na afiasehwɛfo no yɛ ɔsraani a wakɔ pɛnhyen. Ná onnim Kyerɛwnsɛm no mu. Nea ɛbɛyɛ na wanya Bible mu nimdeɛ a edi mũ no, na ɛsɛ sɛ osua mfitiase nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Bible mu, ohu nea Onyankopɔn hwehwɛ fi ne somfo biara hɔ, na osi ne bo sɛ obedi Yesu nkyerɛkyerɛ so. Bere tiaa bi mu no, n’ani sɔɔ nokware no ho mfitiase nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu a osuae no, na ɛkanyan no ma ɔbɔɔ asu. Akyinnye biara nni ho sɛ, ɔkɔɔ so suaa ade nyaa nimdeɛ pii wɔ n’asubɔ akyi. Bere a wei wɔ w’adwenem no, sɛ wo ba anya mfitiase nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Bible mu na ɔte nea ahosohyira ne asubɔ kyerɛ ase, na ɔno ara fi ne komam ka sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu a, dɛn na wobɛyɛ? Awofo a moyɛ Kristofo, mubetumi ama abofra no akohu asafo mu mpanyimfo ama wɔahwɛ sɛ ɔfata sɛ ɔbɔ asu anaa. * Sɛnea asuafo a wɔabɔ asu nyinaa yɛ no, abofra no nso bɛkɔ so asua Yehowa atirimpɔw ho ade ne nkwa nna nyinaa, akosi daa.—Rom. 11:33, 34.

MEREKYERƐKYERƐ ME BA AMA ASI NO YIYE?

10, 11. (a) Adwene bɛn na awofo binom anya? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ awofo ma ehia wɔn pa ara?

10 Awofo binom adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ wɔn ba twentwɛn ne nan ase wɔ asubɔ ho sɛnea ɛbɛyɛ a obesua nhoma akɔ akyiri na wanya adwuma pa bi ayɛ ansa na wabɔ asu a, ɛno na ɛbɛboa no pa ara. Ebia wɔwɔ wɔn ba no ho adwene pa deɛ, nanso wei bɛboa abofra no ama asi no yiye ankasa? Nea ehia pa ara sɛ wobisa ne sɛ, Kyerɛwnsɛm no foa adwene a wɔanya no so anaa? Dɛn na Yehowa Asɛm no hyɛ abofra no nkuran sɛ ɔnyɛ?—Kenkan Ɔsɛnkafo 12:1.

11 Ɛho hia sɛ yɛkae sɛ wiase yi ne nea ɛwɔ mu nyinaa sɔre tia Yehowa apɛde ne ne nsusuwii. (Yak. 4:7, 8; 1 Yoh. 2:15-17; 5:19) Sɛ abofra betumi abɔ ne ho ban afi Satan, Satan wiase no, ne wiase no nsusuwii bɔne ho a, ɛsɛ sɛ ɔne Onyankopɔn nya abusuabɔ a emu yɛ den. Sɛ awofo ma wɔn ba de nhomasua a ɛkɔ akyiri ne adwuma pa a obenya ayɛ di kan si n’ani so a, ɛbɛma abofra no adwene atu afra, na asɛe ɔne Yehowa ntam. Awofo a moyɛ Kristofo a modɔ mo mma, enti nea mopɛ pa ara ne sɛ wiase yi na ɛbɛkyerɛ mo ba nea ɔyɛ a ebesi no yiye anaa? Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛde Yehowa di kan wɔ yɛn asetenam nkutoo a, ɛnna yebenya anigye na asi yɛn yiye ankasa.—Kenkan Dwom 1:2, 3.

SƐ ME BA YƐ BƆNE Ɛ?

12. Dɛn nti na awofo binom pɛ sɛ wɔn ba tu n’asubɔ hyɛ da?

12 Maame bi a ɔyɛ Kristoni kyerɛɛ nea enti a na ɔmpɛ sɛ ne babea bɔ asu. Ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ me aniwu sɛ mereka saa asɛm yi, nanso nea enti pa ara a meyɛɛ saa ne tu a wotu obi fi asafo no mu bere a wayɛ bɔne no.” Awofo binom te sɛ onuawa a yɛaka ne ho asɛm yi. Wɔn adwene ne sɛ, ɛyɛ papa sɛ wɔn ba betu n’asubɔ ahyɛ da kosi sɛ obenyin na wankɔyɛ biribi a nyansa nnim. (Gen. 8:21; Mmeb. 22:15) Ebia ɔwofo bi adwene bɛyɛ no sɛ, ‘Sɛ me ba no mmɔɔ asu a, wontumi ntu no.’ Adɛn nti na wei yɛ nnaadaasɛm?—Yak. 1:22.

13. Sɛ obi tu n’asubɔ hyɛ da a, ɛkyerɛ sɛ ɔne Yehowa nni akontaabu biara anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

13 Nokwasɛm ne sɛ, Kristofo a wɔyɛ awofo mpɛ sɛ wɔn ba behyira ne ho so bere a onnyaa nimdeɛ a ɛsɛ. Nanso, ɛbɛyɛ mfomso sɛ wobenya adwene sɛ, esiane sɛ wɔn ba no mmɔɔ asu nti ɔne Yehowa nni akontaabu biara. Adɛn nti na ɛte saa? Ɛnyɛ sɛ obi bɔ asu a na obebu akontaa akyerɛ Yehowa. Mmom, sɛ abofra nya hu nea Yehowa kyerɛ sɛ ɛyɛ papa ne bɔne a, obebu akontaa akyerɛ Onyankopɔn. (Kenkan Yakobo 4:17.) Enti sɛ́ anka awofo a wɔn ani da fam besiw wɔn ba kwan sɛ mma ɔmmɔ asu no, wɔyere wɔn ho mmom yɛ nhwɛso pa ma no. Awofo pɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ abofra no fi ne mmofraase pɛɛ ma n’ani gye nneɛma a Yehowa kyerɛ sɛ ɛyɛ papa ho, na okyi nea Yehowa ka sɛ ɛyɛ bɔne sɛnea awofo no nso yɛ no. (Luka 6:40) Sɛ abofra no nya ɔdɔ a ɛte saa ma Yehowa a, ɛbɛbɔ ne ho ban na wanyɛ bɔne a emu yɛ duru, efisɛ n’ani begye ho sɛ ɔbɛyɛ nea Yehowa kyerɛ sɛ ɛyɛ papa.—Yes. 35:8.

AFOFORO BETUMI ABOA

14. Mmɔden a awofo rebɔ sɛ wɔbɛboa wɔn mma ama wɔanya nkɔso abɔ asu no, dɛn na asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de aboa wɔn?

14 Asafo mu mpanyimfo hwɛ Yehowa nguan so, enti sɛ wɔka botae a mmofra betumi de asisi wɔn ani so wɔ Yehowa som mu ho asɛmpa a, na wɔreboa awofo no. Onuawa bi a ɔyɛɛ daa akwampae adwuma bɛboro mfe 70 kaa sɛ bere bi Onua Charles T. Russell ne no bɔɔ nkɔmmɔ ma ɛboaa no. Saa bere no, na wadi mfe nsia pɛ. Ɔkaa sɛ: “Ɔne me bɔɔ botae a mede besisi m’ani so wɔ Yehowa som mu ho nkɔmmɔ simma 15.” Anokwa, nsɛm a ɛhyɛ den na ɛhyɛ nkuran betumi ada obi koma so ne nkwa nna nyinaa. (Mmeb. 25:11) Sɛ asafo mu mpanyimfo reyɛ Ahenni Asa ho adwuma a, wobetumi ama awofo ne wɔn mma abɛyɛ bi. Mpanyimfo no bɛhwɛ mfe a mmofra no adi ne nea wobetumi ayɛ na wɔama wɔn adwuma.

15. Dɛn na afoforo a wɔwɔ asafo no mu betumi ayɛ de ahyɛ mmofra nkuran?

15 Asafo no mufo betumi akyerɛ mmofra ho anigye wɔ ɔkwan a ɛfata so de aboa mmofra no. Ebi ne sɛ, wobetumi de wɔn ani ato fam ahwɛ sɛnea mmofra no renya nkɔso. Abofra bi fi ne komam ama mmuae a ɛtɔ asom anaa wayɛ dwumadi bi wɔ asafo nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe no mu? Abofra bi ahyia ne gyidi ho sɔhwɛ ama watumi agyina ano anaa ɔde hokwan bi a onyae adi adanse wɔ sukuu? Sɛ ɛte saa a, yɛ ntɛm yi wo yam kamfo no. Afei nso, wubetumi de ayɛ wo botae sɛ ansa na mubefi asafo nhyiam ase anaa bere a moapɔn no, wo ne abofra bi bɛbɔ nkɔmmɔ na woayi wo yam akyerɛ ne ho anigye. Sɛ yɛyɛ weinom ne afoforo a, yebetumi aboa mmofra no ama wɔahu sɛ wɔka “asafo kɛse” no ho.—Dw. 35:18.

BOA WO BA MA ONNYA NKƆSO MMƆ ASU

16, 17. (a) Asubɔ fa nkwa a obi benya daakye ho sɛn? (b) Anigye bɛn na awofo a wɔyɛ Kristofo nyinaa pɛ sɛ wonya? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

16 Hokwan kɛse pa ara baako a awofo a wɔyɛ Kristofo wɔ ne sɛ wɔde “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ” bɛtete wɔn mma. (Efe. 6:4; Dw. 127:3) Tete Israel man no yɛ ɔman a na wɔahyira so ama Yehowa, enti wɔwo abofra bi to ɔman no mu a, na wahyira ne ho so dedaw. Nanso ɛnnɛ, awofo a wɔyɛ Kristofo nwo wɔn mma ngu ɔman a wɔahyira so mu. Bio, ɔdɔ a yebenya ama Onyankopɔn ne nokware no ho anigye a yebenya nso, wɔmfa nwo yɛn. Ɛnnɛ, sɛ awofo nya wo wɔn ba pɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde yɛ wɔn botae sɛ wɔbɛtete no ama wabɛyɛ osuani. Enti ɛsɛ sɛ wɔboa abofra no ma ohyira ne ho so bɔ asu bɛyɛ Yehowa somfo. Biribi wɔ hɔ a ɛho hia sen wei anaa? Nea ɛwom ne sɛ, sɛ obi hyira ne ho so bɔ asu na ɔsom Onyankopɔn nokwarem a, ɛno na ɛbɛma wɔahyɛ no agyirae ama nkwagye wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu.—Mat. 24:13.

Ɛsɛ sɛ awofo de yɛ wɔn botae sɛ wɔbɛboa wɔn ba ama wabɛyɛ osuani (Hwɛ nkyekyɛm 16, 17)

17 Bere a Blossom Brandt sii gyinae sɛ ɔbɛbɔ asu no, na n’awofo a wosuro Onyankopɔn no pɛ sɛ wohu sɛ wayɛ krado sɛ obetu anammɔn a ɛho hia pa ara wɔ n’asetena mu anaa. Bere a n’awofo hui sɛ wayɛ krado no wɔtaa n’akyi wɔ gyinae a wasi no ho. Ade rebɛkye ama wabɔ asu no, ne papa yɛɛ biribi a ɛkaa ne koma papaapa. Blossom kaa sɛ: “Ɔmaa yɛn nyinaa buu nkotodwe, na ɔbɔɔ mpae. Ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ, n’ani agye pa ara sɛ ne babea kumaa yi asi gyinae sɛ obehyira ne ho so ama no.” Bɛboro mfe 60 akyi no, Blossom kaa sɛ: “Metumi aka pa ara sɛ, nea ɛkɔɔ so saa anadwo no, me werɛ remfi da!” Awofo, sɛ muhu sɛ mo mma ahyira wɔn ho so abɔ asu abɛyɛ Yehowa asomfo a, mo nso mo ani betumi agye na moanya abotɔyam.

^ nky. 9 Awofo betumi ne wɔn ba ahwɛ nsɛm a ɛbɛboa no wɔ Questions Young People Ask—Answers That Work, Po 2, kr. 304-310. Wobetumi asan ahwɛ “Asɛmmisa Afã” a ɛbaa Yɛn Ahenni Som, April 2011, kr. 2 no.