Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ehia Sɛ Kristofo Bɔ Asu

Ehia Sɛ Kristofo Bɔ Asu

‘Asubɔ nso na seesei egye mo nkwa.’—1 PET. 3:21.

NNWOM: 52, 41

1, 2. (a) Sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo binom mma ka sɛ wɔbɛbɔ asu a, awofo no yɛ wɔn ade sɛn? (b) Wɔn a wɔrebɛbɔ asu no, adɛn nti na ɛyɛ a wobisa wɔn sɛ wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa anaa? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

ANUANOM a wɔrebɛbɔ asu asɔre agyina hɔ. Wɔn mu baako yɛ abeawa bi a yɛbɛfrɛ no Maria. Maria awofo yɛ Kristofo, na na wɔwɔ hɔ rehwɛ no. Nsɛmmisa mmienu a ɔkasafo no bisae no, ɔmaa ne nne so maa mmuae fann. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔbɔɔ no asu.

2 Ɛyɛɛ Maria awofo dɛ paa sɛ wɔn babea no afi ne komam ahyira ne ho so ama Yehowa na wabɔ asu. Ɛwom sɛ na ɛyɛ wɔn dɛ deɛ, nanso ansa na Maria rebɔ asu no, na ne maame adwene nsi no pi wɔ nneɛma bi ho. Maame no bisaa ne ho sɛ: ‘Maria yɛ abofra dodo sɛ ɔbɛbɔ asu anaa? Nea Maria reyɛ no, onim aniberesɛm a ɛwom pa ara? Sɛ onyinii kakra ansa na ɔrebɔ asu a, anka enye?’ Weinom yɛ nsɛmmisa a awofo pii a wɔwɔ ɔdɔ bisa wɔn ho bere a wɔn ba aka sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu. (Ɔsɛnk. 5:5) Nea ɛwom ara ne sɛ, asubɔ ne ahosohyira yɛ anammɔn a ɛho hia pa ara a ɛsɛ sɛ Kristoni tu wɔ n’asetena mu.—Hwɛ adaka a wɔato din “ Woahyira Wo Ho So Ama Yehowa Anaa?

3, 4. (a) Dɛn na ɔsomafo Petro kae de kyerɛe sɛ asubɔ ho hia? (b) Adɛn nti na yebetumi de asubɔ atoto adaka a Noa yɛe wɔ ne bere so no ho?

3 Ɔsomafo Petro kyerɛkyerɛɛ asubɔ mu. Ɔde totoo adaka a Noa yɛe no ho sɛ: “Nea ɛyɛ ne sɛso nso na seesei egye mo nkwa; ɛno ne asubɔ.” (Kenkan 1 Petro 3:20, 21.) Ná adaka no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Noa fi ne koma nyinaa mu na ɔyɛɛ Onyankopɔn apɛde. Noa de nokwaredi yɛɛ adwuma a na Yehowa de ama no no. Nokwarem no, gyidi a Noa de yɛɛ adwuma no nti, Yehowa gyee ɔne n’abusua nkwa wɔ Nsuyiri no mu. Petro mfatoho no kyerɛ sɛn?

4 Adaka no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ na Noa wɔ gyidi. Sɛ obi bɔ asu wɔ nnipadɔm anim a, ɛno nso di biribi ho adanse. Ɛyɛ adanse bɛn? Ɛkyerɛ sɛ, Kristo suani no anya Kristo a wɔanyan no afi awufo mu no mu gyidi, na ɛno na ama wahyira ne ho so ama Yehowa. Sɛnea Noa yɛe no, Kristo asuafo a wɔahyira wɔn ho so yɛ osetie, na wɔyɛ adwuma a Onyankopɔn de ama wɔn no. Sɛnea Yehowa gyee Noa nkwa wɔ Nsuyiri no mu no, sɛ wiase bɔne yi ba awiei a, obegye Kristofo anokwafo a wɔabɔ asu no nkwa. (Mar. 13:10; Adi. 7:9, 10) Wei kyerɛ sɛ, ahosohyira ne asubɔ ho hia yiye. Obi a ɔtwentwɛn ne nan ase sɛnea ɛnsɛ no, daa nkwa ho anidaso a ɔwɔ no betumi abɔ no.

5. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

5 Yɛahu sɛ asubɔ yɛ aniberesɛm, enti nsɛmmisa mmiɛnsa bi wɔ hɔ a ɛsɛ yesusuw ho. Dɛn na Bible ka fa asubɔ ho? Anammɔn bɛn na ɛsɛ sɛ obi tu ansa na wabɔ asu? Sɛ Kristoni ne ne ba anaa Bible suani resua ade a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɔma ne werɛ fi sɛ ɔbɛma wɔahu nea enti a asubɔ ho hia?

NEA BIBLE KA FA ASUBƆ HO

6, 7. (a) Yohane asubɔ no, na ɛfa dɛn ho? (b) Asu a Yohane bɔe nyinaa no, hena deɛ na na ɛyɛ soronko, na adɛn ntia?

6 Asubɔ a edi kan a ɛho asɛm wɔ Bible mu no, Yohane Osuboni no na ɔbɔe. (Mat. 3:1-6) Nkurɔfo a wɔmaa Yohane bɔɔ wɔn asu no yɛɛ saa de kyerɛe sɛ wɔanu wɔn ho anaa wɔasakra wɔn adwene sɛ wobuu Mose Mmara no so. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ, asubɔ a ɛho hia sen biara a Yohane bɔe no, na ɛmfa adwensakra ho. Yohane nyaa hokwan soronko bɔɔ Yesu asu, Onyankopɔn Ba a ɔyɛ pɛ no. (Mat. 3:13-17) Ná bɔne nni Yesu ho, enti na enhia sɛ ɔsakra n’adwene wɔ biribiara ho. (1 Pet. 2:22) Yesu bɔɔ asu de kyerɛe sɛ ɔde ne ho rema sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde.—Heb. 10:7.

7 Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asase so no, n’asuafo no nso bɔɔ nkurɔfo asu. (Yoh. 3:22; 4:1, 2) Asu a asuafo no bɔe no, na ɛte sɛ Yohane deɛ no. Saa nkurɔfo no yɛɛ saa de kyerɛe sɛ wɔanu wɔn ho sɛ wobuu Mose Mmara no so. Nanso Yesu wui na ɔsɔree akyi no, biribi foforo koraa nti na wɔn a wobedii Yesu akyi no bɔɔ asu.

8. (a) Yesu wusɔre akyi no, ahyɛde bɛn na ɔde maa n’akyidifo? (b) Adɛn nti na ehia sɛ Kristofo bɔ asu?

8 Afe 33 Y.B. no, Yesu a na wasɔre afi awufo mu no yii ne ho adi kyerɛɛ nnipa bɛboro 500; mmarima, mmea, na ɛbɛyɛ sɛ na mmofra mpo ka ho. Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no na Yesu kaa sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mat. 28:19, 20; 1 Kor. 15:6) Bere a Yesu de ahyɛde no mae sɛ yɛnyɛ asuafo no, ɛbɛyɛ sɛ na n’akyidifo ɔhaha pii wɔ hɔ. Enti Yesu kaa sɛ, wɔn a wogye tom sɛ wɔbɛsoa Kristo kɔndua na wɔadi n’akyi no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ asu. (Mat. 11:29, 30) Obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so no, ɛsɛ sɛ ogye tom sɛ Yehowa nam Yesu so na ɔma n’atirimpɔw bam. Ɛno akyi no, onipa no betumi abɔ asu. Wei nko ara ne nsu mu asubɔ a ɛsɔ Onyankopɔn ani. Adanse pii wɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ asomafo no bere so no, wɔn a wobedii Kristo akyi no, na wonim nea asubɔ kyerɛ. Wɔantwentwɛn wɔn nan ase sɛnea ɛnsɛ wɔ asubɔ ho.—Aso. 2:41; 9:18; 16:14, 15, 32, 33.

NTWENTWƐN WO NAN ASE

9, 10. Asubɔ ho ade bɛn na yebetumi asua afi Etiopiani a ɔsakra bɛyɛɛ Yudani no ne ɔsomafo Paulo hɔ?

9 Kenkan Asomafo Nnwuma 8:35, 36. Yɛnhwɛ Etiopiani a ɔsakra bɛyɛɛ Yudani no. Ná wakɔsom wɔ Yerusalem a ɔresan akɔ ne kurom. Yehowa bɔfo maa Filipo kɔɔ Etiopiani no nkyɛn, na Filipo “kaa Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ no.” Dɛn na Etiopiani no yɛe? Ade a edi hɔ a ɔyɛe no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ na wafi ne komam agye nokware a wasua no atom. Ná ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea Yehowa hwehwɛ sɛ Kristofo yɛ, enti ɔbɔɔ asu ntɛm ara.

10 Onipa foforo a yɛbɛka ne ho asɛm ne Yudani barima bi a ɔtaa Kristofo. Wɔwoo no ɔman a wɔahyira so ama Onyankopɔn mu. Nanso, esiane sɛ na Yehowa apo Yudafo no nti, na wɔne Yehowa nni abusuabɔ soronko bio. Ná saa ɔbarima no bɔ Yudasom mu atetesɛm ho mmɔden, nanso ohuu ɔkwampa a ɔbɛfa so asom Onyankopɔn. Yesu Kristo a wasɔre afi awufo mu a na wɔahyɛ no anuonyam no dii no adanse. Dɛn na ɔbarima no yɛe? Ɔmaa kwan maa Kristo suani Anania boaa no. Bible ka saa ɔbarima no ho asɛm sɛ: “Ɔsɔre ma wɔbɔɔ no asu.” (Aso. 9:17, 18; Gal. 1:14) Akyinnye biara nni ho sɛ, woahu sɛ saa ɔbarima no na akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no ɔsomafo Paulo no. Hyɛ no nsow sɛ, bere a Paulo tee ase sɛ Yesu na Onyankopɔn nam ne so ma n’atirimpɔw bam no, ɔbɔɔ asu ntɛm ara.—Kenkan Asomafo Nnwuma 22:12-16.

11. (a) Ɛnnɛ, dɛn na ɛkanyan Bible asuafo ma wɔbɔ asu? (b) Sɛ yehu sɛ nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so rebɔ asu a, ɛka yɛn sɛn?

11 Ɛnnɛ nso, Bible asuafo, mmofra ne mpanyin nyinaa, yɛ saa ara. Wɔn a wɔwɔ gyidi na wɔn ani sɔ nokware a ɛwɔ Bible mu no ani gye pa ara sɛ wobehyira wɔn ho so abɔ asu. Asubɔ kasa a wɔma wɔ amansin ne amantam nhyiam ase no, ɛyɛ ɔkasa a obiara hwɛ kwan. Sɛ Bible suani gye nokware no tom na onya nkɔso bɔ asu a, Yehowa Adansefo di ahurusi. Sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo hu sɛ wɔn mma ka asuafo a wɔrebɔ asu no ho a, wɔn ani nnye anaa? Afe 2017 ɔsom afe no mu no, “wɔn a wɔpɛ daa nkwa” bɛboro 284,000 na wɔbɔɔ asu de kyerɛe sɛ wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa. (Aso. 13:48) Yehu pa ara sɛ asuafo foforo yi te ase sɛ ehia sɛ Kristofo bɔ asu. Anammɔn bɛn na wotui ansa na wɔrebɔ asu?

12. Anammɔn bɛn na ɛsɛ sɛ Bible suani bi tu ansa na wabɔ asu?

12 Ansa na osuani bi betumi abɔ asu no, ɛsɛ sɛ onya Onyankopɔn, N’atirimpɔw, ne Ne nhyehyɛe a wayɛ ama nkwagye no ho nokware nimdeɛ; wei bɛma wanya gyidi. (1 Tim. 2:3-6) Gyidi a ɛte saa ka osuani no koma ma ɔtwe ne ho fi abrabɔ a ɛnsɔ Onyankopɔn ani ho, na ɔde Yehowa mmara yɛ adwuma wɔ n’asetena mu. (Aso. 3:19) Wei ho hia pa ara, efisɛ obi ntumi nka sɛ wahyira ne ho so ama Onyankopɔn bere a ogu so reyɛ nneɛma a ɛbɛma Ahenni no abɔ no. (1 Kor. 6:9, 10) Nanso, ɛnyɛ Yehowa mmara a ɔde bɛbɔ ne bra nko ara na ehia, na mmom nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Obi a ɔpɛ sɛ ɔyɛ adetrenee no, ebehia sɛ ɔkɔ asafo nhyiam na ɔyɛ nkwagye adwuma no bi daa; asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no. Yesu kaa sɛ wɔn a wɔyɛ n’asuafo ankasa na wɔbɛyɛ saa adwuma yi. (Aso. 1:8) Sɛ osuani foforo tu saa anammɔn yi nko ara a, ɛnna obetumi abɔ mpae wɔ kokoam ahyira ne ho so ama Yehowa. Ɛno akyi no, ɔbɛbɔ asu wɔ nnipadɔm anim de akyerɛ sɛ wahyira ne ho aso ama Yehowa.

BOA BIBLE ASUAFO MA WƆMFA ASUBƆ NSI WƆN ANI SO

Woma sɛnea asubɔ ho hia tena w’adwenem, na woka ho asɛm kyerɛ wo suani anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 13)

13. Adɛn nti na wɔn a wɔde Bible kyerɛkyerɛ no ma ɛtena wɔn adwenem sɛ ehia sɛ obi bɔ asu ansa na wabɛyɛ Kristoni?

13 Sɛ yɛreboa yɛn mma ne yɛn Bible asuafo ama wɔatu anammɔn a ɛho hia yi a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, anammɔn a ɛfata sɛ obi tu na ama wabɛyɛ Yesu suani pa ara no, asubɔ ka ho. Sɛ yɛma wei tena yɛn adwenem a, yɛne yɛn Bible asuafo besusuw nneɛma ho yiye. Yɛrentwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛne wɔn bɛbɔ ahosohyira ne asubɔ ho nkɔmmɔ wɔ bere a ɛsɛ mu. Nokwasɛm ne sɛ, yɛpɛ sɛ yɛn mma ne yɛn Bible asuafo nya nkɔso na wɔbɔ asu!

14. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ obiara sɛ ɔmmɔ asu?

14 Nokwasɛm ne sɛ, ɛnsɛ sɛ awofo, yɛn a yɛne afoforo sua Bible, anaa asafo no muni biara hyɛ obi sɛ ɔmmɔ asu. Yehowa mpɛ sɛ obiara yɛ saa. (1 Yoh. 4:8) Mmom, sɛ yɛrekyerɛkyerɛ afoforo a, ɛsɛ sɛ yɛma wohu sɛ, ehia sɛ wɔn ankasa ne Onyankopɔn nya abusuabɔ. Sɛ osuani ani sɔ sɛ wahu nokware no a, ɛbɛka ne koma ama wagye atom sɛ ɔbɛsoa Kristo kɔndua no adi n’akyi na wabɔ asu.—2 Kor. 5:14, 15.

15, 16. (a) Mfe bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ obi di ansa na wabɔ asu? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Sɛ Bible suani bi bɔɔ asu wɔ ɔsom foforo bi mu mpo a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔbɔ asu bɛyɛ Yehowa Dansefo?

15 Mfe pɔtee biara nni hɔ a ɛsɛ sɛ obi di ansa na wabɔ asu. Ɛsono Bible suani biara; ebinom nya nkɔso ntɛmntɛm sen afoforo. Bebree bɔ asu wɔ wɔn mmofraberem, na wɔkɔ so di Yehowa nokware. Afoforo nso deɛ, bere a wobehu nokware no abɔ asu no, na wɔanyin awie. Ebinom koraa dii bɛboro mfe 100 ansa na wɔrebɔ asu!

16 Ná Bible suani bi a ne mfe akɔ anim abɔ asu mfe bi a atwam wɔ ɔsom ahorow mu. Obisaa onuawa a ɔrekyerɛkyerɛ no Bible no sɛ, ehia sɛ ɔbɔ asu bio anaa. Ɔkyerɛkyerɛfo no ne osuani no susuw Bible mu nsɛm bi a ɛfa asɛm a obisae no ho. Afei, osuani no huu nea Bible hwehwɛ sɛ ɔyɛ, na ɛno akyi no, ankyɛ na ɔbɔɔ asu. Ɛwom sɛ na ɔreyɛ adi mfe 80 deɛ, nanso ohui sɛ ehia sɛ ɔbɔ asu. Sɛ yenya nokware nimdeɛ wɔ nea Yehowa pɛ ho na yɛbɔ asu a, ɛnna ɛbɛsɔ Yehowa ani. Enti sɛ Bible asuafo bi bɔɔ asu wɔ ɔsom foforo mu mpo a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ asu.—Kenkan Asomafo Nnwuma 19:3-5.

17. Ɛda a obi rebɔ asu no, dɛn na ɛfata sɛ osusuw ho?

17 Ɛda a obi bɔ asu yɛ anigye da pa ara. Ɛyɛ bere nso a ɛsɛ sɛ osusuw nneɛma ho anibere so. Ehia sɛ obi yere ne ho ansa na watumi abɔ ne bra sɛ Kristoni a wahyira ne ho so. Ɛno nti na Yesu de Kristo suani a obi bɛyɛ totoo kɔndua ho no. Ɛnsɛ sɛ Yesu asuafo ‘tena ase ma wɔn ho bio, na mmom ɛsɛ sɛ wɔtena ase ma nea owu maa wɔn na wonyan no no.’—2 Kor. 5:15; Mat. 16:24.

18. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

18 Bere a Maria maame bisabisaa ne ho nsɛm a ɛwɔ adesua yi mfiase no, na onim sɛ, sɛ obi si gyinae sɛ ɔbɛyɛ nokware Kristoni a, ɛyɛ aniberesɛm. Sɛ woyɛ ɔwofo a, ebia woabisa wo ho sɛ: ‘Me ba no asiesie ne ho ampa sɛ ɔbɛbɔ asu? Me ba no wɔ Yehowa ho nimdeɛ a ɛfata a ɛbɛma wahyira ne ho so ama Onyankopɔn? Ɛsɛ sɛ me ba no sua nhoma kɔ akyiri na onya adwuma pa yɛ ansa na wabɔ asu? Na sɛ me ba no bɔ asu na akyiri yi ɔkɔyɛ bɔne a emu yɛ duru nso ɛ?’ Yebesusuw saa nsɛm yi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu. Ɛno akyi no, yɛbɛhwɛ ɔkwan a Kristofo a wɔyɛ awofo bɛfa so anya asubɔ ho adwene a ɛfata.