Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahɔhoyɛ Yɛ Su a Ɛyɛ Fɛ, Na Ɛho Hia Pa Ara!

Ahɔhoyɛ Yɛ Su a Ɛyɛ Fɛ, Na Ɛho Hia Pa Ara!

“Munnyigye mo ho hɔho a anwiinwii biara nnim.”—1 PET. 4:9.

NNWOM: 100, 87

1. Ɔhaw ahorow bɛn na Kristofo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no hyiae?

AFE 62 ne afe 64 Y.B. ntam hɔ no, ɔsomafo Petro kyerɛw “amamfrafo a wɔabɔ apete Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia, ne Bitinia.” (1 Pet. 1:1) Saa anuanom yi, na wofi mmeae ahorow, na na wɔwɔ asafo ahorow a ɛwɔ Asia Kumaa no mu. Ná wohia nkuranhyɛ ne akwankyerɛ. Ná nkurɔfo asɔre atia wɔn, na na wɔkasa tia wɔn nso. Nokwarem no, na wɔrehyia ‘sɔhwɛ a ɛte sɛ ogya a ɛredɛw.’ Ná wɔte mmere a emu yɛ den mu. Petro kyerɛw wɔn sɛ: “Nneɛma nyinaa awiei abɛn.” Nokwasɛm ne sɛ, na ɛrennu mfe du na wɔasɛe Yudafo nhyehyɛe no yayaayaw. Dɛn na na ebetumi aboa Kristofo a wɔwɔ mmaa nyinaa ama wɔafa mmere a emu yɛ den no mu?—1 Pet. 4:4, 7, 12.

2, 3. Adɛn nti na Petro ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ wonnyigye wɔn ho hɔho? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

2 Nsɛm a Petro ka kyerɛɛ ne nuanom no, emu baako ni: “Munnyigye mo ho hɔho.” (1 Pet. 4:9) Hela kasa mu no, asɛmfua “ahɔhoyɛ” kyerɛ “ɔdɔ anaa ayamye a yɛda no adi kyerɛ nnipa a yennim wɔn.” Nanso, hyɛ no nsow sɛ, Petro ka kyerɛɛ ne nuanom Kristofo mmarima ne mmea sɛ wonnyigye ‘wɔn ho’ hɔho, kyerɛ sɛ, wɔnyɛ nnipa a wonim wɔn dedaw na wɔne wɔn bɔ fekuw no hɔho. Wɔyɛ wɔn hɔho a, na ɛbɛboa wɔn sɛn?

3 Ná ɛbɛma wɔayɛ baako. Wo deɛ, fa wo ho sɛ nhwɛso. Obi ato nsa afrɛ wo akɔ ne fie ama w’ani agye pɛn? Saa nsrahwɛ no, amma woannya biribi a wobɛkae daa? Bere a wo nso wotoo nsa frɛɛ w’asafo muni bi no, mo adamfofa mu anyɛ den anaa? Sɛ yɛto nsa frɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea na yɛne wɔn bom gye yɛn ani a, ɛma yehu wɔn yiye sen bere foforo biara. Bere a na nneɛma mu yɛ den pa ara wɔ Petro bere so no, na ehia sɛ Kristofo bɛn wɔn ho wɔn ho bere nyinaa. Saa ara na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ “nna a edi akyiri” yi mu nso yɛ.—2 Tim. 3:1.

4. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Hokwan ahorow bɛn na yɛwɔ a yɛde bɛyɛ ‘yɛn ho yɛn ho’ hɔho? Nneɛma a ɛbɛma ayɛ den sɛ yebegye afoforo hɔho no, yɛbɛyɛ dɛn adi so? Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ ahɔho a yɛda suban pa adi?

HOKWAN AHOROW A YƐDE BƐYƐ AFOFORO HƆHO

5. Dɛn na yebetumi ayɛ de ayɛ afoforo hɔho wɔ Kristofo nhyiam ase?

5 Asafo nhyiam ase: Wɔn a wɔba yɛn asafo nhyiam ase na wɔne yɛn bom sua Yehowa ho ade no, yegye wɔn fɛw so, efisɛ wɔato nsa afrɛ yɛne wɔn nyinaa. Yehowa ne n’ahyehyɛde no na ɛto nsa frɛ yɛn. (Rom. 15:7) Sɛ wɔn a wɔyɛ foforo ba yɛn nhyiam ase a, wɔn nso Yehowa na wato nsa afrɛ wɔn, enti ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn ma wɔn koma tɔ wɔn yam. Sɛnea wɔn ntadehyɛ ne wɔn ahosiesie te biara no, ɛsɛ sɛ yegye wɔn fɛw so. (Yak. 2:1-4) Sɛ wuhu sɛ ɔhɔho bi nko ara te baabi a, wubetumi ama wabɛtena wo nkyɛn anaa? Sɛ woboa no ma ɔte dwumadi a ɛrekɔ so no ase, na ebia woboa no ma obue kyerɛwnsɛm a wɔrekenkan a, n’ani bɛsɔ pa ara. Wei bɛyɛ ɔkwan pa a worefa so ada no adi sɛ ‘w’ani gye ahɔhoyɛ ho.’—Rom. 12:13.

6. Henanom titiriw na ɛsɛ sɛ yɛto nsa frɛ wɔn ba yɛn fie?

6 Adidi ne ɔnom: Bere a wɔrekyerɛw Bible no, sɛ obi reyɛ afoforo hɔho a, na ɔtaa to nsa frɛ wɔn ba ne fie ma wobedidi. (Gen. 18:1-8; Atem. 13:15; Luka 24:28-30) Sɛ obi ka kyerɛ afoforo sɛ wɔmmra mma wonnidi a, na asɛm a ɔreka ara ne sɛ, wɔmmra mma wɔmfa nnamfo na asomdwoe ntena wɔn ntam. Henanom titiriw na ɛsɛ sɛ yɛto nsa frɛ wɔn ba yɛn fie? Ɛyɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea a yɛne wɔn bɔ daa wɔ yɛn asafo mu no. Bere a yɛn mmere yi mu reyɛ den no, yebehia yɛn nuanom mmoa. Yehia nnamfo a wodi nokware, na ehia sɛ yɛma asomdwoe tena yɛne wɔn nyinaa ntam. Anigyesɛm ne sɛ, afe 2011 no, Akwankyerɛ Kuw no sesaa bere a United States Betel abusua no de yɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no fii anwummere 6:45 baa anwummere 6:15. Adɛn ntia? Amanneɛbɔ bi a wɔde too gua mu no, wɔkae sɛ, sɛ wɔpɔn adesua no ntɛm saa a, ebetumi ama Betelfo no pii agye wɔn mfɛfo Betelfo hɔho. Ebetumi nso ama wɔn a wɔto nsa frɛ wɔn no dodow no ara apene so. Betel ahorow bi nso yɛɛ saa ara. Saa nhyehyɛe yi ama Betel mmusua mufo ahu wɔn ho yiye.

7, 8. Yehowa ahyehyɛde no ananmusifo a wɔbɛsra yɛn no, dɛn na yebetumi ayɛ de agye wɔn hɔho?

7 Anuanom a wofi asafo foforo mu ne amansin so ahwɛfo, ne ɛtɔ da a, akasafo a Betel asoma wɔn bɛma ɔkasa wɔ yɛn asafo mu. Wɔba saa a, yenya hokwan de gye wɔn hɔho. (Kenkan 3 Yohane 5-8.) Ɔkwan pa baako a yɛbɛfa so ayɛ wei ne sɛ yɛbɛyɛ aduan ama wɔn. Wubetumi aboa anaa?

8 Onuawa bi a ɔwɔ United States kaa sɛ: “Mfe pii na me ne me kunu anya hokwan agye akasafo pii ne wɔn yerenom hɔho aba yɛn fie. Bere biara a yegyee ahɔho no, yɛn ani gyei, na nea ɛsen biara no, ɛhyɛɛ yɛn gyidi den. Yennuu yɛn ho da.”

9, 10. (a) Ahɔho bɛn na wobetumi atena yɛn nkyɛn bere tenten? (b) Wɔn a wɔn afie yɛ nkorowankorowa mpo betumi agye ahɔho anaa? Ma ɛho nhwɛso.

9 Ahɔho a wɔbɛtena yɛn fie bere tenten: Tete no, mpɛn pii sɛ obi nya hɔho na ɔwɔ ne mu ahotoso a, na ɔma no baabi da. (Hiob 31:32; Filem. 22) Ɛnnɛ nso, ebehia sɛ yɛyɛ saa. Mpɛn pii no, sɛ amansin so ahwɛfo kɔsra asafo ahorow a, ɛyɛ a wohia baabi a wɔbɛda. Ebia anuanom a wɔkɔ teokrase sukuu ahorow nso behia baabi a wɔbɛtena. Saa ara na anuanom a wɔatu wɔn ho ama resisi adan nso behia baabi a wɔbɛtena. Atoyerɛnkyɛm betumi asɛe ebinom fie. Ɛba saa a, wobehia baabi a wɔbɛtena kosi sɛ atoyerɛnkyɛm bere mu aboafo besiesie wɔn afie no ama wɔn. Ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ, wɔn a wɔwɔ afie akɛse nko ara na wobetumi aboa; ebia na wɔayɛ saa mpɛn pii dedaw. Sɛ wo fie yɛ korokorowa mpo a, wubetumi ama obi baabi atena anaa?

10 Onua bi a ɔwɔ South Korea kae sɛ na ɔma anuanom a wɔba teokrase sukuu ahorow baabi tena. Ɔkaa sɛ: “Mfiase no, metwentwɛn me nan ase, efisɛ afei ara na na yɛaware. Ná yɛte ofie korokorowa bi mu. Nanso, adesuafo a yɛma wɔbɛtenaa yɛn fie no maa yɛn ani gyei yiye. Ná yɛaware foforo, na yɛde yɛn ani too fam hui sɛ, sɛ awarefo bom som Yehowa na wɔde botae sisi wɔn ani so wɔ Yehowa som mu a, wɔn ani gye.”

11. Anuanom a wɔaba asafo a wowom foforo no, adɛn nti na ebehia sɛ wugye wɔn hɔho?

11 Anuanom a wɔaba asafo a wowom foforo: Ebia ankorankoro ne mmusua betu abɛtena mo mpɔtam hɔ. Ebinom betumi abɛsom wɔ baabi a wohia asɛmpakafo pii. Wobetumi de akwampaefo bi aba mo asafo mu sɛ wɔmmɛboa. Mfiase no, ebia wɔn ani so bɛyɛ wɔn totɔtotɔ wɔ mpɔtam hɔ ne asafo foforo a wɔabam no mu. Ebia ebehia sɛ wosua kasa foforo anaa amammerɛ foforo mpo. Sɛ woto nsa frɛ wɔn ma wobedidi anaa wo ne wɔn pue kogye mo ani a, ɛbɛboa wɔn ama wɔanya nnamfo foforo na ama wɔn ani aka baabi foforo a wɔaba no.

12. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ enhia sɛ woyɛ nneɛma akɛseakɛse ansa na woatumi asom ahɔho?

12 Enhia sɛ woyɛ nneɛma akɛseakɛse ansa na woatumi asom ahɔho. (Kenkan Luka 10:41, 42.) Onua bi kaa asɛm bi a esii bere a ɔne ne yere fii asɛmpatrɛw adwuma ase sɛ: “Ná yɛda so ara yɛ aberante ne ababaa, na na yenni osuahu pii; ɛyɛ a na yɛn ani agyina fie. Da koro anwummere bi, me yere ani gyinaa fie pa ara; mebɔɔ mmɔden biara sɛ mɛkyekye ne werɛ, nanso anyɛ yiye. Afei, bɛyɛ anwummere 7:30 no, yɛtee sɛ obi rebɔ yɛn pon mu. Mibuee pon no a, yɛn Bible suani bi na ogyina hɔ yi. Ɔbrɛɛ yɛn akutu mmiɛnsa. Ná waba sɛ ɔrebɛma yɛn a yɛyɛ asɛmpatrɛwfo foforo no akwaaba. Yɛma ɔbaa dan mu, na yɛmaa no nsu. Ɛno akyi no, yɛyɛɛ tii ne kookoo hyehyeehyew nomee. Ná yɛnte Swahili kasa no, na na ɔno nso nte Borɔfo. Saa nsrahwɛ yi na ɛmaa yɛne anuanom a wɔwɔ hɔ no fii ase faa nnamfo, na ama yɛn ani agye pa ara.”

NNEƐMA A ƐMA ƐYƐ DEN SƐ YEBEGYE AFOFORO HƆHO NO, YƐBƐYƐ DƐN ADI SO?

13. Yegye afoforo hɔho a, mfaso bɛn na ɛwɔ so?

13 Woatwentwɛn wo nan ase sɛ wubegye afoforo hɔho pɛn? Sɛ saa a, ɛnde ebia woahwere hokwan a anka ɛbɛma w’ani agye na woanya nnamfo a wo ne wɔn bɛbɔ akosi daa. Ankonamyɛ ano aduru baako pa ara ne ahɔhoyɛ. Nanso ebia wubebisa sɛ, ‘Adɛn nti na obi bɛtwentwɛn ne nan ase wɔ ahɔhoyɛ ho?’ Nneɛma bi na ɛma ɛba saa.

14. Sɛ yenni bere ne ahoɔden pii a yɛde begye afoforo hɔho na yɛama afoforo nso asom yɛn hɔho a, dɛn na yebetumi ayɛ?

14 Bere ne ahoɔden: Yehowa asomfo nni adagyew koraa, na mpɛn pii no, wɔwɔ nneɛma bebree a wɔyɛ. Ebia ebinom adwene bɛyɛ wɔn sɛ wonni bere ne ahoɔden a wɔde begye ahɔho. Sɛ saa na ɛte wɔ wo fam a, ebia ebehia sɛ woyɛ nsakrae wɔ wo nhyehyɛe mu. Wubetumi ayɛ nsakrae na woama kwan ma afoforo asom wo hɔho na wo nso woagye afoforo hɔho anaa? Kyerɛwnsɛm no hyɛ Kristofo nkuran sɛ wonnye afoforo hɔho. (Heb. 13:2) Ɛnyɛ mfomso sɛ wubenya bere agye ahɔho; nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ papa sɛ woyɛ saa. Nanso, ebehia sɛ nneɛma bi a woyɛ a ɛho nhia pii no, wutwitwa so.

15. Adɛn nti na ebinom betumi anya adwene sɛ wɔrentumi nnye ahɔho?

15 Sɛnea wote nka: Woanya adwene pɛn sɛ wopɛ sɛ wugye afoforo hɔho nanso wotee nka sɛ worentumi nyɛ saa anaa? Ebinom fɛre ade, na wosuro sɛ wɔrentumi ne ahɔho mmɔ nkɔmmɔ, enti ebia na ahɔho no ani annye. Afoforo nso nni sika pii, enti wɔn adwene yɛ wɔn sɛ nea asafo no mufo foforo betumi ayɛ no, wɔn deɛ, wɔrentumi nyɛ bi da. Nanso kae sɛ, ɛnyɛ ofie bi kɛse na ehia, na mmom sɛ́ wobɛma biribiara akɔ so pɛpɛɛpɛ, woama ɛhɔ atew, na ɛhɔ ayɛ anika.

16, 17. Sɛ wusuro sɛ wubegye ahɔho a, dɛn na wubetumi ayɛ?

16 Sɛ wusuro sɛ wubegye ahɔho a, kae sɛ, ɛnyɛ wo nko ara na wote nka saa. Asafo mu panyin bi a ɔwɔ Britain kaa sɛ: “Sɛ woresiesie wo ho agye ahɔho a, ebetumi agyaw wo ayamhyehye. Nanso biribiara a ɛfa Yehowa som ho deɛ, ayamhyehye a ɛwom no, ɛnto ɛso mfaso ne akomatɔyam a ɛwom no koraa. Me ne ahɔho bi atena ase anom kɔfe kɛkɛ abɔ nkɔmmɔ ama yɛn ani agye.” Kae sɛ, eye pa ara sɛ wobɛma ahɔho no ahu bere nyinaa sɛ wudwen wɔn ho. (Filip. 2:4) Ɛkame ayɛ sɛ obiara ani gye ho sɛ ɔbɛka n’asetenam nsɛm akyerɛ afoforo. Apontow ase nkutoo ne mmere a ebia afoforo bɛka akyerɛ yɛn sɛ yɛnka yɛn asetenam nsɛm nkyerɛ wɔn. Asafo mu panyin foforo kyerɛwee sɛ: “Sɛ meto nsa frɛ asafo no mufo ma wɔba me fie a, ɛboa me ma mete wɔn ase yiye, na ɛma mihu wɔn yiye; ne titiriw no, mihu nea ɛyɛe a wɔbaa nokware no mu.” Apontow biara ase no, sɛ woma anuanom hu sɛ wudwen wɔn ho a, ɛbɛma obiara ani agye.

17 Onuawa kwampaefo bi a ogyee anuanom a wɔbaa teokrase sukuu ahorow tenaa ne fie kaa sɛ: “Mfiase no, na ɛhaw me efisɛ na adan a ɛwɔ me fie hɔ no nni mũ biara saa. Afei nso, na nkongua a ɛwɔ hɔ yɛ nkongua dedaw. Nanso, anuanom a wɔkyerɛ ade no baako yere maa me koma tɔɔ me yam pa ara. Ɔkaa sɛ, sɛ ɔne ne kunu reyɛ akwantu adwuma no a, nnawɔtwe a wɔn ani gye pa ara ne nea wɔde tena onua a ɔmfa Yehowa som nni agorɔ fie. Ebia na onua no nsam nni bi, nanso ɔne wɔn nyinaa wɔ botae baako; wayɛ ne ho ɔwiɛmfoɔ na ɔresom Yehowa. Onuawa no maa mekaee asɛm bi a na me maame taa ka kyerɛ yɛn bere a na yɛyɛ mmofra no. Ná ɔka sɛ: ‘Nhabamma aduan a ɔdɔ wom ye.’” (Mmeb. 15:17) Ɛnsɛ sɛ woma wo yam hyehye wo, efisɛ nea ehia ankasa ne sɛ wobɛda ɔdɔ adi akyerɛ ahɔho no.

18, 19. Yegye afoforo hɔho a, ɛmma yennya wɔn ho adwemmɔne. Adɛn ntia?

18 Adwene a wowɔ wɔ afoforo ho: Obi wɔ asafo no mu a ne ho yɛ wo ahi anaa? Sɛ woanyi onii no ho adwemmɔne a woanya no amfi wo mu a, ebetumi aka hɔ. Sɛ w’ani nnye obi ho a, worento nsa mfrɛ no mma wo fie. Anaa ebia obi yɛɛ wo ade ma ɛyɛɛ wo yaw bere bi a atwam, na ɛyɛ den ma wo sɛ wubeyi afi wo mu.

19 Bible ka sɛ, wɔn a wɔmpɛ yɛn asɛm mpo, sɛ yɛyɛ wɔn hɔho a, ebetumi ama yɛne wɔn ntam ayɛ kama. (Kenkan Mmebusɛm 25:21, 22.) Sɛ yɛto nsa frɛ obi na yɛne no gye yɛn ani a, ebetumi ama akameakame a ɛwɔ yɛne onii no ntam ne ne ho abufuw a ɛwɔ yɛn mu so atew. Ebetumi ama yɛahu suban pa a nea yɛagye no hɔho no wɔ; saa suban pa no na Yehowa hui bere a ɔtwee no baa nokware no mu no. (Yoh. 6:44) Sɛ wufi ɔdɔ mu to nsa frɛ obi bere a ɔnhwɛ kwan ba wo fie a, ɛbɛma moabɛyɛ nnamfo pa ara. Dɛn na ɛbɛboa wo ama woayi wo yam ato nsa afrɛ no ɔdɔ mu? Ade baako ne sɛ, wode afotu a ɛwɔ Filipifo 2:3 bɛyɛ adwuma. Ɛka sɛ: “Mumfi ahobrɛase mu mmu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.” Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nneɛma bi a yɛn nuanom mmarima ne mmea bɔ mu mmɔden sen yɛn. Ebia wɔwɔ gyidi, wɔwɔ boasetɔ, wɔwɔ akokoduru, anaa Kristofo suban foforo bi sen yɛn. Yedwinnwen weinom ho a, ɛbɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma wɔn no mu ayɛ den na ama ayɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yebegye wɔn hɔho.

YƐ ƆHƆHO A ƆDA SUBAN PA ADI

Mpɛn pii no, sɛ nkurɔfo rebenya hɔho a, wɔtoto nneɛma yiye (Hwɛ nkyekyɛm 20)

20. Sɛ afoforo to nsa frɛ yɛn na yɛpene so a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ? Na yɛkɔ a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade sɛn?

20 Odwontofo Dawid bisae sɛ: “O Yehowa, hena na ɔbɛsoɛ wo ntamadan mu?” (Dw. 15:1) Bere a Dawid bisaa saa asɛm yi wiei no, ɔkaa suban a Onyankopɔn pɛ sɛ wɔn a wɔbɛsoɛ ne ntamadan mu no da no adi. Suban no baako ne sɛ yebedi asɛm a yɛka so. Ɔkaa sɛ: “Sɛ ɔka ntam na etia no mpo a, ɔnsesa n’ano.” (Dw. 15:4) Sɛ obi to nsa frɛ yɛn na yɛpene so a, ɛnsɛ sɛ yegyina asɛnhunu biara so twam. Ebia na nea wato nsa afrɛ yɛn no atoto nneɛma yiye ama yɛn nsrahwɛ no. Enti sɛ yetwam a, na yɛama ne brɛ nyinaa ayɛ kwa. (Mat. 5:37) Ɛtɔ da a, wɔto nsa frɛ ebinom ma wɔpene so, na sɛ akyiri yi wonya nea wɔte nka sɛ ɛyɛ papa a, wotwa nea edi kan no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya kwan akɔ nea ɛto so mmienu no. Yɛyɛ saa a, nea odii kan too nsa frɛɛ yɛn no, yebetumi aka pa ara sɛ yɛdɔ no, na yebu no anaa? Mmom no, sɛ nkurɔfo to nsa frɛ yɛn a, nea wɔde bɛma yɛn biara no, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ ankasa. (Luka 10:7) Sɛ biribi a yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye bɛbom na sɛ yebetwam a, ɔdɔ ne tema a yɛwɔ nti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ wɔn a wɔato nsa afrɛ yɛn no amanneɛ ntɛm ara.

21. Sɛ yebu baabifo amammerɛ a, sɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ ahɔho a yɛwɔ suban pa?

21 Ehia nso sɛ yebu amammerɛ a ɛwɔ mmeae bi. Mmeae bi wɔ hɔ a, ahɔho ba wɔn nkyɛn bere a wɔnhwɛ kwan mpo a, wogye wɔn fɛw so. Mmeae foforo nso deɛ, nea wɔpɛ ne sɛ yebedi kan ayɛ nsrahwɛ ho nhyehyɛe ansa na yɛakɔ. Mmeae bi no, sɛ wonya ahɔho a, aduan a ɛyɛ akɔnnɔ na ɛyɛ dɛ na wɔde ma ahɔho no, na abusua nkae no adi aduan foforo. Mmeae bi nso deɛ, aduan a abusua no nyinaa di no, ɛno ara bi na ahɔho no di. Mmeae bi wɔ hɔ a, sɛ wɔtow pon a, ahɔho no de biribi ba; mmeae foforo nso deɛ, sɛ ahɔho no amfa hwee amma a ɛnna ɛma nea ɔtoo pon no ani gye. Mmeae foforo nso, sɛ wɔto nsa frɛ obi bere a edi kan anaa ne mprenu so a, wɔnhwɛ kwan sɛ ɔbɛpene so, na mmom ɔbɛka no nidi mu sɛ ɔrennya kwan. Mmeae bi nso deɛ, sɛ wɔto nsa frɛ obi na wampene so a, wɔbɛfa no sɛ n’ani nsɔ ade. Sɛ nkurɔfo to nsa frɛ yɛn a, momma yɛnyɛ nea yebetumi biara mma wɔn ani nnye sɛ wɔtoo nsa frɛɛ yɛn.

22. Adɛn nti na ɛho hia pa ara sɛ ‘yegyigye yɛn ho hɔho’?

22 Ɛnnɛ pa ara na yehu sɛ “nneɛma nyinaa awiei abɛn.” (1 Pet. 4:7) Ahohiahia kɛse a ebi nsii wiase da rebobɔ ba. Bere a nneɛma mu reyɛ den no, ebehia sɛ yɛma ɔdɔ a ɛwɔ yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea ntam no mu yɛ den pa ara. Ɛnnɛ pa ara na ɛsɛ sɛ Kristofo de Petro afotu no yɛ adwuma. Ɔkaa sɛ: “Munnyigye mo ho hɔho.” Ahɔhoyɛ yɛ su a ɛyɛ fɛ, na ɛho hia pa ara; ɛto rentwa da.—1 Pet. 4:9.