Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nteɛso—Ɛkyerɛ Onyankopɔn Dɔ

Nteɛso—Ɛkyerɛ Onyankopɔn Dɔ

“Nea Yehowa dɔ no na ɔteɛ no so.”—HEB. 12:6.

NNWOM: 123, 86

1. Dɛn na Bible taa ka fa nteɛso ho?

SƐ WOTE asɛmfua “nteɛso” a, dɛn na ɛba w’adwenem? Ebia nea ɛba w’adwenem ntɛm ara ne asotwe, nanso ɛkyerɛ pii sen saa. Bible taa ka nteɛso ho asɛmpa. Ɛtɔ da a Bible de nteɛso, nimdeɛ, nyansa, ɔdɔ, ne nkwa bom ka asɛm. (Mmeb. 1:2-7; 4:11-13) Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Onyankopɔn teɛ yɛn so a, ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn, na ɔpɛ sɛ yenya daa nkwa. (Heb. 12:6) Ɛwom sɛ ɛtɔ da a asotwe ka Onyankopɔn nteɛso ho deɛ, nanso ɔnyɛ no atirimɔden so anaa ɔmfa mpira yɛn. Nokwasɛm ne sɛ, nea “nteɛso” kyerɛ pa ara ne ntetee, ɛte sɛ nea obi retete ne ba a ɔdɔ no.

2, 3. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ nkyerɛkyerɛ ne asotwe nyinaa ka nteɛso ho? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

2 Yɛnhwɛ nhwɛso yi: Ná abarimaa bi a yɛfrɛ no Johnny retoto bɔɔl wɔ fie. Ne maame ka kyerɛɛ no sɛ: “Johnny, wunim sɛ ɛnsɛ sɛ wode bɔɔl di agorɔ wɔ dan mu! Woyɛ saa a, ebetumi apae biribi.” Nanso Johnny antie ne maame asɛm, na ɔkɔɔ so de bɔɔl no dii agorɔ. Nea ohui ara ne sɛ bɔɔl no akɔbɔ kuku bi a nhwiren si mu ama apaapae. Nteɛso bɛn na ne maame de bɛma no? Sɛ maame no reteɛ ne ba no so a, ɔbɛkyerɛkyerɛ no, na wama no asotwe bi. Ebia ɔbɛkyerɛkyerɛ Johnny ama wahu nea enti a nea ɔyɛe no nyɛ papa. Maame no pɛ sɛ Johnny hu sɛ nyansa wom sɛ otie n’awofo, na ɔbɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ no sɛ ehia sɛ wɔhyehyɛ mmara ma no, na ntease wom sɛ wɔyɛ saa. Afei nea ɛbɛma Johnny asua biribi afi nea ɔyɛe no mu no, ebia maame no de asotwe a ɛfata bɛma no. Ebia obegye bɔɔl no afi Johnny nsam akosi bere bi. Wei bɛma Johnny ahu sɛ, sɛ ɔyɛ asoɔden a, ɔremfa ne ho nni.

3 Esiane sɛ yɛwɔ Kristofo asafo no mu nti, yɛka Onyankopɔn fiefo ho. (1 Tim. 3:15) Enti yegye tom sɛ Yehowa wɔ hokwan sɛ ɔhyehyɛ mmara ma yɛn, na sɛ yebu mmara no so a wateɛ yɛn so wɔ ɔdɔ mu. Bio nso, sɛ nea yɛyɛe no kɔfaa nsunsuanso bɔne bi bae a, nteɛso a ɔde bɛma yɛn no bɛma yɛakae sɛ ɛho hia pa ara sɛ yetie yɛn soro Agya no. (Gal. 6:7) Onyankopɔn dwen yɛn ho ankasa, na ɔmpɛ sɛ yehu amane.—1 Pet. 5:6, 7.

4. (a) Ntetee bɛn na Yehowa hyira so? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Sɛ yɛde Kyerɛwnsɛm no tete yɛn ba anaa yɛn Bible suani a, yebetumi aboa no ama wabɛyɛ Kristo kyidini. Onyankopɔn Asɛm no ne ade titiriw a yɛde tete afoforo; ɛboa yɛn ma yɛde ‘nteɛso ma wɔ trenee mu.’ Yɛyɛ saa a, ‘nea Yesu hyɛɛ yɛn sɛ yenni so nyinaa’ no, yebetumi aboa yɛn ba anaa yɛn Bible suani ama wate ase. (2 Tim. 3:16; Mat. 28:19, 20) Ntetee a ɛte saa na Yehowa ani gye ho, na wei boa yɛn asuafo ma wɔn nso boa nnipa pii ma wɔbɛyɛ Kristo asuafo. (Kenkan Tito 2:11-14.) Afei momma yɛnhwɛ nsɛmmisa titiriw mmiɛnsa bi ne ɛho mmuae: (1) Dɛn na ɛma yehu sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn nti na ɔteɛ yɛn so? (2) Wɔn a Onyankopɔn teɛɛ wɔn so tete no, dɛn na yebetumi asua afi wɔn hɔ? (3) Sɛ yɛde nteɛso rema a, yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa ne ne Ba no?

ONYANKOPƆN TEƐ YƐN SO WƆ ƆDƆ MU

5. Dɛn na ɛma yehu sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn nti na ɔteɛ yɛn so?

5 Yehowa dɔ yɛn nti na ɔteɛ yɛn so, ɔkyerɛkyerɛ yɛn, na ɔtete yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi akɔ so atena ne dɔ mu na yɛafa kwan a ɛkɔ nkwa mu no so. (1 Yoh. 4:16) Yehowa mmu yɛn animtiaa, na onnidi yɛn atɛm. Wei ma yehu sɛ yɛsom bo. (Mmeb. 12:18) Mmom Yehowa di yɛn ni, ɔhwɛ adepa a ɛwɔ yɛn komam, na ɔma yɛn kwan ma yɛyɛ nea yɛpɛ. Sɛ Onyankopɔn nam n’Asɛm so, yɛn asafo nhoma so, awofo a wɔyɛ Kristofo so, anaa asafo mu mpanyimfo so teɛ yɛn so a, wuhu sɛ ɔdɔ yɛn nti na ɔyɛ saa? Nokwasɛm ne sɛ, sɛ ‘yedi mfomso’ ansa na yɛn ani aba yɛn ho so, na sɛ asafo mu mpanyimfo bɔ mmɔden sɛ wobegye yɛn asi yiye wɔ odwo ne ɔdɔ mu a, ɛkyerɛ sɛ Yehowa dɔ yɛn.—Gal. 6:1.

6. Sɛ wɔteɛ obi so na hokwan ahorow a ɔwɔ wɔ asafo no mu fi ne nsa mpo a, dɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ no?

6 Ɛtɔ da a nteɛso nyɛ afotu anaa kasakyerɛ nko ara. Sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, hokwan ahorow a ɔwɔ wɔ asafo no mu betumi afi ne nsa. Sɛ ɛba saa mpo a, nteɛso a ɛte saa no kyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ no. Sɛ hokwan a obi wɔ fi ne nsa a, ebetumi aboa no ama wahu mfaso a ɛwɔ so sɛ obegye bere pii asua Bible, adwinnwen ho, na wabɔ mpae. Sɛ ɔyɛ weinom a, ɛbɛma ɔne Yehowa abusuabɔ mu ayɛ den. (Dw. 19:7) Bere rekɔ so no, ebia ne nsa bɛsan aka hokwan a efii ne nsa no. Sɛ wotu obi fi asafo no mu mpo a, ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn, efisɛ ɛbɔ asafo no ho ban fi subammɔne ho. (1 Kor. 5:6, 7, 11) Afei nso, Onyankopɔn teɛ yɛn so sɛnea ɛfata. Enti sɛ wotu obi a wayɛ bɔne fi asafo no mu a, ebetumi ama onii no ahu sɛ bɔne a ɔyɛe no yɛ aniberesɛm, na ɛbɛka no ama wasakra n’adwene.—Aso. 3:19.

YEHOWA NTEƐSO BOAA NO

7. Hena ne Sebna, na subammɔne bɛn na onyae?

7 Nea ɛbɛma yɛahu mfaso a ɛwɔ nteɛso so no, momma yɛnhwɛ nnipa mmienu bi a Yehowa teɛɛ wɔn so. Wɔn mu baako ne Sebna a ɔtenaa ase wɔ Ɔhene Hesekia bere so. Baako nso ne onua bi a ɔwɔ yɛn bere yi so; ne din de Graham. Ná Sebna yɛ “ofie no sohwɛfo.” Ɛbɛyɛ sɛ na ɔhwɛ Hesekia fie so, enti na ɔwɔ tumi kɛse. (Yes. 22:15) Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ ahomaso didii ne mu, na na ɔrehwehwɛ n’ankasa anuonyam. Ɔma wotwaa ɔboda kuronkuron bi mpo maa no, na ɔtenaa ‘anuonyam nteaseɛnam’ mu!—Yes. 22:16-18.

Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛsesa yɛn suban a, Onyankopɔn hyira yɛn (Hwɛ nkyekyɛm 8-10)

8. Nteɛso bɛn na Yehowa de maa Sebna, na dɛn na efi mu bae?

8 Esiane sɛ na Sebna rehwehwɛ anuonyam nti, Onyankopɔn ‘yii no fii ne dibea so,’ na ɔde Eliakim sii n’ananmu. (Yes. 22:19-21) Saa nsakrae yi bae bere a Asiria hene Senaherib yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛtow ahyɛ Yerusalem so no. Bere bi akyi no, Ɔhene Senaherib somaa ne mpanyimfo no bi ne asraafodɔm kɛse kɔɔ Yerusalem sɛ wonkobu Yudafo no abam, na wonhunahuna Hesekia sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde ne ho bɛma Asiriafo no. (2 Ahe. 18:17-25) Hesekia somaa Eliakim ne mmarima mmienu sɛ wɔne Asiria mpanyimfo no nkɔkasa. Mmarima no baako ne Sebna; saa bere no na ɔyɛ ɔkyerɛwfo. Wei ma yehu sɛ ɛbɛyɛ sɛ Sebna amfa abufuw na wamfa asɛm anhyɛ ne mu, na mmom ɔbrɛɛ ne ho ase gyee hokwan a ɛba fam no toom. Sɛ saa a, dɛn na yebetumi asua afi Sebna asɛm yi mu? Momma yɛnhwɛ emu mmiɛnsa.

9-11. (a) Nneɛma titiriw bɛn na yebetumi asua afi Sebna asɛm no mu? (b) Sɛ wohwɛ sɛnea Yehowa ne Sebna dii a, ɛka wo sɛn?

9 Nea edi kan, Sebna dibea fii ne nsa. Nea ɛtoo Sebna no kae yɛn sɛ “ahantan di ɔsɛe anim, na ahomaso honhom di asehwe anim.” (Mmeb. 16:18) Ebia wowɔ hokwan ahorow wɔ asafo no mu; ebi mpo a woagye din. Sɛ saa a, wobɛkɔ so abrɛ wo ho ase anaa? Sɛ wowɔ ɔdom akyɛde bi anaa woatumi ayɛ biribi a, wode ho anuonyam bɛma Yehowa? (1 Kor. 4:7) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: ‘Meka kyerɛ mo mu biara sɛ ommmu ne ho nntra nea ɛsɛ; na mmom onnwen nnya anidahɔ adwene, sɛnea Onyankopɔn asusuw gyidi akyekyɛ ama obiara no.’—Rom. 12:3.

10 Nea ɛto so mmienu, sɛnea Yehowa kaa Sebna anim denneennen no ma yehu sɛ, ɛbɛyɛ sɛ Yehowa amfa no sɛ Sebna agye nsam a woboa no a ɛrenyɛ yiye. (Mmeb. 3:11, 12) Wɔn a wɔwɔ hokwan ahorow wɔ Onyankopɔn asafo mu nnɛ a efi wɔn nsa no, wobetumi asua biribi afi asɛm yi mu! Ɛnsɛ sɛ wɔfa abufuw na wɔde nsɛm hyɛ wɔn mu, na mmom ɛsɛ sɛ wɔkɔ so yɛ nea wobetumi biara som Onyankopɔn. Wobetumi afa no sɛ, esiane sɛ Yehowa dɔ wɔn nti na ɔteɛɛ wɔn so. Kae sɛ, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase wɔ yɛn Agya no anim a, ɔremmu yɛn sɛ yɛagye nsam. (Kenkan 1 Petro 5:6, 7.) Onyankopɔn teɛ yɛn so wɔ ɔdɔ mu a, ebetumi asiesie yɛn. Enti momma yɛmmrɛ yɛn ho ase wɔ ne nsam na ɔnwene yɛn.

11 Nea ɛto so mmiɛnsa, sɛnea Yehowa ne Sebna dii no ma wɔn a wɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa nteɛso mma no nya asuade titiriw bi. Wɔn mu bi ne awofo ne Kristofo a wɔyɛ ahwɛfo. Dɛn na wobetumi asua afi mu? Yehowa teɛ obi a wayɛ bɔne so a, ɛkyerɛ sɛ okyi bɔne, na ɛsan nso kyerɛ sɛ ɔdɔ nea wayɛ bɔne no. Sɛ wowɔ ba anaa woyɛ asafo mu panyin na ɛsɛ sɛ wode nteɛso ma a, wubesuasua Yehowa? Bɔne a wo ba no anaa wo yɔnko gyidini ayɛ no, ɛno na wubekyi na woahwɛ adepa a ɛwɔ ne ho?—Yuda 22, 23.

12-14. (a) Sɛn na ebinom yɛ wɔn ade wɔ Yehowa nteɛso ho? (b) Sɛn na Onyankopɔn Asɛm boaa onua bi ma ɔsesaa ne suban, na dɛn na efi mu bae?

12 Awerɛhosɛm ne sɛ, sɛ wɔteɛ ebinom so a, etumi yɛ wɔn yaw araa ma wonhu nea wobetumi asua afi mu. Ɛma wɔwae fi Onyankopɔn ne ne nkurɔfo ho mpo. (Heb. 3:12, 13) Nanso, ɛno kyerɛ sɛ yɛboa saa nkurɔfo no a, ɛrenyɛ yiye anaa? Yɛnhwɛ Graham. Wotuu no fii asafo no mu, na bere bi akyi no, wɔsan gyee no. Ɛno akyi, ogyaee adesua ne asɛnka kɔ. Asafo mu panyin bi faa Graham adamfo, na mfe bi akyi no, ɔka kyerɛɛ ɔpanyin no sɛ ɔne no mmesua Bible.

13 Asafo mu panyin no kaa sɛ: “Ná Graham wɔ ɔhaw bi; na ɔyɛ ahomaso. Ná ɔkasa tia asafo mu mpanyimfo a wodii n’asɛm tuu no no. Enti bere a yefii ase suaa ade no, me ne no susuw kyerɛwnsɛm a ɛfa ahomaso ne ɔhaw a ɛwom ho. Afei, Graham de Onyankopɔn Asɛm a ɛte sɛ ahwehwɛ no hwehwɛɛ ne mu, na nea ohui no, wampɛ! Ɛboaa no yiye! Bere a ogye toom sɛ ahomaso akata n’ani sɛ ‘mpuran,’ na ne haw ne sɛ ɔkasa tia nkurɔfo no, ɔsesaa ne suban ntɛm ara. Ofii ase kɔɔ Kristofo nhyiam daa, ɔyeree ne ho suaa Onyankopɔn Asɛm, na ɔde sii n’ani so sɛ ɔbɛbɔ mpae da biara. N’asɛyɛde a ɔwɔ wɔ Yehowa anim sɛ abusua ti no nso, osoo mu, na ɛmaa ne yere ne ne mma ani gyei.—Luka 6:41, 42; Yak. 1:23-25.

14 Asafo mu panyin no toaa so sɛ: “Da bi, Graham kaa asɛm bi ma ɛkaa me koma. Ɔkaa sɛ, ‘Mihuu nokware no, ɛnyɛ nnɛ, na mayɛ akwampae adwuma mpo pɛn. Nanso, afei na metumi aka pa ara sɛ medɔ Yehowa.’ Ankyɛ koraa na wɔde hokwan maa no sɛ, sɛ anuanom pɛ sɛ wɔma mmuae wɔ Ahenni Asa so a, ɔmfa akasam no mma wɔn. N’ani sɔɔ saa hokwan no pa ara. Ne nhwɛso no ma mihui sɛ, sɛ obi brɛ ne ho ase ma Onyankopɔn teɛ ne so a, Onyankopɔn hwie ne nhyira gu ne so!”

SƐ WODE NTEƐSO REMA A, SUASUA ONYANKOPƆN NE KRISTO

15. Sɛ yɛde nteɛso rema afoforo na yɛpɛ sɛ ɛka wɔn koma a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

15 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ akyerɛkyerɛfo pa a, ɛsɛ sɛ yesua ade yiye. (1 Tim. 4:15, 16) Wɔn a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa nteɛso mma no, ɛsɛ sɛ wɔn ara nso kɔ so brɛ wɔn ho ase tie Yehowa akwankyerɛ. Sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase saa a, ɛma afoforo bu wɔn, na sɛ wɔde ntetee rema afoforo anaa wɔrekasa akyerɛ wɔn a, wɔatumi de ahotoso akasa. Yɛnhwɛ nhwɛso bi a Yesu yɛe.

16. Yesu de nteɛso a ɛfata mae, na na ne nkyerɛkyerɛ tu mpɔn. Dɛn na yebetumi asua afi mu?

16 Ná Yesu tie n’Agya bere nyinaa, sɛ na ɛyɛ den ma no sɛ obetie no mpo a, na ɔyɛ saa. (Mat. 26:39) Ɔmaa n’asuafo hui sɛ ne nkyerɛkyerɛ ne ne nyansa fi n’Agya hɔ. (Yoh. 5:19, 30) Sɛnea Yesu brɛɛ ne ho ase na ɔyɛɛ osetie no maa nkurɔfo a wɔwɔ koma pa bɛn no, na ɛma ɔyɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔwɔ ayamhyehye na ne nsɛm ka koma. (Kenkan Luka 4:22.) Nkurɔfo a wɔte sɛ demmire a abukaw anaa wɔte sɛ ntamaban a ɛreyɛ adum no, Yesu nsɛm a ɛka koma no hyɛɛ wɔn den. (Mat. 12:20) Bere mpo a Yesu asomafo no yɛɛ biribi a na ebetumi ama ne bo afuw no, ɔdaa ayamye ne ɔdɔ adi kyerɛɛ wɔn. Nea asomafo no yɛe no, na ɛkyerɛ sɛ wɔn ani bere tumidi, na wɔyɛ pɛsɛmenkominya, nanso Yesu nyaa wɔn ho abotare, na ɔteɛɛ wɔn so.—Mar. 9:33-37; Luka 22:24-27.

17. Suban pa bɛn na ɛbɛboa asafo mu mpanyimfo ama wɔatumi ahwɛ Onyankopɔn nguan so yiye?

17 Wɔn a wɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa Kyerɛwnsɛm no nteɛ afoforo so nyinaa no, eye sɛ wobesuasua Kristo. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ Onyankopɔn ne ne Ba no nwene wɔn. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔhyɛ mo nsa no, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom mumfi mo pɛ mu; ɛnyɛ adifudepɛ nso nti, na mmom anigye so; ɛnyɛ sɛ wɔn a wodi Onyankopɔn agyapade so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛso mma nguankuw no.” (1 Pet. 5:2-4) Nokwasɛm ne sɛ, ahwɛfo a wɔde anigye tie Onyankopɔn ne Kristo a ɔyɛ asafo no ti no, wɔne wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no nyinaa nya nhyira.—Yes. 32:1, 2, 17, 18.

18. (a) Dɛn na Yehowa pɛ sɛ awofo yɛ? (b) Sɛn na Onyankopɔn boa awofo ma wodi wɔn asɛyɛde ho dwuma?

18 Nnyinasosɛm koro yi ara na ɛsɛ sɛ mmusua ti de yɛ adwuma wɔ wɔn mmusua mu. Yehowa ka kyerɛ wɔn sɛ: “Monnhyɛ mo mma ahometew, na mmom monkɔ so ntete wɔn Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.” (Efe. 6:4) Ntetee ne nteɛso ho hia sɛn? Mmebusɛm 19:18 ka sɛ: “Anidaso wɔ hɔ yi, teɛ wo ba; mma ne wu nnyɛ wo akɔnnɔ.” Sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo anteɛ wɔn mma so sɛnea ɛsɛ a, wobebu akontaa akyerɛ Yehowa. (1 Sam. 3:12-14) Nanso, sɛ awofo de ahobrɛase bɔ Yehowa mpae na wɔma n’Asɛm ne honhom kronkron kyerɛ wɔn kwan a, ɔbɛma wɔn nyansa a wɔde bɛyɛ saa adwuma no, na wahyɛ wɔn den.—Kenkan Yakobo 1:5.

YƐRESUA SƐNEA YƐBƐTENA ASE AFEBƆƆ WƆ ASOMDWOE MU

19, 20. (a) Sɛ yegye Onyankopɔn nteɛso tom a, nhyira bɛn na yenya? (b) Dɛn na yebesua wɔ adesua a edi hɔ no mu?

19 Sɛ yegye Yehowa nteɛso tom na yesuasua ɔne Yesu bere a yɛde nteɛso rema a, nhyira a yebenya deɛ, sɛ yɛse yɛbɛka a adagyew bɛbɔ yɛn. Anyɛ hwee koraa no, mmusua ne asafo no benya asomdwoe. Obiara bɛte nka sɛ n’abusua ne asafo no dɔ no, ne so wɔ mfaso, na ɔwɔ akomatɔyam. Wei yɛ nhyira a ɛbɛba daakye no ho mpopoe. (Dw. 72:7) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa nteɛso ma yehu sɛnea yɛbɛbom atena ase daa wɔ asomdwoe mu sɛ abusua baako a yɛn Agya ne Yehowa. Sɛ yɛka saa a, ɛnyɛ sɛ yɛrehaahaa yɛn ani aka asɛm. (Kenkan Yesaia 11:9.) Sɛ yɛhwɛ Onyankopɔn nteɛso wɔ saa kwan yi so a, ɛbɛma yɛahu nea nteɛso kyerɛ: sɛ́ ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn ankasa.

20 Adesua a edi hɔ no, yebesua nteɛso a wɔde ma wɔ abusua mu ne asafo no mu ho nneɛma pii. Afei nso, yɛbɛhwɛ sɛnea yebetumi ahyɛ yɛn ho so. Bio, yebehu sɛ biribi wɔ hɔ a ɛkyɛn yaw a yebedi bere tiaa mu bere a wɔde nteɛso ama yɛn.