Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Tie Nteɛso Na Hu Nyansa”

“Tie Nteɛso Na Hu Nyansa”

‘Me mma, muntie nteɛso na munhu nyansa.’—MMEB. 8:32, 33.

NNWOM: 56, 89

1. Yɛyɛ dɛn nya nyansa, na mfaso bɛn na ɛwɔ so?

YEHOWA yɛ nyansa nyinaa Wura; ne nyansa no, oyi ne yam ma afoforo bi. Yakobo 1:5 ka sɛ: “Sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma ɔnkɔ so ara mmisa Onyankopɔn efisɛ oyi ne yam ma nnipa nyinaa ade a ahohora biara nnim.” Ɔkwan baako a yɛfa so nya Onyankopɔn nyansa ne sɛ yebegye ne nteɛso atom. Saa nyansa no bɛbɔ yɛn ho ban na yɛanyɛ nneɛma bɔne, na ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so abata Yehowa ho. (Mmeb. 2:10-12) Wei bɛma yɛde ‘yɛn ho asie Onyankopɔn dɔ mu, na yɛakɔ daa nkwa mu.’—Yuda 21.

2. Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛn ani asɔ Onyankopɔn nteɛso?

2 Bɔne mu a wɔwoo yɛn, ntetee a yenyae, ne nneɛma foforo ma ɛyɛ den sɛ yebegye nteɛso atom anaasɛ yebebu no sɛ biribi a ɛbɛboa yɛn. Sɛ yehu sɛ nteɛso boa yɛn a, ɛma yɛn ani sɔ, na yehu sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn. Mmebusɛm 3:11, 12 ka sɛ: “Me ba, mpo Yehowa nteɛso, . . . efisɛ nea Yehowa dɔ no na ɔka n’anim.” Nokwasɛm ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da sɛ Yehowa pɛ sɛ esi yɛn yiye. (Kenkan Hebrifo 12:5-11.) Esiane sɛ Onyankopɔn nim yɛn yiye nti, bere nyinaa, nteɛso a ɛfata a ɛbɛboa yɛn na ɔde ma yɛn. Afei momma yɛnhwɛ nteɛso ahorow nnan: (1) sɛnea yɛbɛhyɛ yɛn ho so, (2) nteɛso a awofo de ma wɔn mma, (3) nteɛso a wɔde ma yɛn wɔ Kristofo asafo no mu, (4) biribi a ɛkyɛn yaw a nteɛso ma yedi bere tiaa mu.

YƐHYƐ YƐN HO SO A, ƐKYERƐ SƐ YENIM NYANSA

3. Dɛn na ɛboa abofra ma osua sɛnea ɔbɛhyɛ ne ho so? Ma ɛho nhwɛso.

3 Yɛhyɛ yɛn ho so a, ɛma yetumi di yɛn ho so wɔ sɛnea yɛyɛ yɛn ade ne sɛnea yedwen nneɛma ho. Ahohyɛso wɔ hɔ yi, wɔmfa nwo yɛn. Ɛsɛ sɛ yesua. Nhwɛso bi ni. Sɛ abofra bi resua sakre ka a, ne papa anaa ne maame taa so sakre no mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenhwe ase. Nanso, sɛ abofra no hu sakre no so tena a, ɔwofo no gyae mu nkakrankakra. Afei, sɛ abofra no hu sakre no ka yiye a, ɔwofo no gyae mu koraa. Awofo nso, sɛ wɔtɔ wɔn bo ase de ntetee ma wɔn mma nkumaa bere nyinaa wɔ “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu” a, na wɔreboa wɔn mma no ama wɔahu sɛnea wɔbɛhyɛ wɔn ho so na ama wɔahu nyansa.—Efe. 6:4.

4, 5. (a) Adɛn nti na ahohyɛso yɛ “nipasu foforo” no fã titiriw? (b) Sɛ ‘yɛhwe ase mpɛn nson’ mpo a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu?

4 Wɔn a wonyin ansa na wɔahu Yehowa no nso, ɛsɛ sɛ wosua sɛnea wɔbɛhyɛ wɔn ho so. Ɛwom, ebia wotumi hyɛ wɔn ho so wɔ nneɛma bi mu. Nanso Yehowa som mu deɛ, wonnya nyɛɛ Kristo asuafo a wɔn ho akokwaw. Ne nyinaa mu no, sɛ wosua sɛ wɔbɛhyɛ Kristo “nipasu foforo” no a, nkakrankakra wɔn ho bɛkokwaw. (Efe. 4:23, 24) Sɛ yɛn ho bɛkokwaw ankasa a, ehia sɛ yɛhyɛ yɛn ho so. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛboa yɛn ma ‘yekyi bɔne ne wiase akɔnnɔ, na yɛn adwenem da hɔ na yɛde trenee ne onyamesom pa tena wiase nhyehyɛe yi mu.’—Tito 2:12.

5 Ɛwom, yɛn nyinaa yɛ bɔne. (Ɔsɛnk. 7:20) Nanso sɛ yɛhwe ase anaasɛ yedi mfomso a, ɛno nkyerɛ sɛ yentumi nhyɛ yɛn ho so anaa yenni ahohyɛso koraa. Mmebusɛm 24:16 ka sɛ: “Ɔtreneeni hwe ase mpɛn ason mpo a, ɔbɛsɔre.” Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛasɔre bio? Ɛnyɛ yɛn ankasa ahoɔden, na mmom Onyankopɔn honhom. (Kenkan Filipifo 4:13.) Honhom no aba no, ne fã bi ne ahosodi, na ɛte sɛ ahohyɛso.

6. Dɛn na ɛbɛma yɛn ani agye Onyankopɔn asɛm sua ho yiye? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

6 Sɛ yefi yɛn komam bɔ mpae, na yesua Bible dwinnwen ho a, ɛno nso bɛboa yɛn ama yɛatumi ahyɛ yɛn ho so. Nanso, sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubesua Onyankopɔn Asɛm nso ɛ? Ebia w’ani nnye adesua ho. Nanso kae sɛ, sɛ woma Yehowa kwan a, ɔbɛboa wo. Yehowa betumi aboa wo ama ‘woanya akɔnnɔ’ ama n’Asɛm no. (1 Pet. 2:2) Nea edi kan, bɔ Yehowa mpae na ɔmmoa wo mma wonhyɛ wo ho so, na woatumi asua n’Asɛm no. Afei, yɛ mpae a wobɔe no ho adwuma. Mfiase no, woresua ade a, wubetumi de bere tiaa bi ayɛ saa. Bere rekɔ so no, adesua bɛyɛ mmerɛw ama wo, na w’ani begye ho kɛse! Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wotena ase komm sɛ woresua Yehowa ho asɛm na wudwinnwen ho a, wubehu sɛ w’ani begye ho pa ara.—1 Tim. 4:15.

7. Ɔkwan bɛn so na sɛ yɛhyɛ yɛn ho so a, ebetumi aboa yɛn ama yɛadu botae a yɛde sisi yɛn anim wɔ Yehowa som mu ho?

7 Yɛhyɛ yɛn ho so a, ɛboa yɛn ma yedu botae a yɛde sisi yɛn anim wɔ Yehowa som mu ho. Yɛnhwɛ agya bi a ohui sɛ nsi ne ahokeka a ɔde som Yehowa no ano rebrɛ ase. Ɔma ɛyɛɛ no asɛnhia, enti ɔde yɛɛ ne botae sɛ ɔbɛyɛ daa akwampae adwuma. Ɔkenkanee akwampae adwuma no ho nsɛm wɔ yɛn nsɛmma nhoma mu. Wei a ɔyɛe ne mpae a ɔbɔe hyɛɛ no den ma ɔne Yehowa abusuabɔ yɛɛ kama. Afei nso, bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, na ɔyɛ akwampaefo aboafo adwuma. Ekosii sɛn? Wamma biribiara ansiw no kwan, na mmom ɔkɔɔ so de n’adwene sii daa akwampae adwuma a na ɔpɛ sɛ ɔyɛ no so. Awiei koraa no, ɔbɛyɛɛ daa kwampaefo.

TETE WO MMA WƆ YEHOWA NTEƐSO MU

Wɔbɛwo mmofra no, na wonnim papa ne bɔne; wohia ntetee (Hwɛ nkyekyɛm 8)

8-10. Dɛn na ebetumi aboa awofo a wɔyɛ Kristofo ama wɔatete wɔn mma ama wɔasom Yehowa? Ma ɛho nhwɛso.

8 Awofo a wɔyɛ Kristofo wɔ hokwan kɛse sɛ wɔtete wɔn mma wɔ “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.” (Efe. 6:4) Wei yɛ adwuma a ɛyɛ den, titiriw wɔ ɛnnɛ wiase yi mu. (2 Tim. 3:1-5) Nokwasɛm ne sɛ, wɔbɛwo mmofra no, na wonnim papa ne bɔne. Ɛwom, ahonim deɛ, wɔbɛwo wɔn no na wɔwɔ bi. Nanso, ehia sɛ yɛboa wɔn ma wɔtete wɔn ahonim anaa wɔteɛteɛ no. (Rom. 2:14, 15) Bible ho nhoma bi ka sɛ Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “nteɛso” no betumi nso akyerɛ “mmofra ntetee.”

9 Sɛ awofo teɛ wɔn mma so wɔ ɔdɔ mu a, mmofra no taa nya akomatɔyam. Awofo no boa wɔn ma wohu sɛ ahofadi wɔ baabi a ekosi, na nea wɔbɛyɛ biara no, wobetwa so aba pa anaa aba bɔne. Ɛnde, ɛho hia pa ara sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo hwehwɛ Yehowa akwankyerɛ. Kae sɛ, ɛsono ɔkwan a wɔfa so tete mmofra wɔ baabiara, na ɛkɔ so sakra bere nyinaa. Nanso, awofo a wotie Onyankopɔn deɛ, wɔmfa wɔn ankasa adwene ntete wɔn mma, na saa ara nso na wɔmfa wɔn ho nto nnipa adwene anaa nnipa nyansa so.

10 Momma yensua biribi mfi Noa asɛm no mu. Bere a Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ adaka no, na onni ho nimdeɛ biara. Ná ɔnyɛɛ adaka da. Enti, na gye sɛ ɔde ne ho to Yehowa so; nea Yehowa ka kyerɛɛ no no, “saa pɛpɛɛpɛ” na ɔyɛe. (Gen. 6:22) Dɛn na efii mu bae? Bere a ɔde ne ho too Yehowa so no, otumi yɛe. Wanyɛ a, anka ɔne n’abusua rennya nkwa! Noa tumi tetee ne mma yiye nso. Nea ɛma otumi yɛɛ adaka no, ɛno ara na ɛboaa no ma otumi tetee ne mma no. Ɛne sɛ, ɔmaa Onyankopɔn nyansa kyerɛɛ no kwan. Enti ɔkyerɛkyerɛɛ ne mma yiye, na ɔyɛɛ nhwɛso pa maa wɔn. Ná wei nyɛ mmerɛw wɔ wiase bɔne a na ɛwɔ hɔ ansa na Nsuyiri no reba no.—Gen. 6:5.

11. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo yere wɔn ho tete wɔn mma?

11 Awofo, mobɛyɛ dɛn ayɛ “saa pɛpɛɛpɛ” wɔ Onyankopɔn ani so? Muntie Yehowa. Momma ɔmfa n’Asɛm ne akwankyerɛ a ɔnam n’ahyehyɛde no so de ma yɛn no mmoa mo mma montete mo mma. Akyiri yi, ebia mo mma bɛda mo ase sɛ moyɛɛ saa! Onua bi kyerɛwee sɛ: “M’ani sɔ ntetee a m’awofo de maa me pa ara. Wɔyɛɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ me ama aka me koma. Wɔka ho bi pa ara na ama mabɛn Yehowa.” Ne nyinaa akyi no, mmɔden biara a awofo bɔ no, mmofra binom gyae Yehowa som. Nanso, awofo a wɔyɛɛ nea wobetumi biara de nokware no duaa wɔn ba komam no deɛ, wɔn ahonim mmu wɔn fɔ. Afei nso, wobetumi ahwɛ kwan sɛ daakye wɔn ba a wafom kwan no bɛsan aba “fie,” kyerɛ sɛ, ɔbɛsan aba Yehowa nkyɛn.

12, 13. (a) Sɛ wotu abofra bi fi asafo no mu a, dɛn na n’awofo a wɔyɛ Kristofo yɛ de kyerɛ sɛ wotie Onyankopɔn? (b) Bere a awofo bi tiee Yehowa asɛm no, mfaso bɛn na abusua no nyae?

12 Osetie ho sɔhwɛ baako a ɛyɛ den pa ara ma awofo binom ne sɛnea wɔne wɔn ba a wɔatu no afi asafo no mu bɛyɛ. Wotuu maame bi babea fii asafo no mu, na ne ba no fii fie. Momma yɛnhwɛ nea maame no yɛe. Maame no ka sɛ: “Mekenkan yɛn nhoma ahorow hwɛe sɛ menya biribi a megyina so ne me babea no ne me banana no abɔ.” Ɔde kaa ho sɛ: “Nanso, me kunu tɔɔ ne bo ase boaa me ma mihui sɛ saa bere no deɛ, yɛn babea no nni yɛn nsam bio, enti ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho gyigye ne nsɛm mu.”

13 Mfe bi akyi no, wɔsan gyee ne babea no baa asafo no mu. Maame no kae sɛ: “Seesei ɛkame ayɛ sɛ da biara ɔne me kasa wɔ tɛlɛfon so, anaa ɔbrɛ me text message! Obu me ne me kunu yiye, efisɛ onim sɛ yetiee Onyankopɔn. Yɛne yɛn babea no ntam ayɛ kama.” Sɛ wɔatu wo ba afi asafo no mu a, wode ‘wo koma nyinaa bɛto Yehowa so, na woremfa wo ho ntweri w’ankasa ntease’ anaa? (Mmeb. 3:5, 6) Monkae sɛ, Yehowa nteɛso ma yehu sɛ ne nyansa ne ne dɔ nni ano. Mommma mo werɛ mmfi sɛ Yehowa de ne Ba no bɔɔ afɔre maa yɛn nyinaa, na mo ba no nso ka ho. Onyankopɔn mpɛ sɛ obiara bɛsɛe. (Kenkan 2 Petro 3:9.) Enti awofo, monkɔ so nnya gyidi sɛ Yehowa nteɛso ne n’akwankyerɛ yɛ papa. Awofo, nea Yehowa ka kyerɛ mo sɛ monyɛ no, sɛ ɛyɛ den sɛ dɛn ara mpo a, monyɛ. Enti, muntie Onyankopɔn nteɛso, na ɛnsɛ sɛ mosɔre tia.

ASAFO NO MU

14. Yehowa akwankyerɛ a ɔnam “ofiehwɛfo nokwafo no” so de ma yɛn no, yɛyɛ dɛn nya so mfaso?

14 Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛhwɛ Kristofo asafo no so abɔ ho ban, na wakyerɛkyerɛ emufo. Akwan pii na ɔfa so yɛ saa. Ebi ni. Ɔde asafo no ahyɛ ne Ba no nsa. Ne Ba no nso apaw “ofiehwɛfo nokwafo” bi sɛ ɔmma yɛn honhom fam aduan wɔ bere a ɛsɛ mu. (Luka 12:42) Akwan pii na wɔfa so ma yɛn saa aduan no. Ɛma yenya akwankyerɛ pa, anaa nteɛso. Bisa wo ho sɛ, ‘Mpɛn ahe na matie ɔkasa bi anaa makan asɛm bi wɔ yɛn nsɛmma nhoma bi mu ama aka me koma ma mayɛ nsakrae wɔ me nsusuwii anaa me nneyɛe mu?’ Sɛ wo mmuae kyerɛ sɛ ɛtaa boa wo ma woyɛ nsakrae a, ɛnde di ahurusi! Ɛkyerɛ sɛ, woama kwan ma Yehowa renwene wo, anaa ɔreteɛ wo so, na ɛbɛboa wo.—Mmeb. 2:1-5.

15, 16. (a) “Nnipa” a wɔde wɔn ama sɛ “akyɛde” wɔ asafo no mu no, yɛbɛyɛ dɛn anya wɔn so mfaso? (b) Dɛn na yɛbɛyɛ na ama asafo mu mpanyimfo no de anigye ayɛ wɔn adwuma no?

15 Afei nso, Kristo de “nnipa” maa asafo no sɛ “akyɛde.” Wɔyɛ asafo mu mpanyimfo a wɔhwɛ Onyankopɔn nguankuw no so. (Efe. 4:8, 11-13) Yɛbɛyɛ dɛn anya akyɛde a ɛsom bo yi so mfaso? Ade baako ne sɛ yebesuasua asafo mu mpanyimfo no gyidi ne wɔn nhwɛso pa. Ade foforo nso ne sɛ yebetie Kyerɛwnsɛm mu afotu a wɔde ma yɛn no. (Kenkan Hebrifo 13:7, 17.) Momma yɛnkae sɛ asafo mu mpanyimfo no dɔ yɛn, na wɔpɛ sɛ yɛbɛn Yehowa yiye. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ wohu sɛ yɛtoto asafo nhyiam mu anaa wohu sɛ nsi ne ahokeka a yɛde yɛ ɔsom adwuma no ano rebrɛ ase a, akyinnye biara nni ho sɛ, wɔbɛyɛ ntɛm aboa yɛn. Wobetie yɛn, na afei wɔafi ɔdɔ mu ahyɛ yɛn nkuran, na wɔde Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛfata ama yɛn. Wuhu sɛ mmoa a ɛte saa yɛ ɔdɔ a Yehowa da no adi kyerɛ wo anaa?

16 Kae sɛ, ebetumi ayɛ den ama asafo mu mpanyimfo no sɛ wɔbɛbɛn yɛn na wɔatu yɛn fo. Bere a Ɔhene Dawid yɛɛ bɔne a emu yɛ duru na ɔpɛ sɛ ɔkata so no, ɛkɔbae sɛ ɛsɛ sɛ odiyifo Natan ne no kɔkasa. Wunhu sɛ na ɛbɛyɛ den ama odiyifo no? (2 Sam. 12:1-14) Petro yɛ asomafo 12 no mu baako. Bere bi, ɔne ne nuanom a wɔyɛ Yudafo dii no yiye sen ne nuanom a wɔnyɛ Yudafo. Ɛho behiae sɛ na ɔsomafo Paulo teɛ Petro so. Ɛno nso, wunhu sɛ na Paulo behia akokoduru pa ara ansa na watumi ayɛ saa? (Gal. 2:11-14) Enti dɛn na wobɛyɛ na ama w’asafo mu mpanyimfo no adesoa so atew? Brɛ wo ho ase, tew w’anim, na kyerɛ nea wɔyɛ ma wo no ho anisɔ. Mmoa a wɔde ma wo no, fa no sɛ ɛyɛ ɔdɔ a Onyankopɔn reda no adi akyerɛ wo. Woyɛ saa a, ɛnyɛ wo nko ara na wubenya so mfaso, na mmom ɛbɛma mpanyimfo no de anigye kɛse ayɛ wɔn adwuma no.

17. Dɛn na asafo mu mpanyimfo yɛe de boaa onuawa bi?

17 Ɔhaw a onuawa bi faa mu bere bi a atwam nti, na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛdɔ Yehowa. Ɔkaa sɛ: “Bere bi a ɔhaw a mefaa mu ne nsɛm foforo maa me werɛ howee a na migye me ho a ennye no, mihui sɛ ɛsɛ sɛ meka m’asɛm kyerɛ asafo mu mpanyimfo no. Wɔanka m’anim, na saa ara nso na wɔankasa antia me, na mmom wɔhyɛɛ me nkuran, ɛnna wɔhyɛɛ me den. Bere biara a yɛbɛpɔn asafo nhyiam no, sɛ wonni adagyew sɛ dɛn ara mpo a, na wɔn mu baako bisa sɛnea me ho te. Esiane nea mefaa mu no nti, na ɛyɛ den sɛ megye adi sɛ Onyankopɔn dɔ me. Nanso, mpɛn pii na Yehowa afa asafo no ne asafo mu mpanyimfo no so ama mahu sɛ ɔdɔ me. Mebɔ mpae sɛ merentwe me ho mfi ne ho da.”

DƐN NA ƐKYƐN YAW BIARA NTEƐSO MA YEDI?

18, 19. Dɛn na ɛkyɛn yaw biara a nteɛso ma yedi? Ma ɛho nhwɛso.

18 Ɛwom sɛ wɔteɛ yɛn so a, ebetumi ayɛ yɛn yaw deɛ, nanso biribi wɔ hɔ a ɛyɛ yaw koraa sen saa. Ɛno ne ɔhaw a ebetumi aba yɛn so bere a yɛapo Yehowa nteɛso. (Heb. 12:11) Yɛnhwɛ nhwɛso mmienu: Kain ne Ɔhene Sedekia. Bere a Kain faa ne nua Habel ho abufuw sɛ obekum no no, Onyankopɔn tuu Kain fo sɛ: “Dɛn na ama wo bo afuw saa, na dɛn nti na woakunkum w’anim yi? Sɛ wosakra yɛ papa a, w’anim remma nyam anaa? Na sɛ woansakra anyɛ papa a, ɛnde bɔne butuw w’abobow ano, na ɛrehwehwɛ wo; adɛn na wunni no so?” (Gen. 4:6, 7) Kain antie, enti ɔyɛɛ bɔne. Ɛyaw ne amanehunu pii a anka Kain betumi akwati no, ɔkɔfa baa ne ho so. (Gen. 4:11, 12) Sɛ Kain tiee Onyankopɔn nteɛso a, anka wankɔfa ɛyaw pii anwowɔ ne ho.

19 Sedekia yɛ ɔhene a ɔyɛ ohufo na ne tirim yɛ den. Odii ade bere a na nneɛma nkɔ yiye koraa wɔ Yerusalem. Odiyifo Yeremia tuu Sedekia fo mpɛn pii sɛ omfi n’akwammɔne so, nanso ɔhene no antie Yehowa nteɛso. Nea efii wei mu nso bae yɛ awerɛhow. (Yer. 52:8-11) Yehowa mpɛ sɛ yebehu amane a ɛte saa!—Kenkan Yesaia 48:17, 18.

20. Dɛn na wɔn a wotie Onyankopɔn nteɛso benya daakye? Wɔn a wontie nso, dɛn na ɛbɛba wɔn so daakye?

20 Ɛnnɛ wiase no, nnipa pii mfa nteɛso nyɛ hwee; wonhu nea enti a ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn ho so. Nanso ɛrenkyɛ, obiara a ɔpo Onyankopɔn nteɛso no behu amane papaapa. (Mmeb. 1:24-31) Enti momma ‘yentie nteɛso na yenhu nyansa.’ Mmebusɛm 4:13 ka sɛ, “so nteɛso mu; nnyaa mu. Kora so, na ɛne wo nkwa.”