Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Yehowa Nnii Me Huammɔ Da!

Yehowa Nnii Me Huammɔ Da!

Bere bi, Adolf Hitler maa ɔkasa bi; owiei no, woyii mmeawa nnan sɛ wɔmfa nhwiren nkɔma no, na na meka ho. Ɛbaa no sɛn na wɔde me kaa ho? Ná me papa di akoten wɔ Nasi amanyɔkuw no mu. Afei nso, na ɔyɛ drɔbani. Ɔno na na ɔka ɔpanyin a ɔda Nasi amanyɔkuw no nkorabata a ɛwɔ yɛn mpɔtam ano no kar. Ná me maame yɛ Katolekni mapa, na na ɔpɛ sɛ meyɛ Roman sista. Nea na me maame ne me papa pɛ sɛ meyɛ no, manyɛ emu biara. Mannɔm Nasi kuw no, saa ara nso na manyɛ Roman sista. Ma menka nea enti a manyɛ saa nkyerɛ wo.

me wɔ Graz, Austria. Midii mfe nson no, wɔde me kɔɔ sukuu bi sɛ wɔnkyerɛkyerɛ me nyamesom. Nanso, aguamammɔ a na ɛrekɔ so wɔ asɔfo no ne Roman sistafo no ntam no maa me ho dwiriw me papaapa. Enti, manni afe baako mpo wɔ hɔ na me maame yii me fii hɔ.

Yɛn abusua no ne Paapa a ɔhyɛ sogyafo atade

Akyiri yi, mekɔɔ sukuu a sukuufo no da hɔ. Anadwo bi, na wɔretoto topae a ɛnyɛ agorɔ koraa wɔ Graz, enti Paapa bɛfaa me fii hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ebi renka me. Yɛkɔbɔɔ yɛn ho aguaa wɔ Schladming kurom. Yekoduu hɔ a yetwaa ɛtwene bi ara pɛ na wɔtow topae bubuu no. Bere foforo nso, na wimhyɛn nenam wim a na aba fam pa ara. Nkurɔfo a na wɔwom no totow atuo guu me ne me nanabea so wɔ yɛn mfikyiri. Bere a ɔko no baa awiei no, yehui sɛ asɔre no ne aban no nyinaa adi yɛn huammɔ.

MIHUI SƐ YEHOWA REMMA YƐN NSA NSI FAM DA

Afe 1950 no, Yehowa Dansefo bi ne me maame fii ase bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ. Ɛyɛ a na mitie nkɔmmɔ no bi, na ɛtɔ da mpo a, na me ne Maame kɔ asafo nhyiam. Maame behui sɛ Yehowa Adansefo som ne nokware no, enti ɔbɔɔ asu afe 1952.

Saa bere no, asafo a ɛwɔ hɔ no, na mihu no sɛ ɛyɛ mmerewa kuw bi. Nanso, akyiri yi, yɛkɔsraa asafo bi, na na mmabun pii wom; mihui sɛ asafo no nyɛ mmerewa kuw bi koraa! Bere a yɛsan kɔɔ Graz no, mifii ase kɔɔ asafo nhyiam no nyinaa. Ankyɛ koraa na me nso mihui sɛ nea meresua no ne nokware no. Afei nso, mibehui sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔmma n’asomfo nsa nsi fam da. Tebea bi wɔ hɔ a, yɛkɔ mu a, ɛyɛ a yɛte nka sɛ aka yɛn nko ara, nanso Yehowa boa yɛn.—Dw. 3:5, 6.

Ná mepɛ sɛ meka nokware no ho asɛm kyerɛ afoforo. Me nuanom na midii kan kaa bi kyerɛɛ wɔn. Ná me nuabeanom mpanyimfo nnan yɛ sukuu akyerɛkyerɛfo wɔ baabi. Nanso mekɔsraa wɔn mu biara wɔ akuraa a wɔkyerɛ ade no ase, na mehyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonsua Bible. Ewiee ase no, me nuanom nyinaa suaa Bible, na wɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo.

Mifii asɛnka ase no, nnawɔtwe a ɛto so mmienu no, mihyiaa ɔbea bi a na wadi mfe 30 ne akyiri. Me ne no fii ase suaa Bible, na onyaa nkɔso bɔɔ asu. Akyiri yi, ne kunu ne ne mmabarima mmienu nso bɔɔ asu. Adesua a me ne wɔn yɛe no hyɛɛ me gyidi den pa ara. Adɛn ntia? Ná obiara ne me nhyɛɛ da nsuaa Bible da. Bere biara a na me ne obi bɛkɔ akosua ade no, na midi kan sua no yiye ansa na makɔ. Meyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a mɛkyerɛkyerɛ me ho ansa na matumi akyerɛkyerɛ me suani! Ɛno boaa me pa ara ma metee nokware no ase yiye. April 1954 no, mebɔɔ asu de kyerɛe sɛ mahyira me ho so ama Yehowa.

“WƆTAA YƐN, NANSO WƆMPOO YƐN”

Afe 1955 no, mekɔɔ amanaman ntam nhyiam wɔ Germany, France, ne England. Mihyiaa Albert Schroeder wɔ London. Ná ɔkyerɛ ade wɔ Gilead Bible Sukuu, na akyiri yi ɔbɛkaa Akwankyerɛ Kuw no ho. Yɛkɔɔ Britain Tete Nneɛma Akorae kɔhwɛɛ hɔ, na Onua Schroeder de tete Bible nsaano nkyerɛwee bi kyerɛɛ yɛn. Ná Onyankopɔn din a wɔde Hebri nkyerɛwde akyerɛw wɔ nkyerɛwee no mu, na ɔma yehuu mfaso a ɛwɔ so. Wei ma medɔɔ Yehowa kɛse na m’ani gyee nokware no ho yiye. Ɛma misii m’adwene pi pa ara sɛ mɛka nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no akyerɛ nkurɔfo.

Onuawa a me ne no yɛɛ akwampae adwuma no (nifa), yɛyɛ akwampaefo titiriw wɔ Mistelbach, Austria

Mifii ase yɛɛ daa akwampae adwuma January 1, 1956. Abosome nnan akyi no, wɔpaw me sɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Austria. Mekɔyɛɛ ɔsom adwuma no wɔ Mistelbach. Saa bere no, na Adansefo biara nni kurow no mu. Mihyiaa ɔhaw bi wɔ hɔ. Ɔkwampaefo a na ɔka me ho no, na ɛsono ɔno ɛnna ɛsono me koraa. Ná mereyɛ adi mfe 19, na na mifi kurow kɛse mu; na ɔno nso adi mfe 25, na na ofi akuraase. Ná mepɛ anɔpa nna, nanso ɔno deɛ na ɔsɔre ntɛm pa ara. Ɛyɛ a menna ntɛm, nanso ɔno deɛ, ɛreyɛ ara ni na wakɔda. Ne nyinaa mu no, yɛde Bible afotu yɛɛ adwuma, na obiara tumi tee ne yɔnko ase; yetumi boom yɛɛ akwampae adwuma no.

Nokwasɛm ne sɛ, yehyiaa ɔhaw akɛse foforo. Yehyiaa ɔtaa bi mpo, nanso ‘wɔampo yɛn.’ (2 Kor. 4:7-9) Bere bi a yɛkɔkaa asɛmpa no wɔ akuraa bi ase no, akuraa no asefo gyaa wɔn nkraman sɛ wɔmmɛwe yɛn. Prɛko pɛ, nea yehui ara ne sɛ, nkraman akɛse bi abetwa yɛn ho ahyia rebobom anwen wɔn se rekyerɛ yɛn. Yesusoo yɛn nsa, na mebɔɔ mpae sɛ, “Yehowa, yɛsrɛ wo, sɛ nkraman no tow hyɛ yɛn so a, ma yenwu ntɛm!” Nkraman no bae araa beduu baabi a yɛteɛ yɛn nsa mpo a ɛbɛka wɔn, afei wogyinae, wohim wɔn dua, na wɔsan wɔn akyi. Yehui sɛ Yehowa na ɔbɔɔ yɛn ho ban. Ɛno akyi no, yɛkaa asɛmpa no wɔ akuraa no ase baabiara. Anigyesɛm ne sɛ, akuraa no asefo tiee asɛm no pa ara. Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ nkraman no anyɛ yɛn hwee, anaasɛ nkraman no ahunahuna nyinaa akyi no, yɛkɔɔ so kaa asɛmpa no a yɛampa abaw. Akyiri yi, wɔn mu bi bɛyɛɛ Adansefo.

Biribi foforo nso sii a na ɛyɛ hu. Da bi a yɛn fiewura baa fie no, na wawe nsa abow. Ɔkaa sɛ obekum yɛn, efisɛ yɛrehaw mpɔtam hɔfo. Ne yere yɛe sɛ obedwudwo ne bo, nanso ankosi hwee. Ná yɛwɔ yɛn dan mu wɔ abansoro no so, na yɛtee nea na ɛrekɔ so nyinaa. Ntɛm ara na yɛde nkongua sisii yɛn pon akyi, na yefii ase boaboaa yɛn nneɛma ano guu yɛn nnaka mu. Bere a yebuee pon no, yehui sɛ yɛn fiewura no aba abansoro no so, na okura sekan kɛse bi. Enti yɛde yɛn nneɛma nyinaa guan faa afikyiri pon no mu kɔfaa mfikyifuw kwan no so kɔe; yɛansan amma hɔ bio.

Yɛkɔɔ ahɔhogyebea bi kɔhwehwɛɛ dan. Nea ɛbae ne sɛ, yɛtenaa hɔ bɛyɛ afe baako, na ɛboaa asɛnka adwuma no pa ara. Ɛboae sɛn? Ná ahɔhogyebea no wɔ kurow no mfinimfini, na na yɛn Bible asuafo no bi pɛ sɛ wɔba hɔ besua ade. Ankyɛ koraa na yefii ase yɛɛ nhoma mu adesua ne Ɔwɛn-Aban Adesua nnawɔtwe biara wɔ yɛn dan mu wɔ ahɔhogyebea hɔ. Nnipa bɛyɛ 15 na na wɔba.

Yɛtenaa Mistelbach bɛboro afe baako. Ɛno akyi no, wɔde me kɔɔ Feldbach, ɛwɔ Graz anafo fam apuei. Minyaa ɔkwampaefo foforo a me ne no yɛɛ ɔsom adwuma no; ɛhɔ nso, na asafo nni hɔ. Ná yɛte dan ketewaa bi mu wɔ abansoro dan a ɛtoa so mmienu so. Ná dan no yɛ nnuadan. Ná ntokuru deda nnua no ntam, enti na mframa bɔ fa mu ma ɛyɛ dede. Yɛyɛe sɛ yɛde atesɛm nkrataa betuatua ntokuru no. Nsu nso, na yɛsaw fi abura mu. Nanso, yɛn brɛ anyɛ kwa. Abosome kakraa bi ntam no, yɛtew adesua kuw wɔ hɔ. Ewiee ase no, abusua bi a yɛne wɔn suaa ade mufo bɛyɛ 30 baa nokware no mu!

Osuahu a ɛtete saa ama manya anisɔ kɛse sɛ Yehowa remma wɔn a wɔde Ahenni nneɛma di kan no nsa rensi fam da. Sɛ ɛba mpo sɛ nnipa rentumi mmoa yɛn a, Yehowa deɛ, ɔwɔ hɔ ma yɛn daa.—Dw. 121:1-3.

ONYANKOPƆN DE NE “TRENEE NSA NIFA” SOO ME MU

Afe 1958 no, na yɛrebɛyɛ amanaman ntam nhyiam wɔ New York City, wɔ Yankee Stadium ne Polo Grounds. Mibisaa kwan sɛ mɛkɔ bi, na baa dwumadibea a ɛwɔ Austria no bisaa me sɛ, m’ani begye ho sɛ mɛkɔ Gilead Sukuu adesuakuw a ɛto so 32 no bi anaa. Hokwan a ɛte sei deɛ, ɛbɛyɛ dɛn na maka sɛ mempɛ? Ntɛm ara na mekaa sɛ, “Mɛkɔ!”

Yɛwɔ Gilead no, na mete Martin Poetzinger nkyɛn wɔ adesua dan mu. Ná wɔahyɛ no aniɛyaa pii wɔ Nasi nneduaban mu. Ɔno nso, akyiri yi, ɔbɛyɛɛ Akwankyerɛ Kuw no muni. Sɛ yɛresua ade a, ɛtɔ da a, na Martin ka gu m’asom sɛ, “Erika, wei kyerɛ sɛn wɔ German kasa mu?”

Yesuaa ade abosome bi no, Nathan Knorr kyerɛɛ mmeae a wɔde yɛn bɛkɔ. Wɔde me kɔɔ Paraguay. Esiane sɛ na minyinii nti, na ehia sɛ me papa ma kwan ansa na matumi akɔ saa ɔman no mu. Bere a me papa maa kwan no, miduu Paraguay March 1959. Wɔde me kɔɔ asɛmpatrɛwfo fie wɔ Asunción, na wɔmaa me ɔsɛmpatrɛwfo bi a me ne no bɛyɛ ɔsom adwuma no.

Ankyɛ na mihyiaa Walter Bright. Ná ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo; owiee Gilead Sukuu adesuakuw a ɛto so 30. Bere bi akyi no, yɛwaree. Ná wei betumi ama yɛabom agyina ɔhaw biara a yebehyia wɔ yɛn asetena mu ano. Bere biara a na yebehyia ɔhaw bi a emu yɛ den no, na yɛkenkan Yehowa bɔhyɛ a ɛwɔ Yesaia 41:10 no. Yehowa ka wɔ hɔ sɛ: “Nsuro efisɛ meka wo ho. Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den.” Wei ma yenyaa awerɛhyem sɛ, bere tenten a yɛbɛyere yɛn ho adi Onyankopɔn nokware na yɛde n’Ahenni adi kan no, ɔrenni yɛn huammɔ da.

Bere bi akyi no, wɔde yɛn kɔɔ baabi a ɛbɛn Brazil hye so. Ná yɛte asɛmpatrɛwfo fie; na dan no nni ahoɔden. Nanso asɔfo a wɔwɔ hɔ no maa mmabun totow abo guu so. Walter ne polisifo panyin a ɔwɔ hɔ no fii ase suaa Bible saa bere no. Polisifo panyin no hwɛ ma wɔwɛn yɛn fie no nnawɔtwe baako, na wɔn a wɔtaa yɛn no anhaw yɛn bio. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔma yetwaa hye no kɔtenaa Brazil afã hɔ. Ná ɛhɔ dan no ye pa ara. Wei boaa yɛn yiye, efisɛ na yetumi yɛ asafo nhyiam wɔ Paraguay ne Brazil nyinaa. Ansa na yɛrefi hɔ no, na wɔatew asafo nketewa mmienu wɔ hɔ.

Me ne me kunu Walter, bere a na yɛreyɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Asunción, Paraguay

YEHOWA AKƆ SO AKURAKURA ME

Ná dɔkotafo a wɔhwɛ me aka akyerɛ me sɛ merentumi nwo da. Enti afe 1962 no, bere a yehui sɛ manyinsɛn no, ɛyɛɛ yɛn nwonwa pa ara! Awiei koraa no, yɛkɔtenaa baabi a ɛbɛn Walter abusuafo wɔ Hollywood, Florida. Esiane sɛ na me ne Walter rehwɛ yɛn abusua nti, mfe pii twaam a yɛantumi anyɛ akwampae adwuma. Nanso, yɛkɔɔ so de Ahenni nneɛma dii kan.—Mat. 6:33.

Bere a yeduu Florida November 1962 no, ɛyɛɛ yɛn nwonwa sɛ yehui sɛ na kurom hɔfo ani nnye ho sɛ aborɔfo ne abibifo behyia faako ayɛ wɔn nhyiam. Asɛnka nso, na ɛsono baabi a aborɔfo kɔ, ɛnna ɛsono baabi a abibifo nso kɔ. Nanso Yehowa nyiyi nnipa mu. Ankyɛ koraa na wɔmaa kwan sɛ aborɔfo ne abibifo betumi abom ayɛ asafo nhyiam ahorow. Ɛbɛdaa adi sɛ Yehowa nsa wɔ saa nhyehyɛe yi mu, efisɛ seesei asafo pii wɔ mpɔtam hɔ.

Awerɛhosɛm ne sɛ, kokoram tɔɔ Walter tirim ma owui afe 2015. Ná ɔyɛ okunu pa; okurakuraa me mfe 55. Ná ɔdɔ Yehowa, na ɔboaa anuanom bebree. Mehwɛ kwan sɛ mɛsan ahu no bio wɔ owusɔre mu; ɔbɛba no na wanya apɔwmuden.—Aso. 24:15.

M’ani sɔ sɛ mayɛ bere nyinaa som adwuma no bɛboro mfe 40 ni; manya anigye ne nhyira pii. Emu baako ni. Me ne Walter de yɛn ani hui sɛ yɛn Bible asuafo 136 rebɔ asu. Ɛwom, yehyiaa nsɛnnennen bi. Nanso, yɛannya adwene sɛ ɛno nti yebegyae yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ ɔnokwafo no som da. Mmom, ɛma yɛbɛnee no, na yɛde yɛn ho too ne so sɛ n’ankasa bere a ɛsɛ mu no, obesiesie nneɛma ama ayɛ sɛnea ɔpɛ. Ampa, saa ara na Yehowa te!—2 Tim. 4:16, 17.

M’ani agyina Walter pa ara, nanso akwampae adwuma no hyɛ me den. Mekyerɛkyerɛ afoforo a, ɛboa me pa ara, ɛnkanka, bere a maka owusɔre anidaso ho asɛm akyerɛ wɔn no. Anokwa, Yehowa nnii me huammɔ da koro mpo da. Yehowa adi ne bɔhyɛ so; waboa me ahyɛ me den, na ɔde ne “trenee nsa nifa” aso me mu.—Yes. 41:10.