Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 12

Ɔdɔ Boa Yɛn Ma Yegyina Ɔtan Ano

Ɔdɔ Boa Yɛn Ma Yegyina Ɔtan Ano

“Eyinom na mehyɛ mo na ama moadodɔ mo ho. Sɛ wiase tan mo a, munim sɛ atan me ansa na ɛretan mo.”​—YOH. 15:17, 18.

DWOM 129 Yebegyina Mu Pintinn

NEA YƐREBESUA *

1. Sɛnea Mateo 24:9 kyerɛ no, adɛn nti na sɛ wiase no tan yɛn a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa?

YEHOWA bɔɔ nnipa sɛ yɛnnodɔ yɛn ho. Enti sɛ obi tan yɛn a, etumi yɛ yɛn yaw paa, na ebetumi ama ehu aka yɛn mpo. Nhwɛso bi ni. Onuawa bi a wɔfrɛ no Georgina a ɔwɔ Europe kaa sɛ: “Bere a midii mfe 14 no, Yehowa a meresom no nti, na me maame tan me. Ná ɛyɛ me sɛ obiara ayi me baako ahyɛ me nsa, na mifii ase nyaa adwene sɛ meyɛ nipabɔnefo.” * Onua bi a ne din de Danylo kyerɛwee sɛ: “Esiane sɛ meyɛ Yehowa Danseni nti, asogyafo boroo me, wɔyeyaw me, na wɔbɔɔ me ntrɛnee sɛ wobepira me. Ɛmaa mebɔɔ hu paa, na m’ani wui.” Sɛ nkurɔfo tan yɛn saa a, ɛyɛ yaw, nanso ɛnyɛ yɛn nwonwa. Yesu ka too hɔ sɛ nkurɔfo bɛtan yɛn.​—Kenkan Mateo 24:9.

2-3. Adɛn nti na nkurɔfo tan Yesu akyidifo?

2 Wiase no tan Yesu akyidifo. Adɛn ntia? Efisɛ sɛnea na Yesu nyɛ wiase no fã no, yɛn nso yɛnyɛ “wiase no fã.” (Yoh. 15:17-19) Ɛno nti, yebu nnipa aban de, nanso yɛnsom wɔn, na yɛnsom wɔn ahyɛnsode nso. Yehowa nko ara na yɛsom no. Ɛwom sɛ Satan ne “n’aseni” no ka no denneennen sɛ Onyankopɔn mfata sɛ odi tumi wɔ nnipa so, nanso yɛn de, yɛtaa Onyankopɔn akyi, na yegye di sɛ ɔfata sɛ odi tumi wɔ nnipa so. (Gen. 3:1-5, 15) Yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛ, Onyankopɔn Ahenni no nko ara na ebeyi nnipa haw afi hɔ, na obiara a ɔmpɛ sɛ Ahenni no di ne so no, ɛrenkyɛ koraa Ahenni no bɛsɛe no pasaa. (Dan. 2:44; Adi. 19:19-21) Sɛ ahobrɛasefo te asɛm a yɛka no a, ɛyɛ asɛmpa ma wɔn, nanso abɔnefo de, ɛyɛ asɛmmɔne ma wɔn.​—Dw. 37:10, 11.

3 Ade foforo nso a ɛma nkurɔfo tan yɛn ne sɛ, yɛde Onyankopɔn mmara bɔ yɛn bra. Nea wiase no bu no sɛ ɛyɛ papa ne bɔne no, ɛne Onyankopɔn de nhyia koraa. Wiase no abrabɔ aporɔw. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɔbra fĩ ne abofonode a ɛkɔɔ so wɔ Sodom ne Gomora a ɛmaa Onyankopɔn sɛee wɔn no, ɛnnɛ nnipa pii yi wɔn anim ka sɛ wogye saa ɔbra fĩ no tom! (Yuda 7) Esiane sɛ yetie nea Bible ka na yɛnyɛ saa atantanne no bi nti, nkurɔfo pii serew yɛn na wɔka sɛ yɛn asɛm yɛ den dodo!​—1 Pet. 4:3, 4.

4. Sɛ nkurɔfo tan yɛn a, suban bɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛagyina pintinn?

4 Sɛ nkurɔfo tan yɛn na wodidi yɛn atɛm a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so asom Yehowa? Ɛsɛ sɛ yegye di paa sɛ Yehowa bɛboa yɛn. Gyidi te sɛ ɔkyɛm. Enti yɛn gyidi betumi “adum ɔbɔnefo no mmɛmma a ɛredɛw no nyinaa.” (Efe. 6:16) Nanso ɛnyɛ gyidi nko ara na yehia. Yehia ɔdɔ nso. Adɛn ntia? Efisɛ ɔdɔ “bo nhaw no.” Nneɛma a ɛyɛ yaw mpo, ɔdɔ tɔ ne bo ase wɔ ho, na ɔdɔ tumi gyina ano. (1 Kor. 13:4-7, 13) Afei momma yɛnhwɛ sɛnea ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn nuanom Kristofo, ne ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn atamfo mpo boa yɛn ma yetumi gyina ɔtan ano.

ƆDƆ A YƐWƆ MA YEHOWA NO BOA YƐN MA YEGYINA ƆTAN ANO

5. Ɔdɔ a Yesu wɔ ma n’Agya no, ɛhyɛɛ no den sɛn?

5 Anadwo a Yesu atamfo rebekum no no, Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo anokwafo sɛ: “Medɔ Agya no, [enti] sɛnea Agya no ahyɛ me sɛ menyɛ no, saa ara na mereyɛ.” (Yoh. 14:31) Ɔdɔ a Yesu wɔ ma Yehowa no, ɛhyɛɛ no den ma otumi gyinaa sɔhwɛ a na ɛda n’anim no ano. Yɛn nso, ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no betumi aboa yɛn ama yɛayɛ saa ara.

6. Sɛnea Romafo 5:3-5 kyerɛ no, sɛ wiase no tan Yehowa asomfo a, ɛma wɔte nka sɛn?

6 Ɔdɔ a Yehowa asomfo wɔ ma no nti, bere biara a nkurɔfo bɛtan wɔn ani no, wotumi gyina ano. Ɛho nhwɛso ni. Ná Yudafo asɛnnibea kunini no wɔ tumi paa, nanso bere a wɔhyɛɛ asomafo no sɛ wonnyae asɛmpa no ka no, ɔdɔ a asomafo no wɔ ma Onyankopɔn nti, wɔkɔɔ so ‘tiee Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa.’ (Aso. 5:29; 1 Yoh. 5:3) Ɛnnɛ nso, ɔdɔ a emu yɛ den a yɛn nuanom Kristofo wɔ ma Onyankopɔn no hyɛ wɔn den. Enti ɛwom sɛ aban a wɔwɔ tumi na wɔn tirim yɛ den retan anuanom pii ani de, nanso wɔda so redi Yehowa nokware. Sɛ wiase no tan yɛn a, yɛn aba mu mmu. Mmom yɛde anigye gyina mu.​—Aso. 5:41; kenkan Romafo 5:3-5.

7. Sɛ yɛn abusuafo tan yɛn ani a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

7 Sɛ yɛn abusuafo tan yɛn ani a, ebetumi ayɛ den paa sɛ yebegyina ano. Sɛ yɛn abusuafo hu sɛ yɛafi ase resua Yehowa ho ade a, wɔn mu bi adwene bɛyɛ wɔn sɛ nkurɔfo redaadaa yɛn. Ebinom nso bɛfa no sɛ yɛn adwene nyɛ adwuma. (Fa toto Marko 3:21 ho.) Ebia wɔbɛyɛ yɛn ayayade mpo. Sɛ wɔtan yɛn ani saa a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa. Yesu kaa sɛ: “Obi ankasa fiefo na wɔbɛyɛ n’atamfo.” (Mat. 10:36) Ne nyinaa mu no, sɛ yɛn abusuafo bu yɛn sɛn oo, sɛ wobu yɛn sɛn oo, yɛn de yɛntan wɔn. Mmom, bere a ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no reyɛ kɛse no, saa ara na ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn yɔnko nnipa no nso yɛ kɛse. (Mat. 22:37-39) Nanso sɛnea ɛte biara no, yɛremmu yɛn ani ngu Bible mmara ne emu nnyinasosɛm so nyɛ nea ɛbɛsɔ yɛn yɔnko nnipa ani da.

Ebia yebehu amane kakra, nanso Yehowa bɛka yɛn ho bere nyinaa, ɔbɛkyekye yɛn werɛ, na wahyɛ yɛn den. (Hwɛ nkyekyɛm 8-10)

8-9. Bere a wɔtan onuawa bi ani yayaayaw no, dɛn na ɛboaa no ma ogyinaa pintinn?

8 Georgina a yɛadi kan aka n’asɛm no, ne maame tan n’ani yayaayaw, nanso otumi gyinaa pintinn. Georgina kaa sɛ: “Me ne me maame nyinaa na efii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible. Nanso abosome nsia akyi, bere a meyɛe sɛ mɛkɔ asafo nhyiam no, me maame fii ase tan m’ani. Mibehui sɛ na ɔne awaefo di nkitaho, enti ɔne me rekasa a, wɔn nsɛm a wɔkeka fa Yehowa som ho no, na ɔkeka bi kyerɛ me. Afei nso, na ɔyeyaw me, oso me ti nwi mu twe, na omia me mene, na na ɔtow nhoma a mede sua Yehowa ho ade no gu. Bere a midii mfe 15 no, mebɔɔ asu. Me maame yɛɛ biara sɛ ɔremma mensom Yehowa. Enti ɔde me kɔtoo mmofrabɔne sukuu mu. Mmofra a na wɔwɔ hɔ no, na ebinom nom nnubɔne na na ebinom nso di nsɛmmɔne. Wo de hwɛ sɛ onipa a ɛsɛ sɛ ɔdɔ wo na ɔhwɛ wo retan w’ani, ɛyɛ yaw sen biribiara.”

9 Ɛdɛn na ɛboaa Georgina ma otumi gyinaa pintinn? Ɔkaa sɛ: “Bere a me maame fii ase tan m’ani no, na makenkan Bible no nyinaa awie. Ná migye di paa sɛ mahu nokware no, na na mihu sɛ mabɛn Yehowa paa. Ná mebɔ no mpae daa, na na otie me nso. Bere a mewɔ mmofrabɔne sukuu hɔ no, onuawa bi frɛɛ me kɔɔ ne fie, na me ne no suaa Bible. Saa bere no nyinaa, mekɔ Ahenni Asa so a, na anuanom no hyɛ me den. Wɔde me yɛɛ wɔn ba. Mihui paa sɛ, sɛ yɛn atamfo yɛ hena oo, wɔyɛ hena oo, Yehowa ho yɛ den sen wɔn.”

10. Awerɛhyem bɛn na yebetumi anya wɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn mu?

10 Ɔsomafo Paul kyerɛwee sɛ, biribiara “rentumi ntew yɛn mfi Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no ho.” (Rom. 8:38, 39) Ebia yebehu amane kakra, nanso Yehowa bɛka yɛn ho bere nyinaa, ɔbɛkyekye yɛn werɛ, na wahyɛ yɛn den. Afei nso, Georgina asɛm no ama yɛahu sɛ, Yehowa fa yɛn nuanom a yɛne wɔn wɔ asafo mu no so boa yɛn.

ƆDƆ A YƐWƆ MA YƐN NUANOM KRISTOFO NO BOA YƐN MA YEGYINA ƆTAN ANO

11. Ɔdɔ a Yesu kaa ho asɛm wɔ Yohane 15:12, 13 no, na ɛbɛboa n’asuafo sɛn? Ma nhwɛso.

11 Anadwo a Yesu rebewu no, ɔkaee n’asuafo sɛ wɔnnodɔ wɔn ho. (Kenkan Yohane 15:12, 13.) Ná onim sɛ, sɛ n’asuafo no yi wɔn yam dodɔ wɔn ho a, ɛbɛboa wɔn ama wɔakɔ so ayɛ baako na sɛ wiase no tan wɔn a, wɔatumi agyina ano. Yɛmfa asafo a na ɛwɔ Tesalonika no nyɛ nhwɛso. Efi da a wɔtew asafo no ara na nkurɔfo fii ase tan wɔn ani. Nanso anuanom a na ɛwɔ hɔ no yɛɛ nhwɛso pa. Wɔde animia gyinaa mu, na wɔdodɔɔ wɔn ho. (1 Tes. 1:3, 6, 7) Paul hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ so nnodɔ wɔn ho, na wɔnkɔ so “nyɛ mmoro so” mpo. (1 Tes. 4:9, 10) Ná ɔdɔ a wobenya ama wɔn ho no bɛma wɔakyekye wɔn a wɔahaw anaa wɔabotow no werɛ, na wɔaboa wɔn a wɔyɛ mmerɛw no. (1 Tes. 5:14) Wɔde Paul afotu no yɛɛ adwuma, efisɛ bɛyɛ afe akyi, bere a Paul kyerɛw ne krataa a ɛto so mmienu kɔmaa wɔn no, otumi kaa sɛ: “Ɔdɔ a mo nyinaa da no adi no rekɔ so yɛ kɛse.” (2 Tes. 1:3-5) Dɔ a na wɔdodɔ wɔn ho nti, bere a nkurɔfo tan wɔn ani na wohuu amane no, wotumi gyinaa ano.

Sɛ yɛdodɔ yɛn ho a, ɛboa yɛn ma yetumi gyina ɔtan ano (Hwɛ nkyekyɛm 12) *

12. Bere a ɔko sii ɔman bi so no, ɛdɛn na anuanom a ɛwɔ hɔ no yɛ de kyerɛe sɛ wɔdodɔ wɔn ho?

12 Wo de, yɛnhwɛ nea Danylo a yɛaka n’asɛm no ne ne yere yɛe. Ɔko sii wɔn man mu. Bere a ɔko no beduu kurow a wɔte mu no mu no, wɔkɔɔ so kɔɔ asafo nhyiam, wɔkɔɔ so yɛɛ asɛnka adwuma no sɛnea wobetumi, na aduan biara a wonyae no, wɔne wɔn nuanom kyɛe. Da koro bi, asogyafo a wokurakura atuo kɔɔ Danylo fie. Danylo kaa sɛ: “Asogyafo no ka kyerɛɛ me sɛ, menka sɛ menyɛ Yehowa Danseni bio. Mampene, enti wɔhwee me, na wɔtotow tuo faa me ti so te sɛ nea wɔpɛ sɛ wɔtow bɔ me no. Bere a wɔrefi hɔ akɔ no, wohunahunaa me sɛ wɔbɛsan aba bio na wɔabɛto me yere mmonnaa. Nanso yɛn nuanom Kristofo yɛɛ ntɛm ma yɛkɔfaa keteke kɔɔ kurow foforo so. Ɔdɔ a saa anuanom no daa no adi kyerɛɛ yɛn no, me werɛ remfi da. Bere a yekoduu kurow foforo no so no, anuanom a ɛwɔ hɔ no maa yɛn aduan. Afei nso, wɔboaa me ma minyaa adwuma a mɛyɛ ne baabi a yɛbɛtena. Ɛno nti, anuanom a woguan fii baabi a ɔko no rekɔ so baa baabi a yɛwɔ no, yɛn nso yetumi maa wɔn baabi tenae.” Osuahu a ɛte saa ma yehu sɛ, sɛ yɛdodɔ yɛn ho a, ɛboa yɛn ma yetumi gyina ɔtan ano.

ƆDƆ A YƐWƆ MA YƐN ATAMFO BOA YƐN MA YEGYINA ƆTAN ANO

13. Sɛ nkurɔfo tan yɛn ani mpo a, ɔkwan bɛn so na honhom kronkron boa yɛn ma yɛkɔ so som Yehowa?

13 Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnnɔ wɔn atamfo. (Mat. 5:44, 45) Wohwɛ a, ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ saa? Ɛnna fam koraa! Nanso Onyankopɔn honhom kronkron boa yɛn ma yetumi yɛ saa. Onyankopɔn honhom no aba no bi ne ɔdɔ, abodwokyɛre, ayamye, odwo, ne ahosodi. (Gal. 5:22, 23) Saa suban ahorow no boa yɛn ma yetumi gyina ɔtan ano. Nnipa a na wɔtan yɛn no pii asesa wɔn adwene efisɛ wɔn kunu, wɔn yere, wɔn mma, anaa wɔn afipamfo a wɔsom Yehowa no daa suban pa a ɛte saa adi. Wɔn a na wɔtan yɛn no pii mpo abɛyɛ yɛn nuanom Kristofo. Enti wɔn a Yehowa a woresom no nti wɔtan wo no, sɛ ɛyɛ wo den sɛ wobɛdɔ wɔn a, bɔ mpae srɛ honhom kronkron. (Luka 11:13) Nya ahotoso paa sɛ, nea Onyankopɔn aka sɛ yɛnyɛ no, bere nyinaa ɛno na eye.​—Mmeb. 3:5-7.

14-15. Bere a Yasmeen kunu tan n’ani denneennen no, sɛn na Romafo 12:17-21 boaa no ma otumi dɔɔ ne kunu?

14 Momma yɛnhwɛ nea Yasmeen a ɔwɔ Middle East no yɛe. Bere a ɔbɛyɛɛ Yehowa Danseni no, na ne kunu adwene yɛ no sɛ nkurɔfo adaadaa no, enti ɔyɛe sɛ ɔbɛma Yasmeen agyae Onyankopɔn som. Ɔyeyaw no, na ɔmaa abusuafo, ɔsɔfo bi, ne ɔkɔmfo bi kɔka kyerɛɛ Yasmeen sɛ ɔretetew abusua no mu, na sɛ wannyae a, obehu. Bere bi mpo, ne kunu kɔɔ asafo nhyiam ase kodidii anuanom atɛm! Ateetee wei nyinaa nti, daa na Yasmeen resu.

15 Sɛ Yasmeen kɔ Ahenni Asa so a, na anuanom kyekye ne werɛ hyɛ no den. Asafo mu mpanyimfo no hyɛɛ no nkuran sɛ ɔmfa asɛm a ɛwɔ Romafo 12:17-21 no nyɛ adwuma. (Kenkan.) Yasmeen kaa sɛ: “Ná ɛnna fam, nanso mesrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me, na mimiaa m’ani de Bible mu asɛm no yɛɛ adwuma. Enti sɛ me kunu boapa yɛ yɛn gyaade fĩ pɔtɔɔ a, na misiesie hɔ kama. Sɛ odidi me atɛm a, na me ne no kasa bɔkɔɔ. Sɛ ɔyare a, na mehwɛ no.”

Sɛ yɛdɔ wɔn a wɔtan yɛn ani no a, ebetumi ama wɔasesa wɔn adwene (Hwɛ nkyekyɛm 16-17) *

16-17. Ɛdɛn na woasua afi Yasmeen asɛm no mu?

16 Dɔ a Yasmeen dɔɔ ne kunu nti, onyaa so akatua pa. Ɔkaa sɛ: “Me kunu benyaa me mu ahotoso paa, efisɛ na onim sɛ meka nokware bere nyinaa. Afei de yɛrebɔ ɔsom ho nkɔmmɔ a, na ɔyɛ aso tie me, na ogye toom sɛ ɔbɛma asomdwoe aba fie. Seesei, me kunu ka kyerɛ me sɛ menkɔ asafo nhyiam. Me ne me kunu ntam ayɛ kama paa, na asomdwoe nso aba fie. Mehwɛ kwan sɛ daakye me kunu begye nokware no, na me ne no nyinaa abom asom Yehowa.”

17 Yasmeen asɛm no ma yehu sɛ, ɔdɔ ‘tɔ ne bo ase biribiara mu, ɛwɔ biribiara mu anidaso, na egyina biribiara ano.’ (1 Kor. 13:4, 7) Ɔtan ho yɛ den; ɔtan yɛ yaw. Nanso ɔdɔ tumi tutu ɔtan ase. Sɛ yɛdɔ afoforo a, ebetumi ama wɔasesa adwemmɔne a wɔwɔ wɔ yɛn ho. Afei nso, ɛma Yehowa ani gye. Nanso sɛ yɛn atamfo ansesa na wɔkɔ so ara tan yɛn a, yɛn ani betumi agye. Adɛn ntia?

SƐ NKURƆFO TAN YƐN MPO A, YƐN ANI BETUMI AGYE

18. Sɛ nkurɔfo tan yɛn a, adɛn nti na yɛn ani betumi agye?

18 Yesu kaa sɛ: “Anigye ne mo bere a nnipa tan mo.” (Luka 6:22) Ɛnyɛ nea yɛpɛ ne sɛ nkurɔfo bɛtan yɛn. Sɛ nkurɔfo tan yɛn ani a, ɛnyɛ yɛn dɛ. Ɛnde, adɛn nti na sɛ nkurɔfo tan yɛn a, yɛn ani betumi agye? Momma yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa nti a ɛte saa. Nea edi kan, sɛ nkurɔfo tan yɛn na yetumi gyina ano a, ɛma Onyankopɔn ani gye. (1 Pet. 4:13, 14) Nea ɛto so mmienu, ɛma yɛn gyidi di mu, na ɛyɛ den. (1 Pet. 1:7) Nea ɛto so mmiɛnsa, yebenya akatua a ɛkyɛn so a ɛne daa nkwa.​—Rom. 2:6, 7.

19. Bere a wɔhwee asomafo no, wɔn ani gyei. Adɛn ntia?

19 Yesu wusɔre akyi no, ankyɛ na asomafo no nyaa anigye a ɔkaa ho asɛm no bi. Bere a wɔhwee wɔn na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wonnyae asɛmpa no ka no, wɔn ani gyei. Adɛn ntia? “Efisɛ wɔabu wɔn sɛ [Yesu] din nti wɔfata sɛ wogu wɔn anim ase.” (Aso. 5:40-42) Wɔn atamfo tan wɔn ani, nanso esiane sɛ na wɔdɔ wɔn Wura no paa nti, wɔansuro wɔn. Nea wɔde kyerɛɛ wɔn dɔ ne sɛ, wɔkɔɔ so kaa asɛmpa no a “wɔannyae.” Ɛnnɛ nso, yɛn nuanom pii nam amanehunu mu, nanso wɔkɔ so de nokwaredi som Yehowa. Wonim sɛ Yehowa werɛ remfi wɔn adwuma ne ɔdɔ a wɔda no adi wɔ ne din ho no.​—Heb. 6:10.

20. Ɛdɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

20 Wiase yi da so wɔ hɔ yi de, emu nnipa bɛtan yɛn. (Yoh. 15:19) Nanso ɛnsɛ sɛ yesuro. Adesua a edi hɔ no bɛma yɛahu sɛ, Yehowa bɛma n’anokwafo ‘agyina pintinn, na wahwɛ wɔn so.’ (2 Tes. 3:3) Enti momma yɛnkɔ so nnɔ Yehowa, yɛnnɔ yɛn nuanom Kristofo, na yɛnnɔ yɛn atamfo mpo. Sɛ yetie saa afotu yi a, yɛbɛkɔ so ayɛ baako na yɛn gyidi ayɛ den, na yɛahyɛ Yehowa anuonyam. Yɛyɛ wei nyinaa a, na yɛrekyerɛ sɛ ɔdɔ wɔ tumi koraa sen ɔtan.

DWOM 106 Momma Yennya Ɔdɔ

^ nky. 5 Adesua yi mu no, yebehu sɛnea ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa, ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nuanom Kristofo, ne ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn atamfo mpo boa yɛn ma yɛkɔ so som Yehowa ɛmfa ho sɛ wiase no tan yɛn no. Yɛbɛsan ahu nea enti a Yesu kaa sɛ, sɛ nkurɔfo tan yɛn mpo a, yɛn ani betumi agye.

^ nky. 1 Wɔasesa din ahorow no.

^ nky. 58 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Bere a asogyafo hunahunaa Danylo no, anuanom boaa ɔne ne yere ma wɔkɔɔ kurow foforo so. Wokoduu hɔ no, anuanom a ɛwɔ hɔ gyee wɔn kama.

^ nky. 60 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yasmeen kunu tan n’ani, nanso mpanyimfo no maa no afotu pa. Ɔkyerɛe sɛ ɔyɛ ɔyere pa, na bere a ne kunu yare no, ɔhwɛɛ no.