Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ ahwɛyiye bere a wɔne nkurɔfo redi nkitaho wɔ messaging app so?

Anuanom bi fa abɛɛfo kwan so ne wɔn abusuafo ne anuanom binom di nkitaho. Nanso ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw ma afotu yi tena wɔn adwenem: “Onitefo hu mmusu na ɔde ne ho hintaw; ogyimfo a ɔfa mu no nya asotwe.”—Mmeb. 27:12.

Yenim sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔbɔ yɛn ho ban. Ɛno nti, wɔn a wɔde mpaapaemu ba, wɔn a wɔatu wɔn afi asafo no mu, ne wɔn a wɔkyerɛkyerɛ atosɛm no, yɛne wɔn mmɔ. (Rom. 16:17; 1 Kor. 5:11; 2 Yoh. 10, 11) Ebinom nso wɔ hɔ a, wɔwɔ asafo no mu de, nanso wɔnhyɛ da mfa Bible mu afotu nyɛ adwuma. (2 Tim. 2:20, 21) Ɛsɛ sɛ yɛma saa asɛm no tena yɛn adwenem bere a yɛrefa nnamfo no. Ɛnna fam sɛ yebenya nnamfo pa bere a yɛne nkurɔfo redi nkitaho wɔ messaging app so (abɛɛfo kwan a wɔfa so sɛnde message wɔ ɛlɛtrɔnik mfiri so) no.

Afotu a wɔde ama yɛn sɛ yɛnhwɛ yɛn fekubɔ yiye no, baabi baako a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye paa ne chat group a nnipa bebree wɔ so. Anuanom bi de wɔn ho ahyɛ chat group a emu nnipa dɔɔso mu ama awie wɔn bɔne. Sɛ onua anaa onuawa bi de ne ho kɔhyɛ group bi a emu nnipa boro ɔha anaa apem ne akyiri mu a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ayɛ ahwɛyiye? Ɛrentumi nyɛ yiye sɛ obehu wɔn a wɔwɔ kuw no mu nyinaa yiye, na wahu sɛ wɔne Onyankopɔn ntam yɛ papa anaa. Dwom 26:4 ka sɛ: “Me ne nkontompofo antena; na nyaatwomfo nso, me ne wɔn ammɔ.” Wei ma yehu sɛ ansa na yɛne obi bedi nkitaho wɔ messaging app so no, ne papa mu no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ obi a yenim no dedaw.

chat group bi mufo nnɔɔso mpo a, ɛsɛ sɛ onua anaa onuawa no hwɛ bere tenten a ɔde bɛkɔ so ne nea kuw no mufo ka ho asɛm. Ɛnsɛ sɛ yɛte nka sɛ asɛm biara a obi de bɛmena yɛn no, ɛsɛ sɛ yeyi n’ano, ɛmfa ho asɛm ko a ɔkae anaa bere tenten a ebegye yɛn no. Paul tuu Timoteo fo sɛ nnipa a “wodi nseku de wɔn ho gyigye nkurɔfo nsɛm mu” no, ɔnhwɛ ne ho yiye wɔ wɔn ho. (1 Tim. 5:13) Ɛnnɛ nso, nkurɔfo tumi yɛ saa wɔ ɛlɛtrɔnik mfiri so.

Kristoni a ne ho akokwaw biara nni hɔ a ɔbɛka ne nua Kristoni bi kokoam nsɛm anaa ɔbɛsɛe ne din, na obi reyɛ saa nso a, ɔrensosɔ so. (Dw. 15:3; Mmeb. 20:19) Nsɛm huhuuhu ne amanneɛbɔ a obiara nnim baabi a efi nso, ɔrensosɔ so. (Efe. 4:25) Honhom fam aduan ne amanneɛbɔ a ɛyɛ nokware turodoo nyɛ na wɔ jw.org wɛbsaet hɔ ne JW Broadcasting® a ɛba bosome biara no mu.

Anuanom binom de messaging app di gua, wɔde bɔ wɔn nneɛma ho dawuru, na wɔde pɛ adwumayɛfo. Saa nneɛma no yɛ aguadi, na ɛne Yehowa som nni hwee yɛ. Kristofo a wɔmpɛ sɛ ‘sikanibere ba wɔn asetena mu’ no, wɔnyɛ biribiara a ɛbɛkyerɛ sɛ wɔrepɛ anuanom ho mfaso.—Heb. 13:5.

Na sɛ obi pɛ sɛ ɔde messaging app gyigye sika kɔboa anuanom a ahia wɔn anaa atoyerɛnkyɛm ama wɔn ho aka nso ɛ? Yɛdɔ yɛn nuanom na yedwen wɔn ho, enti yɛtaa boa yɛn nuanom a wɔwɔ ahokyere mu, na yɛhyehyɛ yɛn nuanom nkuran. (Yak. 2:15, 16) Nanso nhyehyɛe biara nni hɔ a ɛkyɛn nea baa dwumadibea anaa mpanyimfo no yɛ de boa wɔn a wɔn ho aka mu no, na sɛ yɛyɛ sɛ yɛbɛfa messaging group a emu nnipa dɔɔso so aboa a, anhwɛ a yebetwitware wɔn ananmu. (1 Tim. 5:3, 4, 9, 10, 16) Yɛn mu biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ ɔma nkurɔfo nya adwene sɛ wɔama no hokwan soronko bi sɛ ɔmmoa Onyankopɔn nkurɔfo.

Yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea ɛbɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam. (1 Kor. 10:31) Enti sɛ woyɛ w’adwene sɛ wode messaging app anaa abɛɛfo afiri foforo bi bɛyɛ adwuma a, dwinnwen ho hwɛ ɔhaw a ebetumi de abrɛ wo, na yɛ ahwɛyiye.